Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abɔ Sɛn?

Abɔ Sɛn?

SƐ WOPƐ sɛ wuhu nea abɔ a, dɛn na woyɛ? Ebia wobɛhwɛ wɔɔkye a ɛbɔ wo nsa anaa nea ɛbɔ dan ho. Sɛ w’adamfo bisa wo sɛ abɔ sɛn a, wubebua sɛn? Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ama no ahu nea abɔ. Wobɛka no sɛn?

Yɛmfa no sɛ ɛbɔɔ awia dumienu no, dɔnhwerew baako ne simma 30 atwam. Wubetumi aka sɛ abɔ 1:30. Wohwɛ baabi a wote ne sɛnea wɔtaa kyerɛ nea abɔ a, ebia wobɛka sɛ abɔ 13:30. Saa kwan a wɔfa so kyerɛ nea abɔ no, wɔkan fi dɔnhwerew 1 kosi nnɔnhwerew 24. Baabi wɔ hɔ nso a, asɛm koro no ara, wobetumi aka no sɛ aka simma 30 ama abɔ nnɔnmienu.

Woyɛ obi a wokenkan Bible a, ebia woredwen ho sɛ, bere a wɔrekyerɛw Bible no, na nkurɔfo a wɔwɔ hɔ yɛ dɛn hu nea abɔ. Ɛnyɛ ɔkwan baako pɛ na na wɔfa so hu nea abɔ. Hebri Kyerɛwnsɛm no de nsɛmfua te sɛ ‘anɔpa,’ “awia,” “awia ketee,” ne “anwummere” di dwuma. (Gen. 8:11; 19:27; 43:16; Deut. 28:29; 1 Ahe. 18:26) Nanso, ɛtɔ bere bi a, ɛka bere pɔtee bi ho asɛm.

Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na nkurɔfo taa fa awɛmfo ma wɔyɛ adwuma ma wɔn. Anadwo pa ara na na wohia wɔn. Mfe pii ansa na wɔrewo Yesu no, na Israelfo no kyekyɛ anadwo mu mmiɛnsa; na wɔfrɛ no mmere a wɔde wɛn. (Dw. 63:6) Atemmufo 7:19 ka “ɔdasum [“ɔwɛn bere a edi mfinimfini,” ase hɔ asɛm]” ho asɛm. Eduu Yesu bere so no, mmere a na Yudafo no de wɛn anadwo no, na wɔakyekyɛ mu ayɛ no nnan sɛnea na Helafo ne Romafo akyekyɛ wɔn de mu no.

Nsɛmpa no ka mmere a wɔde wɛn yi ho asɛm mpɛn pii. Ɛho nhwɛso ni. Bere a Yesu nantew po so kɔɔ ɔkorow no ho wɔ baabi a na asuafo no wɔ no, na ɛyɛ “ahemadakye.” (Mat. 14:25, ase hɔ asɛm) Yesu kaa wɔ mfatoho bi a ɔmae mu sɛ: “Munhu eyi sɛ, sɛ ofiewura nim dɔn [anaa bere a wɔde wɛn] ko a ɔkorɔmfo bɛba a, anka ɔwɛnee na wannya kwan ammebu ne fie amma mu.”—Mat. 24:43.

Bere bi, Yesu kaa mmere nnan a wɔde wɛn yi nyinaa ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a ofiewura no reba, sɛ ɛyɛ adesae anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa ahemadakye.” (Mar. 13:35) Bere a edi kan a wɔde wɛn no yɛ “adesae”; ná efi ase bere a owia akɔtɔ kosi bɛyɛ anadwo nnɔnkron. Bere a ɛto so mmienu a wɔde wɛn no yɛ “ɔdasum”; ná efi ase bɛyɛ anadwo nnɔnkron kosi ɔdasum. Bere a ɛto so mmiɛnsa a wɔde wɛn no yɛ “akokɔbɔnee”; ná efi ase anadwo kɔnkɔn kosi bɛyɛ anɔpa nnɔnmiɛnsa. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere a wɔde wɛn yi na akokɔ bɔnee anadwo a wɔkyeree Yesu no. (Mar. 14:72) Bere a ɛto so nnan a wɔde wɛn anadwo no yɛ “ahemadakye”; ná efi ase bɛyɛ anɔpa nnɔnmiɛnsa kosi bere a owia pue.

Ɛwom sɛ nnipa a wɔtenaa ase bere a wɔrekyerɛw Bible no, na wonni wɔɔkye a wɔde hu nea abɔ te sɛ nea yɛwɔ bi nnɛ no, nanso awia oo, anadwo oo, na wɔwɔ ɔkwan a wɔfa so hu nea abɔ.