Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yɛn Nyankopɔn Asɛm Tim Hɔ Daa’

‘Yɛn Nyankopɔn Asɛm Tim Hɔ Daa’

“Wura momono awo, na nhwiren ahyew, nanso yɛn Nyankopɔn asɛm de, ebetim hɔ daa.”—YES. 40:8.

NNWOM: 95, 97

1, 2. (a) Sɛ yenni Bible a, anka sɛn na yɛn abrabɔ bɛyɛ? (b) Dɛn paa na ebetumi ama yɛanya Onyankopɔn Asɛm so mfaso?

WO DEƐ, fa no sɛ wunni Bible. Sɛn na anka w’abrabɔ bɛyɛ? Anka worennya afotu pa biara a wode bɛbɔ wo bra daa. Nsɛmmisa a ɛfa Onyankopɔn, abrabɔ, ne daakye ho no, anka wobɛyɛ dɛn anya ho mmuae a ɛtɔ asom? Saa ara nso na anka worenhu sɛnea tete no Yehowa ne nnipa dii.

2 Anigyesɛm ne sɛ, yɛn asɛm nyɛ mmɔbɔ saa. Yehowa de n’Asɛm Bible ama yɛn. Wahyɛ bɔ sɛ emu asɛm no bɛtena hɔ daa. Ɔsomafo Petro faa Yesaia 40:8 mu asɛm kae. Ɛnyɛ Bible no ankasa ho asɛm na saa kyerɛwsɛm no reka, nanso yebetumi aka sɛ ɛfa Bible mu nsɛm ho. (Kenkan 1 Petro 1:24, 25.) Sɛ yɛkenkan Bible wɔ kasa a yɛte ase yiye mu a, ebetumi aboa yɛn paa. Wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no nim saa asɛm no dedaadaw. Ɛwom sɛ mfe pii a atwam no, nnipa bi a wɔkyerɛɛ Bible no ase amfa no ahogono na wohyiaa ɔsɔretia pii deɛ, nanso womiaa wɔn ani kyerɛɛ ase maa nnipa pii nsa kaa bi. Nea na ɛda wɔn koma so no, na ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Ɛne sɛ ɔpɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”—1 Tim. 2:3, 4.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm atim hɔ ho nhwɛso ahorow bi (1) ɛmfa ho nsakrae a ɛba kasa mu, (2) ɛmfa ho sɛnea amanyɔsɛm mu nsakrae sesa kasa a nnipa dodow no ara ka, (3) ɛmfa ho sɛ wɔsɔre tia Bible nkyerɛase. Asɛm yi a yɛrebesusuw ho no, ɛbɛboa yɛn sɛn? Ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama Bible no. Ɛbɛsan ama yɛanya ɔdɔ kɛse ama Bible no Kyerɛwfo; ɔno na ɔde Bible no ama sɛ ɛmmoa yɛn.—Mika 4:2; Rom. 15:4.

NSAKRAE A ƐBA KASA MU

4. (a) Bere rekɔ so no, dɛn na ɛma kasa tumi sesa? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mmu kasa bi nsen bi? Ɛma wote nka sɛn?

4 Bere rekɔ so no, kasa sesa. Nea nsɛmfua ne nsɛm no bi kyerɛ tumi sesa koraa. Ebia kasa a wo ara woka mpo asesa. Kasa a wɔde kyerɛw Bible no fã kɛse no ara ne Hebri ne Hela kasa; ɛno nso asesa. Hebri ne Hela kasa a wɔka nnɛ no, ɛnyɛ ɛno koraa na na wɔka no Bible mmere mu. Enti ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔte Onyankopɔn Asɛm ase no, nea wɔakyerɛ ase na ɔbɛkenkan; wɔn a wonim Hebri anaa Hela kasa a wɔka no nnɛ mpo ka ho. Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wosua Hebri ne Hela kasa a na wɔka no tete no na ama wɔakenkan Bible wɔ kasa a wodii kan de kyerɛwee no mu. Nanso sɛnea wɔn adwene yɛ wɔn no, ebia wɔrennya so mfaso saa. * Anigyesɛm ne sɛ, ɛnnɛ wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛyɛ 3,000 mu. Wei ma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo a wofi ‘aman ne mmusuakuw ne kasa nyinaa’ mu nya n’Asɛm no bi kenkan te ase. (Kenkan Adiyisɛm 14:6.) Wei nka wo mmɛn yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ na ɔnhwɛ nnipa anim anaa ɔnyɛ nyiyim no?—Aso. 10:34.

