Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Nya Akokoduru na Kɔyɛ Adwuma’

‘Nya Akokoduru na Kɔyɛ Adwuma’

“Nya akokoduru, yɛ den na keka wo ho [anaa kɔyɛ adwuma no]. Nsuro, na mmɔ hu nso, na Yehowa Nyankopɔn, . . . ka wo ho.”—1 BE. 28:20.

NNWOM: 38, 34

1, 2. (a) Adwuma titiriw bɛn na Yehowa de hyɛɛ Solomon nsa? (b) Adɛn nti na na Dawid redwen Solomon ho?

YEHOWA ka kyerɛɛ Solomon sɛ ɔnhwɛ mma wonsi Yerusalem asɔrefie no. Adan a ɛho hia sen biara a wɔasisi wɔ wiase no, saa dan no ka ho. Ɔdan a wɔrebesi no, na ɛbɛyɛ ‘kokuroo na ayɛ fɛ na anya din wɔ asase nyinaa so.’ Nea ehia paa no, na asɔrefie no bɛyɛ “nokware Nyankopɔn Yehowa fie.” Solomon na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ ɔdan no si so.—1 Be. 22:1, 5, 9-11.

2 Ná Ɔhene Dawid wɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛboa Solomon, nanso na Solomon yɛ “abofra, na ɔyɛ mmerɛw,” anaa onni osuahu. Yemmisa sɛ, na Solomon benya akokoduru de asi asɔrefie no? Esiane sɛ na Solomon yɛ abofra na onni osuahu nti, na ɛbɛyɛ den sɛ obesi asɔrefie no anaa? Sɛ obetumi asi a, na ebehia sɛ onya akokoduru na ɔkɔyɛ adwuma no.

3. Akokoduru ho ade bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Solomon suaa fii ne papa hɔ?

3 Ɛbɛyɛ sɛ Solomon suaa akokoduru ho ade pii fii ne papa hɔ. Bere a Dawid yɛ abofra no, nkekaboa bɛkyeree ne papa nguan na ɔne mmoa no ko gyee wɔn. (1 Sam. 17:34, 35) Dawid daa akokoduru kɛse adi bere a ɔne ɔsraani tenten bi a ne ho yɛ den na ne ho yɛ hu koe no. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn boaa Dawid ma ɔde ɔbo bi a ɛho akokwaw kum Goliat.—1 Sam. 17:45, 49, 50.

4. Adɛn nti na na ehia sɛ Solomon nya akokoduru?

4 Akyiri yi, Dawid hyɛɛ Solomon nkuran sɛ onnya akokoduru na onsi asɔrefie no. Ɛfata paa sɛ Dawid yɛɛ saa! (Kenkan 1 Beresosɛm 28:20.) Sɛ Solomon annya akokoduru a, ehu nti anka ɔrentumi nsi dan no. Ɛbaa saa a, anka ɛbɛhaw no paa asen sɛ obesi na wantumi ansi no yiye.

5. Adɛn nti na yehia akokoduru?

5 Ná Solomon hia Yehowa mmoa na ama wanya akokoduru, saa ara na yɛn nso yehia Yehowa mmoa na ama yɛanya akokoduru de ayɛ ɔsom adwuma no. Ɛno nti, momma yɛnhwɛ nea nnipa bi yɛe tete no de kyerɛe sɛ wɔwɔ akokoduru. Afei yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn nso yebenya akokoduru de ayɛ yɛn som adwuma.

NEA EBINOM YƐ DE KYERƐE SƐ WƆWƆ AKOKODURU

6. Akokoduru a Yosef daa no adi no, dɛn na w’ani gye ho wɔ ho?

6 Yɛnhwɛ akokoduru a Yosef daa no adi bere a na Potifar yere pɛ sɛ ɔne no bɔ aguaman no. Ɛbɛyɛ sɛ na Yosef nim sɛ sɛ ɔne ɔbea no anna a, na obetumi ama wɔakum no mpo. Wei mpo amma Yosef annyae ne ho amma ɔbea no, na mmom onyaa akokoduru guanee.—Gen. 39:10, 12.

