Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 40

“Bɔ Nea Wɔde Ahyɛ Wo Nsa No Ho Ban”

“Bɔ Nea Wɔde Ahyɛ Wo Nsa No Ho Ban”

“Timoteo, bɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa no ho ban.”—1 TIM. 6:20.

DWOM 29 Yɛbɛtew Yehowa Din Ho

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛnea 1 Timoteo 6:20 kyerɛ no, dɛn na wɔde hyɛɛ Timoteo nsa?

NNEƐMA a ɛsom bo ma yɛn no, ɛyɛ a yɛtaa de hyɛ afoforo nsa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia yɛde yɛn sika bɛkɔ akoto sikakorabea. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛhwɛ yɛn sika no so yiye na anyera anaa obi ankowia. Enti sɛ obi ka sɛ wɔde biribi a yebu no sɛ ɛsom bo ahyɛ obi nsa a, yɛte ase.

2 Kenkan 1 Timoteo 6:20. Ɔsomafo Paulo kaee Timoteo sɛ wanya biribi a ɛsom bo. Ɛne sɛ na Timoteo abehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa. Afei nso wɔde hyɛɛ Timoteo nsa sɛ ‘ɔnka asɛm no’ na ‘ɔnyɛ ɔsɛmpakafo adwuma.’ (2 Tim. 4:2, 5) Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ nea wɔde ahyɛ ne nsa no, ɔmmɔ ho ban. Yɛn nso wɔde nneɛma a ɛsom bo ahyɛ yɛn nsa te sɛ Timoteo. Ɛyɛ dɛn? Agyapade a Yehowa de ama yɛn no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye?

NOKWARE A WƆAMA YƐAHU NO SOM BO

3-4. Adɛn nti na nokware a ɛwɔ Bible mu no som bo?

3 Nokware a ɛwɔ Bible mu no som bo paa na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa adom yɛn ama yɛate ase yiye. Nokware a ɛwɔ Bible mu som bo efisɛ ɛma yehu nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ kama ne nea ɛbɛma yɛn ani agye ankasa wɔ asetena mu. Sɛ yegye saa nokware no tom na yɛde bɔ yɛn bra a, ɛma yɛde yɛn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ bɔne ho.—1 Kor. 6:9-11.

4 Ade foforo nti a nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no som bo ne sɛ, nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na “wɔpɛ daa nkwa” nkutoo na Yehowa yi no adi kyerɛ wɔn. (Aso. 13:48) Saa nnipa yi gye tom sɛ, ɛnnɛ Yehowa nam akoa nokwafo no so na ɔma yehu nokware no. (Mat. 11:25; 24:45) Sɛ obi ammoa yɛn a, yɛrentumi nhu nokware a ɛwɔ Bible mu no, na biribiara nni hɔ a ɛsom bo sen nokware no.—Mmeb. 3:13, 15.

5. Dɛn bio na Yehowa de ahyɛ yɛn nsa?

5 Ade foforo a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa ne sɛ, yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo ne ho nokwasɛm ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. (Mat. 24:14) Asɛm a yɛka no som bo efisɛ ɛboa nkurɔfo ma wɔbɛka Yehowa abusua ho, na ɛma wonya anidaso sɛ wobenya daa nkwa. (1 Tim. 4: 16) Sɛ yetumi yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu oo, sɛ kakraa bi na yetumi yɛ oo, yɛreboa ama wɔayɛ adwuma a ɛho hia sen adwuma biara saa bere yi. (1 Tim. 2:3, 4) Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛne Onyankopɔn abom reyɛ adwuma!—1 Kor. 3:9.

NEA WƆDE AMA WO NO, SO MU YIYE!

Bere a afoforo yɛe sɛ wobefi nokware no mu no, Timoteo de, osoo mu yiye (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Hokwan a ebinom nyae no, wɔanso mu yiye. Dɛn na ɛtoo wɔn?

6 Timoteo bere so no, Kristofo binom amma wɔn ani ansɔ hokwan a na wɔanya sɛ wɔne Onyankopɔn bom yɛ adwuma no. Dema nyaa hokwan ne Paul yɛɛ ɔsom adwuma no, nanso wiase nhyehyɛe ho dɔ nti, ogyaw Paul hɔ. (2 Tim. 4:10) Ná Figelo ne Hermogene suro sɛ nkurɔfo bɛtan wɔn ani sɛnea wɔyɛɛ Paul no, enti wogyaee asɛmpaka adwuma no. (2 Tim. 1:15) Himeneo, Aleksandro, ne Fileto bɛyɛɛ awaefo na wofii nokware no mu. (1 Tim. 1:19, 20; 2 Tim. 2:16 -18) Saa nkurɔfo yi nyinaa, bere bi a atwam no, na wɔdɔ Yehowa nanso nneɛma a ɛsom bo a ɔde maa wɔn no, wɔanso mu yiye.

