Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra, Monhyɛ Mo Gyidi Den

Mmofra, Monhyɛ Mo Gyidi Den

“Gyidi ne . . . nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.”​—HEB. 11:1.

NNWOM: 41, 69

1, 2. Ɛnnɛ, nhyɛso bɛn na mmofra betumi ahyia, na dɛn na wobetumi ayɛ wɔ ho?

ONUAWA kumaa bi a ɔwɔ Britain sukuuni ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛnea w’adwenem abue yi, wonsɛ obi a ɛsɛ sɛ ogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ koraa.” Onua bi a ɔwɔ Germany kyerɛwee sɛ: “M’akyerɛkyerɛfo bu ka a Bible ka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade no sɛ anansesɛm bi. Ɛyɛ wɔn sɛ sukuufo no nyinaa gye adannandi di.” Onuawa kumaa bi a ɔwɔ France kae sɛ: “Sɛ m’akyerɛkyerɛfo te sɛ sukuufo no bi da so gye Bible di a, ɛyɛ wɔn nwonwa paa.”

2 Woyɛ aberante anaa ababaa a wosom Yehowa anaasɛ woresua ne ho ade? Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na mmom biribi te sɛ adannandi na wogye di a, ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ di wɔn akyi anaa? Sɛ saa na ɛte a, ɛnde nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ahyɛ wo gyidi den bere nyinaa. Emu baako ne sɛ wode adwene a Onyankopɔn de ama wo no bedi dwuma ma ‘ahwɛ wo so.’ Ɛbɛbɔ wo ho ban afi wiase yi nyansapɛ a ebetumi asɛe wo gyidi no ho.​—Kenkan Mmebusɛm 2:10-12.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Sɛ yebenya gyidi a edi mũ a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ. (1 Tim. 2:4) Enti sɛ woresua Onyankopɔn Asɛm no ne yɛn Kristofo nhoma no a, nkenkan no kɛkɛ. Dwinnwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobɛte nea worekenkan no ase.’ (Mat. 13:23) Sɛ woyɛ saa a, wubenya ‘adanse pefee’ sɛ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ no, na Bible no yɛ n’Asɛm, na ɛbɛma wo gyidi ayɛ den. Ma yɛnhwɛ sɛnea wubetumi ayɛ saa.​—Heb. 11:1.

SƐNEA WOBƐHYƐ WO GYIDI DEN

4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ obi gye Onyankopɔn di oo, sɛ adannandi na ogye di oo, wɔn nyinaa wɔ gyidi bi? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ?

4 Nnipa binom ka sɛ nea enti a wogye adannandi di ne sɛ egyina nyansahu so, nanso gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de, egyina biribi a aniwa nhu so. Obi aka asɛm a ɛte saa akyerɛ wo pɛn? Nnipa pii kura adwene a ɛte saa. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkae. Ɛne sɛ: Sɛ obi gye Onyankopɔn di oo, sɛ adannandi na ogye di oo, wɔn nyinaa wɔ gyidi bi. Adɛn nti na yɛreka saa? Onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn da anaa wahu sɛ wɔrebɔ biribi. (Yoh. 1:18) Na saa ara nso na nyansahufo anaa onipa biara nni hɔ a wahu sɛ abɔde bi a nkwa wom redannan abɛyɛ abɔde foforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obiara nni hɔ a wahu da sɛ ɔwɔ anaa ɔketew redan abɛyɛ aboa bi te sɛ gyata anaa ɔsono. (Hiob 38:1, 4) Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw adanse a ɛwɔ hɔ ho na yedwinnwen ho na ama yɛatumi asi gyinae pa. Ɔsomafo Paulo kaa biribi a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu, enti wonni anoyi biara.”​—Rom. 1:20.

Fa nnwinnade a ebi wɔ wo kasa mu di dwuma yiye bere a wo ne afoforo resusuw nneɛma ho no (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Dɛn na Onyankopɔn ayɛ de aboa yɛn a yɛyɛ ne nkurɔfo no ama yetumi de yɛn adwene yɛ adwuma?