7. Ka akokoduru a Rahab nyae no ho asɛm. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Obi a ɔno nso daa akokoduru adi ne Rahab. Bere a Israel akwansrafo kɔɔ ne fie wɔ Yeriko no, na anka ehu betumi aka no ama wapam wɔn. Nanso Yehowa mu ahotoso a na ɔwɔ nti, onyaa akokoduru de mmarima mmienu no siei, na ɔboaa wɔn ma woguanee a bɔne biara anto wɔn. (Yos. 2:4, 5, 9, 12-16) Rahab gye toom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no. Onyaa gyidi sɛ Yehowa de asase no bɛma Israelfo no. Rahab amma nnipa ho suro anhyɛ ne so. Yeriko hene ne ne mpanyimfo mpo, wansuro wɔn. Mmom, ɔyɛɛ n’ade akokoduru so de gyee ɔne ne fiefo nkwa.—Yos. 6:22, 23.

8. Akokoduru a Yesu daa no adi no boaa asomafo no sɛn?

8 Yesu asomafo anokwafo no nso, wɔdaa akokoduru kɛse adi. Wohuu akokoduru a Yesu daa no adi no. (Mat. 8:28-32; Yoh. 2:13-17; 18:3-5) Wei boaa wɔn ma wɔn nso nyaa akokoduru. Bere a Sadukifo no kae sɛ mma asomafo no nkyerɛkyerɛ Yesu din mu bio no, asomafo no antie wɔn.—Aso. 5:17, 18, 27-29.

9. Ɔkwan bɛn so na 2 Timoteo 1:7 boa ma yehu nea ɛma yenya akokoduru?

9 Yosef, Rahab, Yesu, ne asomafo no sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Akokoduru a wonyae no nkyerɛ sɛ na wogye wɔn ho di dodo. Mmom Yehowa na wɔde wɔn ho too no so. Yɛn nso ɛtɔ da a yehyia tebea bi a ehia sɛ yenya akokoduru. Ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Kenkan 2 Timoteo 1:7.) Yɛnhwɛ sɛnea ehia sɛ yenya akokoduru wɔ yɛn abusua mu ne asafo no mu.

TEBEA AHOROW A EHIA SƐ YENYA AKOKODURU

10. Adɛn nti na Kristofo a wɔyɛ mmabun hia akokoduru?

10 Mmabun a wɔyɛ Kristofo hyia tebea ahorow pii a ehia sɛ wonya akokoduru de som Yehowa. Solomon nyaa akokoduru sisii gyinae pa de sii asɔrefie no wiei; mmabun betumi asuasua nea ɔyɛe no. Kristofo a wɔyɛ mmabun awofo betumi ama wɔn akwankyerɛ, na ɛsɛ sɛ wogye wɔn akwankyerɛ tom. Nanso gyinae atitiriw bi wɔ hɔ a, mmabun no ankasa na ɛsɛ sɛ wosisi. (Mmeb. 27:11) Ehia sɛ wonya akokoduru na ama wɔatumi asisi gyinae pa wɔ nneɛma bi ho. Ebi ne nnamfo a wɔbɛfa, nneɛma a wɔde gyigye wɔn ani, wɔn abrabɔ a wɔbɛma ho atew, ne bere a wɔbɛbɔ asu. Nea enti a mmabun hia akokoduru ne sɛ, Satan a otwa Onyankopɔn mpoa no ani nnye ho sɛ wobesisi gyinae pa.

11, 12. (a) Dɛn na Mose yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru? (b) Dɛn na mmabun bɛyɛ de asuasua Mose?