7. Dɛn na Satan pɛ sɛ ɔde sum yɛn afiri ma yɛyɛ nea ɔpɛ?

7 Nokware a ɛsom bo a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no, dɛn na Satan pɛ sɛ ɔyɛ na ama yɛagyae akyi di? Momma yɛnhwɛ Satan mfiri no bi. Ɔnam Intanɛt, TV ne sini, ne nhoma ahorow so pɛ sɛ yenya adwene a ɛmfata, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano bɛbrɛ ase na yɛafi nokware no mu. Ɔpɛ sɛ ɔma yɛn atipɛnfo hyɛ yɛn so anaa ɔma afoforo tan yɛn ani sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ hu na yɛagyae asɛm no ka. Afei nso ɔpɛ sɛ ɔtwetwe yɛn ma yetie nsɛm a awaefo ‘di atoro frɛ no “nimdeɛ” no’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebefi nokware no mu.—1 Tim. 6:20, 21.

8. Dɛn na wusua fi onua bi a wɔfrɛ no Daniel asɛm no mu?

8 Sɛ yɛanhwɛ yiye a, nkakrankakra yebefi nokware no mu. Momma yɛnhwɛ onua bi a wɔfrɛ no Daniel. * Ná n’ani gye video game ho paa. Ɔka sɛ: “Midii bɛyɛ mfe du na mifii ase bɔɔ video game. Mfiase no, video game a na mebɔ no na asɛm biara nni ho. Nanso nkakrankakra mifii ase bɔɔ video game a na awudisɛm ne ahonhonsɛm wom.” Ewiee ase no, na ɔde bɛyɛ nnɔnhwerew 15 bɔ video game da biara. Daniel toa so sɛ: “Me komam paa de, na minim sɛ video game a mebɔ no nyɛ papa, na na mesɛe bere pii wɔ ho, enti na ɛresɛe me ne Yehowa ntam. Nanso nkakrankakra mibenyaa adwene sɛ, sɛ mamfa Bible mu asɛm ammɔ me bra mpo a, ɛnyɛ hwee.” Sɛ yɛanhwɛ yiye a, nkakrankakra nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani nti, yɛremfa nokware no aniberesɛm. Yɛyɛ saa a, nea ɛbɛba ara ne sɛ nneɛma a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn no befi yɛn nsa.

YƐBƐYƐ DƐN ASO NOKWARE NO MU YIYE?

9. Sɛnea 1 Timoteo 1:18, 19 ma yehu no, Paul de Timoteo totoo hena ho?

9 Kenkan 1 Timoteo 1:18, 19. Paul de Timoteo totoo ɔsraani ho na ɔka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔnkɔ so nko ɔko pa no.’ Ná ɛnyɛ sɛnea asraafo ko na na Paul reka ho asɛm. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo te sɛ asraafo a wɔreko? Yɛyɛ Kristo asraafo, enti suban bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? Momma yɛnhwɛ nneɛma nnum a yebetumi asua afi Paul mfatoho ho mu. Wei bɛboa yɛn ama yɛaso nokware no mu yiye.

10. Dɛn ne onyamesom pa, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so?

10 Fa onyamesom pa si w’ani so. Ɔsraani a n’ani gye n’adwuma ho no, oku ne ho ma adwuma no. Ɔbɛyere ne ho ako denneennen abɔ obi a ɔdɔ no anaa biribi a ɛsom bo ma no ho ban. Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔmfa onyamesom pa nsi n’ani so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ onni Onyankopɔn nokware na ɔmmata ne ho denneennen. (1 Tim. 4:7) Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa na yɛkɔ so bata ne ho a, ɛbɛma yɛn ani agye ho sɛ yebeso nokware no mu yiye.—1 Tim. 4:8-10; 6:6.

Yɛyɛ adwuma da mu nyinaa a, ebia ebehia sɛ yemia yɛn ani ansa na yɛatumi akɔ asafo nhyiam. Nanso yɛyɛ saa a, yenya nhyira! (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so?

