Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Sɛ Munim Eyinom Na Moyɛ a, Mo Ani Begye”

“Sɛ Munim Eyinom Na Moyɛ a, Mo Ani Begye”

“M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.”​—YOH. 4:34.

NNWOM: 80, 35

1. Pɛsɛmenkominya a nnipa a wɔwɔ wiase da no adi no, ebetumi aka ahobrɛase a yɛwɔ sɛn?

ADƐN nti na ɛyɛ den sɛ yɛde nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu no bɛbɔ yɛn bra? Ade baako ne sɛ, ehia sɛ yenya ahobrɛase na ama yɛatumi ayɛ nea ɛteɛ. Nanso, seesei ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so anya ahobrɛase. “Nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia no yɛ “ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan” ne “wɔn a wontumi nni wɔn ho so.” (2 Tim. 3:1-3) Yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo de, yenim sɛ saa suban yi nye. Nanso ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ wɔn a wɔbɔ saa bra no ho tɔ wɔn, na wɔn ani gye pa ara wɔ wɔn asetena mu. (Dw. 37:1; 73:3) Ebia obi benya adwene mpo sɛ: ‘Mfaso bɛn pa ara na ɛwɔ so sɛ me de afoforo ahiade bedi kan? Sɛ meyɛ me ho “akumaa” a, ɛbɛma nkurɔfo abu me animtiaa anaa?’ (Luka 9:48) Sɛ yesuasua pɛsɛmenkominya a nnipa a wɔwɔ wiase da no adi no a, ebetumi asɛe abusuabɔ pa a yɛne asafo no mufo wɔ, na ɛbɛma ayɛ den sɛ nkurɔfo behu sɛ yɛyɛ Kristofo. Nanso, sɛ yɛhwɛ nhwɛso pa a afoforo yɛe a wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Bible mu na yesuasua a, ɛbɛboa yɛn.

2. Yesua Onyankopɔn asomfo anokwafo ho ade a, ɛboa yɛn sɛn?

2 Sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua anokwafo a wɔtenaa ase tete no a, ehia sɛ yɛhwehwɛ nea wɔyɛe a ɛma esii wɔn yiye no mu. Dɛn na wɔyɛe a ɛmaa Onyankopɔn faa wɔn nnamfo, na wonyaa n’anim dom? Dɛn na ɛhyɛɛ wɔn den ma wotumi yɛɛ n’apɛde? Sɛ yesua ade saa a, ɛboa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den.

HONHOM FAM ADUAN—ƐNYƐ NIMDEƐ ARA KWA

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ honhom fam aduan nyɛ nimdeɛ a yebenya ara kwa?

3 Bible, yɛn Kristofo nhoma, yɛn wɛbsaet, JW Broadcasting, asafo nhyiam ahorow, ne nhyiam akɛse ma yenya afotu pa ne ntetee pii. Nanso, asɛm a Yesu kaa wɔ Yohane 4:34 no ma yehu sɛ honhom fam aduan nyɛ nimdeɛ a yebenya ara kwa. Dɛn na ɛka ho? Yesu kaa sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.”

4 Ná Onyankopɔn apɛde a Yesu bɛyɛ no te sɛ aduan ma no. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛte sɛ aduan? Sɛnea yedi aduan pa a ɛma yenya ahoɔden na yɛn ho tɔ yɛn no, saa ara na sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam na ɛhyɛ yɛn gyidi den. Ɛtɔ da a, sɛ worebɛkɔ asɛnka nhyiam a wote nka sɛ woabrɛ, nanso wobɛkɔ asɛnka aba no na woanya ahoɔden foforo ama w’ani agye. Ɛnte saa anaa?

5. Yɛyɛ yɛn ade nyansam a, mfaso bɛn na yebenya?

5 Yɛde Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yenim nyansa. (Dw. 107:43) Nyansa so wɔ mfaso. Bible ka sɛ: “Afɛfɛde foforo biara a wowɔ ne no nsɛ. . . . Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso mu, na wɔn a wokura mu den no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.” (Mmeb. 3:13-18) Yesu kaa sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.” (Yoh. 13:17) Sɛ asuafo no kɔ so yɛ nea Yesu kaa sɛ wɔnyɛ no a, na wɔn ani begye. Asuafo no gyee Yesu nkyerɛkyerɛ toom na wosuasuaa ne nhwɛso; ɛnyɛ da koro pɛ na wɔyɛɛ saa, na mmom wɔde bɔɔ wɔn bra.

