Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 35

Yehowa Asomfo a Wɔbrɛ Wɔn Ho Ase Som Bo Ma No

Yehowa Asomfo a Wɔbrɛ Wɔn Ho Ase Som Bo Ma No

‘Yehowa hu ɔhobrɛasefo.’​—DW. 138:6.

DWOM 48 Yɛne Yehowa Bɛnantew Daa

NEA YƐREBESUA *

1. Yehowa te nka sɛn wɔ ahobrɛasefo ho? Kyerɛkyerɛ mu.

YEHOWA dɔ nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase ankasa nko ara na wobetumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso, “ɔhantanni de, ohu no wɔ akyirikyiri.” (Dw. 138:6) Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na ama wadɔ yɛn. Enti, yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yebesusuw nsɛmmisa mmiɛnsa a edi hɔ yi mmuae ho wɔ adesua yi mu: (1) Dɛn ne ahobrɛase? (2) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase? (3) Tebea ahorow bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? Sɛnea yebehu no, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛma Yehowa koma tɔ ne yam, na esi yɛn yiye.—Mmeb. 27:11; Yes. 48:17.

DƐN NE AHOBRƐASE?

3. Dɛn ne ahobrɛase?

3 Obi brɛ ne ho ase a, n’adwene nyɛ no sɛ ɔkyɛn afoforo, na ɔnyɛ ahantan anaa ahomaso. Bible ma yehu sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ogye di sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ kɛse kyɛn no koraa, na obu ne yɔnko nnipa nso. Obi a ɔbrɛ ne ho ase gye tom sɛ afoforo kyɛn no wɔ nneɛma bi mu.—Filip. 2:3, 4.

4-5. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, ɛnyɛ sɛnea obi te wɔ nnipa ani so na ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ankasa?

4 Ebinom wɔ hɔ a, nnipa ani so no, ɛte sɛ nea wɔbrɛ wɔn ho ase. Ebia wɔmpɛ kasa. Anaa ebia wɔn amammerɛ ne ntetee a wonyae nti wobu ade. Nanso, wɔn komam de, ebia na wɔyɛ ahantan paa. Sɛnea ɛte biara no, wɔbɛda nea ɛwɔ wɔn komam ankasa adi.—Luka 6:45.

5 Afoforo nso de, wotumi kasa wɔ baguam anaa wɔka wɔn adwene, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔyɛ ahantan. (Yoh. 1:46, 47) Ne nyinaa mu no, nkurɔfo a ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wɔbɛka wɔn ho akɔ nnipa mu no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔannye wɔn ho anni dodo. Sɛ́ ebia yetumi ka yɛn ho kɔ nnipa mu anaa yentumi nyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden brɛ yɛn ho ase wɔ koma mu.

Ná ɔsomafo Paulo brɛ ne ho ase (Hwɛ nkyekyɛm 6) *

6. Sɛnea 1 Korintofo 15:10 kyerɛ no, dɛn na yebetumi asua afi ɔsomafo Paulo hɔ?

6 Yɛnhwɛ ɔsomafo Paulo. Yehowa de no yɛɛ adwuma kɛse ma ɔhyehyɛɛ asafo ahorow wɔ nkurow pii mu. Ebetumi aba mpo sɛ ɔyɛɛ ɔsom adwuma no pii sen Yesu Kristo asomafo no mu biara. Nanso, Paulo adwene anyɛ no sɛ ɔkyɛn ne nuanom. Ɔbrɛɛ ne ho ase kaa sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo.” (1 Kor. 15:9) Afei, Paulo kyerɛe sɛ, ɛnyɛ ne nnwuma pa anaa ne suban pa nti na ama ɔne Yehowa ntam ayɛ kama, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn na wadom no. (Kenkan 1 Korintofo 15:10.) Paulo yɛ obi a yebetumi ahwɛ no asua ahobrɛase. Bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɛwom mpo sɛ na saa asafo no mufo binom akasa atia no de, nanso wamma ne ho so!—2 Kor. 10:10.

Ná Karl F. Klein yɛ onua a ɔbrɛ ne ho ase. Ná ɔyɛ Akwankyerɛ Kuw no muni (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Dɛn na anuanom bi a wɔagye din wɔ yɛn bere yi so ayɛ de akyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase? Ma ɛho nhwɛso.

