Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

M’ani Agye sɛ Me ne Mmarima a Wɔdɔ Yehowa Ayɛ Adwuma

M’ani Agye sɛ Me ne Mmarima a Wɔdɔ Yehowa Ayɛ Adwuma

ME PAPA ne me maame fi Scotland; wɔn din de James ne Jessie Sinclair. Bɛyɛ afe 1935 hɔ baabi no, wotu kɔɔ Bronx a ɛwɔ New York City. Nnipa foforo a wɔne wɔn bɔɔ amanni no baako ne Willie Sneddon; ɔno nso fi Scotland. Da a edi kan a wohyiae no, ankyɛ koraa na wɔbɔɔ amanni na wɔkaa wɔn mmusua ho asɛm. Saa asɛm no sii no, ankyɛ na wɔwoo me.

Me maame ka kyerɛɛ Willie sɛ bere a Wiase Ko I no baa awiei no, ankyɛ na me maame papa ne ne nuabarima panyin wui wɔ North Sea nsu no so. Korow a na wɔde rekoyi nam no kɔpem topae bi a ɛda nsu no mu ma nsu no faa wɔn. Willie kae sɛ, “Ɛnde, wo papa wɔ hell!” Ná Willie yɛ Yehowa Danseni. Asɛm a ɔkae no maa me maame ho dwiriw no paa, na ɛno so na ɔnam huu Bible mu nokware no.

Willie ne Liz Sneddon

Ná me maame nim sɛ ne papa yɛ onipa pa, enti asɛm a Willie kae no haw no paa. Willie san kae sɛ, “Sɛ meka kyerɛ wo sɛ Yesu nso kɔɔ Hell ɛ? Wubegye adi anaa?” Wei maa me maame kaee gyidikasɛm a wɔka wɔ asɔre no. Bere a edi kan a wɔkyerɛw gyidikasɛm no, na ɛka sɛ Yesu wui no, ɔkɔɔ hell, na ne nnansa so wonyan no. Me maame dwenee ho sɛ, ‘Sɛ hell yɛ gya a wɔyɛ abɔnefo ayayade wɔ hɔ ampa a, adɛn nti na Yesu kɔɔ hɔ?’ Wei na ɛmaa me maame ani begyee nokware no ho. Ofii ase ne Bronx Asafo no kɔɔ adesua, na ɔbɔɔ asu afe 1940.

Me ne me maame, akyiri yi me ne me papa

Saa bere no, na wɔnhyɛ da nhyɛ Kristofo a wɔyɛ awofo nkuran sɛ wɔne wɔn mma nsua Bible. Bere a meyɛ abofra no, sɛ edu Memeneda ne Kwasida na me maame rekɔ asɛnka ne adesua a, na ɔde me gya me papa. Nanso mfe kakra akyi no, sɛ Maame rekɔ adesua a, na me ne Paapa ne no kɔ. Ná Maame de nsi ne ahokeka na ɛka asɛmpa no, na ɔne nkurɔfo a wɔn ani gye Bible ho pii suaa ade. Esiane sɛ na asuafo no bi te bɛn nti, ɛtɔ da a na ɔka wɔn a ɔne wɔn sua ade no bi bom ne wɔn yɛ adesua. Sɛ sukuufo ma kwan a, na me ne me maame kɔ asɛnka. Wei ma minyaa Bible mu nimdeɛ pii, na misuaa sɛnea mede bɛkyerɛkyerɛ afoforo nso.

Bere a misua no, na mente nokware no ase yiye; ɛyɛ me yaw sɛ ɛbaa saa. Mamfa nokware no aniberesɛm. Nanso midii mfe 12 no, mifii ase bɔɔ Ahenni no ho dawuru. Efi saa bere no, mantoto asɛnka mu. Midii mfe 16 no, mihyiraa me ho so maa Yehowa, na mebɔɔ asu July 24, 1954, wɔ nhyiam bi ase wɔ Toronto, Canada.

BETEL ASETENA

Ná anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Betel ne wɔn a wɔayɛ adwuma wɔ hɔ pɛn wɔ yɛn asafo mu. Wɔboaa me paa. Sɛnea na wɔma ɔkasa na wɔkyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no kaa me koma. Ná m’akyerɛkyerɛfo pɛ sɛ mekɔ suapɔn nanso na me botae ne sɛ mɛkɔ Betel. Enti wɔ Toronto nhyiam no ase no, mede Betel akwammisa krataa kɔe. Mesan yɛɛ saa afe 1955 wɔ nhyiam a yɛyɛe wɔ Yankee Stadium, New York City no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel, September 19, 1955. Ná madi mfe 17. Mekɔɔ Betel no, ɛda a ɛto so mmienu no wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔpam nhoma wɔ 117 Adams Street. Ankyɛ koraa na wɔma mede afiri a epiapia nhoma hyehyɛ ma wɔpam yɛɛ adwuma. Ná afiri no pam nhoma a wɔahyehyɛ no nkratafa 32.

