Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 43

Nyansa Reteɛm

Nyansa Reteɛm

“Nyansa teɛm wɔ mmorɔn so. Ɛma ne nne so daa wɔ mmɔnten so.”—MMEB. 1:20.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

NEA YƐREBESUA *

1. Ɛnnɛ, sɛn na nnipa bebree yɛ wɔn ade wɔ nyansa ho? (Mmebusɛm 1:20, 21)

 WOKƆ aman pii so a, baabi a nnipadɔm twam no, ɛyɛ a na yehu sɛ adawurubɔfo gyinagyina hɔ de anigye rema nkurɔfo nhoma. Woayɛ asɛnka adwuma a ɛyɛ anigye yi bi pɛn? Sɛ saa a, ɛnde ebia wokaee sɛnea Mmebusɛm nhoma no ka nyansa ho asɛm no. Ɛka sɛ nyansa reteɛm wɔ mmɔnten so sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betie n’afotu. (Kenkan Mmebusɛm 1:20, 21.) “Nyansa” a ɛwɔ Bible ne yɛn nhoma ahorow mu no yɛ Yehowa nyansa. Ɛno ara ne ade a nkurɔfo hia na wɔatumi afi ase afa nkwa kwan no so. Sɛ obi gye yɛn nhoma no bi a, yɛn ani gye paa. Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na egye bi. Ebinom mpɛ sɛ wohu nea Bible ka. Ebinom nso serew yɛn. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Bible no atwam. Afoforo nso de, nea Bible ka wɔ abrabɔ ho no, wɔkasa tia, na wɔka sɛ wɔn a wɔde Bible mu afotu bɔ wɔn bra no, wɔyɛ katee, na wobu wɔn ho atreneefo. Nanso Yehowa dɔ nti, ɔkɔ so ma nnipa nyinaa nya hokwan a wɔde betie ne nyansa. Sɛn na ɔyɛ no?

2. Ɛnnɛ, ɛhefa na nkurɔfo betumi anya nyansa, nanso sɛn na nnipa dodow no ara yɛ wɔn ade?

2 Yehowa Asɛm Bible no ne ɔkwan baako a ɔfa so ma nkurɔfo hu nyansa. Ɛkame ayɛ sɛ obiara nsa betumi aka Bible no bi. Na yɛn nhoma ahorow no nso ɛ? Yehowa adom nti, ɛwɔ kasa bɛboro 1,000 mu. Wɔn a wotie no, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔkenkan na wɔde nea wosua no yɛ adwuma no, wobenya so mfaso. Nanso nnipa dodow no ara ayɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie nyansa a efi Yehowa hɔ no. Sɛ wɔpɛ sɛ wosi gyinae a, wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ara pɛ, anaa wobetie wɔn yɔnko nipa. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea Bible ka nti, ebi mpo a wobebu yɛn animtiaa. Adesua yi mu no, yebehu nea enti a nkurɔfo yɛ wɔn ade saa. Nanso, momma yenni kan nhwɛ sɛnea yebetumi anya Yehowa nyansa.

YEHOWA HO NIMDEƐ MA YEHU NYANSA

3. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa nyansa?

3 Yɛka sɛ obi nim nyansa a, ebetumi akyerɛ sɛ, ɔde nimdeɛ a ɔwɔ no sisi gyinae pa. Nanso nyansa a efi Yehowa hɔ de, ɛkɔ akyiri sen saa. Bible ka sɛ: “Yehowa suro ne nyansa mfiase, na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne ntease.” (Mmeb. 9:10) Enti sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa adwene anaa “Ɔkronkronni no ho nimdeɛ” kyerɛ yɛn kwan. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yesua Bible ne asafo nhoma. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ, yɛwɔ Yehowa nyansa.—Mmeb. 2:5-7.

4. Adɛn nti na Yehowa nko ara na obetumi ama yɛahu nyansa paa?

4 Yehowa nko ara na obetumi ama yɛahu nyansa paa. (Rom. 16:27) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa hɔ na nyansa fi? Nea edi kan, esiane sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no nti, onim biribiara a ɛfa n’abɔde ho. (Dw. 104:24) Nea ɛtɔ so mmienu, ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ nyansa. (Rom. 11:33) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, wɔn a wɔde Yehowa afotu a nyansa wom no yɛ adwuma no, bere nyinaa esi wɔn yiye. (Mmeb. 2:10-12) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nyansa paa a, ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm mmiɛnsa a yɛaka ho asɛm yi tom, na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn abrabɔ mu.

