Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 43

Yehowa Rekyerɛ N’ahyehyɛde No Kwan

Yehowa Rekyerɛ N’ahyehyɛde No Kwan

“‘Ɛnyɛ tumi so, na mmom me honhom so,’ asafo Yehowa na waka.”—SAK. 4:6.

DWOM 40 Hena na Wosom No?

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔabɔ asu kɔ so yɛ?

WOABƆ asu anaa? Sɛ woayɛ saa a, ɛnde woama afoforo ahu sɛ wugye Yehowa di, na wopɛ sɛ wo ne n’ahyehyɛde no bɔ na wosom no. * Nanso, ɛsɛ sɛ woma gyidi a wowɔ wɔ Yehowa mu kɔ so yɛ den. Afei nso, ɛsɛ sɛ wokɔ so nya gyidi sɛ Yehowa de n’ahyehyɛde no reyɛ adwuma nnɛ.

2-3. Sɛn na Yehowa kyerɛ n’ahyehyɛde no kwan nnɛ? Ma ɛho nhwɛso.

2 Ɛnnɛ, sɛnea Yehowa kyerɛ n’ahyehyɛde no kwan no, ɛma yehu sɛnea ne suban te, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Sɛ yɛhwɛ Yehowa ahyehyɛde no a, ɛma yehu sɛnea ne suban te. Momma yensusuw emu mmiɛnsa ho.

3 Nea edi kan, “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.” (Aso. 10:34) Yehowa dɔ yɛn nti, ɔde ne Ba no yɛɛ “agyede maa nnipa nyinaa.” (1 Tim. 2:6; Yoh. 3:16) Yehowa ma ne nkurɔfo ka asɛmpa no kyerɛ obiara a obetie sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii betumi anya agyede no so mfaso. Nea ɛto so mmienu, Yehowa yɛ asomdwoe Nyankopɔn na ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. (1 Kor. 14:33, 40) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe na wɔyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Nea ɛto so mmiɛnsa, Yehowa ne ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini’ no. (Yes. 30:20, 21) Ɛno nti na n’ahyehyɛde no de asi n’ani so sɛ ɛbɛma Yehowa asomfo de Bible no akyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu ne asɛnka adwuma no mu. Sɛn na Kristofo a na wɔwɔ hɔ tete no suasuaa Yehowa suban mmiɛnsa no? Sɛn na Yehowa asomfo suasua saa suban no wɔ yɛn bere yi so? Sɛn na honhom kronkron betumi aboa wo bere a wo ne Yehowa ahyehyɛde no rebɔ nnɛ?

ONYANKOPƆN NHWƐ NNIPA ANIM

4. Sɛnea Asomafo Nnwuma 1:8 kyerɛ no, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ, na mmoa bɛn na na wobenya?

4 Tete Kristofo no bere so. Asɛmpa a Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo no maa nnipa nyinaa nyaa anidaso. (Luka 4:43) Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔntoa adwuma a ɔhyɛɛ ase no so na wonni adanse ‘nkɔ asase ano nohoa.’ (Kenkan Asomafo Nnwuma 1:8.) Nanso na wɔrentumi mfa wɔn ankasa ahoɔden nyɛ saa adwuma yi. Ná wobehia honhom kronkron, kyerɛ sɛ, “ɔboafo” a na Yesu de ahyɛ wɔn bɔ no.—Yoh. 14:26; Sak. 4:6.

5-6. Sɛn na honhom kronkron boaa Yesu akyidifo no?

5 Honhom kronkron baa Yesu akyidifo no so Pentekoste afe 33 Y.B. Honhom kronkron no boaa wɔn ma wofii ase kaa asɛmpa no ntɛm ara, na bere tiaa mu no, nnipa mpempem gyee asɛmpa no toom. (Aso. 2:41; 4:4) Bere a nkurɔfo sɔre tiaa asuafo no, wɔammɔ hu, mmom wɔhwehwɛɛ mmoa fii Onyankopɔn hɔ. Wɔbɔɔ mpae sɛ: “Ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm.” (Aso. 4:18-20, 29, 31) Afei honhom kronkron hyɛɛ wɔn mã na wɔkɔɔ so de “akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.”—Aso. 4:18-20, 29, 31.

