Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yehowa Ayamhyehye

Suasua Yehowa Ayamhyehye

“Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo [anaa nea ɔwɔ ayamhyehye].”—EX. 34:6.

NNWOM: 57, 147

1. Ɔkwan titiriw bɛn na Yehowa faa so yii ne ho adi kyerɛɛ Mose? Adɛn nti na wei ho hia?

BERE bi Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. Ɔbɔɔ ne din ankasa kyerɛɛ Mose, na ɔkyerɛɛ no ne suban nso. Odii kan maa Mose hui sɛ ɔyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo [anaa nea ɔwɔ ayamhyehye]. (Kenkan Exodus 34:5-7.) Ná anka Yehowa betumi asi ne tumi anaa ne nyansa so dua. Nanso Mose deɛ, nea na ɔpɛ sɛ ohu ne sɛ Onyankopɔn taa n’akyi anaa. Ɛno nti Yehowa kaa ne suban a ɛbɛma Mose ahu sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa n’asomfo mmom ho asɛm. (Ex. 33:13) Onyankopɔn dii kan kaa ne suban mmienu a ɛma yetumi bɛn no kɛse ho asɛm. Saa a ɔyɛe no, ɛnka wo koma anaa? Yebesusuw ayamhyehye ho wɔ adesua yi mu. Sɛ yɛwɔ ayamhyehye a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ tema ma obi a ɔrehu amane anaa asɛm bi ato no, na bere koro no ara yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi de dwudwo ne haw no ano.

2, 3. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ ayamhyehye yɛ suban a nnipa betumi ada no adi? (b) Nea Bible ka fa ayamhyehye ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wusua ho ade?

2 Yehowa wɔ ayamhyehye, na ɔbɔɔ nnipa wɔ ne suban so. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ mpɛn pii no, nnipa a wonnim nokware Nyankopɔn no mpo dwen afoforo ho. (Gen. 1:27) Yehu nnipa pii a wɔdaa ayamhyehye adi ho nsɛm wɔ Bible mu. Yɛnhwɛ mmea tuutuufo mmienu bi a wɔde wɔn asɛm kɔdan Solomon. Ná wɔn asɛm ne sɛ Solomon nkyerɛ nea ɔyɛ abofra no maame ankasa. Enti Solomon sɔɔ wɔn hwɛe, na ɔkae sɛ wɔmpae abofra no mu mmienu. Nea ɔyɛ abofra no maame ankasa yam hyehyee no ma ɔkae sɛ wɔmfa abofra no mma ɔbea baako no. (1 Ahe. 3:23-27) Yɛnhwɛ Farao babea a ogyee abofra Mose nkwa no nso. Bere a ohuu abofra no, ohui sɛ ɔyɛ Hebrifo no bi ba, na ɛfata sɛ wokum no. Nanso abofra no ‘yɛɛ no mmɔbɔ,’ enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔno ara bɛfa no atete no sɛ ne ba.—Ex. 2:5, 6.

3 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ayamhyehye ho ade? Efisɛ Bible ka sɛ yensuasua Yehowa. (Efe. 5:1) Ɛwom sɛ Yehowa bɔɔ nnipa sɛ yɛnna ayamhyehye adi de, nanso esiane sɛ yɛyɛ Adam asefo a yɛtɔ sin nti, pɛsɛmenkominya wɔ yɛn mu. Ɛtɔ da a yentumi nhu sɛ yɛmmoa afoforo anaasɛ yennwen yɛn ho. Wei yɛ ɔhaw ma ebinom. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so anya ayamhyehye ama afoforo? Nea edi kan, sɛnea Yehowa ne afoforo ada ayamhyehye adi no, momma yensusuw ho. Nea ɛto so mmienu, momma yɛnhwehwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so asuasua sɛnea Onyankopɔn da ayamhyehye adi, ne nea enti a mfaso wɔ so paa sɛ yɛyɛ saa.

YEHOWA AYƐ AYAMHYEHYE HO NHWƐSO A EDI MŨ

4. (a) Adɛn nti na Yehowa somaa abɔfo kɔɔ Sodom? (b) Dɛn na yesua fi Lot ne ne mmabea no asɛm mu?

