Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛkyerɛkyerɛ Asɛmpa no Mu Wɔ Atumfoɔ Anim

Sɛnea Yɛbɛkyerɛkyerɛ Asɛmpa no Mu Wɔ Atumfoɔ Anim

“ƆBARIMA yi yɛ anwenne a wɔapaw ama me sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman ne ahene . . . nkyɛn.” (Aso. 9:15) Awurade Yesu na ɔkaa saa asɛm yi faa Yudani barima bi a na ɔbɛyɛɛ Kristoni nkyɛe no ho. Saa ɔbarima no na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo no.

“Ahene” a na Paulo bɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn no baako ne Roma Ɔhempɔn Nero. Sɛ ɛyɛ wo na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo gyidi mu wɔ otumfoɔ a ɔte saa anim a, anka wobɛte nka sɛn? Nanso, wɔhyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ wonsuasua Paulo. (1 Kor. 11:1) Ade baako a yebetumi asuasua Paulo wom ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ mmara ho wɔ ne bere so no.

Ná Mose Mmara no na Israelfo no de yɛ adwuma wɔ wɔn man mu, na ɛno ara na na Yudafo a wɔwɔ mmaa nyinaa a wɔn ani kũ wɔn som ho de bɔ wɔn bra. Nanso, Pentekoste afe 33 Y.B. akyi no, ná ɛho nhia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa nokware mu no di Mose Mmara no so bio. (Aso. 15:28, 29; Gal. 4:9-11) Ne nyinaa mu no, Paulo ne Kristofo a wɔaka no ankasa antia Mose Mmara no. Ɛno ma wotumi dii adanse wɔ Yudafo no mu a biribiara ansiw wɔn kwan. (1 Kor. 9:20) Nokwasɛm ne sɛ, Paulo kɔɔ hyiadan mu mpɛn pii kodii wɔn a na wonim Abraham Nyankopɔn no adanse. Ná Paulo tumi ne wɔn susuw nsɛm ho fi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu.​—Aso. 9:19, 20; 13:5, 14-16; 14:1; 17:1, 2.

Asomafo no dii kan paw Yerusalem sɛ ɛhɔ na wobefi de asɛmpaka adwuma no ho akwankyerɛ ama. Wɔkyerɛkyerɛɛ daa wɔ asɔrefie hɔ. (Aso. 1:4; 2:46; 5:20) Ná Paulo taa kɔ Yerusalem, na bere bi wɔkyeree no wɔ hɔ. Ɛno na efii asɛnni a ɛde no kopuee Roma no ase.

PAULO DE ROMA MMARA YƐƐ ADWUMA

Roma atumfoɔ no buu gyidi a na Paulo reka ho asɛm no sɛn? Momma yenni kan nhwɛ sɛnea na Romafo bu nyamesom, na ɛno bɛma yɛanya saa asɛm yi ho mmuae. Ná Romafo no nhyɛ mmusuakuw a ɛhyɛ wɔn ase no mu biara sɛ wonnyae wɔn som, gye sɛ wohu sɛ ɔsom no de ɔhaw bi reba Ɔman no so anaa ɛde ɔbrasɛe bi reba.

Romafo no maa Yudafo no hokwan pii wɔ ahemman no mu. Nhoma bi a wɔato din Backgrounds of Early Christianity ka sɛ: “Ná Yudasom mufo wɔ hokwan kɛse wɔ Roma ahemman no mu. . . . Ná Yudafo no wɔ hokwan sɛ wɔsom wɔn Nyankopɔn, na na wɔnhyɛ wɔn sɛ wɔnsom Romafo no anyame. Wɔde wɔn ankasa mmara na na ɛyɛ adwuma wɔ mmeae a wɔte.” Ná wɔnhyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ sraadi nso. * Ná Roma mmara no bɔ Yudasom ho ban. Enti akyiri yi, bere a Paulo rekyerɛkyerɛ Kristosom mu akyerɛ Roma atumfoɔ no, ɔde saa hokwan no yɛɛ adwuma.

