Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 38

“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Mo Ho Adwo Mo”

“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Mo Ho Adwo Mo”

“Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.”—MAT. 11:28.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

NEA YƐREBESUA *

1. Ɛbɔ bɛn na Yesu hyɛe wɔ Mateo 11:28-30?

BERE bi, na nnipakuw bi retie Yesu, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ bi a ɛma akomatɔyam. Ɔkaa sɛ: “Mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” (Kenkan Mateo 11:28-30.) Ná wei nyɛ bɔhyɛ hunu. Wo de, yɛnhwɛ nea ɔyɛ maa ɔbea bi a na yare bɔne bi abɔ no no.

2. Dɛn na Yesu yɛ maa ɔbea bi a na ɔyare no?

2 Ná ɔbea no hia mmoa paa. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ne ho tɔ no nti, na wakyin nnuruyɛfo bebree so. Ná wafa ateetee mu mfe 12, nanso na obiara ntumi nsaa no yare. Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, na ɔbea no ho ntew. (Lev. 15:25) Bere bi akyi no, ɔtee sɛ Yesu betumi asa wɔn a wɔrehu amane no yare, enti ɔkɔhwehwɛɛ no. Bere a ohuu Yesu no, ɔde ne nsa kaa n’atade nguguso ano, na amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no! Nanso, Yesu ansa no yare kɛkɛ; odii no ni nso. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Yesu ne ɔbea no rekasa no, ɔde asɛmfua “ɔbabea” yɛɛ adwuma de kyerɛe sɛ ɔdɔ no na obu no. Hwɛ sɛnea wei bɛma ɔbea no ho adwo no, anaa ɛbɛhyɛ no den!—Luka 8:43-48.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

3 Hyɛ no nsow sɛ, ɔbea no na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn. Ɔno ara na otuu anammɔn kɔhwehwɛɛ Yesu. Ɛnnɛ nso, saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛn na ɛsɛ sɛ yetu anammɔn kɔ Yesu nkyɛn. Yɛn bere yi so de, Yesu remfa anwonwakwan so nsa wɔn a ‘wɔba’ ne nkyɛn yare. Nanso, ɔda so ara to nsa frɛ yɛn sɛ: “Mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa nnum ho mmuae: Yɛbɛyɛ dɛn ‘aba’ Yesu nkyɛn? Bere a Yesu kaa sɛ, “Momfa me kɔndua nto mo ho so” no, na ɔkyerɛ sɛn? Dɛn na yebetumi asua afi Yesu nkyɛn? Adwuma a ɔde ama yɛn no, adɛn nti na ɛma yɛn ho dwo yɛn? Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn ho akɔ so adwo yɛn wɔ Yesu kɔndua ase?

“MOMMRA ME NKYƐN”

4-5. Akwan a yebetumi afa so akɔ Yesu nkyɛn no, ebi ne nea ɛwɔ he?

4 Ɔkwan baako a yebetumi afa so akɔ Yesu nkyɛn ne sɛ yebesua nsɛm a ɔkae ne nneɛma a ɔyɛe ho ade sɛnea yebetumi. (Luka 1:1-4) Obiara ntumi nyɛ wei mma yɛn; ɛsɛ sɛ yɛn ankasa na yesua ho ade. Ɔkwan foforo a yɛfa so kɔ Yesu nkyɛn ne sɛ yebesi gyinae abɔ asu abɛyɛ Kristo suani.

