Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo, Mommoa Mo Mma Ma Wonnya Gyidi

Awofo, Mommoa Mo Mma Ma Wonnya Gyidi

Mmerante ne mmaabun . . . Momma wonyi Yehowa din ayɛ.”​—DW. 148:12, 13.

NNWOM: 88, 115

1, 2. (a) Asɛnnennen bɛn na awofo hyia, na wɔbɛyɛ dɛn adi ho dwuma? (b) Nsɛntitiriw nnan bɛn na yɛrebesusuw ho?

AWAREFO bi a wɔwɔ France kae sɛ: “Yegye Yehowa di, nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛn mma nso begye no adi.” Wɔkae sɛ: “Gyidi nyɛ ade a wɔde wo yɛn. Nkakrankakra na yɛn mma de nya gyidi.” Onua bi a ɔyɛ Australiani kyerɛwee sɛ: “Adwuma a ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ den sen biara a wobɛyɛ wɔ w’asetenam ne sɛ wobɛboa wo ba ma wanya gyidi wɔ ne komam. Ɛsɛ sɛ wode nea wowɔ biara yɛ adwuma. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woama asɛm bi a wo ba bisaa wo ho mmuae ma wate ase. Nanso akyiri yi, wobɛhwɛ na wasan abisa wo asɛm koro no ara! Sɛ wo ba bisa wo asɛm bi na woma no mmuae na ɔka sɛ wate ase nnɛ a, ɛnkyerɛ sɛ ɔkyena obegye mmuae koro no ara atom. Nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛho behia sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ no mpɛn pii.”

2 Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛyɛ a wote nka sɛ worentumi nkyerɛkyerɛ wo mma anaa wuntumi ntete wɔn mma wɔmmɛyɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛkaa yɛn ankasa nyansa a, anka yɛn mu biara rentumi nyɛ saa adwuma no! (Yer. 10:23) Nanso, sɛ yɛma Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi ayɛ. Hwɛ nneɛma nnan a ebetumi aboa wo ma woatete wo mma ma wɔanya gyidi: (1) Hu wo mma yiye. (2) Fi wo komam kyerɛkyerɛ wɔn. (3) Fa mfatoho a ɛfata yɛ adwuma. (4) Nya abotare na bɔ mpae.

HU WO MMA YIYE

3. Awofo bɛyɛ dɛn asuasua nhwɛso a Yesu yɛe wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu?

3 Ná Yesu nsuro sɛ obebisa n’akyidifo no adwene wɔ nea wogye di ho. (Mat. 16:13-15) Suasua ne nhwɛso no. Ɛyɛ papa paa sɛ wo ne wo mma bɛbɔ nkɔmmɔ bere a wo ne wɔn abom reyɛ ade. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ama wɔaka wɔn komam nsɛm akyerɛ wo a wonsuro. Nea mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ no bi ne biribiara a wɔnte ase yiye anaa biribiara a wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ ho. Onua bi a wadi mfe 15 a ɔwɔ Australia kyerɛwee sɛ: “Me papa taa ne me bɔ me gyidi ho nkɔmmɔ, na ɔboa me ma midwinnwen nneɛma ho. Ɛyɛ a obisa me sɛ: ‘Dɛn na Bible ka?’ ‘Wugye nea ɛka no di?’ ‘Adɛn nti na wugye di?’ Ɔpɛ sɛ me ara mede me nsɛm ma mmuae, na ɔmpɛ sɛ mede ɔno anaa me maame nsɛm ma mmuae. Bere a merenyin no, sɛ wobisa me nsɛm a, na ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ nneɛma mu kɔ akyiri.”

4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma w’ani kũ nsɛm a wo ba bisa ho? Ma ɛho nhwɛso.

4 Sɛ wo ba nte nkyerɛkyerɛ bi ase a, bɔ mmɔden sɛ worenteɛteɛ no anaasɛ woremma wo bo mfuw no. Nya abotare na boa no ma onsusuw asɛm no ho. Agya bi kae sɛ: “Ma w’ani nkũ nsɛm a wo ba bisa wo ho. Mmɔ ngu nka sɛ ɛho nhia. Sɛ nsɛm a obisa no ma wo ho yeraw wo mpo a, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so.” Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ papa sɛ wo ba befi ne komam abisa nsɛm. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, odwinnwen nneɛma ho, na ɔpɛ sɛ ɔte ase. Bere a Yesu dii mfe 12 no, obisaa nsɛm a emu yɛ duru. (Kenkan Luka 2:46.) Abofra bi a ɔwɔ Denmark a wadi mfe 15 kae sɛ: “Bere a meka kyerɛɛ m’awofo sɛ minnye nni sɛ yɛn som na ɛyɛ nokware som no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhaw wɔn, nanso wɔanyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɛhaw wɔn. Wɔde Bible buaa nsɛm a mibisaa wɔn no nyinaa.”

