Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mma Wo Nsam Nngow”

“Mma Wo Nsam Nngow”

“Mma wo nsam nngow.”​—SEF. 3:16.

NNWOM: 81, 32

1, 2. (a) Ɔhaw ahorow bɛn na nnipa pii hyia nnɛ, na dɛn na efi mu ba? (b) Anidaso bɛn na ɛwɔ Yesaia 41:10, 13?

ONUAWA bi a ɔyɛ daa kwampaefo a ne kunu yɛ asafo mu panyin kae sɛ: “Meyɛ nea metumi biara sɛ mɛsom Yehowa yiye. Nanso adwinnwen ahyɛ me so mfe pii. Meda a, mintumi nna. Abɔ me yare, na ama mintumi ne afoforo ntena yiye. Ɛtɔ da a, na mereyɛ apa abaw. Ɛyɛ a ɛyɛ me sɛ menkɔpɛ tokuru bi mu nhyɛ.”

2 Nea onuawa no refa mu no, wote no ase? Awerɛhosɛm ne sɛ, Satan wiase bɔne no de nhyɛso ba yɛn so, na etumi gyaw yɛn kɔdaanna. Wei tumi ma obi botow. Ɛma yɛyɛ sɛ hyɛmma bi a wɔatow no sɛkyɛ a entumi nkɔ n’anim. (Mmeb. 12:25) Dɛn na ebetumi ama woate nka saa? Ebia wo dɔfo bi awu, na worebɔ mmɔden sɛ wubeyi ɛyaw no afi wo mu. Anaa worekõ yare bi a emu yɛ den, worebɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ w’abusua wɔ ɛnnɛ bere yi a sikasɛm mu ayɛ den no, anaasɛ ebia worehyia ɔsɔretia. Bere rekɔ so no, adwinnwen betumi ama w’ahoɔden so atew. Ebetumi mpo asɛe w’anigye. Nanso, nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo.​—Kenkan Yesaia 41:10, 13.

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible de asɛmfua “nsa” di dwuma? (b) Dɛn na ebetumi ama yɛn nsam agow?

3 Bible taa de nipadua akwaa kyerɛkyerɛ suban ne nneyɛe ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, Bible ka nsa ho asɛm mpɛn ɔhaha pii. Sɛ wɔka sɛ obi nhyɛ ne nsam den a, ebetumi akyerɛ sɛ wɔrehyɛ no nkuran, anaa wɔrehyɛ no den ama wayɛ biribi. (1 Sam. 23:16; Esra 1:6) Ebetumi akyerɛ nso sɛ onipa no wɔ adwempa na ɔrehwɛ nea ɛbɛba daakye kwan.

4 Sɛ wɔka sɛ obi nsam agow a, ɛtɔ da a, ɛkyerɛ sɛ onipa no abam abu, ne koma atu, anaa n’anidaso asa. (2 Be. 15:7; Heb. 12:12) Sɛ ɛba saa a, ɛnyɛ den koraa sɛ onipa no bɛpa abaw. Sɛ wuhyia tebea bi a ɛma woyɛ basaa anaa ɛma wobrɛ, egyaw wo adwinnwen, anaa ɛma woyɛ wo som adwuma bi-ne-bi a, ɛhe na wubenya nkuranhyɛ? Wobɛyɛ dɛn akanyan wo ho na woahyɛ wo ho den de agyina tebea no ano na woakɔ so anya anigye?

“YEHOWA NSA NYƐ TIAA SƐ EBEGYE NKWA”

5. (a) Sɛ yehyia nsɛnnennen a, anhwɛ a dɛn na yɛbɛyɛ, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (b) Dɛn na yebesusuw ho?