5 Ɔkwan foforo nso a yebetumi afa so akɔ Yesu nkyɛn ne sɛ, yɛbɛkɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn bere a yehia mmoa. Yesu nam saa ‘nnipa a wɔyɛ akyɛde’ yi so hwɛ ne nguan. (Efe. 4:7, 8, 11; Yoh. 21:16; 1 Pet. 5:1-3) Ɛsɛ sɛ yetu anammɔn kɔ wɔn nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo behu nea ɛrekɔ so wɔ yɛn tirim na wɔahu nea yehia. Ma yɛnhwɛ asɛm a onua bi a ne din de Julian kae: “Bere a meyaree a ɛho behiae sɛ mifi Betel no, m’adamfo baako ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mpanyimfo no ma wɔmmɛhyɛ me nkuran. Mfiase no, na ɛyɛ me sɛ ɛho nhia. Nanso, akyiri yi, mema wɔbɛboaa me, na akyɛde a ɛsom bo sen biara a manya wɔ m’asetenam no, saa mpanyimfo nsrahwɛ no ka ho.” Asafo mu mpanyimfo a wodi nokware te sɛ mpanyimfo mmienu a wɔkɔsraa Julian no betumi aboa yɛn ama yɛahu “Kristo adwene.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛboa yɛn ama yɛahu Yesu nsusuwii ne ne suban, na yɛasuasua no. (1 Kor. 2:16; 1 Pet. 2:21) Mmoa a ɛte saa ka akyɛde a ɛsen biara a mpanyimfo no betumi de ama yɛn no ho.

“MOMFA ME KƆNDUA NTO MO HO SO”

6. Bere a Yesu kaa sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so” no, na ɔkyerɛ sɛn?

6 Bere a Yesu kaa sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so” no, ebia nea na ɔrekyerɛ ne sɛ “Munnye me tumidi ntom.” Ebia nea na ɔreka nso ne sɛ, “Mo ne me mmɛhyɛ me kɔndua no ase, na yemmom nyɛ Yehowa adwuma.” Emu biara no, kɔndua kyerɛ adwuma.

7. Sɛnea Mateo 28:18-20 kyerɛ no, adwuma bɛn na wɔde ama yɛn, na awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

7 Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa na yɛbɔ asu a, na yɛagye Yesu frɛ no so. Yesu to nsa frɛ obiara, na obiara a ɔpɛ paa sɛ ɔsom Onyankopɔn no, Yesu rempo no da. (Yoh. 6:37, 38) Adwuma a Yehowa de ahyɛ Yesu nsa no, wama Kristo akyidifo nyinaa kwan sɛ wɔn nso nyɛ bi. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bɛka yɛn ho bere nyinaa na waboa yɛn ama yɛayɛ adwuma no.—Kenkan Mateo 28:18-20.

“MUNSUA ME”

Ma afoforo ho nnwo wɔn sɛnea Yesu yɛe no (Hwɛ nkyekyɛm 8-11) *

8-9. Adɛn nti na na nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase pɛ sɛ wɔbɛn Yesu, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

8 Ná nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase pɛ sɛ wɔbɛn Yesu. (Mat. 19:13, 14; Luka 7:37, 38) Adɛn ntia? Yɛnhwɛ nsonsonoe a ɛwɔ Yesu ne Farisifo no ntam. Ná saa nyamesom akannifo no mpɛ nnipa, na na wɔyɛ ahantan. (Mat. 12:9-14) Yesu de, na ɔpɛ nnipa, na na ɔbrɛ ne ho ase. Ná Farisifo no pɛ din, na na wɔde wɔn dibea hoahoa wɔn ho. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase. (Mat. 23:2, 6-11) Farisifo no dii nkurɔfo so tumi, efisɛ wohunahunaa nkurɔfo de ehu hyɛɛ wɔn mu. (Yoh. 9:13, 22) Yesu maa nkurɔfo ho dwoo wɔn; ɔne afoforo dii no yiye, na ɔkaa nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛɛ wɔn.

9 Woasua saa suban ahorow yi afi Yesu hɔ anaa? Bisa wo ho sɛ: ‘Nkurɔfo nim me sɛ midwo na mebrɛ me ho ase anaa? Ɛyɛ a mifi me pɛ mu yɛ nnwuma a ɛba fam? Me ne afoforo di no yiye anaa?’

10. Nkurɔfo a wɔne Yesu yɛɛ adwuma no, sɛn na Yesu maa nneɛma kɔ maa wɔn?

10 Yesu maa nkurɔfo a ɔne wɔn yɛɛ adwuma no nyaa asomdwoe ne akomatɔyam, na oyii ne yam tetee wɔn. (Luka 10:1, 19-21) Ɔhyɛɛ n’asuafo no nkuran ma wobisaa nsɛm; afei nso na ɔpɛ sɛ ohu wɔn adwene. (Mat. 16:13-16) Sɛnea wɔbɔ afifide ho ban fi awɔw, ɔhyew, ne mframa a ano yɛ den ho no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔboaa n’asuafo no ma wonyinii frɔmfrɔm. Asuafo no yɛɛ aso tiee nea Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn, na wɔyɛɛ nnwuma pa.