5. Dɛn na ɛmaa King James Version no daa nsow?

5 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ bere rekɔ so no, kasa sesa. Saa ara na kasa ahorow a wɔakyerɛ Bible no ase kɔ mu nso te. Bible nkyerɛase a bere a wodii kan yɛe no na ɛnyɛ den sɛ obi bɛkenkan ate ase no, ɛnnɛ ebetumi ayɛ den sɛ obi bɛkenkan ate ase. Yɛmfa King James Version a ɛwɔ Borɔfo mu no nyɛ nhwɛso. Wodii kan yɛɛ no afe 1611. Ɛyɛ Borɔfo Bible a egyee din paa no baako. Akyiri yi, ɛsesaa sɛnea nkurɔfo ka Borɔfo kasa mpo. * Ade baako a ɛwɔ King James Version no ho ne sɛ, wokenkan a wontaa nhu Onyankopɔn din no wom. Ɛde Onyankopɔn din “Yehowa” di dwuma wɔ nkyekyɛm kakraa bi. Baabi a Onyankopɔn din ankasa pue wɔ tete Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, wɔde asɛmfua “AWURADE” a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw na asi din no ananmu. King James Version a wotintimii akyiri yi nso de nkyerɛwde akɛse kyerɛw asɛmfua “AWURADE” wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no afã bi. Saa a King James Version no yɛe no kyerɛ sɛ wogye tom sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din no hyɛ faako a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔ nea wɔfrɛ no Apam Foforo no mu.

6. Adɛn nti na yɛn ani sɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no?

6 Mfe bi akyi no, nsɛmfua ne nsɛm dodow no ara a wɔde yɛɛ adwuma wɔ King James Version mu no twaam. Saa ara na tete Bible nkyerɛase ahorow a ɛwɔ kasa foforo mu nso te. Yɛn ani nsɔ sɛ seesei yɛn nsa aka Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no anaa? Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa dodow no ara benya bi akenkan nti, wɔakyerɛ ne nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 150 mu. Ɛyɛ nkyerɛase a emu da hɔ, enti ɛma Onyankopɔn Asɛm no tumi ka yɛn koma. (Dw. 119:97) Ade titiriw a ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no ho ne sɛ ɛde Onyankopɔn din ahyɛ faako a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.

KASA A NNIPA DODOW NO ARA KA

7, 8. (a) Aka bɛyɛ mfe 250 ama wɔawo Yesu no, adɛn nti na na Yudafo pii nte Hebri Kyerɛwnsɛm no ase? (b) Dɛn ne Hela Septuagint no?

7 Ɛtɔ da a amanyɔsɛm mu nsakrae tumi ma kasa a nnipa dodow no ara ka sesa. Nsakrae yi nyinaa akyi no, dɛn na Onyankopɔn ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛkenkan n’Asɛm no ate ase? Ma yɛnhwɛ tete nhwɛso bi. Bible mu nhoma 39 a edi kan no, Israelfo anaa Yudafo na wɔkyerɛwee. Wɔn na wodii kan ‘de Onyankopɔn nsɛm kronkron no hyɛɛ wɔn nsa.’ (Rom. 3:1, 2) Nanso, aka bɛyɛ mfe 200 ama wɔawo Yesu no, na Yudafo pii nte Hebri kasa no bio. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Efisɛ na Alexander Ɔkɛseɛ no adi aman pii so nkonim ama Hela Ahemman no mu atrɛw. (Dan. 8:5-7, 20, 21) Bere a ahemman no mu trɛwee no, afei deɛ Hela kasa anaa Greece kasa na na nnipa pii ka. Ná Yudafo a wɔabɔ ahwete ahemman no fã kɛse no ara nso ka saa kasa no. Esiane sɛ na Yudafo pii ka Hela kasa nti, ɛyɛɛ den paa maa wɔn mu dodow no ara sɛ wɔbɛte Hebri Kyerɛwnsɛm no ase. Dɛn na ɛboae?

