Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 37

Adɛn Nti Na Yeyi Yɛn Yam De Yɛn Ho Hyɛ Yehowa Ase, Na Yɛyɛ No Sɛn?

Adɛn Nti Na Yeyi Yɛn Yam De Yɛn Ho Hyɛ Yehowa Ase, Na Yɛyɛ No Sɛn?

‘So yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn Agya no ase?’—HEB. 12:9.

DWOM 9 Yehowa Redi Hene!

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Yehowa ase?

YEHOWA ne yɛn Bɔfo, enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ n’ase, anaa yetie no. Ɛno nti, ɔwɔ hokwan sɛ ɔma yɛn akwankyerɛ. (Adi. 4:11) Nanso, biribi foforo wɔ hɔ paa nti a ɛsɛ sɛ yetie Yehowa. Ɛne sɛ, ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no ye sen biara. Efi teteete na nnipa pii adi wɔn yɔnko nnipa so tumi. Nanso, sɛ yɛde ɔkwan a nnipa fa so di tumi no toto sɛnea Yehowa di tumi ho a, yehu sɛ Yehowa yɛ Sodifo a ɔwɔ nyansa sen obiara. Afei nso, ɔdɔ nnipa paa, na ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye sen obiara.—Ex. 34:6; Rom. 16:27; 1 Yoh. 4:8.

2. Dɛn nti na Hebrifo 12:9-11 ka sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ Yehowa ase?

2 Yehowa pɛ sɛ yetie no; ɛnyɛ sɛ yesuro no nti, na mmom ɔdɔ a yɛdɔ no ne obu a yɛwɔ ma no sɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn ntia. Paulo kaa wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu sɛ, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam de ‘yɛn ho hyɛ yɛn Agya no ase,’ efisɛ ɔtete yɛn ma esi yɛn ‘yiye.’—Kenkan Hebrifo 12:9-11.

3. (a) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ Yehowa ase? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

3 Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara tie Yehowa wɔ biribiara mu na yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa ntease so a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ Yehowa ase. (Mmeb. 3:5) Sɛ yesua Yehowa su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho ade pii a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ n’ase. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yehu Yehowa su ahorow yi wɔ ne nnwuma nyinaa mu. (Dw. 145:9) Sɛ yesua Yehowa ho ade pii a, ɛbɛma yɛadɔ no kɛse. Sɛ yɛdɔ Yehowa a, enhia sɛ yenya mmara bebree a ɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛbɔ mmɔden sɛ yebedwen nneɛma pa ho te sɛ Yehowa, na yɛatwe yɛn ho afi bɔne ho nso. (Dw. 97:10) Nanso, ɛtɔ da a, etumi yɛ den ma yɛn sɛ yebetie Yehowa. Adɛn nti na etumi ba saa? Dɛn na asafo mu mpanyimfo, agyanom, ne ɛnanom betumi asua afi Amrado Nehemia; Ɔhene Dawid; ne Yesu maame Maria hɔ? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.

NEA ENTI A EBETUMI AYƐ DEN SƐ YƐDE YƐN HO BƐHYƐ YEHOWA ASE

4-5. Sɛnea Romafo 7:21-23 kyerɛ no, adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ Yehowa ase?

4 Ade baako a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ Yehowa ase ne sɛ, wɔawo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu na yɛtɔ sin. Enti ɛnyɛ bere nyinaa na yɛpɛ sɛ yetie Yehowa. Bere a Adam ne Hawa tew Onyankopɔn so atua na wodii aduaba a ɔbaraa wɔn sɛ mma wonni no, wɔn ankasa kyerɛɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Gen. 3:22) Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara mpɛ sɛ wotie Yehowa, na mmom wɔpɛ sɛ wɔn ankasa kyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.

5 Wɔn a wonim Yehowa na wɔdɔ no mpo no, ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ wɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ. Biribi a ɛte saa too ɔsomafo Paulo. (Kenkan Romafo 7:21-23.) Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea Paulo yɛe no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ko tia nneɛma bɔne daa.