11 Gyinae titiriw baako a ɛsɛ sɛ mmabun si no fa botae a wɔde besisi wɔn ani so ho. Aman bi so no, wopiapia mmabun sɛ wonsua nhoma nkɔ akyiri na ama wɔanya adwuma a wobetua wɔn ka yiye. Aman foforo so nso, esiane sɛ wɔn sikasɛm nye nti, ebia mmabun de bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ adwuma de aboa wɔn mmusua. Sɛ nneɛma kɔ yiye wɔ wo man mu oo, sɛ ɛnkɔ yiye oo, hwɛ nea Mose yɛe no. Farao babea na ɔtetee Mose. Enti anka Mose betumi de botae a ɛbɛma wagye din anaa wayɛ sikani asi n’ani so. Wo deɛ hwɛ, wunnye nni sɛ Egyptfo abusua a na Mose da mu, n’akyerɛkyerɛfo, ne n’afotufo bepiapia no? Mose antie wɔn, na mmom ɔde akokoduru sii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa. Bere a Mose gyaw Egypt ahonyade hɔ no, ɔde ne werɛ hyɛɛ Yehowa mu. (Heb. 11:24-26) Wei maa Yehowa hyiraa Mose saa bere no, na daakye nso obenya nhyira pii.

12 Mmabun a wonya akokoduru de botae sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu na wɔde Ahenni nneɛma di kan wɔ wɔn asetena mu no nso, Yehowa behyira wɔn. Yehowa bɛboa wɔn ama wɔatumi ahwɛ wɔn mmusua. Asomafo no bere so no, aberante Timoteo de botae sisii n’ani so wɔ Yehowa som mu, na wo nso wubetumi ayɛ saa. *Kenkan Filipifo 2:19-22.

Woasi wo bo sɛ biribiara a wobɛyɛ wɔ w’asetenam no, wode akokoduru bɛyɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 13-17)

13. Ɛyɛɛ dɛn na ababaa Kristoni bi nyaa akokoduru duu ne botae ho?

13 Kristoni bea bi a ɔwɔ Alabama, U.S.A., nyaa akokoduru de botae sisii n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Ɔkae sɛ: “Meyɛ abofra no, na mefɛre ade paa. Ahenni Asa so mpo na ɛyɛ den ma me sɛ me ne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ na kampɛsɛ makɔbɔ obi a minnim no pon mu sɛ me ne no rebɛbɔ nkɔmmɔ.” Ná ababaa Kristoni yi de asi n’ani so sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo. N’awofo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu boaa no ma otumi yɛe. Onuawa no kae sɛ: “Satan wiase no deɛ, nea ɛhyɛ ho nkuran ne sɛ obi besua nhoma akɔ akyiri, wagye din, na wanya sika ne ahonyade pii. Mpɛn pii no, nkurɔfo ntumi nnu botae a ɛte saa ho. Ɛba saa a, ɛma wodi yaw na egyaw wɔn adwinnwen. Nanso masom Yehowa ama manya anigye ne akomatɔyam paa.”

14. Bere bɛn saa na ehia sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo nya akokoduru?

14 Awofo a wɔyɛ Kristofo nso, ehia sɛ wonya akokoduru. Ebia daa w’adwumawura bɛka akyerɛ wo sɛ wopɔn adwuma a tena mu yɛ adwuma, na edu Memeneda ne Kwasida nso a, bra adwuma. Saa mmere no na wo nso wode yɛ abusua som, wode kɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa ma wo mma a, ebehia sɛ wunya akokoduru na ama woatumi aka akyerɛ w’adwumawura sɛ wuntumi nyɛ adwuma ntra so saa. Anaa ebia awofo a wɔwɔ asafo no mu binom ma kwan ma wɔn mma yɛ nneɛma bi a wompɛ sɛ wo ba yɛ. Ebia saa awofo no bebisa wo nea enti a wo ba no nyɛ saa nneɛma no bi. Wubenya akokoduru akyerɛkyerɛ mu wɔ obu mu anaa?

