Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Pere Hwehwɛ Yehowa Nhyira

Kɔ So Pere Hwehwɛ Yehowa Nhyira

“Wo ne Onyankopɔn ne nnipa adi apere nanso woatumi agyina mu.”​—GEN. 32:28.

NNWOM: 60, 38

1, 2. Ɔhaw ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo ko tia?

EFI ɔbarima nokwafo Habel bere so besi nnɛ, Onyankopɔn asomfo anokwafo apere paa sɛnea ɛbɛyɛ a wobekura wɔn gyidi mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no sɛ, esiane sɛ wɔpɛ sɛ Yehowa gye wɔn tom na wonya ne nhyira nti, wɔde “animia gyinae, koe denneennen wɔ amanehunu mu.” (Heb. 10:32-34) Paulo de apere a Kristofo di no totoo sɛnea na mmirikatufo, akuturukubɔfo, wɔn a wodi atentam, ne akansifo foforo yere wɔn ho si akan wɔ Hela (Greece) no ho. (Heb. 12:1, 4) Ɛnnɛ, yɛretu nkwa ho mmirika, na yɛwɔ atamfo a wɔpɛ sɛ wɔtwetwe yɛn adwene, wɔma yɛhwe ase, wɔma yɛpa abaw, na anigye ne nhyira a yebenya daakye no bɔ yɛn.

2 Nea edi kan, Satan ne ne wiase bɔne no ne yɛn redi asi denneennen. (Efe. 6:12) Ɛho hia paa sɛ yɛko tia wiase “nneɛma a agye ntini” no. Ebi ne wiase yi nkyerɛkyerɛ, nyansapɛ, ne nneyɛe bɔne te sɛ aguamammɔ, tawanom, asabow, ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ kwammɔne so. Afei nso, daa ɛsɛ sɛ yɛko tia ɔhonam mmerɛwyɛ ne abasamtu.​—2 Kor. 10:3-6; Kol. 3:5-9.

3. Dɛn na Onyankopɔn yɛ de tete yɛn ma yɛko tia yɛn atamfo?

3 Yemmisa sɛ, yebetumi adi atamfo a wɔn ho yɛ den saa no so nkonim anaa? Yebetumi, nanso gye sɛ yɛyere yɛn ho. Paulo de ne ho totoo tete kuturukubɔfo ho. Ɔkae sɛ: “Akuturuku a meretoto no, mehwɛ na mantoto no sɛnea mereboro mframa.” (1 Kor. 9:26) Sɛnea okuturukubɔfo ko tia nea ɔne no rebɔ akuturuku no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛko tia yɛn atamfo no. Yehowa tete yɛn, na ɔboa yɛn ma yɛko yɛn ko no. Wama yɛn akwankyerɛ a ebetumi agye yɛn nkwa wɔ n’Asɛm no mu. Afei nso, ɔnam yɛn Bible ho nhoma, Kristofo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam so boa yɛn. Nea wusua no, wode yɛ adwuma anaa? Sɛ woamfa anyɛ adwuma a, wuntumi nko ntia wo tamfo no yiye. Ɛbɛyɛ te sɛ nea ‘woreboro mframa.’

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na bɔne anni yɛn so nkonim?

4 Yɛn atamfo betumi atow ahyɛ yɛn so bere a yɛn ani nna yɛn ho so, ne bere a yɛn abam abu. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.” (Rom. 12:21) Asɛm a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ‘bɔne di yɛn so nkonim’ no kyerɛ sɛ yebetumi adi bɔne so nkonim. Sɛ yɛkɔ so ko tia bɔne a, yebetumi adi so nkonim. Nanso, sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ na yegyae ɔko no a, Satan, ne wiase bɔne no, ne yɛn ankasa mmerɛwyɛ bɛma yɛadi nkogu. Mma Satan nhunahuna wo mma wo nsam ngow anaa nte nka sɛ woadi nkogu da!​—1 Pet. 5:9.

5. (a) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so apere anya Onyankopɔn nhyira? (b) Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm bɛn na yɛrebesusuw wɔn ho?

5 Sɛ yebetumi apere adi nkonim a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nea enti a yɛredi apere no. Sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn adwene si bɔhyɛ a edi hɔ yi so. Hebrifo 11:6 ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.” Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ani abere rehwehwɛ” no kyerɛ biribi a yɛyere yɛn ho yɛ anaa biribi a egye mmɔdenbɔ paa. (Aso. 15:17) Kyerɛwnsɛm no ka mmarima ne mmea bi a wɔyɛɛ nhwɛso pa na wɔyeree wɔn ho hwehwɛɛ Yehowa nhyira ho asɛm. Yakob, Rahel, Yosef, ne Paulo hyiaa tebea ahorow bi a na emu yɛ den na ɛhaw adwene paa, nanso womiaa wɔn ani gyinaa ano, na ɛma wonyaa nhyira pii. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua saa nkurɔfo a wɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn yi?

