Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 40

Dɛn Na Ɛkyerɛ Sɛ Obi a Wayɛ Bɔne Anu Ne Ho Ampa?

Dɛn Na Ɛkyerɛ Sɛ Obi a Wayɛ Bɔne Anu Ne Ho Ampa?

“Mebae sɛ merebɛfrɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”—LUKA 5:32.

DWOM 36 Yɛbɔ Yɛn Koma Ho Ban

NEA YƐREBESUA *

1-2. Nsonsonoe bɛn na na ɛda ahemfo mmienu bi ntam, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

MOMMA yɛntɔ yɛn bo ase nhwɛ ahemfo mmienu bi a wɔtenaa ase tete no. Ná ɔbaako di Israel mmusuakuw du ahemman no so, ɛnna ɔbaako nso di Yuda mmusuakuw mmienu ahemman no so. Ɛwom sɛ ɛsono bere a wɔn mu biara dii ade, nanso na wɔn suban sɛ wɔ nneɛma pii mu. Ahemfo mmienu no nyinaa tew Yehowa so atua, na wɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ bɔne. Wɔn mmienu nyinaa som abosom na wodii awu. Nanso, na nsonsonoe bi da wɔn ntam. Ɔbaako yɛɛ bɔne kosii sɛ owui. Nanso ɔbaako no de, ɔsakrae. Enti bɔne akɛseakɛse a ɔyɛe no, Yehowa de kyɛɛ no. Henanom ho asɛm na yɛreka yi?

2 Wɔne Israel hene Ahab ne Yuda hene Manase. Nsonsonoe a na ɛda ahemfo mmienu no ntam no betumi aboa yɛn paa ama yɛahu nea ahonu kyerɛ ankasa. (Aso. 17:30; Rom. 3:23) Dɛn ne ahonu, na dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho? Ɛho hia sɛ yehu, efisɛ yɛyɛ bɔne a, yɛpɛ sɛ Yehowa de kyɛ yɛn. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nsɛmmisa no ho mmuae no, yɛbɛhwɛ sɛnea saa ahemfo mmienu yi bɔɔ wɔn bra, na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi nea wɔn mu biara yɛe no mu. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nea Yesu nso ka faa ahonu ho.

NEA YEBETUMI ASUA AFI NEA ƆHENE AHAB YƐE NO MU

3. Ná Ahab yɛ ɔhene bɛn?

3 Ahemfo a edii ade wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu no, Ahab na na ɔto so nson. Ɔwaree Sidon hene babea Yesebel. Ná Sidon yɛ ɔman a edi yiye a ɛda Israel man no atifi. Ebia saa aware yi maa Israel man no sikasɛm kɔɔ yiye. Nanso, ɛmaa wɔne Yehowa ntam sɛee koraa. Ná Yesebel som Baal, na opiapiaa Ahab maa Baalsom tantan no begyee agua wɔ Israel. Abofonode a na wɔyɛ no bi ne sɛ, na wosi tuutuu wɔ Baal asɔrefie hɔ, na na wɔde wɔn mma mpo bɔ afɔre. Bere a na Yesebel yɛ ɔhemmaa no, na Yehowa diyifo biara nni hɔ a ɔwɔ ahotɔ. Okunkum wɔn mu pii. (1 Ahe. 18:13) Ahab ankasa nso “yɛɛ Yehowa ani so bɔne sen wɔn a wodii no kan nyinaa.” (1 Ahe. 16:30) Nea na Ahab ne Yesebel reyɛ nyinaa, na Yehowa ani tua; ohuu biribiara. Yehowa ahummɔbɔ nti, ɔsomaa odiyifo Elia sɛ ɔnkɔbɔ ne nkurɔfo kɔkɔ mma wɔnsakra ansa na nea ebesi asi. Nanso, Ahab ne Yesebel buu nnua guu wɔn asom.

