Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 39

“Hwɛ! Nnipakuw Kɛse Bi”

“Hwɛ! Nnipakuw Kɛse Bi”

“Hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, . . . gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim.”—ADI. 7:9.

DWOM 60 Wobenya Nkwa

NEA YƐREBESUA *

1. Bɛyɛ afe 95 Y.B. no, na ɔsomafo Yohane asetena te sɛn?

BƐYƐ afe 95 Y.B. no, na nneɛma mu ayɛ den ama ɔsomafo Yohane paa. Ná wabɔ akwakoraa, na na wɔaka no ahyɛ Patmo supɔw no so. Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ na ɔno nko ara ne ɔsomafo a ɔda so te ase. (Adi. 1:9) Ná onim sɛ nkurɔfo a wɔawae afi nokware no ho redaadaa asafo no mufo, na na wɔde mpaapaemu reba asafo no mu. Nnipa ani so no, na akɔyɛ sɛ aka kakra ma nokware Kristofo asa.—Yuda 4; Adi. 2:15, 20; 3:1, 17.

Ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse bi” a wɔhyehyɛ ntade tenten fitafitaa a wokurakura berɛw (Hwɛ nkyekyɛm 2)

2. Sɛnea Adiyisɛm 7:9-14 kyerɛ no, anigyesɛm bi a na ebesi daakye bɛn na Yohane nyaa ho anisoadehu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

2 Bere a Yohane wɔ tebea a emu yɛ den saa mu na onyaa anigyesɛm bi a na ebesi daakye ho anisoadehu. Anisoadehu no mu no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ abɔfo nnan bi sɛ mma wonnyae mframa a ano yɛ den a ɛde ahohiahia kɛse no bɛba no mu kosi sɛ Onyankopɔn nkoa bi benya wɔn nsɔano a etwa to. (Adi. 7:1-3) Saa kuw no mufo yɛ 144,000, na wɔne Yesu bedi hene wɔ soro. (Luka 12:32; Adi. 7:4) Afei, Yohane san kaa kuw foforo ho asɛm. Ná wɔdɔɔso araa ma Yohane teɛɛm sɛ: “Hwɛ!” Ɛbɛyɛ sɛ nea ohui no yɛɛ no nwonwa, ɛno nti na ɔteɛɛm saa no. Dɛn na Yohane hui? Bible ka sɛ ohuu “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu, gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim.” (Kenkan Adiyisɛm 7:9-14.) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yohane ani gyei sɛ ohui sɛ nnipa mpempem bɛsom Onyankopɔn nokwarem daakye!

3. (a) Anisoadehu a Yohane nyae no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn gyidi den? (b) Dɛn na yebehu wɔ adesua yi mu?

3 Yebetumi aka paa sɛ saa anisoadehu no hyɛɛ Yohane gyidi den. Yɛn de, ɛsɛ sɛ anisoadehu no hyɛ yɛn gyidi den paa, efisɛ ɛfa nna a edi akyiri a yɛte mu yi ho! Ɛnnɛ, yɛahu sɛ wɔreboaboa nnipa ɔpepem pii a wɔn anidaso ne sɛ wobetwa ahohiahia kɛse no na wɔatena asase so daa ano. Adesua yi mu no, yebehu sɛ bɛboro mfe 80 ni na Yehowa maa ne nkurɔfo huu wɔn a wɔyɛ nnipakuw kɛse no. Afei, yɛbɛhwɛ nnipakuw kɛse no ho nneɛma mmienu: (1) wɔdɔɔso paa, (2) emufo fi aman nyinaa mu. Nsɛm mmienu yi bɛhyɛ nkurɔfo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛka saa nnipakuw a wɔahyira wɔn no ho nyinaa gyidi den.

ƐHE NA NNIPAKUW KƐSE NO BƐTENA?

4. Nokwasɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a Kristoman nte ase, na sɛn na na Bible Asuafo no te ase?

4 Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ daakye nnipa a wɔyɛ osetie bɛtena asase so daa no, Kristoman nkyerɛkyerɛ saa. (2 Kor. 4:3, 4) Ɛnnɛ, Kristoman asɔre dodow no ara kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ nnipa pa nyinaa wu a wɔkɔ soro. Nanso, Bible Asuafo a na wɔatintim Ɔwɛn-Aban no fi afe 1879 no de, na ɛnyɛ saa na wɔkyerɛkyerɛ. Ná Bible Asuafo no te ase sɛ Onyankopɔn bɛsan ama asase adan Paradise, na nnipa ɔpepem pii a wɔbɛyɛ osetie bɛtena asase so ha, na ɛnyɛ soro. Nanso, egyee bere ansa na Bible Asuafo no rehu saa nkurɔfo a wɔyɛ osetie a wɔbɛtena asase so no.—Mat. 6:10.

5. Nnipa 144,000 no ho asɛm bɛn na Bible Asuafo no hui?

5 Bible Asuafo no suaa Kyerɛwnsɛm no hui nso sɛ ‘wɔbɛtɔ ebinom afi asase so’ ma wɔne Yesu akodi hene wɔ soro. (Adi. 14:3) Wohui sɛ saa nkurɔfo no dodow bɛyɛ 144,000, na wɔn nyinaa bɛyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a wɔde nokwaredi som Onyankopɔn bere a na wɔwɔ asase so. Na nnipakuw kɛse no nso ɛ?

6. Adwene bɛn na Bible Asuafo no nyae wɔ nnipakuw kɛse no ho?

6 Anisoadehu a Yohane nyae no mu no, ohui sɛ saa nnipakuw no “gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim.” (Adi. 7:9) Saa asɛm no maa Bible Asuafo no nyaa adwene sɛ, nnipakuw kɛse no ne 144,000 no nyinaa bɛtena soro. Sɛ 144,000 no ne nnipakuw kɛse no nyinaa bɛtena soro a, ɛnde nsonsonoe bɛn na ɛda wɔn ntam? Ná Bible Asuafo no susuw sɛ nnipakuw kɛse no yɛ Kristofo a bere a wɔwɔ asase so no wɔanyɛ osetie amma Onyankopɔn ankosi ase. Ɛwom sɛ na wɔbɔ bra pa de, nanso ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu bi da so ara wɔ Kristoman asɔre ahorow mu. Bible Asuafo no nyaa adwene sɛ nkurɔfo a wɔte saa no wɔ ɔdɔ kakra ma Onyankopɔn de, nanso ɛnyɛ nea ɛbɛma wɔafata sɛ wɔne Yesu bedi hene. Esiane sɛ ɔdɔ a na nnipakuw kɛse no wɔ ma Onyankopɔn mu nyɛ den papa nti, sɛ wonya hokwan kɔ soro a, na wobegyina ahengua no anim; na wɔremfata sɛ wɔtena nhengua so.

7. Henanom na na Bible Asuafo no gye di sɛ wɔbɛtena asase so wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu, na dɛn na Bible Asuafo no hu faa nnipa anokwafo a wɔtenaa ase tete no ho?

7 Ɛnde, na henanom na wɔbɛtena asase so? Ná Bible Asuafo no gye di sɛ wɔboaboa 144,000 ne nnipakuw kɛse no ano wie a, wɔbɛma nnipa ɔpepem pii nso nkwa ma wɔatena asase so na wɔanya nhyira a Kristo Mfirihyia Apem Nniso no de bɛba no bi. Ɛnyɛ ade a na Bible Asuafo no hwɛ kwan sɛ saa nnipa ɔpepem pii no bɛsom Yehowa ansa na Kristo Nniso no afi ase. Mmom, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ saa nnipakuw no Yehowa akwan wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu. Na ɛno akyi no, wɔn a wɔde Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ wɔn bra no anya daa nkwa atena asase so, na wɔasɛe wɔn a wɔbɛtew atua no. Afei nso, na Bible Asuafo no susuw sɛ ebinom a wɔbɛyɛ “mpanyimfo” wɔ asase so wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu no bɛkɔ soro wɔ Mfirihyia Apem Nniso no awiei. Ná wogye di nso sɛ “atitiriw a wɔtenaa ase tete” (anaa nnipa anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba) no bi ka saa “mpanyimfo” a wobenyan wɔn wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu ama wɔakɔ soro no ho.—Dw. 45:16.

