Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Israelfo No Dii Ako—Adɛn Nti Na Yɛn De, Yɛnyɛ Saa?

Tete Israelfo No Dii Ako—Adɛn Nti Na Yɛn De, Yɛnyɛ Saa?

BERE a Wiase Ko II no rekɔ so no, Nasi aban panyin baako boboom guu Yehowa Adansefo bi so sɛ: “Sɛ mo mu baako koraa ka sɛ ɔrenko ntia France anaa England a, yebekum mo nyinaa!” Ɛwom sɛ na Nasi asraafo bi a akode hyehyɛ wɔn ho gyinagyina hɔ, nanso anuanom no mu biara nni hɔ a ɔmaa ɔpanyin no asɛm no bɔɔ no hu. Wei kyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru paa! Saa nhwɛso yi ma yehu adwene a Yehowa Adansefo nyinaa wɔ wɔ akodi ho. Ɛne sɛ: Akodi a ɛkɔ so wɔ wiase no, yɛmfa yɛn ho nhyem. Sɛ wɔde owu hunahuna yɛn mpo a, yɛnkɔ ɔko.

Nanso, ɛnyɛ wɔn a ɛfrɛ wɔn ho Kristofo nyinaa na ɛne yɛn yɛ adwene. Nnipa pii gye di sɛ, Kristoni de, ɛsɛ sɛ ɔko ma ne man. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Tete no, sɛ́ na Israelfo yɛ Onyankopɔn nkurɔfo, ɛnna wodii ako, ɛnde adɛn nti na nnɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo nso yɛ saa?’ Sɛ obi bisa wo saa a, anka wobɛka sɛn? Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ, tebea a na tete Israelfo no wom ne tebea a Onyankopɔn nkurɔfo wom nnɛ no, nsonsonoe kɛse wom. Yɛnhwɛ emu nnum.

1. NÁ ONYANKOPƆN NKURƆFO NYINAA YƐ ƆMAN BAAKO MUFO

Tete no, Yehowa boaboaa ne nkurɔfo ano yɛɛ wɔn ɔman baako. Saa ɔman no ne Israel. Ɔkaa sɛ Israelfo no yɛ ‘n’agyapade titiriw wɔ aman nyinaa mu.’ (Ex. 19:5) Afei nso, Onyankopɔn twaa asaase pɔtee bi maa wɔn sɛ wɔntena so. Enti bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔne aman foforo nkɔko no, na ɛnyɛ wɔn nuanom Israelfo na wɔne wɔn rekɔko anaa wɔrekokunkum wɔn. *

Ɛnnɛ, Yehowa asomfo fi “aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” (Adi. 7:9) Enti sɛ Onyankopɔn nkurɔfo kɔ ɔko a, anhwɛ a wɔne wɔn nuanom Kristofo na ɛbɛko, na ebi mpo a, wobekunkum wɔn.

2. YEHOWA NA ƆKA KYERƐƐ ISRAELFO NO SƐ WƆNKƆ ƆKO

Tete no, Yehowa na na ɔkyerɛ Israelfo no bere a wɔnkɔ ɔko ne nea enti a na ehia sɛ wɔyɛ saa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Onyankopɔn maa Israelfo kwan sɛ wɔnkɔko nkunkum Kaananfo no, efisɛ na wɔagye din sɛ nkurɔfo a wɔsom ahonhommɔne, nkurɔfo a aguamammɔ a ɛyɛ tan adi wɔn ti, ne nkurɔfo a wɔde wɔn mma bɔ afɔre ma wɔn anyame. Enti nkurɔfo yi a na wɔreyɛ nneɛma bɔne wɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, Yehowa maa Israelfo no tɔree wɔn ase sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renkɔyɛ saa nneɛma bɔne no bi. (Lev. 18:24, 25) Bere a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so no, ɛtɔ da a, na Onyankopɔn ma wɔne wɔn atamfo ko de bɔ wɔn ho ban. (2 Sam. 5:17-25) Nanso, amma da sɛ Yehowa maa Israelfo no ara sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ ɔko. Bere biara a wɔn ankasa fa too wɔn ho so kɔɔ ɔko no, mpɛn pii no, anwie yiye.—Num. 14:41-45; 2 Be. 35:20-24.

