Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo a Mo Mfe Akɔ Anim—Mo Nokwaredi Som Bo Ma Yehowa

Kristofo a Mo Mfe Akɔ Anim—Mo Nokwaredi Som Bo Ma Yehowa

WIASE baabiara, asafo mu mpanyimfo ani sɔ ɔsom hokwan ahorow a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no. Hwɛ sɛnea wɔboa yɛn! Nanso, nnansa yi ara wɔyɛɛ nsakrae bi. Ɛne sɛ, mpanyimfo a wɔn mfe akɔ anim no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn asɛyɛde a emu yɛ duru no bi mma mpanyimfo a wɔn mfe nkɔɔ anim no. Ɔkwan bɛn so?

Nhyehyɛe foforo no ne sɛ, sɛ ɔmansin sohwɛfo bi di mfe 70 a, ɔde ɔsom hokwan a ɔwɔ no bɛto hɔ. Afei nso, sukuu a wɔyɛ ma Yehowa Adansefo no, sɛ obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo na odi mfe 70 a ɔrenkyerɛ ade bio. Bio nso, sɛ ɔpanyin bi di mfe 80 a, ɔde nnwuma bi a ɛhyehyɛ ne nsa no bɛma ɔpanyin a ne mfe nkɔɔ anim. Ebi ne sɛ, ebia na ɔyɛ Baa Boayikuw no ntam nkitahodifo, anaa mpanyimfo ntam nkitahodifo. Sɛn na saa mpanyimfo a wɔn mfe akɔ anim no gyee saa nsakrae no toom? Wɔadi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware!

Ken a ɔde bɛyɛ mfe 49 asom sɛ Baa Boayikuw ntam nkitahodifo no ka sɛ, “Ná mepene gyinaesi no so pa ara. Metee asɛm no, na madi kan abɔ Yehowa mpae saa anɔpa no ara sɛ ɔmma onua bi a onnyinii pii mmɛyɛ Baa Boayikuw no ntam nkitahodifo.” Sɛnea Ken tee nka no, saa ara na asafo mu mpanyimfo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ wiase nyinaa no nso tee nka. Esiane sɛ na wɔdɔ wɔn nuanom na wɔpɛ sɛ wɔsom wɔn nti, mfiase no de wɔn abam bui.

Ná Esperandio som sɛ n’asafo mu mpanyimfo ntam nkitahodifo. Ɔkaa sɛ, “Me werɛ howee kakra.” Nanso, ogye toom sɛ, “Ná meyare, enti na mehia bere pii de ahwɛ me ho.” Seesei, Esperandio da so ara de nokwaredi resom Yehowa, na ɔreboa n’asafo a ɔwom no pa ara.

Ahwɛfo akwantufo a wɔasom akyɛ a ɔsom hokwan a wɔwɔ asesa no nso ɛ? Allan de mfe 38 asom sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Ogye tom sɛ, “Bere a metee asɛm no, ebubuu me.” Nanso, ohuu mfaso a ɛwɔ so sɛ ɔbɛtete mmarima a wɔn mfe nkɔɔ anim pii ma wɔayɛ adwuma no; ɔda so ara de nokwaredi resom Yehowa.

Ná Russell yɛ ɔhwɛfo kwantufo, na na ɔsan kyerɛ ade wɔ sukuu a wɔyɛ ma Yehowa Adansefo mu. Ɔde mfe 40 na ɛyɛɛ saa nnwuma yi. Ɔkaa sɛ, mfiase no, ɔne ne yere abam bui. Russell kaa sɛ: “Ná yɛn ani sɔ hokwan a na yɛwɔ no pa ara. Afei nso, na yesusuw sɛ yɛwɔ ahoɔden a na yebetumi de atoa adwuma no so.” Russell ne ne yere de ntetee ne osuahu a wɔanya reboa asafo a wɔwom no. Adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no nso, ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔne wɔn abom resom.

Nea wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm no faa mu no, sɛ womfaa biribi a ɛte saa mu da a, asɛm a ɛwɔ 2 Samuel no betumi aboa wo ama woate wɔn ase.

ƆBARIMA A ƆBRƐ NE HO ASE NA ONNYE BIRIBIARA MMƆ SO

Yɛnhwɛ bere a Ɔhene Dawid ba Absalom tew ne so atua no. Dawid guan fii Yerusalem kɔɔ Mahanaim, wɔ Yordan Asubɔnten no apuei fam. Woduu hɔ no, na Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no hia asetena mu nneɛma bi. Wokae nea esii?