7 Onua Karl F. Klein a na ɔyɛ Akwankyerɛ Kuw no muni asetenam nsɛm no ahyɛ Yehowa nkurɔfo pii nkuran. Onua Klein asetenam nsɛm mu no, ɔde ahobrɛase kaa ne mmerɛwyɛ ne ɔhaw ahorow a ɔfaa mu wɔ n’asetenam ho asɛm pefee. Ebi ni. Afe 1922 ne bere a edi kan a ɔkɔɔ asɛnka wɔ afie afie. Ná ɛyɛ den ma no paa, enti ɛno akyi no, bɛyɛ mfe mmienu twaam ansa na ɔresan akɔ bio. Akyiri yi, bere a na ɔresom wɔ Betel no, onua bi tuu no fo, na ɔde onua no ho abufuw hyɛɛ ne mu kosii bere bi. Afei nso, bere bi, onyaa adwenemhaw, nanso akyiri yi ne ho tɔɔ no. Wei nyinaa akyi no, onyaa ɔsom hokwan akɛse a ɛmaa n’ani gyei nso. Ɛwom sɛ, na Onua Klein agye din de, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase kaa ne mmerɛwyɛ ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ ahobrɛase paa! Sɛ anuanom pii kae Onua Klein ne n’asetenam nsɛm a ofii ne komam kae no a, na wɔn ani agye. *

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐBRƐ YƐN HO ASE?

8. Sɛn na 1 Petro 5:6 boa yɛn ma yehu sɛ, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a Yehowa ani gye?

8 Nea enti paa a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ne sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa ani gye. Ɔsomafo Petro ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. (Kenkan 1 Petro 5:6.) Nhoma a wɔato din “Bra Bedi M’akyi” ka faa asɛm a Petro kae no ho sɛ: “Ahantan te sɛ awuduru. Ebetumi asɛe ade paa. Sɛ obi wɔ ɔdom akyɛde sɛ dɛn ara, na sɛ ɔyɛ ahantan a, ɔnsɛ hwee wɔ Onyankopɔn ani so. Nanso, sɛ obi nnim hwee na sɛ ɔbrɛ ne ho ase a, Yehowa tumi de no yɛ adwuma. . . . Sɛ wobrɛ wo ho ase a, . . . [n’ani] begye ho sɛ obehyira wo.” * Ade a ɛsen biara a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye!—Mmeb. 23:15.

9. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma nkurɔfo ani gye sɛ wɔbɛbɛn yɛn. Adɛn ntia?

9 Yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛma Yehowa ani gye, afei nso, ɛboa yɛn pii. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma nkurɔfo bɛn yɛn. Adɛn nti na ɛte saa? Wo de, hwɛ nnipa a w’ankasa wopɛ sɛ wo ne wɔn bɔ. (Mat. 7:12) Sɛ obi pɛ sɛ afoforo yɛ nea ɔpɛ bere nyinaa na ontie afoforo adwenkyerɛ a, yɛn ani ntaa nnye ho sɛ yɛne obi a ɔte saa bɛbɔ. Nanso, yɛn ani gye ho paa sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ “tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase adwene” bɛbɔ. (1 Pet. 3:8) Sɛnea yɛn ani gye ho sɛ yɛne nkurɔfo a wɔbrɛ wɔn ho ase bɛbɔ no, saa ara na yɛn nso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, nkurɔfo ani begye ho sɛ wɔne yɛn bɛbɔ.

10. Adɛn nti na ɛyɛ mmerɛw sɛ nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase betumi agyina nsɛnnennen ano?

10 Afei nso, yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegyina nsɛnnennen ano. Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a yebehu anaa ɛbɛyɛ yɛn sɛ nneɛma bi nkɔ yiye anaa afoforo ne yɛn nni no yiye. Ɔhene Solomon nyansafo no kaa sɛ: “Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so bere a adehye nenam fam te sɛ nkoa.” (Ɔsɛnk. 10:7) Ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo kamfo wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden paa no. Ɛtɔ da a, nkurɔfo a wɔmmɔ wɔn ho mmɔden mmom na afoforo kamfo wɔn na wogye wɔn tom. Nanso, Solomon hui sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ, na ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma a yehu sɛ ɛnkɔ yiye haw yɛn ho. (Ɔsɛnk. 6:9) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ, sɛ nneɛma nkɔ sɛnea yɛpɛ a yɛbɛfa no saa ara, na yɛrenhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ sɛnea yɛpɛ.