Ɛnnɛ, Yehowa nka nkyerɛɛ nnipa biara sɛ wɔnkɔ ɔko. Ako a amanaman no di no, nea wɔn ankasa benya afi mu nti na wɔko, na ɛnyɛ sɛ wɔreko ama Onyankopɔn. Ebia nea enti a wɔkɔ ɔko ne sɛ, wɔpɛ sɛ wogye nsaase pii, anaa wɔn man no sikasɛm kɔ yiye, anaa amanyɔkuw bi benya tumi de ayɛ nea esi n’ani so. Na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔreko wɔ Onyankopɔn din mu de abɔ wɔn som ho ban, anaa de akunkum Onyankopɔn atamfo no nso ɛ? Nea ɛte ne sɛ, Yehowa bɛbɔ n’asomfo anokwafo ho ban, na wasɛe n’atamfo daakye wɔ Armagedon ko no mu. (Adi. 16:14, 16) Saa ɔko no mu no, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asaase so no renko bi; ne soro asafodɔm no nko ara na ɛbɛko.—Adi. 19:11-15.

3. WƆN A WONYAA YEHOWA MU GYIDI NO, ISRAELFO NO MA WƆFAA WƆN HO DII

Sɛnea Yehowa ko tiaa Yeriko na ɔmaa Rahab ne n’abusua faa wɔn ho dii no, wohwɛ a saa ara na ɛnnɛ akodi a ɛkɔ so no, wɔma wɔn a wɔn ho nni asɛm no fa wɔn ho di anaa?

Tete no, ná Israel asraafo taa da mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn a wonya Yehowa mu gyidi no; wɔn a Yehowa abu wɔn atɛn sɛ wɔfata ɔsɛe no, wɔn nkutoo na na wokunkum wɔn. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso mmienu. Ɛwom sɛ Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnsɛe Yeriko de, nanso Rahab gyidi nti, wɔmaa ɔne n’abusua faa wɔn ho dii. (Yos. 2:9-16; 6:16, 17) Akyiri yi, Gibeonfo no nso, esiane sɛ wɔkyerɛe sɛ wosuro Onyankopɔn nti, wɔmaa kurow no mufo nyinaa faa wɔn ho dii.—Yos. 9:3-9, 17-19.

Ɛnnɛ, aman a wodi ako no, wɔn a wɔsom Onyankopɔn no, wɔmfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Afei nso, sɛ aman no redi ako a, ɛtɔ da bi a temanmufo a wɔn ho nni asɛm no, wobɛhwɛ na ebi afa mu awu.

4. NÁ ƐSƐ SƐ ISRAELFO NO DI ONYANKOPƆN MMARA A ƐFA AKODI HO NO SO

Tete no, ná Yehowa hwɛ kwan sɛ Israel asraafo no bedi ne mmara a ɛfa akodi ho no so. Ɛtɔ da a, na Onyankopɔn ka kyerɛ Israelfo no sɛ kurow a wɔne wɔn rekɔko no, wɔmmɔ dawuru na “ɛhɔfo nhu nea wɔyɛ a ɛde asomdwoe bɛba.” (Deut. 20:10) Afei nso, na Yehowa hwɛ kwan sɛ Israel asraafo no bedi wɔn ho ni, na wɔama wɔn asoɛe hɔ ne wɔn abrabɔ ho atew. (Deut. 23:9-14) Aman a na atwa Israel ho ahyia no, sɛ wɔkɔ ɔko na wodi wɔn atamfo so nkonim a, na wɔn asraafo no taa to mmea no mmonnaa. Nanso Yehowa baraa Israelfo no sɛ mma wɔnnyɛ saa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ asraafo no di kurow bi so nkonim na wɔde wɔn yɛ nkoa, na wɔpɛ sɛ wɔware emu mmea no bi a, gye sɛ bosome baako atwam ansa.—Deut. 21:10-13.

Ɛnnɛ, aman dodow no ara atena ase ahyehyɛ ɔko ho mmara bi a wɔn nyinaa agye atom. Ɛwom sɛ adwene no ne sɛ, wɔde bɛbɔ temanmufo no ho ban, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii no, wɔmfa nyɛ adwuma.

5. ONYANKOPƆN KO MAA NE MAN

Sɛnea Onyankopɔn ko maa Israel wɔ Yeriko no, ɛnnɛ ɔko ma ɔman bi saa anaa?

