Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 36

Bere Aso Sɛ Wuyi Nnipa Anaa?

Bere Aso Sɛ Wuyi Nnipa Anaa?

“Nsuro. Efi saa bere yi rekɔ no wubeyi nnipa.”—LUKA 5:10.

DWOM 73 Ma Yɛn Akokoduru

NEA YƐREBESUA *

1. Asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ mpataayifo nnan bi, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

NÁ Yesu asuafo Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane yɛ mpataayifo. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.” * Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn paa. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Bible ka sɛ: “Ntɛm ara wogyaw asau no hɔ kodii n’akyi. “ (Mat. 4:18-22) Gyinae a wosii no sesaa wɔn abrabɔ koraa. Afei de, na wɔrenyi nam bio, mmom na ‘wobeyi nnipa.’ (Luka 5:10) Ɛnnɛ nso, Yesu to nsa frɛ nnipa a wɔwɔ koma pa a wɔn ani gye nokware no ho sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo. (Mat. 28:19, 20) Asɛm a Yesu kae sɛ yɛmmɛyɛ nnipa yifo no, wo nso woagye atom anaa?

2. Gyinae a yebesi sɛ yɛbɛyɛ nnipa yifo no yɛ aniberesɛm, adɛn ntia? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasi saa gyinae no?

2 Ebia wo ne Yehowa Adansefo asua ade akyɛ na woayɛ nsakrae wɔ w’asetena mu. Seesei ehia sɛ wusi gyinae sɛ wo nso wobɛka asɛmpa no bi anaasɛ worenyɛ saa. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye asɛm a Yesu kae no atom a, mma w’abam mmu. Ebia nea enti a wote nka saa ne sɛ wunim sɛ ɛyɛ gyinaesi a ɛho hia. Ɛwom, Bible ka sɛ bere a Yesu frɛɛ Petro ne ne nnamfo no, “ntɛm ara” na wogyaw wɔn asau no hɔ. Nanso ɛnyɛ sɛ Petro ne ne nua no annwen ho ansa na wɔresi saa gyinae no. Bɛyɛ abosome nsia ansa na Yesu reto nsa afrɛ wɔn no, na wɔahu sɛ Yesu na ɔyɛ Mesia no. (Yoh. 1:35-42) Wo nso, ebia woasua Yehowa ne Yesu ho ade pii na wopɛ sɛ wokɔ so ara bɛn Yehowa. Nanso ansa na wubesi saa gyinae no, ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye. Dɛn na ɛboaa Petro, Andrea, ne afoforo ma wosii saa gyinae yi?

3. Asɛm a Yesu kae sɛ yɛmmɛyɛ nnipa yifo no, suban bɛn na ɛbɛboa wo ama woagye atom?

3 Wɔn a wodii kan bɛyɛɛ Yesu asuafo no, na wɔn ani gye adwuma ho, na na wonim adwuma nso. Afei, na wɔwɔ akokoduru, na na wɔhyɛ wɔn ho so. Yebetumi aka sɛ saa suban yi boaa wɔn ma wotumi kaa asɛmpa no yiye. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa wo ama woanya saa suban yi bi na ama woatumi aka asɛmpa no na woakyerɛkyerɛ yiye.

MA W’ANI NNYE ADWUMA HO

Petro ne afoforo bɛyɛɛ nnipa yifo. Afoforo nso reyɛ adwuma a ɛho hia yi wɔ yɛn bere so (Hwɛ nkyekyɛm 4-5)

4. Dɛn nti na na Petro yi nam?

4 Ná Petro yi nam de hwɛ n’abusua, nanso na onhu no sɛ ɛyɛ adwuma kɛkɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na Petro ani gye mpataayi ho paa. (Yoh. 21:3, 9-15) Afei nso, osuae sɛ ɔbɛyɛ nnipa yifo na n’ani begyee ho. Yehowa mmoa so nti, Petro tumi yɛɛ saa adwuma no yiye paa.—Aso. 2:14, 41.

5. Sɛnea Luka 5:8-11 kyerɛ no, dɛn na ɛmaa Petro bɔɔ hu, na yɛn nso dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛammɔ hu?