6. Adɛn nti na ehia sɛ yɛkɔ so de nea yesua yɛ adwuma?

6 Ɛnnɛ nso, ehia sɛ yɛde nea yenim sɛ ɛyɛ nokware yɛ adwuma. Yɛnhwɛ odwumfo a ɔyɛ mfiri ho adwuma. Ebia ɔwɔ nnwinnade ne adwuma no ho nneɛma, ne adwuma no ho nimdeɛ. Nanso, sɛ wamfa nea ɔwɔ yi nyinaa anyɛ adwuma a, ɛso remma mfaso biara. Sɛ wayɛ mfiri ho adwuma bere bi a atwam anya ho nimdeɛ pii mpo a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so de nea wasua no yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛkokwaw adwuma no mu na watumi ayɛ no yiye. Saa ara na yɛn nso, bere a yehuu nokware no foforo no ebia na yɛn ani gye, efisɛ na yɛde nea yesua fi Bible mu no yɛ adwuma. Nanso, sɛ yɛn ani begye daa a, gye sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase de nea Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no yɛ adwuma da biara da.

7. Yɛkan nea anokwafo a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no yɛe a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya nyansa?

7 Momma yɛnhwɛ tebea ahorow bi a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Yebehu sɛnea anokwafo a wɔtenaa ase tete no kɔɔ so brɛɛ wɔn ho ase wɔ tebea ahorow a ɛte saa mu. Sɛ yɛkenkan Bible a, ɛno nko ara remma yɛn gyidi nyɛ den. Enti nea wokenkan no, dwinnwen ɔkwan a wubetumi afa so de emu biara ayɛ adwuma ho, na afei fa yɛ adwuma ntɛm ara.

MMU WO HO SƐ WOKYƐN AFOFORO

8, 9. Dɛn na asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 14:8-15 no ma yehu fa ɔsomafo Paulo ahobrɛase ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Nnipa ahorow pii a wonnya nhuu nokware no, wubu wɔn sɛn? Ɛwom sɛ ɔsomafo Paulo kyinkyin hyiadan mu hwehwɛɛ Yudafo a na wɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ kakra dedaw de, nanso ɛnyɛ wɔn nko ara na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Nea nkurɔfo a na wɔsom abosom no yɛe wɔ asɛmpa no ho no, na ebetumi ama ayɛ den ama Paulo sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase.

9 Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no, Likaoniafo no adwene yɛɛ wɔn sɛ Paulo ne Barnaba yɛ nnipa soronko bi. Ɛyɛɛ wɔn sɛ gyama wɔn atoro anyame Seus ne Hermes na wɔayɛ wɔn ho nnipa. Yemmisa sɛ, bere a nkurɔfo no hoahoaa Paulo ne Barnaba no, ɛmaa wɔn tirim yɛɛ wɔn dɛ anaa? Ná wɔahyia ɔtaa wɔ nkurow mmienu a wɔadi kan akɔ mu no mu, enti wɔfaa no sɛ ebia nea asi no bɛma wɔn ho atɔ wɔn anaa? Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ bɔ a nkurɔfo bɔ gyee wɔn so no bɛboa ama asɛmpa no atrɛw anaa? Wɔannya saa adwene no da! Ntɛm ara na wosunsuan wɔn ntade mu de kyerɛe sɛ wɔn ani nnye nea nkurɔfo no reyɛ no ho, na wɔde ahoɔhare kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛm sɛ: “Dɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa a yɛwɔ mmerɛwyɛ te sɛ mo ara.”—Aso. 14:8-15.

10. Adɛn nti na na Paulo ne Barnaba mmu wɔn ho sɛ wɔkyɛn Likaoniafo no?

10 Bere a Paulo ne Barnaba kaa sɛ wɔn nso yɛ nnipa a wɔtɔ sin no, na ɛnyɛ nea wɔrekyerɛ ne sɛ wɔne Likaoniafo no som nyame baako. Yemmisa sɛ, na wɔn mmienu nyɛ asɛmpatrɛwfo a wɔde adwuma titiriw ahyɛ wɔn nsa anaa? (Aso. 13:2) Ná wɔde honhom kronkron asra wɔn, na na wɔwɔ anidaso papa bi. Nanso, na Paulo ne Barnaba nim sɛ, sɛ Likaoniafo no tie asɛmpa no a, wɔn nso betumi anya saa anidaso no bi.

