Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wobɛsan Asiesie Wo Ne Yehowa Ntam

Sɛnea Wobɛsan Asiesie Wo Ne Yehowa Ntam

AFE biara, wɔsan gye Yehowa nguan a wɔsom bo no bebree ba Kristofo asafo no mu. Wɔn mu biara san ba a, wo de pɛ ani bɛhwɛ ‘anigye kɛse a ɛba soro’! (Luka 15:7, 10) Sɛ wɔasan agye wo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu, abɔfo no, ne Yehowa nyinaa ani agye sɛ wasan abɛka asafo no ho. Nanso bere a woresiesie wo ne Yehowa ntam no, ebia wubehyia nsɛnnennen bi. Nsɛnnennen a wubehyia no bi ne nea ɛwɔ he, na dɛn na ebetumi aboa wo?

NSƐNNENNEN BƐN NA WUBETUMI AHYIA?

Anuanom a wɔasan agye wɔn aba asafo no mu no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a, wobɛhwɛ no na wɔn ahonim da so ara bu wɔn fɔ. Ebia wobɛte nea Ɔhene Dawid faa mu no ase. Wɔde ne bɔne kyɛɛ no akyi mpo, ɔkaa sɛ: ‘Me mfomso bu fa me so.’ (Dw. 40:12; 65:3) Sɛ obi san ba Yehowa nkyɛn a, n’ahonim betumi ateetee no mfe pii mpo. Wotuu Isabelle no, mfe 20 akyi ansa na ɔresan aba. * N’anom asɛm ni: “Ná ɛyɛ den ma me sɛ megye atom sɛ Yehowa betumi de me bɔne akyɛ me.” Sɛ w’abam bu a, wo ne Yehowa ntam betumi asan asɛe. (Mmeb. 24:10) Yere wo ho na biribi a ɛte saa anto wo.

Sɛ ebinom hu adwuma paa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na wɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa a, na wɔn abam abu. Wɔsan gyee Antoine no, ɔkaa sɛ: “Biribiara a na minim ansa na wɔretu me afi asafo no mu no, mesan bae no, na me werɛ afi ne nyinaa.” Esiane nneɛma bi a ɛtete saa nti, ebinom san ba a, ɛyɛ a wɔnteɛ wɔn ho mfa wɔn ho nhyɛ asafo no dwumadi nyinaa mu.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛmfa no sɛ mframa gyampantrudu asɛe obi dan a ɛda ne koma so paa. Sɛ ɔhwɛ bere a ebedi ne adwumaden a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wasan asiesie a, anhwɛ a n’abam bebu. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Sɛ bɔne bi a emu yɛ duru na woyɛe nti na wo ne Yehowa ntam sɛee a, anhwɛ a wobɛte nka sɛ ebegye adwumaden paa na woasan asiesie wo ne no ntam. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a woyɛ a ebetumi aboa wo.

Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yiye.” (Yes. 1:18) Woadi kan abɔ mmɔden ‘atoto nneɛma yiye.’ Ɛyɛ Yehowa dɛ sɛ watu saa anammɔn no. Wo de, susuw ho hwɛ: Ba a woasan aba nti, woama Yehowa anya biribi a obegyina so aka akyerɛ Satan sɛ ɔyɛ ɔtorofo!—Mmeb. 27:11.

Nea woayɛ yi kyerɛ sɛ woabɛn Yehowa, na ɔno nso hyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɛn wo. (Yak. 4:8) Nanso, hu a afoforo behu sɛ wasan abɛka asafo no ho no nkyerɛ sɛ woawie. Yehowa yɛ w’Agya ne w’Adamfo, enti ɔdɔ a wowɔ ma no no, ɛsɛ sɛ wokɔ so hyɛ mu den. Wobɛyɛ no sɛn?

FA BOTAE A WUBETUMI ADU HO SISI W’ANI SO

Hwɛ sɛ botae a wode besisi w’ani so no, wubetumi adu ho. Ebia nneɛma a wusuae a ɛma wubenyaa Yehowa mu gyidi ne ne bɔhyɛ a ɛfa Paradise ho no de, woda so ara kae. Nanso, ɛho hia sɛ wosan yɛ nhyehyɛe pa a ɛbɛboa wo ma woatumi asom Yehowa yiye. Ebi ne nhyehyɛe a ebetumi ama woakɔ asɛnka ne adesua daa, na wo ne wo nuanom Kristofo abɔ fekuw. Ma yɛnhwɛ botae ahorow bi a wubetumi de asisi w’ani so.

