Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 41

Wubetumi Anya Anigye a Edi Mu

Wubetumi Anya Anigye a Edi Mu

“Anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan so.”—DW. 128:1.

DWOM 110 “Yehowa Mu Anigye”

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na yehia “Onyankopɔn akwankyerɛ” na ama yɛn ani agye?

 ANIGYE a edi mu de, ɛnyɛ anigye a ɛba nnɛ a, ɔkyena na atew kɔ. Sɛ obi wɔ anigye a edi mu a, n’ani tumi gye afebɔɔ. Adɛn nti na yɛreka saa? Yesu kaa wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.” (Mat. 5:3) Ná Yesu nim sɛ Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no, de atenka a emu yɛ den adua nnipa mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no, na yɛasom no. Wei nti na yehia “Onyankopɔn akwankyerɛ.” Afei nso, esiane sɛ Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn” nti, wɔn a wɔsom no no ani betumi agye.—1 Tim. 1:11.

“Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani.”—Mat. 5:10 (Hwɛ nkyekyɛm 2-3) *

2-3. (a) Sɛnea Yesu kae no, henanom bio na wɔn ani betumi agye? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na adɛn nti na wei ho hia?

2 Ɛsɛ sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn asetena mu ansa na yɛn ani atumi agye anaa? Daabi. Yesu bepɔw so asɛnka no mu no, ɔkaa asɛm bi a ɛyɛ nwanwa. Ɔkaa sɛ “wɔn a wodi awerɛhow,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔn bɔne reteetee wɔn anaa wɔn a asetena ama wɔadi amia no, wɔn ani betumi agye. “Wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani” anaa wɔn a wodi Kristo akyi nti, ‘wɔyeyaw’ wɔn no, Yesu kaa sɛ wɔn nso ani betumi agye. (Mat. 5:4, 10, 11) Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi anya anigye a edi mu wɔ tebea a ɛtete saa mu?

3 Ná Yesu rekyerɛkyerɛ yɛn sɛ, ɛnyɛ sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn asetena mu a na ɛbɛma yɛn ani agye, na mmom gye sɛ yehu sɛ yehia Onyankopɔn akwankyerɛ, na yetwiw bɛn no. (Yak. 4:8) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya anigye ankasa.

DIDI WƆ HONHOM FAM

4. Dɛn ne ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya anigye ankasa? (Dwom 1:1-3)

4 NEA EDI KAN: Sɛ yebetumi anya anigye ankasa a, ɛsɛ sɛ yedidi wɔ honhom fam. Nnipa ne mmoa nyinaa hia honam fam aduan na wɔatumi atena nkwa mu. Nanso nnipa nko ara na yebetumi adidi wɔ honhom fam, na ehia sɛ yɛyɛ saa nso. Ɛno nti, Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mat. 4:4) Enti ɛnsɛ sɛ da koro koraa pa yɛn ti so a yɛnkenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no. Odwontofo no kaa sɛ: “Anigye ne onipa a . . . n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan Ne mmara no dwinnwen ho awia ne anadwo.”—Kenkan Dwom 1:1-3.

5-6. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Bible no mu? (b) Yɛkenkan Bible no a, sɛn na ebetumi aboa yɛn?

5 Yehowa dɔ yɛn nti, nea ɛbɛma yɛn ani agye wɔ asetenam no, ɔde ama yɛn wɔ Bible no mu. Ɛma yehu nea enti a ɔbɔɔ yɛn. Afei nso, ɛma yehu nea ɛbɛma yɛabɛn no, ne nea yɛyɛ a ɛbɛma ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ɛno da nkyɛn a, ɛma yehu anidaso papa bi a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛanya daakye. (Yer. 29:11) Sɛ yesua Bible no na yehu saa nokwasɛm ahorow yi a, ɛma anigye hyɛ yɛn koma ma!

6 Sɛnea yenim no, afotu pa a yɛde bɛbɔ yɛn bra nso ahyɛ Bible mu ma sei tɔ. Yɛde saa afotu no yɛ adwuma a, ebetumi ama yɛn ani agye. Bere biara a ɔhaw bɛhyɛ wo so ama w’abam abu no, gye bere kenkan Yehowa Asɛm no, na dwinnwen ho. Yesu kaa sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28.

7. Bere a wode kenkan Onyankopɔn Asɛm no, dɛn na wobɛyɛ na woanya so mfaso kɛse?

7 Sɛ worekenkan Onyankopɔn Asɛm a, to wo bo ase na enwurawura wo. Fa no sɛ obi ayɛ aduan a wopɛ paa ama wo. Nanso esiane sɛ worepɛ ntɛm anaa w’adwene nyinaa wɔ biribi so nti, wudii no ntɛmntɛm, enti woante ne dɛ. Wuwiei no na wuhui sɛ wudii no ntɛmntɛm dodo, na wunyae a anka wotoo wo bo ase dii, na woate ne dɛ. Biribi a ɛte saa ato wo pɛn anaa? Bible no nso, emu yɛ dɛ paa, nanso sɛ wokenkan no ahoɔhare so a, biribi a ɛte saa betumi asi. Anhwɛ a worente nea worekan no ase. Enti to wo bo ase kenkan Onyankopɔn Asɛm no na te ne dɛ; twa asɛm no ho mfoni, fa no sɛ wowɔ hɔ bi, na wote nea ɛrekɔ so nyinaa, na dwinnwen nea woakenkan no ho. Woyɛ wei a, ɛbɛma w’ani agye paa.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no reyɛ adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

8 Yesu apaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔmma yɛn honhom fam aduan bere a ɛsɛ mu, na ampa ara nso, ɔma yedidi yiye wɔ honhom fam. * (Mat. 24:45) Biribiara a akoa nokwafo no de ma yɛn no, Kyerɛwnsɛm no paa na egyina so. (1 Tes. 2:13) Honhom fam aduan yi boa yɛn ma yetumi sua Bible no hu Yehowa adwene. Ɛno nti na ɛyɛ a yɛkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no, ne nsɛm a ɛwɔ jw.org so no. Adesua a yɛyɛ no nnawɔtwe mfinimfini ne nnawɔtwe awiei no nso, yesua ansa na yɛakɔ. Afei nso, yɛhwɛ JW Broadcasting® a ɛba bosome biara no. Sɛ yedidi yiye wɔ honhom fam a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ ade a ɛtɔ so mmienu a ɛma yenya anigye a edi mu no.

FA YEHOWA AKWANKYERƐ BƆ WO BRA

9. Dɛn ne ade a ɛtɔ so mmienu a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya anigye ankasa?

9 NEA ƐTƆ SO MMIENU: Sɛ yebetumi anya anigye ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan so.” (Dw. 128:1) Sɛ yesuro Yehowa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yebu no paa, enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a n’ani nnye ho. (Mmeb. 16:6) Wei nti, nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɔmpɛ sɛ yɛyɛ a waka ho asɛm wɔ Bible mu no, yɛyere yɛn ho paa sɛ yebedi so. (2 Kor. 7:1) Sɛ yɛyɛ nea Yehowa ani gye ho na yɛtwe yɛn ho fi nea ɔmpɛ ho a, yɛn ani begye.—Dw. 37:27; 97:10; Rom. 12:9.

10. Nea Onyankopɔn pɛ a yebehu akyi no, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Romafo 12:2)

10 Kenkan Romafo 12:2. Ɛwom, ebia obi nim sɛ Yehowa na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne, nanso ɛsɛ sɛ ogye Onyankopɔn akwankyerɛ tom na ɔde bɔ ne bra. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia obi nim sɛ aban no na ɛwɔ tumi sɛ ɛkyerɛ mmirika a ɛsɛ sɛ kar tu wɔ kwan so. Nanso ebia ɔmpɛ sɛ odi saa mmara no so. Ɛno nti, ɔde ne kar tu mmirika boro so. Yɛn nneyɛe na yɛde kyerɛ sɛ yegye di paa sɛ, sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɛno na ɛbɛma asi yɛn yiye paa. (Mmeb. 12:28) Dawid tee nka saa ara, efisɛ ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Woma mihu nkwa kwan. Ahurusidi kɛse wɔ w’anim; anigye wɔ wo nifa so daa.”—Dw. 16:11.

11-12. (a) Sɛ dadwen hyɛ yɛn so anaasɛ yɛn abam bu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho? (b) Sɛ yɛrepɛ nea yɛde begye yɛn ani a, sɛn na asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:8 no bɛboa yɛn?