5. Sɛ nkurɔfo annye antom sɛ Yehowa hɔ na nyansa fi a, dɛn na ɛde ba?

5 Nnipa a ɛwɔ wiase no bebree gye tom sɛ abɔde a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ nwanwa pii atwa yɛn ho ahyia, nanso wonnye ntom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Mmom wɔkyerɛ sɛ abɔde fi adannandi mu na ɛbae. Ebinom nso ka sɛ wogye Onyankopɔn di, nanso wɔkyerɛ sɛ Bible mu nsɛm atwam, na nea wɔpɛ na wɔyɛ. Dɛn na akɔfa aba? Ɛnnɛ, nkurɔfo yɛ nea wɔn ankasa pɛ, na wɔmfa Onyankopɔn nyansa nyɛ hwee. Wohwɛ a, ɛno ama nneɛma rekɔ yiye wɔ wiase anaa? So wɔn ani gye ankasa, na wɔwɔ anidaso a edi mu sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye? Nea yehu sɛ ɛrekɔ so no si saa nokwasɛm yi so dua: “Nyansa ne nhumu ne afotu biara nni hɔ a ebetumi ne Yehowa adi asi.” (Mmeb. 21:30) Wei ma yehu paa sɛ, Yehowa hɔ na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nyansa! Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa dodow no ara nyɛ saa. Adɛn ntia?

NEA ENTI A EBINOM PO YEHOWA NYANSA

6. Sɛnea Mmebusɛm 1:22-25 ka no, henanom na wontie Yehowa nyansa?

6 Sɛ nyansa “teɛm wɔ mmorɔn so” a, nnipa pii bu nnua gu wɔn asom. Bible ma yehu sɛ nnipakuw mmiɛnsa na wɔpo nyansa. Wɔne: “agyimifo,” “fɛwdifo,” ne “nkwaseafo.” (Kenkan Mmebusɛm 1:22-25.) Momma yɛnto yɛn bo ase nhwɛ nea ɛma saa nkurɔfo no po Onyankopɔn nyansa, na yɛnhwɛ nea yɛbɛyɛ na yɛansuasua wɔn.

7. Adɛn nti na ebinom yɛ “agyimifo”?

7 “Agyimifo” ne wɔn a wɔn nimdeɛ sua; ɛnkyɛ na wɔagye biribiara adi anaa wɔadaadaa wɔn. (Mmeb. 14:15, ase hɔ asɛm) Yɛtaa hyia saa nkurɔfo no bi wɔ asɛnka mu. Wo de, yɛnhwɛ nnipa ɔpepem pii a nyamesom akannifo anaa amanyɔfo redaadaa wɔn no. Ebinom hu sɛ saa akannifo yi adaadaa wɔn a, wɔn ho tumi dwiriw wɔn paa. Nanso agyimifo a Mmebusɛm 1:22 ka wɔn ho asɛm no de, wɔn ara na ɛpɛ no saa. (Yer. 5:31) Ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔn ara bɛyɛ nea wɔpɛ, na wɔmpɛ sɛ wobehu nea Bible ka mpo na wɔde ayɛ adwuma. Nnipa pii te nka te sɛ maame bi a ɔwɔ Quebec, Canada, a nyamesom adi ne ti no. Ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔbaa ne nkyɛn sɛ, “Sɛ yɛn sɔfo adaadaa yɛn a, ɛto gye ɔno ara, yɛn de ɛmfa yɛn ho!” Wɔn a wɔahyɛ da sɛ wɔmpɛ sɛ wohu nokwasɛm no, yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn koraa!—Mmeb. 1:32; 27:12.

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ anyansafo?