4. Dɛn na Yehowa kaa sɛ ɛbɛto Ahab, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

4 Eduu baabi no, Yehowa kekaa ne ho. Ɔsomaa Elia sɛ ɔnkɔka nea ɛbɛto Ahab ne Yesebel nkyerɛ wɔn. Ná wɔn abusuafo nyinaa ase bɛhyew. Asɛm no pem Ahab paa! Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, saa ɔbarima a ɔyɛ ahantan yi ‘brɛɛ ne ho ase.’—1 Ahe. 21:19-29.

Esiane sɛ na Ɔhene Ahab ahonu no nyɛ papa nti, ɔde Onyankopɔn diyifo no too afiase (Hwɛ nkyekyɛm 5-6) *

5-6. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Ahab ahonu no nyɛ papa?

5 Ɛwom sɛ Ahab brɛɛ ne ho ase bere a ɔtee atemmusɛm no, nanso nea ɔyɛe wɔ ɛno akyi no ma yehu sɛ, na n’ahonu no nyɛ papa. Wanyɛ biribiara amfa antu Baalsom ase amfi Israel. Afei nso, wammoa ne nkurɔfo no ma wɔansom Yehowa. Ɔyɛɛ nneɛma pii kaa ho a ɛno nso ma yehu sɛ na n’ahonu no nyɛ papa.

6 Akyiri yi, Ahab ka kyerɛɛ Yuda hene Yehosafat sɛ onkogya no na ɔne Siriafo no nkɔko. Esiane sɛ na Yehosafat yɛ ɔhempa nti, ɔkaa sɛ wonni kan mmisa Yehowa diyifo bi ansa. Mfiase no, Ahab amfa ne ti annye, na ɔkaa sɛ: “Ɔbaako da so wɔ hɔ a yebetumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn, nanso mempɛ n’asɛm koraa efisɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na ɔhyɛ.” Ne nyinaa akyi no, wokobisaa odiyifo Mikaia. Ampa-ne-ampa ara, Onyankopɔn diyifo no ka kyerɛɛ Ahab sɛ, sɛ ɔkɔ ɔko no a, asɛm bɛto no! Sɛ́ anka otirimɔdenfo Ahab benu ne ho na wasrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no no, ɔma wɔde odiyifo no kɔtoo afiase mmom. (1 Ahe. 22:7-9, 23, 27) Ɛwom sɛ ɔhene no de Yehowa diyifo no too afiase de, nanso nkɔmhyɛ no de ɛbaa mu; wantumi anyɛ ho hwee. Bere a Ahab kɔɔ ɔko no, wansan amma; wokum no.—1 Ahe. 22:34-38.

7. Ahab wu akyi no, dɛn na Yehowa ka faa ne ho?

7 Ahab wu akyi no, nea Yehowa ka faa ne ho no ma yehu sɛnea na ohu no. Esiane sɛ ɔhempa Yehosafat de ne ho kɔbɔɔ Ahab nti, bere a ɔsan baa ne fie dwoodwoo no, Yehowa somaa odiyifo Yehu sɛ ɔnkɔka n’anim. Yehowa diyifo no kaa sɛ: “Nnebɔneyɛfo na ɛsɛ sɛ woboa wɔn? Na wɔn a wɔtan Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn anaa?” (2 Be. 19:1, 2) Wo de susuw wei ho hwɛ: Sɛ na Ahab ahonu no yɛ papa a, anka odiyifo no anka ne ho asɛm sɛ, ɔyɛ ɔbɔnefo a ɔtan Yehowa. Wei ma yehu sɛ, ɛwom sɛ Ahab nuu ne ho kakra de, nanso wansakra.

8. Dɛn na Ahab asɛm no ma yesua fa ahonu ho?

8 Dɛn na yebetumi asua afi Ahab asɛm no mu? Bere a Elia kaa mmusu a ɛbɛba Ahab nkyirimma so kyerɛɛ no no, mfiase no, ɔbrɛɛ ne ho ase. Ɛno yɛ anammɔn pa a odii kan tui. Nanso, akyiri yi nea ɔyɛe no ma yehu sɛ na n’ahonu no yɛ daadaakra. Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na ogye tom sɛ wanyɛ no yiye a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ wanu ne ho. Momma yɛnhwɛ nhwɛso foforo a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea obi yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa.

