Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 42

Nya Ahotoso Paa Sɛ Woahu Nokware No

Nya Ahotoso Paa Sɛ Woahu Nokware No

“Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa; na munso nea eye no mu pintinn.”—1 TES. 5:21.

DWOM 142 Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na nnipa bebree adwene atu afra?

ƐNNƐ, asɔre mpempem pii na ɛwɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, na wɔn som sɔ Onyankopɔn ani. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa bebree adwene atu afra! Nkurɔfo bisa sɛ: “Nokware som yɛ baako pɛ, anaa Onyankopɔn gye asɔre biara tom?” Nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no, yegye di paa sɛ ɛno ne nokware no? Afei nso, ɔkwan a Yehowa Adansefo fa so som Onyankopɔn nnɛ no, yegye di paa sɛ ɛno nko ara na Yehowa pene so? Dɛn paa na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya saa gyidi no? Momma yensusuw adanse no ho.

2. Sɛnea 1 Tesalonikafo 1:5 kyerɛ no, adɛn nti na na ɔsomafo Paul gye di sɛ wahu nokware no?

2 Ná ɔsomafo Paul gye di paa sɛ wahu nokware no. (Kenkan 1 Tesalonikafo 1:5.) Saa gyidi no, na ɛwɔ nnyinaso. Ná Paul tɔ ne bo ase sua Onyankopɔn Asɛm no. Ná ogye di sɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Tim. 3:16) Dɛn na ohui wɔ Onyankopɔn Asɛm a osuae no mu? Paul nyaa adanse turodoo a ɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Saa adanse no na Yudafo nyamesom akannifo no hyɛɛ da buu wɔn ani guu so no. Ná saa nyamesomfo nyaatwomfo no kyerɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm, nanso na wɔde wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔmfa no nyɛ hwee. (Tito 1:16) Paul de, na ɔnyɛ nyaatwom, enti wanyiyi Onyankopɔn Asɛm mu; ogyee ne nyinaa dii. Ná wayɛ krado sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ “nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa,” na ɔno ankasa nso de ayɛ adwuma.—Aso. 20:27.

3. Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yenya yɛn nsɛmmisa nyinaa ho mmuae ansa na yɛagye adi sɛ yɛahu nokware no anaa? (Adaka a yɛato din “ Yehowa Nnwuma Ne N’adwene—‘Ɛdɔɔso Dodo Sɛ Yɛbɛka Ho Asɛm Awie’” no, hwɛ ɛno nso.)

3 Ebinom te nka sɛ nokware som de, ɛsɛ sɛ etumi yi asɛmmisa biara ano, a nea Bible no nka ho asɛm tẽẽ mpo ka ho. Wohwɛ a ntease wom? Momma yɛnhwɛ nea Paul yɛe. Ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ “nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.” Nanso ogye toom sɛ nneɛma bebree wɔ hɔ a na ɔnte ase. (1 Tes. 5:21) Ɔkaa sɛ: “Yɛn nimdeɛ nni mu,” na ɔtoaa so sɛ, “yɛhwɛ dade ahwehwɛ mu, na yenhu nneɛma yiye.” (1 Kor. 13:9, 12) Ɛnyɛ biribiara na Paul tee ase. Yɛn nso, ɛnyɛ biribiara na yɛbɛte ase. Nanso Yehowa ho nokwasɛm atitiriw no de, na Paul nim. Nea osuae no, ɛma onyaa nea na ɛbɛma wagye adi sɛ wahu nokware no!

4. Ahotoso a yɛwɔ sɛ yɛahu nokware no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den, na dɛn na yebesua afa nokware Kristofo ho?

4 Ahotoso a yɛwɔ sɛ yɛahu nokware no, ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahyɛ mu den. Ɛne sɛ, sɛnea Yehowa Adansefo som Onyankopɔn nnɛ no, yɛde bɛtoto ɔkwampa a Yesu kyerɛe sɛ yɛmfa so nsom Onyankopɔn no ho. Adesua yi mu no, yebehu sɛ nokware Kristofo (1) kyi abosonsom, (2) hyɛ Yehowa din no anuonyam, (3) nokware no da wɔn koma so, (4) dodɔ wɔn ho paa.

YEKYI ABOSONSOM

5. Dɛn ne ɔkwampa a Yesu faa so som Onyankopɔn, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

5 Ná Yesu dɔ Onyankopɔn paa, enti bere a na ɔwɔ soro ne bere a ɔbaa asaase so nyinaa, Yehowa nko ara na ɔsom no. (Luka 4:8) N’asuafo no nso, ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa ara. Yesu ne n’asuafo anokwafo no amfa ahoni anaa biribi foforo biara ansom Onyankopɔn. Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ Honhom nti, biribiara nni hɔ a obi betumi ayɛ de agyina hɔ ama Yehowa! (Yes. 46:5) Na wɔn a nkurɔfo bu wɔn sɛ wɔyɛ ahotefo a wɔyɛ wɔn ahoni na wɔbɔ wɔn mpae no nso ɛ? Mmara a ɛto so mmienu wɔ Mmara Nsɛm Du no mu no, Yehowa kaa sɛ: “Nyɛ ohoni a wɔasen biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so . . . sɛso biara mfa. Nkotow wɔn.” (Ex. 20:4,5) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no, saa asɛm no mu da hɔ; enhia nkyerɛkyerɛmu biara.