15. Sɛn na Dwom 37:25 ne Hebrifo 13:5 betumi aboa awofo?

15 Egye akokoduru na ama yɛaboa yɛn mma ma wɔde botae asisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu na wɔadu ho. Nhwɛso bi ni. Ebetumi ayɛ den ama awofo binom sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ba nkuran ama wayɛ akwampae adwuma, wakɔsom wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii, wakɔsom wɔ Betel, anaa wakɔboa ama wɔasisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma. Ebia awofo suro sɛ sɛ wɔbɔ nkwakoraa ne mmerewa a, wɔn ba no rentumi nhwɛ wɔn. Nanso, awofo a wodwen wɔn mma ho nya akokoduru na wogye di sɛ nea Yehowa aka biara ɔbɛyɛ. (Kenkan Dwom 37:25; Hebrifo 13:5.) Sɛ awofo nya akokoduru de wɔn ho to Yehowa so saa a, wɔboa wɔn ba ma ɔno nso yɛ saa ara.—1 Sam. 1:27, 28; 2 Tim. 3:14, 15.

16. Dɛn na awofo binom ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔde botae asisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu? Wei aboa wɔn mma no sɛn?

16 Awarefo bi a wɔwɔ United States boaa wɔn mma ma wɔde botae sisii wɔn ani so wɔ Yehowa som mu. Okunu no ka sɛ: “Ansa na yɛn mma besua nantew ne kasa mpo no, yɛka anigye a ɛwɔ akwampae adwuma no ne anuanom a yɛbɛsom wɔn wɔ asafo no mu ho asɛm kyerɛ wɔn. Seesei ɛno ne botae a wɔde asisi wɔn ani so. Esiane sɛ yɛn mma de botae asisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu na wɔadu ho nti, ɛboa wɔn ma wotumi ko tia Satan wiase no. Wei ama wɔde wɔn adwene asi Yehowa som so.” Onua bi a ɔwɔ mma mmienu kae sɛ: “Awofo pii de wɔn bere ne wɔn ahode boa wɔn mma ma wɔde nneɛma bi te sɛ agokansi, anigyede, ne nhomasua sisi wɔn ani so. Ntease wom koraa sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahode bɛboa yɛn mma ama wɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa. Yɛboaa yɛn mma no ma wɔde botae sisii wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Yɛn ani agye paa sɛ yɛahu sɛ wɔadu botae a ɛte saa ho.” Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn behyira awofo a wɔboa wɔn mma ma wɔde botae sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu na wodu ho no.

EHIA SƐ YENYA AKOKODURU WƆ ASAFO NO MU

17. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru yɛ ade wɔ Kristofo asafo no mu.

17 Asafo no mu nso, ehia sɛ yenya akokoduru. Nhwɛso bi ni. Sɛ asafo mu mpanyimfo redi nkurɔfo asɛm anaasɛ obi apira anaa yare abɔ no ama ne nkwa da asiane mu na wɔreboa no a, ehia sɛ wonya akokoduru. Mpanyimfo binom kɔ afiase ne nneduafo kosua ade anaa wɔkɔhwɛ adesua so. Anuanom mmea a wɔnwaree nso, dɛn na wobetumi ayɛ? Seesei hokwan pii wɔ hɔ a wobetumi atrɛw wɔn som adwuma mu. Wobetumi ayɛ akwampae adwuma, wobetumi atu akɔtena baabi a wohia adawurubɔfo pii, wobetumi ne Adansi Dwumadibea no ayɛ adwuma, na wobetumi abisa kwan akɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Ebinom nso mpo deɛ, wobetumi akɔ Gilead Sukuu.

18. Dɛn na anuanom mmea mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ akokoduru?

18 Mmea mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu yɛ nhyira. Saa anuanom mmea yi da yɛn koma so paa! Ebia wɔn mu binom ntumi nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu sɛnea na wɔyɛ bere bi no, nanso wobetumi akɔ so anya akokoduru de ayɛ wɔn adwuma no. (Kenkan Tito 2:3-5.) Nhwɛso bi ni. Sɛ asafo mu mpanyimfo ka kyerɛ onuawa bi a n’ani afi sɛ ɔne ababaa bi nka ne ntadehyɛ ho asɛm a, ebehia sɛ onya akokoduru. Ɛwom sɛ ɔrenka ababaa no anim wɔ ne ntadehyɛ ho de, nanso obetumi ahyɛ ababaa no nkuran ama wahu sɛ ne ntadehyɛ betumi aboa afoforo anaa ahaw wɔn. (1 Tim. 2:9, 10) Sɛ anuanom mmea mpanyimfo da ɔdɔ adi wɔ saa kwan yi so a ebetumi ahyɛ asafo no den.