8 Aka bɛyɛ mfe 250 ama wɔawo Yesu no, wɔkyerɛɛ Bible nhoma nnum a edi kan no ase fii Hebri kasa mu kɔɔ Hela kasa mu. Akyiri yi, wɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm a aka no nso ase kɔɔ Hela kasa mu. Edin a wɔde too saa nkyerɛase no so ne Hela Septuagint. Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa a wodii kan kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu no, ɛno na yɛfrɛ no Septuagint no.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Septuagint no ne tete nkyerɛase foforo boaa nkurɔfo a wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no? (b) Hebri Kyerɛwnsɛm no fã bɛn na ɛda wo koma so paa?

9 Septuagint no boae paa maa Yudafo a wɔka Hela kasa ne afoforo tumi kenkan Hebri Kyerɛwnsɛm no tee ase. Wotumi kenkan Onyankopɔn Asɛm no tee ase wɔ kasa a na abɛyɛ wɔn kurom kasa no mu. Wo deɛ, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei! Akyiri yi, wɔkyerɛɛ Bible no afã bi ase kɔɔ kasa a nnipa dodow no ara ka te sɛ Syriac, Gothic, ne Latin mu. Bere a nnipa pii tumi kenkan Onyankopɔn Asɛm no wɔ kasa a wɔte ase mu no, wɔn ani gyee ho. Wɔn mu pii nyaa kyerɛwsɛm a ɛda wɔn koma so te sɛ nea ɛnnɛ yɛn nso ebi da yɛn koma so no. (Kenkan Dwom 119:162-165.) Nokwasɛm ni, nsakrae a aba kasa a nnipa dodow no ara ka mu nyinaa akyi no, Onyankopɔn Asɛm atim hɔ daa.

WƆSƆRE TIAA BIBLE NKYERƐASE

10. John Wycliffe bere so no, adɛn nti na na nnipa dodow no ara nnya Bible nkenkan?

10 Ɛtɔ da a, na atumfoɔ no yɛ ara sɛ wɔremma nkurɔfo nnya Bible nkenkan. Nanso, nnipa a wɔwɔ koma pa pii yɛe ara sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase. Yɛnhwɛ John Wycliffe; ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 600 a atwam ni. Ná ɔyɛ nyamekyerɛfo. Ná ogye di paa sɛ ɛsɛ sɛ obiara tumi kenkan Onyankopɔn Asɛm ma ɛboa no. Nanso ne bere so no, na nnipa dodow no ara a wɔwɔ England nni Bible. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, saa bere no na nnipa de wɔn nsa na ɛkyerɛw Bible no, na na ne bo nso yɛ den. Ɛno nti na nnipa dodow no ara ntumi ntɔ bi. Bio nso, na nnipa dodow no ara nnim nhoma. Ɛwom, ebia na wɔkenkan Bible no wɔ asɔredan mu ma wɔte, nanso ebetumi aba sɛ na wɔnte ase. Adɛn ntia? Efisɛ Bible (a wɔfrɛ no Vulgate) a na asɔre no kenkan saa bere no, na ɛwɔ Latin kasa mu. Nanso, Yesu awo akyi afe 400 besi afe 1,400 mu hɔ no, na nnipa dodow no ara nka Latin kasa bio! Ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na wɔanya Bible no wɔ wɔn kasa mu akenkan?—Mmeb. 2:1-5.

Ná ɛda John Wycliffe ne afoforo koma so sɛ wɔbɛma obiara nsa aka Onyankopɔn Asɛm no bi. Wo nso, ɛda wo koma so sɛ wobɛyɛ saa anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Wycliffe Bible no kaa nkurɔfo sɛn?