Bɔ Yehowa mpae daa. Yehowa nim sɛ, sɛ w’ahonim kɔ so teetee wo a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛbɔ no mpae. (Rom. 8:26) Nanso ‘bɔ mpae daa,’ na ma Yehowa nhu sɛ wo ne n’adamfofa no ho hia wo paa. (Rom. 12:12) Andrej ka sɛ: “Ná m’ahonim teetee me paa, na na m’ani awu. Nanso, sɛ mebɔ mpae biara wie a, na saa atenka no so atew ama me koma atɔ me yam.” Sɛ wunhu nea wommɔ ho mpae a, wubetumi ahwɛ Ɔhene Dawid mpae a ɛwɔ Dwom 51 ne 65 no. Ɛyɛ mpae a ɔbɔe bere a onuu ne ho no.

Sua Bible no daa. Wei bɛhyɛ wo gyidi den na ama ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse. (Dw. 19:7-11) Felipe kaa sɛ: “Esiane sɛ na minni nhyehyɛe papa biara a na mede sua ade nti, ɛmaa me gyidi yɛɛ mmerɛw, na midii Yehowa huammɔ. Ná mempɛ sɛ medi mfomso koro no ara bio, enti mehwɛ hui sɛ mɛyɛ kokoam adesua daa.” Wo nso, wubetumi asuasua no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea wubesua bere a woreyɛ kokoam adesua a, wubetumi abisa w’adamfo bi a ne ho akokwaw ma waboa wo.

Wo ne wo nuanom nsan mmɔ fekuw. Wɔn a wɔsan ba asafo no mu no, ebinom wɔ adwene sɛ, anhwɛ a anuanom rennye wɔn nni bio. Larissa kaa sɛ: “Ná m’ani awu paa. Metee nka sɛ na madi anuanom huammɔ. Saa adwene a minyae no, ɛkyɛe paa ansa na ɛrekɔ.” Nya awerɛhyem sɛ asafo mu mpanyimfo ne anuanom a wɔn ho akokwaw nyinaa ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo ama wasan agyina wo nan so. (Hwɛ adaka a yɛato din, “ Dɛn Na Mpanyimfo Betumi Ayɛ?” no.) Wɔn ani agye paa sɛ woasan aba, na wɔpɛ sɛ esi wo yiye!—Mmeb. 17:17.

Dɛn na woyɛ a, ɛbɛma wo ne wo nuanom Kristofo ayɔnkofa no mu ayɛ den? Biribiara a anuanom reyɛ no, wo ne wɔn nyɛ. Kɔ adesua, na wo ne wɔn mmom nkɔ asɛnka daa. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo sɛn? Felix ka sɛ: “Ná anuanom no pɛ sɛ mesan ba. Enti mebae no, wɔn ani gyei. Wɔmaa m’ani kae wɔ asafo no mu, na wɔma metee nka sɛ Yehowa de me bɔne akyɛ me, na metumi akɔ so asom Yehowa bio.”—Hwɛ adaka a yɛato din, “ Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?” no.

MPA ABAW!

Satan bɛkɔ so ayɛ nea obetumi biara ama wo nsam agow sɛnea ɛbɛyɛ a worentumi nsiesie wo ne Yehowa ntam. (Luka 4:13) Enti wo nso, yere wo ho na hyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den.

Yehowa ka ne nguan ho asɛm sɛ: “Nea wayera no mɛhwehwɛ no, nea watew ne ho no mede no bɛba, nea wapira no mɛkyekyere ne kuru, na nea wayɛ mmerɛw no mɛhyɛ no den.” (Hes. 34:16) Yehowa aboa nnipa pii a wɔne ne ntam sɛee no ama wɔasan agyina wɔn nan so. Nya awerɛhyem sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wo ne n’ayɔnkofa no mu kɔ so yɛ den.

^ nky. 4 Wɔasesa din ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no.