Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 44

Wo Mma Nyin a Wɔbɛsom Onyankopɔn Anaa?

Wo Mma Nyin a Wɔbɛsom Onyankopɔn Anaa?

“Yesu kɔɔ so nyinii nyaa nyansa, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim dom.”—LUKA 2:52.

DWOM 134 Onyankopɔn De Mmofra Ahyɛ Awofo Nsa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn ne gyinae a eye sen biara a obi betumi asi?

MPƐN pii no, gyinae a awofo sisi no, etumi ka wɔn mma mfe bebree. Sɛ awofo ansisi gyinae pa a, ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ wɔn mma. Nanso sɛ wosisi gyinae pa a, ebetumi aboa wɔn mma ama wɔanya anigye ne akomatɔyam wɔ asetena mu. Mmofra no nso, ɛsɛ sɛ wosisi gyinae pa. Gyinae a eye sen biara a obi betumi asi ne sɛ ɔbɛsom Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no.—Dw. 73:28.

2. Gyinae pa bɛn na Yesu ne n’awofo sisii?

2 Ná Yesu awofo pɛ sɛ wɔboa wɔn mma ma wɔsom Yehowa, na gyinae a awofo no sisii kyerɛ sɛ na wei ne ade a ɛho hia wɔn paa wɔ asetena mu. (Luka 2:40, 41, 52) Yesu nso sisii gyinae pa na ɛboaa no ma otumi yɛɛ nea na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ. (Mat. 4:1-10) Yesu nyinii no, na ne yam ye, na odi nokware, na na ɔwɔ akokoduru. Agya anaa ɛna biara a osuro Onyankopɔn a obehu sɛ ne ba te saa no, n’ani begye paa.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae: Gyinae pa bɛn na Yehowa sisii a na ɛbɛboa Yesu? Gyinae a Yesu awofo sisii no, dɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo betumi asua afi mu? Gyinae a Yesu sisii no, dɛn na mmabun a wɔyɛ Kristofo betumi asua afi mu?

SUASUA YEHOWA

4. Gyinae pa bɛn na Yehowa sii a na ɛbɛboa Yesu?

4 Awofo a na wobetumi ahwɛ Yesu yiye na Yehowa de no hyɛɛ wɔn nsa. (Mat. 1:18-23; Luka 1:26-38) Nsɛm a Maria kae a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ na ɔdɔ Yehowa paa, na na n’ani gye n’Asɛm ho. (Luka 1:46-55) Afei nso, sɛnea Yosef dii Yehowa akwankyerɛ so no ma yehu sɛ na osuro Onyankopɔn na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani.—Mat. 1:24.

5-6. Dɛn na Yehowa maa kwan ma ne Ba no faa mu?

5 Hyɛ no nsow sɛ awofo a Yehowa de Yesu hyɛɛ wɔn nsa no, na wɔnyɛ asikafo. Bere a wɔwoo Yesu no, afɔre a Yosef ne Maria bɔe no ma yehu sɛ na wɔyɛ ahiafo. (Luka 2:24) Ofie a na Yosef te mu wɔ Nasaret no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ baabi ketewa bi a na ɔyɛ dua dwumfo adwuma no. Ɛbɛyɛ sɛ na wonni sika anaa nneɛma pii na bere a wɔwoo mma bɛyɛ nson ma abusua no yɛɛ kɛse no, na ɛbɛma nneɛma mu ayɛ den kakra.—Mat. 13:55, 56.

6 Yehowa bɔɔ Yesu ho ban fii nneɛma bi a na ebetumi apira no ho, nanso ɛnyɛ ɔhaw a ne ba no hyiae nyinaa na ogyee no fii mu. (Mat. 2:13-15) Ɛho nhwɛso ne sɛ na Yesu abusuafo no bi nnye no nni. Mfiase no, Yesu abusuafo no bi annye no anni sɛ ɔno ne Mesia no, na ɛbɛyɛ sɛ wei haw Yesu paa. (Mar. 3:21; Yoh. 7:5) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ bere a Yosef wui no na Yesu yɛ aberantewa, na na ɛnyɛ mmerɛw mma no. Yesu na na ɔyɛ abakan, enti bere a Yosef wui no, ɔno na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma a na Yosef yɛ de hwɛ abusua no. (Mar. 6:3) Bere a Yesu nyinii no, ɔno na na ɔhwɛ abusua no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ adwumaden de hwɛɛ wɔn. Enti sɛ yɛka sɛ obi ayɛ adwuma abrɛ a, na ɔte ase.

Awofo, mommoa mo mma mma wonhu sɛnea wɔbɛhwehwɛ afotu afi Onyankopɔn Asɛm mu na aboa wɔn ama wɔatumi agyina ɔhaw a wobehyia wɔ asetenam no ano (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. (a) Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa awarefo ama wɔatete wɔn mma yiye? (b) Sɛn na Mmebusɛm 2:1-6 betumi aboa awofo ama wɔatete wɔn mma?

