Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Wɔ Ade Nyinaa So Tumi De, Nanso Odwen Yɛn Ho

Yehowa Wɔ Ade Nyinaa So Tumi De, Nanso Odwen Yɛn Ho

“[Yehowa nim] yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”​—Dw. 103:14.

NNWOM: 30, 10

1, 2. (a) Sɛ yɛde sɛnea Yehowa ne nnipa di toto sɛnea nnipa a wɔwɔ tumi ne afoforo di ho a, dɛn na yehu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

NNIPA a wɔwɔ tumi taa di afoforo so “bakoma,” na wɔhyɛ wɔn so mpo. (Mat. 20:25; Ɔsɛnk. 8:9) Yehowa de, ɔnte saa koraa! Ɛwom sɛ ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ de, nanso odwen nnipa a wɔtɔ sin ho pa ara. Ne yam ye na odwen afoforo ho. Odwen sɛnea yɛte nka ne nea yehia ho. Esiane sɛ Yehowa ‘kae sɛ yɛyɛ mfutuma’ nti, ɔnka nkyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a yentumi nyɛ.—Dw. 103:13, 14.

2 Nhwɛso pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Yehowa dwen n’asomfo ho. Momma yɛnhwɛ emu mmiɛnsa. Nea edi kan, sɛnea Onyankopɔn yii ne yam boaa Samuel bere a na ɔyɛ abofra ma ɔkɔkaa atemmusɛm kyerɛɛ Ɔsɔfo Panyin Eli; nea ɛto so mmienu, sɛnea Yehowa nyaa Mose ho abotare bere a na Mose te nka sɛ ɔrentumi nni Israelfo anim no; nea ɛto so mmiɛnsa, sɛnea Onyankopɔn daa no adi sɛ odwen Israelfo ho bere a odii wɔn anim yii wɔn fii Egypt no. Bere a yɛresusuw saa nsɛm yi ho no, momma yɛnhyɛ nea ɛma yehu fa Yehowa ho nsow, na yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de nea yesua fi mu abɔ yɛn bra.

YEHOWA DWENEE ABARIMAA BI HO SƐ AGYA

3. Anadwo bi, anwonwasɛm bɛn na esii wɔ Samuel asetenam wɔ ne mmofraase, na asɛmmisa bɛn na wei ma ɛsɔre? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Samuel mmofraase pɛɛ na ofii ase ‘som Yehowa’ wɔ ntamadan no mu. (1 Sam. 3:1) Da koro anadwo, bere a na Samuel ada no, anwonwasɛm bi sii. * (Kenkan 1 Samuel 3:2-10.) Ɔtee sɛ ɛnne bi rebɔ ne din frɛ no. N’adwene yɛɛ no sɛ Ɔsɔfo Panyin Eli a na wabɔ akwakoraa no na ɔrefrɛ no. Enti Samuel yɛɛ osetie tuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn kɔkaa sɛ: “Mini; worefrɛ me.” Eli kaa sɛ ɔmfrɛɛ no. Bere a Samuel san tee ɛnne no mprenu kaa ho no, Eli hui sɛ Onyankopɔn na ɔrefrɛ Samuel. Enti Eli kyerɛɛ Samuel sɛnea sɛ ɔte ɛnne no bio a onnye so, na Samuel yɛɛ saa. Adɛn nti na mfiase no, Yehowa amfa ɔbɔfo no so anka ankyerɛ Samuel sɛ ɛyɛ ɔno Yehowa na ɔrefrɛ no? Ɛno de, Bible nka. Nanso sɛnea asɛm no kɔɔ so no ma yehu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ nea enti a Yehowa yɛɛ saa ne sɛ, na odwen Samuel a na ɔyɛ abofra no ho. Yɛyɛ dɛn hu saa?

4, 5. (a) Bere a Onyankopɔn somaa Samuel no, dɛn na Samuel yɛe? Ade kyee anɔpa no, nneɛma kɔɔ sɛn? (b) Dɛn na Bible mu asɛm yi ma yehu fa Yehowa ho?

4 Kenkan 1 Samuel 3:11-18. Yehowa Mmara de ahyɛde maa mmofra sɛ wɔmfa obu mma nnipa a wɔn mfe akɔ anim, titiriw, nnipa a wɔwɔ tumi. (Ex. 22:28; Lev. 19:32) Wo de, twa ho mfoni hwɛ sɛ Samuel rekɔ Eli nkyɛn anɔpa akɔka Onyankopɔn atemmusɛm a emu yɛ den yi akyerɛ no pefee. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw? Dabi, ɛrenyɛ mmerɛw! Nokwarem no, Bible ka sɛ “Samuel suroe sɛ ɔbɛka nea ohui no akyerɛ Eli.” Nanso, Onyankopɔn maa Eli hui pefee sɛ ɛyɛ ɔno Yehowa na ɔrefrɛ Samuel. Ɛno nti, Eli hyɛɛ Samuel sɛ ɔnka biribiara nkyerɛ no. Eli kaa sɛ: ‘Mfa asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no biako mpo nhintaw me.’ Samuel yɛɛ osetie, na ‘ɔkaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no.’