5. Dɛn na awofo bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani kũ wɔn ba gyidi ho?

5 Hu wo mma yiye. Hu wɔn adwene, nea ɛwɔ wɔn komam, ne nea ɛhaw wɔn. Nyɛ w’adwene da sɛ esiane sɛ wɔne wo kɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka nti, wɔwɔ gyidi. Mommɔ Yehowa som ho nkɔmmɔ bere a moabom reyɛ ade. Wo ne wo mma mmom mmɔ mpae, na wo nko ara nso bɔ bi ma wɔn. Bɔ mmɔden sɛ wubehu biribiara a ɛresɔ wɔn gyidi ahwɛ, na boa wɔn ma wontumi nnyina ano.

FI WO KOMAM KYERƐKYERƐ

6. Sɛ awofo de nokware a ɛwɔ Bible mu dua wɔn ankasa komam a, ɔkwan bɛn so na ɛboa wɔn ma wotumi kyerɛkyerɛ wɔn mma?

6 Ná Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔdɔ Yehowa ne nnipa, na na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho. Enti ne nkyerɛkyerɛ kaa nkurɔfo koma. (Luka 24:32; Yoh. 7:46) Ɔdɔ a ɛte saa bɛboa awofo ma wɔn nkyerɛkyerɛ aka wɔn mma koma. (Kenkan Deuteronomium 6:5-8; Luka 6:45.) Enti awofo, munsua Bible ne yɛn Bible ho nhoma no yiye. Munsua abɔde ho ade, na monkenkan yɛn nhoma a ɛka abɔde ho nsɛm no. (Mat. 6:26, 28) Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma moanya Yehowa ho nimdeɛ ne anisɔ pii, na asiesie mo yiye ama moatumi akyerɛkyerɛ mo mma.​—Luka 6:40.

7, 8. Sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu ahyɛ awofo koma mã a, dɛn na wɔbɛyɛ? Ma ɛho nhwɛso.

7 Sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu ahyɛ wo koma mã a, w’ani begye ho sɛ wo ne w’abusua bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Ɛnyɛ bere a moresua ade akɔ Kristofo nhyiam anaa bere a moreyɛ abusua som nko ara na ɛsɛ sɛ mobɔ Yehowa som ho nkɔmmɔ, na mmom ɛsɛ sɛ moyɛ saa bere biara. Afei nso, ɛnsɛ sɛ nkɔmmɔ a ɛte saa yɛ nhyɛ, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nkɔmmɔ a abusua no mufo bɔ no daa. Sɛ awarefo bi a wɔwɔ United States redi aduan bi a ɛyɛ dɛ, anaa wohu abɔde bi a ɛyɛ fɛ a, wɔne wɔn mma bɔ Yehowa ho nkɔmmɔ. Awofo no ka sɛ: “Yɛtwe yɛn mma no adwene si so sɛ, nneɛma a Yehowa yɛ ma yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn na odwen yɛn ho.” Sɛ awarefo bi a wɔwɔ South Africa ne wɔn mmabea baanu reyɛ turom adwuma a, wɔtwe wɔn mma no adwene si nneɛma bi a ɛyɛ nwonwa so, te sɛ sɛnea aba fifi na enyin. Awofo no ka sɛ: “Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn mmabea no anya nkwa ne sɛnea ɛyɛ nwonwa no ho anisɔ kɛse.”

8 Bere a agya bi a ɔwɔ Australia babarima dii mfe du no, ɔne no kɔɔ tete nneɛma akorae bi. Agya no de hokwan no boaa ne ba no ma ɔhyɛɛ gyidi a ɔwɔ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade no mu den. Agya no ka sɛ: “Yehuu po mu mmoa bi a wɔn ase atɔre a wɔfrɛ wɔn ammonoids ne trilobites wɔ hɔ. Yehui sɛ saa mmoa no ho yɛ fɛ, na wodi mũ te sɛ mmoa a yehu wɔn nnɛ no ara. Enti sɛ ɛyɛ ampa sɛ biribi ketewaa a enni mũ a nkwa wom na ɛdannan bɛyɛɛ nneɛma akɛse a edi mũ paa a yehu nnɛ no a, adɛn nti na saa mmoa a na ɛwɔ hɔ teteete no di mũ na wɔn ho yɛ fɛ saa? Ɛkaa me koma paa, na me ne me ba no bɔɔ ho nkɔmmɔ.”