NEA YEBETUMI ASUA AFI ƆHENE MANASE ASETENA MU

9. Ná Manase yɛ ɔhene bɛn?

9 Bɛyɛ mfe ahanu wɔ Ahab wu akyi no, Manase bɛyɛɛ Yuda hene. Sɛ yɛhwɛ bɔne a Manase yɛe, na yɛde Ahab de no toto ho a, ɛbɛyɛ sɛ na Ahab de no mma koraa! Bible ka Manase ho asɛm sɛ: “Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.” (2 Be. 33:1-9) Manase sisii afɔremuka maa abosom, na ɔde ohoni a ɔde dua asen kosii Yehowa asɔrefie kronkron hɔ pɛɛ! Ohoni a ɔde dua senee no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ abawo nyamewa. Odii nkonyaayi ne abosonkɔm akyi, na ɔkɔɔ abisa nso. Afei nso, Manase “hwiee mogya a edi bem bebree gui.” Okunkum nnipa bebree; “ɔno ara ne mma mpo, ɔhyew wɔn wɔ ogya mu” de bɔɔ afɔre maa abosom.—2 Ahe. 21:6, 7, 10, 11, 16.

10. Asotwe bɛn na Yehowa de maa Manase, na ɛma ɔyɛɛ n’ade sɛn?

10 Sɛnea Ahab yɛe no, Manase nso, kɔkɔbɔ a Yehowa nam ne diyifo so de maa no no, wantie, mmom ɔsen ne kɔn. Ewiee ase no, “Yehowa maa Asiria hene dɔm so asahene baa [Yuda] so. Wɔde akɔtɔkorɔ kyeree Manase na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien guu no, na wɔde no kɔɔ Babilon.” Bere a wɔde Manase kɔtoo afiase wɔ obi man so no, ɛbɛyɛ sɛ odwinnwen bɔne a wayɛ no ho kɔɔ akyiri paa. “Ɔbrɛɛ ne ho ase paa wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim.” Wamma anso hɔ ara. “Ɔhwehwɛɛ ne Nyankopɔn Yehowa anim dom.” Nokwasɛm ne sɛ, Manase ‘bɔɔ Onyankopɔn mpae daa.’ Afei de, na saa ɔbɔnefo no resesa. Obehui sɛ Yehowa ne “ne Nyankopɔn,” na ɔkɔɔ so bɔɔ no mpae.—2 Be. 33:10-13.

Ɔhene Manase kyerɛe sɛ wanu ne ho ampa, enti otuu atoro som so sa (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Sɛnea 2 Beresosɛm 33:15, 16 kyerɛ no, dɛn na Manase yɛe a na ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa?

11 Akyiri yi, Yehowa tiee Manase mpaebɔ no. Manase mpaebɔ no mu nsɛm no maa Yehowa hui sɛ wasesa ampa. Bere a Manase srɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no no, ɛkaa Yehowa koma na ɔsan de no bɛtenaa n’ahengua so. Manase yɛɛ nea obetumi nyinaa de kyerɛe sɛ wanu ne ho ampa. Ahab anyɛ biribi a ɛte saa da. Manase sesaa ne suban. Otuu atoro som so sa, na ɔmaa nokware som faa ne ntama pa furae. (Kenkan 2 Beresosɛm 33:15, 16.) Wei a Manase yɛe no kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru ne gyidi paa, efisɛ na ne subammɔne no anya n’abusua, n’ahemfie mpanyimfo ne ne manfo so nkɛntɛnso akyɛ paa. Nanso Manase nkwakoraabere mu no, nneɛma a ɛmfa kwan mu a na wayɛ no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiesie. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔboaa ne nana Yosia wɔ ne mmofraberem maa akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔhempa no.—2 Ahe. 22:1, 2.