Wɔn a na wɔsɔre tia Paulo no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma ɔmanfo ne atumfoɔ no asɔre atia ɔsomafo no. (Aso. 13:50; 14:2, 19; 18:12, 13) Ɛho nhwɛso bi ni. Kristofo asafo a na ɛwɔ Yerusalem no mu mpanyimfo tee sɛ huhuhuhu bi rekɔ so wɔ Yudafo no mu. Ɛne sɛ, na ebinom rekeka sɛ Paulo rekyerɛkyerɛ nkurɔfo ama “wɔawae afi Mose ho.” Ná saa asɛm no betumi ama Yudafo a wɔaba Kristosom mu foforo no bi anya adwene sɛ Paulo mmu Onyankopɔn nhyehyɛe. Afei nso, na Sanhedrin no betumi aka sɛ Kristofo no awae afi Yudasom ho. Sɛ ɛba saa a, na wobetumi atwe Yudafo a wɔde wɔn ho abɔ Kristofo no aso. Ná wɔbɛpam wɔn afi wɔn mu na wɔabara wɔn sɛ mma wɔnka asɛmpa no wɔ asɔrefie hɔ anaa hyia adan mu. Ɛno nti, nea ɛbɛyɛ na obiara ahu sɛ nsɛm a wɔrekeka fa Paulo ho no nyɛ nokware no, asafo mu mpanyimfo no tuu Paulo fo sɛ ɔnkɔ asɔrefie hɔ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ biribi a na Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ ɔyɛ saa bere no. Ná ɛyɛ biribi a ɔyɛ nso a, ɛnto mmara.​—Aso. 21:18-27.

Paulo yɛɛ saa, na ɛma onyaa hokwan de ‘asɛmpa no ho anoyi mae, na ɔnam mmara kwan so de asɛmpa no sii hɔ.’ (Filip. 1:7) Paulo duu asɔrefie hɔ no, Yudafo no yɛɛ gyegyeegye, na na wɔpɛ sɛ wokum no. Roma sahene bi gyee Paulo fii wɔn nsam. Bere a Romafo no yɛe sɛ wɔrebɛbɔ Paulo mmaa no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ Romani. Saa asɛm a Paulo kae no ma wɔde no kɔɔ Kaesarea. Ɛhɔ na na Romafo no fi di Yudea so. Paulo nyaa hokwan soronko dii adanse akokoduru so wɔ atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no anim. Ɛno maa nkurɔfo a ebia na wɔntee Kristosom ho nsɛm pii no behuu Kristosom yiye.

Asomafo Nnwuma ti 24 ka sɛnea wodii Paulo asɛm wɔ Roma amrado Felike a na odi Yudea so no anim ho asɛm. Ná Felike ate Kristofo no gyidi ho asɛm kakra. Yudafo no kae sɛ anyɛ yiye koraa no, na Paulo ayɛ nneɛma mmiɛnsa bi a etia Romafo mmara. Wɔkae sɛ, Paulo retutu gu Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa asom sɛ wɔntew atua; odi fekuw bi a emufo ho yɛ hu anim; na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegu asɔrefie a Romafo na wɔbɔ ho ban no ho fĩ. (Aso. 24:5, 6) Ná saa kwaadu yi betumi ama wɔabu no kumfɔ.

Ɛnnɛ, ɛho hia sɛ Kristofo nyinaa hu sɛnea Paulo yɛɛ n’ade bere a wɔbɔɔ no kwaadu no. Ɔhyɛɛ ne ho so, na ɔdaa obu adi. Paulo twee adwene sii Mose Mmara no ne Adiyifo no so de kyerɛe sɛ, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsom ‘n’agyanom Nyankopɔn.’ Wɔ Romafo mmara ase no, na Yudafo nyinaa wɔ saa hokwan no. (Aso. 24:14) Bere bi akyi no, Paulo tumi kyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu kyerɛɛ amrado foforo a obedii ade a na wɔfrɛ no Porkio Festo ne Ɔhene Herode Agripa.

Awiei koraa no, nea ɛbɛyɛ na Paulo anya atɛntrenee nti, ɔkae sɛ: “Mede asɛm no dan Kaesare!” Saa bere no, Kaesare na na ɔyɛ otumfoɔ a ɔsen biara.​—Aso. 25:11.

