Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Ahosodi

Nya Ahosodi

‘Honhom no aba ne ahosodi.’GAL. 5:22, 23.

NNWOM: 121, 36

1, 2. (a) Sɛ obi antumi anni ne ho so a, dɛn na ɛde ba? (b) Adɛn nti na ehia sɛ yesusuw ahosodi ho nnɛ?

AHOSODI yɛ suban pa. (Gal. 5:22, 23) Yehowa tumi di ne ho so korakora. Nanso nnipa deɛ yɛnyɛ pɛ, enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi yɛn ho so. Nokwasɛm ne sɛ, ahosodi a nnipa nni nti, ɛma yehyia ɔhaw pii. Sɛ obi antumi anni ne ho so a, ebetumi ama wayɛ mmɔtohɔ, na sɛ ɔkɔ sukuu a, ɔrentumi nsua ade yiye. Ɔkɔ adwuma nso a ɔrentumi nyɛ adwuma yiye. Ebetumi ama obi adidi nkurɔfo atɛm, wawe nsa, wayɛ basabasa, anaa ama n’aware mpo agu. Ebetumi nso ama wakɔfa ɛka bɔne abegu ne so, ebetumi ama subammɔne bi aka ne hɔ, wakɔda afiase, wadi awerɛhow, wanya nna mu yare, wanyinsɛn bere a ɔmpɛ, ne nea ɛkeka ho.—Dw. 34:11-14.

2 Nnipa a wonni ahosodi kɔfa ɔhaw bɛto wɔne afoforo so. Ade rekye a ade resa nyinaa no, nkurɔfo ntumi nni wɔn ho so koraa. Afe 1940 besi afe 1949 mu hɔ no, wɔyɛɛ sɛnea nnipa tumi hyɛ wɔn ho so ho nhwehwɛmu. Wɔayɛ saa nhwehwɛmu no ara bi nnansa yi, na abɛda adi sɛ, sɛnea nnipa ntumi nhyɛ wɔn ho so no agye nsam koraa. Wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm deɛ, wei nyɛ wɔn nwonwa efisɛ Bible kae sɛ ade baako a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri mu” ne sɛ nnipa ‘rentumi nni wɔn ho so.’—2 Tim. 3:1-3.

3. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nya ahosodi?

3 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ahosodi? Yɛnhwɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, abɛda adi sɛ nnipa a wotumi hyɛ wɔn ho so ntaa nhyia ɔhaw pii. Wɔwɔ ntoboase, wotumi ne afoforo bɔ yiye, wɔn bo mfuw ntɛmntɛm, na wɔmma dadwen nhyɛ wɔn so te sɛ wɔn a wonni ahosodi no. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn anim dom a, gye sɛ yɛko tia sɔhwɛ na yɛhyɛ yɛn ho so wɔ akɔnnɔ bɔne ho. Adam ne Hawa ahwease no ma yehu sɛ asɛm a yɛreka yi yɛ nokwasɛm paa. (Gen. 3:6) Efi saa bere no, nnipa bebree anni wɔn ho so, na wei akɔfa awerɛhosɛm pii abrɛ wɔn.

4. Sɛ ɛyɛ den ma obi sɛ obedi ne ho so a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ no nkuran?

4 Onipa a ɔtɔ sin biara nni hɔ a obetumi adi ne ho so pɛpɛɛpɛ. Yehowa nim sɛ ɛnyɛ mmerɛw mma n’asomfo sɛ wobedi wɔn ho so, enti ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn ma wodi akɔnnɔ bɔne so. (1 Ahe. 8:46-50) Yehowa yɛ yɛn Adamfo na ɔdɔ yɛn. Enti sɛ obi pɛ sɛ ɔsom no na ɛyɛ den ma no sɛ obedi ne ho so wɔ nneɛma bi mu a, ɔhyɛ no nkuran. Momma yɛnhwɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a Yehowa ayɛ ama yɛn. Afei yɛbɛhwɛ Bible mu nhwɛso ahorow bi. Yebehu sɛ ebinom dii wɔn ho so, na ebinom nso anni wɔn ho so. Yɛbɛsan ahwɛ nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi yɛn ho so yiye.