6-7. Ade foforo bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ Yehowa ase? Ma ɛho nhwɛso.

6 Ade foforo a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ Yehowa ase ne sɛ, yetumi suasua amammerɛ a ɛwɔ baabi a wɔtetee yɛn ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nsusuwii. Adwene a nnipa pii wɔ ne Yehowa apɛde nhyia, enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho paa na yɛannya wɔn adwene no bi. Momma yɛnhwɛ emu baako pɛ.

7 Mmeae bi wɔ hɔ a, wɔtaa hyɛ mmabun sɛ wɔnyere wɔn ho mpɛ sika pii. Onuawa bi a wɔfrɛ no Mary * hyiaa ɔhaw a ɛte saa. Ɔkɔɔ sukuupɔn bi a agye din paa wɔ ne man mu ansa na ɔresua Yehowa ho ade. Mary abusuafo yɛe sɛ wɔbɛhyɛ no ama wayɛ adwuma a ɛbɛma wanya sika pii na nkurɔfo abu no. Ná ɔno nso ani gye ho saa. Nanso, bere a osuaa Yehowa ho ade na onyaa ne ho dɔ no, ɔde botae foforo sisii n’ani so. Ne nyinaa akyi no, ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a, mitumi nya adwuma a ɛbɛma manya sika pii, nanso minim sɛ, sɛ meyɛ a ɛrentumi mma mensom Yehowa sɛnea mereyɛ seesei no. Esiane sɛnea wɔteetee me nti, ɛyɛ a ɛyɛ me den sɛ mɛka sɛ merenyɛ adwuma bi a ɛte saa. Ɛyɛ a mesrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me na manyɛ adwuma bi a ɛremma mintumi nyɛ nea mepɛ sɛ meyɛ nyinaa wɔ ne som mu.”—Mat. 6:24.

8. Dɛn na yebesusuw ho?

8 Sɛnea yɛahu no, yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Yehowa ase a, ɛboa yɛn. Nanso, wɔn a wɔwɔ tumi a wɔn mu bi ne asafo mu mpanyimfo, agyanom, ne ɛnanom de, wɔwɔ biribi foforo nti a ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn akwankyerɛ. Ɛne sɛ, wɔwɔ hokwan sɛ wɔboa afoforo. Momma yɛnhwɛ nnipa bi a Bible ka wɔn ho asɛm, na ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛde tumi a yɛwɔ bɛyɛ adwuma ama Yehowa ani agye.

NEA ASAFO MU MPANYIMFO BETUMI ASUA AFI NEHEMIA HƆ

Sɛnea Nehemia boa ma wɔsan too Yerusalem afasu no, asafo mu mpanyimfo nso boa ma wosiesie Ahenni Asa (Hwɛ nkyekyɛm 9-11) *

9. Ɔhaw ahorow bɛn na Nehemia hyiae?

9 Yehowa de adwuma titiriw bi ahyɛ asafo mu mpanyimfo nsa sɛ wɔnhwɛ ne nkurɔfo. (1 Pet. 5:2) Sɛnea Nehemia ne Yehowa nkurɔfo dii no, sɛ asafo mu mpanyimfo susuw ho a, wobetumi asua nneɛma pii. Ná Nehemia yɛ Yuda amrado, enti na ɔwɔ tumi paa. (Neh. 1:11; 2:7, 8; 5:14) Momma yɛnhwɛ ɔhaw a Nehemia hyiae no bi. Ná wate sɛ Yudafo no agu asɔrefie no ho fĩ, na na ntoboa a Mose Mmara no akyerɛ sɛ wonyi mfa mmoa Lewifo no nso, na wonyi bio. Afei nso, Homeda mmara no, na Yudafo no nni so, na na mmarima no bi aware mmea ananafo. Ná ɛsɛ sɛ Amrado Nehemia yɛ ɔhaw a emu yɛ den yi ho biribi.—Neh. 13:4-30.