5 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no titiriw na ɛka yɛn ma yɛka asɛmpa no. Sɛ mpo yɛte nka sɛ yɛrentumi nka asɛmpa no a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛboa yɛn ama yɛatumi adi saa ehu no so. Bere a Yesu frɛɛ Petro sɛ ɔmmɛyɛ nnipa yifo no, Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Nsuro.” (Kenkan Luka 5:8-11.) Ɛnyɛ sɛ na Petro suro nea ɛbɛto no bere a wabɛyɛ Yesu suani, mmom sɛnea Yesu yɛɛ anwonwade ma woyii mpataa pii no, ɛmaa ne ho dwiriw no. Afei nso, na Petro te nka sɛ ɔmfata sɛ ɔne Yesu bom yɛ adwuma. Ebia wo nso, sɛ wohwɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi abɛyɛ Kristo suani a, ɛma wobɔ hu. Sɛ saa na wote nka a, ɛnde ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa, Yesu, ne wo yɔnko nnipa no, hyɛ mu den. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛka wo ama woatie asɛm a Yesu kae sɛ bra bɛyɛ nnipa yifo no.—Mat. 22:37, 39; Yoh. 14: 15.

6. Dɛn bio nti na yɛka asɛmpa no?

6 Momma yɛnhwɛ nneɛma foforo bi nti a yɛka asɛmpa no. Yɛpɛ sɛ yetie Yesu ahyɛde yi: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo.’ (Mat. 28:19, 20) Ade foforo nso nti a yɛka asɛmpa no ne sɛ, nnipa pii wɔ hɔ a “wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ” na ehia paa sɛ yɛka Ahenni no ho asɛmpa no kyerɛ wɔn. (Mat. 9:36) Yehowa pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa nya nokware no ho nimdeɛ.—1 Tim. 2:4.

7. Sɛn na Romafo 10:13-15 ma yehu sɛ asɛnka adwuma no ho hia?

7 Sɛ yedwinnwen sɛnea asɛnka adwuma a yɛreyɛ no betumi agye nkurɔfo nkwa no ho a, ɛbɛka yɛn ama yɛayɛ adwuma no bi. Mpataayifo de, mfaso a wobenya nti na woyi nam. Ɛnam a woyi no, wɔtɔn bi na wɔwe bi. Nanso yɛn de, yeyi nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa.—Kenkan Romafo 10:13-15; 1 Tim. 4:16.

SƐNEA YƐKA ASƐMPA NO, YERE WO HO SUA HO ADE

8-9. Sɛ obi yi mpataa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ohu, na adɛn ntia?

8 Yesu bere so no, sɛ na Israelni bi rekɔ po a, na ɛsɛ sɛ ohu nam ko a ɔpɛ sɛ oyi. (Lev. 11:9-12) Afei nso, na ɛsɛ sɛ ohu baabi a ɔkɔ a, obenya nam. Ɛyɛ a mpataa no taa kɔ baabi a ɛyɛ ma wɔn ne baabi a aduan wɔ paa. Bere a mpataayifo nso de kɔ po no ho hia paa. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu bere a eye paa sɛ woyi nam no, momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ Pacific supɔw bi so. Onua bi ka kyerɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi sɛ ɔmma wonkoyi nam. Ɔsɛmpatrɛwfo no ka kyerɛɛ onua no sɛ, “Yebehyia ɔkyena anɔpa nnɔn nkron.” Onua no ka kyerɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ, “Wo de, wunnim. Ɛnyɛ bere a yɛpɛ na yɛkɔ, na bere a yebenya nam na yɛkɔ.”

9 Saa ara na na tete Kristofo no nso yɛ. Ná wɔkɔ baabi a wobenya mpataa anaa nnipa. Afei nso, na wɔkɔ bere a wobenya wɔn. Yesu asuafo no sei, na wɔkɔ asɔrefie ne hyia adan mu, afie afie, ne gua so kɔka asɛmpa no. (Aso. 5:42; 17:17; 18:4) Yɛn nso, nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no, ɛsɛ sɛ yehu baabi a yebenya wɔn ne bere a yɛbɛkɔ akɔto wɔn. Yɛpɛ sɛ yenya nnipa na yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn, enti yebetumi asakra bere a yɛde kɔ asɛnka no mu, na yɛatumi anya wɔn.—1 Kor. 9:19-23.