YEHOWA AYƐ NHWƐSO

5, 6. Sɛ yɛka ahosodi a, nhwɛso bɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn?

5 Yehowa ahosodi deɛ asɛm biara nni ho; odi ne ho so pɛpɛɛpɛ efisɛ ne biribiara a ɔyɛ yɛ pɛ. (Deut. 32:4) Nanso yɛn deɛ, yɛnyɛ pɛ. Ɛwom saa, nanso nea ɛbɛboa yɛn ama yɛate ahosodi ase yiye no, ehia sɛ yesusuw nhwɛso a Yehowa ayɛ ho. Wei bɛma yɛatumi asuasua no yiye. Yehowa dii ne ho so wɔ nneɛma bi ho. Ebi ne dɛn?

6 Satan senee ne kɔn tew Yehowa so atua. Wo deɛ hwɛ sɛnea Yehowa dii ne ho so. Ná Yehowa ntumi ntena hɔ nhwɛ no saa ara. Nea Ɔbonsam yɛe no, ɛmaa Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ soro no ho dwiriw wɔn, wɔn bo fuwii, na wohui sɛ Ɔbonsam ayɛ aniammɔho. Sɛ wohwɛ amanehunu a Satan ama yɛrefa mu a, ebia wo nso wote nka saa ara. Nanso Yehowa ampere ne ho wɔ asɛm no ho. Ɔtɔɔ ne bo ase, na ɛfata paa sɛ ɔyɛɛ saa. Yehowa bo kyɛ fuw, enti bere a Satan tew atua no, obuu atɛn a ɛfata. (Ex. 34:6; Hiob 2:2-6) Adɛn ntia? Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, mmom “ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra,” enti wama bere atwam.—2 Pet. 3:9.

7. Yɛhwɛ nea Yehowa ayɛ a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

7 Sɛnea Yehowa di ne ho so no ma yehu sɛ, yɛn nso ansa na yebebue yɛn ano aka asɛm bi no, ɛsɛ sɛ yedwen ho yiye; ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho yɛ biribiara. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae bi a ɛho hia a, gye bere susuw ho yiye na ama woasi gyinae pa. Bɔ mpae hwehwɛ nyansa a wode bɛkasa anaa wode bɛyɛ nea ɛfata. (Dw. 141:3) Sɛ yɛn bo fuw a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ ade ama atra so. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yɛaka asɛm bi anaa yɛayɛ biribi ma akyiri yi yɛanu yɛn ho!—Mmeb. 14:29; 15:28; 19:2.

ONYANKOPƆN ASOMFO NHWƐSO—PAPA NE BƆNE

8. (a) Ɛhe na yebehu nnipa bi a wodii wɔn ho so ho asɛm? (b) Potifar yere yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛdaadaa Yosef. Dɛn na amma Yosef antɔ n’afiri mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Bible ma yehu sɛ nnipa bi tumi hyɛɛ wɔn ho so. Ɔkwan bɛn so na wɔn asɛm no ma yehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛhyɛ yɛn ho so? Ebia wokae nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a wotumi hyɛɛ wɔn ho so bere a wohyiaa sɔhwɛ. Wɔn mu baako ne Yakob ba Yosef. Ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Potifar fie. Ná Potifar yɛ Farao awɛmfo so panyin. Bere a Yosef yɛ akoa wɔ hɔ no ɔhyɛɛ ne ho so. Esiane sɛ na Yosef yɛ “ɔbarima hoɔfɛfo fi soro besi fam” nti, Potifar yere tuu n’ani sii ne so. Ɔbea no yɛe ara sɛ ɔbɛdaadaa no; ɔyɛɛ saa mpɛn pii. Nanso dɛn na amma Yosef antɔ ɔbea no afiri mu? Ɛbɛyɛ sɛ Yosef gyee bere dwinnwen asɛm no ho hui sɛ, sɛ ogyaagyaa ne ho a, asɛm bɛto no. Bere a ɔbea no soo Yosef atade mu no, Yosef guanee. Ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”—Gen. 39:6, 9; kenkan Mmebusɛm 1:10.

9. Dɛn na wubetumi ayɛ de asiesie w’adwene ako atia sɔhwɛ?

9 Dɛn na yesua fi Yosef asɛm no mu? Ade baako ne sɛ, sɛ biribi yɛ yɛn sɛ yemmu Onyankopɔn mmara so a, ebehia sɛ yeguan fi ho. Ansa na ebinom rebɛyɛ Adansefo no, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyae adidi mmoroso, asanom ntraso, sigaretnom, nnubɔnenom, aguamammɔ, ne nea ɛkeka ho. Ebinom mpo deɛ wɔn asubɔ akyi no, ɛtɔ da a biribi yɛ wɔn sɛ wɔnsan nkɔ wɔn dedaw mu. Sɛ biribi retwetwe wo sɛ bu Yehowa mmara so a, gye bere dwinnwen asɛm no ho yiye. Efisɛ woanni akɔnnɔ bɔne no so a, ebetumi asɛe wo ne Yehowa ntam. Nea wubetumi ayɛ ne sɛ, wubedi kan ahwɛ tebea bi a ebetumi ayɛ sɔhwɛ ama wo na woahwɛ nea wobɛyɛ na woantɔ mu. (Dw. 26:4, 5; Mmeb. 22:3) Sɛ ɛba sɛ wuhyia sɔhwɛ bi saa a, srɛ Yehowa na ɔmma wo nyansa na ama woatumi adi wo ho so.

10, 11. (a) Dɛn na mmabun pii hyia wɔ sukuu? (b) Dɛn na ebetumi aboa Kristofo a wɔyɛ mmabun ama wɔako atia ɔbrabɔne?

10 Sɔhwɛ a Yosef hyiae no, Kristofo mmabun pii rehyia bi nnɛ. Yɛnhwɛ ɔhaw a Kim hyiae. Ná ne sukuufo pii de wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu. Sɛ wɔba sukuu a, ɔbarima ne ɔbea nna a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu Memeneda ne Kwasida no, na wɔka de hoahoa wɔn ho. Kim deɛ, na onni asɛm bi a ɛte saa a ɔbɛka. Ɔkae sɛ, esiane sɛ ɔnyɛ nea ne mfɛfo yɛ no bi nti, ɛtɔ da a ɛma ɔte nka sɛ wayɛ “ankonam na wɔayi ne baako ahyɛ ne nsa.” Ɛyɛ a ne mfɛfo no bu no sɛ wagyimi efisɛ onni ɔbarima biara a ɔne no pue. Nanso na Kim nim sɛ nna ho akɔnnɔ ano yɛ den wɔ mmabun pii mu. Enti nyansa wom sɛ Kim ne ɔbarima biara ampue. (2 Tim. 2:22) Ná ne sukuufo taa bisa no sɛ ɔda so yɛ ɔbaabun anaa. Ɛba saa a, nea enti a ɔne obiara nna no, na onya kwan kyerɛkyerɛ mu. Kristofo mmabun a wɔasi wɔn bo sɛ wɔne obiara nna no, yɛn ani gye wɔn ho, na Yehowa nso ani gye wɔn ho paa!

11 Bible ma yehu nnipa bi a wɔantumi anni wɔn ho so wɔ aguamammɔ ho. Wei yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Ɛsan nso ma yehu sɛ, sɛ obi anni ne ho so wɔ aguamammɔ ho a, ɛde nsunsuanso bɔne na ɛba. Mmebusɛm ti 7 ka aberante bi a onnim nyansa ho asɛm. Sɛ obi rehyia ɔhaw a Kim hyiae no bi a, ɛsɛ sɛ odwinnwen aberante no asɛm no ho paa. Afei nso, dwinnwen nea Amnon yɛe ne nsunsuanso bɔne a efii nea ɔyɛe mu bae no ho. (2 Sam. 13:1, 2, 10-15, 28-32) Awofo, sɛ moreyɛ abusua som a, mubetumi asusuw Bible mu nsɛm a yɛaka ho asɛm yi ho. Wei bɛboa mo mma ama wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ɔbarima ne ɔbea ayɔnkofa ho na ama wɔatumi adi wɔn ho so.