11. Yɛreka asɛmpa no a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Paulo brɛɛ ne ho ase no?

11 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Paulo brɛɛ ne ho ase no? Nea edi kan, sɛ Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ biribi wɔ ne som mu a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhoahoa yɛn anaa ɛnsɛ sɛ yɛma wɔhoahoa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Nkurɔfo a meka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, mibu wɔn sɛn? Meyɛ nyiyim tia nnipakuw bi a nkurɔfo a wɔwɔ me mpɔtam bu wɔn animtiaa a minnim anaa?’ Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa rehwehwɛ wɔn asasesin mu ahwɛ sɛ nnipa bi da so wɔ hɔ a wobetie asɛmpa no anaa. Ɛtɔ da a, ebia ɛho behia sɛ anuanom sua nnipakuw bi a nkurɔfo bu wɔn animtiaa no kasa ne wɔn amammerɛ. Ɛnsɛ sɛ Adansefo a wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wɔte saa no nya adwene da sɛ wɔkyɛn wɔn. Mmom, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte obiara ase na wɔaka Ahenni no ho asɛmpa no ama aka ne koma.

BƆ AFOFORO DIN BƆ MPAE MA WƆN

12. Dɛn na Epafra yɛe de kyerɛe sɛ oyi ne yam dwen afoforo ho?

12 Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase tie Onyankopɔn akwankyerɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mpae ama wɔn a “wɔanya gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara.” (2 Pet. 1:1) Saa ara na Epafra yɛe. Bible bɔ ne din mprɛnsa pɛ; ne nyinaa wɔ nhoma a honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee no mu. Bere a na wɔde Paulo ato afiase wɔ ne fie wɔ Roma no, ɔkyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Kolose no sɛ Epafra ‘yere ne ho bɔ mpae ma wɔn daa.’ (Kol. 4:12) Ná Epafra nim anuanom yiye, na na odwen wɔn ho pa ara. Ɛmfa ho sɛ na Epafra yɛ Paulo “yɔnko deduani” no, ansiw no kwan sɛ ɔbɛboa afoforo ama wɔn gyidi ayɛ den. (Filem. 23) Ɔboaa wɔn maa wɔn gyidi yɛɛ den. Wei nkyerɛ sɛ na oyi ne yam dwen afoforo ho anaa? Sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a yɛne wɔn som Yehowa a, etumi yɛ adwuma pa ara, ɛnkanka, bere a yɛbɔ wɔn din bɔ mpae ma wɔn no.—2 Kor. 1:11; Yak. 5:16.

13. Sɛ worebɔ mpae a, dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Epafra?

13 Kaakae wɔn a wubetumi abɔ wɔn din abɔ mpae ama wɔn. Sɛnea Epafra yɛe no, yɛn nuanom pii rebɔ mpae ama wɔn asafo mufo ne mmusua a wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru; ebia ehia sɛ wosisi gyinae akɛse anaa nneɛma bi resɔ wɔn ahwɛ. Anuanom pii nso bɔ mpae ma wɔn a wɔn din wɔ asɛm a wɔato din “Yehowa Adansefo a Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase” wɔ jw.org/tw. (Hwɛ AMANNEƐBƆ AFA > KƆƆTO NSƐMNSƐM.) Afei nso, sɛ yɛrebɔ mpae a, ehia sɛ yɛkae wɔn a wɔn adɔfo awuwu, wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ atoyerɛnkyɛm ne ɔko mu nnansa yi, ne wɔn a wɔn sikasɛm ayɛ basaa. Wei ma yehu pa ara sɛ, anuanom pii wɔ hɔ a ehia sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn, na sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi aboa wɔn. Sɛ yɛbɔ mpae ma nnipa a wɔte saa a, na yɛrekyerɛ sɛ ɛnyɛ yɛn nko ara de na yɛhwehwɛ, na mmom afoforo de nso. (Filip. 2:4) Yehowa tie mpae a ɛte saa.

‘YƐ NTƐM TIE ASƐM’

14. Dɛn na Yehowa yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ otiefo pa?

14 Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase pa ara ne sɛ yebeyi yɛn yam atie nkurɔfo. Yakobo 1:19 ka sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ ntɛm tie asɛm.’ Yehowa ankasa yɛ wei ho nhwɛso a ɛkyɛn so. (Gen. 18:32; Yos. 10:14) Yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi nkɔmmɔ bi a ɛkɔɔ so a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Exodus 32:11-14 mu. (Kenkan.) Ɛwom sɛ na Yehowa nhia Mose adwenkyerɛ de, nanso ɔmaa Mose kwan ma ɔkyerɛɛ sɛnea ɔte nka. Onipa bɛn na ɔbɛtɔ ne bo ase atie obi a odi mfomso adwenkyerɛ na wayɛ nea ɔka? Nanso, Yehowa tɔ ne bo ase tie nnipa a wɔfrɛ no gyidi mu.