MPATAAYIFO A WONIM ADWUMA . . . 1. kɔ baabi a wɔhwɛ a wobenya nam ne bere a wobenya nam (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

10. Nneɛma bɛn na Yehowa ahyehyɛde no ayɛ ama yɛn a yebetumi de ayɛ adwuma?

10 Sɛ obi yi mpataa a, ohia nneɛma a ɔde bɛyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ ohu sɛnea ɔde bɛyɛ adwuma. Saa ara na asɛnka adwuma no nso te, yehia nneɛma a yɛde bɛyɛ, na ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma yiye. Yesu de asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ a emu da hɔ maa n’asuafo no na aboa wɔn ama wɔatumi ayi nnipa. Ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma a wɔmfa, baabi a wɔbɛka asɛm no, ne asɛm ko a wɔbɛka. (Mat. 10:5-7; Luka 10:1-11) Ɛnnɛ, Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ na ɛboa ma yetumi yɛ asɛnka adwuma no yiye. * Afei nso, wɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛde saa nnwinnade no bɛyɛ adwuma. Saa ntetee no boa ma yɛde akokoduru yɛ asɛnka adwuma no na yetumi kyerɛkyerɛ yiye.—2 Tim. 2:15.

MPATAAYIFO A WONIM ADWUMA . . . 2. sua sɛnea wɔde nneɛma a wɔde yi nam no bɛyɛ adwuma yiye (Hwɛ nkyekyɛm 10)

NYA AKOKODURU

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya akokoduru?

11 Mpataayifo hia akokoduru efisɛ ɛtɔ da a, wɔn ho kyere wɔn wɔ po so paa. Wɔtaa kɔ po anadwo na ɛtɔ da a ahum tu wɔ po no so. Saa ara na wɔn a wɔka asɛmpa no nso hia akokoduru. Sɛ yefi ase ka asɛmpa no ma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a, yɛn abusuafo betumi asɔre atia yɛn denneennen, ebia yɛn nnamfo bɛserew yɛn, na ebi mpo a nkurɔfo rentie asɛm a yɛka no. Nanso wei mu biara nyɛ yɛn nwonwa. Efisɛ na Yesu abɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔka asɛmpa no a, nkurɔfo bɛsɔre atia wɔn.—Mat. 10:16.

12. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Yosua 1:7-9 no a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya akokoduru?

12 Dɛn na ebetumi aboa wo ama woanya akokoduru? Nea edi kan, nya ahotoso sɛ Yesu wɔ soro de, nanso ɔda so di asɛnka adwuma no anim. (Yoh. 16:33; Adi. 14:14 -16) Nea ɛto so mmienu, nya gyidi sɛ sɛnea Yehowa ahyɛ wo bɔ no, ɔbɛkɔ so ara ahwɛ wo. (Mat. 6: 32-34) Sɛ woma wo gyidi yɛ den a, ɛbɛma woanya akokoduru paa. Petro ne ne nnamfo gyaw wɔn adwuma hɔ kodii Yesu akyi. Wei ma yehu sɛ na wɔwɔ gyidi paa. Wo nso, sɛnea wunyaa akokoduru ka kyerɛɛ w’abusuafo ne wo nnamfo sɛ woafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible na wokɔ wɔn nhyiam no, ɛkyerɛ sɛ wowɔ gyidi paa! Afei nso, esiane sɛ wopɛ sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɔ wo bra nti, woayɛ nsakrae akɛse wɔ w’asetena mu na woasesa wo suban. Sɛ ɛnyɛ gyidi ne akokoduru a wowɔ a, anka woantumi anyɛ saa. Sɛ wokɔ so yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya akokoduru a, wubetumi anya ahotoso sɛ “baabi a wobɛkɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”—Kenkan Yosua 1:7-9.