5 Kenkan Sefania 3:16, 17. Sɛ yehyia nsɛnnennen a, ɛnsɛ sɛ yesuro na yɛma yɛn abam bu, anaa yɛma yɛn nsam gow. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛn Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no aka akyerɛ yɛn sɛ ‘yɛntow yɛn dadwen nyinaa ngu no so.’ (1 Pet. 5:7) Yebetumi adwinnwen asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ne ‘nsa a ɛyɛ den no nyɛ tiaa sɛ ebegye’ n’asomfo anokwafo nkwa. (Yes. 59:1) Yebesusuw Bible mu nhwɛso mmiɛnsa bi a ɛka koma ho. Ɛbɛma yɛahu sɛ, sɛ Yehowa nkurɔfo hyia nsɛnnennen a, Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhyɛ wɔn den ama wɔayɛ n’apɛde, na ɔwɔ tumi nso a ɔde bɛyɛ saa. Hwɛ sɛnea saa nhwɛso mmiɛnsa no betumi ahyɛ wo nso den.

6, 7. Ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi nkonim a Israelfo dii wɔ Amalekfo so no mu?

6 Bere a Onyankopɔn faa anwonwakwan so gyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Egypt no, ankyɛ koraa na Amalekfo bɛtow hyɛɛ wɔn so. Mose ka kyerɛɛ Yosua a ɔyɛ ɔkokodurufo no sɛ onni Israelfo no anim wɔ ɔko no mu. Afei Mose ne Aaron ne Hur kɔtenaa koko bi so wɔ baabi a ɛbɛn beae a na wɔreko no. Bere a wɔte koko no so no, na wotumi hu baabi a ɔko no rekɔ so no. Yemmisa sɛ, na saa mmarima baasa yi suro ɔko no ma enti na wɔreguan anaa? Dabi!

7 Mose de nhyehyɛe bi yɛɛ adwuma maa Israelfo no dii nkonim. Mose maa ne nsa so kɔɔ soro a na okura nokware Nyankopɔn no poma. Nea ɛbae ne sɛ, sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Yehowa ama Israelfo no redi Amalekfo no so nkonim. Nanso sɛ Mose nsa gyene na ɔde ba fam a, na Amalekfo no mmom redi nkonim. Aaron ne Hur yɛɛ ntɛm ‘faa ɔbo de Mose tenaa so, na wosusoo ne nsa mu, obiako wɔ benkum na obiako wɔ nifa, na ne nsa mu angow kosii sɛ owia kɔtɔe.’ Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn nsa a ɛyɛ den no na ɛmaa Israelfo no dii nkonim wɔ ɔko no mu.​—Ex. 17:8-13.

8. (a) Bere a Etiopiafo hunahunaa Yudafo no, dɛn na Asa yɛe? (b) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so te sɛ Asa?

8 Ɔhene Asa bere so nso, Yehowa daa no adi sɛ ne nsa nyɛ tiaa. Wɔaka akodi pii ho asɛm wɔ Bible mu. Nanso, ne nyinaa mu no, asraafo a na wɔdɔɔso paa ne Etiopiani Sera dɔm no. Ná ɔwɔ asraafo 1,000,000 a wɔaben wɔ akodi mu. Sɛ wɔkyekyɛm a, ɛkame ayɛ sɛ na Asa asraafo no mu 1 biara ne Etiopia asraafo 2 na ɛbɛko. Wohwɛ a, wuhu sɛ na ɛrenyɛ den koraa sɛ Asa ho bɛyeraw no na ehu aka no ama ne nsa mu agow anaa wate nka sɛ wadi nkogu. Nanso, ntɛm ara na Asa hwehwɛɛ Yehowa mmoa. Sɛ wohwɛ Israel asraafo no a, nnipa ani so de, na ɛte sɛ nea wɔrentumi nni Etiopiafo no so nkonim, nanso “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Mat. 19:26) Onyankopɔn daa ne tumi kɛse no adi, na ‘odii Etiopiafo no so nkonim wɔ Asa a na ne koma di mũ wɔ Yehowa ho ne nna nyinaa no anim.’​—2 Be. 14:8-13; 1 Ahe. 15:14.