5 Asɛm a Samuel kae no anyɛ Eli nwonwa. Ná ɛte sɛ asɛm a “Onyankopɔn nipa” bi a Bible ammɔ ne din adi kan abɛka akyerɛ ɔsɔfo panyin no. (1 Sam. 2:27-36) Samuel ne Eli ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ Yehowa dwen nnipa ho na ɔyɛ onyansafo.

6. Sɛnea Onyankopɔn boaa Samuel bere a na ɔyɛ abofra no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

6 Woyɛ abofra anaa? Sɛ saa a, Samuel mmofraase ho asɛm a ɛwɔ Bible mu yi bɛma woahu sɛ Yehowa nim nsɛnnennen a worehyia, ne sɛnea wote nka. Ebia wofɛre ade, na ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ mpanyimfo anaa wobɛda wo ho adi sɛ woyɛ soronko wɔ w’atipɛnfo mu. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa wo. Enti bɔ mpae, na ka wo komam asɛm kyerɛ no. (Dw. 62:8) Susuw Bible mu nsɛm a ɛfa mmofra te sɛ Samuel ho. Wo ne wo nuanom Kristofo, mmofra anaa mpanyin, a wɔatumi adi nsɛnnennen a ɛte sɛ nea worehyia no so mmɔ nkɔmmɔ. Nokwasɛm ne sɛ, ebia wɔbɛka mmere bi a Yehowa boaa wɔn wɔ akwan bi so a na wɔnhwɛ kwan ho asɛm akyerɛ wo.

YEHOWA DWENEE MOSE HO

7, 8. Dɛn na Yehowa yɛe a ɛkyerɛ sɛ na odwen Mose ho pa ara?

7 Bere a Mose dii mfe 80 no, Yehowa maa no adwuma bi a ɛyɛ den pa ara. Ná ɛsɛ sɛ Mose koyi Israelfo fi nkoasom mu wɔ Egypt. (Ex. 3:10) Esiane sɛ na Mose ahwɛ nguan mfe 40 wɔ Midian nti, ɛbɛyɛ sɛ ne ho dwiriw no sɛ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ saa adwuma yi. Mose kaa sɛ: “Mene hena a merekɔ Farao anim sɛ merekoyi Israelfo afi Egypt?” Onyankopɔn maa Mose awerɛhyem sɛ: “Medi w’akyi.” (Ex. 3:11, 12) Ɔsan hyɛɛ Mose bɔ sɛ: Israel mpanyimfo ‘betie wo.’ Wei nyinaa akyi mpo, Mose kaa sɛ: ‘Na sɛ wɔantie me nso ɛ?’ (Ex. 3:18; 4:1) Sɛ yɛbɛka a, na Mose pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ nea Onyankopɔn reka no nyɛ nokware! Nanso, Yehowa nyaa Mose ho abotare. Ɛnyɛ ɛno nko ara na Yehowa yɛe, ɔyɛɛ biribi kaa ho. Yehowa maa Mose tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade. Nokwasɛm ne sɛ, Mose ne onipa a odi kan a Bible ka sɛ onyaa tumi a ɛte saa.—Ex. 4:2-9, 21.

8 Nanso, Mose kɔɔ so ara sɛ ɔde nsɛm bi beyi ne ho ano; ɔkaa sɛ n’ano ntewee. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Worekasa a, mɛka wo ho na makyerɛ wo nea ka.” Wei maa Mose adwene sii no pi anaa? Dabi, efisɛ ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn ahobrɛase mu sɛ ɔnsoma obi foforo. Bere a ɔkaa saa no, Yehowa bo fuwii. Nanso, wannyae Mose akyi di. Mmom, ɔyɛɛ biribi foforo de kyerɛe sɛ ɔte Mose ase; Onyankopɔn somaa Aaron sɛ ɔnkɔkasa mma Mose.—Ex. 4:10-16.

9. Yehowa nyaa Mose ho abotare, na odwenee ne ho. Ɛboaa Mose sɛn wɔ adwuma a Yehowa de maa no no mu?

9 Dɛn na Bible mu asɛm yi ma yehu fa Yehowa ho? Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ nti, anka obetumi ahunahuna Mose ama wayɛ nea ɔreka no ntɛm ara. Nanso, Yehowa nyaa ne somfo a ɔbrɛ ne ho ase no ho abotare, na oyii ne yam maa no awerɛhyem sɛ obedi no akyi. Nea Yehowa yɛe yi maa nneɛma kɔɔ yiye anaa? Yiw, ɛmaa nneɛma kɔ yiye pa ara! Mose bɛyɛɛ ɔkannifo soronko. Sɛnea Yehowa ne Mose dii no, saa ara na Mose ne afoforo dii; ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne afoforo bedi no odwo mu, na odwenee wɔn ho.—Num. 12:3.