SƐ WOAMPA ABAW A, WUBENYA NHYIRA

6. Dɛn na ɛboaa Yakob ma wampa abaw, na nhyira bɛn na onyae? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Ɔnokwafo Yakob dii apere na wampa abaw efisɛ na ɔdɔ Yehowa, na na n’ani sɔ abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no. Ná ogye di paa sɛ ɛbɔ a Yehowa hyɛe sɛ obehyira n’asefo no bɛbam. (Gen. 28:3, 4) Ɛno nso nti na bere a Yakob reyɛ adi mfe 100 no, ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ obenya Onyankopɔn nhyira no. Ɔne ɔbɔfo bi a ɔdanee ne ho nipa tentamee mpo. (Kenkan Genesis 32:24-28.) Wohwɛ a, na Yakob wɔ ahoɔden a ɛbɛma watumi ne ɔbɔfo a ɔwɔ tumi no atentam? Dabida! Nanso, na wasi ne bo paa sɛ ɔne no bɛpere so, na wannyae apereperedi no! Esiane sɛ omiaa n’ani nti, onyaa nhyira. Wɔmaa no din a ɛfata no, Israel (a ɛkyerɛ “Nea Omiaa N’ani ne Onyankopɔn Dii Apere”). Yakob nyaa Yehowa anim dom ne ne nhyira pii. Nhyira koro no ara na yɛn nso yɛrehwehwɛ.

7. (a) Tebea a na ɛhaw adwene bɛn na Rahel hyiae? (b) Dɛn na ɔkɔɔ so yɛe, na awiei koraa no, nhyira bɛn na onyae?

7 Ná Yakob yere a ɔdɔ no, Rahel, hwɛ kwan paa sɛ obehu sɛnea Yehowa bɛma ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne kunu Yakob no abam. Nanso, na akwanside bi wɔ hɔ a na ɛte sɛ nea wontumi nni so. Ɛne sɛ, na onni ba. Saa bere no, na wei yɛ ɔhaw kɛse paa. Rahel yɛɛ dɛn nyaa awerɛkyekye ne ahoɔden de gyinaa tebea a ebu abam nanso na ɔrentumi nyɛ ho hwee no ano? Wampa abaw da. Mmom, ɔyeree ne ho bɔɔ mpae de dii apere. Yehowa tiee Rahel sufrɛ, na awiei koraa no, ɔma ɔwoo mma. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere bi Rahel de anigye kae sɛ: ‘Madi asi a emu yɛ den, na madi nkonim!’—Gen. 30:8, 20-24.

8. Ɔhaw a emu yɛ den a edii bere tenten bɛn na Yosef hyiae, na ɔkwan bɛn so na nea ɔyɛe wɔ ho no yɛ nhwɛso pa ma yɛn?

8 Ɛbɛyɛ sɛ nhwɛso pa a Yakob ne Rahel yɛe no boaa wɔn ba Yosef paa ma ohuu sɛnea ɔno nso begyina ne gyidi ho sɔhwɛ ano. Bere a Yosef dii mfe 17 no, ne wiase nyinaa dan butuwii. Ahoɔyaw nti, ne nuabarimanom tɔn no kɔɔ nkoasom mu. Akyiri yi, wobuu no atɛnkyea de no too afiase mfe pii wɔ Egypt. (Gen. 37:23-28; 39:7-9, 20-21) Yosef amma nea ɛtoo no no ammu n’abam. Saa ara nso na wamfa afoforo ho nsɛm anhyɛ ne mu anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ bi atua wɔn so ka. Mmom, ɔde n’adwene ne ne koma nyinaa sii abusuabɔ pa a ɔne Yehowa wɔ no so. (Lev. 19:18; Rom. 12:17-21) Yosef nhwɛso no betumi aboa yɛn. Ebia yehyiaa nsɛnnennen wɔ yɛn mmofraase anaa ɛte sɛ nea seesei yenni anidaso biara. Sɛ ɛte saa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di apere na yemia yɛn ani gyina mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn.—Kenkan Genesis 39:21-23.

9. Sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua Yakob, Rahel, ne Yosef na yenya Yehowa nhyira a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Fa w’adwene bu tebea bi a worehyia seesei a ebia ɛresɔ wo gyidi ahwɛ. Ebia sɔhwɛ a worehyia no yɛ atɛnkyea, ɔtan hunu, anaa fɛwdi mpo. Anaa ebia ahoɔyaw nti obi atwa asɛm ato wo so. Sɛ́ anka wobɛma wo nsam agow na woama asɛm no ahyɛ wo so no, kae nea ɛboaa Yakob, Rahel, ne Yosef ma wɔkɔɔ so de anigye som Yehowa no. Esiane sɛ wɔmaa wɔne Onyankopɔn abusuabɔ ho hiaa wɔn paa nti, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn den, na ohyiraa wɔn. Wɔkɔɔ so dii apere, na wɔyɛɛ mpae a wofi wɔn komam bɔe no ho adwuma. Aka kakraa bi na wiase bɔne yi aba awiei. Enti ehia paa sɛ yeso anidaso a yɛwɔ no mu denneennen! Wowɔ ɔpɛ sɛ wubedi atentam, kyerɛ sɛ, wobɛyere wo ho anya Yehowa anim dom?

NYA ƆPƐ SƐ WUBEDI ATENTAM DE AHWEHWƐ NHYIRA

10, 11. (a) Tebea ahorow a ɛma ɛho hia sɛ yedi atentam de hwehwɛ Onyankopɔn nhyira no bi ne dɛn? (b) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa na ama yɛatumi adi abasamtu ne nneɛma a ɛtwetwe yɛn adwene so?

10 Tebea ahorow a ɛma ɛho hia sɛ yedi atentam de hwehwɛ Onyankopɔn nhyira no bi ne dɛn? Emu baako a ehia sɛ nnipa pii yere wɔn ho di so ne ɔhonam mmerɛwyɛ. Afoforo nso, ehia sɛ wɔyere wɔn ho paa ansa na wɔakɔ so anya asɛnka ho adwempa. Anaa ebia wo de, ehia sɛ woyere wo ho gyina yare anaa ankonamyɛ ano. Ade a ɛhaw ebinom nso a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne sɛ, sɛ obi fom wɔn anaa ɔyɛ bɔne tia wɔn a, ɛyɛ wɔn den paa sɛ wɔde bɛkyɛ no. Sɛ yɛasom Yehowa mfe kakraa bi oo, sɛ yɛasom no mfe pii oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ko tia nneɛma bi a ebetumi asɛe ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn a ɔyɛ anokwafo katuafo no.

Worepere ahwehwɛ Onyankopɔn nhyira anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 10, 11)

11 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnna fam koraa sɛ yebesisi gyinae pa na yɛakɔ so ayɛ yɛn ade sɛ Kristofo. Ne titiriw no, sɛ yɛn koma kontomponi no retwe yɛn kɔ bɔne ho a, ɛnde ɛyɛ den paa. (Yer. 17:9) Sɛ wuhu sɛ tebea yi mu biara rehaw wo a, ɛnde ntenatena ho. Mmom, ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ honhom kronkron. Mpaebɔ ne honhom kronkron betumi ahyɛ wo den ama woayɛ adepa, na ɛno bɛma Yehowa ahyira wo. Sɛ wobɔ mpae a, yɛ ho adwuma. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan Bible no fã bi da biara da. Gye bere fa sua ade, na yɛ Abusua Som daa.—Kenkan Dwom 119:32.

12, 13. Dɛn na ɛboaa Kristofo baanu bi ma wodii akɔnnɔ bɔne so?

12 Onyankopɔn Asɛm no, ne honhom kronkron, ne yɛn Kristofo nhoma aboa Kristofo bebree ama wɔatumi adi akɔnnɔ bɔne so. Aberante bi kenkan December 8, 2003, Nyan! mu asɛm bi a wɔato din “Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ako Atia Akɔnnɔ Bɔne?” Dɛn na ɔkae? Ɔkae sɛ: “Mereko tia nsusuwii bɔne. Bere a mihui wɔ asɛm no mu sɛ, ‘wɔ nnipa pii fam no, ɛyɛ den ma wɔn kɛse sɛ wobedi akɔnnɔ bɔne so’ no, ɛma metee nka sɛ meda so ara ka me nuanom ho. Mihui sɛ, sɛɛ na ɛnyɛ me nko ara na merefa tebea a ɛte saa mu.” Saa aberante yi san kenkan October 8, 2003, Nyan! no mu asɛm a wɔato din “Asetra Kwan Foforo a Wɔpaw—So Onyankopɔn Pene So?” ma ɛboaa no. Nea ɔhyɛɛ no nsow wom ne sɛ ebinom wɔ hɔ a, akɔnnɔ bɔne abɛyɛ “ɔhonam mu nsɔe” ama wɔn. (2 Kor. 12:7) Nanso, bere tenten a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nea ɛteɛ no, wobetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan. Ɔtoaa so sɛ: “Ɛno nti, migye di paa sɛ metumi akɔ so adi Yehowa nokware da biara. Meda Yehowa ase paa sɛ ɔnam n’ahyehyɛde no so boa yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra yiye da biara da wɔ wiase bɔne yi mu.”