9. (a) Bere a Nehemia pɛ sɛ ɔsan tow Yerusalem afasu no, dɛn na wamma ansiw no kwan? (b) Dɛn na Onyankopɔn yɛe de buaa mpae a Nehemia bɔe no?

9 Bere a Nehemia kɔɔ Yerusalem no, wode hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka. Ɛkame ayɛ sɛ na kurow no nni ahobammɔ biara, na na ne mfɛfo Yudafo no nso abam abu. Atamfo a na wofi aman foforo so no hunahunaa Yudafo no maa wɔn nsam gowee, na wogyaee Yerusalem afasu no a na wɔresan atow no. Yemmisa sɛ, nea na ɛrekɔ so no maa Nehemia nso nsam gowee anaa? Dabi! Ná Nehemia de ne ho to Yehowa so wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa sɛnea Mose, Asa, ne Yehowa asomfo foforo yɛe no. Saa bere yi nso, Nehemia bɔɔ Yehowa mpae. Yudafo no de, na ɛyɛ wɔn sɛ wɔahyia akwanside a ɛso bi nni, nanso Yehowa tiee Nehemia sufrɛ. Onyankopɔn de ne “tumi kɛse” ne ne “nsa a ɛyɛ den” no hyɛɛ Yudafo no nsa a na emu agow no mu den. (Kenkan Nehemia 1:10; 2:17-20; 6:9.) Ɛnnɛ, wugye di sɛ Yehowa de ne “tumi kɛse” ne ne “nsa a ɛyɛ den” no hyɛ n’asomfo den anaa?

YEHOWA BƐHYƐ WO NSAM DEN

10, 11. (a) Dɛn na Satan reyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsam begow? (b) Dɛn na Yehowa nam so hyɛ yɛn den na ɔma yɛn tumi? (d) Mfaso bɛn na woanya wɔ teokrase nkyerɛkyerɛ ne ntetee so?

10 Ɔbonsam reyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛagyae Kristofo som adwuma no, na yenim sɛ ɔrengow ne nsam da. Ɔnam atosɛm ne ahunahuna a aban ahorow, nyamesom akannifo, ne awaefo de ba so na ɔreyɛ saa. Ne botae ne sɛn? Ɛne sɛ ɔbɛma yɛn nsam agow na yɛagyae Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no. Nanso, Yehowa nam ne honhom kronkron no so betumi ahyɛ yɛn den, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa nso. (1 Be. 29:12) Ɛho hia sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn honhom no ma ɛboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi agyina nsɛnnennen biara a Satan ne ne wiase bɔne no de bɛba yɛn so no ano. (Dw. 18:39; 1 Kor. 10:13) Yebetumi ada Onyankopɔn ase nso sɛ wama yɛn nsa aka n’Asɛm a wɔde honhom kronkron kyerɛwee no. Wo de, susuw honhom fam aduan a egyina Bible so a wosiesie ma yɛn bosome biara no nso ho hwɛ. Wɔkaa asɛm a ɛwɔ Sakaria 8:9, 13 (kenkan) no kyerɛɛ wɔn a na wɔresan asi Yerusalem asɔrefie no, na saa asɛm no betumi aboa yɛn nso paa.

11 Yɛn nso, Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ yɛn Kristofo nhyiam ase, amansin ne amantam nhyiam ase, ne yɛn teokrase sukuu ahorow mu no hyɛ yɛn den. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa betumi aboa yɛn ama yɛde adwempa asom Onyankopɔn na yɛde botae asisi yɛn ani so wɔ ne som mu. Ebetumi aboa yɛn ama yɛadi asɛyɛde pii a yɛwɔ sɛ Kristofo no ho dwuma. (Dw. 119:32) Worebɔ mmɔden paa sɛ wobɛma saa nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ wo den anaa?

12. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ den wɔ honhom fam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

12 Yehowa boaa Israelfo no ma wodii Amalekfo ne Etiopiafo no so nkonim, na ɔhyɛɛ Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no den ma wowiee ɔfasu a na wɔresan atow no. Saa ara na Onyankopɔn bɛhyɛ yɛn nso den ama yɛatumi agyina ɔsɔretia, asɛmpa no a nkurɔfo ntie, ne yɛn dadwen ano pintinn ma yɛakɔ so ayɛ asɛmpaka adwuma no. (1 Pet. 5:10) Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ anwonwade ama yɛn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de. Yɛn fam de a yɛbɛyɛ no bi ne sɛ, yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no bi. Ansa na yɛbɛkɔ no, ɛsɛ sɛ yedi kan sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ hɔ no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sua ade, na yɛyɛ abusua som de siesie yɛn adwene ne yɛn koma. Ehia nso sɛ yɛbɔ mpae daa de yɛn ho to Yehowa so. Weinom yɛ akwan a Yehowa fa so hyɛ yɛn den na ɔhyɛ yɛn nkuran. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma ne nnwuma foforo biara twitware mu da. Sɛ wuhu sɛ wo nsam agow wɔ saa nneɛma yi biara mu a, bɔ Onyankopɔn mpae ma ɔmmoa wo. Afei wubehu sɛnea ne honhom ‘bɛyɛ wo mu adwuma na ama woanya ɔpɛ no na woayɛ nso.’ (Filip. 2:13) Nanso, dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ afoforo nsam den?

MONHYƐ NSA A EMU AGOW MU DEN

13, 14. (a) Bere a onua bi yere wui no, dɛn na ɛhyɛɛ no den? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ afoforo den?

13 Yehowa ama yɛn anuanom mmarima ne mmea a wodwen yɛn ho wɔ wiase nyinaa. Saa anuanom no betumi ahyɛ yɛn nkuran. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow den, na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ.” (Heb. 12:12, 13) Nnipa pii nyaa honhom fam denhyɛ a ɛte saa wɔ asomafo no bere so. Saa ara na ɛte nnɛ. Onua bi yere wui, na nsɛm foforo a ɛyɛ yaw totoo no. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ yɛrentumi nkyerɛ sɔhwɛ a yɛpɛ sɛ ɛba yɛn so, bere a yɛpɛ sɛ ɛto yɛn, anaa mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ ɛba. Mpaebɔ ne adesua aboa me ama matumi agyina me haw no ano. Me nuanom mmarima ne mmea a me ne wɔn resom Onyankopɔn no aboa me ama manya awerɛkyekye paa. Mabehu sɛ ehia sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ pa ansa na nsɛm bi a emu yɛ den ato yɛn.”

Asafo no muni biara betumi ahyɛ afoforo nkuran (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14 Aaron ne Hur susoo Mose nsa mu bere a na ɔko bi rekɔ so no. Yɛn nso yebetumi ahwehwɛ akwan bi a yɛbɛfa so aso afoforo mu na yɛaboa wɔn. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn? Wɔn a nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu haw reteetee wɔn, wɔn a yare ama wontumi nyɛ hwee, wɔn a abusuafo resɔre tia wɔn, wɔn a wɔayɛ ankonam, ne wɔn a wɔn dɔfo bi awu. Mmofra a afoforo repiapia wɔn ama wɔakɔyɛ bɔne nso, yebetumi ahyɛ wɔn den. Mmofra bi nso wɔ hɔ a afoforo rehyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua nhoma nkɔ akyiri, wɔnyere wɔn ho mpɛ sika, anaa wɔmpɛ adwuma pa bi nyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a “wobedi yiye” wɔ wiase bɔne yi mu. Wɔn nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn den. (1 Tes. 3:1-3; 5:11, 14) Wowɔ Ahenni Asa so oo, asɛnka mu oo, wo ne afoforo reto nsa adidi oo, anaa wo ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ wɔ fon so oo, yɛ biribi a ɛbɛma wɔahu sɛ wudwen wɔn ho paa.