Sɛ wo ne afoforo redi a, wusuasua Yehowa? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Sɛ yesuasua Yehowa na yedwen afoforo ho a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

10 Nea yebetumi asua afi mu: Woyɛ okunu, ɔwofo, anaa asafo mu panyin? Sɛ saa a, wowɔ afoforo so tumi bi. Ɛnde, ehia sɛ wusuasua Yehowa, na sɛ wo ne wɔn a wɔhyɛ wo nsa redi a, woama wɔahu sɛ wudwen wɔn ho, wo yam ye, na wowɔ wɔn ho abotare! (Kol. 3:19-21; 1 Pet. 5:1-3) Sɛ wobɔ mmɔden suasua Yehowa ne Yesu Kristo a ɔne Mose Ɔkɛseɛ no a, afoforo bɛbɛn wo na ama woatumi ahyɛ wɔn nkuran. (Mat. 11:28, 29) Afei nso, wɔbɛhwɛ wo asuasua wo.—Heb. 13:7.

YEHOWA WƆ TUMI, NANSO ƆYƐ OGYEFO A ODWEN AFOFORO HO

11, 12. Bere a Yehowa dii Israelfo anim yii wɔn fii Egypt no, dɛn na ɔyɛe a amma Israelfo no ansuro na wɔn koma tɔɔ wɔn yam?

11 Bere a Israelfo fii Egypt afe 1513 A.Y.B. no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn dodow boro ɔpepem mmiɛnsa. Ná wɔyɛ awo ntoatoaso mmiɛnsa anaa nnan mpo. Ná ebinom yɛ mmofra, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔn a wɔnte apɔw anaa wɔn a wɔyɛ ayarefo nso ka ho. Ná ebehia sɛ obi a obedi nnipadɔm a ɛte saa anim afi Egypt no yɛ Ɔkannifo a ɔwɔ ntease na odwen afoforo ho. Yehowa nam Mose so ma ɛdaa adi sɛ ɔte saa. Ɛno nti, bere a Israelfo no refi Egypt, baabi a na wɔatena daa no, na wonsuro.—Dw. 78:52, 53.

12 Dɛn na Yehowa yɛe a amma ne nkurɔfo ansuro na wɔn koma tɔɔ wɔn yam? Ade baako ne sɛ, bere a Yehowa dii wɔn anim fii Egypt no, na wɔahyehyɛ wɔn sɛ “asafodɔm.” (Ex. 13:18) Akyinnye biara nni ho sɛ, nhyehyɛe pa a ɛte saa no maa Israelfo nyaa awerɛhyem sɛ wɔn Nyankopɔn na odi wɔn anim. Afei nso, Yehowa de “omununkum dii wɔn anim awia,” na ɔde “ogya a ɛhyerɛn” dii wɔn anim anadwo. Wei maa Israelfo no hui sɛ Yehowa ka wɔn ho. (Dw. 78:14) Ná ɛte sɛ nea Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ: “Munnsuro. Meka mo ho, mɛkyerɛ mo kwan na mabɔ mo ho ban.” Nokwarem no, ankyɛ koraa na Israelfo no hui sɛ wohia nkuranhyɛ a ɛte saa!

Dɛn na Yehowa yɛ maa Israelfo wɔ Po Kɔkɔɔ no ho a ɛkyerɛ sɛ odwen wɔn ho? (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13, 14. (a) Dɛn na Yehowa yɛ maa Israelfo no wɔ Po Kɔkɔɔ no ho a ɛkyerɛ sɛ na odwen wɔn ho? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi sen Egyptfo no koraa?

13 Kenkan Exodus 14:19-22. Fa no sɛ na woka Israelfo no ho, ɛnna moaka Farao asraafodɔm ne Po Kɔkɔɔ no ntam. Afei Onyankopɔn yɛɛ biribi. Omununkum dum no fii Israel asafo no anim bedii mo akyi, na esiw Egyptfo no kwan ma wɔkaa esum mu. Nanso, nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, mo de, munyaa hann wɔ mo atenae kɛse hɔ! Afei, wuhui sɛ Mose ateɛ ne nsa wɔ po no so, na mframa a ano yɛ den bi fi apuei fam bɛbɔɔ kwan too po no mu kosii po no agya. Ɛno akyi no, wo ne w’abusua ne w’afieboa ne nkurɔfo a aka no sii subon no mu a mosã so kamakama a morekɔ. Ɛhɔ ara na wuhuu anwonwade bi. Atɛkyɛ nni subon no mu, na emu nso nyɛ nwunu; emu awo ama ayɛ asase kesee ma ɛso nantew nyɛ den. Ɛno nti, nea ontumi nnantew ntɛmntɛm koraa tumi twa kɔɔ po no agya dwoodwoo.