6 Yesu asuafo no hyiaa ɔhaw afoforo. Ebi ne sɛ, na Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ saa bere no nnɔɔso. Nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yɛte Kyerɛwnsɛm no ase nnɛ no, na wonni bi. Afei nso, na ɛsɛ sɛ asuafo no ka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔka kasa ahorow pii. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, saa asuafo a wɔde nsi ne ahokeka kaa asɛm no tumi yɛɛ biribi a nnipa ani so no na wɔrentumi nyɛ. Edii bɛyɛ mfe 30 no, na wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.”—Kol. 1:6, 23.

7. Bɛboro mfe 100 a atwam no, ɛyɛɛ dɛn na Yehowa asomfo huu nea na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ, na dɛn na wɔyɛe?

7 Yɛn bere yi so. Yehowa da so ara rekyerɛ ne nkurɔfo kwan na ɔhyɛ wɔn den ma wɔyɛ n’apɛde. Ɔnam n’Asɛm a ɔma wɔde honhom kronkron kyerɛwee no so titiriw na ɛkyerɛ n’asomfo kwan. Ɔsom adwuma a Yesu yɛe ne ahyɛde a ɔde maa n’akyidifo sɛ wɔntoa adwuma a ofii ase no so no, yehu wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. (Mat. 28:19, 20) July 1881 tɔnn na Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: “Wɔamfrɛ yɛn, anaa wɔansra yɛn sɛ yemmegye anuonyam na yɛmpɛ ahonyade, mmom sɛ yɛmfa nea yɛwɔ nyinaa mmoa mma yɛnka asɛmpa no.” Afe 1919 no wotintim nhomawa bi a wɔato din To Whom the Work Is Entrusted (Wɔn a Wɔde Adwuma no Ahyɛ Wɔn Nsa). Nhomawa no kaa sɛ: “Adwuma no sõ paa, nanso ɛyɛ Awurade adwuma, enti ɔbɛtaa yɛn akyi ama yɛayɛ.” Sɛnea tete Kristofo no yɛe no, saa anuanom yi nso yeree wɔn ho de akokoduru kaa asɛm no, na na wɔwɔ ahotoso sɛ honhom kronkron no bɛboa wɔn ama wɔaka asɛmpa no akyerɛ nnipa ahorow nyinaa. Yɛn nso yɛwɔ ahotoso sɛ honhom kronkron no bɛboa yɛn nnɛ.

Biribiara a Yehowa ahyehyɛde no betumi de aka asɛmpa no ama ayɛ yiye no, wɔde ayɛ saa (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

8-9. Ɔkwan bɛn na Yehowa ahyehyɛde no afa so aka asɛmpa no ama nnipa pii ate?

8 Biribiara a Yehowa ahyehyɛde no betumi de aka asɛmpa no ama ayɛ yiye no, wɔde ayɛ saa. Ebi ne nhoma ahorow, “Photo-Drama of Creation,” gramafon, ne kar a akasam si so. Afei nso na wɔka asɛmpa no wɔ radio so na nnansa yi wɔfa kɔmputa ne Intanɛt so nso ka asɛmpa no. Seesei Onyankopɔn ahyehyɛde no kyerɛ nsɛm ase kɔ kasa pii mu sen bere biara. Adɛn nti na wɔyɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ahorow nyinaa bɛte asɛmpa no wɔ wɔn kasa mu. Yehowa nhwɛ nnipa anim; ɔka too hɔ sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adi. 14:6, 7) Ɔpɛ sɛ nnipa nyinaa te Ahenni ho asɛm no.