FA MFATOHO A ETU MPƆN DI DWUMA

9. Adɛn nti na mfatoho tu mpɔn, na sɛn na maame bi de yɛɛ adwuma?

9 Yesu de mfatoho dii dwuma mpɛn pii. Mfatoho kanyan adwene, ɛka koma, na ɛma yetumi kae ade. (Mat. 13:34, 35) Mmofra tumi de wɔn adwene twa nneɛma ho mfonini paa. Enti awofo, mommɔ mmɔden mfa mfatoho nni dwuma mpɛn pii wɔ mo nkyerɛkyerɛ mu. Saa na maame bi a ɔwɔ Japan yɛe. Bere a na ne mmabarima baanu no baako adi mfe nwɔtwe na baako nso adi mfe du no, ɔne wɔn bɔɔ mframa a yɛhome ho nkɔmmɔ. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛ, bere a Yehowa rebɔ mframa no, ɔyɛɛ no sɛnea sɛ yɛhome a ɛbɛboa yɛn, na ɛno kyerɛ sɛ odwen yɛn ho paa. Nea ɛbɛyɛ na mmofra no ate ase yiye no, ɔmaa wɔn asikre, kɔfe, ne nufusu. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn mu biara nyɛ kɔfe kuruwa baako mma no. Maame no kae sɛ: “Mmofra no tɔɔ wɔn bo ase paa. Bere a mibisaa wɔn nea enti a wɔampere wɔn ho no, wɔkae sɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ kɔfe no sɛnea mepɛ no no ara. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn nso tɔɔ ne bo ase na ɔfrafraa mframa a ɛwɔ ewim no sɛnea sɛ yɛhome a ɛbɛboa yɛn.” Mfe a wɔadi no, na saa mfatoho yi na ɛbɛboa wɔn. Sɛ maame no de n’ano kɛkɛ na ɛkaa asɛm no a, anka wɔrente ase yiye saa. Akyinnye biara nni ho sɛ, mmofra no werɛ amfi saa mfatoho no da!

Wubetumi de nneɛma a atwa yɛn ho ahyia akyerɛkyerɛ wo mma ma wɔagye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔno na ɔbɔɔ ade (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10, 11. (a) Mfatoho bɛn na wubetumi de aboa wo ba ma wagye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Mfatoho bɛn na woahu sɛ etu mpɔn paa?

10 Wubetumi mpo de nneɛma a wɔde yɛ aduan aboa wo ba ma wagye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Wobɛyɛ no sɛn? Sɛ wotõ keeki anaa bisket a, kyerɛ wo ba no nneɛma a wode yɛe ne dwuma a emu biara di. Afei fa aduaba bi ma wo ba no. Wubetumi ama no aprɛ, na woabisa no sɛ: “Wunim sɛ nneɛma bi na wɔkeka boom de yɛɛ aprɛ yi?” Afei pae aprɛ no mu, na yi aba a ɛwom no baako ma no. Wubetumi akyerɛ no sɛ, “wɔakyerɛw” nneɛma a wɔde yɛɛ aprɛ no nyinaa wɔ aba no mu. Nanso, nsɛm a ɛwɔ aba no mu no mu dɔ sen nneɛma a wɔde yɛ aduan a wɔakyerɛkyerɛw wɔ nhoma mu no. Wubetumi abisa wo ba no sɛ: “Sɛ obi na ɔkyerɛw nneɛma a wɔde yɛɛ keeki no a, ɛnde hena na ɔkyerɛw nneɛma a emu dɔ a wɔde yɛɛ aprɛ no?” Sɛ abofra no mfe akɔ anim a, wubetumi aka akyerɛ no sɛ, nneɛma a wɔde yɛɛ aprɛ no ne aprɛ dua no nyinaa no ho nsɛm wɔ aprɛ no DNA mu. Wubetumi ne no ahwɛ mfonini a ɛwɔ The Origin of Life​—Five Questions Worth Asking nhomawa no kratafa 10 kosi 20 no.