8. Akuw mmiɛnsa bɛn na na ɛte sɛ nea wobenya gyinabea bi wɔ Onyankopɔn anim?

8 Enti ɛde besi ha no, na Bible Asuafo no gye di sɛ akuw mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ: (1) nnipa 144,000 a wɔne Yesu bedi hene wɔ soro; (2) nnipakuw kɛse a wɔyɛ Kristofo a wɔn nokwaredi nni mũ a wobegyina Yesu ahengua no anim wɔ soro; ne (3) nnipa ɔpepem pii a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan wɔ asase so wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu. * Nanso, Yehowa bere a ɛsɛ mu no, ɔmaa hann no hyerɛn ma wɔtee saa asɛm no ase yiye.—Mmeb. 4:18.

NOKWARE HANN NO HYERƐN KƐSE

Afe 1935 ɔmantam nhyiam ase no, nnipa pii a na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so bɔɔ asu (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. (a) Ɔkwan bɛn so na na nnipakuw kɛse a wɔwɔ asase so no begyina “ahengua no ne Oguammaa no anim”? (b) Adɛn nti na ntease a yɛanya wɔ Adiyisɛm 7:9 ho no tɔ asom?

9 Afe 1935 no, Yehowa Adansefo huu nkurɔfo a wɔyɛ nnipakuw kɛse a Yohane hui wɔ anisoadehu mu no yiye. Yehowa Adansefo behui sɛ enhia sɛ nnipakuw kɛse no kɔ soro ankasa ansa na wɔagyina “ahengua no ne Oguammaa no anim.” Mmom, “ahengua no ne Oguammaa no anim” a wogyina no kyerɛ biribi. Ɛwom sɛ nnipakuw kɛse no bɛtena asase so de, nanso sɛ wogye Yehowa tumidi tom na wɔbrɛ wɔn ho ase tie no a, wobetumi agyina ‘ahengua no anim.’ (Yes. 66:1) Afei nso, sɛ nnipakuw kɛse no nya Yesu agyede afɔre no mu gyidi a, wobetumi agyina “Oguammaa no anim.” Mateo 25:31, 32 nso ka sɛ “wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano” wɔ Yesu a ɔte n’anuonyam ahengua so no anim. Abɔnefo ka wɔn a wɔbɛboaboa wɔn ano no ho. Yehu pefee sɛ, amanaman nyinaa a yɛreka ho asɛm yi nni soro, na mmom wɔwɔ asase so. Saa ntease foforo a yɛanya yi tɔ asom. Ɛma yehu nea enti a Bible nka sɛ wɔde nnipakuw kɛse no bɛkɔ soro. Kuw baako pɛ na wɔahyɛ wɔn bɔ sɛ wobenya daa nkwa wɔ soro. Saa kuw no ne 144,000 a wɔne Yesu ‘bedi asase so ahene’ no.—Adi. 5:10.

10. Adɛn nti na ebehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipakuw kɛse no Yehowa akwan ansa na Mfirihyia Apem Nniso no afi ase?

10 Efi afe 1935 no, Yehowa Adansefo ate ase sɛ nnipakuw kɛse a Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu no yɛ Kristofo anokwafo a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asase so daa. Sɛ nnipakuw kɛse no betumi atwa ahohiahia kɛse no a, ebehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan ansa na Mfirihyia Apem Nniso no afi ase. Sɛ wobetumi “aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa” ansa na Kristo Mfirihyia Apem Nniso no afi ase a, ebehia sɛ wonya gyidi a ɛyɛ den.—Luka 21:34-36.

11. Adɛn nti na na Bible Asuafo no bi adwene yɛ wɔn sɛ ebia wɔde ebinom bɛkɔ soro wɔ Mfirihyia Apem Nniso no awiei?

11 Adwene a Bible Asuafo no nyae sɛ wɔde anokwafo binom bɛkɔ soro wɔ Mfirihyia Apem Nniso no awiei nso ɛ? Mfe pii a atwam ni na wɔde saa adwenkyerɛ yi baa February 15, 1913, Ɔwɛn-Aban mu. Ebia na obi betumi abisa sɛ, ‘Adɛn nti na nnipa anokwafo a wɔtenaa ase tete no benya nkwa abɛtena asase so kɛkɛ, bere a Kristofo a wɔanni nokware ankosi ase no mmom benya nkwa wɔ soro?’ Nsusuwii mmienu bi a ɛnyɛ nokware na ɛma wonyaa adwene a ɛte saa. Saa nsusuwii no ne sɛ: (1) nnipakuw kɛse no bɛtena soro (2) nnipakuw kɛse no bɛyɛ Kristofo a wɔn nokwaredi nni mũ.