7 Sɛ moyɛ awarefo na mopɛ sɛ mowo a, mubetumi abisa mo ho sɛ: ‘Yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛdɔ Yehowa, na yɛn ani gye n’Asɛm no ho anaa? Enti Yehowa de abofra a ɔsom bo bɛhyɛ yɛn nsa anaa?’ (Dw. 127:3, 4) Sɛ wowɔ mma dedaw a, bisa wo ho sɛ: ‘Mereboa me mma ama wɔahu sɛ adwumaden so wɔ mfaso anaa?’ (Ɔsɛnk. 3:12, 13) ‘Asiane ne nneɛma bɔne a me mma betumi ahyia wɔ Satan wiase yi mu no, meyɛ nea metumi biara sɛ mɛbɔ wɔn ho ban afi ho anaa?’ (Mmeb. 22:3) Worentumi mmɔ wo mma ho ban mfi ɔhaw a wobetumi ahyia nyinaa ho. Ɛrentumi nyɛ yiye saa. Nanso sɛ wubetumi aboa wo mma ama wɔagyina ɔhaw a wobehyia wɔ asetenam no ano a, gye sɛ wokɔ so boa wɔn ma wohu sɛnea wɔbɛhwehwɛ afotu afi Bible mu na wɔde abɔ wɔn bra. (Kenkan Mmebusɛm 2:1-6.) Sɛ wo busuani bi gyae Yehowa som a, fa Onyankopɔn Asɛm boa wo mma ma wonhu nea enti a ɛho hia paa sɛ yedi Yehowa nokware. (Dw. 31:23) Anaa sɛ wo dɔfo bi wu a, boa mmofra no ma wonhu Kyerɛwnsɛm a ebetumi akyekye wɔn werɛ na ama wɔanya asomdwoe.—2 Kor. 1:3, 4; 2 Tim. 3:16.

SUASUA YOSEF NE MARIA

8. Sɛnea Deuteronomium 6:6, 7 kyerɛ no, dɛn na na ɛsɛ sɛ Yosef ne Maria yɛ?

8 Yesu awofo boaa no ma onyin benyaa Onyankopɔn anim dom; wɔde akwankyerɛ a Yehowa de ama awofo no yɛɛ adwuma. (Kenkan Deuteronomium 6:6, 7.) Ná Yosef ne Maria dɔ Yehowa paa, na ade a na ehia wɔn paa ne sɛ wɔbɛhyɛ wɔn mma nkuran ama wɔn nso adɔ Yehowa saa ara.

9. Gyinae a ɛho hia bɛn na Yosef ne Maria sisii?

9 Ná Yosef ne Maria ne wɔn mma bom som Yehowa daa. Akyinnye biara nni ho sɛ nhyiam a na wɔyɛ no nnawɔtwe biara wɔ Nasaret hyiadan mu no, na wɔkɔ bi. Twam afahyɛ a na wɔyɛ no afe biara wɔ Yerusalem no nso, na wɔkɔ bi. (Luka 2:41; 4:16) Sɛ wɔrekɔ Yerusalem akodi saa afahyɛ no a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔkyerɛkyerɛ Yesu ne ne nuanom Yehowa nkurɔfo abakɔsɛm. Sɛ wɔnam kwan so rekɔ a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔkɔsrasra mmeae a Kyerɛwnsɛm no aka ho asɛm no. Bere a Yosef ne Maria abusua no yɛɛ kɛse no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛsom Yehowa daa. Nanso wɔyɛɛ saa no, wonyaa nhyira pii! Esiane sɛ wɔde Yehowa som dii kan nti, wɔn abusua no kɔɔ so bɛn Yehowa.

10. Dɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo betumi asua afi Yosef ne Maria hɔ?

10 Dɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo betumi asua afi Yosef ne Maria hɔ? Ade a ɛho hia paa ne sɛ wode wo kasa ne wo nneyɛe bɛma wo mma ahu sɛ wodɔ Yehowa paa. Kae sɛ akyɛde a ɛsen biara a wubetumi de ama wo mma ne sɛ wobɛboa wɔn ama wɔadɔ Yehowa. Ade baako a ɛho hia paa a wubetumi akyerɛ wo mma ne sɛ wobɛboa wɔn ama wɔahu sɛnea wobesua Bible daa, wɔbɛbɔ mpae, wɔbɛkɔ asafo nhyiam, na wɔakɔ asɛnka. (1 Tim. 6:6) Ɛwom, ɛsɛ sɛ wode honam fam nneɛma a wo mma hia nso ma wɔn. (1 Tim. 5:8) Nanso kae sɛ, sɛ wiase bɔne yi kɔ awiei a, ɛnyɛ sika anaa agyapade na ebegye wo mma nkwa ama wɔakɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu, na mmom ɛyɛ sɛnea wɔne Yehowa ntam te. *Hes. 7:19; 1 Tim. 4:8.

