Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Da Ɔdɔ Adi—Ɛhyɛ Afoforo Den

Kɔ So Da Ɔdɔ Adi—Ɛhyɛ Afoforo Den

“Ɔdɔ ma nkɔso.”​—1 KOR. 8:1.

NNWOM: 109, 121

1. Anadwo a etwa to a Yesu ne n’asuafo no hyiae no, asɛm a ɛho hia bɛn na ɔne wɔn susuw ho?

ANADWO a etwa to a Yesu ne n’asuafo no hyiae no, ɔkaa ɔdɔ ho asɛm bɛyɛ mpɛn 30. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo pefee sɛ, ɛsɛ sɛ ‘wɔdodɔ wɔn ho.’ (Yoh. 15:12, 17) Ɔdɔ a wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho no bɛyɛ soronko araa ma obiara behu sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo ankasa. (Yoh. 13:34, 35) Saa ɔdɔ yi nyɛ atenka ara kwa. Ná Yesu reka suban bi a ɛyɛ fɛ pa ara ho asɛm; ɛne sɛ yebeyi yɛn yam adɔ afoforo. Ɔkaa sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ nea merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.”—Yoh. 15:13, 14.

2. (a) Dɛn na yehu wɔ Onyankopɔn asomfo mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

2 Ɛnnɛ, ɔdɔ amapa a Yehowa nkurɔfo yi wɔn yam da no adi ne baakoyɛ a emu yɛ den a ɛwɔ wɔn mu no ma nkurɔfo hu sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo. (1 Yoh. 3:10, 11) Ɛyɛ yɛn dɛ pa ara sɛ, ɛmfa ho ɔman anaa abusuakuw a Yehowa asomfo fi mu, kasa a wɔka, anaa baabi a wɔtetee wɔn no, wɔda ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no bi adi! Nanso, ebia yebebisa sɛ: ‘Adɛn nti na ɔdɔ ho hia pa ara wɔ yɛn bere yi so? Dɛn na Yehowa ne Yesu yɛ de hyɛ yɛn den wɔ ɔdɔ mu? Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de ada Kristo dɔ a “ɛma nkɔso” no bi adi?’—1 Kor. 8:1.

NEA ENTI A ƆDƆ HO HIA PA ARA NNƐ

3. Sɛn na “mmere a emu yɛ den” yi ka nnipa?

3 Esiane sɛ “ɔhaw ne amanehunu” ahyɛ asetena mã nti, nnipa pii reteetee wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (Dw. 90:10; 2 Tim. 3:1-5) Nnipa bebree pɛ sɛ wokum wɔn ho. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ afe biara nnipa bɛboro 800,000 kum wɔn ho. Wei kyerɛ sɛ, anibu 40 biara, onipa baako kum ne ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo binom mpo ama ɔhaw a ɛte saa ahyɛ wɔn so araa ma wɔakum wɔn ho.

4. Nnipa bɛn na Bible ka wɔn ho asɛm sɛ na wɔpɛ sɛ wowu?

4 Bere a wɔrekyerɛw Bible no, Onyankopɔn asomfo anokwafo binom maa ɔhaw a na wɔrefa mu hyɛɛ wɔn so araa ma na wɔpɛ sɛ wowu. Yɛnhwɛ Hiob. Ná ne honam tutu no araa ma ɔkaa sɛ: “Mapo nkwa; merentena ase bio da.” (Hiob 7:16; 14:13) Yona nso, sɛnea nneɛma kɔyɛe wɔ adwuma a Yehowa de maa no ho no, n’abam bui araa ma ɔkaa sɛ: “Afei Yehowa, gye me kra fi me nsam, na eye sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.” (Yona 4:3) Odiyifo nokwafo Elia nso, ɔmaa ɔhaw a ɔkɔɔ mu hyɛɛ ne so araa ma ɔsrɛe sɛ onwu. Ɔkaa sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra fi me nsam.” (1 Ahe. 19:4) Nanso, na Yehowa bu n’asomfo anokwafo yi sɛ wɔsom bo, na na ɔmpɛ sɛ wowu. Yehowa ankasa antia wɔn sɛ wɔtee nka saa, na mmom, ɔboaa wɔn ma woyii adwene a na wɔanya sɛ wɔpɛ sɛ wowu no fii wɔn tirim, na ɔhyɛɛ wɔn den wɔ ɔdɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so asom no nokware mu.

