Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Yehowa Akwankyerɛ So Mfaso Nnɛ

Nya Yehowa Akwankyerɛ So Mfaso Nnɛ

GYINAE PA BI A WOSII WƆ POLAND

“BERE a mebɔɔ asu no, na madi mfe 15. Abosome nsia akyi no, mifii ase yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma. Meyɛɛ no afe baako, na ɛno akyi no mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Miwiee ntoaso sukuu no, mibisaa kwan sɛ mepɛ sɛ mekɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii. Ná me ne me nanabea a ɔnyɛ Yehowa Dansefo na ɛte wɔ yɛn kurom, na na mepɛ sɛ mifi hɔ. Bere a ɔmansin sohwɛfo no kae sɛ menyɛ asɛnka adwuma no wɔ me kurom hɔ ara, baabi a wɔwoo me no, me werɛ howee paa! Ɛwom, mamma wanhu sɛnea na asɛm no ahaw me de, nanso misii me ti ase fii hɔ kosusuw asɛm a ɔkae no ho. Meka kyerɛɛ onuawa a me ne no rekɔ asɛnka no sɛ: ‘Ɛyɛ me sɛ mereyɛ ayɛ m’ade sɛ Yona. Nanso, awiei koraa no, Yona kɔɔ Niniwe. Sɛ ɛte saa a, ɛnde me nso mɛsom wɔ asasesin a wɔde ama me no mu.’

“Masom sɛ ɔkwampaefo mfe nnan wɔ me kurom, na mahu paa sɛ nyansa wom sɛ mitiee akwankyerɛ a ɔmansin sohwɛfo no de maa me no. Mabehu sɛ me ara na na me suban nye. Seesei m’ani gye paa. Bosome baako ntam, mitumi yɛɛ Bible adesua 24. Yehowa adom so, me ne me nanabea a na ɔsɔre tia me no mpo fii ase suaa Bible.”

ANIGYESƐM BI A ESII WƆ FIJI

Ná ɛsɛ sɛ Bible suani bi a ɔwɔ Fiji si gyinae sɛ ɔbɛkɔ Kristofo nhyiam anaasɛ ɔne ne kunu bɛkɔ ne kunu busuani bi awodadi apontow ase. Ne kunu penee so sɛ ɔnkɔ ɔmantam nhyiam no. Bible suani no ka kyerɛɛ ne kunu sɛ, sɛ wɔpɔn nhyiam no a, ɔbɛba apontow no ase. Nanso, bere a ofii ɔmantam nhyiam no ase beduu fie no, osii gyinae sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ ɔrenkɔ apontow no ase efisɛ anhwɛ a na wakɔyɛ biribi a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam asɛe. Enti wankɔ.

Saa bere no, na ne kunu aka akyerɛ n’abusuafo sɛ, waka akyerɛ ne yere sɛ, sɛ ɔpɔn “Adansefo nhyiam” no a ɔmmra apontow no ase. Nanso, n’abusuafo no kae sɛ, “Wo yere remma da. Yehowa Adansefo nni awoda!” *

Nea efii mu bae ne sɛ, ne kunu no ani gyee gyinae a ne yere no sii no ho. Ɛyɛɛ no dɛ paa sɛ ne yere no anyɛ biribi a ɛbɛsɛe ne gyidi ne n’ahonim. Nokware a odii nti, akyiri yi otumi dii ne kunu ne afoforo adanse. Ekosii sɛn? Ne kunu no penee so sɛ wɔne no nsua Bible, na ofii ase ne ne yere no kɔɔ asafo nhyiam.

^ nky. 7 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ December 15, 2001, Ɔwɛn-Aban mu.