14 Kenkan Exodus 14:23, 26-30. Saa bere no, Farao a ɔyɛ ahantan na onnim nyansa no de mmirika sii subon no mu tiw mo denneennen. Afei, Mose teɛɛ ne nsa kyerɛɛ po no so, na po nsu a na ayɛ sɛ afasu mmienu no dwiriw sɛ asorɔkye a ano yɛ den. Etwiw faa Farao ne ne dɔm so, na wɔantumi anyɛ ho hwee!—Ex. 15:8-10.

15. Dɛn na Bible mu asɛm yi ama woahu afa Yehowa ho?

15 Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ Yehowa nyɛ sakasaka Nyankopɔn. Saa suban yi boa yɛn ma yenya akomatɔyam, na ɛmma yɛmmɔ hu. (1 Kor. 14:33) Afei nso, Yehowa ma yehu sɛ ɔte sɛ oguanhwɛfo a ɔdɔ ne nguan, na ɔboa ne nkurɔfo wɔ akwan pii so. Oyi ne yam twe wɔn ba ne nkyɛn, na ɔbɔ wɔn ho ban fi wɔn atamfo ho. Bere a yɛabɛn wiase nhyehyɛe yi awiei no, hwɛ sɛnea saa nokwasɛm yi ka yɛn koma to yɛn yam na ɛkyekye yɛn werɛ!—Mmeb. 1:33.

16. Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa gyee Israelfo no ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

16 Ɛnnɛ nso, Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban sɛ kuw; ɔboa wɔn ma wɔne no nya abusuabɔ pa, na ɔbɔ wɔn ho ban fi wɔn atamfo nsam. Ɔbɛkɔ so ayɛ saa wɔ ahohiahia kɛse a ɛrebobɔ ba no mu. (Adi. 7:9, 10) Enti, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ mmofra oo, mpanyin oo, wɔte apɔw oo, wɔadi dɛm oo, wɔrensuro anaa wɔremmɔ hu wɔ ahohiahia kɛse no mu. * Nokwasɛm ne sɛ, wobedi ahurusi mmom! Wɔbɛkae asɛm a Yesu Kristo kae yi: “Monsɔre nnyina na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28) Sɛ Gog a ɛyɛ amanaman a wɔaka abom a wɔwɔ tumi koraa sen Farao a ɔtenaa ase tete no tow hyɛ wɔn so mpo a, wobenya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn ho ban. (Hes. 38:2, 14-16) Adɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo benya ne mu awerɛhyem? Wonim sɛ Yehowa nsakra. Ɔbɛsan ada ne ho adi sɛ ɔyɛ Ogyefo a ɔdɔ ne nkurɔfo na odwen wɔn ho.—Yes. 26:3, 20.

17. (a) Bible mu nsɛm a ɛfa sɛnea Yehowa dwen ne nkurɔfo ho no, sɛ yesua a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (b) Dɛn na yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Adesua yi mu no, yɛahu sɛnea Yehowa dwen ne nkurɔfo ho na oyi ne yam boa wɔn bere a ɔrekyerɛ wɔn kwan, ne bere a ɔregye wɔn. Nea yɛasusuw ho yi yɛ emu kakraa bi pɛ. Sɛ woredwinnwen Bible mu nsɛm a ɛte saa ho a, bɔ mmɔden sɛ wubehu Yehowa suban bi a ebia w’adwene nkɔɔ so da. Sɛ wusua Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho ade pii a, ɛbɛkanyan w’adwene na aka wo koma, na ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no ne ne mu gyidi a wowɔ no ayɛ den pa ara. Adesua a edi hɔ no, yebehu akwan a yɛbɛfa so asuasua Yehowa na yɛadwen afoforo ho. Ɛbɛma yɛahu sɛnea yebedwen afoforo ho wɔ yɛn abusua mu, Kristofo asafo no mu, ne asɛnka mu.

^ nky. 3 Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ, saa bere no, na Samuel adi mfe 12.

^ nky. 16 Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ nnipa a wobetwa Harmagedon no bi bɛyɛ nkurɔfo a wɔadi dɛm. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔsaa nkurɔfo a na ‘ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa bi’ wɔ wɔn so yare. Wei ma yehu nea ɔbɛyɛ ama wɔn a wobetwa Harmagedon no; ɛnyɛ nea ɔbɛyɛ ama wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no. (Mat. 9:35) Wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu bɛba no, na wonni ɔhaw biara wɔ wɔn nipadua mu.