8 Eye paa sɛ Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ agyimifo, na mmom ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ nnipa a wɔanyin yiye wɔ ntease mu.’ (1 Kor. 14:20) Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ɛma yɛyɛ anyansafo. Nkakrankakra yebehu sɛnea Bible nnyinasosɛm boa yɛn ma yɛkwati ɔhaw na yesisi gyinae pa. Ɛyɛ papa sɛ gyinae a yesisi no, yebedwinnwen ho ahwɛ sɛnea ɛrekɔ. Sɛ yɛasua Bible no akɔ anim kakra na daa yɛkɔ adesua a, yebetumi abisa yɛn ho nea enti a yentumi nhyiraa yɛn ho so mmaa Yehowa na yɛmmɔɔ asu. Sɛ yɛabɔ asu nso a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, yɛreyere yɛn ho sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛakyerɛkyerɛ yiye anaa? Gyinae a yesisi no ma ɛda adi sɛ Bible nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan anaa? Yɛne afoforo redi a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ Kristofo anaa? Sɛ yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, momma yennwen Yehowa nkaesɛm ho, efisɛ “ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.”—Dw. 19:7.

9. Dɛn na “fɛwdifo” yɛ de kyerɛ sɛ wɔapo nyansa?

9 Nnipakuw a ɛtɔ so mmienu a wɔpo Onyankopɔn nyansa ne “fɛwdifo.” Ɛtɔ da a, yehyia saa nkurɔfo no bi wɔ asɛnka mu. Wɔn ani gye ho sɛ wobedi afoforo ho fɛw. (Dw. 123:4) Bible bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ awiei mmere no mu no, fɛwdifo bɛdɔɔso. (2 Pet. 3:3, 4) Ɛnnɛ, nnipa bebree te sɛ mmarima a na wɔrebɛware ɔtreneeni Lot mma mmea no; wontie kɔkɔbɔ a efi Onyankopɔn hɔ no. (Gen. 19:14) Wɔn a wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra no, nnipa bebree serew wɔn. Fɛwdifo no “ankasa akɔnnɔ bɔne” na epiapia wɔn. (Yuda 7, 17, 18) Sɛnea Bible ka fɛwdifo ho asɛm no, saa pɛpɛɛpɛ na awaefo ne afoforo a wɔapo Yehowa no yɛ wɔn ade!

10. Sɛnea Dwom 1:1 ma yehu no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanyɛ fɛwdifo?

10 Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanyɛ fɛwdifo? Ade baako a yɛbɛyɛ ne sɛ, wɔn a wonwiinwii wɔ biribiara ho no, yɛne wɔn remmɔ. (Kenkan Dwom 1:1.) Wei kyerɛ sɛ yɛrentie awaefo, na biribiara a wɔakyerɛw nso, yɛrenkan. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebenwiinwii wɔ biribiara ho, na akwankyerɛ a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no, yɛn adwenem ayɛ yɛn naa wɔ ho. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ akwankyerɛ anaa nkyerɛkyerɛmu foforo biara ba a, ɛyɛ a minya ho asɛm ka anaa? Mekasa tia wɔn a edi nneɛma anim no anaa?’ Sɛ yɛyɛ ntɛm tu saa suban no ase a, Yehowa ani begye yɛn ho.—Mmeb. 3:34, 35.

11. Abrabɔ ho mmara a Yehowa de ama yɛn no, sɛn na “nkwaseafo” bu no?

11 Nnipakuw a ɛtɔ so mmiɛnsa a wɔpo nyansa ne “nkwaseafo.” Nea enti a wɔyɛ nkwaseafo ne sɛ, abrabɔ ho mmara a Onyankopɔn de ama yɛn no, wɔmpɛ sɛ wɔde bɔ wɔn bra. Nea ɛteɛ wɔ wɔn ara ani so na wɔyɛ. (Mmeb. 12:15) Saafo no po Yehowa a ne nkyɛn na nyansa fi no. (Dw. 53:1) Sɛ yehyia wɔn wɔ asɛnka mu a, Bible mmara a yɛde bɔ yɛn bra nti, wɔtaa kasa tia yɛn yayaayaw. Nanso wɔte sɛ adakato; wonni biribi papa biara ma yɛn. Bible ka sɛ: “Ɔkwasea de, ne nsa ntumi nka nyansa; onni hwee ka wɔ kurow pon ano.” (Mmeb. 24:7) Nkwaseafo de, nyansasɛm biara nni wɔn tirim. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ‘yɛntwe yɛn ho mfi ɔkwasea ho’!—Mmeb. 14:7.

12. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛanyɛ yɛn ade te sɛ nkwaseafo?

12 Ebinom kyi Onyankopɔn afotu, nanso yɛn de, yɛn ani gye Onyankopɔn akwan ne ne mmara ho. Wɔn a wontie Onyankopɔn no, sɛ yɛhwɛ nsunsuanso a ɛde brɛ wɔn na yɛde toto nhyira a wɔn a wɔyɛ osetie no nya ho a, ebetumi ama yɛn ani agye Onyankopɔn mmara ho paa. Wo de, hwɛ ɔhaw a nkurɔfo asoa agu wɔn ho so esiane sɛ wɔapo Yehowa afotu nti. Nanso esiane sɛ wutie Onyankopɔn nti, hwɛ sɛnea asi wo yiye.—Dw. 32:8, 10.

13. So Yehowa hyɛ yɛn sɛ yentie n’afotu anaa?

13 Yehowa ama yɛn nyinaa hokwan a yɛde betie ne nyansa, nso ɔnhyɛ obiara sɛ ontie. Nanso wɔn a wontie ne nyansa no, ɔma yehu nea ɛbɛto wɔn. (Mmeb. 1:29-32) Wɔn a wɔmpɛ sɛ wotie Yehowa no, “wobetwa wɔn nneyɛe so aba.” Ebedu baabi no, ɔbra a wɔwom no, nea ɛde bɛbrɛ wɔn ara ne ateetee ne amanehunu, na akowie ɔsɛe mu. Nanso wɔn a wotie Yehowa nyansa na wɔde bɔ wɔn bra no, ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ: “Nea otie me no de, ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro mmusu.”—Mmeb. 1:33.

YEHOWA NYANSA SO WƆ MFASO

Sɛ yɛma mmuae wɔ adesua ase a, ɛhyɛ yɛne Yehowa ayɔnkofa mu den (Hwɛ nkyekyɛm 15)

14-15. Dɛn na yesua fi Mmebusɛm 4:23 mu?

14 Sɛ yetie Onyankopɔn nyansa a, ɛboa yɛn bere nyinaa. Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yehowa ama yɛn hokwan pii a yɛde betie ne nyansa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, baabiara a yɛbɛhwɛ wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, wama yɛn afotu a entwam da a sɛ yɛde bɔ yɛn bra a ebesi yɛn yiye. Momma yɛnhwɛ saa afotu no mu nnan pɛ.

15 Bɔ wo sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban. Bible ka sɛ: “Bɔ wo koma ho ban sen nea wobɔ ho ban nyinaa, efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ.” (Mmeb. 4:23) Wo de, hwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de bɔ koma a ɛda yɛn mu no ho ban. Ɛsɛ sɛ yedi aduan pa, yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu sɛnea ɛsɛ, na yɛkwati nneyɛe bɔne. Biribi saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de bɔ yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban. Yesua Onyankopɔn Asɛm da biara. Ansa na yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam no, yesua nea yebesusuw ho no, na yɛkɔ nso a, yɛma mmuae. Yɛyere yɛn ho kɔ asɛnka daa. Afei nso, biribiara a ebetumi asɛe yɛn adwene te sɛ, anigyede a ɔbrafĩ wom ne fekubɔne no, yɛtwe yɛn ho fi ho.

Sɛ yɛamma sika ammɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetenam a, ɛboa ma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 23:4, 5 no, adɛn nti na ɛso da so ara wɔ mfaso?

16 Ma w’ani nsɔ nea wowɔ. Bible tu yɛn fo sɛ: “Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade. . . . Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyade no a, worenhu, efisɛ sɛnea ɛte biara, ebefuw ntaban te sɛ ɔkɔre na atu akɔ wim.” (Mmeb. 23:4, 5) Sika anaa ahonyade betumi afi yɛn nsa prɛko pɛ. Nanso ɛnnɛ, asikafo ne ahiafo nyinaa, sikapɛ adi wɔn ti. Sikapɛ a ɛte saa nti, ɛtaa ma wɔyɛ nneɛma bi a ɛma wogye dimmɔne, ɛsɛe wɔne afoforo ntam, na ɛsɛe wɔn apɔwmuden mpo. (Mmeb. 28:20; 1 Tim. 6:9, 10) Nanso, Yehowa nyansa boa yɛn ma yehu sɛ ɛnyɛ sika ne ade a ɛho hia paa wɔ asetenam. Adwene a ɛte saa mma yɛnyɛ anibere, ɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ, na ɛde anigye brɛ yɛn.—Ɔsɛnk. 7:12.