TEBEA AHOROW BƐN NA EBETUMI AMA AYƐ DEN SƐ YƐBƐBRƐ YƐN HO ASE?

Adɛn nti na tebea ahorow a ɛte sɛ wei betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? (Hwɛ nkyekyɛm 11-12) *

11. Wotu yɛn fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

11 Da biara da, yenya hokwan pii a yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso kakra. Bere a obi atu yɛn fo. Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ obetu yɛn fo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ebia na yɛadi mfomso bi a enye koraa a yɛn ani mmaa yɛn ho so. Sɛ obi tu yɛn fo a, ebia yɛbɛbɔ agu amonom hɔ ara. Yebetumi akasa atia onipa a otuu yɛn fo no anaa ɔkwan a ɔfaa so ne yɛn kasae no. Nanso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛbɔ mmɔden ada suban pa adi.

12. Sɛnea Mmebusɛm 27:5, 6 ka no, sɛ obi tu yɛn fo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

12 Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, sɛ wotu no fo a, n’ani sɔ. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ wowɔ Kristofo nhyiam bi ase. Bere a wo ne anuanom kakra bɔɔ nkɔmmɔ akyi no, wɔn mu baako twee wo kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wo sɛ aduan tetare wo sẽ ho. Sɛnea ɛte biara, ɛbɛma woafɛre. Nanso, w’ani begye sɛ ɔka kyerɛɛ wo. Nokwasɛm ne sɛ, wo yam a anka obi ka kyerɛɛ wo ntɛm! Saa ara na sɛ yɛn nua Kristoni bi hu sɛ ehia sɛ otu yɛn fo na onya akokoduru yɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom na yɛda no ase. Onua a otuu yɛn fo no, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɔdɔ yɛn na ɔyɛ yɛn adamfo, na ɔnyɛ yɛn tamfo.—Kenkan Mmebusɛm 27:5, 6; Gal. 4:16.

Sɛ afoforo nya ɔsom hokwan ahorow a, adɛn nti na ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase? (Hwɛ nkyekyɛm 13-14) *

13. Sɛ afoforo nya ɔsom hokwan ahorow a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

13 Bere a afoforo anya ɔsom hokwan ahorow. Asafo mu panyin bi a ne din de Jason kaa sɛ: “Sɛ mihu sɛ afoforo anya ɔsom hokwan ahorow a, ɛyɛ a mibisa me ho sɛ, adɛn nti na wɔamfa hokwan no amma me?” Woanya adwene a ɛte saa pɛn? Sɛ obi “pɛ” sɛ ɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu a, mfomso biara nni ho. (1 Tim. 3:1) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma a yedwinnwen ho no ho. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛbɛyɛ ahantan wɔ yɛn koma mu. Nhwɛso bi ni. Kristoni barima bi betumi afi ase anya adwene sɛ ɔno na ɔfata paa sɛ ɔyɛ dwumadi pɔtee bi wɔ asafo no mu. Anaa Kristoni bi a ɔyɛ ɔbaa warefo betumi anya adwene sɛ, ‘Me kunu betumi ayɛ saa adwuma yi yiye koraa asen onua asomasi!’ Nanso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase paa a, yɛrennya adwene a ɛte saa.

14. Sɛnea Mose yɛɛ n’ade bere a afoforo nyaa ɔsom hokwan ahorow no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

14 Sɛnea Mose yɛɛ n’ade bere a afoforo nyaa ɔsom hokwan ahorow no, yebetumi asua biribi afi mu. Asɛyɛde a na Mose wɔ sɛ odi Israel man no anim no, na n’ani sɔ paa. Bere a Yehowa maa afoforo kwan sɛ wɔnyɛ adwuma a na Mose reyɛ no bi no, Mose yɛɛ n’ade sɛn? Wanyɛ ahoɔyaw. (Num. 11:24-29) Ɔbrɛɛ ne ho ase, na ɔmaa kwan maa afoforo nso buu ɔman no atɛn. (Ex. 18:13-24) Ɛbaa saa no, Israelfo no nyaa atemmufo pii a wobebu atɛn ama wɔn. Wei ma yehu sɛ na Mose dwen nea ɛbɛboa afoforo ho paa sen ɔsom hokwan pii a na obenya. Wei yɛ nhwɛso pa ma yɛn! Sɛ yɛn so bɛba mfaso paa ama Yehowa a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛnyɛ nea ehia paa ne sɛnea yetumi yɛ nnwuma bi yiye, na mmom ahobrɛase a yebenya. Ɛwom sɛ “Yehowa korɔn, nanso ohu ɔhobrɛasefo.”—Dw. 138:6.