12. Sɛ yɛhwɛ Manase asɛm no a, dɛn na ɛma yesua fa ahonu ho?

12 Dɛn na yebetumi asua afi Manase asɛm no mu? Ɔbrɛɛ ne ho ase, nanso wamma anso hɔ ara. Ɔbɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ onhu no mmɔbɔ, na ɔsesaa n’abrabɔ. Ɔhaw a ne bɔne no kɔfa bae no, ɔyeree ne ho sɛ obesiesie. Ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsom Yehowa na waboa afoforo nso ma wɔayɛ saa. Manase asɛm no ma yehu sɛ, sɛ bɔne aguare obi sɛ dɛn mpo a, anidaso wɔ hɔ. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ paa sɛ Yehowa Nyankopɔn ‘ye, na oyi ne yam de bɔne kyɛ.’ (Dw. 86:5) Sɛ obi ma ɛda adi sɛ wanu ne ho ampa a, Yehowa betumi de ne bɔne akyɛ no.

13. Ma mfatoho bi fa kyerɛ nea ɛbɛma yɛahu sɛ obi anu ne ho ampa.

13 Bɔne a Manase yɛe no, ogye toom sɛ wanyɛ no yiye. Nanso, wamma anso hɔ ara. Ɛno ma yenya ahonu ho asuade titiriw bi. Momma yɛnhwɛ mfatoho yi. Fa no sɛ woakɔ sotɔɔ bi mu sɛ worekɔtɔ keeki. Bere a woka kyerɛɛ sotɔɔ wura no sɛ woretɔ keeki no, kosua mmom na oyi maa wo. Wubegye anaa? Daabida! Sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ, nneɛma titiriw a wɔde yɛ keeki no, emu baako ne kosua nso ɛ? Wubegye anaa? Yennye nni sɛ wubegye. Saa pɛpɛɛpɛ na obi yɛ bɔne a, Yehowa hwehwɛ sɛ onu ne ho. Sɛ ɔbɔnefo no gye tom sɛ wanyɛ no yiye a, watu anammɔn pa. Sɛ obi yɛ saa a, ɛyɛ anammɔn titiriw a ɛkyerɛ sɛ wasi ahonu kwan so, nanso na onwiei. Dɛn bio na ehia sɛ ɔyɛ? Mfatoho bi a Yesu mae bɛboa yɛn ma yɛasua ɛno ho ade pii.

NEA ƐBƐMA YƐAHU SƐ OBI ANU NE HO AMPA

Ɔba desɛefo no ani baa ne ho so no, otwaa kwantenten san baa fie (Hwɛ nkyekyɛm 14-15) *

14. Mfatoho a Yesu mae no mu no, dɛn na ɔba desɛefo no yɛ de kyerɛe sɛ wasi ahonu kwan so?

14 Sɛ yɛhwɛ Luka 15:11-32 a, yehu Yesu mfatoho bi a ɛhyɛ nkuran paa wɔ hɔ. Ɔkaa ɔba desɛefo bi ho asɛm. Ɛne sɛ, aberante bi tew ne papa so atua, na ofii fie tuu kwan kɔɔ “ɔman bi so wɔ akyirikyiri.” Ɔkɔe no, ɔkɔbɔɔ ahuhubra. Nanso bere a ɛkaa n’ani no, odwen bɔne a wayɛ no ho kɔɔ akyiri. Ohui sɛ, bere a na ɔne ne papa te no, na nneɛma kɔ yiye paa. Sɛnea Yesu kae no, afei de aberante no ‘ani baa ne ho so.’ Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie na wakɔsrɛ ne papa sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Ɛho hia paa sɛ aberante no hui sɛ wansi gyinae pa. Nanso ohuu saa no, na wawie anaa? Daabi, na ɛsɛ sɛ otu ho anammɔn!

15. Ɔba desɛefo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho mu no, dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ wanu ne ho?