5. Adɛn nti na nnɛ pa ara na ehia sɛ yɛdɔ yɛn nuanom?

5 Sɛ yɛn nuanom nte nka sɛ wɔpɛ sɛ wowu mpo a, ɛnnɛ wɔn mu pii refa tebea ahorow a ɛhaw adwene mu, na ehia sɛ yɛhyɛ wɔn den wɔ ɔdɔ mu. Ebinom rehyia ɔtaa, na wodi ebinom nso ho fɛw. Nkurɔfo kasa tia ebinom anaa wɔkeka wɔn ho nsɛmmɔne wɔ adwuma mu. Afoforo nso brɛ, efisɛ bere a wɔde pɔn adwuma so a, wɔma wɔka mu yɛ adwuma, anaa da biara ɛsɛ sɛ wowie wɔn adwuma wɔ bere pɔtee bi mu. Afoforo nso hyia nsɛnnennen wɔ wɔn abusua mu. Ebia wɔn kunu anaa wɔn yere a onni asafo no mu kasa tia wɔn bere nyinaa. Saa ɔhaw yi ne ɔhaw afoforo nti, asafo no mufo pii te nka sɛ wɔabrɛ na wɔayɛ basaa. Wɔn a wɔn abam abu yi, hena na obetumi aboa wɔn?

MA YEHOWA DƆ NHYƐ WO DEN

6. Dɛn na Yehowa yɛ de hyɛ n’asomfo den wɔ ɔdɔ mu?

6 Yehowa hyɛ n’asomfo den; ɔma wɔn awerɛhyem sɛ ɔbɛdɔ wɔn nnɛ de akosi daa. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo anokwafo no sɛ: “Wosom bo m’ani so nti, midi wo ni, na medɔ wo. . . . Nsuro na midi w’akyi.” Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi hyɛɛ wɔn nkuran! (Yes. 43:4, 5) Woyɛ Yehowa somfo, enti wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wo pa ara. * Onyankopɔn Asɛm hyɛ wɔn a wɔresom Onyankopɔn nokwarem no bɔ sɛ: “Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa. N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.”—Sef. 3:16, 17.

7. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no te sɛ ɔbaatan de? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Sɔhwɛ biara a ebia Yehowa nkurɔfo behyia no, ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn na wakyekye wɔn werɛ. Bible ka sɛ: “Wobeturu mo wɔ wɔn nkyɛnmu na wɔagyigye mo wɔ wɔn nan so. Sɛnea ɔbarima bi maame kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkɔ so akyekye mo werɛ.” (Yes. 66:12, 13) Wuhu sɛ ɔbaatan turu ne ba wɔ ne nkyɛnmu, anaa ɔregye no agorɔ wɔ ne nan so a, hwɛ sɛnea ɛka koma pa ara! Yehowa de saa asɛm yi yɛ mfatoho ma yehu sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma n’asomfo a wɔsom no nokwarem no, emu yɛ den pa ara. Enti ma w’adwene nsi wo pi sɛ wosom bo ma Yehowa, na odwen wo ho.—Yer. 31:3.

8, 9. Sɛn na ɔdɔ a Yesu wɔ ma yɛn no betumi ahyɛ yɛn den?

8 Ade foforo nso a ɛma nokware Kristofo hu sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn ni: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Yesu nso, ne nkwa a ɔde too hɔ maa yɛn no ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn pa ara! Ɔdɔ a ɛte saa no hyɛ yɛn den pa ara! Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ “ahohia anaa ahometew” mpo rentumi ‘ntew yɛn mfi Kristo dɔ ho.’—Rom. 8:35, 38, 39.

9 Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛma yɛbrɛ anaa ɛma yɛbotow, anaa ɛsɛe anigye a yɛwɔ wɔ Yehowa som mu a, ɔdɔ a Kristo wɔ ma yɛn no betumi ahyɛ yɛn den ama yɛagyina ano. (Kenkan 2 Korintofo 5:14, 15.) Sɛ yehyia sɔhwɛ te sɛ atoyerɛnkyɛm, ɔtaa, abasamtu, anaa dadwen hyɛ yɛn so bere nyinaa mpo a, ɔdɔ a Yesu wɔ ma yɛn no betumi aboa yɛn, na ahyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina ano.

EHIA SƐ YƐDƆ YƐN NUANOM

Sɛ wusua Yesu ho ade a, ebetumi ama woahyɛ afoforo nkuran (Hwɛ nkyekyɛm 10, 11)

10, 11. Henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhyɛ wɔn nuanom nkuran? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Yehowa nam Kristofo asafo no so nso hyɛ yɛn den wɔ ɔdɔ mu. Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom Kristofo ama wɔahu sɛ wɔsom bo ma Yehowa, na ɔdɔ wɔn. (1 Yoh. 4:19-21) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den, sɛnea moreyɛ no ara.” (1 Tes. 5:11) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ asafo mu mpanyimfo nko ara na wobetumi asuasua Yehowa ne Yesu na wɔakyekye wɔn nuanom werɛ na wɔahyɛ wɔn den, na mmom asafo no muni biara betumi ayɛ saa.—Kenkan Romafo 15:1, 2.