Sɛ yehu sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo sisi gyinae pa a ɛbɛboa wɔn mma ama wɔabɛn Yehowa a, ɛka yɛn koma paa! (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. (a) Sɛn na afotu a ɛwɔ 1 Timoteo 6:17-19 no bɛboa awofo ma wɔasisi gyinae pa bere a wɔretete wɔn mma? (b) Botae bɛn na mo abusua betumi de asisi mo ani so, na nhyira bɛn na ebetumi afi mu aba? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Botae Bɛn Na Wode Besi W’ani So?”)

11 Sɛ yehu sɛ awofo pii a wɔyɛ Kristofo resisi gyinae pa a ɛbɛboa wɔn mma ama wɔabɛn Yehowa a, ɛka yɛn koma paa! Wɔne wɔn mma bom som Yehowa daa. Wɔkɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse. Afei nso wɔbom kɔ asɛnka. Mmusua bi mpo tumi kɔyɛ asɛnka adwuma wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu. Ebinom kɔhwehwɛ Betel anaa wɔboa ma wosisi adan a wɔde som Yehowa. Mmusua a wɔyɛ saa nneɛma yi, egye sika ansa na wɔatumi ayɛ na wobetumi ahyia nsɛnnennen nso. Nanso sɛ wɔyɛ saa a, Yehowa nhyira bebu wɔn so. (Kenkan 1 Timoteo 6:17-19.) Mmofra a wɔn awofo de saa nneɛma pa yi dua wɔn mu no, wonyin a wonnyae na wɔrennu wɔn ho nso da! *Mmeb. 10:22.

SUASUA YESU

12. Bere a Yesu nyinii no, dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

12 Yesu Agya a ɔwɔ soro no sisi gyinae pa bere nyinaa na n’awofo a wɔwɔ asase so no nso sisii gyinae pa. Nanso bere a Yesu nyinii no, ɔno ara na na ɛsɛ sɛ osisi ne gyinae. (Gal. 6:5) Ná Yehowa de ne pɛ ama no sɛ yɛn ara. Anka obetumi ayɛ nea ɔpɛ na ɔde nea Onyankopɔn pɛ ato nkyɛn. Nanso wanyɛ saa, mmom ɔyɛɛ nneɛma bi a na ebetumi ama ɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa. (Yoh. 8:29) Sɛn na nea ɔyɛe no betumi aboa mmerante ne mmabaa nnɛ?

Mmabun, momfa mo awofo akwankyerɛ nyɛ adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 13) *

13. Bere a Yesu yɛ abofra no, ade a ɛho hia bɛn na ɔyɛe?

13 Bere a Yesu yɛ abofra no, ɔbrɛɛ ne ho ase maa n’awofo. Wannya adwene sɛ ɔwɔ nimdeɛ sen n’awofo, enti ɔrentie wɔn asɛm. Mmom “ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn ase.” (Luka 2:51) Esiane sɛ Yesu na na ɔyɛ abakan nti, yebetumi aka sɛ wantoto n’asɛyɛde ase. Ɔyeree ne ho suaa adwuma fii ne papa Yosef hɔ na ama watumi ahwɛ n’abusua.

14. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu yɛ obi a osua Onyankopɔn asɛm no yiye?

14 Ɛbɛyɛ sɛ Yesu awofo kaa sɛnea wɔwoo no anwonwakwan so ne asɛm a Onyankopɔn abɔfo ka faa ne ho no kyerɛɛ no. (Luka 2:8-19, 25-38) Yesu amfa no sɛ nea wɔaka akyerɛ no no ara dɔɔso, na mmom ɔno ankasa nso suaa Kyerɛwnsɛm no. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu yɛ obi a osua Onyankopɔn asɛm no yiye? Bere a Yesu da so yɛ abofra no, “sɛnea na n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano no maa” akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Yerusalem no “ho dwiriw wɔn.” (Luka 2:46, 47) Bere a na Yesu adi mfe 12 pɛ no, na wasua ade ahu sɛ Yehowa yɛ n’Agya.—Luka 2:42, 43, 49.

15. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa apɛde?

15 Bere a Yesu huu nea na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no, ogye toom sɛ ɔbɛyɛ. (Yoh. 6:38) Ná onim sɛ nnipa pii bɛtan no, na na wei betumi de adwinnwen abɛto ne so. Nanso otiee Yehowa. Bere a Yesu bɔɔ asu afe 29 Y.B. no, ade a na ehia no paa wɔ n’asetenam ne sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ. (Heb. 10:5-7) Bere mpo a na ɔrewu wɔ asɛndua so no, ɔkɔɔ so yɛɛ n’Agya apɛde.—Yoh. 19:30.

