Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 43

“Ɔbɛma Moayɛ Den”​—Ɔbɛyɛ No Sɛn?

“Ɔbɛma Moayɛ Den”​—Ɔbɛyɛ No Sɛn?

‘Yehowa bɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den, na ɔbɛma moagyina pintinn.’—1 PET. 5:10.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

NEA YƐREBESUA a

1. Sɛn na Onyankopɔn boaa n’asomfo a wɔtenaa ase tete no?

 ONYANKOPƆN ASƐM taa ka mmarima anokwafo ho asɛm sɛ wɔn gyidi yɛ den. Nanso wɔn a na wɔn gyidi yɛ den paa no mpo, ɛnyɛ daa na na wɔte nka sɛ wɔyɛ den. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛtɔ da a na Ɔhene Dawid te nka sɛ ‘watim sɛ bepɔw’; ɛtɔ da nso a, na ‘wabɔ hu.’ (Dw. 30:7) Ɛwom sɛ Onyankopɔn honhom maa Samson nyaa ahoɔden soronko, nanso na onim sɛ, sɛ Onyankopɔn ankɔ so ammoa no a, ‘ɔbɛyɛ mmerɛw na wayɛ sɛ onipa biara.’ (Atem. 14:​5, 6; 16:17) Sɛ Yehowa nsa nnim a, anka saa mmarima anokwafo yi rentumi nnya ahoɔden ne gyidi a ɛyɛ den saa.

2. Adɛn nti na ɔsomafo Paul kaa sɛ ɔyɛ mmerɛw a, ɛno mmom na onya ahoɔden? (2 Korintofo 12:​9, 10)

2 Ɔsomafo Paul nso gye toom sɛ ohia ahoɔden a efi Yehowa hɔ. (Kenkan 2 Korintofo 12:​9, 10.) Sɛnea yɛn mu bebree reko yare no, saa ara na Paul nso koo yare. (Gal. 4:​13, 14) Ɛtɔ da nso a, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ adepa. (Rom. 7:​18, 19) Afei nso, ɛtɔ mmere bi a na ehu tumi ka no, na na onnim nea ɛbɛto no. (2 Kor. 1:​8, 9) Ne nyinaa mu no, sɛ Paul yɛ mmerɛw a, ɛno mmom na na onya ahoɔden. Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ Paul yɛ mmerɛw a, na Yehowa ma no ahoɔden ma otumi gyina ɔhaw a ɔrefa mu no ano.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

3 Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, yɛn nso ɔbɛhyɛ yɛn den. (1 Pet. 5:10) Wei nkyerɛ sɛ yɛbɛbobɔw yɛn nsa agu yɛn bo, na yɛahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn den. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ingyin a ɛwɔ kar mu no, ɛno na ɛma kar no tumi tu. Nanso sɛ drɔbani no antia gya no so a, kar no rentumi nkɔ baabiara. Saa ara na Yehowa nso ayɛ krado sɛ ahoɔden a yehia no, ɔde bɛma yɛn, nanso yɛantu ho anammɔn a yɛn nsa rentumi nka. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa de agu akwan mu a etumi hyɛ yɛn den? Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛanya ahoɔden a efi Yehowa hɔ no? Yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa hyɛɛ odiyifo Yona, Yesu maame Maria, ne ɔsomafo Paul den. Wei bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa fa akwan a ɛte saa ara so hyɛ n’asomfo den nnɛ.

MA MPAEBƆ NE ADESUA NHYƐ WO DEN

4. Yɛbɛyɛ dɛn anya ahoɔden afi Yehowa hɔ?

4 Ɔkwan baako a yebetumi afa so anya ahoɔden afi Yehowa hɔ ne sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Yehowa nso betumi ama yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” de abua yɛn mpae no. (2 Kor. 4:7) Afei nso, sɛ yɛkenkan n’Asɛm no, na yedwinnwen ho a, ebetumi ahyɛ yɛn den. (Dw. 86:11) Yehowa asɛm a ɔde ama yɛn wɔ Bible mu no, “tumi wɔ mu.” (Heb. 4:12) Sɛ wobɔ Yehowa mpae na wokenkan n’Asɛm no a, ɛbɛboa wo ma woanya ahoɔden de agyina wo haw ano na w’anigye ansɛe. Afei nso, sɛ wote nka sɛ dwumadi bi boro wo so a, ɛbɛboa wo ma woatumi adi ho dwuma. Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa hyɛɛ odiyifo Yona den.

5. Adɛn nti na na odiyifo Yona hia akokoduru?

5 Ná odiyifo Yona hia akokoduru. Yehowa de adwuma bi hyɛɛ ne nsa, na na ɔte nka sɛ ɛboro no so, enti oguanee. Ɛno nti, ɛkaa dɛ anka ɔne wɔn a ɛte po so hyɛn no mu nyinaa hweree wɔn nkwa, efisɛ ahum kɛse bi tui. Bere a wɔtow no too po no mu no, apataa kɛse bi menee no; apataa yam nso de, yɛnkɔ nsan mma! Wohwɛ a, ɔtee nka sɛn? Ná ɛyɛ no sɛ obewu anaa? Ɛyɛɛ no sɛ ebia Yehowa apo no anaa? Ɛbɛyɛ sɛ Yona ho yeraw no papaapa.

Sɛnea odiyifo Yona yɛe no, sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, dɛn na yɛyɛ a ebetumi ahyɛ yɛn den? (Hwɛ nkyekyɛm 6-9)

6. Sɛnea Yona 2:​1, 2, 7 ma yehu no, bere a Yona hyɛ apataa no yam no, dɛn na ɛhyɛɛ no den?

6 Bere a Yona hyɛ apataa no yam a na wayɛ ankonam no, dɛn na ɔyɛe a ɛhyɛɛ no den? Ɔbɔɔ mpae. (Kenkan Yona 2:​1, 2, 7.) Ɛwom sɛ Yona yɛɛ Yehowa so asoɔden, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase na onuu ne ho, enti na ɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa betie ne mpaebɔ no. Afei nso, odwinnwen kyerɛwnsɛm a na wakenkan pɛn ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛhwɛ Yona ti 2 no a, mpae a ɔbɔe no, yehu sɛ nsɛm ne nsɛmfua a ɔde dii dwuma no, emu pii te sɛ nea ɛwɔ Nnwom nhoma no mu no. (Nhwɛso bi ni. Fa Yona 2:​2, 5 toto Dwom 69:1; 86:7 ho.) Ɛda adi sɛ na Yona nim saa kyerɛwnsɛm no yiye. Enti bere a na ɔwɔ ahohia mu na odwinnwen kyerɛwnsɛm no ho no, ɛma onyaa ahotoso sɛ Yehowa bɛboa no. Akyiri yi, Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asaase kesee so. Afei de, na wayɛ krado sɛ dwumadi foforo a Yehowa de bɛhyɛ ne nsa no, ɔbɛyɛ.—Yona 2:10–3:4.

7-8. Onua bi a ɔwɔ Taiwan a ɔrehyia sɔhwɛ no, dɛn na ahyɛ no den?

7 Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ ahorow a, Yona nhwɛso no betumi aboa yɛn. Yɛnhwɛ onua Zhiming b a ɔwɔ Taiwan; yare reteetee no paa. Afei nso, Yehowa som nti n’abusuafo retan n’ani denneennen. Sɛ ɔbɔ mpae na osua ade a, ɛma onya ahoɔden fi Yehowa hɔ. Ɔka sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a, sɛ ɔhaw bi sɔre a, ɛma dadwen tumi hyɛ me so ara ma mintumi ntena ase nsua ade.” Nanso ɛyɛ a ɔmpa abaw. Ɔtoa so sɛ, “Midi kan bɔ Yehowa mpae. Afei mebɔ asafo nnwom tie. Ɛtɔ da bi a, mebrɛ me nne ase to nnwom no. Ɛba saa a, ɛma me ho dwo me, na afei mitumi sua ade.”

8 Kokoam adesua ahyɛ Zhiming den wɔ akwan pii so. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a wɔyɛɛ no oprehyɛn kɛse bi wiei no, nɛɛse bi ka kyerɛɛ no sɛ, ne mogya so atew koraa, enti ebehia sɛ wɔma no mogya. Anadwo a ade rebɛkye ma wɔayɛ Zhiming oprehyɛn no, na wakenkan onuawa bi a ɔno nso yɛɛ oprehyɛn koro no ara bi ho asɛm. Onuawa no de, ne mogya no so tewee koraa sen Zhiming de no. Ne nyinaa mu no, onuawa no annye mogya, nso ne ho tɔɔ no. Onuawa no nhwɛso no hyɛɛ Zhiming nkuran ma odii Yehowa nokware.

9. Sɛ sɔhwɛ bi a worehyia ama woayɛ hahaaha a, dɛn na wubetumi ayɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Sɛ worehyia sɔhwɛ a, ɛyɛ a wote nka sɛ dadwen ahyɛ wo so ara ma wunhu asɛm pɔtee a wonka nkyerɛ Yehowa anaa? Anaa wote nka sɛ woayɛ hahaaha ma wuntumi nsua ade? Kae sɛ Yehowa te wo ase paa. Enti sɛ wobɔ mpae tiawa mpo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ade pɔtee a wuhia no, ɔbɛma wo nsa aka. (Efe. 3:20) Sɛ yare anaa ɔhaw bi a worefa mu retwe wo mu nsu ma ɛno nti wuntumi nkenkan anaa wunsua ade a, wubetumi atie Bible a wɔayɛ no ɔdio anaa asafo nhoma a wɔakyere agu afiri so no bi. Afei nso, sɛ wutie yɛn nnwom a ɛwɔ jw.org anaa wohwɛ video a ɛwɔ hɔ no bi a, ebetumi aboa wo. Sɛ wobɔ mpae na wohwehwɛ wo mpaebɔ no ho mmuae fi Bible ne nneɛma afoforo a Yehowa de ama yɛn no mu a, ɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ Yehowa hyɛ wo den.

MA WO NUANOM KRISTOFO NHYƐ WO DEN

10. Sɛn na yɛn nuanom Kristofo hyɛ yɛn den?

10 Yehowa betumi afa yɛn nuanom Kristofo so ahyɛ yɛn den. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ bi anaa wɔama yɛn dwumadi bi a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ a, wɔbetumi ‘akyekye yɛn werɛ paa’ anaa wɔbetumi ahyɛ yɛn nkuran. (Kol. 4:​10, 11) “Amanehunu bere” mu paa na yehia nnamfo. (Mmeb. 17:17) Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ hahaaha a, yɛn nuanom Kristofo betumi aboa yɛn ama yɛanya nea yehia, wɔakyekye yɛn werɛ, na wɔahyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so asom Yehowa. Momma yɛnhwɛ sɛnea afoforo hyɛɛ Yesu maame Maria den.

11. Adɛn nti na na Maria hia akokoduru?

11 Ná Maria hia akokoduru na watumi ayɛ Yehowa apɛde. Bere a ɔbɔfo Gabriel de adwumasono bi hyɛɛ ne nsa no, ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ adwuma no so kyɛn no. Ná ɔnwaree, nso ɔbɔfo no kaa sɛ obenyinsɛn. Ná ɔnwoo da na kampɛsɛ watete mma, nanso na ɛsɛ sɛ ɔtete abarimaa a na ɔbɛba abɛyɛ Mesia no. Afei nso, na Maria ne ɔbarima biara nnae da, enti na ɔbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wei nyinaa mu akyerɛ Yosef a na ɔrebɛware no no?—Luka 1:​26-33.

12. Sɛnea Luka 1:​39-45 kyerɛ no, ɛyɛɛ dɛn na Maria nyaa akokoduru a na ohia no?

12 Ɛyɛɛ dɛn na Maria nyaa akokoduru de yɛɛ saa adwumasono yi? Ɔmaa afoforo boaa no. Ɔka kyerɛɛ Gabriel sɛ ɔnkyerɛkyerɛ adwuma no mu yiye nkyerɛ no. (Luka 1:34) Ɛno akyi bere tiaa bi no, otuu kwan kɔɔ “Yuda kurow bi mu wɔ bepɔw so” kɔsraa ne busuani Elisabet. Saa nsrahwɛ no boaa Maria paa. Elisabet kamfoo Maria, na Yehowa ma ɔhyɛɛ abofra a na ɔhyɛ Maria yam no ho nkɔm. (Kenkan Luka 1:​39-45.) Maria kaa sɛ Yehowa de “ne basa ayɛ nneɛma akɛse.” (Luka 1:​46-51) Yehowa nam Gabriel ne Elisabet so hyɛɛ Maria den.

13. Bere a onuawa bi a ɔwɔ Bolivia maa ne nuanom Kristofo boaa no no, dɛn na efii mu bae?

13 Sɛnea Maria yɛe no, wo nso wubetumi ama wo nuanom Kristofo ahyɛ wo den. Ná onuawa bi a ne din de Dasuri a ɔwɔ Bolivia no hia mmoa a ɛte saa. Owuyare bi bɔɔ ne papa ma wɔgyee no too ayaresabea, na ɔno ara fa too ne ho so sɛ ɔbɛhwɛ no. (1 Tim. 5:4) Ɛnyɛ bere nyinaa na na ɛyɛ mmerɛw ma no. Dasuri ka sɛ, “Mpɛn pii no, na mete nka sɛ mabrɛ, enti merentumi ntoa so.” Ɔhwehwɛɛ mmoa anaa? Mfiase no de, wanyɛ saa. Ɔkyerɛ mu sɛ, “Ná mempɛ sɛ mɛhaw anuanom. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Yehowa na ɔbɛboa me.’ Nanso mibehui sɛ, sɛ metwe me ho fi afoforo ho a, ɛkyerɛ sɛ me nko ara mepɛ sɛ mesoa m’adesoa.” (Mmeb. 18:1) Dasuri yɛe sɛ ɔbɛkyerɛw ne nnamfo no bi na wakyerɛkyerɛ ne haw no mu akyerɛ wɔn. Ɔka sɛ, “Sɛnea me nuanom Kristofo hyɛɛ me den no, minhu sɛnea menkyerɛ mu mpo. Wɔbrɛɛ me aduan wɔ ayaresabea hɔ, na wɔkenkan Bible mu nsɛm kyekyee me werɛ. Sɛ yehu sɛ ɛnkaa yɛn nko ara a, ɛma yɛn ani gye paa. Yɛda Yehowa abusua kɛse mu, na obiara a ɔwɔ abusua no mu ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. Sɛ yɛrehu amane nso a, wɔbɛka yɛn ho, na wɔahyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so asom Yehowa.”

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma mpanyimfo no boa yɛn?

14 Ɔkwan foforo a Yehowa fa so ma yɛyɛ den ne sɛ, ɔfa asafo mu mpanyimfo no so. Ɔnam wɔn so hyɛ yɛn den, na wɔma yɛn ho dwo yɛn. (Yes. 32:​1, 2) Enti, sɛ dadwen hyɛ wo so a, ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no. Mmoa a wɔpɛ sɛ wɔde ma wo no, ma w’ani nsɔ na gye tom. Yehowa nam wɔn so betumi ama woayɛ den.

MA DAAKYE HO ANIDASO A WOWƆ NO NHYƐ WO DEN

15. Anidaso bɛn na ɛda Kristofo nyinaa koma so?

15 Anidaso a Bible ama yɛanya no betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so asom Yehowa. (Rom. 4:​3, 18-20) Kristofo wɔ anidaso papa bi sɛ wɔbɛtena ase afebɔɔ; ebinom bɛtena ase daa wɔ asaase a wɔbɛma ayɛ paradise no so, na ebinom nso bɛkɔ soro. Saa anidaso yi hyɛ yɛn den ma yetumi gyina sɔhwɛ a yehyia ano, ɛma yetumi ka asɛmpa no, na ɛma yetumi yɛ dwumadi biara a yɛwɔ wɔ asafo no mu. (1 Tes. 1:3) Saa anidaso koro yi ara hyɛɛ ɔsomafo Paul den.

16. Adɛn nti na na ɔsomafo Paul hia ahoɔden?

16 Ná Paul hia ahoɔden a ɔde begyina sɔhwɛ ano. Krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu no, ɔkaa sɛ ɔte sɛ dɔte anwenne a ɛyɛ mmerɛw. Bible ka sɛ, ‘womiaa no denneennen,’ ‘n’adwene tu frae,’ ‘wɔtan n’ani,’ na ‘wɔbɔɔ no hwee fam.’ Ɛtɔ da a, na ne nkwa mpo da asiane mu. (2 Kor. 4:​8-10) Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu na ɔkyerɛw saa asɛm no. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na onnim sɛ ɔbɛsan ahyia ɔhaw afoforo. Nanso, basabasayɛfo tow hyɛɛ no so, wɔkyeree no, ɔtenaa po so hyɛn mu ma ɛbɔe, na wɔde no too afiase.

17. Sɛnea 2 Korintofo 4:​16-18 kyerɛ no, dɛn na ɛhyɛɛ Paul den ma otumi gyinaa sɔhwɛ ano?

17 Anidaso a na Paul wɔ a ɔde n’adwene sii so no, ɛno na ɛhyɛɛ no den ma otumi gyinaa sɔhwɛ ano. (Kenkan 2 Korintofo 4:​16-18.) Ɔka kyerɛɛ Korintofo no sɛ, sɛ ne nipadua “resɛe” mpo a, ɔremma emmu n’abam. Paul de n’adwene sii n’anidaso no so. Anidaso a na ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ soro no, na obu no sɛ ɛyɛ “anuonyam kɛse a ɛkyɛn so.” Sɛ na ɔde ɔhaw a ɔrefa mu no toto n’anidaso no ho a, na ɔhaw no yɛ nkyene a na ayera mu. Paul dwinnwen saa anidaso no ho, ɛno nti, na ɔte nka sɛ ‘wayɛ foforo da biara da.’

18. Sɛn na anidaso a Tihomir ne n’abusua wɔ no ahyɛ wɔn den?

18 Yɛnhwɛ onua Tihomir a ɔwɔ Bulgaria; anidaso a ɔwɔ no hyɛ no den. Mfe kakra a atwam no, ne nuabarima kumaa a ne din de Zdravko nyaa kar akwanhyia wui. Ɛno akyi no, odii awerɛhow ara ma na ogye ne ho a ennye. Nea ɛbɛyɛ na ɔne n’abusua anya awerɛkyekye no, wɔdwinnwen sɛnea owusɔre no bɛyɛ ho. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wɔnyan Zdravko a, baabi a yebehyia no, aduan a yɛbɛyɛ ama no, ɔpon a edi kan a yɛbɛtow ama no, ne wɔn a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn aba ase no, ɛyɛ a yɛbɔ ho nkɔmmɔ. Afei nso, nea yɛbɛka akyerɛ no afa awiei mmere no ho no, ɛyɛ a yɛbɔ ho nkɔmmɔ.” Tihomir ka sɛ anidaso a ɔne n’abusua wɔ a wɔdwinnwen ho no hyɛ wɔn den ma wɔkɔ so nya awerɛkyekye. Afei nso, ɛboa wɔn ma wɔkɔ so twɛn bere a Yehowa benyan ne nuabarima no.

Sɛnea w’asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, ɛyɛ a wutwa ho mfoni wɔ w’adwene mu? (Hwɛ nkyekyɛm 19) c

19. Dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ w’anidaso no mu den? (Hwɛ mfoni no nso.)

19 Wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’anidaso mu den? Sɛ w’anidaso ne sɛ wobɛtena ase daa wɔ asaase so a, kenkan nea Bible ka fa Paradise ho na dwinnwen ho. (Yes. 25:8; 32:​16-18) Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, twa ho mfoni wɔ w’adwene mu na fa no sɛ wowɔ hɔ. Hena na wuhu no? Nnyigyei bɛn na wote? Sɛn na wote nka? Nea ɛbɛboa wo ma woatwa ho mfoni yiye no, hwɛ Paradise ho mfoni a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no. Afei, nnwom ho video te sɛ Wiase Foforo No Mu, Aba Mu Awie, anaa Fa W’ani Bu! no, wubetumi ahwɛ ɛno nso. Sɛ yɛma wiase foforo no ho anidaso no tena yɛn adwene mu a, ɔhaw a yɛrefa mu no, yebehu no sɛ ɛwɔ hɔ “bere tiaa bi na emu yɛ hare.” (2 Kor. 4:17) Yehowa nam anidaso a wama woanya no so bɛma woayɛ den.

20. Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw mpo a, yɛbɛyɛ dɛn anya ahoɔden?

20 Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw mpo a, “Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden.” (Dw. 108:13) Nea ehia sɛ woyɛ na ama woanya ahoɔden afi Yehowa hɔ no, wama woahu dedaw. Enti sɛ wobɔ Yehowa mpae denneennen na wusua ade de hwehwɛ n’akwankyerɛ a, ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa. Afei nso, ɛbɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ ano na w’anigye ansɛe. Nkuranhyɛ a wo nuanom Kristofo de ma wo no, gye tom. Anidaso a wowɔ no, ma ɛntena w’adwenem na kɔ so dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ‘Onyankopɔn de n’anuonyam tumi bɛma wo ahoɔden pii na ama wode abotare ne anigye amia w’ani agyina mu akosi ase.’—Kol. 1:11.

DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa

a Wɔn a ebia wɔte nka sɛ sɔhwɛ bi a wɔrefa mu rebu wɔn kɔn mu, anaa dwumadi bi a wɔde ahyɛ wɔn nsa so kyɛn wɔn no, adesua yi bɛboa wɔn. Yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa betumi ahyɛ yɛn den, ne nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya ne mmoa.

b Wɔasesa edin no bi.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, onuawa bi a ɔyɛ mum redwinnwen ho. Wahwɛ nnwom ho video bi, na aboa no ma ɔretwa sɛnea n’asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu ho mfoni wɔ n’adwene mu.