Ma afoforo ntumi mmɛn wo

Keka wo ho na yɛ nsi

Brɛ wo ho ase na yere wo ho yɛ adwuma *

11. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

11 Wowɔ afoforo so tumi anaa? Sɛ saa a, bisa wo ho sɛ: ‘Me ne afoforo di no sɛn wɔ adwumam anaa fie? Mema asomdwoe ba hɔ anaa? Mehyɛ afoforo nkuran ma wobisa nsɛm? Ɛyɛ a mepɛ sɛ mitie afoforo adwene anaa?’ Farisifo no de, sɛ obi bisa wɔn asɛm a na wɔn bo afuw. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ wɔn. Afei nso, sɛ obi kyerɛ n’adwene na ɛne wɔn de nhyia a, na wotu wɔn ani si no so tan no.—Mar. 3:1-6; Yoh. 9:29-34.

“MUBENYA ƆHOME”

12-14. Adɛn nti na adwuma a Yesu de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no ma yɛn ho dwo yɛn?

12 Adɛn nti na sɛ yɛyɛ adwuma a Yesu de ama yɛn no a, ɛma yɛn ho dwo yɛn? Nneɛma pii nti na ɛte saa, nanso yebesusuw emu kakraa bi ho.

13 Yɛwɔ ahwɛfo papa paa. Ɛwom sɛ Yehowa ne Ɔsorosoroni no de, nanso ɔnyɛ owura a ɔyɛ bonniayɛ anaa ne tirim yɛ den. N’ani sɔ adwuma a yɛyɛ no. (Heb. 6:10) Ɔma yɛn tumi anaa ahoɔden a yehia na ama yɛatumi ayɛ adwuma a ɔde ama yɛn no. (2 Kor. 4:7; Gal. 6:5) Yesu a ɔyɛ yɛn Hene no ayɛ nhwɛso ama yɛn. (Yoh. 13:15) Asafo mu mpanyimfo a wɔhwɛ yɛn so no nso bɔ mmɔden suasua Yesu a ɔne yɛn “hwɛfo kɛse” no. (Heb. 13:20; 1 Pet. 5:2) Wɔyɛ nea wobetumi biara yi wɔn yam boa yɛn, wɔhyɛ yɛn nkuran, wɔde akokoduru kyerɛkyerɛ yɛn, na wɔbɔ yɛn ho ban.

14 Yɛwɔ nnamfo papa paa. Nnipa biara nni hɔ a wɔwɔ nnamfo pa ne adwuma a ɛma akomatɔyam te sɛ yɛn. Wo de, yɛnhwɛ: Yɛanya hokwan ne nkurɔfo a wɔbɔ bra pa nanso wommu wɔn ho sɛ wɔkyɛn afoforo na ɛyɛ adwuma. Wonim nneɛma pii yɛ, nanso wɔmfa ntu wɔn ho, na wobu wɔn ho sɛ afoforo kyɛn wɔn. Wobu yɛn sɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo ne wɔn nnamfo. Ɔdɔ a yɛn nnamfo no wɔ ma yɛn mu yɛ den araa ma wɔayɛ krado sɛ wobewu ama yɛn!

15. Ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛn wɔ adwuma a yɛreyɛ no ho?

15 Yɛwɔ adwuma papa paa. Yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wohu Yehowa ho nokwasɛm, na yɛma wohu sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. (Yoh. 8:44) Satan de nnesoa a emu yɛ duru asoa nkurɔfo. Ebi ne sɛ, ɔpɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa remfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na yɛmfata sɛ Yehowa dɔ yɛn. Wei yɛ atosɛm ankasa, na etumi ma nkurɔfo abam bu! Sɛ ‘yɛba’ Kristo nkyɛn a, ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa dɔ yɛn mu biara. (Rom. 8:32, 38, 39) Sɛ yɛboa afoforo ma wohu sɛnea wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so, na yehu sɛ wɔn abrabɔ atu mpɔn a, ɛma yɛn ani gye paa!