15 Ɔba desɛefo no yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ wanu ne ho ampa. Otwaa kwantenten san baa fie. Afei, obeduu ne papa nkyɛn no, ɔkaa sɛ: “Mayɛ bɔne atia Onyankopɔn ne wo. Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.” (Luka 15:21) Fi a aberante no fii ne komam gyee ne mfomso toom no kyerɛ sɛ, na ɔpɛ sɛ osiesie ɔne Yehowa ntam. Ogye toom nso sɛ nea ɔyɛe no ama ne papa adi yaw. Ná wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara ama ne papa asan agye no atom, na ɔkaa sɛ, sɛ ne papa bɛfa no sɛ n’apaafo no mu baako mpo a, ɔpɛ! (Luka 15:19) Saa mfatoho yi nyɛ mfatoho a ɛhyɛ nkuran kɛkɛ, na mmom asuade pii wom ma asafo mu mpanyimfo. Sɛ wɔpɛ sɛ wohu sɛ obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru anu ne ho ampa a, nnyinasosɛm a ɛwom no bɛboa wɔn paa.

16. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mpanyimfo no sɛ wobehu sɛ obi a wayɛ bɔne anu ne ho ampa?

16 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ mpanyimfo no behu sɛ obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru anu ne ho ampa. Adɛn ntia? Mpanyimfo no rentumi nhu nea ɛwɔ obi komam. Enti onua no nneyɛe na ɛbɛma wɔahu sɛ wagye atom sɛ nea ɔyɛe no nye, na afei de wanu ne ho. Ɛtɔ da a, obi betumi atoto n’ani awe adɔ bɔne mu asukɔ ara ma sɛ mpanyimfo no hyia no a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobehu sɛ wanu ne ho ampa.

17. (a) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi gye tom sɛ wayɛ bɔne na odi ho yaw a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ wanu ne ho? (b) Sɛnea 2 Korintofo 7:11 ka no, sɛ obi anu ne ho ampa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

17 Yɛmfa no sɛ onua bi asɛe aware mpɛn pii, na ɔde mfe pii na ayɛ saa. Sɛ́ anka ɔbɛka ma wɔaboa no no, ɔde ne bɔne no sie ne yere, ne nnamfo ne asafo mu mpanyimfo. Akyiri yi, ne bɔne no bɛdaa adi. Bere a mpanyimfo no ma ohui sɛ wɔwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ wasɛe aware no, ogye toom, na ɔyɛɛ biribi mpo de kyerɛe sɛ, asɛ asɛm no ahaw no paa. Ɛno ara kyerɛ sɛ wanu ne ho ampa? Ɛnte saa koraa. Mpanyimfo a wɔredi asɛm a ɛte saa no, ɛnyɛ yaw a ɔbɔnefo no redi no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ. Wei nyɛ bɔne a na n’ani nna ne ho so nti ɔyɛe, mmom ɛyɛ bɔne a ɔboapa yɛɛ no mfe pii. Ɛno da nkyɛn a, ɛnyɛ ɔno ara na ɔbɛkae; obi na ɔmaa ne ho daa hɔ. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hu adanse a ɛkyerɛ paa sɛ, ɔbɔnefo no asesa n’adwene ne ne suban. (Kenkan 2 Korintofo 7:11.) Ebetumi akyɛ paa ansa na watumi ayɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Esiane sɛnea ne bɔne no te nti, anhwɛ a wobetu no afi Kristofo asafo no mu.—1 Kor. 5:11-13; 6:9, 10.

18. Dɛn na obi a wɔatu no bɛyɛ de akyerɛ sɛ wanu ne ho ampa, na ɔyɛ saa a, dɛn na ebefi mu aba?

18 Sɛ wotu obi a, ade baako a ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wanu ne ho ampa ne sɛ ɔbɛba adesua daa. Afei nso, afotu a mpanyimfo no de bɛma no sɛ ɔmmɔ mpae na onsua Bible daa no, ɔde bɛyɛ adwuma. Bio nso, ɔbɛhwɛ yiye paa na nea ɛma ɔkɔyɛɛ bɔne no, wansan ankɔ ho bio. Sɛ ɔyere ne ho siesie ɔne Yehowa ntam a, obetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de ne bɔne no bɛkyɛ no korakora, na mpanyimfo no bɛsan agye no aba asafo no mu. Enti sɛ mpanyimfo no rehwɛ sɛ ɔbɔnefo bi anu ne ho ampa a, wɔma ɛtena wɔn adwenem sɛ asɛm biara nko, enti wɔmfa susudua baako nto ne nyinaa ho. Wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn na wɔne ɔbɔnefo no anni no atirimɔden so.