6. Ɔkwan bɛn na Yehowa Adansefo fa so som Onyankopɔn nnɛ?

6 Abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ, na tete Kristofo no som Onyankopɔn nko ara. Sɛ yɛhwɛ nhoma a wɔato din, History of the Christian Church a, yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Ɛka sɛ, sɛ obi kɔka kyerɛɛ tete Kristofo no sɛ wɔmfa ahoni nkɔ baabi a wohyiam som Onyankopɔn no a, “anka wobebu no atantanne.” Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo suasua ɔkwan a tete Kristofo no faa so som Onyankopɔn no. Enti “ahotefo” ahoni oo, abɔfo ahoni oo, yɛmmɔ wɔn mpae; Yesu mpo, yɛmmɔ no mpae. Afei nso, yenkyia frankaa anaa ahyɛnsode biara a ɛkyerɛ sɛ yɛde ɔsom rema ɔman bi. Sɛ ɛdan sɛ boɔ mpo a, yɛawe ahinam so sɛ yebetie Yesu asɛm yi: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no.”—Mat. 4:10.

7. Nsonsonoe akɛse bɛn na ɛda Yehowa Adansefo ne ɔsom a aka no ntam?

7 Ɛnnɛ, nnipa bebree atu adi nyamesom akannifo a wɔn ano yɛ dɛ akyi. Wotu tare wɔn ara ma wotumi de wɔn yɛ wɔn nyame mpo. Nkurɔfo bɔ pee so wɔ wɔn asɔredan mu, wɔtɔ wɔn nhoma, na biribiara a esi saa akannifo yi ani so sɛ wɔbɛyɛ no, asɔremma no yi sika akɛse de boa. Akannifo yi bɔ waw koraa a, na asɔremma no bi di akyi. Sɛ asɔremma no hu wɔn a, asɛ wɔahu Yesu ankasa! Nanso nokware Kristofo de, wonni nnipa biara akyi. Ɛwom sɛ yɛde obu ma wɔn a wodi yɛn anim no, nanso Yesu asɛm a emu da hɔ yi na yetie: “Mo nyinaa moyɛ anuanom.” (Mat. 23:8-10) Yɛnsom nnipa. Sɛ onii no yɛ nyamesom kannifo oo, sɛ ɔyɛ ɔmanyɔfo oo, yɛnsom no. Yɛntaa wɔn akyi wɔ biribiara mu, na yɛtwe yɛn ho fi wiase no ho. Nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa mu no, yɛnte sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no. Yɛn de, yɛyɛ soronko koraa.—Yoh. 18:36.

YƐHYƐ YEHOWA DIN ANUONYAM

Ɛyɛ nokware Kristofo ahohoahoa sɛ wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 8-10) *

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛhyɛ ne din anuonyam na yɛma obiara hu?

8 Bere bi, Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam.” Yehowa ankasa de nne kɛse buaa saa mpaebɔ no, na ɔkaa sɛ ɔbɛhyɛ ne din anuonyam. (Yoh. 12:28) Yesu som adwuma no mu nyinaa, ɔhyɛɛ n’Agya din no anuonyam. (Yoh. 17:26) Enti nokware Kristofo te nka sɛ, ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din na wɔama afoforo ahu.

9. Dɛn na tete Kristofo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔhyɛɛ Onyankopɔn din no anuonyam?

9 Asomafo no bere so no, bere a Kristofo asafo no fii ase no, ankyɛ koraa na Yehowa ‘dan n’ani kɔɔ amanaman no so yii nnipa bi fii wɔn mu de ne din too wɔn so.’ (Aso. 15:14) Tete Kristofo no, na ɛyɛ wɔn ahohoahoa sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din no na wɔama nkurɔfo nso ahu. Sɛ na wɔreyɛ asɛnka adwuma no a, na wɔbɔ Onyankopɔn din no, na Bible mu nhoma a wɔkyerɛwee nso, wɔde din no baa mu. * Nea wɔyɛe yi kyerɛ sɛ, wɔn nko ara na na Onyankopɔn din da wɔn so.—Aso 2:14, 21.

10. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo nko ara na Yehowa din da wɔn so?