MA WO HO NKƆ SO NNWO WO WƆ YESU KƆNDUA ASE

16. Adesoa a Yesu se yɛnsoa no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnte sɛ nnesoa foforo a ɛsɛ sɛ yɛsoa no?

16 Adesoa a Yesu se yɛnsoa no, ɛnte sɛ nnesoa foforo a ɛsɛ sɛ yɛsoa no. Ɛho nhwɛso ni. Nkurɔfo pii bɛpɔn adwuma no, na wɔabrɛ paa, ná wonni anigye nso. Nanso, sɛ yɛde yɛn bere som Yehowa ne Kristo a, yɛn koma tɔ yɛn yam paa. Yɛbɛpɔn adwuma no ebia na yɛabrɛ paa, na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani ansa na yɛatumi akɔ asafo nhyiam saa anwummere no. Nanso, mpɛn pii no, yebefi asafo nhyiam aba fie no, na yɛn ho adwo yɛn, na yɛanya ahoɔden foforo. Saa ara nso na sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ asɛnka na yesua Bible a, yɛn ho dwo yɛn, na yenya ahoɔden foforo. Nhyira a yenya no, ɛmma yɛnkae yɛn brɛ koraa!

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

17 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn mu biara wɔ nea n’ahoɔden betumi ayɛ. Enti, biribiara a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yedi kan susuw ho yiye. Ebi ne sɛ, yebetumi asɛe yɛn ahoɔden de aboaboa ahonyade ano. Hwɛ nea Yesu ka kyerɛɛ aberante sikani bi a obisaa no sɛ: “Dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” no. Ná aberante no di Mose Mmara no so dedaw. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onipa pa, efisɛ Marko Asɛmpa no hyɛɛ da kaa sɛ Yesu ‘dɔɔ no.’ Yesu too nsa frɛɛ aberante no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ . . . na bra bedi m’akyi.” Ná ɔbarima no pɛ sɛ odi Yesu akyi, nanso na ɛyɛ den ma no sɛ obegyaw “agyapade bebree” a na ɔwɔ no hɔ. (Mar. 10:17-22) Ɛno nti, wannye kɔndua a Yesu de maa no no, na ɔkɔɔ so yɛɛ akoa maa “Ahonyade.” (Mat. 6:24) Sɛ ɛyɛ wo a, anka dɛn na wobɛyɛ?

18. Ɛwom ara a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

18 Ɛwom ara a, ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ yɛn asetenam na yɛhwɛ nneɛma a yɛde di kan. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ yɛde yɛn ahoɔden redi dwuma yiye. Momma yɛnhwɛ nea aberante bi a ne din de Mark kae: “Mfe pii a atwam no, na ɛyɛ me sɛ menyɛ obi a midi ahonyade akyi. Ná meyɛ ɔkwampaefo, nanso bere nyinaa na midwen sika ne sɛnea menya asetena pa ho. Ná minhu nea enti a me koma ntɔ me yam. Mibehui sɛ, nea na mede me koma di akyi paa ne nneɛma a ehia me, na me bere ne m’ahoɔden a aka na na mede ma Yehowa.” Mark sesaa n’adwene, na ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii de asom Yehowa. Mark kaa sɛ: “Ɛtɔ da a, midwen sika ho, nanso Yehowa ne Yesu aboa me ama mitumi de m’adwene si Yehowa som so.”