15. Nsakrae bɛn na aba anuanom pii asetena mu?

15 Bere a nneɛma asesa. Mfe kakra a atwam no, wɔasesa anuanom pii a wɔde mfe bebree asom Yehowa dwumadi. Ɛho nhwɛso bi ni. Afe 2014 no, wɔmaa amantam so ahwɛfo ne wɔn yerenom kɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma foforo. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ, efi saa afe no, sɛ amansin so ahwɛfo di mfe 70 a, wɔrenkɔ so nsom sɛ amansin so ahwɛfo bio. Saa ara na anuanom mmarima a wɔadi mfe 80 anaa nea ɛboro saa renkɔ so nsom sɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo bio wɔ asafo no mu. Afei nso, mfe kakra a atwam no, wɔama Betel abusua mufo pii akɔyɛ akwampae adwuma. Afoforo nso, esiane yare, abusua mu asɛyɛde ahorow, anaa tebea ahorow bi nti, wɔafi bere nyinaa som adwuma no mu.

16. Dɛn na yɛn nuanom mmarima ne mmea no ayɛ de akyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔagye nsakrae a aba no atom?

16 Nokwasɛm ne sɛ, na ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn nuanom mmarima ne mmea yi sɛ wɔbɛyɛ saa nsakrae yi. Yebetumi aka sɛ, na wɔn ani gye ɔsom adwuma a na wɔyɛ no ho. Ná wɔn mu bebree de mfe pii na ayɛ saa adwuma a ɛda wɔn koma so no. Bere a nsakrae no bae no, wɔn mu binom dii “awerɛhow.” Nanso, bere bi akyi no, wogye toom. Dɛn na ɛma wotumi yɛɛ saa? Nea ɛboaa wɔn paa ne sɛ, wɔdɔ Yehowa. Wonim sɛ Onyankopɔn na wohyiraa wɔn ho so maa no, na ɛnyɛ dibea anaa ɔsom adwuma bi. (Kol. 3:23) Wɔn ani agye sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase reyɛ adwuma bi de asom Yehowa. ‘Wɔatow wɔn dadwen nyinaa agu no so,’ efisɛ wonim sɛ odwen wɔn ho.—1 Pet. 5:6, 7.

17. Adɛn nti na yɛn ani sɔ sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase?

17 Yɛn ani sɔ paa sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase. Sɛ yenya saa suban pa yi a, ɛboa yɛne afoforo nyinaa, na ɛma yetumi gyina nsɛnnennen ano. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛma yɛbɛn yɛn soro Agya no kɛse. Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ, yenim sɛ Yehowa ne “nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,” nanso ɔdɔ n’asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔsom bo ma no!—Yes. 57:15.

DWOM 45 Me Komam Nsusuwii

^ nky. 5 Suban ahorow a ehia paa sɛ yenya no, baako ne ahobrɛase. Dɛn ne ahobrɛase? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase? Sɛ yɛn asetena sesa a, adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? Yebesusuw nsɛmmisa a ɛho hia yi ho wɔ adesua yi mu.

^ nky. 7 Hwɛ asɛm a wɔato din “Jehovah Has Dealt Rewardingly With Me” (Yehowa Ne Me Adi No Yiye) a epuee October 1, 1984, Ɔwɛn-Aban, Borɔfo de mu no.

^ nky. 8 Hwɛ ti 3, nky. 23.

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔsomafo Paulo wɔ onua bi fie. Wabrɛ ne ho ase ne afoforo rebɔ fekuw; mmofra ka ho.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua aberante bi de Bible retu onua bi fo, na onua no agye afotu no atom.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua a ne mfe akɔ anim no, ɛnyɛ no yaw sɛ onua aberante no anya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu.