Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Yɛyɛ Dɛn Hu Sɛ Na Nnwom Di Akoten Wɔ Tete Israelfo Amammerɛ Mu?

NÁ NNWOM di akoten paa wɔ tete Israelfo amammerɛ mu. Bible taa ka sankudwom ne nea nnwontofo to ho asɛm. Nokwasɛm ne sɛ, wokyɛ Bible no mu du a, emu baako yɛ nnwom. Ebi ne Nnwom nhoma no, Solomon Dwom, ne Kwadwom. Enti nhoma bi a yɛato din Music in Biblical Life ka sɛ, Bible “ma yehu pefee sɛ, nneɛma a na Israelfo no yɛ wɔ wɔn da biara da asetenam no, pii wɔ hɔ a, wɔreyɛ nyinaa na nnwom nam mu.”

Ná nnwom di akoten wɔ wɔn da biara da asetenam. Nnwom a na Israelfo no bɔ no, na etumi ma wuhu sɛ wɔwɔ anigye mu anaa awerɛhow mu. (Yes. 30:29) Sɛ wɔresi obi hene, wɔredi afahyɛ, anaa wɔdi nkonim wɔ ɔko mu a, na mmea no bɔ mpintin de anigye to dwom di asaw. (Atem. 11:34; 1 Sam. 18:​6, 7; 1 Ahe. 1:​39, 40) Sɛ obi wu nso a, na Israelfo no to awerɛhow nnwom. (2 Be. 35:25) Ɛnyɛ nwanwa sɛ McClintock ne Strong Cyclopedia nhoma no ka sɛ, “na Israelfo no nkɔ nnyaw nnwom koraa.”

Ná wɔbɔ nnwom wɔ ahemfie. Ná Israel ahemfo no ani gye nnwom ho. Ɔhene Saul frɛɛ Dawid sɛ ɔmmɛbɔ nnwom mma no wɔ n’ahemfie. (1 Sam. 16:​18, 23) Bere a Dawid ankasa bɛyɛɛ ɔhene no, ɔyɛɛ nneɛma a wɔde bɔ nnwom, ɔhyehyɛɛ nnwom a ɛyɛ dɛ, na ɔboaboaa nnwontofo ano ma akyiri yi wɔbɔɔ nnwom wɔ Yehowa asɔrefie. (2 Be. 7:6; Amos 6:5) Ná Ɔhene Solomon wɔ mmarima ne mmea nnwontofo wɔ n’ahemfie.—Ɔsɛnk. 2:8.

Ná Israelfo nkɔ nnyaw nnwom wɔ wɔn som mu. Ná wɔto nnwom yi Yehowa ayɛ. Nea ɛwom ne sɛ, na nnwontofo 4,000 na wɔde nnwonto nneɛma yi Yehowa ayɛ wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. (1 Be. 23:5) Wɔbɔɔ nnawuru, asanku, asankuten, na na wɔhyɛn ntorobɛnto. (2 Be. 5:12) Nanso, ɛnyɛ saa nnwontofo yi nko ara na wɔde nnwom yii Yehowa ayɛ wɔ wɔn som mu. Ɛda adi sɛ, sɛ Israelfo no rekɔ Yerusalem akodi afe afe afahyɛ no a, na wɔn mu pii to Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No. (Dw. 120–134) Nhoma ahorow a tete Yudafo kyerɛwee no nso ma yehu sɛ, sɛ Israelfo no redi Twam afahyɛ no a, na wɔto Hallel Nnwom a no.

Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, nnwonto ho hia Onyankopɔn asomfo paa. (Yak. 5:13) Yɛto nnwom yi Yehowa ayɛ. (Efe. 5:19) Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bom to nnwom a, ɛka yɛn bom. (Kol. 3:16) Afei nso, sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, nnwom tumi hyɛ yɛn den. (Aso. 16:25) Nnwonto yɛ ɔkwan baako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi na yɛdɔ no.

a Nnwom 113 kosi 118 na na Yudafo frɛ no Hallel Nnwom no, na na wɔto de yi Yehowa ayɛ.