19. Adɛn nti na ehia paa sɛ yenya adwene a ɛfata?

19 Yɛyɛ nneɛma mmiɛnsa a edidi so yi a, ɛbɛma yɛn ho akɔ so adwo yɛn wɔ Yesu kɔndua ase. Nea edi kan, kɔ so nya adwene a ɛfata. Yehowa adwuma na yɛreyɛ, enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ no sɛnea Yehowa pɛ. Yɛn na yɛyɛ adwumayɛfo, ɛnna Yehowa yɛ Adwumawura. (Luka 17:10) Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ Yehowa adwuma sɛnea yɛpɛ a, ɛbɛma kɔndua no mu ayɛ duru ama yɛn. Nantwinini a ne ho yɛ den mpo, sɛ wamma ne wura ankyerɛ no kwan na ɔno ankasa yɛ sɛ ɔbɛfa ne kwan a, ɔbɛbrɛ, na kɔndua no betumi apira no. Nanso, sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi a, yebetumi ayɛ nneɛma a yesusuw sɛ yɛrentumi nyɛ, na yɛadi ɔhaw biara a ɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi nni so no so. Momma yɛnkae sɛ, Yehowa apɛde bɛyɛ hɔ ɔkwan biara so; obi biara rentumi nsiw ho kwan!—Rom. 8:31; 1 Yoh. 4:4.

20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho kɔhyɛ Yesu kɔndua ase?

20 Nea ɛto so mmienu, fa adwempa yɛ ade. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa a ɔyɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no anuonyam. Yesu bere so no, nkurɔfo a anibere anaa pɛsɛmenkominya nti wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ Yesu kɔndua ase no, ankyɛ na wɔn abam bui na wogyaee Yesu akyi di. (Yoh. 6:25-27, 51, 60, 66; Filip. 3:18, 19) Nanso, wɔn a ɔdɔ kann a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa nti wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ kɔndua no ase de, wɔde anigye soaa kɔndua no wɔn nkwa nna nyinaa wɔ asase so. Ná wɔhwɛ kwan sɛ wɔne Kristo bɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ soro. Yɛn nso, sɛ yɛde adwempa soa Yesu kɔndua no a, yɛn ani bɛkɔ so agye.

21. Sɛnea Mateo 6:31-33 kyerɛ no, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ?

21 Nea ɛto so mmiɛnsa, hwɛ kwan sɛ Yehowa bɛboa wo. Yɛafa ato yɛn ho so sɛ yebetu yɛn ho ama na yɛayere yɛn ho ayɛ adwuma. Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ nkurɔfo bɛtaa yɛn. Nanso, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina ɔhaw biara ano. Sɛ yehyia ɔhaw na yetumi gyina ano a, ɛhyɛ yɛn den kɛse. (Yak. 1:2-4) Yebetumi ahwɛ kwan nso sɛ, Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia, Yesu bɛhwɛ yɛn, na yɛn nuanom bɛhyɛ yɛn nkuran. (Kenkan Mateo 6:31-33; Yoh. 10:14; 1 Tes. 5:11) Dɛn bio na yehia?

22. Dɛn na ebetumi ama yɛn ani agye?

22 Ɔbea a Yesu saa no yare no, ɛda a ɔsaa no yare no ara na ne ho dwoo no. Nanso, sɛ na ne ho bedwo no daa a, na gye sɛ ɔyɛ Kristo suani na odi nokware. Wohwɛ a, dɛn na ɔyɛe? Sɛ ɔfaa Yesu kɔndua no a, wo de, hwɛ nhyira a anka obenya! Anka obenya hokwan ne Yesu akɔyɛ adwuma wɔ soro. Biribiara a ɔde bɔɔ afɔre na ama wadi Kristo akyi no, sɛ yɛde toto saa nhyira no ho a, nea ɔde bɔɔ afɔre no nyɛ hwee koraa. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena soro daa oo, anaa asase so daa oo, yɛn ani betumi agye paa sɛ Yesu too nsa frɛɛ yɛn sɛ: ‘Yɛmmra ne nkyɛn’ no, yegyee so!

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

^ nky. 5 Yesu to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra ne nkyɛn. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de gye ɔfrɛ no so? Adesua yi mu no, yebesusuw saa asɛmmisa yi mmuae ho, na ɛbɛma yɛahu sɛ, sɛ yɛne Kristo yɛ adwuma a, yɛn ho bedwo yɛn.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu maa nkurɔfo ho dwoo wɔn wɔ akwan pii so.

^ nky. 66 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Saa ara na onua bi ma afoforo ho dwo wɔn wɔ akwan pii so.