10 Yehowa Adansefo nko ara na Yehowa din da wɔn so anaa? Momma yensusuw adanse no ho. Ɛnnɛ, nyamesom akannifo pii ayɛ nea wobetumi biara pɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ Onyankopɔn nni din. Wɔayi din no afi wɔn Bible mu, na ebinom mpo abara wɔ wɔn asɔre mu. * Nanso Yehowa Adansefo rebɔ Onyankopɔn din no dawuru sen nyamesom kuw biara! Wei kyerɛ sɛ edin Yehowa Adansefo a ɛda yɛn so no, ɛnna yɛn so kwa; yɛyɛ ho adwuma paa. (Yes. 43:10-12) Yɛatintim Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no bɛboro ɔpepem 240. Saa nkyerɛase yi mu no, baabiara a na Yehowa din no hyɛ a Bible nkyerɛasefo bi ayi afi hɔ no, yɛde ahyɛ hɔ. Afei nso, yɛyɛ nhoma ahorow a ɛhyɛ Yehowa din anuonyam wɔ kasa bɛboro 1,000 mu! Enti sɛ yɛka sɛ Yehowa Adansefo nko ara na wɔrehyɛ Yehowa din no anuonyam a, hena na obetumi agye ho kyim?

NOKWARE NO DA YƐN KOMA SO

11. Dɛn na tete Kristofo no yɛ de kyerɛe sɛ nokware no da wɔn koma so?

11 Ná nokware no da Yesu koma so. Ɛyɛ nokware bɛn? Ɛyɛ nokware a ɛfa Onyankopɔn ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa ho. Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no ma yehu sɛ na ogye nokware no di, na ɔkaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ afoforo nso. (Yoh. 18:37) Yesu akyidifo ankasa nso, na nokware no da wɔn koma so paa. (Yoh. 4:23, 24) Nokwasɛm ne sɛ, ɔsomafo Petro kaa sɛ Kristosom yɛ “nokware kwan.” (2 Pet. 2:2) Esiane sɛ na nokware no da tete Kristofo no koma so paa nti, nyamesom mu nkyerɛkyerɛ, amanne, ne adwenkyerɛ biara a na ɛne nokware no nhyia no, wɔannye antom. (Kol. 2:8) Ɛnnɛ nso, nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so anantew “nokware no mu.” Ɛno nti wɔhwɛ sɛ nea wogye di ne ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn bra nyinaa gyina Yehowa asɛm so pɛpɛɛpɛ.—3 Yoh 3, 4.

12. Sɛ wɔn a wodi nneɛma anim no hu sɛ, sɛnea yɛte nneɛma ase no ɛsɛ sɛ wɔsesa mu a, dɛn na ɛyɛ a wɔyɛ, na adɛn nti na wɔyɛ saa?

12 Yehowa Adansefo nka sɛ biribiara a ɛwɔ Bible mu no, wɔte ase yiye. Ɛtɔ da na wɔrekyerɛkyerɛ Bible mu asɛm bi mu anaa wɔde akwankyerɛ rema asafo no a, wotumi di mfomso. Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwonwa efisɛ, Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ, ɛnyɛ da koro pɛ na Onyankopɔn nkurɔfo bɛte nokware no nyinaa ase. (Kol. 1:9, 10) Yehowa yi nokware no adi nkakrankakra, na ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn kosi sɛ nokware hann no bɛhyerɛn yiye. (Mmeb. 4:18) Sɛ Akwankyerɛ Kuw no hu sɛ ntease a yɛwɔ wɔ asɛm bi mu anaa ɔkwan a yɛfa so yɛ biribi no, ehia sɛ wɔyɛ mu nsakrae a, wɔntwentwɛn so koraa. Ɛnnɛ, nsɔrensɔre bebree yɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛsɔ wɔn asɔremma no ani anaa wiase no begye wɔn atom. Nanso nsakrae a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no de, ɛboa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn, na yɛsom no sɛnea Yesu yɛe no. (Yak. 4:4) Sɛ yɛreyɛ nsakrae a, ɛnyɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ anaa nea nnipa dodow no ara pɛ sɛ yɛyɛ na epiapia yɛn. Mmom ɛyɛ Kyerɛwnsɛm no mu ntease a edi mu a yɛanya nti na yɛyɛ saa. Anokwa, nokware no da yɛn koma so!—1 Tes. 2:3, 4.

YƐDODƆ YƐN HO PAA

13. Su titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo da no adi, na yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔreda saa su no adi nnɛ?