9 Ebinom wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ yebenya wɔn aka asɛmpa no akyerɛ wɔn; ebia wɔtete adan a apon akɛse deda ano a awɛmfo bɔ ho ban mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa nkurɔfo yi pii aka asɛm no akyerɛ wɔn no, Yehowa ahyehyɛde no hwɛɛ akwan foforo a yebetumi afa so ayɛ baguam adansedi. Afe 2001 no, Akwankyerɛ Kuw no maa anuanom a wɔwɔ France kwan sɛ wobetumi ahyehyɛ yɛn nhoma no wɔ trɔk so na wobetumi nso afa kwan foforo so ahyehyɛ yɛn nhoma no de adi adanse. Akyiri yi anuanom a wɔwɔ mmeae afoforo nso faa saa kwan yi so kaa asɛmpa no. Biribi pa fii mu bae. Afe 2011 no, Akwankyerɛ Kuw no ma wɔhyɛɛ biribi foforo ase wɔ New York City, United States baabi a nnipa twam wɔ hɔ paa no. Afe a edi kan no, wɔmaa nhoma 102,129 ne nsɛmma nhoma 68,911. Afei nso, nnipa 4,701 kaa sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wɔn fi Bible adesua ase! Yehu paa sɛ Yehowa de ne honhom kronkron taa saa adwuma yi akyi. Enti Akwankyerɛ Kuw no maa kwan sɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa betumi ahyehyɛ nhoma wɔ trɔk so de adi adanse.

10. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛaka asɛm no na yɛakyerɛkyerɛ yiye?

10 Nea wubetumi ayɛ. Ntetee a Yehowa de ma yɛn wɔ Kristofo nhyiam ase na ama woatumi aka asɛmpa no, fa yɛ adwuma. Wo ne w’asɛnka kuw mmɔ mu nyɛ asɛnka adwuma no daa. Anuanom a wɔwɔ kuw no mu betumi aboa wo ama woaka asɛmpa no na woakyerɛkyerɛ yiye, na wɔn nhwɛso pa nso betumi ahyɛ wo nkuran. Sɛ wuhyia ɔhaw mpo a, kɔ so ka asɛmpa no. Sɛnea kyerɛwsɛm a adesua no gyina so ma yehu no, ɛnyɛ yɛn ahoɔden na ɛboa yɛn ma yetumi yɛ Onyankopɔn apɛde, na mmom honhom kronkron na ɛboa yɛn. (Sak. 4:6) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn adwuma na yɛreyɛ.

YEHOWA YƐ ASOMDWOE NYANKOPƆN NA ƆYƐ NE BIRIBIARA PƐPƐƐPƐ

11. Tete Kristofo no bere so no, sɛn na akwankyerɛ kuw no boom yɛɛ adwuma maa Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ?

11 Tete Kristofo no bere so. Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ Yerusalem no boom yɛɛ adwuma, na ɛmaa asomdwoe tenaa Onyankopɔn nkurɔfo mu na wɔyɛɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. (Aso. 2:42) Ɛho nhwɛso ni. Afe 49 Y.B. bere a na Kristofo pii adwene nhyia wɔ twetiatwa ho no, honhom kronkron boaa akwankyerɛ kuw no ma wosusuw asɛm no ho. Sɛ wɔmaa saa asɛm yi de mpaapaemu baa asafo no mu a, anka wɔrentumi nyɛ asɛnka adwuma no yiye. Ɛwom sɛ na asomafo no ne mpanyimfo no yɛ Yudafo de, nanso wɔamma Yudafo amammerɛ ne wɔn a na wɔagye asɛm no agyina mu no ankyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Mmom wɔmaa Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kyerɛɛ wɔn kwan. (Aso. 15:1, 2, 5-20, 28) Dɛn na efii mu bae? Yehowa hyiraa gyinae a wosii no so, asomdwoe ne baakoyɛ tenaa asafo no mu, na wɔkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no.—Aso. 15:30, 31; 16:4, 5.

12. Dɛn na ɛma yehu sɛ nnɛ asomdwoe wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ?

12 Yɛn bere yi so. Yehowa ahyehyɛde no aboa Yehowa asomfo ama asomdwoe atena wɔn ntam ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence a ɛbaa November 15, 1895 no, na asɛm bi wɔ mu a wɔato din “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” Ná egyina 1 Korintofo 14:40 so. Nhoma no kaa sɛ: “Asomafo no kyerɛw nsɛm pii kɔmaa tete Kristofo no; na ɛfa sɛnea wɔbɛyɛ wɔn biribiara fɛfɛɛfɛ ho . . . Ɛho hia sɛ yɛkɔ so tie nsɛm a ‘wɔakyerɛw ato hɔ ama yɛn nkyerɛkyerɛ’ no.” (Rom. 15:4) Ɛnnɛ nso, Yehowa ahyehyɛde no pɛ sɛ wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtena asafo no mu sɛnea na ɛte wɔ tete Kristofo no bere so no. Yɛnhwɛ nhwɛso yi: Sɛ wokɔ asafo nhyiam wɔ asafo foforo mu anaa ɔman foforo so na wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua a, wunim sɛnea wɔbɛyɛ adesua no ne adesua asɛm ko a wobesua. Wowɔ hɔ a wote nka sɛ nea wowɔ w’asafo mu no ara! Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn honhom a, dɛn bio na ebetumi ama yɛayɛ baako saa?—Sef. 3:9.

13. Bere a Yakobo 3:17 wɔ yɛn tirim no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

13 Nea wubetumi ayɛ. Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo de ‘asomdwoe koroyɛ hama tena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:1-3) Enti bisa wo ho sɛ: ‘Meboa ma baakoyɛ ne asomdwoe tena asafo no mu? Mitie wɔn a wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu no? Afoforo betumi de wɔn ho ato me so ɛnkanka bere a mewɔ asɛyɛde wɔ asafo no mu no? Ɛyɛ a midi bere so, meboa afoforo, na mepɛ sɛ mesom afoforo anaa?’ (Kenkan Yakobo 3:17.) Sɛ wuhu sɛ wubetumi abɔ wo ho mmɔden asen sɛnea woreyɛ no a, bɔ mpae srɛ honhom kronkron. Sɛ woma honhom kronkron siesie wo suban ne sɛnea woyɛ w’ade a, ɛbɛma wo nuanom adɔ wo paa na wɔabu wo sɛ wosom bo.

YEHOWA KYERƐKYERƐ YƐN NA ƆMA YƐN NEA YEHIA

14. Sɛnea Kolosefo 1:9, 10 ma yehu no, sɛn na Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne nkurɔfo wɔ tete Kristofo no bere so?

14 Tete Kristofo no bere so. Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo. (Dw. 32:8) Yehowa asomfo yɛ ne mma na wɔda ne koma so, enti ɔpɛ sɛ wohu no, wɔdɔ no, na wɔtena ase afebɔɔ. Sɛ ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ a Yehowa de ma yɛn a, anka wei nyinaa rentumi nyɛ yiye. (Yoh. 17:3) Yehowa nam Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ tete no so kyerɛkyerɛɛ ne nkurɔfo. (Kenkan Kolosefo 1:9, 10.) Honhom kronkron boaa asuafo no paa; ɛno ne ɔboafo a Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛba no. (Yoh. 14:16) Honhom kronkron boaa asuafo no ma wɔtee Onyankopɔn Asɛm no ase yiye, na ɛma wɔkaakae nea Yesu yɛe ne nsɛm a ɔkae nyinaa. Akyiri yi wotumi kenkan wei ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu. Nimdeɛ a tete Kristofo yi nyae no hyɛɛ wɔn gyidi den, na ɛhyɛɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn, ne Ba no, ne wɔn ho wɔn ho nso mu den.

15. Ɔkwan bɛn so na woahu sɛ Yehowa ama ne bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:2, 3 no aba mu?