12-13. Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no nyinaa nim fa akatua a wobenya ho?

12 Sɛnea yɛahu no, efi afe 1935 na Yehowa Adansefo ate ase yiye sɛ wɔn a wobetwa Harmagedon no ne nnipakuw kɛse a Yohane hui wɔ anisoadehu mu no. Wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse no mu” atena asase so ha yi ara. Wɔde ‘nne kɛse bɛteɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no hɔ.”’ (Adi. 7:10, 14) Bio nso, Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no benya “biribi a ɛkyɛn” nea nnipa anokwafo a wɔtenaa ase tete no benya. (Heb. 11:40) Enti, yɛn nuanom fii ase de anigye too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛsom Yehowa na ama wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so.

13 Nnipakuw kɛse no di wɔn anidaso no ho ahurusi. Wɔte ase sɛ Yehowa na ɔkyerɛ baabi a n’asomfo anokwafo bɛtena asom no, sɛ́ ɛyɛ soro anaa asase so. Kristofo a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no nyinaa nim sɛ, ɛyɛ Yehowa adom a ɔnam Yesu Kristo agyede afɔre no so ada no adi akyerɛ wɔn no so nkutoo na ɛbɛma wɔanya saa nhyira no.—Rom. 3:24.

WƆDƆƆSO PAA

14. Afe 1935 akyi no, adɛn nti na na anuanom pii nhu nea ɛbɛyɛ a nkɔmhyɛ a ɛfa nnipakuw kɛse no ho no bɛbam?

14 Afe 1935 no, bere a Yehowa nkurɔfo tee nneɛma ase yiye no, na anuanom pii nhu nea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no bɛyɛ nnipakuw kɛse. Yɛnhwɛ Ronald Parkin. Bere a Bible Asuafo no huu wɔn a wɔyɛ nnipakuw kɛse no yiye no, na Ronald Parkin adi mfe 12. Ɔkaa sɛ: “Saa bere no, na adawurubɔfo bɛyɛ 56,000 na wɔwɔ wiase nyinaa, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu dodow no ara yɛ wɔn a wɔasra wɔn. Enti nnipa ani so no, na nnipakuw kɛse no mufo nnɔɔso ahe biara.”

15. Nnipakuw kɛse no a wɔreboaboa wɔn ano no, sɛn na anya nkɔanim?

15 Mfe a edi hɔ no, wɔde asɛmpatrɛwfo kɔɔ aman pii so, na nkakrankakra Yehowa Adansefo dodow kɔɔ anim. Afei, afe 1968 no, anuanom ne nkurɔfo fii ase de nhoma a wɔato din Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu yɛɛ Bible adesua. Sɛnea nhoma no kyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu ma emu da hɔ no twetwee nkurɔfo pii baa Yehowa nkyɛn sen bere biara. Mfe nnan ntam no, asuafo foforo bɛboro mpem ahanum bɔɔ asu. Bere a nkurɔfo fii ase gyaee Katolek Asɔre no wɔ Latin Amerika ne aman foforo so no, nnipa ɔpepem pii bɔɔ asu. Saa ara na ɛbae bere a aman a ɛwɔ Europe Apuei ne aman bi a ɛwɔ Afrika nso yii wɔn nsa a na wɔde ato yɛn som adwuma no so no. (Yes. 60:22) Mfe kakra a atwam ni, Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nnwinnade foforo a etu mpɔn a yɛde boa nkurɔfo ma wohu nea Bible kyerɛkyerɛ. Yehu pefee sɛ wɔaboaboa nnipakuw kɛse a seesei wɔn dodow boro ɔpepem nwɔtwe ano.

NNIPAKUW KƐSE A WOFI AMAN NYINAA MU

16. Ɛhefa na wɔreboaboa nnipakuw kɛse no ano afi?