11 Bɔ mmɔden hyɛ wo ho so. Sɛ ɔsraani betumi asiesie ne ho ama ɔko bere nyinaa a, ehia sɛ ɔhyɛ ne ho so. Paul tuu Timoteo fo sɛ ɔnhwɛ yiye na wannya akɔnnɔ bɔne, ɔmmɔ mmɔden sɛ obenya suban pa, na ɔne ne nuanom Kristofo mmɔ. Esiane sɛ Timoteo tiee afotu yi nti, Satan annya no. (2 Tim. 2: 22) Sɛ Timoteo betumi ayɛ saa a, na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne ho so. Yɛn nso, sɛ yebetumi adi honam akɔnnɔ so a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. (Rom. 7:21-25) Afei nso, sɛ yebetumi ayi nipasu dedaw no agu na yɛahyɛ nipasu foforo no a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. (Efe. 4:22, 24) Bio nso, sɛ yɛayɛ adwuma da mũ no nyinaa abrɛ a, ebia ebehia sɛ yemia yɛn ani na yɛatumi akɔ asafo nhyiam.—Heb. 10:24, 25.

12. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛatumi de Bible adi dwuma yiye?

12 Ɛsɛ sɛ ɔsraani sɔ n’akode hwɛ. Sɛ obetumi de ayɛ adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ daa ɔsɔ hwɛ. Yɛn nso, ehia sɛ yehu sɛnea yɛde Bible no bɛyɛ adwuma yiye. (2 Tim. 2:15) Yɛkɔ asafo nhyiam a, yesua sɛnea yebetumi ayɛ saa. Nanso sɛ yebetumi aboa afoforo ama wɔahu sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛyɛ nhyehyɛe a yɛde besua Bible daa. Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no ma ɛhyɛ yɛn gyidi den. Wei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible no ara kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho na yɛyɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma ahorow mu. Wei bɛma yɛate Bible no ase yiye na yɛde emu nsɛm no abɔ yɛn bra. (1 Tim. 4:13- 15) Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛatumi de Onyankopɔn Asɛm no akyerɛkyerɛ afoforo. Wei nso nkyerɛ sɛ yɛbɛkenkan Bible no akyerɛ wɔn ara kɛkɛ. Yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn a yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔte Bible ase na wohu sɛnea wɔde bɛbɔ wɔn bra. Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa de sua Bible daa a, ɛbɛma yɛatumi de Onyankopɔn Asɛm no akyerɛkyerɛ afoforo yiye.—2 Tim. 3:16, 17.

13. Sɛnea Hebrifo 5:14 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma?

13 Fa nhumu yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ ɔsraani tumi hu ade a ɛde ne nkwa bɛto asiane mu na ɔtwe ne ho. Yɛn nso ɛsɛ sɛ yetumi hu nneɛma a ebetumi apira yɛn na yɛtwe yɛn ho na amfa yɛn anto asiane mu. (Mmeb. 22:3; kenkan Hebrifo 5:14.) Yɛmfa no sɛ worepɛ biribi de agyigye w’ani; ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye. TV so dwumadi ne sini ahorow no, mpɛn pii no abrabɔ bɔne ahyɛ mu ma. Onyankopɔn kyi nneyɛe a ɛte saa na sɛ obi de ne ho hyɛ mu a, etumi pira ɔne afoforo. Ɛno nti, nneɛma a ebetumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ano abrɛ ase nkakrankakra no, ɛnsɛ sɛ yɛde gyigye yɛn ani.—Efe. 5: 5, 6.

14. Bere a Daniel de nhumu yɛɛ adwuma no, ɛboaa no sɛn?

14 Momma yɛnhwɛ Daniel asɛm no bio. Akyiri yi ohui sɛ video game a awudisɛm ne ahonhonsɛm wom no, asɛm wɔ ho. Ɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ Watchtower Library so sɛnea ɛbɛyɛ a obenya biribi a ɛbɛboa no ama wadi ne haw no so. Ɛboaa no sɛn? Ogyaee video game a ɛnyɛ papa no nyinaa bɔ. Wɔn a na ɔne wɔn bɔ video game no nso, ɔtwee ne ho fii wɔn ho. Daniel ka sɛ: “Sɛ anka mɛhyɛ dan mu abɔ video game no, ɛyɛ a mipue abɔnten kɔyɛ nneɛma foforo anaa me ne anuanom a wɔwɔ asafo no mu bɔ.” Seesei Daniel yɛ daa kwampaefo na ɔsan yɛ asafo mu panyin.