19. (a) Anuanom mmarima a wɔabɔ asu no, wɔbɛyɛ dɛn anya akokoduru? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na Filipifo 2:13 ne 4:13 aboa anuanom mmarima ma wɔanya akokoduru?

19 Afoforo a ɛsɛ sɛ wɔde akokoduru yɛ wɔn som adwuma ne anuanom mmarima a wɔabɔ asu. Mmarima a wɔwɔ akokoduru a wɔpɛ sɛ wogye asɛyɛde pii tom no yɛ nhyira ma asafo no. (1 Tim. 3:1) Nanso ebia ebinom bɛtwetwe wɔn ho sɛ wobegye asɛyɛde atom. Ebia bere bi a atwam no onuabarima bi dii mfomso, na seesei ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ɔsom sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin. Ebia onua foforo nso bɛte nka sɛ ontumi nyɛ adwuma bi. Sɛ saa na wote a, Yehowa betumi aboa wo ama woanya akokoduru. (Kenkan Filipifo 2:13; 4:13.) Kae sɛ bere bi, Mose adwene yɛɛ no sɛ ontumi nyɛ adwuma bi a na Yehowa pɛ sɛ ɔkɔyɛ. (Ex. 3:11) Nanso Yehowa boaa Mose, na bere bi akyi no, Mose nyaa akokoduru yɛɛ adwuma no. Onuabarima a wabɔ asu betumi anya akokoduru a ɛte saa. Nea ɔbɛyɛ ne sɛ obefi ne komam abɔ mpae de ahwehwɛ Onyankopɔn mmoa na wakenkan Bible daa. Sɛ odwinnwen wɔn a wonyaa akokoduru ho a, ɛno nso bɛboa no. Obetumi de ato mpanyimfo no anim ahobrɛase mu sɛ ohia ntetee, na adwuma biara a wɔde bɛma no nso, ɔbɛyɛ de aboa asafo no. Yɛhyɛ anuanom mmarima a wɔabɔ asu nyinaa nkuran sɛ wonnya akokoduru na wɔnyɛ adwumaden mfa mmoa asafo no!

‘YEHOWA KA WO HO’

20, 21. (a) Awerɛhyem bɛn na Dawid maa Solomon nyae? (b) Ahotoso bɛn na yebetumi anya?

20 Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Solomon sɛ Yehowa bɛka ne ho akosi sɛ obesi asɔrefie no awie koraa. (1 Be. 28:20) Solomon werɛ amfi asɛm a ne papa ka kyerɛɛ no no; ɛtɔɔ ne koma so. Enti ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ abofra na onni osuahu pii no. Onyaa akokoduru kɛse kɔyɛɛ adwuma no, na Yehowa boaa no ma ɔde mfe nson ne fã sii asɔrefie kokuroo no wiei.

21 Yehowa boaa Solomon, na obetumi aboa yɛn nso ama yɛanya akokoduru de ayɛ yɛn adwuma wɔ yɛn abusua mu ne asafo no mu. (Yes. 41:10, 13) Sɛ yɛde akokoduru som Yehowa a, yebetumi anya ahotoso sɛ obehyira yɛn nnɛ ne daakye. Enti, ‘nya akokoduru na kɔyɛ adwuma.’

^ nky. 12 Wopɛ sɛ wode botae sisi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu a, wubenya ho nyansahyɛ ahorow wɔ asɛm bi a epuee July 15, 2004, Ɔwɛn-Aban mu. Asɛmti a ɛda so ne “Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam.”