ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM September 2017

Adesua nsɛm a yebesua October 23 kosi November 26, 2017.

Nya Ahosodi

Ɔkwan bɛn so na Bible mu nhwɛso ahorow betumi aboa yɛn ama yɛanya ahosodi? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nya ahosodi?

Suasua Yehowa Ayamhyehye

Bere bi Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Mose, na ɔmaa Mose huu Ne din ne ne suban. Suban a Onyankopɔn dii kan bɔɔ din no baako ne n’ayamhyehye. Ɛyɛ suban bɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛho hia wo?

ASETENAM NSƐM

M’ani Agye sɛ Me ne Mmarima a Wɔdɔ Yehowa Ayɛ Adwuma

David Sinclair ka anigye ne hokwan a wanya sɛ ɔne mmarima ne mmea anokwafo ayɛ adwuma mfe 61 wɔ Brooklyn Betel.

‘Yɛn Nyankopɔn Asɛm Tim Hɔ Daa’

Ɛmfa ho nsakrae a ɛba kasa mu, ɛmfa ho nsakrae a aba amanyɔsɛm mu, ɛmfa ho sɛ wɔasɔre atia Bible nkyerɛase no, wɔkyerɛw wiei akyi mfe pii mpo no, ɛno ne nhoma a wɔda so tɔ paa.

‘Onyankopɔn Asɛm, Tumi Wɔ Mu’

Nkurɔfo bebree asua Onyankopɔn Asɛm no ama wɔatumi ayɛ nsakrae pii. Sɛ Onyankopɔn Asɛm no betumi ama yɛayɛ nsakrae ɛte saa a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

‘Nya Akokoduru na Kɔyɛ Adwuma’

Adɛn nti na yehia akokoduru, na yɛbɛyɛ dɛn anya bi?