Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yi Wo Yam Dwen Afoforo Ho Fa Suasua Yehowa

Yi Wo Yam Dwen Afoforo Ho Fa Suasua Yehowa

“Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ.”​—DW. 41:1.

NNWOM: 130, 107

1. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho?

ONYANKOPƆN nkurɔfo yɛ abusua baako; wɔdodɔ wɔn ho. (1 Yoh. 4:16, 21) Ɛtɔ da a, wɔyɛ nneɛma akɛse ma wɔn nuanom, nanso mpɛn pii no, nneɛma nketenkete pii na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn. Ebi ne nsɛm a ɛhyɛ nkuran a wɔka kyerɛ wɔn nuanom, ne nneɛma pa a wɔyɛ ma wɔn. Sɛ yɛne afoforo di no yiye na yedwen wɔn ho a, na ‘yɛresuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’—Efe. 5:1.

2. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ afoforo sɛnea n’Agya dɔ afoforo no?

2 Yesu suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Yesu kaa sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo . . . , efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu.” (Mat. 11:28, 29) Sɛ yesuasua Kristo na ‘yehu ɔbrɛfo mmɔbɔ’ a, yenya yɛn soro Agya no anim dom, na yɛn ani gye pa ara. (Dw. 41:1) Yɛn abusuafo, asafo no mufo, ne wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho.

DWEN W’ABUSUA HO

3. Dɛn na okunu bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔte ne yere ase, na odwen ne ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Okunu na ɛsɛ sɛ odi kan ma n’abusua hu sɛ odwen wɔn ho. (Efe. 5:25; 6:4) Bible tu okununom fo sɛ wɔne wɔn yerenom ntena “wɔ nimdeɛ mu.” Yebetumi akyerɛ saa asɛm yi ase nso sɛ ɛsɛ sɛ okunu dwen ne yere ho na ɔte no ase. (1 Pet. 3:7) Sɛ obi te afoforo ase a, ɛyɛ a odwen wɔn ho nso. Ɔbarima a ɔte ne yere ase nim sɛ ne yere yɛ ne hokafo, na ne yere nte sɛ ɔno wɔ nneɛma pii mu de, nanso ommu no abomfiaa. (Gen. 2:18) Enti, ɔma ne yere hu sɛ odwen ne ho, obu no, na odi no ni. Ɔbea warefo bi a ɔwɔ Canada kaa ne kunu ho asɛm sɛ: “Sɛ mekyerɛ m’adwene wɔ asɛm bi ho a, ɔmmɔ ngu, anaa ɔnka sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wunya adwene a ɛte saa.’ Sɛ mekasa nso a, otie me. Sɛ ɔreboa me ama masesa m’adwene wɔ asɛm bi ho a, ɔtɔ ne bo ase.”

4. Sɛ ɔbarima warefo ne mmea foforo rebɔ nkɔmmɔ a, dɛn na ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ odwen ne yere ho?

4 Afei nso, ɔbarima a odwen ne yere ho ne mmea foforo rebɔ nkɔmmɔ a, osusuw sɛnea ne yere bɛte nka ho. Ɔmfa ne ho nhyehyɛ wɔn anaa ɔnkyerɛ wɔn ho anigye sɛnea ɛnsɛ; saa ara nso na sɛ ɔkɔ sohyial media so a ɔne mmea mmɔ nkɔmmɔ hunu, anaa ɔnkɔ Intanɛt so nkɔhwɛ nneɛma a ɛmfata. (Hiob 31:1) Odi ne yere nokware; ɛnyɛ ɔdɔ a ɔdɔ ne yere nko ara nti na ɔyɛ saa, na mmom esiane sɛ ɔdɔ Onyankopɔn na okyi bɔne nso nti.—Kenkan Dwom 19:14; 97:10.

5. Dɛn na ɔbea warefo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔte ne kunu ase?

5 Sɛ okunu suasua Yesu Kristo a ɔyɛ ne ti a, ɔboa ne yere ma onya “obu kɛse” ma no. (Efe. 5:22-25, 33) Sɛ ɔbea no nya obu a ɛte saa ma ne kunu a, ɛbɛma wate ne kunu ase, na ɔne no adi no yiye. Ɔyɛ saa bere a ɛsɛ sɛ ne kunu de bere pii yɛ nnwuma a egu ne so wɔ asafo no mu anaa bere a ɔhaw ahorow hyɛ ne so no. Ɔbarima warefo bi a ɔwɔ Britain kaa sɛ: “Ɛtɔ da a, me yere tumi hwɛ me hu sɛ biribi haw me. Ɛba saa a, ɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 20:5 no yɛ adwuma; sɛ mpo ehia sɛ ɔtwɛn kosi bere bi ansa na wabisa nea ɛhaw me a, ɔyɛ saa. Sɛ ɛyɛ asɛm bi a metumi ne no asusuw ho a, me ne no bɔ ho nkɔmmɔ.”

6. Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de ahyɛ mmofra nkuran ama wɔadwen afoforo ho, na ɛbɛboa mmofra no sɛn?

6 Sɛ okunu ne ɔyere ne wɔn ho wɔn ho di no yiye na wobu wɔn ho wɔn ho a, wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn mma. Awofo titiriw na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔtete wɔn mma ma wohu sɛnea wobedwen afoforo ho. Ɛho nhwɛso ni. Awofo betumi akyerɛ wɔn mma sɛ ɛnsɛ sɛ wotu mmirika wɔ Ahenni Asa so. Sɛ awofo ne wɔn mma kɔ apontow ase a, wobetumi aka akyerɛ wɔn mma sɛ wɔmma wɔn a wɔn mfe akɔ anim nni kan nkɔfa wɔn aduan. Nokwasɛm ne sɛ, asafo no mufo nyinaa betumi aboa awofo. Sɛ abofra bi yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛkamfo no; ebia wabue pon ama yɛn. Sɛ yɛkamfo abofra no a, ɛbɛma n’ani agye, na aka ne koma ama wahu sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Aso. 20:35.

“YENSUSUW YƐN HO YƐN HO HO” WƆ ASAFO NO MU

7. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ odwen ɔbarima a n’aso asiw no ho, na dɛn na yebetumi asua afi nea Yesu yɛe no mu?

7 Bere bi a na Yesu wɔ Dekapoli mpɔtam hɔ no, nkurɔfo de “ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye brɛɛ no.” (Mar. 7:31-35) Sɛ́ anka Yesu bɛsa no yare wɔ nnipadɔm no mu no, ɔde no “kɔɔ nkyɛn” kɔsaa no yare. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ebia ɔbarima no yare nti, na ɔfɛre sɛ ɔbɛkɔ nnipa mu. Ɛbɛyɛ sɛ wei na Yesu hui nti a ɔde no kɔɔ nkyɛn kɔsaa no yare no. Yɛn de, yɛrentumi nsa yare anwonwakwan so. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn mfɛfo Kristofo hu sɛ yedwen wɔn ahiade ne sɛnea wɔte nka ho. Ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” (Heb. 10:24) Yesu tee ɔbarima a na n’aso asiw no ase, na ɔne no dii no yiye. Wei yɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua!

8, 9. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen anuanom a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare ho? (Ma ɛho nhwɛso.)

8 Dwen wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare ho. Ɔdɔ na ɛma Kristofo asafo no da nsow, na ɛnyɛ biribiara a wɔtoto no pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 13:34, 35) Saa ɔdɔ no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara boa yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare ma wɔkɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛboa wɔn, anaa wontumi nyɛ pii mpo a, yɛyɛ saa. (Mat. 13:23) Michael te mmubuafo akongua mu. N’ani sɔ sɛnea n’abusuafo ne anuanom a wɔwɔ n’asɛnka kuw mu boa no no. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ wɔn nyinaa boa me nti, mitumi kɔ asafo nhyiam dodow no ara, na mekɔ asɛnka nso daa. M’ani gye baguam adansedi ho pa ara.”

9 Wokɔ Betel ahorow bi a, wubehu wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare wɔ hɔ. Ahwɛfo a wɔdɔ wɔn nuanom anokwafo yi dwen wɔn ho, na wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔn ma wɔkyerɛw nkrataa de di adanse, na wodi adanse wɔ tɛlɛfon so nso. Bill adi mfe 86, na ɔkyerɛw nkrataa de kodi nkurɔfo a wɔwɔ akyirikyiri adanse. Ɔka sɛ: “Yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya sɛ yetumi kyerɛw nkrataa.” Nancy adi mfe 90. Ɔka sɛ: “Sɛ mekyerɛw nkrataa a, mimmu no sɛ biribi a mede rehyehyɛ nhoma kotoku (envelope) mu ara kɛkɛ. Mefa no sɛ mereyɛ asɛnka adwuma. Ehia sɛ nkurɔfo hu nokware no!” Wɔwoo Ethel afe 1921. Ɔka sɛ: “Me ho tutu me daa. Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ mɛhyɛ atade mpo.” Ɛte saa de, nanso odi adanse wɔ tɛlɛfon so, na ɔyɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn. Barbara adi mfe 85. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ mente apɔw nti, ɛyɛ den pa ara sɛ mɛkɔ asɛnka daa. Nanso, mitumi di nkurɔfo adanse wɔ tɛlɛfon so. Yehowa, meda wo ase!” Bɛyɛ afe baako no, anuanom a wɔn mfe akɔ anim bi de nnɔnhwerew 1,228 yɛɛ asɛnka adwuma no, wɔkyerɛw nkrataa 6,265, wɔfrɛɛ nnipa bɛboro 2,000 wɔ tɛlɛfon so, na wɔmaa nhoma 6,315! Yebetumi aka pa ara sɛ, adwuma a wɔyɛe yi maa Yehowa ani gyei!—Mmeb. 27:11.

10. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom ama wɔate nea ɛkɔ so wɔ Kristofo nhyiam ase nyinaa?

10 Dwen afoforo ho wɔ Kristofo nhyiam ase. Yɛpɛ sɛ yɛn nuanom te nea ɛkɔ so wɔ asafo nhyiam ahorow ase nyinaa. Sɛ yedwen wɔn ho a, yebetumi aboa wɔn ama wɔayɛ saa. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yebedu asafo nhyiam ase ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentwetwe nkurɔfo adwene. Ɛwom, ɛtɔ da a, biribi a yɛnhwɛ kwan betumi asi ama yɛaka akyi. Nanso, sɛ yɛtaa ka akyi a, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea etumi haw yɛn nuanom ho, na yɛhwɛ nsakrae a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ Yehowa ne ne Ba no na wɔafrɛ yɛn. (Mat. 18:20) Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yebu wɔn pa ara!

11. Wɔn a wɔwɔ dwumadi wɔ asafo nhyiam ase no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ 1 Korintofo 14:40 no yɛ adwuma?

11 Sɛ yedwen yɛn nuanom ho a, yɛde akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu yi bɛyɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Kor. 14:40) Anuanom a wɔwɔ dwumadi wɔ asafo nhyiam ase di saa akwankyerɛ yi so, enti wowie wɔn dwumadi bere ano. Saa a wɔyɛ no kyerɛ sɛ wodwen ɔkasafo a odi hɔ ne asafo mũ no nyinaa ho. Ebia anuanom bi betwa kwantenten ansa na wɔakodu wɔn fie. Ebia afoforo nso bɛfa trotro anaa bɔs. Ebinom nso wɔ hɔ a, ebia wɔn kununom anaa wɔn yerenom nni asafo no mu, na wɔretwɛn wɔn denneennen.

12. Asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden no, ɛfata sɛ yɛde ‘nidi soronko ma wɔn ɔdɔ mu.’ Adɛn ntia? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Dwen Wɔn a Wodi Anim No Ho.”)

12 Asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden wɔ asafo no mu a wɔde nsi ne ahokeka di asɛnka adwuma no anim no, ɛfata sɛ yedwen wɔn ho pa ara. (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:12, 13.) Yegye di sɛ w’ani sɔ nea asafo mu mpanyimfo yɛ no. Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara ntie wɔn na yɛmmoa wɔn, efisɛ ‘wɔn na wɔhwɛ yɛn kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa.’—Heb. 13:7, 17.

DWEN AFOFORO HO WƆ ASƐNKA MU

13. Sɛnea Yesu ne nkurɔfo dii no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

13 Yesaia hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Ɔremmu demmire a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban biara a ayɛ wusiwusi.” (Yes. 42:3) Esiane sɛ Yesu dɔ nnipa nti, na ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn. Nkurɔfo a na wɔn abam abu a wɔayɛ sɛ demmire a abukaw anaa kanea a ne ntamaban ayɛ wusiwusi no, na Yesu te wɔn ase. Enti, onyaa wɔn ho abotare yii ne yam boaa wɔn. Ná mmofra mpo tumi kɔ ne nkyɛn. (Mar. 10:14) Ɛwom, nhumu a na Yesu wɔ no, yenni bi, na saa ara nso na yɛrentumi nkyerɛkyerɛ te sɛ ɔno! Nanso yebetumi adwen nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu ho, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho ne sɛnea yɛne wɔn bɛkasa, bere a yɛne wɔn bɛkasa, ne bere tenten a yɛne wɔn bɛkasa.

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛne afoforo kasa no yiye?