4 Yehu sɛ Yehowa ada ayamhyehye adi wɔ nsɛm pii mu. Yɛnhwɛ nea Onyankopɔn yɛ maa Lot. Sodomfo ne Gomorafo ahohwibra maa ɔbarima a na ɔyɛ ɔtreneeni no ho “hiahiaa no.” Nokwarem no, Onyankopɔn sii gyinae sɛ saa nnipa a wɔn bra asɛe no fata owu. (2 Pet. 2:7, 8) Onyankopɔn somaa abɔfo sɛ wonkogye Lot. Abɔfo no ka kyerɛɛ Lot ne n’abusua sɛ wonguan mfi nkurow a wɔrebɛsɛe no no mu. Bible ka sɛ: “Bere a ɔretwentwɛn ne nan ase no, Yehowa mmɔborɔhunu nti, [abɔfo] no susoo ɔne ne yere ne ne mmabea baanu no nsa de wɔn pue kɔɔ kurow no akyi.” (Gen. 19:16) Saa asɛm no nkyerɛ sɛ Yehowa nim ateetee biara a ɛtɔ da a n’anokwafo fa mu anaa?—Yes. 63:7-9; Yak. 5:11; 2 Pet. 2:9.

5. Ɔkwan bɛn so na Bible mu asɛm te sɛ nea ɛwɔ 1 Yohane 3:17 no boa yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛda ayamhyehye adi?

5 Yehowa ada ayamhyehye adi; wakyerɛkyerɛ ne nkurɔfo nso sɛ wɔnna saa suban pa no adi. Tete Israel no, sɛ obi kɔbɔ bosea a, na wogye ne ntama de si awowa. Yɛnhwɛ ɛho mmara a Yehowa de maa wɔn. (Kenkan Exodus 22:26, 27.) Sɛ nea ɔbɔɔ ohiani no bosea nni ayamhyehye a, ebia ɔbɛyɛ n’adwene sɛ obegye ohiani no ntama ama wada awɔw mu. Nanso, Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ atirimɔden saa. Ná Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo nya ayamhyehye ma afoforo. Nnyinasosɛm a ɛwɔ saa asɛm yi mu no, ɛnka wo sɛ wo nso da ayamhyehye adi anaa? Sɛ yebetumi ayɛ biribi ama yɛn nuanom ho adwo wɔn a, yɛbɛtena hɔ ahwɛ ara ama wɔn ho akyere wɔn anaa?—Kol. 3:12; Yak. 2:15, 16; kenkan 1 Yohane 3:17.

6. Yehowa bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔbɛboa Israelfo abɔnefo no ama wɔasakra. Dɛn na yebetumi asua afi mu?

6 Bere a Israelfo yɛɛ bɔne mpo no, Yehowa yam hyehyee no maa wɔn. Bible ka sɛ: “Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii, efisɛ ohuu ne man ne ne tenabea mmɔbɔ.” (2 Be. 36:15) Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛn yam hyehye yɛn ma nnipa a wobetumi asakra afi ɔbrabɔne bi ho na wɔanya Onyankopɔn anim dom no anaa? Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe wɔ atemmu a ɛreba no mu. (2 Pet. 3:9) Enti enkosi sɛ Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo no, momma yɛnkɔ so mmɔ nkurɔfo kɔkɔ na wommenya Onyankopɔn ayamhyehye so mfaso.

7, 8. Adɛn nti na abusua bi gye di sɛ Yehowa daa ayamhyehye adi kyerɛɛ wɔn?