10. Dɛn na Nehemia yɛe wɔ ɔhaw a ohyiae no ho?

10 Nehemia amfa ne tumi anhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so sɛ wɔnyɛ nea ɔno bɛka. Mmom, ɔbɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ, na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no Yehowa Mmara. (Neh. 1:4-10; 13:1-3) Bio nso, Nehemia brɛɛ ne ho ase ne ne nuanom boom yɛɛ adwuma, na ɔboaa wɔn mpo ma wɔsan too Yerusalem afasu no.—Neh. 4:15.

11. Sɛnea 1 Tesalonikafo 2:7, 8 kyerɛ no, sɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne asafo no mufo di?

11 Ɔhaw a Nehemia hyiae no, ebia ɛnyɛ ɛno ara bi na asafo mu mpanyimfo behyia, nanso wobetumi asuasua no akwan pii so. Nea asafo mu mpanyimfo yɛ no bi ne sɛ, wɔyere wɔn ho boa wɔn nuanom. Afei nso, wɔmma tumi a wɔwɔ no nkɔ wɔn tirim. Mmom, wɔyɛ wɔn nuanom brɛbrɛ. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2:7, 8.) Esiane sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔdɔ wɔn nuanom paa nti, wɔtɔ wɔn bo ase ne wɔn kasa. Andrew asom sɛ asafo mu panyin mfe pii. Ɔkaa sɛ: “Mahu sɛ, sɛ asafo mu panyin yam ye na ɔpɛ nnipa a, otumi boa anuanom ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Suban a ɛte saa hyɛ asafo no mufo nkuran ma wotie mpanyimfo no.” Onua foforo a ɔde Tony nso asom sɛ asafo mu panyin mfe pii. Ɔkaa sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mede afotu a ɛwɔ Filipifo 2:3 no bɛyɛ adwuma, na meyere me ho sɛ bere nyinaa mebu afoforo sɛ wɔkyɛn me. Wei boa me na manhyɛ afoforo sɛ wontie me.”

12. Adɛn nti na ehia sɛ mpanyimfo brɛ wɔn ho ase?

12 Sɛnea Yehowa brɛ ne ho ase no, saa ara na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase. Ɛwom sɛ Yehowa ne amansan Hene, nanso “ɔbrɛ ne ho ase” ma “ɔbrɛfo so fi mfutuma mu.” (Dw. 18:35; 113:6, 7) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa kyi ahantanfo ne wɔn a wɔyɛ ahomaso.—Mmeb. 16:5.

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu panyin ‘to ne tɛkrɛma nnareka’?

13 Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin a ɔbrɛ ne ase hyɛ Yehowa ase no ‘to ne tɛkrɛma nnareka.’ Sɛ wanyɛ saa na obi yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ommu no a, anhwɛ a ɔbɛkasa atia no. (Yak. 1:26; Gal. 5:14, 15) Andrew a yɛaka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Ɛtɔ da na ɛyɛ me sɛ onua anaa onuawa bi ayɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ommu me a, ɛyɛ a mepɛ sɛ mekeka bi kyerɛ no. Nanso, nea mmarima anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm yɛe a madwinnwen ho no aboa me ama mahu sɛ mfaso wɔ so sɛ mebrɛ me ho ase na midwo.” Sɛ asafo mu mpanyimfo da ɔdɔ adi kyerɛ anuanom ne wɔn mfɛfo mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu na wɔma wɔn kasa ho ba nyam a, ɛkyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase.—Kol. 4:6.

NEA AGYANOM BETUMI ASUA AFI ƆHENE DAWID HƆ

14. Adwuma bɛn na Yehowa de ama agyanom, na dɛn na ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ?

14 Agya na Yehowa de no ayɛ abusua ti, na Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ ɔbɛtete ne mma na wateɛ wɔn so. (1 Kor. 11:3; Efe. 6:4) Nanso tumi a agya no wɔ no, ɛwɔ baabi a ekosi. Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua, enti sɛnea agyanom ne wɔn abusua di no, wobebu ho akontaa akyerɛ no. (Efe. 3:14, 15) Sɛ agyanom de tumi a wɔwɔ yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so a, wɔda no adi sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase. Sɛ agyanom sua Ɔhene Dawid asetena ho ade a, wobetumi asua nneɛma pii.

