ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM September 2016

Adesua nsɛm a yebesua October 24 kosi November 27, 2016.

“Mma Wo Nsam Nngow”

Dɛn na Yehowa yɛ de hyɛ n’asomfo den na ɔhyɛ wɔn nkuran? Wo nso wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Kɔ So Pere Hwehwɛ Yehowa Nhyira

Onyankopɔn nkurɔfo hyia akwanside pii bere a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no. Nanso, wodi nkonim!

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn ne “Onyankopɔn asɛm” a hebrifo 4:12 ka sɛ ‘ɛwɔ nkwa, na tumi wɔ mu’ no?

Sɛnea Yɛbɛkyerɛkyerɛ Asɛmpa no Mu Wɔ Atumfoɔ Anim

Yebetumi asuasua sɛnea Paulo yɛɛ n’ade wɔ mmara ho wɔ ne bere so no.

W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?

Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm betumi akyerɛ yɛn kwan.

Nya Yehowa Akwankyerɛ So Mfaso Nnɛ

Adansefo a wɔwɔ Poland ne Fiji asisi gyinae a mfaso wɔ so.

Mmofra, Monhyɛ Mo Gyidi Den

Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo pii nnye Onyankopɔn nni na mmom wogye biribi te sɛ adannandi di a, ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ di wɔn akyi anaa? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi bɛboa wo paa.

Awofo, Mommoa Mo Mma Ma Wonnya Gyidi

Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛyɛ a wote nka sɛ worentumi nkyerɛkyerɛ wo mma anaa wuntumi ntete wɔn mma wɔmmɛyɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi? Nneɛma nnan bi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo ma woatumi akyerɛkyerɛ yiye.