15 Yɛn bere yi so. Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ “nna a edi akyiri no mu no,” nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛba ne bepɔw so, kyerɛ sɛ, wɔbɛba abɛka n’asomfo anokwafo ho ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn n’akwan. (Kenkan Yesaia 2:2, 3.) Ɛnnɛ yehu sɛ saa nkɔmhyɛ no reba mu. Yetumi hu sɛ wɔapagyaw nokware som kyɛn atoro som nyinaa. Afei nso, Yehowa ma ne nkurɔfo nya nsɛm pii a ɛma wɔte Bible ase yiye! (Yes. 25:6) Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ɛma yenya nsɛm yi nyinaa, na egu ahorow. Ebi yɛ nsɛm a yɛkenkan, ɔkasa a yetie, ne video ahorow. (Mat. 24:45) Yɛte nka sɛ Hiob adamfo Elihu a ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo bɛn na ɔte sɛ [Onyankopɔn]?”—Hiob 36:22.

Te nokware no ase na fa bɔ wo bra (Hwɛ nkyekyɛm 16) *

16. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya Yehowa nkyerɛkyerɛ so mfaso?

16 Nea wubetumi ayɛ. Onyankopɔn honhom bɛboa wo ama wode nea wokenkan ne nea wusua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no abɔ wo bra. Bɔ mpae sɛ odwontofo no a ɔkaa sɛ: “O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan. Mɛnantew wo nokware mu. Ma me koma koro ma ensuro wo din.” (Dw. 86:11) Enti kɔ so kenkan na sua Bible ne nhoma ahorow a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no. Ɛwom, ɛnyɛ wo botae ne sɛ wubenya nimdeɛ kɛkɛ. Wopɛ sɛ wote nokware no ase na wode bɔ wo bra. Yehowa honhom betumi aboa wo ama woayɛ saa. Afei nso wopɛ sɛ wohyɛ wo nuanom Kristofo nkuran. (Heb. 10:24, 25) Adɛn ntia? Efisɛ wo ne wɔn bɔ abusua. Bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne honhom mmoa wo na ama woafi wo komam ama mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase, na wɔma wo dwumadi nso a, woayere wo ho ayɛ no yiye. Woyɛ saa nneɛma yi a, woma Yehowa ne ne Ba no hu sɛ wodɔ wɔn “nguan” a wɔsom bo no.—Yoh. 21:15-17.

17. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wotaa Yehowa ahyehyɛde no akyi?

17 Ɛrenkyɛ ahyehyɛde baako pɛ na ɛbɛka wɔ asase so. Ɛno ne nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan no. Enti yere wo ho na wo ne Yehowa ahyehyɛde no nyɛ adwuma. Ka asɛmpa no kyerɛ obiara a wubehyia no. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ nnipa ahorow nyinaa te sɛ Onyankopɔn. Boa ma baakoyɛ ntena asafo no mu. Woyɛ saa a, na woresuasua Yehowa a ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ na ɔpɛ asomdwoe no. Sua biribiara a Yehowa de ma yɛn no. Woyɛ saa a, na woretie wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no. Woyɛ weinom nyinaa na sɛ Satan wiase no ba awiei a, woremmɔ hu. Mmom wubenya akokoduru na wobɛka wɔn a wɔde nokwaredi resom Yehowa wɔ n’ahyehyɛde mu no ho.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

^ nky. 5 Wugye di sɛ Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan nnɛ? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa kyerɛɛ Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ tete no kwan ne sɛnea ɔrekyerɛ ne nkurɔfo kwan nnɛ.

^ nky. 1 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Yehowa ahyehyɛde no wɔ afã mmienu; ne fã a ɛwɔ soro ne ne fã a ɛwɔ asase so no. Adesua yi mu no, sɛ yɛka “ahyehyɛde” a, egyina hɔ ma ne fã a ɛwɔ asase so no.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a onuawa kwampaefo bi hwɛɛ video ahorow a ohuu sɛnea anuanom resom wɔ aman a wohia adawurubɔfo pii no, aka ne koma ma ɔno nso pɛ sɛ ɔyɛ adwuma a wɔreyɛ no bi. Watumi ayɛ nea ɔde sii n’ani so no, enti ɔresom wɔ baabi a ɛte saa.