5 Bible ka sɛ: “Gyidi na yɛde hu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase no.” (Heb. 11:3) Wei kyerɛ sɛ, yetumi gye biribi di bere a yɛmfaa yɛn ani ankasa nhui. Enti, nnipa a wɔwɔ nhumu de wɔn adwene yɛ adwuma, na ɛnyɛ wɔn aniwa ne wɔn aso nkutoo. Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn nneɛma pii a wɔayɛ ho nhwehwɛmu paa. Saa nneɛma yi betumi aboa yɛn ma yɛde gyidi aniwa ‘ahu’ yɛn Bɔfo no. (Heb. 11:27) Nneɛma yi bi ne video a wɔato din The Wonders of Creation Reveal God’s Glory. Ebi nso ne nhomawa mmienu a wɔato din Was Life Created? ne The Origin of Life​—Five Questions Worth Asking. Foforo nso ne nhoma a wɔato din Is There a Creator Who Cares About You? Yɛsan nya nneɛma pii a ɛma yedwen kɔ akyiri wɔ yɛn nsɛmma nhoma mu. Nyansahufo ne afoforo a bere bi na wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no akyerɛkyerɛ nea enti a afei de wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mu. Wɔtaa de wɔn nsɛm no ba Nyan! mu. Nyan! mu nsɛm a wɔato din “So Wɔbɔe?” no twe adwene si abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yehu no so. Mpɛn pii na nyansahufo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua saa abɔde mu nneɛma a ɛyɛ fɛ no.

6. Sɛ yɛde nnwinnade a yɛwɔ no di dwuma a, mfaso a yebenya no bi ne dɛn? Mfaso bɛn na w’ankasa woanya?

6 Onua bi a wadi mfe 19 a ɔwɔ United States kaa nhomawa mmienu a yɛaka ho asɛm no ho asɛm sɛ: “Saa nhomawa no aboa me paa. Masua saa nhomawa no mpɛn pii.” Onuawa bi a ɔwɔ France kyerɛwee sɛ: “Nsɛm a wɔato din ‘So Wɔbɔe?’ no ma me ho dwiriw me paa! Ɛma mihu sɛ wɔn a wɔyɛ mfiridwuma a wɔagye din paa no betumi asuasua abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no de, nanso wɔyɛ dɛn ara a wɔrentumi nyɛ biribi a ɛbɛto saa nneɛma no da.” Ababaa bi a wadi mfe 15 a ɔwɔ South Africa awofo kae sɛ: “Sɛ yɛn babea no nsa ka Nyan! pɛ a, nea odi kan kenkan yɛ ‘Nsɛm a Wobisabisa’ afã hɔ.” Wo nso ɛ? Nneɛma a yɛaka ho asɛm yi, ɛyɛ a wusua dwinnwen ho? Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo gyidi ayɛ te sɛ dua a ne ntini atenetene kɔ fam ama ase atim. Gyidi a ɛte saa no bɛboa wo ama woatumi agyina atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den no ano.​—Yer. 17:5-8.

NEA ƐBƐMA WOANYA BIBLE MU GYIDI

7. Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ wode w’adwene yɛ adwuma?

7 Ɛyɛ mfomso sɛ wubebisa nsɛm bi a wonte ase afa Bible ho anaa? Ɛnyɛ mfomso koraa! Yehowa pɛ sɛ wode ‘w’adwene’ yɛ adwuma na woyɛ nhwehwɛmu, na w’ankasa wuhu nokware no. Ɔmpɛ sɛ wugye di sɛ asɛm bi yɛ nokware esiane sɛ afoforo gye di ara nti. Enti fa w’adwene yɛ adwuma hwehwɛ nimdeɛ a edi mũ no. Saa nimdeɛ no betumi aboa wo ama woanya gyidi a ɛyɛ den. (Kenkan Romafo 12:1, 2; 1 Timoteo 2:4.) Ɔkwan baako a wubetumi afa so anya nimdeɛ a ɛte saa ne sɛ wode nneɛma pɔtee bi besi hɔ na woasua ho ade.

8, 9. (a) Nneɛma bɛn na ebinom ani gye ho sɛ wobesua ho ade? (b) Mfaso bɛn na ebinom anya wɔ nneɛma a wɔasua adwinnwen ho no so?