7 Ayamhyehye a Onyankopɔn ada no adi ho adanse pii wɔ hɔ nnɛ. Yɛnhwɛ aberantewaa bi a na wadi mfe 12 a yɛbɛfrɛ no Milan asɛm. Afe 1990 kosi afe 1994 mu hɔ baabi na n’asɛm no sii. Saa bere no na ɔko rekɔ so wɔ mmusuakuw bi a ɛwɔ Bosnia ntam. Ná Milan ne ne nuabarima, n’awofo, ne Adansefo bi te bɔs mu fi Bosnia rekɔ nhyiam wɔ Serbia. Ná Milan awofo ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɔ asu wɔ saa nhyiam no ase. Woduu ɔman no hye so no, abusuakuw a Milan abusua fi mu nti, asraafo no twee wɔn fii bɔs no mu. Nanso anuanom a wɔaka no deɛ, wɔma wɔkɔe. Asraafo no gyee wɔn tenaa hɔ nnanu. Ɛno akyi no ɔsraani panyin a ɔwɔ hɔ no frɛɛ ne panyin paa wɔ tɛlɛfon so bisaa no nea ɔnyɛ Milan abusua no. Ná ɔsraani no gyina Milan abusua no anim pɛɛ na ɔrebisa asɛm no. Enti abusua no tee mmuae no sɛ, “Munkokum wɔn!”

8 Bere a ɔsraani panyin no ne asraafo a wɔaka no rekasa no, nnipa mmienu bi baa abusua no nkyɛn bɛka guu wɔn asom sɛ wɔyɛ Adansefo. Anuanom a na wɔte bɔs no mu na wɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Adansefo no. Ná asraafo no nhwehwɛ mmofra akwantu nkrataa mu, enti Adansefo mmienu no ka kyerɛɛ Milan ne ne nuabarima no sɛ wɔnkɔtena wɔn kar no mu mma wontwa hye no. Afei, Adansefo mmienu no ka kyerɛɛ Milan awofo sɛ wɔmfa asraafo dan no akyi nhyia wɔn wɔ akyi hɔ. Bere a Milan tee saa asɛm no, na onhu sɛ onsu oo, sɛ ɔnserew oo. Milan awofo bisae sɛ: “Mugye di sɛ wɔbɛhwɛ yɛn saa ara ama yɛakɔ?” Nanso bere a wɔrekɔ no, asraafo no hwɛɛ wɔn hãã. Awofo no kɔtoo wɔn mma no, na wɔtoaa wɔn akwantu no so koduu kurow a wɔreyɛ nhyiam no mu. Wogye di paa sɛ Yehowa na otiee wɔn sufrɛ. Bible ma yehu sɛ Yehowa mmɔ ne nkurɔfo ho ban saa bere nyinaa. (Aso. 7:58-60) Nanso Milan kae sɛ, “Ɛyɛɛ me sɛ abɔfo na wɔkataa asraafo no ani. Migye di sɛ Yehowa na ogyee yɛn.”—Dw. 97:10.

9. Dɛn na Yesu yɛ maa nnipadɔm a na wodi n’akyi no? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Yebetumi asua biribi afi Yesu hɔ. Ne yam hyehyee no maa nnipadɔm bi a ohyiaa wɔn, efisɛ “na wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.” Dɛn na Yesu yɛ maa nnipa a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no? Bible ka sɛ: “Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Mat. 9:36; kenkan Marko 6:34.) Ná Yesu nte sɛ Farisifo no koraa. Farisifo no deɛ, na enni wɔn komam sɛ wɔbɛboa ɔmanfo no. (Mat. 12:9-14; 23:4; Yoh. 7:49) Sɛnea na ɛda Yesu koma so sɛ ɔbɛboa nkurɔfo a Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn no, wo nso enni wo komam sɛ wobɛyɛ saa anaa?