19. Dɛn na obi yɛ a, ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa? (Hesekiel 33:14-16)

19 Sɛnea yɛabehu no, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na ogye tom sɛ wanyɛ no yiye a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa. Ɛsɛ sɛ ofi ne komam sesa n’adwene, na ɔyɛ nneɛma pɔtee bi de kyerɛ sɛ wanu ne ho. Ebi ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi n’akwammɔne so, na wasan abɛfa Yehowa akwan so. (Kenkan Hesekiel 33:14-16.) Ade a ɛsɛ sɛ ehia ɔbɔnefo no paa ne sɛ, obesiesie ɔne Yehowa ntam.

SƐNEA YƐBƐBOA NNEBƆNEYƐFO MA WƆASAKRA WƆN ADWENE

20-21. Yɛbɛyɛ dɛn aboa obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru?

20 Yesu kaa sɛ ade baako a ɛho hia paa a enti ɔbaa asaase so ne sɛ: ‘Ɔbɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.’ (Luka 5:32) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ ɛno ho hia yɛn paa. Sɛ yehu sɛ yɛn yɔnko berɛbo bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

21 Sɛ yɛn adamfo bi yɛ bɔne na yɛkata so a, na yɛredi no awu. Esiane sɛ Yehowa hu biribiara nti, sɛ yɛyɛ dɛn ara yɛrentumi mfa nsie. (Mmeb. 5:21, 22; 28:13) Sɛ woka kyerɛ w’adamfo no sɛ mpanyimfo no pɛ sɛ wɔboa no a, na wadom no. Sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔka kyerɛ mpanyimfo no a, ɛsɛ sɛ wokɔka kyerɛ mpanyimfo no. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wopɛ paa sɛ woboa no. Sɛ woanyɛ saa a, ebetumi ama ɔne Yehowa ntam asɛe!

22. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

22 Na sɛ ɔbɔnefo bi adɔ asukɔ wɔ bɔne mu, na watena mu akyɛ ma enti sɛ mpanyimfo no si gyinae sɛ wobetu no nso ɛ? So wei kyerɛ sɛ wɔanhu no mmɔbɔ anaa? Adesua a edi hɔ no, yɛbɛtɔ yɛn bo ase ahwɛ sɛnea Yehowa reteɛ abɔnefo so a, ohu wɔn mmɔbɔ no, na yɛahwɛ sɛnea yɛn nso yebetumi asuasua no.

DWOM 103 Ahwɛfo​—Wɔyɛ Akyɛde

^ nky. 5 Sɛ yɛyɛ bɔne bi na yɛka sɛ yɛanyɛ no yiye a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho ampa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Ɔhene Ahab, Ɔhene Manase, ne ɔba desɛefo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho mu no, na ɛbɛma yɛahu nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa. Afei nso, sɛ onua bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, adesua yi bɛboa mpanyimfo no ama wɔahu nea ɛkyerɛ sɛ onii no anu ne ho ampa.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔhene Ahab de abufuw reka akyerɛ n’awɛmfo no sɛ wɔmfa Yehowa diyifo Mikaia nkɔto afiase.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔhene Manase reka akyerɛ n’adwumayɛfo sɛ wommubu ahoni a ɔde asisi asɔrefie hɔ no.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔba desɛefo no atwa kwantenten ama wabrɛ sɛɛ tam. Nanso wahu sɛ aka kakra ma wadu fie, enti ne koma atɔ ne yam.