Midii mfe 17 no, mifii ase somee wɔ Brooklyn Betel

Bere a meyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔpam nhoma bosome baako no, wɔde me kɔɔ Nsɛmma Nhoma Dwumadibea efisɛ na minim sɛnea yɛbɔ typewriter. Saa bere no, sɛ obi kra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a, na anuanom mmarima ne mmea bɔ onii no address gu nnade so tintim. Abosome kakra akyi no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔhwɛ nhoma so. Klaus Jensen na na ɔda saa dwumadibea no ano. Ɔka kyerɛɛ me sɛ drɔbani de nhoma begu lɔre mu akɔ po so hyɛn gyinabea de akɔmena anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa. Obisaa me sɛ m’ani begye ho sɛ me ne no bɛkɔ anaa. Afei nso na nsɛmma nhoma gu nkotoku mu a yɛde rebɛkɔ posɔfese akɔmena asafo ahorow a ɛwɔ United States nyinaa. Onua Jensen kae sɛ adwumaden bɛboa me paa. Ná me mu duru yɛ nkaribo 125 (kilogram 57), na na meyɛ teaa te sɛ dorobɛn. Nhoma a na yɛde kɔ po so hyɛn gyinabea ne posɔfese no boa maa me ho yɛɛ den. Ná onua Jensen nim nea ɛbɛboa me ampa!

Nsɛmma Nhoma Dwumadibea no ara nso na na ɛyɛ nsɛmma nhoma a asafo ahorow no kra ho adwuma. Enti mihuu kasa ahorow a na wotintim nsɛmma nhoma wom wɔ Brooklyn de kɔ wiase baabiara. Kasa yi pii wɔ hɔ a na mentee da, nanso m’ani gyei sɛ yɛde nsɛmma nhoma mpempem pii kɔɔ wiase afanan nyinaa. Saa bere no, na minnim sɛ akyiri yi menya hokwan akɔsrasra saa aman no mu pii.

Me ne Robert Wallen, Charles Molohan, ne Don Adams

Afe 1961 no, wɔmaa me ne onua Grant Suiter a na ɔhwɛ sikasɛm so kɔyɛɛ adwuma. Mfe kakra bi akyi no, Nathan Knorr frɛɛ me kɔɔ ne ɔfese. Saa bere no, ɔno na na odi ɔsom adwuma no anim wɔ wiase nyinaa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ ne ɔfese no baako rebɛkɔ Ahenni Som Sukuu bosome baako. Owie a, ɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Ɔma mikosii n’anan, na me ne Don Adams yɛɛ adwuma. Anwonwasɛm ne sɛ Don na ogyee me Betel akwammisa krataa wɔ afe 1955 nhyiam no ase. Ná Onua Robert Wallen ne Onua Charles Molohan yɛ adwuma wɔ saa ɔfese hɔ ara. Yɛn baanan no yɛɛ adwuma bɛboro mfe 50. M’ani agye paa sɛ me ne mmarima anokwafo a wɔdɔ Yehowa saa ayɛ adwuma!—Dw. 133:1.

Mifii dantaban sohwɛfo nsrahwɛ ase afe 1970; midii kan kɔɔ Venezuela

Efi afe 1970 no, afe anaa mfe mmienu biara, na wɔma mede nnawɔtwe kakra kɔsrasraa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow. Saa bere no, na wɔfrɛ no dantaban sohwɛfo nsrahwɛ. Ná wɔn a wɔsoma wɔn no kɔsrasra Betel mmusua ne asɛmpatrɛwfo wɔ wiase nyinaa hyɛ anuanom gyidi den, na na wɔhwɛ baa dwumadibea no nkrataa mu nso. Sɛ mekɔ a, na mihyia anuanom a wodii kan kɔɔ Gilead Sukuu a wɔda so ara resom wɔ amannɔne no bi. Ná wei ma m’ani gye paa! Saa adwuma yi de me akɔ aman bɛboro 90 so; ɛyɛ hokwan ne anigyesɛm paa.

M’ani agye sɛ makɔsra anuanom wɔ aman bɛboro 90 so!

MINYAA ƆHOKAFO A ƆYƐ ƆNOKWAFO

Anuanom a na wɔyɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel nyinaa no, na wɔde wɔn kɔ asafo ahorow a ɛwɔ New York City mpɔtam hɔ. Wɔde me kɔɔ asafo bi mu wɔ Bronx. Asafo a wodii kan tewee wɔ mpɔtam hɔ no, na adɔ ama wɔakyɛ mu. Asafo a wodii kan tewee no, wɔfrɛɛ no Upper Bronx; ɛhɔ na wɔde me kɔe.