16. Ade baako bɛn na mmofra betumi asua afi Yesu hɔ?

16 Tie W’awofo. Sɛnea na Yosef ne Maria nyɛ pɛ no, saa ara na w’awofo nso tɔ sin. Nanso Yehowa de wo ahyɛ w’awofo nsa sɛ wɔmmɔ wo ho ban, wɔntete wo, na wɔmma wo akwankyerɛ. Sɛ wutie wɔn afotu na wudi wɔn ni a, ‘ebesi wo yiye.’—Efe. 6:1-4.

17. Sɛnea Yosua 24:15 kyerɛ no, gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ mmabun ankasa si?

17 Kyerɛ onii a wopɛ sɛ wosom no. Ɛsɛ sɛ w’ankasa wuhu Yehowa yiye, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne sɛnea ɛka w’asetena. (Rom. 12:2) Woyɛ saa a, wubetumi asi gyinae a ɛho hia sen biara wɔ w’asetenam; ɛno ne sɛ wobɛsom Yehowa. (Kenkan Yosua 24:15; Ɔsɛnk. 12:1) Sɛ wutumi yɛ nhyehyɛe sua ade na wokenkan Bible daa a, ɛbɛma woadɔ Yehowa paa na wo gyidi nso bɛyɛ den.

18. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ mmabun si, na dɛn na wobenya?

18 Si gyinae sɛ wode nea Yehowa pɛ bedi kan wɔ w’asetena mu. Satan wiase no ka sɛ, sɛ wode wo dom akyɛde yɛ nea wopɛ a, w’ani begye. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wodi ahonyade akyi no, ‘wɔde yaw bebree wowɔ wɔn ho nyinaa.’ (1 Tim. 6:9, 10) Nanso sɛ wutie Yehowa na wode nea ɔpɛ di kan wɔ w’asetena mu a, ebesi wo yiye na ‘wobɛyɛ w’ade nyansam.’—Yos. 1:8.

DƐN NA WOBƐYƐ?

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo kae?

19 Awofo, monyɛ nea mubetumi biara sɛ mobɛboa mo mma ama wɔasom Yehowa. Momfa mo ho nto no so na ɔbɛboa mo ama moasisi gyinae pa. (Mmeb. 3:5, 6) Monkae sɛ mo mma besuasua nea moyɛ no asen nea moka. Enti munsisi gyinae a ɛbɛboa mo mma ama wɔanya Yehowa anim dom.

20. Sɛ mmabun si gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa a, nhyira bɛn na wobenya?

20 Mmabun, mo awofo betumi aboa mo ma moasisi gyinae pa wɔ asetena mu. Nanso sɛ mubenya Onyankopɔn anim dom a, egyina mo so. Enti munsuasua Yesu na munsi gyinae sɛ mobɛsom mo Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ mo no. Moyɛ saa a, mubetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, mubenya nhyira, na mo ani begye nnɛ. (1 Tim. 4:16) Daakye nso mo ani begye paa!

DWOM 133 Som Yehowa Wo Mmerantebere Mu

^ nky. 5 Awofo a wɔyɛ Kristofo pɛ sɛ wɔn mma nyin a, wɔsom Yehowa na wɔn ani gye. Gyinae bɛn na awofo sisi a, ebetumi aboa wɔn mma ama wɔasom Yehowa? Gyinae bɛn na ehia sɛ mmabun a wɔyɛ Kristofo sisi na ama asi wɔn yiye wɔ asetena mu? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.

^ nky. 11 Hwɛ adaka a wɔato din, “Minnye Nni Sɛ Menya Awofo a Woye Sen M’awofo.” Ɛbaa Nyan! January 2012 mu, kr. 20. Afei nso hwɛ asɛm a wɔato din, “Krataa Soronko Bi a Wɔkyerɛw Kɔmaa Wɔn Awofo.” Ɛbaa Nyan! July 8, 1999 mu, kr. 30.

^ nky. 66 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɛbɛyɛ sɛ Yesu yɛ abofra no Maria de Yehowa ho dɔ duaa ne mu. Mmaatan a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi de Yehowa ho dɔ adua wɔn mma mu.

^ nky. 68 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɛbɛyɛ sɛ na ɛho hia Yosef paa sɛ ɔne n’abusua bɛkɔ hyiadan mu. Ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ ɛho hia agyanom sɛ wɔne wɔn mmusua bɛkɔ asafo nhyiam.

^ nky. 70 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu suaa adwuma fii ne papa hɔ. Ɛnnɛ nso mmabun betumi asua adwuma afi wɔn papa hɔ.