11 Sɛ dadwen hyɛ yɛn so anaasɛ yɛn abam bu a, ebia yɛbɛte nka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛboa yɛn ma yɛayi yɛn adwene afi yɛn haw no so. Ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛyɛ saa, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na biribi a ɛte saa antwetwe yɛn amma yɛankɔyɛ biribi a Yehowa kyi.—Efe. 5:10-12, 15-17.

12 Ɔsomafo Paul krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Filipifo no, ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, ne ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ’ no, wɔnkɔ so nnwinnwen ho. (Kenkan Filipifo 4:8.) Ɛwom sɛ ɛnyɛ nneɛma a yɛde begye yɛn ani ho asɛm pɔtee na na Paul reka, nanso nea ɔkyerɛwee no, ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yehu nneɛma a yɛde begye yɛn ani. Sɔ wei hwɛ: Baabiara a wubehu asɛmfua “biribiara” wɔ saa nkyekyɛm yi mu no, fa “nnwom,” “sini,” “nhoma,” anaa “video geem” hyɛ hɔ. Woyɛ saa a, nea wopɛ sɛ wode gye w’ani no, ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ebia Onyankopɔn ani begye ho anaa n’ani rennye ho. Yɛpɛ sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra. (Dw. 119:1-3) Yɛyɛ saa a, yebenya ahonim pa, na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ ade a edi hɔ a ɛma yenya anigye a edi mu no.—Aso. 23:1.

FA YEHOWA SOM DI KAN

13. Dɛn ne ade a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya anigye ankasa? (Yohane 4:23, 24)

13 NEA ƐTƆ SO MMIƐNSA: Hwɛ hu sɛ wode Yehowa som bedi kan wɔ w’asetena mu. Esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn nti, ɛfata paa sɛ yɛsom no. (Adi. 4:11; 14:6, 7) Enti, ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no, ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa. Ɛne sɛ yɛbɛsom no “honhom ne nokware mu.” (Kenkan Yohane 4:23, 24.) Yɛpɛ sɛ Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so asom no, na yɛanyɛ biribiara a ɛne nokware a ɛwɔ n’Asɛm no mu no nhyia. Ɔman a yɛte mu no, sɛ wɔmma yentumi nsom Yehowa sɛnea yɛpɛ anaa wɔabara yɛn adwuma no mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn som di kan. Yɛrekasa yi, yɛn nuanom bɛboro 100 na wɔde wɔn agu afiase; wɔn bɔne ara ne sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. * Ɛno mpo no, wɔde anigye yɛ nea wobetumi biara bɔ mpae, sua ade, na wɔka Onyankopɔn ne n’Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Sɛ wogu yɛn anim ase anaa wɔtan yɛn ani mpo a, yɛn ani betumi agye, efisɛ yenim sɛ Yehowa ka yɛn ho, na obehyira yɛn.—Yak. 1:12; 1 Pet. 4:14.

ONUA BI NHWƐSO

14. Dɛn na ɛtoo onua aberantewa bi a ɔwɔ Tajikistan?

14 Osuahu ahorow a anuanom anya ma yehu sɛ, sɛ obi yɛ nneɛma mmiɛnsa a yɛadi kan aka ho asɛm no a, ɛmfa ho tebea biara a ɔwom no, obenya anigye ankasa. Yɛnhwɛ Jovidon Bobojonov a ofi Tajikistan a wadi mfe 19 no. Esiane sɛ wankɔ sraadi nti, yɛnhwɛ nea ɛtoo no. October 4, 2019 no, wɔkɔkyeree no wɔ ne fie de no kɔtoo afiase abosome pii, na wɔne no dii te sɛ ɔsɛmmɔnedifo. Nsɛm ho amanneɛbɔfo a ɛwɔ aman pii so kaa saa atɛnkyea yi ho asɛm. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, wɔboroo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya no ama waka ntam sɛ ɔbɛkɔ sraadi, na wahyɛ sogyafo ataade. Ɛno akyi no, wobuu no fɔ sɛ ɔnkɔda afiase na ɔnyɛ adwumaden. Akyiri yi, ɔmampanyin no hyɛe sɛ wonnyaa no. Ateetee ne abɛbrɛsɛ a Jovidon faa mu nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware, na n’anigye nso ansɛe. Adɛn ntia? Efisɛ daa na ohu sɛ ohia Onyankopɔn akwankyerɛ.