Sɛ agya a ɔyɛ Kristoni ne n’abusua rebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ ɔma wohu sɛ ɔbrɛ ne ho ase (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ agyanom suasua Ɔhene Dawid?

15 Yehowa paw Dawid sɛ ɔnyɛ n’abusua ti, ɛnna ɔsan paw no sɛ Israel man mũ no nyinaa kannifo. Esiane sɛ na Dawid yɛ ɔhene nti, na ɔwɔ tumi paa. Ɛtɔ da a, na ɔmfa ne tumi nni dwuma yiye, na ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru nso. (2 Sam. 11:14, 15) Nanso, ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ Yehowa ase, na ogyee nteɛso a Yehowa de maa no toom. Ɔbɔɔ Yehowa mpae kaa ne komam asɛm kyerɛɛ no. Afei nso, ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ obetie Yehowa afotu. (Dw. 51:1-4) Bio nso, ɔbrɛɛ ne ho ase tiee afotu pa a mmarima de maa no, na otiee mmea de nso. (1 Sam. 19:11, 12; 25:32, 33) Dawid suaa biribi fii mfomso a odii mu, na ɔde Yehowa som dii kan wɔ n’asetena mu.

16. Dɛn na agyanom betumi asua afi Dawid hɔ?

16 Momma yɛnhwɛ nea agyanom betumi asua afi Ɔhene Dawid hɔ no bi: Mfa tumi a Yehowa de ama wo no nhyɛ afoforo so. Gye wo mfomso tom, na gye Bible mu afotu a afoforo de ma wo nso tom. Woyɛ saa a, w’abusua behu sɛ wobrɛ wo ho ase, na wobebu wo. Sɛ wo ne w’abusua rebɔ mpae a, ka wo komam asɛm kyerɛ Yehowa, na ɛbɛma wɔahu sɛ wode wo ho to Yehowa so paa. Nea ehia paa no, fa Yehowa som di kan wɔ w’asetena mu. (Deut. 6:6-9) Akyɛde a ɛsom bo paa a wubetumi de ama w’abusua no, wo nhwɛso pa ka ho.

NEA ƐNANOM BETUMI ASUA AFI MARIA HƆ

17. Adwuma bɛn na Yehowa de ama ɛnanom?

17 Yehowa de adwuma a nidi wom ama ɛna no wɔ abusua no mu, na wama no tumi bi wɔ ne mma so. (Mmeb. 6:20) Nokwasɛm ne sɛ, maame bi nneyɛe ne nsɛm a ɔka betumi aboa ne mma anaa ahaw wɔn wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. (Mmeb. 22:6) Hwɛ nea ɛnanom betumi asua afi Yesu maame Maria hɔ.

18-19. Dɛn na ɛnanom betumi asua afi Maria hɔ?

18 Ná Maria nim Kyerɛwnsɛm no mu yiye paa. Ná obu Yehowa paa, na na ɔne no anya adamfofa a emu yɛ den. Ná n’ani gye ho sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase atie Yehowa akwankyerɛ, ɛmfa ho mpo sɛ na ɛbɛma n’asetena asesa koraa.—Luka 1:35-38, 46-55.

Sɛ maame bi abrɛ anaa ne bo afuw a, ebehia sɛ ɔbɔ mmɔden paa na ama watumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ ɔdɔ n’abusua (Hwɛ nkyekyɛm 19) *