11 Awofo pii ani gye ho sɛ wɔne wɔn mma besusuw nsɛm a wɔato din, “So Wɔbɔe?” a ɛba Nyan! mu no ho. Na sɛ wɔn mma no yɛ nkumaa a, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a ɛba hɔ no mu ma ɛba fam sɛnea wɔbɛte ase. Nhwɛso bi ni. Awarefo bi a wɔwɔ Denmark de wimhyɛn totoo nnomaa ho. Wɔkae sɛ: “Wimhyɛn te sɛ nnomaa. Nanso wimhyɛn betumi atow nkesua na abutuw so abobɔ wimhyɛn nketewa anaa? So ehia sɛ nnomaa nya beae titiriw bi ansa na wɔatumi asi fam? Sɛ wode dede a wimhyɛn yɛ toto anomaa sũ ho a, ɛte sɛn? Nea ɔyɛɛ wimhyɛn ne nea ɔbɔɔ nnomaa, hena na onim nyansa paa?” Sɛ woka nsɛm a ɛtete saa kyerɛ wo ba, na wubisabisa no nsɛm a ɛtɔ asom a, ebetumi aboa no ma wanya “adwempa” na ɛbɛma wagye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.​—Mmeb. 2:10-12.

12. Ɔkwan bɛn so na mfatoho betumi aboa wo mma ma wɔagye adi sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware?

12 Mfatoho a etu mpɔn nso betumi ama wo mma anya gyidi paa sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, yɛnhwɛ Hiob 26:7. (Kenkan.) Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw saa asɛm yi? Sɛ wopɛ a, wubetumi aka akyerɛ no tẽẽ sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ hɔ no. Nanso, adɛn nti na womma wo ba no ankasa nnwinnwen asɛm no ho? Ka kyerɛ wo ba no sɛ, Hiob bere so no na afiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri ne wimhyɛn a etumi kɔ bosome so nni hɔ. Afei ma wo ba no nkyerɛ wo sɛnea na ebetumi ayɛ den sɛ ebinom begye adi sɛ biribi a ɛyɛ kɛse te sɛ asase betumi asensɛn wim kɛkɛ anaa asensɛn baabi a hwee nni. Abofra no betumi de bɔɔl anaa ɔbo akyerɛkyerɛ mu sɛ, biribiara a emu yɛ duru rentumi nsensɛn wim kɛkɛ a biribi nkura mu anaa ensi hwee so. Mfatoho a ɛte saa betumi aboa wo ba no ma wahu sɛ Yehowa na ɔma wɔkyerɛw nokwasɛm ahorow wɔ Bible mu bere tenteenten ansa na nnipa rehu.​—Neh. 9:6.

KYERƐ MFASO A ƐWƆ BIBLE NNYINASOSƐM SO

13, 14. Awofo bɛyɛ dɛn ama wɔn mma ahu mfaso a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm so?

13 Ɛho hia paa sɛ woma wo mma hu mfaso a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm so. (Kenkan Dwom 1:1-3.) Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ saa. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka akyerɛ wo mma sɛ, wɔmfa no sɛ wɔrekɔtena supɔw bi a ɛwɔ akyirikyiri so. Na ɛsɛ sɛ wɔpaw nnipa bi a wɔne wɔn bɛkɔ akɔtena hɔ. Afei bisa wɔn sɛ, “Sɛ mubetumi atena hɔ asomdwoe mu na mo ntam ayɛ kama a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ mo mu biara nya?” Wubetumi nso ne wɔn asusuw akwankyerɛ pa a ɛwɔ Galatifo 5:19-23 no ho.

14 Asuade titiriw mmienu na ɛwɔ saa mfatoho yi mu. Nea edi kan ne sɛ, Onyankopɔn gyinapɛn de asomdwoe ba. Nea ɛto so mmienu nso ne sɛ, Yehowa retete yɛn nnɛ ama wiase foforo no mu asetena. (Yes. 54:13; Yoh. 17:3) Wubetumi apaw osuahu bi afi yɛn nhoma ahorow no bi mu de aboa wɔn ma wɔate saa asɛm yi ase. Saa ara nso na wubetumi de nsɛm a ɛba Ɔwɛn-Aban mu a wɔato din, “Bible Tumi Sesa Nnipa” no bi ayɛ adwuma. Anaasɛ sɛ mo asafo no muni bi yɛɛ nsakrae akɛse ansa na ɔrebɛsom Yehowa a, wubetumi ato nsa afrɛ no ama wabɛka ne suahu akyerɛ mo. Nhwɛso a ɛte saa ma yehu mfaso a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm so!​—Heb. 4:12.

15. Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, dɛn na ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae titiriw?

15 Asɛm no ne sɛ: Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, mfa ɔkwan koro so daa. Bɔ mmɔden dwinnwen akwan foforo ho. Kanyan wo mma no adwene, na ma mfe a wɔadi ntena w’adwenem. Ma adesua no nyɛ anigye, na ɛnhyɛ gyidi den. Agya bi kae sɛ: “Bɔ mmɔden sɛ wobɛfa ɔkwan foforo so akyerɛkyerɛ nneɛma bi a moasua ho ade pɛn mu.”

NYA GYIDI NE ABOTARE NA BƆ MPAE

16. Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, adɛn nti na ɛho hia sɛ wunya abotare? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Ehia sɛ yenya Onyankopɔn honhom na ama yɛn gyidi ayɛ den. (Gal. 5:22, 23) Egye bere ansa na aduaba bi anyin, saa ara nso na egye bere ansa na obi gyidi ayɛ den. Enti sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, ebehia sɛ wunya abotare na wumia w’ani. Agya bi a ɔwɔ Japan a ɔwɔ mma baanu kae sɛ: “Me ne me yere nyaa bere pii maa yɛn mma. Efi wɔn mmofraase pɛɛ no, na me ne wɔn sua ade simma 15 da biara, gye nna a na yɛkɔ Kristofo nhyiam. Ná simma 15 a yɛde sua ade no ye ma yɛne wɔn nyinaa.” Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛwee sɛ: “Bere a meyɛ aberante no, na nsɛm pii kyere m’adwene, na na m’adwenem yɛ me nãã wɔ nneɛma pii ho, nanso manka ho asɛm ankyerɛ obiara. Bere kɔɔ so no, minyaa nneɛma a na ɛkyere m’adwene ne nea na m’adwenem yɛ me nãã wɔ ho no pii ho mmuae wɔ asafo nhyiam ase, abusua adesua ase, anaa bere a m’ankasa meresua ade. Ɛno nti na ɛho hia paa sɛ awofo kɔ so kyerɛkyerɛ wɔn mma no.”

Sɛ wobɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn a, ɛsɛ sɛ woma Onyankopɔn Asɛm da w’ankasa wo koma so (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Adɛn nti na awofo nhwɛso pa ho hia, na dɛn na awarefo bi ayɛ de ayɛ nhwɛso a ɛte saa ama wɔn mmabea?

17 Ade baako a ɛho hia paa ne gyidi ho nhwɛso a wobɛyɛ. Wo mma bɛhwɛ nea woreyɛ, na ɔkwan biara so ɛbɛboa wɔn. Enti awofo, monkɔ so nhyɛ mo ankasa mo gyidi den. Momma mo mma nhu sɛ mugye di paa sɛ Yehowa wɔ hɔ. Sɛ awarefo bi a wɔwɔ Bermuda kɔ ahohia mu a, wɔne wɔn mma bɔ Yehowa mpae hwehwɛ akwankyerɛ, na wɔhyɛ wɔn mma no nkuran sɛ wɔn mu biara nso mmɔ mpae. Awarefo no ka sɛ: “Yɛka kyerɛ yɛn babea panyin no nso sɛ, ‘Fa wo ho to Yehowa so koraa, fa nsi ne ahokeka kɔ so yɛ Ahenni adwuma no, na nnwinnwen pii.’ Sɛ ɔyɛ saa na ohu nea efi mu ba a, ohu sɛ Yehowa reboa yɛn. Wei aboa no paa ma wabegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no.”

18. Asɛm a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ awofo hu?

18 Asɛm no ne sɛ, ehia sɛ mmofra ankasa nya gyidi. Awofo, nea mubetumi ayɛ ne sɛ mubegu aba na moagugu so nsu. Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama anyin. (1 Kor. 3:6) Enti, mommɔ mpae nhwehwɛ Onyankopɔn honhom, na monyere mo ho nkyerɛkyerɛ mo mma a wɔda mo koma so no. Sɛ moyɛ saa a, mubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mo adwuma no so.​—Efe. 6:4.