8 Ebinom de asi wɔn ani so sɛ wobesua Bible nkɔmhyɛ ho ade. Anaasɛ wɔde nea Bible ka bɛtoto nea abakɔsɛm akyerɛwfo, nyansahufo, anaa wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ka ho. Nkɔmhyɛ baako a ɛho nhwehwɛmu yɛ anika paa ne Genesis 3:15. Saa kyerɛwsɛm no ma yehu asɛmti titiriw a ɛda Bible no so. Ɛno ne Onyankopɔn tumidi a Ahenni no bɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata, ne Onyankopɔn din ho a ɛbɛtew. Kyerɛwsɛm baako pɛ yi de kasakoa bi kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa beyi amanehunu a nnipa afa mu fi Eden besi nnɛ no afi hɔ. Wobɛyɛ dɛn asua Genesis 3:15 ho ade? Ɔkwan baako ne sɛ wobɛhyehyɛ bere a nsɛm bi sisii (time line). Wubetumi ahyehyɛ kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn de nkakrankakra daa wɔn a wɔn ho nsɛm wɔ Genesis 3:15 no adi. Wubetumi nso ahyehyɛ kyerɛw nsɛm a ɛma yehu nhyehyɛe a na Onyankopɔn nam so bɛma saa nkɔmhyɛ no abam no. Sɛ wuhu sɛnea kyerɛw nsɛm no nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ no a, ɛbɛma woahu sɛ ‘honhom kronkron na ɛkaa’ Bible akyerɛwfo ne adiyifo no.​—2 Pet. 1:21.

9 Onua bi a ɔwɔ Germany kyerɛwee sɛ: “Mmarima bɛyɛ 40 na wɔkyerɛw Bible no. Wɔn mu pii antena ase wɔ bere koro mu, na na wonnim wɔn ho mpo. Nanso, wɔn mu biara kaa biribi faa Ahenni no ho.” Onuawa bi a ɔyɛ Australiani kenkan December 15, 2013, Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi a na ɛrekyerɛkyerɛ Twam afahyɛ no mu. Ohui sɛ saa afahyɛ titiriw no fa Genesis 3:15 ne Mesia no mmae no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ade a misuae no buee m’ani ma mihui sɛ Yehowa ho yɛ nwonwa paa. Mihui sɛ Onyankopɔn yɛɛ saa nhyehyɛe no maa Israelfo no, ɛnna ebenyaa mmamu wɔ Yesu so. Ɛno maa me ho dwiriw me paa. Metenaa ase komm dwinnwen ho, na bere a mibehui sɛ, sɛɛ na aduan a wɔde di Twam afahyɛ no gyina hɔ ma nkɔmhyɛ bi no, ɛyɛɛ me nwonwa paa!” Adɛn nti na saa asɛm no kaa onuawa no koma saa? Odwinnwen nea ɔkenkanee no ho kɔɔ akyiri, na ‘ɔtee ase.’ Wei hyɛɛ ne gyidi den, na ɛma ɔbɛnee Yehowa kɛse.​—Mat. 13:23.

10. Wɔn a wɔkyerɛw Bible no dii nokware. Ɔkwan bɛn so na ɛno ma yenya nsɛm a wɔkyerɛwee no mu gyidi kɛse?

10 Ade foforo a ɛhyɛ yɛn gyidi den a yebesusuw ho ne nokware a mmarima a wɔkyerɛw Bible no dii ne akokoduru a wɔdaa no adi no. Nhoma akyerɛwfo a wɔtenaa ase tete no hoahoaa wɔn akannifo, na wɔkamfoo wɔn aman. Nanso, Yehowa adiyifo de, bere nyinaa na wɔka nokware. Mfomso a wɔn nkurɔfo ne wɔn ahemfo dii mpo, wɔkyerɛw ho asɛm. (2 Be. 16:9, 10; 24:18-22) Saa ara nso na mfomso a wɔn ankasa mpo dii ne nea Onyankopɔn asomfo foforo nso dii no, wɔamfa ansie. (2 Sam. 12:1-14; Mar. 14:50) Onua aberante bi a ɔwɔ Britain kae sɛ: “Nokwaredi a ɛte saa ho yɛ na. Wei ma yenya ahotoso paa sɛ Bible yɛ nhoma a efi Yehowa hɔ ampa.”