11 Afe 1382 no, wɔyɛɛ Borɔfo nkyerɛase a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Wycliffe Bible. Ankyɛ koraa na nkurɔfo a wodi Wycliffe akyi no ani begyee ho. Ná wɔfrɛ Wycliffe akyidifo Lollardfo, na na wɔpɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma Onyankopɔn Asɛm no sian kɔ wɔn komam. Enti wɔnantew kɔɔ nkuraase a ɛwɔ England nyinaa kɔkaa Bible mu asɛm kyerɛɛ wɔn. Nea na wɔtaa yɛ ne sɛ, sɛ wohyia obi a, na wɔkenkan Wycliffe Bible no fã bi kyerɛ no, na wɔama no nea wɔde nsa akyerɛw no bi. Saa adwuma a wɔyɛe no de nsakrae pii bae, na ɛmaa nnipa a wɔwɔ hɔ saa bere no ani san begyee Onyankopɔn Asɛm no ho.

12. Wycliffe ne n’akyidifo adwuma a wɔyɛe no, dɛn na asɔfo no yɛe wɔ ho?

12 Dɛn na asɔfo no yɛe? Wɔtan Wycliffe ne n’akyidifo no, na wɔn ani annye Wycliffe Bible no ho koraa. Asɔre akannifo no tuu wɔn ani sii Lollardfo no so. Saa akannifo no hwehwɛɛ Wycliffe Bible no, na wɔsɛee dodow biara a wɔn nsa kae. Wycliffe wu akyi mpo, wɔde too gua sɛ ɔyɛ otuatewfo. Nanso obi a wawu deɛ, na wɔbɛyɛ dɛn atwe n’aso? Asɔfo no ma wokotuu Wycliffe nnompe hyew no, na wɔtow ne nsõ guu asubɔnten a wɔfrɛ no Swift mu. Nanso wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no te ase deɛ, Asɔre no antumi ansiw wɔn kwan. Mfe pii akyi no, nnipa pii a wɔwɔ Europe ne wiase no afã foforo fii ase kyerɛɛ Bible no ase kyekyɛ maa nkurɔfo ma ɛboaa wɔn.

“NEA ƆKYERƐ WO ADE A EYE MA WO”

13. Dɛn na yegye tom, na sɛn na wei hyɛ yɛn gyidi den?

13 Ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya adwene sɛ Septuagint nkyerɛase no, Wycliffe Bible, King James Version, anaa nkyerɛase foforo biara no, Onyankopɔn honhom na ɛkaa wɔn ma wɔyɛe. Nanso sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔyɛɛ saa nkyerɛase ahorow yi ne nkyerɛase foforo a, edi adanse sɛ: Yehowa Asɛm atim hɔ daa sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Wei nhyɛ wo gyidi den sɛ Yehowa bɔhyɛ a aka nyinaa nso bɛbam ɔkwan biara so?—Yos. 23:14.

14. Sɛn na Onyankopɔn Asɛm no ma yɛdɔ no kɛse?

14 Bible hyɛ yɛn gyidi den. Ɛno da nkyɛn a, sɛ yɛhwɛ ɔhaw a Bible afa mu a ɛda so tim hɔ a, ɛma yɛdɔ Yehowa kɛse. * Yemmisa sɛ, adɛn nti koraa na Yehowa de n’Asɛm no maa yɛn? Adɛn nti na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ebetim hɔ daa? Efisɛ ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn nea eye ma yɛn. (Kenkan Yesaia 48:17, 18.) Ade a ɛfata sɛ yɛyɛ ma Yehowa ara ne sɛ, yɛn nso yɛbɛdɔ no na yɛadi n’ahyɛde so.—1 Yoh. 4:19; 5:3.

15. Dɛn na yebehu wɔ adesua a edi hɔ no mu?

15 Esiane sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn Asɛm no nti, yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛkenkan na yɛanya so mfaso pii. Sɛ yɛrekenkan Bible a, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso? Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu ma wɔn ani agye Bible no ho? Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no, wɔbɛyɛ dɛn de Bible no akyerɛkyerɛ? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 4 Hwɛ asɛm a wɔato din, Do You Need to Learn Hebrew and Greek?(“Ehia sɛ Wusua Hebri Kasa ne Hela Kasa?”) wɔ November 1, 2009, Ɔwɛn-Aban Borɔfo deɛ mu.

^ nky. 5 Wonyaa Borɔfo kasakoa ahorow bi fii King James Version no mu.

^ nky. 14 Hwɛ adaka a wɔato din “ Wo Ara Fa W’ani Bɛhwɛ!