Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anigye Ne Wɔn a Wɔsom “Anigye Nyankopɔn No”

Anigye Ne Wɔn a Wɔsom “Anigye Nyankopɔn No”

“Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”—DW. 144:15.

NNWOM: 44, 125

1. Adɛn nti na Yehowa asomfo yɛ nkurɔfo a wɔn ani gye? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YEHOWA ADANSEFO yɛ nkurɔfo a wɔn ani gye pa ara. Sɛ wɔkɔ wɔn asafo nhyiam, nhyiam akɛse, anaa wohyiam sɛ wɔregye wɔn ani a, wɔbɔ nkɔmmɔ serew ma wɔn ani gye. Dɛn na ɛma wɔn ani gye saa? Nea enti pa ara ne sɛ, wonim Yehowa a ɔyɛ “anigye Nyankopɔn no”; wɔsom no, na wosuasua no. (1 Tim. 1:11; Dw. 16:11) Esiane sɛ Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn nti, ɔpɛ sɛ yɛn ani gye, na ɔma yɛn nneɛma pii a ɛma yɛn ani gye.—Deut. 12:7; Ɔsɛnk. 3:12, 13.

2, 3. (a) Yɛka sɛ yɛwɔ anigye a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛn ani begye?

2 Wo nso ɛ? W’ani gye anaa? Wubetumi ayɛ biribi a ɛbɛma w’ani agye pii? Sɛ yɛka sɛ yɛwɔ anigye a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛn ho tɔ yɛn, yɛn koma tɔ yɛn yam anaa yedi ahurusi mpo. Bible ma yehu sɛ wɔn a wɔne Yehowa ntam yɛ papa nko ara na wobetumi anya anigye ankasa. Nanso, ɛnnɛ wiase yi mu de, ebetumi ayɛ den sɛ yɛn ani begye. Adɛn ntia?

3 Ɔhaw bi betumi ato yɛn ama asɛe yɛn anigye. Ebi ne bere a yɛn dɔfo bi awu anaa wɔatu no afi asafo no mu, anaa bere a yɛn aware agu anaa yɛn adwuma afi yɛn nsa. Afei nso, sɛ asomdwoe nni yɛn abusua mu anaa yentumi mmɔ nkɔmmɔ asomdwoe mu a, ebetumi asɛe yɛn anigye. Sɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa yɛn sukuufo di yɛn ho fɛw a, ebetumi asɛe yɛn asomdwoe. Saa ara na sɛ yɛn som nti wɔtaa yɛn, anaa wɔde yɛn gu afiase a, ɛno nso betumi asɛe yɛn asomdwoe. Bio nso, sɛ yɛregogow, yare a ne ko yɛ den bɔ yɛn, anaa adwinnwen bi bɛtɔ yɛn so a, ebetumi asɛe yɛn anigye. Nanso, Yesu Kristo a ɔyɛ “Obirɛmpɔn koro pɛ a ɔwɔ anigye” no ani gye ho sɛ ɔbɛkyekye nkurɔfo werɛ na wama wɔn ani agye. (1 Tim. 6:15; Mat. 11:28-30) Yesu Kristo Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkyerɛɛ su ahorow bi a ebetumi ama yɛn ani agye ɛmfa ho mpo sɛ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den wɔ Satan wiase yi mu.

EHIA SƐ YƐNE YEHOWA FA ADAMFO DENNEENNEN NA AMA YƐN ANI AGYE

4, 5. Yɛbɛyɛ dɛn anya anigye na yɛama atena hɔ daa?

4 Ade a Yesu dii kan kaa ho asɛm no ho hia pa ara. Ɔkaa sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mat. 5:3) Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yenim saa ahiade no? Sɛ yesua Bible, yedi Yehowa ahyɛde so, na yɛma ne som ho hia yɛn pa ara wɔ yɛn asetenam a, ɛkyerɛ sɛ yenim saa ahiade no. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, yɛn ani begye pa ara. Afei nso, gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam nnansa yi ara no bɛyɛ kɛse. Bio nso, “anidaso a ɛyɛ anigye” a Onyankopɔn Asɛm ma nokware Kristofo nya no bɛhyɛ yɛn nkuran.—Tito 2:13.

5 Sɛ yɛn ani begye daa a, ehia sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Munni ahurusi wɔ Awurade [Yehowa] mu daa. Meka bio sɛ, munni ahurusi!” (Filip. 4:4) Sɛ yɛne Onyankopɔn benya abusuabɔ a ɛte saa a, ehia sɛ yenya Onyankopɔn nyansa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Anigye ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya nhumu. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso mu, na wɔn a wokura mu den no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.”—Mmeb. 3:13, 18.

6. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn ani agye daa?

6 Nanso, sɛ yebenya anigye daa a, ehia sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yɛde yɛ adwuma. Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ yɛde nea yesua yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.” (Yoh. 13:17; kenkan Yakobo 1:25.) Ehia sɛ yɛyɛ saa na ama yɛanya yɛn honhom fam ahiade, na yɛn ani agye daa. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn anya anigye bere a nneɛma pii a ebetumi asɛe yɛn anigye wɔ hɔ? Momma yɛnhwɛ asɛm a edi hɔ a Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu.

SU AHOROW A ƐMA YƐN ANI GYE

7. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔredi awerɛhow no ani atumi agye?

7 Bible ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wodi awerɛhow, efisɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.” (Mat. 5:4) Ebia ebinom benya adwene sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wodi awerɛhow ani atumi agye?’ Ɛnyɛ wɔn a wɔredi awerɛhow nyinaa ho asɛm na na Yesu reka. Abɔnefo mpo di ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu ho awerɛhow. (2 Tim. 3:1) Nanso, esiane sɛ wodwen wɔn nkutoo ho na wonnwen Yehowa ho nti, wontumi ne no mfa adamfo, na ɛno mma wɔn ani nnye. Wɔn a wonim wɔn honhom fam ahiade ho asɛm na na Yesu reka. Saa nkurɔfo no di awerɛhow efisɛ nnipa apo Onyankopɔn na wɔmmɔ wɔn bra sɛnea ɔpɛ. Ebia wogye tom sɛ wɔyɛ abɔnefo, na wohu awerɛhosɛm a yɛn bɔne de aba no nso. Yehowa hu wɔn a wɔredi awerɛhow ankasa no; ɔnam n’Asɛm no so kyekye wɔn werɛ, ɔma wɔn ani gye, na ɔma wonya daa nkwa ho anidaso.—Kenkan Hesekiel 5:11; 9:4.

8. Sɛ wudwo a, adɛn nti na ebetumi ama w’ani agye?

8 Bible ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mat. 5:5) Obi dwo a, ɛbɛyɛ dɛn na atumi ama n’ani agye? Sɛ nkurɔfo nya nokware no ho nimdeɛ a, wɔn suban sesa. Ebia bere bi na wommu ade, wɔpɛ ntɔkwaw, na na wɔyɛ basabasa. Nanso, seesei wɔahyɛ “nipasu foforo” no, na wɔda “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre” adi. (Kol. 3:9-12) Ɛno nti, seesei wɔwɔ asomdwoe, wɔne afoforo ntam yɛ kama, na wɔn ani gye wɔ wɔn asetena mu. Afei nso, Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ, saa nkurɔfo no ‘benya asase no.’—Dw. 37:8-10, 29.

9. (a) Bere a Yesu kaa sɛ wɔn a wodwo ‘benya asase no,’ na ɔkyerɛ sɛn? (b) Adɛn nti na “wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn” ani betumi agye?

9 Bere a Yesu kaa sɛ wɔn a wodwo ‘benya asase no,’ na ɔkyerɛ sɛn? Yesu asuafo a wɔde honhom asra wɔn no benya asase no bere a wobedi so sɛ ahemfo ne asɔfo no. (Adi. 20:6) Nnipa mpempem pii a wonni anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no de, wobenya asase no; kyerɛ sɛ, wɔbɛma wɔatena so afebɔɔ. Wɔbɛyɛ pɛ na wɔatena so asomdwoe ne anigye mu. Kristofo a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nyinaa na Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn” no. (Mat. 5:6) Wiase foforo no mu no, wobekum trenee ho kɔm ne sukɔm a ɛde wɔn no korakora. (2 Pet. 3:13) Sɛ Onyankopɔn yi abɔnefosɛm nyinaa fi hɔ a, amumɔyɛsɛm ne nneɛma bɔne rensɛe treneefo anigye bio da.—Dw. 37:17.

10. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ mmɔborɔhunufo a, ɛkyerɛ sɛn?

10 Bible ka sɛ: “Anigye ne mmɔborɔhunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mat. 5:7) Sɛ obi yɛ mmɔborɔhunufo a, ɛkyerɛ sɛ ɔtew n’anim, ɔwɔ tema, na ɔwɔ ayamhyehye, kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔrehu amane asɛm yɛ no mmɔbɔ. Nanso, sɛ obi wɔ mmɔborɔhunu a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ afoforo asɛm yɛ no mmɔbɔ kɛkɛ. Bible ma yehu sɛ, sɛ obi wɔ mmɔborɔhunu a, ɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ ohu nnipa mmɔbɔ.

11. Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Kenkan Luka 10:30-37. Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho a Yesu mae no ma yehu nea ɛkyerɛ pa ara sɛ obi yɛ mmɔborɔhunufo. Nea ɛmaa Samariani no boaa ɔbarima a na ɔrehu amane no ne sɛ, ne yam hyehyee no maa no na n’asɛm yɛɛ no mmɔbɔ. Bere a Yesu maa mfatoho no wiei no, ɔkaa sɛ: “Kɔ na wo nso kɔyɛ saa ara.” Enti, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Saa ara na meyɛ? Mema me yam hyehye me ma afoforo sɛnea Samariani no yɛe no? Sɛ mihu sɛ afoforo rehu amane a, miyi me yam yɛ biribi de boa wɔn? Sɛ meyɛ saa dedaw a, metumi ayɛ pii aka ho anaa? Sɛ nhwɛso no, metumi aboa me nuanom Kristofo a wɔn mfe akɔ anim, akunafo, ne wɔn a wɔn awofo nni asafo no mu? Metumi ayi me yam “akyekye akra a wɔahaw werɛ” anaa?’—1 Tes. 5:14; Yak. 1:27.

Yi wo yam da mmɔborɔhunu adi, na hwɛ anigye a wubenya (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a, adɛn nti na ɛma yɛn ani gye?

12 Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a, adɛn nti na ɛma yɛn ani gye? Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ adɔe, na Yesu kaa sɛ, yɛyɛ adɔe a yɛn ani begye. Ade foforo nti a sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a ɛma yɛn ani gye ne sɛ, yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. (Aso. 20:35; kenkan Hebrifo 13:16.) Ɔhene Dawid kaa obi a ohu afoforo mmɔbɔ ho asɛm sɛ: “Yehowa bɛhwɛ no so na wama no nkwa. Wɔbɛfrɛ no anigye wɔ asase so.” (Dw. 41:1, 2) Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ na yenya ayamhyehye ma wɔn a, yɛn nso Yehowa behu yɛn mmɔbɔ na wama yɛn ani agye daa.—Yak. 2:13.

NEA ENTI A “WƆN A WƆN KOMA MU TEW” ANI GYE

13, 14. Adɛn nti na obi koma mu tew a, n’ani gye?

13 Yesu kaa sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew, efisɛ wobehu Onyankopɔn.” (Mat. 5:8) Sɛ yɛn koma mu bɛtew a, ɛsɛ sɛ yɛma nea yesusuw ho ne nea yɛn koma pɛ ho tew. Ehia sɛ yedwinnwen nneɛma a ɛho tew ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho rengu fĩ.—Kenkan 2 Korintofo 4:2; 1 Tim. 1:5.

14 Wɔn a wɔn koma mu tew betumi ne Yehowa anya abusuabɔ pa. Yehowa kaa sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade.” (Adi. 22:14) Sɛ Bible ka sɛ “wɔhoro wɔn ntade” a, ɛkyerɛ sɛn? Kristofo a wɔasra wɔn fam no, nea ‘wɔn ntade a wɔhoro’ kyerɛ ne sɛ, wɔn ho tew wɔ Yehowa anim, na wobenya nkwa a owu nnim na wɔanya anigye a enni awiei wɔ soro. Nnipakuw kɛse a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so fam no, nea ‘wɔn ntade a wɔhoro’ kyerɛ ne sɛ, Onyankopɔn fa wɔn nnamfo efisɛ obu wɔn treneefo. Seesei mpo ‘wɔrehoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu.’—Adi. 7:9, 13, 14.

15, 16. Wɔn a wɔn koma mu tew no bɛyɛ dɛn ‘ahu Onyankopɔn’?

15 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔn koma mu tew no ‘ahu Onyankopɔn’ bere a Yehowa aka sɛ “onipa biara renhu [Onyankopɔn anim] nnya nkwa”? (Ex. 33:20) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘hu’ no betumi akyerɛ sɛ “wubetwa biribi ho mfoni wɔ w’adwenem, na woate ase.” Wɔn a wɔahu Onyankopɔn yiye, na wɔn ani gye ne su ahorow ho no na wɔde wɔn “koma ani” hu no. (Efe. 1:18) Yesu suasuaa Onyankopɔn suban pɛpɛɛpɛ, enti otumi kaa sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.”—Yoh. 14:7-9.