19 Ɛnanom, mubetumi asuasua Maria wɔ akwan pii so. Dɛn na mubetumi ayɛ? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ w’ankasa wusua Bible na wobɔ mpae daa; wei bɛma wo ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ wufi wo pɛ mu yɛ nsakrae a ɛbɛsɔ Yehowa ani wɔ w’asetena mu. Ɛho nhwɛso ni. W’awofo a wɔtetee wo no, ebia na wɔn bo fuw ntɛmntɛm, na na wɔteɛteɛm gu wɔn mma so. Enti ebia worenyin no, na w’adwene yɛ wo sɛ saa ara na ɛsɛ sɛ wo nso wotete wo mma. Bere a wuhuu Yehowa akwankyerɛ mpo no, ebia ɛda so ara yɛ den ma wo sɛ wubenya wo mma ho abotare, ɛnkanka, bere a woabrɛ na wo mma reyɛ asoɔden no. (Efe. 4:31) Saa bere no paa na ehia sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Maame bi a wɔfrɛ no Lydia kaa sɛ: “Ɛtɔ da na sɛ me ba no yɛ asoɔden a, na ɛsɛ sɛ meyere me ho bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a merenkekaw mu ngu no so. Ɛtɔ da na merekasa mpo a, mitumi gyae bɔ mpae wɔ me tirim sɛ Yehowa mmoa me. Mebɔ mpae a, ɛmma menkasa abufuw so.”—Dw. 37:5.

20. Ɔhaw bɛn na ɛnanom binom hyia, na dɛn na wobetumi ayɛ wɔ ho?

20 Ɔhaw foforo a ebia ɛnanom binom hyia ne sɛ, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ biribi ama wɔn mma ahu sɛ wɔdɔ wɔn. (Tito 2:3, 4) Mmea bi wɔ hɔ a, afie a wɔtetee wɔn wɔ mu no, na awofo ne wɔn mma mfa nnamfo. Sɛ saa na wɔtetee wo a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo nso wudi mfomso koro no ara bi. Ebehia sɛ ɛna a ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Yehowa ase no sua sɛ ɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ ne mma. Ebia ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛsesa ne nsusuwii, sɛnea ɔte nka, ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Nanso, obetumi ayɛ nsakrae a ɛte saa, na sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛma ɔne n’abusua ani agye paa.

KƆ SO FA WO HO HYƐ YEHOWA ASE

21-22. Sɛnea Yesaia 65:13, 14 kyerɛ no, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Yehowa ase a, ɛboa yɛn sɛn?

21 Ná Ɔhene Dawid nim sɛ, sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Yehowa ase a, ɛbɛboa no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yehowa ahyɛde teɛ, ɛma koma di ahurusi; Yehowa mmara nsɛm ho tew, ɛma obi ani tew. Ɛbɔ w’akoa kɔkɔ; ɛsodi mu wɔ akatua sɛ.” (Dw. 19:8, 11) Ɛnnɛ, wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase ne wɔn a wɔmfa Yehowa afotu pa nyɛ hwee no, yetumi hu nsonsonoe a ɛwɔ wɔn ntam. Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase no “bedi ahurusi, koma pa nti.”—Kenkan Yesaia 65:13, 14.

22 Sɛ asafo mu mpanyimfo, agyanom, ne ɛnanom yi wɔn yam brɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase a, ɛma nneɛma kɔ yiye wɔ wɔn asetena mu. Afei nso, wɔn mmusua ani gye paa, na ɛma baakoyɛ tena asafo no mu paa. Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔma Yehowa koma tɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Anigyesɛm bɛn na ɛkyɛn wei?

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

^ nky. 5 Adesua yi bɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Yehowa ase. Afei nso, ɛbɛma yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo, agyanom, ne ɛnanom de tumi a Yehowa de ama wɔn no yɛ adwuma. Wobetumi asua nneɛma pii afi Amrado Nehemia; Ɔhene Dawid; ne Yesu maame Maria hɔ.

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow no bi wɔ asɛm yi mu.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea Nehemia boa ma wɔsan too Yerusalem afasu no, saa ara na asafo mu panyin bi nso ne ne ba abom resiesie Ahenni Asa bi.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Agya bi adi n’abusua anim rebɔ Yehowa mpae.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Abarimaa bi de nnɔnhwerew pii adi video so agorɔ, enti wanyɛ ne fie nnwuma ne dwumadi a wɔde ama no wɔ sukuu. Ne maame fi adwuma aba a wabrɛ; ɔteɛ ne ba no so, nanso wanyɛ no abufuw so anaa wanteɛteɛm angu no so.