10, 11. Bere nyinaa na ɛfata sɛ yɛda ayamhyehye adi anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Wei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ayamhyehye adi wɔ asɛm biara ho. Bible mu nsɛm a yɛasusuw ho no, ayamhyehye a Onyankopɔn daa no adi no, na ɛfata. Sɛ yɛhwɛ Ɔhene Saul sei a, na n’adwene yɛ no sɛ ɔreda mmɔborɔhunu adi, nanso na ɛyɛ asoɔden. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wankum Amalekfo hene Agag a na ɔtan Onyankopɔn nkurɔfo no. Amalekfo mmoa a na wɔadɔ srade no nso, wankunkum wɔn. Enti Yehowa poo Saul sɛ ɔrenyɛ Israel hene bio. (1 Sam. 15:3, 9, 15) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa yɛ Ɔtemmufo a obu atɛntrenee. Otumi hu nea ɛwɔ nnipa komam, na onim bere a ɛfata sɛ ɔda ayamhyehye adi. (Kwa. 2:17; Hes. 5:11) Bere bi reba a, Yehowa bebu wɔn a wontie no nyinaa atɛn. (2 Tes. 1:6-10) Saa bere no du a, Onyankopɔn yam renhyehye no mma abɔnefo. Mmom, sɛ ɔsɛe abɔnefo a, ɛbɛkyerɛ sɛ ne yam hyehye no ma treneefo a obegye wɔn nkwa no.

11 Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nsɛe obi anaa onnye obi nkwa. Mmom nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛboa nkurɔfo. Ɛnde, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma yɛn yɔnko nipa? Ma yɛnhwɛ nyansahyɛ a edi hɔ yi.

NEA YƐBƐYƐ DE AKYERƐ SƐ YƐWƆ AYAMHYEHYE

12. Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ ayamhyehye ma afoforo?

12 Boa afoforo da biara da. Wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu deɛ, ehia sɛ wonya ayamhyehye ma afoforo ne wɔn nuanom Kristofo. (Yoh. 13:34, 35; 1 Pet. 3:8) Ayamhyehye nkyerɛase baako nso ne sɛ wo ne afoforo “bɛbom ahu amane.” Obi a ɔwɔ ayamhyehye bɔ mmɔden boa wɔn a wɔrehu amane, na ɛno ma wɔn ho dwo wɔn. Hwehwɛ akwan bi a wobɛfa so ayɛ saa! Nea wubetumi ayɛ no bi ni. Wubetumi aboa obi ama wayɛ ne fie nnwuma anaa woakɔtotɔ nneɛma ama no.—Mat. 7:12.

Nya ayamhyehye ma afoforo na boa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 12)

13. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo yɛ?

13 Fa wo ho hyɛ adwuma a yɛde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn mu. Atoyerɛnkyɛm si a, nnipa fa amanehunu pii mu. Wei ka nnipa pii koma ma wɔda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn. Wonim Yehowa nkurɔfo sɛ wɔboa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu. (1 Pet. 2:17) Asasewosow sii wɔ Japan maa ɛpo twiw faa asase so afe 2011. Ɛsɛee baabi a na onuawa bi a ɔyɛ Japanni te pasaa. Atuhoamafo pii a wofi Japan mmeae bi ne wɔn a wofi amannɔne kosiesiee wɔn adan a abubu no. Onuawa no kae sɛ bere a ohuu wɔn no, “ɛhyɛɛ no nkuran, na onyaa awerɛkyekye.” Onuawa no de kaa ho sɛ: “Nea atuhoamafo no yɛe no boaa me ma mihui sɛ Yehowa dwen yɛn ho. Yɛn nuanom Adansefo nso dwen yɛn ho. Afei nso yɛn nuanom mmarima ne mmea pii a wɔwɔ wiase nyinaa bɔ mpae ma yɛn.”