13 Momma yɛnhwɛ ababaa bi a ɔwɔ United States nso suahu. Ɔkae sɛ: “Meda mo ase sɛ bere nyinaa moma yɛn nea yehia wɔ ne bere mu. Ɛyɛ a mete nka sɛ me paa na wɔkyerɛw saa nsɛm yi ma me. Mfe pii na manya biribi a Yehowa kyi ho akɔnnɔ, na mabɔ mmɔden araa sɛ mɛko atia. Ɛtɔ da a, na m’abam abu, na ɛyɛ me sɛ minnyae me ho mu. Minim sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo na ɔde bɔne kyɛ. Nanso esiane sɛ mewɔ saa akɔnnɔ bɔne yi, na m’ani nso gye ho wɔ me komam paa nti, mete nka sɛ Yehowa remmoa me. Saa ɔhaw yi ama m’asetena ayɛ basaa. . . . Bere a mekenkan March 15, 2013, Ɔwɛn-Aban no mu asɛm bi a wɔato din ‘Wowɔ “Koma a Wode Behu” Yehowa?’ no, ɛma mihuu paa sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa me.”

14. (a) Paulo tee nka sɛn wɔ apereperedi a na ɛrekɔ so wɔ ne mu no ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia ɔhonam mmerɛwyɛ?

14 Kenkan Romafo 7:21-25. Ná Paulo ankasa nim sɛnea ɛyɛ den sɛ yɛbɛko atia akɔnnɔ bɔne ne ɔhonam mmerɛwyɛ. Nanso, na ogye di paa sɛ, sɛ ɔbɔ mpae de ne ho to Yehowa so na onya Yesu agyede afɔre no mu gyidi a, apereperedi a ɛrekɔ so wɔ ne mu no, obetumi adi so nkonim. Na yɛn nso ɛ? Sɛ yɛyere yɛn ho ko tia ɔhonam mmerɛwyɛ a, yebetumi adi nkonim. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ho so. Mmom, ɛsɛ sɛ yesuasua Paulo na yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na yenya agyede no nso mu gyidi.

15. Adɛn nti na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware na yɛagyina sɔhwɛ ano?

15 Ɛtɔ da a, Onyankopɔn ma yɛkyerɛ sɛnea asɛm bi ho hia yɛn fa. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛba sɛ yɛn ankasa (anaa yɛn busuani bi) yare paa, anaa wɔabu yɛn atɛnkyea bi a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso paa a, yɛbɛkoto asrɛ no sɛ ɔnhyɛ yɛn den ma yɛnkɔ so nni nokware sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de anigye asom no, na yɛne ne ntam akɔ so ayɛ kama. (Filip. 4:13) Sɛ yɛhwɛ osuahu a nnipa pii nyae wɔ Paulo bere so ne nea nnipa pii anya nnɛ a, ɛma yehu sɛ mpaebɔ betumi ahyɛ yɛn den, na ebetumi ama yɛanya ahotoso de agyina sɔhwɛ ano.

KƆ SO PERE HWEHWƐ YEHOWA NHYIRA

16, 17. Sɛ́ obi a worepere sɛ wubenya Yehowa nhyira no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

16 Nea Ɔbonsam rehwehwɛ ara ne sɛ wobɛpa abaw na woagow wo nsam sɛ woadi nkogu. Nanso, si wo bo sɛ wubekura “nea eye mu pintinn.” (1 Tes. 5:21) Nya awerɛhyem sɛ wubetumi ako atia Satan, ne wiase bɔne no, ne akɔnnɔ bɔne biara. Sɛ wode wo ho to Onyankopɔn so koraa sɛ obetumi ahyɛ wo den na waboa wo a, wubetumi adi nkonim.—2 Kor. 4:7-9; Gal. 6:9.

17 Enti kɔ so ara ko. Kɔ so pere. Kɔ so mia w’ani. Nya ahotoso koraa sɛ, Yehowa ‘behwie nhyira agu wo so ama abu wo so.’—Mal. 3:10.