11 Asafo no mufo binom wɔ adwenemhaw a ebehia sɛ wokohu nnuruyɛfo na wɔma wɔn aduru. (Luka 5:31) Asafo mu mpanyimfo ne asafo no mufo fi ahobrɛase mu gye tom sɛ wɔnyɛ nnuruyɛfo a wɔatete wɔn a wɔwɔ adwenemhaw ho nimdeɛ. Nanso, mpanyimfo no ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa pa ara. Wobetumi ‘akyekye akra a wɔahaw werɛ, aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw, na wɔanya abodwokyɛre ama nnipa nyinaa.’ (1 Tes. 5:14) Ehia sɛ Kristofo nyinaa nya tema ne abotare, na wɔkyekye wɔn a wɔn abam abu werɛ. Yemmisa sɛ, woyɛ obi a wokyekye afoforo werɛ na wohyɛ wɔn nkuran anaa? Sɛ wunim sɛnea yɛboa afoforo saa a, ebetumi ama woaboa wɔn yiye pa ara.

12. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea asafo no mufo ada ɔdɔ adi akyerɛ obi ama ahyɛ no nkuran.

12 Yɛbɛyɛ dɛn ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔredi awerɛhow ama ahyɛ wɔn den? Onuawa bi a ɔwɔ Europa ka sɛ: “Ɛtɔ da a, ɛba me tirim sɛ minkum me ho. Nanso nhyehyɛe pa bi wɔ hɔ a ɛboa me. Asafo a mewom no na agye me nkwa. Anuanom dɔ me yiye, na wɔhyɛ me nkuran bere nyinaa. Ɛwom sɛ asafo no mufo kakraa bi na wonim sɛ mewɔ adwenemhaw de, nanso asafo no mufo nyinaa boa me daa. Awarefo bi ayɛ sɛ m’awofo wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔhwɛ me yiye pa ara, na wɔboa me da biara da, nnɔnhwerew 24.” Ɛwom, ɛnyɛ obiara na obetumi aboa afoforo saa. Nanso, yeyi yɛn yam ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ wɔn a wɔredi awerɛhow a, ebetumi aboa wɔn pa ara. *

SƐNEA WOBƐHYƐ AFOFORO DEN WƆ ƆDƆ MU

13. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ afoforo den a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

13 Yɛ otiefo pa. (Yak. 1:19) Sɛ yenya tema ma afoforo na yetie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Fa anifere bisa nea ɔrehu amane no nsɛm a ɛbɛma woatumi ate no ase, na ama woatumi aboa no yiye. Ɛno bɛboa wo ama woanya tema ama wo nua a wo ne no resom no, na woahyɛ no den. Ma onhu wɔ w’anim sɛ wudwen ne ho ankasa. Sɛ wo nua Kristoni no te nka sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu kɔ akyiri a, nya ne ho abotare, hyɛ wo ho so na woantwa n’ano. Sɛ wunya abotare tie no a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea ɔte nka ankasa. Ɛno betumi aboa wo nua a ɔrehu amane no ama wanya wo mu gyidi, na ɛbɛyɛ mmerɛw pa ara ama no sɛ obetie nyansahyɛ biara a wode bɛma no, na ahyɛ no den. Sɛ woma wo nua no hu sɛ ne ho hia wo pa ara na wudwen ne ho a, ebetumi akyekye ne werɛ ankasa.

14. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo?

14 Nkasa ntia afoforo. Sɛ wɔn a wɔahaw no nya adwene sɛ yɛkasa tia wɔn daa a, ebetumi ama wɔn abam abu koraa, na mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛboa wɔn wɔ ɔdɔ mu no, ɛrenkosi hwee. Bible ka sɛ: “Ɛwɔ nea otu nsɛm bumbum sɛ nkrante a ɛwowɔ, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.” (Mmeb. 12:18) Yɛrenhyɛ da sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛyɛ yaw de ‘awowɔ’ wɔn a wɔahaw no. Nanso, sɛ mpo yɛanhyɛ da sɛ yɛbɛka asɛm ama ‘awowɔ’ obi a, ebetumi ayɛ no yaw pa ara. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ afoforo den wɔ ɔdɔ mu a, ehia sɛ yenya tema ma wɔn na yɛyɛ nea yebetumi biara ma wohu sɛ yɛte wɔn tebea no ase.—Mat. 7:12.