MPATAAYIFO A WONIM ADWUMA . . . 3. yere wɔn ho yɛ adwuma wɔ tebea biara mu (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)

13. Sɛ wudwinnwen nneɛma ho na wobɔ mpae a, sɛn na ɛbɛma woanya akokoduru?

13 Dɛn bio na woyɛ a ɛbɛboa wo ma woanya akokoduru? Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru. (Aso. 4:29, 31) Yehowa bebua wo mpae no na ɔrennyaw wo da. Bere biara a wubehia ne mmoa no, ɔbɛboa wo. Afei nso, sɛnea Yehowa gyee ebinom tete mmere mu no, wubetumi adwinnwen ho. Wo de hwɛ, waboa wo ama woagyina wo haw ahorow ano, na waboa wo ama woayɛ nsakrae pii wɔ w’asetenam. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa a odii ne nkurɔfo anim faa po kɔkɔɔ no mu no betumi aboa wo ama woabɛyɛ Kristo suani. (Ex. 14:13) Ná odwontofo no wɔ Yehowa mu gyidi, enti ɔkaa sɛ: “Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?” Wo nso wubetumi anya Yehowa mu gyidi saa ara.—Dw. 118:6.

14. Dɛn na wubetumi asua afi Masae ne Tomoyo asɛm no mu?

14 Ebinom wɔ hɔ a na wɔfɛre ade paa, nanso Yehowa aboa wɔn ama wɔanya akokoduru. Sɛ yesuasua wɔn a, ɛno nso bɛboa yɛn ama yɛanya akokoduru. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Masae. Na ɔfɛre ade paa na na onnye nni sɛ obetumi adi adanse wɔ baguam. Ade a na ɛyɛ den ma no paa ne sɛ, ɔne obi a onnim no bɛkasa. Enti ɔyɛe sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne ne yɔnko nnipa no, ɔbɛhyɛ mu den. Odwen ho hui sɛ saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma ontumi nyere ne ho nyɛ asɛnka adwuma no. Wamma ehu ankyekyere no bio na otumi yɛɛ daa kwampaefo mpo. Wɔn a wɔafi asɛnka ase foforo no nso, Yehowa betumi aboa wɔn ama wɔanya akokoduru. Afei, momma yɛnhwɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Tomoyo nso. Ɛda a edi kan a ɔkɔɔ afie afie asɛnka no, onipa a odii kan hyiaa no no teɛteɛɛm guu no so sɛ: “Mempɛ sɛ mehu Yehowa Danseni biara wɔ ha!” Ɛnna ɔkaa pon no hwee mu bam. Tomoyo ammɔ hu mmom ɔka kyerɛɛ onuawa a ɔne no nam no sɛ: “Wotee nea ɔkae no? Mammue m’ano mpo, wahu sɛ meyɛ Yehowa Danseni. Ɛyɛ me dɛ paa.” Seesei Tomoyo yɛ daa kwampaefo.

HYƐ WO HO SO

15. Sɛ obi hyɛ ne ho so a, ɛkyerɛ sɛn, na adɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo hyɛ wɔn ho so?

15 Mpataayifo a wonim adwuma no, ɛyɛ a wɔhyɛ wɔn ho so. Sɛ obi hyɛ ne ho so a, ɛkyerɛ sɛ “ɔnyɛ mmɔtohɔ na nneɛma a ɛhyɛ ne nsa no, ɔhwɛ yɛ no pɛpɛɛpɛ.” Mpataayifo hyɛ wɔn ho so paa. Wɔsɔre ahemanakye kɔhyɛ mu araa kosi sɛ wobewie adwuma a wɔreyɛ no. Nsu mu oo, awia mu oo, wɔnam mu. Yɛn nso, sɛ yebetumi agyina mu ayɛ adwuma no akosi awiei a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so.—Mat. 10:22.

16. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahyɛ yɛn ho so?