Mmarima mmiɛnsa bi a na wɔwɔ mpɔtam hɔ yii wɔn yam brɛɛ wɔn mpa, nnuan, ne nkyɛnsee a na wohia. Ná wɔn mu baako ne Basilai. (2 Sam. 17:27-29) Bere a Absalom tew atua na wantumi anni nkonim no, na Dawid betumi asan akɔ Yerusalem. Ɛno nti, Basilai gyaa no kwan koduu Yordan ho. Dawid ka kyerɛɛ no sɛ ɔne no nkɔ Yerusalem. Ɔhene no kaa sɛ ɔbɛma no aduan, nanso na Basilai yɛ “onipa kɛse paa,” anaa ɔdefo, enti na ɔrenhia saa aduan no. (2 Sam. 19:31-33) Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid ani sɔ Basilai su ahorow ne nyansahyɛ biara a na obetumi de ama no no. Hwɛ hokwan fɛfɛ a anka Basilai betumi anya sɛ ɔbɛtena ahemfie na wayɛ adwuma wɔ hɔ!

Esiane sɛ na Basilai brɛ ne ho ase na ɔmpɛ sɛ ogye biribiara bɔ so nti, ɔkaa sɛ wadi mfe 80. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mehu papa ne bɔne mu?” Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Ná Basilai anyin pa ara, enti na onim nyansa. Ná obetumi de afotu pa ama Dawid sɛnea akyiri yi “mpanyimfo” de afotu maa Ɔhene Rehoboam no. (1 Ahe. 12:6, 7; Dw. 92:12-14; Mmeb. 16:31) Enti bere a Basilai kaa sɛ ɔrenhu papa ne bɔne mu no, ebia nea na ɔrekyerɛ ne sɛ, onyin ama wayɛ mmerɛw nti, ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Ogye toom sɛ, onyin ama ɔnte ade dɛ, na n’asom nso ayɛ den. (Ɔsɛnk. 12:4, 5) Ɛno nti, Basilai fi ne pɛ mu ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔmfa aberante Kimham nkɔ Yerusalem. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Basilai ba.—2 Sam. 19:35-40.

NHYEHYƐE A ƐBƐBOA DAAKYE

Yɛadi kan aka sɛ, sɛ obi di mfe pɔtee bi a, ɔde ɔsom hokwan a ɔwɔ no bi bɛto hɔ. Nea enti a wɔyɛɛ saa nsakrae no ne Basilai asɛm no di nsɛ pa ara. Basilai de, nea na ɛbɛboa no na ogyinaa so sii gyinae. Yɛn bere yi so de, ɛnyɛ onipa baako nsɛm tebea anaa nea obetumi ayɛ anaa nea ɔrentumi nyɛ na yegyinaa so yɛɛ nsakrae yi. Mmom, yesusuw nneɛma pii ho. Ná ehia pa ara sɛ yesusuw nea ɛbɛboa asafo mu mpanyimfo anokwafo a wɔresom wɔ wiase nyinaa no ho.

Na ɛnyɛ den koraa sɛ Kristofo mmarima a wɔn mfe akɔ anim na wɔbrɛ wɔn ho ase no behu sɛ, ebehia sɛ wɔdan dwumadi a wɔde mfe pii ayɛ no ma anuanom mmarima a wɔn mfe nkɔɔ anim sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa ahyehyɛde no bɛkɔ so ayɛ den na anya nkɔanim daakye. Sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Basilai tetee ne babarima, na ɔsomafo Paulo nso tetee Timoteo no, saa anuanom mpanyimfo yi pii wɔ hɔ a wɔn ankasa na wɔtetee anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim no. (1 Kor. 4:17; Filip. 2:20-22) Saa anuanom mmerante yi akyerɛ sɛ seesei wɔyɛ “nnipa mu akyɛde” a wotumi boa ma “wosi Kristo nipadua no.”—Efe. 4:8-12; fa toto Numeri 11:16, 17, 29 ho.

HOKWAN FOFORO A WUBETUMI ANYA

Onyankopɔn asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no, anuanom pii wom a wɔde ɔsom hokwan bi a na wɔwɔ ato hɔ. Nanso, wɔahwehwɛ hokwan foforo a wobetumi de atrɛw Yehowa som adwuma no mu.