15. Adwinnade a ɛsom bo bɛn na yebetumi de akyekye afoforo werɛ?

15 Fa Onyankopɔn Asɛm kyekye afoforo werɛ. (Kenkan Romafo 15:4, 5.) Kyerɛw Kronkron no yɛ akorade a ɛkyekye yɛn werɛ, na ɛka yɛn koma to yɛn yam. “Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekye” no na ɔde Bible ama yɛn. Sɛ yɛde awerɛkyekyesɛm a yenya fi Bible mu to nkyɛn a, yɛwɔ nneɛma pii a yɛde sua Bible. Yebetumi de Watch Tower Publications Index ne Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu asua ade. Wei betumi aboa yɛn ama yɛanya Bible mu nsɛm a ɛhyɛ gyidi den na aboa yɛn ama yɛatumi agyina ɔhaw biara ano. Saa nneɛma a yɛde sua Bible yi betumi aboa yɛn ama yɛanya nsɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛka de ahyɛ yɛn nuanom den pa ara.

16. Su ahorow bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahyɛ Kristoni a wahaw nkuran?

16 Nya ayamhyehye na da odwo adi. Saa su yi ne ɔdɔ kann na ɛnam. Sɛ yɛhyɛ obi nkuran na yɛhyɛ no den a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ayamhyehye na yedwo. Yehowa ankasa yɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn,” na ɔwɔ “mmɔborɔhunu” ma n’asomfo. (Kenkan 2 Korintofo 1:3-6; Luka 1:78; Rom. 15:13) Paulo yɛɛ wei ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ. Ɔkaa sɛ: “Yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛnea ɔbaatan ma n’ani kũ n’ankasa mma ho no. Enti, esiane sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma mo nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yiye sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.” (1 Tes. 2:7, 8) Sɛ yɛwɔ ayamhyehye ne odwo te sɛ Yehowa a, obetumi afa yɛn so abua obi a ɔrehu amane mpaebɔ.

17. Adwempa bɛn na yenya wɔ yɛn nuanom ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahyɛ wɔn den wɔ ɔdɔ mu?

17 Nhwɛ kwan sɛ wo nuanom bɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Nya wo nuanom Kristofo ho adwempa. Sɛ wohwɛ kwan sɛ wo nuanom bɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a, ɛrenyɛ yiye, na ɛbɛma w’abam abu. (Ɔsɛnk. 7:21, 22) Kae sɛ, Yehowa nhwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛyɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so. Sɛ yesuasua no a, yebenya yɛn nuanom sintɔ ho abotare. (Efe. 4:2, 32) Sɛ́ anka wobɛma wɔanya adwene sɛ nea wɔreyɛ nsɔ ani no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkamfo wɔn wɔ nea wɔreyɛ ho. Ɛno betumi ahyɛ wɔn nkuran. Sɛ yeyi yɛn yam kamfo yɛn nuanom a, ebetumi ahyɛ wɔn den na aboa wɔn ama wɔanya “biribi de ahoahoa” wɔn ho wɔ wɔn som adwuma mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ pa ara sɛ yɛbɛyɛ saa sen sɛ yɛde wɔn bɛtoto afoforo ho sɛnea ɛnsɛ.—Gal. 6:4.

18. Dɛn na ɛbɛma yɛahyɛ afoforo den wɔ ɔdɔ mu?

18 Yehowa guan biara som bo ma no pa ara; saa ara na oguan biara som bo ma Yesu a ɔde ne nkwa mae sɛ agyede afɔre no. (Gal. 2:20) Yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo pa ara. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn yam hyehye yɛn ma wɔn. Nea ɛbɛyɛ na yɛama wɔn ho adwo wɔn no, “momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den akyi.” (Rom. 14:19) Yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ Paradise a ɛreba no mu no, biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛn abam abu da! Yare, akodi, owu a yenya fii Adam hɔ, ɔtaa, abusua mu nsɛnnennen, ne abasamtu befi hɔ. Mfirihyia Apem no akyi no, nnipa nyinaa bɛyɛ pɛ. Wɔn a wobedi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu no, Yehowa Nyankopɔn de wɔn bɛyɛ ne mma wɔ asase so, na wobenya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.” (Rom. 8:21) Momma yɛn nyinaa nkɔ so nhyɛ afoforo den wɔ ɔdɔ mu, na yɛmmoa yɛn ho yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya yɛn ti adidi mu akɔ Onyankopɔn wiase foforo a anigye wom no mu.

^ nky. 12 Sɛ wopɛ nyansahyɛ a ɛfa obi a aba ne tirim sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho ho a, hwɛ nsɛm a epuee Nyan! a edidi so yi mu: “Ehia Wo a Nwu—Nneɛma Mmiɛnsa Bi Nti, Nkum Wo Ho” (April 2014); “Bere a Wote Nka sɛ Di Wo Ho Dɔm” (January 2012); ne afei Nyan! November 8, 2001 kr. 20-29.