16 Sɛ obi betumi ahyɛ ne ho so a, ɛsɛ sɛ osua, yɛmfa nwo. Mpɛn pii no, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yedwudwo yɛn ho. Nanso sɛ yebetumi ayɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, gye sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. Enti sɛ yebetumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ a, gye sɛ yɛhwehwɛ mmoa. Yehowa de ne honhom kronkron no boa yɛn ma yetumi yɛ nneɛma a ɛyɛ yɛn den sɛ yɛbɛyɛ no.—Gal. 5:22, 23.

17. Sɛnea 1 Korintofo 9:25-27 ma yehu no, dɛn na ɔsomafo Paul kaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama watumi ahyɛ ne ho so?

17 Ná ɔsomafo Paul tumi hyɛ ne ho so. Nanso ogye toom sɛ na ɛnna fam, enti ɛsɛ sɛ odi ne nipadua “nya” na ama watumi ayɛ nea ɛteɛ. (Kenkan 1 Korintofo 9:25-27.) Otuu afoforo fo sɛ wɔnhyɛ wɔn ho so na wɔnyɛ biribiara “fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Kor. 14:40) Nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa no, asɛnka adwuma no ka ho na sɛ yebetumi ayɛ no yiye a, gye sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. —Aso. 2:46.

NTWENTWƐN WO NAN ASE

18. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Mpataayifo de, nam dodow a wobeyi na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn adwuma no rekɔ yiye. Nanso yɛn de, ɛnyɛ nnipa dodow a yɛboa wɔn ma wɔbɛsom Onyankopɔn na ɛkyerɛ sɛ yɛn asɛnka adwuma no rekɔ yiye. (Luka 8:11-15) Sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ afoforo a, ɛbɛma Yehowa ahu sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no yiye. Adɛn ntia? Efisɛ nea Yehowa ne ne ba no aka sɛ yɛnyɛ no, ɛno ara na yɛreyɛ no.—Mar. 13:10; Aso. 5:28, 29.

19-20. Dɛn paa nti na ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no seesei?

19 Aman bi so no, abosome bi wɔ hɔ a wɔmma nkurɔfo nkoyi nam. Mmeae a ɛte saa no, sɛ mpataayifo no hu sɛ bosome a wɔmma wɔn kwan mma wonyi nam no rebedu so a, ɛyɛ a wɔyere wɔn ho yɛ adwuma paa. Yɛn nso, esiane sɛ wiase awiei abɛn paa nti, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no! Bere a aka a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma a egye nkwa no sua koraa. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ yɛretwɛn ama nneɛma akɔ yiye wɔ yɛn asetena mu ansa na yɛayɛ saa adwuma a ɛho hia yi bi.—Ɔsɛnk. 11:4.

20 Seesei paa na ɛsɛ sɛ woyere wo ho yɛ nneɛma a ɛbɛma w’ani agye asɛnka adwuma no ho. Afei nso, yere wo ho sua Bible no yiye, yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya akokoduru, na bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho so. Wo ne nnipa bɛboro ɔpepem nwɔtwe a wɔreyi nnipa no mmom nyɛ adwuma, na Yehowa bɛma w’ani agye. (Neh. 8:10) Yere wo ho yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu kosi sɛ ɛbɛba awiei. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyere yɛn ho aka Ahenni no ho asɛmpa no. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so ayɛ saa.

DWOM 66 Ka Asɛmpa No

^ nky. 5 Yesu too nsa frɛɛ mpataayifo bi sɛ wɔmmɛyɛ n’asuafo. Wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, na wɔwɔ ahobrɛase, na na wɔpɛ adwuma. Ɛnnɛ, Yesu da so ara reto nsa frɛ nkurɔfo a wɔte saa sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo. Bible asuafo bi wɔ hɔ a, wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobetie asɛm a Yesu kae sɛ yɛmmɛyɛ nnipa yifo no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔatumi adi Yesu asɛm no so.

^ nky. 1 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Asɛm “nnipa yifo” no gyina hɔ ma wɔn a wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo no.

^ nky. 10 Hwɛ asɛm a wɔato din “Kyerɛkyerɛ Nokware no,” a ɛwɔ October 2018, Ɔwɛn-Aban mu kr. 11-16.