Bɛyɛ afe 1965 hɔ baabi no, abusua bi a wofi Latvia bɛyɛɛ Adansefo wɔ Bronx anafo, na wotu baa Upper Bronx Asafo no asasesin mu. Wɔn babea panyin a wɔfrɛ no Livija wiee ntoaso sukuu ara pɛ na ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Abosome kakra akyi no, otu kɔɔ Massachusetts kɔboaa baabi a Ahenni adawurubɔfo nnɔɔso. Mifii ase kyerɛw no kaa nea ɛrekɔ so wɔ asafo no mu kyerɛ no, na ɔno nso kyerɛw kaa nkɔso a wanya wɔ asɛnka mu wɔ Boston mpɔtam hɔ kyerɛɛ me.

Me ne Livija

Mfe kakra akyi no, wɔpaw Livija sɛ ɔkwampaefo titiriw. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara wɔ Yehowa som mu. Enti ɔhyehyɛɛ Betel akwammisa krataa, na afe 1971 no, wɔfrɛɛ no baa Betel. Wei deɛ wohwɛ a, na ayɛ sɛ Yehowa nsa wom! Yɛwaree October 27, 1973. Yenyaa hokwan ma Onua Knorr maa yɛn ayeforohyia kasa. Mmebusɛm 18:22 ka sɛ: “Woanya ɔyere pa anaa? Ɛnde woanya adepa, woanya Yehowa anim dom.” Me ne Livija anya hokwan abom asom wɔ Betel bɛboro mfe 40 ni. Yɛda so ara reboa asafo bi a ɛwɔ Bronx mpɔtam hɔ ara.

ME NE KRISTO NUANOM DE MMATI KORO ASOM

Nokwasɛm ne sɛ m’ani gyei sɛ me ne Onua Knorr yɛɛ adwuma. Ná okum ne ho ma nokware no, na na ɔwɔ anisɔ kɛse ma asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ wiase baabiara. Asɛmpatrɛwfo no pii wɔ hɔ a, bere a wɔde wɔn kɔɔ aman bi so no, na Adansefo biara nni hɔ. Onua Knorr nyaa kokoram afe 1976. Mehwɛ sɛnea na ɔrebrɛ no a, me werɛ howee paa. Eduu baabi no na waka mpa mu, enti da bi ɔka kyerɛɛ me sɛ menkenkan nhoma bi a na wɔrebetintim nkyerɛ no. Ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔfrɛ Frederick Franz na ɔno nso mmetie akenkan no bi. Esiane sɛ na Onua Franz ani ayɛ wusiwusi nti, akyiri yi mibehui sɛ sɛɛ na Onua Knorr gye bere kenkan nneɛma a ɛte saa kyerɛ no.

Me ne Daniel ne Marina Sydlik kɔyɛɛ dantaban sohwɛfo nsrahwɛ afe 1977

Onua Knorr wui afe 1977, nanso wɔn a na wonim no na wɔdɔ no no nyaa awerɛkyekye, efisɛ odii nokware kosii sɛ owiee ne som adwuma wɔ asase so. (Adi. 2:10) Ɛno akyi no, Onua Franz na odii ɔsom adwuma no anim.

Eduu saa bere no, me na na meyɛ Milton Henschel kyerɛwfo. Ná Onua Henschel ne Onua Knorr ayɛ adwuma mfe pii. Onua Henschel ka kyerɛɛ me sɛ seesei adwuma titiriw a mɛyɛ ne sɛ mɛboa Onua Franz wɔ biribiara a ohia mu. Daa na mekenkan nhoma mu kyerɛ no ansa na wɔatintim. Ná Onua Franz adwene kyere ade ma ɛyɛ nwonwa. Afei nso, sɛ merekenkan ade a, na otumi de n’adwene di akyiri paa. Ɛyɛ me anigye paa sɛ meboaa no ara kosii sɛ owiee ne som adwuma wɔ asase so December 1992!

124 Columbia Heights; meyɛɛ adwuma wɔ hɔ mfe pii

Mfe 61 a madi wɔ Betel no akɔ ntɛm wɔ m’ani so. M’awofo som Yehowa nokwarem kosii sɛ wowui. Mehwɛ kwan sɛ mɛyɛ wɔn awaawaa atuu aba wiase papa bi mu. (Yoh. 5:28, 29) Manya hokwan ne mmarima ne mmea anokwafo a wɔyɛ adwuma ma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ayɛ dwuma. Saa hokwan a manya yi kyɛn biribi foforo biara a metumi anya wɔ wiase dedaw yi mu. Mfe pii a me ne Livija de ayɛ bere nyinaa som adwuma no, yebetumi aka paa sɛ ‘Yehowa mu anigye ayɛ yɛn abannennen.’—Neh. 8:10.

Yehowa ahyehyɛde mu no, ɔsom adwuma no nnyina onipa biara so, na yegu so retrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ manya hokwan ne mmarima ne mmea anokwafo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden pii ayɛ adwuma mfe bebree. Anuanom a wɔasra wɔn a me ne wɔn yɛɛ adwuma no mu dodow no ara nni asase so ha bio. M’ani sɔ paa sɛ me ne anokwafo a wɔdɔ Yehowa abom ayɛ Yehowa som adwuma.