15. Adɛn nti na atosɛm yɛ hu?

15 Sɛnea Timoteo yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yetumi hu sɛ atosɛm a awaefo keka no, ɛyɛ hu. (1 Tim. 4:1, 7; 2 Tim. 2:16) Ebi ne sɛ, ebia wɔbɛkeka yɛn nuanom ho atosɛm anaa wɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn naa wɔ Yehowa ahyehyɛde no ho. Saa atosɛm yi betumi ama yɛn gyidi ahinhim. Ɛnsɛ sɛ yegye saa atosɛm no di. Adɛn ntia? Efisɛ “nnipa a wɔn adwene asɛe na nokware abɔ wɔn” na wɔkeka saa nsɛm no. Nea esi wɔn ani so ara ne sɛ wobegye ‘akyinnye na watwe manso.’ (1 Tim. 6:4, 5) Atosɛm a wɔkeka no, wɔpɛ sɛ yegye di na yenya yɛn nuanom ho adwemmɔne.

16. Nneɛma bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛtwetwe yɛn adwene?

16 Mma biribiara ntwetwe w’adwene. Ná Timoteo yɛ “Kristo Yesu sraani pa,” enti na ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si ɔsom adwuma no so sen sɛ ɔbɛma ahonyade ne nneɛma foforo atwetwe n’adwene. (2 Tim. 2:3, 4) Sɛnea Timoteo yɛe no, yɛn nso ɛnsɛ sɛ yɛma ahonyade twetwe yɛn adwene. “Ahonyade nnaadaa” betumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano abrɛ ase. Afei nso, ɛremma yɛn ani nnye ho sɛ yɛbɛkenkan Bible mpo na yɛde akyerɛkyerɛ afoforo. (Mat. 13:22) Ɛsɛ sɛ yetwitwa nneɛma so wɔ yɛn asetenam na yɛkɔ so de yɛn bere ne yɛn ahoɔden ‘hwehwɛ ahenni no kan.’—Mat. 6:22-25, 33.

17-18. Dɛn na yebetumi ayɛ na biribiara ansɛe yɛne Yehowa ntam?

17 Siesie wo ho na biribi si a woahu nea wobɛyɛ ntɛm. Ɛsɛ sɛ ɔsraani di kan siesie ne ho na biribi si a wahu nea ɔbɛyɛ. Nneɛma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye. Enti sɛ yehu sɛ asiane reba a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi ntɛm. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ ho biribi ntɛm? Ɛsɛ sɛ yedi kan siesie yɛn ho na sɛ asiane bi reba a, yɛahu nea yɛbɛyɛ.

18 Yɛmfa no sɛ wɔreyɛ dwumadi bi wɔ ɔdan kɛse bi mu. Ansa na wobefi ase no, wɔma wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa hu baabi a wobetumi afa apue. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ asɛm bi si mpofirim a, wobetumi apue ntɛm. Yɛn nso sɛ yɛkɔ Intanɛt so, yɛrehwɛ sini anaa TV so dwumadi bi na sɛ mpofirim aguamansɛm, awudisɛm, anaa awaefo nsɛm bi ba so a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea yɛbɛyɛ, anaa yɛbɛka a, baabi a yɛbɛfa “apue.” Sɛ yedi kan hu nea ebetumi asi a, yebetumi ayɛ ho biribi ntɛm na ansɛe yɛne Yehowa ntam na yɛn ho akɔ so atew wɔ Yehowa ani so.—Dw. 101:3; 1 Tim. 4:12.

19. Nneɛma a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn no, sɛ yɛhwɛ so yiye a, nhyira bɛn na yebenya?

19 Nneɛma a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye. Ɛno ne nokware a ɛwɔ Bible mu a ɛsom bo no ne hokwan a yɛanya sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo. Yɛyɛ saa a, yebenya ahonim pa ne akomatɔyam wɔ asetena mu. Afei nso, yɛn ani begye sɛ yɛaboa afoforo ama wɔabehu Yehowa. Yehowa bɛboa yɛn ama yɛatumi ahwɛ nea ɔde ahyɛ yɛn nsa no so yiye.—1 Tim. 6:12, 19.

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

^ nky. 5 Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛahu nokware no na yetumi de kyerɛkyerɛ afoforo. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛaso saa hokwan no mu yiye na amfi yɛn nsa da.

^ nky. 8 Wɔasesa din no.