Jovidon didii wɔ honhom fam, ɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔɔ ne bra, na ɔde Yehowa som dii kan wɔ n’asetenam (Hwɛ nkyekyɛm 15-17)

15. Jovidon da afiase no, sɛn na na odidi wɔ honhom fam?

15 Jovidon da afiase no, na onni Bible anaa asafo nhoma biara mpo, nanso ɔkɔɔ so didii wɔ honhom fam. Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yiye saa? Ná anuanom de aduan kɔma no wɔ afiase hɔ; bag a na wɔde aduan gu mu kɔma no no, na wɔkyerɛw daa asɛm no gu ho. Ɛno nti, na otumi kenkan Bible no dwinnwen ho da biara. Woyii no fii afiase no, afotu a ɔde maa wɔn a wonnya nhyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den no ni: “Ahofadi a wowɔ no, ɛsɛ sɛ wode di dwuma yiye de kenkan Bible ne asafo nhoma sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa ho nimdeɛ a wowɔ no bɛyɛ kɛse.”

16. Dɛn na Jovidon de n’adwene sii so?

16 Yɛn nua no de Yehowa akwankyerɛ bɔɔ ne bra. Sɛ́ anka ɔbɛma akɔnnɔ bɔne anya ne so tumi na wayɛ nneɛma bɔne no, ɔde n’adwene sii Yehowa so, na odwinnwen nea ɛsɔ Yehowa ani ho. Jovidon dwinnwen Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ fɛ no ho, na ɛkaa ne koma. Anɔpa biara a ɔbɛsɔre no, ɔte nnomaa sũ. Ade sa a, ɔhwɛ ɔsram ne nsoromma a ɛwɔ wim no. Ɔkaa sɛ: “Wei nyinaa yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ; ɛmaa m’ani gyei, na ɛhyɛɛ me den.” Honhom fam ne honam fam nneɛma a Yehowa de ma yɛn no, sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Saa akomatɔyam no betumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina sɔhwɛ biara ano.

17. Sɛ obi tebea te sɛ Jovidon de no a, sɛn na asɛm a ɛwɔ 1 Petro 1:6, 7 no betumi aboa no?

17 Ade foforo a Jovidon yɛe nso ne sɛ, ɔde Yehowa som dii kan. Ná onim sɛ ɛho hia sɛ ɔkɔ so di Onyankopɔn nokware. Yesu kaa sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Luka 4:8) Ná asogyafo ne wɔn mpanyimfo pɛ sɛ Jovidon gyae ne som. Nanso ɔbɔɔ mpae denneennen awia ne anadwo srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no na ne gyidi anyɛ mmerɛw. Ateetee a wɔde Jovidon faa mu nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so ara dii Yehowa nokware. Ansa na wɔrekyere no, aboro no de no ato afiase no, na ɔwɔ gyidi, nanso nea wafa mu no ama ne gyidi ayɛ den paa. Enti seesei wanya gyidi a wɔasɔ ahwɛ, na ama anigye a ɔwɔ no adi mu.—Kenkan 1 Petro 1:6, 7.

18. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn anigye ansɛe?

18 Yehowa nim nea yehia na ama yɛanya anigye a edi mu. Sɛ woyɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛma yenya anigye a edi mu no a, ɔhaw biara nni hɔ a wubehyia a ɛbɛsɛe w’anigye. Ɛba saa a, wo nso wubetumi aka sɛ: “Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”—Dw. 144:15.

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira

^ Nnipa bebree fam no, ɛyɛ den sɛ wobenya anigye a edi mu, efisɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ no no, ɛnyɛ hɔ na wɔhwɛ. Mmom wosusuw sɛ anigyede, sika, anuonyam, anaa tumi na ɛbɛma wɔn ani agye. Nanso Yesu wɔ asaase so no, ɔkyerɛɛ nea nnipa yɛ a ɛbɛma wɔn ani agye. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya anigye a edi mu.

^ Hwɛ asɛm a yɛato din “Wo Nsa Ka ‘Aduan Bere a Ɛsɛ Mu’?” a ɛwɔ August 15, 2014, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ ɔfã a yɛato din, “Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase” wɔ jw.org.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wɔakyere onua bi de no rekɔ asɛnnibea akodi n’asɛm; ne nuanom Adansefo rekyerɛ sɛ wɔtaa n’akyi.