13 Ná tete Kristofo no wɔ su a ɛyɛ fɛ bebree, nanso nea na edi mu akoten paa ne ɔdɔ. Yesu kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yoh 13:34, 35) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase baabiara dodɔ wɔn ho paa, na koroyɛ wɔ wɔn ntam. Nyamesom kuw biara nni hɔ a ɛte sɛ yɛn de no, efisɛ yɛyɛ abusua baako. Ɛwom, ɛsono ɔman a obiara fi so, kasa a obiara ka ne obiara amammerɛ, nanso mframa mfa yɛn ntam koraa. Sɛ wokɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam a, wubehu ɔdɔ amapa a yɛreka ho asɛm yi. Wei yɛ adanse a ɛma yenya awerɛhyem paa sɛ ɔkwan a yɛfa so som Yehowa no, ɛno na ɔpene so.

14. Sɛnea Kolosefo 3:12-14 kyerɛ no, dɛn ne ɔkwan titiriw baako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho paa?

14 Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho denneennen.’ (1 Pet. 4:8) Ɔkwan baako a yɛn mu biara betumi afa so ayi saa ɔdɔ yi adi akyerɛ ne sɛ, yɛn mu biara de ne yɔnko bɔne bɛkyɛ no, na yɛn mu biara anya ne yɔnko sintɔ ho abotare. Yɛyere yɛn ho hwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayi yɛn yam ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu. Sɛ obi afom yɛn mpo a, yentwa no nnyaw. (Kenkan Kolosefo 3:12-14.) Sɛ yɛda ɔdɔ kann a ɛte saa adi a, ɛyɛ adanse paa a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nokware Kristofo.

“GYIDI BAAKO”

15. Dɛn bio na ɛma yehu sɛ, sɛnea yɛsom Onyankopɔn nnɛ no, ɛte sɛ tete Kristofo no de no?

15 Ɛnnɛ, nneɛma bi wɔ hɔ a yɛyɛ wɔ yɛn som mu a ɛno nso te sɛ tete Kristofo de no ara. Ɛho nhwɛso ne nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu no. Yɛwɔ amansin so ahwɛfo, asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Saa pɛpɛɛpɛ na na ɛte wɔ asomafo no bere so. (Filip. 1:1; Tito 1:5) Onyankopɔn mmara a ɛfa nna ne aware ho no, yedi so. Yebu mogya sɛ ɛyɛ kronkron, na abɔnefo a wonnu wɔn ho no, yetu wɔn fi asafo no mu de bɔ asafo no ho ban. Saa pɛpɛɛpɛ na tete Kristofo no nso yɛe.—Aso. 15:28, 29; 1 Kor. 5:11-13; 6:9, 10; Heb. 13:4.

16. Dɛn na yesua fi asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:4-6 no mu?

16 Yesu kaa sɛ nnipa bebree bɛkyerɛ sɛ wɔyɛ n’asuafo, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na obegye wɔn atom. (Mat. 7:21-23) Kyerɛwnsɛm no nso bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, wɔ awiei mmere no mu no, nnipa bebree wɔ hɔ a, “wuhu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn.” (2 Tim. 3:1, 5) Nanso, Bible si no pi sɛ “gyidi baako” pɛ na Onyankopɔn pene so.—Kenkan Efesofo 4:4-6.

17. Ɛnnɛ, henanom na wɔredi Yesu akyi na wokura saa gyidi baako no mu?

17 Ɛnnɛ, henanom na ekura saa gyidi baako no mu? Yɛahwehwɛ adanse no mu. Ɔkwan a Yesu kyerɛe sɛ yɛmfa so nsom Onyankopɔn a tete Kristofo no nso faa so no, yɛahwehwɛ ne nyinaa mu. Yɛhwehwɛɛ mu no, biribiara kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo na ekura saa gyidi baako no mu. Ɛyɛ hokwan paa sɛ Yehowa aboa yɛn ama yɛabɛka ne nkurɔfo ho, na wɔama yɛahu ne ho nokwasɛm ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ! Momma yɛnkɔ so nya ahotoso paa sɛ yɛahu nokware no.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

^ nky. 5 Adesua yi mu no, nokware som a Yesu fii ase no, yɛbɛhwɛ sɛnea n’akyidifo a wodi kan no toaa so. Afei nso, yebehu adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛnnɛ, Yehowa Adansefo na wɔredi saa nhwɛso no akyi.

^ nky. 9 Hwɛ adaka a yɛato din “Did the First Christians Use God’s Name?” (Tete Kristofo No De Onyankopɔn Din Dii Dwuma Anaa?) no. Ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1, 2010, Borɔfo de no mu, kr. 6.

^ nky. 10 Ɛho nhwɛso ne sɛ, afe 2008 mu no, Pope Benedict XVI hyɛɛ mmara wɔ Katolek asɔre no mu sɛ, sɛ wɔreyɛ asɔre, wɔreto nnwom anaa wɔrebɔ mpae a, “ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din no.”

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yehowa ahyehyɛde no ayi Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ kasa bɛboro 200 mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛkan Bible a Onyankopɔn din wom no wɔ wɔn ankasa kurom kasa mu.