Marco de mfe 19 yɛɛ ahwɛfo akwantufo adwuma. Ɔka sɛ, “Anuanom mmea bi wɔ m’asafo mu a wɔn kununom nni asafo no mu. Nsakrae a aba m’asetenam yi ama manya hokwan di wɔn kununom adanse.”

Geraldo nso de mfe 28 yɛɛ ahwɛfo akwantufo adwuma. Ɔka sɛ, “Botae baako a yɛde asi yɛn ani so ne sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ na yɛayɛ Bible adesua bebree.” Ɔbɔ amanneɛ sɛ, ɔne ne yere yɛ Bible adesua 15, na seesei wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ pii afi ase reba adesua.

Allan a yɛaka ne ho asɛm dedaw no de ka ho sɛ: “Seesei yɛanya hokwan kɔ asɛnka pa ara. Yɛn ani gye ho sɛ yebedi adanse wɔ baguam ne baabi a nnwuma wɔ. Yedi nkurɔfo a yɛne wɔn te mpɔtam nso adanse, na wɔn mu mmienu mpo aba Ahenni Asa so.”

Sɛ woyɛ ɔnokwafo a wowɔ osuahu na wɔama wo dwumadi foforo wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu a, wubetumi aboa wɔ ɔkwan soronko so. Wubetumi de osuahu a ɛsom bo a wowɔ no aboa mmerante a wɔwɔ asafo no mu ama Yehowa som adwuma anya nkɔso. Russell a yɛadi kan afa n’asɛm aka no ka sɛ, “Yehowa retete mmerante a wɔbɔ wɔn ho mmɔden na wɔwɔ suban pa no, na ɔde wɔn redi dwuma. Anuanom nso renya wɔn nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn ne mpanyimfo nsrahwɛ a wɔyɛ no so mfaso!”—Hwɛ adaka a wɔato din “ Boa Mmerante Ma Wɔnyɛ Pii.”

MO NOKWAREDI SOM BO MA YEHOWA

Sɛ wode wo ho ahyɛ ɔsom adwuma no fã foforo bi mu nnansa yi a, kɔ so nya ho adwempa. Adwuma pa a woayɛ no aka nnipa pii koma, na asesa wɔn abrabɔ; wubetumi akɔ so ayɛ saa. Yɛdɔ wo pa ara, na yɛbɛkɔ so adɔ wo daa.

Nanso, nea ehia pa ara ne sɛ, nea woayɛ no, Yehowa werɛ remfi da. Yehowa ‘werɛ remfi adwuma ne ɔdɔ a wodaa no adi wɔ ne din ho a ɛne sɛ woasom akronkronfo na woda so som wɔn no.’ (Heb. 6:10) Bible mu asɛm yi ma yenya awerɛhyem sɛ, adwuma a yɛayɛ ne nea yegu so reyɛ nyinaa, Yehowa werɛ remfi. Wosom bo ma Yehowa pa ara, na adwuma a woayɛ ne nea wugu so reyɛ no, ne werɛ remfi!

Sɛ ɔsom hokwan a wowɔ nsesae sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no nso ɛ? Ne nyinaa mu no, ebetumi aba sɛ asɛm a yɛaka yi da so ara fa wo ho. Ɔkwan bɛn so?

Sɛ wo ne onua nokwafo bi a ne mfe akɔ anim a ɔsom hokwan a ɔwɔ asesa reyɛ adwuma a, wubetumi anya ne ho a akokwaw ne osuahu a ɔde mfe pii anya no so mfaso. Hwehwɛ afotu fi ne hɔ. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi a, bisa n’adwene wɔ ho. Afei hokwan a seesei ɔwɔ no, fa w’ani to fam na hwɛ sɛnea ɔde osuahu a ɔwɔ no di ho dwuma pɛpɛɛpɛ.

Ebia wo mfe akɔ anim, na ɔsom hokwan a na wowɔ asesa. Ebi nso a, woyɛ onua anaa onuawa a worenya ntetee afi onua bi a ne mfe akɔ anim hɔ. Sɛnea ɛte biara no, kae sɛ, wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa na wɔda so ara resom no no, wɔn nokwaredi som bo ma no.