14 Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne nkurɔfo kasa? Ɛnnɛ, aguadifo, amanyɔfo, ne nyamesom akannifo a wɔn tirim yɛ den na wɔbɔ nyansakorɔn ‘apirapira’ nnipa mpempem pii, na ‘wɔagyaw wɔn agu hɔ.’ (Mat. 9:36) Wei nti, nnipa pii wɔ hɔ a, wonnye obiara nni, na wonni anidaso. Ɛno nti na ehia sɛ nsɛm a yɛka ne ɛnne a yɛde kasa no ma wohu sɛ yɛn yam ye, na yedwen wɔn ho! Nokwasɛm ni, ɛnyɛ Bible mu nimdeɛ a yɛwɔ ne sɛnea yɛka asɛm ma ɛtɔ asom no nko ara nti na nkurɔfo pii tie asɛm a yɛka no, na mmom sɛnea yɛkyerɛ wɔn ho anigye na yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho no nso ka ho.

15. Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen nkurɔfo a yedi wɔn adanse no ho?

15 Nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ a ɛbɛma nkurɔfo a yedi wɔn adanse no ahu sɛ yedwen wɔn ho. Ɔkwan baako a eye pa ara a yɛfa so kyerɛkyerɛ ne sɛ yebebisa nkurɔfo nsɛm. Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase bisa nsɛm ma wohu sɛ yebu wɔn. Ɔkwampaefo bi asasesin mu no, nnipa pii wɔ hɔ a wɔmpɛ kasa na wɔfɛre ade, enti ohui sɛ ɛnsɛ sɛ obisa nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn aniwu. Ɛno nti, wammisa nsɛm a wontumi mmua anaa wɔrentumi mmua no yiye. Nsɛm a wammisa no bi ne, ‘Wunim Onyankopɔn din?’ anaa ‘Wunim Onyankopɔn Ahenni?’ Mmom, ɛyɛ a ɔka asɛm bi te sɛ, “Mahu wɔ Bible mu sɛ Onyankopɔn wɔ din. Menkyerɛ wo saa din no anaa?” Ɛnyɛ baabiara na wubetumi afa saa kwan yi so adi adanse, efisɛ ɛsono nnipa a wɔwɔ baabiara ne ɛhɔ amammerɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yedwen nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu ho, na yebu wɔn bere nyinaa. Sɛ yebetumi ayɛ wei a, ehia sɛ yehu wɔn yiye pa ara.

16, 17. Sɛ yedwen nkurɔfo ho a, (a) bere bɛn na yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn? (b) bere tenten ahe na yɛne wɔn bɛkasa?

16 Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn? Sɛ yɛreyɛ afie afie asɛnka a, yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn bere a wɔmfrɛɛ yɛn. Enti, hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛkɔ wɔn nkyɛn bere a wɔn ani begye ho pa ara sɛ wɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ! (Mat. 7:12) Sɛ nhwɛso no, nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu no, edu Memeneda ne Kwasida a, wɔda a wɔnsɔre ntɛm anaa? Sɛ saa a, wubetumi afi ase adi adanse wɔ mmɔnten so, ayɛ baguam adansedi, anaa woakɔ nkurɔfo a wunim sɛ wɔasɔre dedaw no nkyɛn akɔyɛ sankɔhwɛ.

17 Bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ yedi? Nnipa pii nni adagyew koraa, enti ɛbɛyɛ papa sɛ wokɔ wɔn nkyɛn a worenkyɛ, titiriw, mfiase no. Ɛyɛ papa sɛ yetwa yɛn asɛm so ntɛm sen sɛ yɛbɛkyɛ wɔ hɔ. (1 Kor. 9:20-23) Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛahu nea wɔreyɛ anaa yehu sɛ wonni adagyew a, ebia wɔn ani begye ho sɛ yɛbɛsan aba wɔn nkyɛn bere foforo. Yɛahu pa ara sɛ, ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn honhom aba no adi wɔ asɛnka mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo,” na ebia Yehowa bɛfa yɛn so atwe obi aba nokware no mu.—1 Kor. 3:6, 7, 9.

18. Sɛ yedwen afoforo ho a, nhyira bɛn na yɛhwɛ kwan sɛ yebenya?

18 Momma yɛmmɔ mmɔden pa ara sɛ yebedwen afoforo ho wɔ abusua no mu, asafo no mu, ne asɛnka mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nhyira pii ɛnnɛ ne daakye. Dwom 41:1, 2 ka sɛ: “Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ; Yehowa begye no ahohia da mu. . . . Wɔbɛfrɛ no anigye wɔ asase so.”