11. Mmofra bɛyɛ dɛn ahu sɛ mfaso wɔ Bible nnyinasosɛm so?

11 Esiane mfaso a nnipa pii anya afi Bible nnyinasosɛm so nti, wogye tom paa sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (Kenkan Dwom 19:7-11.) Onuawa ababaa bi a ɔwɔ Japan kyerɛwee sɛ: “Bere a m’abusuafo de Bible nkyerɛkyerɛ yɛɛ adwuma no, yebenyaa anigye paa. Yebenyaa asomdwoe ne ɔdɔ, na baakoyɛ baa yɛn ntam.” Bible nnyinasosɛm boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi atoro som ne gyidihunu a ɛde nnipa pii ayɛ nkoa no ho. (Dw. 115:3-8) Wiase nyansapɛ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ no, ɔhaw bɛn na ɛde aba nnipa so? Nkyerɛkyerɛ bi te sɛ adannandi ama abɔde abɛyɛ sɛ nyame bi. Wɔama abɛyɛ sɛ abɔde nso wɔ tumi a Yehowa nkutoo na ɔwɔ no bi. Wɔn a wɔka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ no kyerɛ sɛ, yɛn ankasa na yebetumi ama wiase ayɛ yiye. Nanso, wɔnyɛɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ wobetumi ama nneɛma ayɛ yiye daakye.​—Dw. 146:3, 4.

SƐNEA WUBETUMI NE NKURƆFO ASUSUW NSƐM HO

12, 13. Dɛn ne ɔkwan pa a wubetumi afa so ne wo mfɛfo sukuufo, akyerɛkyerɛfo, ne afoforo asusuw ho sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade, na Bible yɛ n’Asɛm?

12 Sɛ wo ne afoforo resusuw ho sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade na Bible yɛ n’Asɛm a, wobɛyɛ dɛn ama nsɛm a wobɛka no atɔ wɔn asom? Nea edi kan, mpere wo ho nsusuw sɛ wunim nea wogye di dedaw. Ebinom ka sɛ wogye adannandi di, nanso wɔte nka sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛyɛ wɔn sɛ Onyankopɔn nam adannandi so na ɛbɔɔ nneɛma a nkwa wom. Afoforo nso ka sɛ, nea enti a wogye adannandi di ne sɛ, sɛ ɛnyɛ nokware a anka wɔrenkyerɛkyerɛ wɔ sukuu mu. Ebinom nso koraa de, nea ama wonnye nni bio sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ, nyamesom adi wɔn huammɔ. Ɛno nti, sɛ wo ne obi resusuw nea ɛyɛe a nkwa bae ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ wudi kan bisa no nsɛm kakra. Bisa no ma ɔnkyerɛ wo nea ogye di. Sɛ woma ohu sɛ wowɔ ntease na woyɛ aso tie no a, ebia ɔno nso betie wo.​—Tito 3:2.

13 Sɛ obi kasa tia wo esiane sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade nti a, wubetumi ayɛ anifere na woama ɔno mmom akyerɛ nea enti a onnye nni sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade. Wubetumi abisa no sɛ, sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na nkwa bae? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nkwa fi adannandi mu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ abɔde a edi kan a nkwa wom no tumi yɛ ne sɛso bebree. Adufra ho ɔbenfo bi kae sɛ, nneɛma a biribi a nkwa wom behia na ama atumi ayɛ ne sɛso bebree no bi ne (1) were a ɛbɛbɔ ne ho ban, (2) sɛ́ ebetumi ayɛ n’aduan na ama anya ahoɔden, (3) akwankyerɛ a ɛbɛma atumi ahu sɛnea ɛsɛ sɛ enyin, ne (4) sɛnea ɛbɛkora nsɛm a ɛkyerɛ no sɛnea ɛsɛ sɛ enyin no so na ama atumi ayɛ bebree aka ho. Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ woyɛ nhwehwɛmu fa abɔde ketewa koraa a nkwa wom ho a, wubehu sɛ ɛyɛ nwonwa paa.”

14. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade na ɛnyɛ adannandi na nneɛma nam so bae a, dɛn na wubetumi ayɛ?