SƐNEA WODII PAULO ASƐM WƆ KAESARE AHEMFIE

Akyiri yi, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Paulo sɛ: “Etwa sɛ wugyina Kaesare anim.” (Aso. 27:24) Ná Roma Ɔhempɔn Nero aka wɔ n’ahenni mfiase sɛ, ɛnyɛ nsɛm nyinaa na ɔno ankasa bedi. Mfe nwɔtwe a edi kan wɔ n’ahenni mu no, na ɔno ankasa ntaa nni asɛm, na mmom afoforo na na ɔma wodi. Nhoma bi a wɔato din The Life and Epistles of Saint Paul bɔ amanneɛ sɛ, bere biara a Nero bɛpene so sɛ obedi asɛm bi no, na odi wɔ n’ahemfie. Ná ɔma n’afotufo a wɔyɛ atitiriw na wɔwɔ osuahu paa na ɛboa no ma odi asɛm.

Bible nka sɛ Nero ankasa na otiee Paulo asɛm a ɔde kɔdan no no na obuu atɛn. Na saa ara nso na ɛnka sɛ Nero maa obi foforo tiee Paulo asɛm no, ɛnna akyiri yi ɔkɔbɔɔ no amanneɛ. Sɛnea ɛte biara, ɛbɛyɛ sɛ Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔsom Yudafo Nyankopɔn no, na ɔhyɛ nnipa nyinaa nkuran sɛ wɔmfa obu a ɛfata mma atumfoɔ. (Rom. 13:1-7; Tito 3:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ nkyerɛkyerɛmu a Paulo de mae wɔ asɛmpa no ho no kɔɔ yiye, efisɛ Kaesare abaguafo no gyaee Paulo.—Filip. 2:24; Filem. 22.

YƐN ADWUMA NE SƐ YƐBƐKYERƐKYERƐ ASƐMPA NO MU

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Me nti, wɔbɛtwe mo akɔ amrado ne ahene anim, na ayɛ adanse ama wɔne amanaman no.” (Mat. 10:18) Ɛyɛ hokwan sɛ yebegyina Yesu ananmu wɔ saa kwan yi so. Sɛ yɛyere yɛn ho kyerɛkyerɛ asɛmpa no mu a, yebetumi adi nkonim wɔ asɛnni mu. Nanso, gyinae a nnipa a wɔtɔ sin besi nko ara ntumi ‘mfa asɛmpa no nsi hɔ wɔ mmara kwan so’ korakora. Nhyɛso ne atɛnkyea de, Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayi afi hɔ koraa.​—Ɔsɛnk. 8:9; Yer. 10:23.

Nanso, ɛnnɛ mpo sɛ Kristofo kyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu a, wobetumi ahyɛ Yehowa din anuonyam. Sɛnea Paulo yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, yɛka yɛn nsɛm pefee, na yɛma ɛyɛ nea ɛtɔ asom. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛho renhia sɛ ‘wobedi kan adwinnwen sɛnea wobeyi wɔn ho ano, efisɛ ɔbɛma wɔn nyansa a wɔn a wɔsɔre tia wɔn nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ ngu.’​—Luka 21:14, 15; 2 Tim. 3:12; 1 Pet. 3:15.

Sɛ Kristofo kyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu wɔ ahemfo, amradofo, anaa atumfoɔ foforo anim a, ɛma wotumi di nnipa bi a anka ɛbɛyɛ den sɛ wobenya wɔn aka Kristofo asɛm no akyerɛ wɔn no adanse. Nkonim ahorow bi a yɛadi ama aman bi ayɛ nsakrae wɔ wɔn mmara mu. Wei aboa ama obiara tumi kyerɛ n’adwene, na obiara tumi de ne ho hyɛ ɔsom a ɔpɛ mu. Nanso, sɛ wɔredi Onyankopɔn asomfo asɛm na sɛ wodi ma wɔn oo, sɛ wodi tia wɔn oo, akokoduru a wɔda no adi wɔ sɔhwɛ mu no ma Onyankopɔn ani gye.

Sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu a, yɛhyɛ Yehowa din anuonyam

^ nky. 8 Nhomakyerɛwfo James Parkes kae sɛ: “Ná Yudafo no . . . wɔ hokwan sɛ wodi wɔn afahyɛ ahorow. Nanso saa hokwan a wɔde maa Yudafo no nyɛ nwonwa, efisɛ na Romafo no taa ma aman a ɛhyɛ wɔn ahemman ase no hokwan pii ma wɔn ankasa di wɔn nsɛm ho dwuma kosi baabi.”