16 Bere a Yohane rekyerɛw anisoadehu a onyae no, ɔkaa sɛ nnipakuw kɛse no befi “amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” Ná odiyifo Sakaria adi kan ahyɛ nkɔm bi a ɛte saa. Ɔkaa sɛ: “Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa bɛba abesuso Yudani biako atade mu aka sɛ: ‘Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.’”—Sak. 8:23.

17. Dɛn na wɔreyɛ de aboa nnipa a wofi aman ne kasa nyinaa mu?

17 Yehowa Adansefo nim sɛ, sɛ wobetumi aboaboa nnipa a wɔka kasa nyinaa ano a, gye sɛ wɔka asɛmpa no wɔ kasa pii mu. Yɛakyerɛ nhoma a yɛde sua Bible ase bɛboro mfe 130 ni, nanso ɛnnɛ yɛkyerɛ nhoma bebree ase kɔ kasa pii mu sen bere biara; bɛboro kasa 900. Yɛahu paa sɛ, Yehowa reyɛ anwonwade wɔ yɛn bere yi so; ɔreboaboa nnipakuw kɛse bi ano afi aman nyinaa mu. Esiane sɛ yɛanya Bible ne Bible ho nhoma wɔ kasa pii mu nti, saa nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu no de baakoyɛ resom Yehowa. Afei nso, wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no, na wɔdodɔ wɔn ho. Wei hyɛ yɛn gyidi den paa!—Mat. 24:14; Yoh. 13:35.

ANISOADEHU NO FA YƐN HO SƐN?

18. (a) Sɛnea Yesaia 46:10, 11 ka no, adɛn nti na ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ Yehowa ama nkɔmhyɛ a ɛfa nnipakuw kɛse no ho abam? (b) Adɛn nti na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nte nka sɛ wɔde biribi akame wɔn?

18 Nkɔmhyɛ a ɛfa nnipakuw kɛse no ho no ama yɛn ani agye paa! Ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ Yehowa ama saa nkɔmhyɛ no abam wɔ saa kwan yi so. (Kenkan Yesaia 46:10, 11.) Nnipakuw kɛse no ani sɔ anidaso a Yehowa ama wɔanya no. Ɛwom sɛ Onyankopɔn mfaa ne honhom nsraa wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade wɔ soro de, nanso wɔnte nka sɛ wɔde biribi akame wɔn. Yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, yehu mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi a Onyankopɔn honhom kyerɛɛ wɔn kwan; nanso wɔnka 144,000 no ho. Wɔn mu baako ne Yohane Suboni no. (Mat. 11:11) Dawid nso ka ho. (Aso. 2:34) Wobenyan wɔne nnipa foforo pii ama wɔabɛtena paradise wɔ asase so. Saa nkurɔfo yi nyinaa ne nnipakuw kɛse no benya hokwan akyerɛ sɛ wodi Yehowa nokware, na wɔtaa ne tumidi akyi.

19. Sɛ yɛte nnipakuw kɛse no ho anisoadehu a Yohane nyae no ase a, dɛn na yɛbɛyɛ?

19 Sɛnea Onyankopɔn aboaboa nnipa ɔpepem pii ano afi aman nyinaa mu ama wɔde baakoyɛ resom no no, ɛmmaa saa da wɔ abakɔsɛm mu. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena soro oo, asase so oo, ehia sɛ yɛboa nnipa dodow biara a yebetumi ma wɔbɛka “nguan foforo” no mu nnipakuw kɛse no ho. (Yoh. 10:16) Ɛrenkyɛ, Yehowa de ahohiahia kɛse a wahyɛ ho nkɔm no bɛba abɛsɛe aban ahorow ne ɔsom ahorow a wɔama nnipa ahu amane no. Hwɛ sɛnea nnipakuw kɛse no mufo nyinaa benya hokwan kɛse de asom Yehowa wɔ asase so daa!—Adi. 7:14.

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

^ nky. 5 Yohane nyaa anisoadehu bi; ná wɔreboaboa “nnipakuw kɛse” bi ano. Adesua yi bɛka saa anisoadehu no ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ, adesua yi bɛhyɛ wɔn a wɔka saa nnipakuw a wɔahyira wɔn no ho nyinaa gyidi den.

^ nky. 8 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, kr. 159-163.