14 Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade na ɛnyɛ adannandi na nneɛma nam so bae a, wubetumi de asɛm bi a Paulo kae ayɛ adwuma. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Heb. 3:4) Ntease wɔ mfatoho a ɛte saa mu, na ɛka koma paa! Nokwasɛm ne sɛ, egye obi a onim nyansa na watumi ayɛ nneɛma a ɛboro adwene ne ntease so saa. Wubetumi nso de nhoma a ɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu adi dwuma. Onuawa bi hyiaa aberante bi. Aberante no kae sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na adannandi mmom na ogye di. Onuawa no de nhomawa mmienu a yɛadi kan aka ho asɛm no maa no. Bɛyɛ nnawɔtwe akyi no, aberante no ka kyerɛɛ onuawa no sɛ, “Afei de, migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Wei maa wɔne aberante no fii ase suaa Bible, na wabɛyɛ onua.

15, 16. Dɛn na wobɛyɛ de asakra ɔkwan a wofa so ne afoforo bɔ Bible ho nkɔmmɔ no, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ saa?

15 Sɛ wo ne obi a n’adwenem yɛ no nãã wɔ Bible ho rebɔ nkɔmmɔ a, wubetumi afa akwan a yɛasusuw ho yi so. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea onii no gye di ankasa, ne nsɛm a n’ani begye ho. (Mmeb. 18:13) Sɛ n’ani gye nyansahu ho a, wubetumi ama no nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ nyansahu ho asɛm biara a Bible ka no yɛ nokware. Ebia ɛbɛma wakɔ so atie wo. Ebinom nso wɔ hɔ a, sɛ woma wohu sɛ Bible yɛ nhoma a emu nkɔmhyɛ nyinaa bam pɛpɛɛpɛ na emu abakɔsɛm nyinaa yɛ nokware a, ebia ɛbɛka wɔn koma. Anaasɛ wubetumi atwe n’adwene asi Bible nnyinasosɛm bi a ɛma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra so. Ebi ne nea ɛwɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no.

16 Mma wo werɛ mmfi nea enti a wo ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ no. Yɛpɛ sɛ Bible mu asɛm ka wɔn koma, na ɛnyɛ sɛ yɛne wɔn begye akyinnye. Enti yɛ otiefo pa. Fi wo komam bisa nsɛm, na kasa odwo ne nidi mu, titiriw bere a wo ne mpanyimfo rekasa no. Woyɛ saa a, ebia wobetie wo. Wobehu nso sɛ, woasusuw nea wugye di ho paa. Mmerante ne mmabaa pii nyɛɛ saa. Sɛ wɔn a wɔnte asɛm ase anaa wɔn a wɔpɛ sɛ wodi wo ho fɛw wɔ nea wugye di ho bisa wo nsɛm bi a, enhia sɛ wohaw wo ho ma wɔn mmuae.​—Mmeb. 26:4.

SO NOKWARE NO MU DEN

17, 18. (a) Dɛn na ɛbɛboa wo ama woaso nokware no mu den? (b) Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Sɛ wopɛ sɛ wo gyidi yɛ den a, Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ no nko ara a wubehu nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ woyere wo ho sua Onyankopɔn Asɛm no te sɛ nea worehwehwɛ akorade a ahintaw. (Mmeb. 2:3-6) Sɛ mowɔ nnwinnade a wɔde yɛ Bible mu nhwehwɛmu wɔ mo kasa mu a, fa di dwuma yiye. Nnwinnade no bi ne Watchtower Library a ɛwɔ DVD so, Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA, Watch Tower Publications Index, ne Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu. Afei, fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa. Wubetumi de asi w’ani so sɛ wode abosome 12 bɛyɛ saa. Onyankopɔn Asɛm no a wobɛkenkan no yɛ ɔkwan baako a eye sen biara a wubetumi afa so ahyɛ wo gyidi den. Ɔmansin sohwɛfo bi kaa nea ɔyɛe wɔ ne mmofraberem ho asɛm sɛ: “Ade baako a ɛboaa me ma migye dii sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm ne sɛ, mekenkan Bible mũ no nyinaa. Ɛma metee Bible mu nsɛm a misuae wɔ me mmofraberem no ase yiye paa. Ɛno na ɛboaa me paa ma me gyidi yɛɛ den.”

18 Awofo, sɛ mo mma gyidi bɛyɛ den na wɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama a, egyina mo so kɛse. Ɛnde yemmisa sɛ, mobɛyɛ dɛn aboa mo mma ma wɔahyɛ wɔn gyidi den? Yebenya saa asɛm no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.