12. (a) Dɛn na Yosef yɛe de hyɛɛ ne ho so bere a ohuu ne nuanom no? (b) Tebea ahorow bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so?

12 Yɛnsan nhwɛ Yosef bio. Bere foforo nso, odii ne ho so. Ná Yosef pɛ sɛ ohu nea ɛwɔ ne nuanom komam, enti bere a wobepuee n’anim wɔ Egypt sɛ wɔrebɛtɔ aduan no, wanyi ne ho adi ankyerɛ wɔn. Afei eduu baabi no, na ontumi nhyɛ ne ho so bio, enti ɔkɔhyɛɛ baabi sui. (Gen. 43:30, 31; 45:1) Sɛ wo yɔnko Kristoni anaa wo dɔfo bi yɛ biribi ma ɛhaw wo a, wubetumi asuasua Yosef na woadi wo ho so. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo na woanyɛ biribi a akyiri yi wubenu wo ho. (Mmeb. 16:32; 17:27) Sɛ wɔatu wo busuani bi a, ehia sɛ wohyɛ wo ho so na wo ne no ammɔ, gye sɛ asɛm bi a ɛho hia paa asɔre. Ɛnna fam sɛ wobɛhyɛ wo ho so wɔ tebea a ɛte saa mu. Nanso sɛ yenim sɛ nea yɛreyɛ no, saa na Onyankopɔn pɛ na yɛredi ne mmara so a, ɛrenyɛ den mma yɛn.

13. Dɛn na yebetumi asua afi Ɔhene Dawid asɛm no mu?

13 Bible ma yehu nhwɛso a Ɔhene Dawid yɛe. Ná Dawid wɔ tumi paa nanso bere a Saul ne Simei hyɛɛ no abufuw no, wamfa mmara no anhyɛ ne nsam. (1 Sam. 26:9-11; 2 Sam. 16:5-10) Wei nkyerɛ sɛ Dawid tumi hyɛɛ ne ho so bere nyinaa. Nea ɛma yehu saa ne bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe ne sɛnea odii kan yɛɛ n’ade bere a Nabal yɛɛ pɛsɛmenkominya no. (1 Sam. 25:10-13; 2 Sam. 11:2-4) Nanso yebetumi asua biribi pa afi Dawid hɔ. Nea edi kan, ehia sɛ ahwɛfo a wɔwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu hwɛ yiye paa sɛ wobedi wɔn ho so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa tumi a wɔwɔ no nni dwuma ɔkwammɔne so. Nea ɛto so mmienu, ɛnsɛ sɛ obiara gye ne ho di dodo sɛ ɔno deɛ sɔhwɛ biara rentumi no.—1 Kor. 10:12.

NEA WUBETUMI AYƐ

14. Dɛn na ɛtoo onua bi, na adɛn nti na ehia sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ tebea a ɛte saa mu?

14 Dɛn na wobɛyɛ na ama woatumi adi wo ho so yiye? Momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii paa. Drɔbani bi de ne kar kɔbɔɔ Luigi kar to. Drɔbani no a n’asɛm nyɛ dɛ no mmom didii Luigi atɛm, na na ɔpɛ sɛ ɔne no ko mpo. Luigi bɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ ɔmmoa no mma ɔnhyɛ ne ho so, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo drɔbani no bo nanso ankosi hwee. Luigi kyerɛw drɔbani no nsiakyibaa ho nsɛm na ofii hɔ kɔe, nanso na drɔbani no da so gyina hɔ reteɛteɛm. Nnawɔtwe baako akyi no, na Luigi rekɔ ɔbea bi hɔ akɔyɛ sankɔhwɛ. Ohui sɛ sɛɛ na ɔbea no kunu ne drɔbani a ɔde kar bɔɔ ne kar to no! Ɔbarima no ani wui, na ɔpaa Luigi kyɛw. Ɔbarima no kae sɛ obehu adwumakuw a wɔhwɛ Luigi nsiakyibaa ho nsɛm so ma wɔayɛ ne kar no ama no ntɛm. Ɔbarima no tiee Bible mu nkɔmmɔ no bi na n’ani gyee ho. Wei maa Luigi hui sɛ eye paa sɛ ɔhyɛɛ ne ho so bere a akwanhyia no sii, na ohui nso sɛ sɛ ne bo fuwii a, anka ebetumi ahaw adwene paa.—Kenkan 2 Korintofo 6:3, 4.