Sɛ yedwen ansa na yɛakasa a, ɛremma yɛn anom kasa mpira afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Sɛnea Mmebusɛm 12:18 ka no, yɛbɛyɛ dɛn anya “anyansafo tɛkrɛma”?

17 Dwen ansa na woakasa. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn anom kasa betumi de ɔhaw kɛse aba. Bible ka sɛ: “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.” (Mmeb. 12:18) Sɛ yɛammɔ nkurɔfo mmerɛwyɛ dawuru a, ɛbɛma asomdwoe atena yɛne wɔn ntam. (Mmeb. 20:19) Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn anom kasa pira afoforo, na mmom ɛsa wɔn yare a, ɛsɛ sɛ yɛde nimdeɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no dua yɛn koma mu. (Luka 6:45) Yedwinnwen Bible mu nsɛm ho a, yɛn anom kasa bɛyɛ sɛ “nyansa asuti” a ɛma afoforo ho dwo wɔn.—Mmeb. 18:4.

Sɛ yɛde akwankyerɛ a efi ahyehyɛde no hɔ yɛ adwuma a, ɛboa ma yɛn asɛnka adwuma no kɔ yiye (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 24:6 no yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa ama yɛn asɛnka akɔ yiye?

18 Fa akwankyerɛ yɛ adwuma. Bible de saa afotu pa yi ma yɛn: “Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo ko, na afotufo dodow mu na nkonimdi wɔ.” (Mmeb. 24:6) Yɛnhwɛ sɛnea yɛde saa nnyinasosɛm no yɛ adwuma a, ɛboa ma asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no kɔ yiye. Sɛ́ anka yɛn ara yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no sɛnea yɛpɛ no, yɛbɔ mmɔden de nyansahyɛ a yɛn nsa ka no yɛ adwuma. Yɛkɔ adesua a, anuanom a wɔn ho akokwaw de Bible mu nsɛm ma ɔkasa, na wɔyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow de tete yɛn. Wei ma yenya akwankyerɛ pa. Ɛno da nkyɛn a, Yehowa ahyehyɛde no ma yenya nnwinnade a etu mpɔn te sɛ nhoma ne video ahorow a ebetumi aboa nkurɔfo ama wɔate Bible no ase. Worebɔ mmɔden ahu sɛnea wode bedi dwuma yiye anaa?

19. Nyansa a efi Yehowa hɔ no, sɛn na wote nka wɔ ho? (Mmebusɛm 3:13-18)

19 Kenkan Mmebusɛm 3:13-18. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yenya afotu pa wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu! Sɛ yɛannya a, anka yɛbɛyɛ dɛn? Adesua yi mu no, afotu pa a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, yɛasusuw bi ho. Nokwasɛm ne sɛ, wohwɛ Bible no nyinaa mu a, Yehowa nyansa ahyɛ mu ma. Momma yensi yɛn bo sɛ, nyansa a efi Yehowa hɔ no, yɛde bɛyɛ adwuma bere nyinaa. Sɛ wiase no mpɛ sɛ wɔde nyansa a ɛte saa yɛ adwuma a, ɛmfa yɛn ho; yɛn de, yegye di paa sɛ “wɔn a wokura [nyansa] mu denneennen no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.”

DWOM 36 Yɛbɔ Yɛn Koma Ho Ban

^ Nyansa a efi Yehowa hɔ no, biribiara nni wiase yi mu a yebetumi de atoto ho. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛtɔ da a Mmebusɛm nhoma no ka nyansa ho asɛm. Ɛka sɛ ɛte sɛ obi a ɔreteɛm wɔ abɔnten so. Yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi anya nyansa, nea enti a ebinom po nyansa, ne sɛnea yɛyɛ aso tie nyansa a, ɛbɛboa yɛn.