14. Dɛn na wubetumi ayɛ aboa wɔn a wɔyare ne nkwakoraa ne mmerewa?

14 Boa wɔn a wɔyare ne nkwakoraa ne mmerewa. Adam bɔne no ama nkurɔfo rehu amane. Sɛ yehu no saa a, ɛka yɛn koma ma yɛda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn. Yɛn yam a anka yare, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ to atwa. Enti yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. Enkosi sɛ Ahenni no bɛba no, yɛyɛ nea yebetumi nyinaa boa wɔn a wɔwɔ ahohia mu. Yɛnhwɛ asɛm bi a nhomakyerɛwfo bi ka faa ne maame aberewa ho. Adwenemyare bi a yɛfrɛ no Alzheimer bɔɔ aberewa no. Da bi, aberewa no sɛee ne ho. Bere a ɔyɛe sɛ ɔrepopa ne ho no, nkurɔfo bi bɛbɔɔ ne pon mu. Ná ahɔho no yɛ Adansefo mmea mmienu bi a wɔtaa kɔsra aberewa no. Anuanom mmea no bisaa no sɛ wobetumi aboa no anaa. Aberewa no kae sɛ, “Mafɛre deɛ, nanso mɛyɛ no dɛn, mommoa me.” Anuanom mmea no boaa no ma osiesiee ne ho. Wowiei no, wɔyɛɛ tii maa no, na wɔtenaa ase ne no bɔɔ nkɔmmɔ. Aberewa no babarima no ani sɔɔ nea anuanom mmea no yɛe no paa. Ɔkyerɛwee sɛ, “Mitu kyɛ ma saa Adansefo no. Wɔn deɛ, wɔde ɔseɛ yɛ ɔyɔ.” Wowɔ ayamhyehye ma wɔn a wɔyare ne nkwakoraa ne mmerewa anaa? Ɛka wo koma sɛ yɛ nea wubetumi biara boa wɔn ma wɔn ho nnwo wɔn?—Filip. 2:3, 4.

15. Asɛnka adwuma a yɛreyɛ no, ɛboa afoforo sɛn?

15 Boa nkurɔfo ma wonhu Yehowa. Sɛ yɛhwɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a nkurɔfo refa mu a, ɛka yɛn sɛ yɛmmoa wɔn mma wonhu Yehowa. Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so aboa wɔn ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ho ade, na yɛama wɔahu nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ ama adesamma. Ade foforo nso a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛma wɔahu sɛ, sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm bɔ wɔn bra a, ɛbɛboa wɔn. (Yes. 48:17, 18) Adwuma a ɛhyɛ Yehowa anuonyam paa ne asɛnka adwuma no, na ɛda no adi nso sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma afoforo. Yemmisa sɛ, wubetumi ayɛ asɛnka adwuma no pii anaa?—1 Tim. 2:3, 4.

WODA AYAMHYEHYE ADI A ƐBOA WO NSO!

16. Sɛ obi da ayamhyehye adi a, ɛboa no sɛn?

16 Adwene ho nimdefo ka sɛ, sɛ woda ayamhyehye adi a, ɛboa wo ma wunya apɔwmuden, wo ho tɔ wo, na ɛma wo ne afoforo ntam yɛ kama. Sɛ woboa wɔn a wɔrehu amane ma wɔn ho dwo wɔn a, w’ani begye paa. Ɛbɛma woanya anidaso kɛse, worente nka pii sɛ woyɛ ankonam, na ɛbɛma woadwen adwempa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ woda ayamhyehye adi a, ɛboa w’ankasa. (Efe. 4:31, 32) Kristofo a wofi ɔdɔ mu boa afoforo no, wonya ahonim pa, efisɛ wonim sɛ wɔreyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Sɛ yɛwɔ ayamhyehye a, ɛma yɛyɛ awofo pa, okunu anaa ɔyere pa, ne adamfo pa nso. Wɔn a wɔwɔ ayamhyehye ma afoforo no, sɛ wɔn nso hia mmoa a, wɔn nsa ka no ntɛm.—Kenkan Mateo 5:7; Luka 6:38.

17. Adɛn nti na wopɛ sɛ woda ayamhyehye adi?

17 Ɛwom sɛ woda ayamhyehye adi a ɛboa wo, nanso ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Nea enti paa a ɛsɛ sɛ woyɛ saa ne sɛ, wopɛ sɛ wusuasua Yehowa Nyankopɔn na wohyɛ no anuonyam efisɛ Ɔno na ɔdɔ ne ayamhyehye fi no. (Mmeb. 14:31) Wayɛ nhwɛso a edi mu ama yɛn. Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nna ayamhyehye adi mfa nsuasua no. Yɛyɛ saa a, yɛne yɛn nuanom ntam bɛyɛ kama, na yɛne afoforo nso bɛtena yiye.—Gal. 6:10; 1 Yoh. 4:16.