Sɛ yɛhyɛ yɛn ho so oo, yɛanhyɛ yɛn ho so oo, ebetumi aka yɛn asɛnka adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 14)

15, 16. Sɛ wo ne w’abusua sua Bible a, sɛn na ɛbɛboa mo ama moanya ahosodi?

15 Sɛ Kristofo bɔ mmɔden sua ade daa a, ɛbɛboa wɔn ma wɔanya ahosodi. Kae sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na mmom kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so. Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.” (Yos. 1:8) Sɛ wusua Bible a, ɛbɛyɛ dɛn na atumi aboa wo ama woanya ahosodi?

16 Ɛde besi ha yi, Bible mu nhwɛso ahorow ama yɛahu sɛ sɛ yedi yɛn ho so a, mfaso wɔ so, ɛnna sɛ yɛanni yɛn ho so nso a ɛde nsunsuanso bɔne ba. Biribi nti na Yehowa ma wɔkyerɛw saa nsɛm yi too hɔ. (Rom. 15:4) Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkenkan, yesua, na yedwinnwen ho! Bɔ mmɔden hu sɛnea ɛfa wo ne w’abusua ho. Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na fa afotu a ɛwɔ n’Asɛm no mu bɔ wo bra. Sɛ wuhu sɛ wunni ahosodi wɔ biribi mu a, gye tom. Afei bɔ ho mpae na yere wo ho yɛ ho adwuma. (Yak. 1:5) Sɛ woyɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma mu a, ebetumi aboa wo ama woanya afotu pa a ɛbɛboa wo.

17. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔanya ahosodi?

17 Mobɛyɛ dɛn aboa mo mma ama wɔanya ahosodi? Awofo nim sɛ wɔamfa ahosodi anwo wɔn mma. Enti sɛ mmofra benya saa suban yi ne suban pa foforo biara a, gye sɛ awofo yɛ nhwɛso ma wɔn. (Efe. 6:4) Enti sɛ muhu sɛ ɛyɛ den ma mo mma sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho so a, mummisa mo ho sɛ moreyɛ nhwɛso pa anaa. Sɛ mokɔ asɛnka ne asafo nhyiam daa, na moyɛ abusua som daa a, ebetumi aboa mo mma paa. Sɛ mo mma ka sɛ monyɛ biribi mma wɔn na muhu sɛ ɛho nhia a, ɛnsɛ sɛ musuro sɛ mobɛka akyerɛ wɔn sɛ ɛrenyɛ yiye! Yehowa maa Adam ne Hawa huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ; na ɛno bɛma wɔanya obu ama Yehowa tumidi. Saa ara nso na sɛ awofo teɛ wɔn mma so na wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn a, ebetumi ama mmofra no anya ahosodi. Nneɛma a mfaso wɔ so a mubetumi de adua mo mma mu no bi ne sɛ mobɛma wɔanya obu ama Onyankopɔn tumidi na wɔadi ne mmara so.—Kenkan Mmebusɛm 1:5, 7, 8.

18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpaw yɛn ayɔnkofo nyansam?

18 Sɛ yɛyɛ awofo oo, yɛnyɛ awofo oo, ɛsɛ sɛ yɛpaw yɛn ayɔnkofo nyansam. Hwehwɛ nnamfo a wɔbɛhyɛ wo nkuran ama wode botae pa asisi w’ani so na woankɔtɔ ɔhaw mu. (Mmeb. 13:20) Nnamfo a wɔdɔ Yehowa nhwɛso pa betumi aboa wo, na ɛbɛma woasuasua wɔn na wo nso woatumi adi wo ho so. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn nso besua wo suban pa no. Ahosodi a wubenya no yɛ ade titiriw a ɛbɛma woanya Onyankopɔn anim dom da biara, na wo ne w’adɔfo abom agye mo ani.