16 Onyankopɔn suban a nokware Kristofo behu akyi no, ade foforo a ebetumi ama ‘wɔahu Onyankopɔn’ ne sɛ wobehu nea Onyankopɔn yɛ ma wɔn. (Hiob 42:5) Afei nso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obehyira wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ho atew na wɔasom no nokwarem no. Saa nhyira no na wɔde ‘wɔn koma ani’ asi so. Nokwarem no, sɛ wonyan Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔkɔ soro a, wɔde wɔn ani behu Yehowa ankasa.—1 Yoh. 3:2.

YƐREFA ƆHAW MU MPO A, YƐN ANI BETUMI AGYE

17. Adɛn nti na wɔn a wɔpɛ asomdwoe ani gye?

17 Yesu toaa so sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Mat. 5:9) Wɔn a wodi kan tu anammɔn sɛ wɔbɛma asomdwoe atena wɔne afoforo ntam no ani betumi agye. Osuani Yakobo kaa sɛ: “Wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Yak. 3:18) Sɛ yɛne obi ntam asɛe wɔ asafo no mu anaa yɛn abusua mu a, yebetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛne no nsiesie yɛn ntam. Woyɛ saa a, Yehowa bɛma wo honhom kronkron, na ɛbɛboa wo ama woada Kristofo suban adi, na w’ani begye pa ara. Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ yedi kan tu anammɔn ne yɛn nuanom kosiesie yɛn ntam. Ɔkaa sɛ: “Afei sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre.”—Mat. 5:23, 24.

18, 19. Sɛ wɔtaa Kristofo a, adɛn nti na wɔn ani betumi agye?

18 Bible ka sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.” Dɛn na na Yesu rekyerɛ? Ɔtoaa so kaa sɛ: “Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.” (Mat. 5:11, 12) Bere a wɔhwee asomafo no na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛmpaka adwuma no, wɔde “anigye fii Sanhedrin no anim kɔe.” Ɛwom, ɛnyɛ hwe a wɔhwee wɔn no na ɛmaa wɔn ani gyei. Na mmom, wɔn ani gyei “efisɛ wɔabu wɔn sɛ [Yesu] din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.”—Aso. 5:41.

19 Ɛnnɛ nso, sɛ Yesu din nti Yehowa nkurɔfo hu amane anaa wohyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, wɔde anigye gyina mu. (Kenkan Yakobo 1:2-4.) Asomafo no ani annye ho sɛ wobehu amane, saa ara na yɛn nso yɛn ani nnye ho sɛ yebehu amane biara. Nanso, sɛ yehyia sɔhwɛ na yekura yɛn mũdi mu ma Onyankopɔn a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛanya akokoduru de agyina ano. Ɛho nhwɛso bi ni. August 1944 no, atumfoɔ a na wodi tumi wɔ kankabi nniso bi mu de Henryk Dornik ne ne nuabarima koguu nneduaban mu. Nanso, wɔn a na wɔretaa wɔn no kaa sɛ: “Yɛrentumi mma wɔnyɛ biribi a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ wɔn som nti wɔyɛ wɔn ayayade a, wɔn ani gye.” Onua Dornik kaa sɛ: “Ɛwom sɛ na m’ani nnye ho sɛ me som nti mehu amane de, nanso minyaa akokoduru, na mehyɛɛ me ho so gyinaa amanehunu ano dii nokware maa Yehowa. Wei maa m’ani gyei. . . . Mpae a mifi me komam bɔe no maa mebɛn Yehowa kɛse, na ɔbɛyɛɛ Ɔboafo a mitumi de me ho to no so.”

20. Adɛn nti na yɛn ani gye sɛ yɛresom “anigye Nyankopɔn no”?

20 Sɛ yenya “anigye Nyankopɔn no” anim dom, na sɛ yɛn som nti wɔtaa yɛn, yehyia ɔhaw wɔ abusua mu, yare bi bɔ yɛn, anaa yɛbɔ akwakoraa anaa aberewa mpo a, yɛn ani betumi agye. (1 Tim. 1:11) Afei nso, yɛn ani gye efisɛ Onyankopɔn a “ontumi nni atoro” no ahyɛ yɛn bɔ pii. (Tito 1:2) Yehowa bɔhyɛ bɛbam ma ayɛ nwonwa araa ma yɛrenkae ɔhaw ne sɔhwɛ a yɛrefa mu seesei no bio da. Yehowa nhyira a yebenya wɔ Paradise a ɛreba no mu no, ɛbɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so. Afei nso, yɛn ani begye aboro so. Nokwasɛm ne sɛ, ‘yebegye yɛn ani asomdwoe bebree mu.’—Dw. 37:11.