15. Sɛ yɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran a, ebetumi aboa yɛn nuanom Kristofo sɛn?

15 Bere a Asa dii nkonim a ɛyɛ nwonwa akyi no, odiyifo Asaria kaa asɛm a edi so yi de hyɛɛ ɔne ne nkurɔfo nkuran. Odiyifo no kae sɛ: “Na mo de, momma mo bo nyɛ duru, na mommma mo nsam nngow, efisɛ mubenya mo adwuma no so akatua.” (2 Be. 15:7) Wei kaa Asa koma ma ɔyɛɛ nsakrae pii, na ɔsan de nokware som sii hɔ. Saa ara na sɛ woka nsɛm a ɛhyɛ den kyerɛ afoforo a, ebetumi aka wɔn koma paa. Ebetumi aboa wɔn ama wɔayere wɔn ho asom Yehowa. (Mmeb. 15:23) Hu sɛ, sɛ woma wo nsa so wɔ asafo nhyiam ase na woma mmuae a ɛhyɛ nkuran a, ebetumi ahyɛ afoforo den paa.

16. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de ahyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu nsam den, sɛnea Nehemia yɛe no? Ka nea wo mfɛfo asomfo ayɛ de ahyɛ wo den ho asɛm.

16 Yehowa boaa Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no ma wɔhyɛɛ wɔn nsam den, na wɔde nnafua 52 pɛ too Yerusalem afasu no wiei! (Neh. 2:18; 6:15, 16) Ɛnyɛ sɛ Nehemia hwɛ ma wɔtow Yerusalem ɔfasu no kɛkɛ, na mmom ɔno ankasa yɛɛ adwuma no bi. (Neh. 5:16) Saa ara na asafo mu mpanyimfo pii a wɔwɔ ɔdɔ atumi asuasua Nehemia. Wɔboa ma wosisi adan a wɔde yɛ Onyankopɔn som adwuma. Afei nso wɔne wɔn nuanom siesie wɔn Ahenni Asa so, na wɔboa ma wɔhwɛ so yiye. Sɛ asafo mu mpanyimfo ne wɔn mfɛfo adawurubɔfo kɔ asɛnka na wɔsrasra wɔn nuanom a, na wɔn nso rehyɛ wɔn a wɔn koma atu na wɔn nsam agow no den.​—Kenkan Yesaia 35:3, 4.

“MMA WO NSAM NNGOW”

17, 18. Sɛ yehyia ɔhaw anaa yɛn koma tu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

17 Sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea bom yɛ ɔsom adwuma no a, ɛboa ma yɛyɛ baako. Ɛsan ma yenya nnamfo pa. Afei, gyidi a yɛne yɛn nuanom nyinaa wɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyira bɛbrɛ yɛn no, ɛhyɛ mu den. Sɛ yɛhyɛ afoforo nsam den a, ɛboa wɔn ma sɛ wohyia nsɛm a etu koma a, wotumi gyina ano. Saa ara na etumi boa wɔn ma wokura anidaso a wɔwɔ sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye no mu pintinn. Afei nso, sɛ yɛboa afoforo saa a, ɛma yɛkɔ so de yɛn adwene si Yehowa som so. Na nneɛma pa a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, ɛma yegye di paa sɛ ɛbɛba. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn ankasa nso, ɛhyɛ yɛn nsam den.

18 Yɛahu sɛ tete no, Yehowa boaa n’asomfo anokwafo, na ɔbɔɔ wɔn ho ban mpɛn pii. Ɛsɛ sɛ wei hyɛ ne mu gyidi ne ahotoso a yɛwɔ no mu den nnɛ. Sɛ wokɔ ahokyere anaa ɔhaw mu a, “mma wo nsam nngow”! Mmom, bɔ Yehowa mpae. Ma ne nsa a ɛyɛ den no nhyɛ wo den, na ama woanya nhyira a Ahenni no de bɛba no bi.​—Dw. 73:23, 24.