Tete no, Yehowa ko maa Israelfo no, na mpɛn pii no, na ɔfa anwanwakwan so ma wodi nkonim. Sɛ yɛhwɛ Yeriko kurow no sei a, sɛn na Yehowa boaa Israelfo no ma wodii so nkonim? Sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Israelfo no, bere a ‘wɔteɛɛm denneennen pɛ no, ɔfasu no nyinaa dwiriw guu fam,’ na ɛma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wɔbɛfa kurow no. (Yos. 6:20) Na Amorifo no nso ɛ? Ɛyɛɛ dɛn na wotumi dii wɔn so nkonim? “Yehowa maa asukɔtweaa akɛse fii soro beguu wɔn so . . . Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a asukɔtweaa no kunkum wɔn no dɔɔso sen wɔn a Israelfo de sekan kunkum wɔn no.”—Yos. 10:6-11.

Ɛnnɛ, Yehowa nko mma ɔman biara wɔ asaase so. N’Ahenni a Yesu yɛ so Hene no “mfi wiase.” (Yoh. 18:36) Nanso nnipa aban nyinaa hyɛ Satan ase. Ɔko a ani yɛ nyan a ɛkɔ so wɔ wiase no da no adi sɛ Satan na ɛhyɛ akyi.—Luka 4:5, 6; 1 Yoh. 5:19.

NOKWARE KRISTOFO PƐ ASOMDWOE

Sɛnea yɛahu no, tebea a na tete Israelfo no wom ne tebea a yɛwom nnɛ no, nsonsonoe kɛse wom. Nanso ɛnyɛ wei nko ara nti na yɛnkɔ ɔko. Nneɛma foforo nso ka ho. Onyankopɔn ka too hɔ sɛ, awiei mmere no mu no, wɔn a wakyerɛkyerɛ wɔn no, “wɔrensua akodi bio,” na kampɛsɛ wɔde wɔn ho ahyem. (Yes. 2:2-4) Afei nso, Kristo kaa sɛ n’asuafo ‘nka wiase no ho,’ kyerɛ sɛ, wɔremfa wɔn ho mfɔrefɔre wiase no akodi mu.—Yoh. 15:19.

Kristo san hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnyɛ biribi foforo mpo nka ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ biribiara a ɛbɛma wɔanya nkurɔfo ho menasepɔw, ɛbɛkɔ akɔfa abufuw anaa ɔko aba no, wonyi mfi wɔn akwan mu. (Mat. 5:21, 22) Bio nso, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnhwehwɛ asomdwoe’ na wɔnnɔ wɔn atamfo.—Mat. 5:9, 44.

Yɛn mu biara bɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛda adi sɛ yɛmpɛ sɛ yɛkɔ ɔko, nanso, ebetumi aba sɛ ɔtan bi hyɛ yɛn mu a ebetumi akɔfa ntawantawadi anaa mpaapaemu aba asafo no mu anaa? Sɛ yɛwɔ suban bi saa a, momma yɛnkɔ so nyɛ nea yebetumi biara ntu ase.—Yak. 4:1, 11.

Yɛmfa yɛn ho nnyigye ɔko a ɛkɔ so wɔ amanaman no ntam no mu, mmom yɛyere yɛn ho ma ɔdɔ ne asomdwoe tena yɛn mu. (Yoh. 13:34, 35) Bere a yɛrehwɛ kwan sɛ daakye Yehowa beyi akodi nyinaa afi hɔ no, momma yensi yɛn bo sɛ, yɛremfa yɛn ho mfɔrefɔre wiase no amanyɔsɛm ne akodi mu.—Dw. 46:9.

^ Ɛtɔ da a, na Israel mmusuakuw no twa wɔn ho ko, ɛwom sɛ na Yehowa ani nnye saa ntɔkwaw no ho. (1 Ahe. 12:24) Nanso ɛtɔ mmere bi a, esiane sɛ na mmusuakuw no bi adan wɔn akyi akyerɛ Yehowa anaa wɔayɛ bɔne kɛse bi nti, na ɔma kwan ma akodi a ɛte saa kɔ so.—Atem. 20:3-35; 2 Be. 13:3-18; 25:14-22; 28:1-8.