15. Dɛn na yebetumi ayɛ de adi afoforo ni na ama yɛasuasua Yehowa?

15 Ehia sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Sɛ Yehowa tumi brɛ ne ho ase tie nnipa sɛnea ɔyɛ maa Abraham, Rahel, Mose, Yosua, Manoa, Elia, ne Hesekia no a, ɛnsɛ sɛ me nso meyɛ saa anaa? Ɛnsɛ sɛ meyere me ho di me nuanom nyinaa ni, mitie wɔn adwenkyerɛ, na mpo mede wɔn nyansahyɛ yɛ adwuma anaa? Obi wɔ m’asafo mu anaa m’abusua mu a ehia sɛ minya bere ma no seesei anaa? Dɛn na mɛyɛ wɔ ho?’—Gen. 30:6; Atem. 13:9; 1 Ahe. 17:22; 2 Be. 30:20.

‘EBIA YEHOWA BEHU’ M’AMANEHUNU

Dawid kaa sɛ: “Munnyaa no!” Sɛ ɛyɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 16, 17)

16. Bere a Simei gyigyee Dawid no, dɛn na Ɔhene Dawid yɛe?

16 Afei nso, sɛ obi gyigye yɛn a, ahobrɛase boa yɛn ma yɛhyɛ yɛn ho so. (Efe. 4:2) Wei ho nhwɛso a ɛyɛ fɛ wɔ 2 Samuel 16:5-13. (Kenkan.) Ɔhene Saul busuani Simei kɔɔ Dawid ne ne nkoa so kodidii wɔn atɛm tow hyɛɛ wɔn so. Ná anka Dawid betumi atwa nea na Simei reyɛ no so, nanso onyaa ne ho abotare. Dɛn na ɛmaa Dawid tumi hyɛɛ ne ho so saa? Yɛhwɛ Dwom a ɛto so mmiɛnsa no mu a, yebehu.

17. Dɛn na ɛmaa Dawid tumi hyɛɛ ne ho so, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no?

17 Dwom 3 no atifi asɛm ma yehu sɛ, bere a Dawid ‘reguan afi ne ba Absalom anim no’ na ɔhyehyɛɛ saa Dwom no. Dwom 3:1, 2 ne asɛm a ɛwɔ Samuel nhoma a ɛto so mmienu ti 16 no hyia. Afei, Dwom 3:4 ma yehu nea ɛmaa Dawid nyaa ahotoso saa. Ɔkaa sɛ: “Mɛma me nne so afrɛ Yehowa, na obegye me so afi ne bepɔw kronkron so.” Yɛn nso, sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, yebetumi abɔ mpae. Yehowa betie na wama yɛn honhom kronkron na aboa yɛn ama yɛatumi ahyɛ yɛn ho so. Wuhu tebea bi a ebetumi asi a ebehia sɛ wohyɛ wo ho so anaa wubeyi wo yam de akyɛ obi a ɔne wo anni no yiye? Wugye di sɛ Yehowa behu w’amanehunu na wahyira wo?

“NYANSA NE ADE TITIRIW”

18. Sɛ yɛkɔ so de Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma a, mfaso bɛn na yebenya?

18 Sɛ yɛyɛ ade a yenim sɛ ɛteɛ a, yenya nhyira pii. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mmebusɛm 4:7 ka sɛ “nyansa ne ade titiriw”! Ɛwom sɛ nimdeɛ na ɛma obi hu nyansa de, nanso sɛ yɛka sɛ obi nim nyansa a, ɛnkyerɛ sɛ ɔwɔ nimdeɛ kɛkɛ na mmom gyinae a osisi na ɛma yehu sɛ onim nyansa. Ntɛtea mpo, sɛnea wɔyɛ wɔn ade ma yehu sɛ wonim nyansa. Ntɛtea fi awosu mu yɛ ade; wosiesie wɔn aduan wɔ ahohuru bere mu. (Mmeb. 30:24, 25) Kristo ne “Onyankopɔn nyansa” no, na ɔyɛ nea ɛsɔ n’Agya ani bere nyinaa. (1 Kor. 1:24; Yoh. 8:29) Yesi gyinae pa a Onyankopɔn hu, na nea ehia no pa ara ne sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma. Sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase na yɛyɛ nea yenim sɛ ɛteɛ a, Onyankopɔn behyira yɛn. (Kenkan Mateo 7:21-23.) Enti yere wo ho brɛ wo ho ase. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ asafo no mufo a wɔaka nkuran ama wɔde ahobrɛase asom Yehowa. Egye bere ne abotare na ama yɛatumi ayɛ nea yenim sɛ ɛteɛ, nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛma yɛn ani agye nnɛ de akosi daa.