Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 39

Boa Anuanom Mmea

Boa Anuanom Mmea

“Mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafodɔm kɛse.”—DW. 68:11.

DWOM 137 Tete Mmea Anokwafo ne Kristofo Mmea

NEA YƐREBESUA *

Anuanom mmea a wɔbɔ wɔn ho mmɔden ma mmuae wɔ asafo nhyiam ase, na wɔyɛ asɛnka adwuma no. Ebinom boa ma wosiesie Ahenni Asa, na wɔma wɔn nuanom Kristofo hu sɛ wodwen wɔn ho (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1. Dɛn na anuanom mmea yɛ de boa ahyehyɛde no, nanso ɔhaw bɛn na wɔn mu pii hyia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

ƐYƐ yɛn dɛ paa sɛ yɛwɔ anuanom mmea pii a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ asafo no mu! Nea wɔyɛ no bi ne sɛ, wɔma mmuae wɔ asafo nhyiam ase, na wɔyɛ asɛnka adwuma no bi. Ebinom boa ma wosiesie Ahenni Asa, na wɔma wɔn nuanom Kristofo hu sɛ wodwen wɔn ho. Nanso wohyia ɔhaw. Ebinom hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn abusuafo sɔre tia wɔn. Afoforo nso, wɔn nko ara na wɔretete wɔn mma, na wɔyɛ adwumaden de hwɛ wɔn.

2. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ anuanom mmea nkuran?

2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ anuanom mmea nkuran? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wiase no ntaa mfa nidi a ɛfata mmea no mma wɔn. Afei nso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmoa wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Roma no sɛ, wonnye Foibe na ‘wɔmmoa no biribiara mu bere a obehia.’ (Rom. 16:1, 2) Ná Farisifo no bu mmea animtiaa, enti bere a na Paul yɛ Farisini no, na ɔno nso wɔ saa adwene no bi. Nanso, bere a Paul bɛyɛɛ Kristoni no, osuasuaa Yesu, enti odii mmea ni na oyii ne yam boaa wɔn.—1 Kor. 11:1.

3. Ná Yesu bu mmea sɛn, na mmea a na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, sɛn na na obu wɔn?

3 Ná Yesu di mmea nyinaa ni. (Yoh. 4:27) Sɛnea na akannifo a wɔwɔ Yudasom mu bu mmea no, ɛnyɛ saa na na Yesu bu wɔn. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Yesu anka asɛm biara amfa ammu mmea animtiaa da.” Nanso mmea a na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, na Yesu bu wɔn paa. Ná obu wɔn sɛ ne nua mmea, na bere a na ɔreka wɔn a wɔyɛ n’abusua ho asɛm no, ɔkaa sɛ mmarima ne mmea nyinaa ka ho.—Mat. 12:50.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Mmea a na wɔsom Onyankopɔn no, na Yesu pɛ sɛ ɔboa wɔn bere nyinaa. Ɔma wohui sɛ wɔn ho hia no, na ɔkaa wɔn asɛm maa wɔn. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de asuasua Yesu na yɛne anuanom mmea adi no yiye.

ANUANOM MMEA SOM BO—MA WONHU SƐ WUDWEN WƆN HO

5. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama anuanom mmea binom sɛ wɔne afoforo bɛbɔ yiye?

5 Ehia sɛ anuanom mmarima ne mmea nyinaa tumi ne afoforo bɔ. Nanso ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama anuanom mmea sɛ wɔne afoforo bɛbɔ. Adɛn ntia? Momma yɛnhwɛ nea anuanom mmea bi aka. Onuawa bi a wɔfrɛ no Jordan * ka sɛ: “Esiane sɛ menwaree nti, ɛyɛ a metaa te nka sɛ menka asafo no ho, na me ho nhia wɔ asafo no mu.” Kristen yɛ ɔkwampaefo. Otu kɔɔ baabi sɛ ɔrekɔtrɛw ne som adwuma mu. Ɔka sɛ: “Sɛ wokɔ asafo foforo mu a, wubetumi ate nka sɛ woayɛ ankonam.” Anuanom mmarima binom nso betumi ate nka saa ara. Sɛ obi ne n’abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo na ɛte a, obetumi ate nka sɛ ɔne n’abusuafo no ntam atetew, na bere koro no ara obetumi ate nka sɛ wayɛ ankonam wɔ asafo a ɔwɔ mu no mu. Wɔn a yare nti wɔaka fie no betumi ate nka sɛ wɔayɛ ankonam. Wɔn a wɔhwɛ wɔn abusuafo a wɔyare nso betumi ate nka sɛ wɔayɛ ankonam. Annette ka sɛ, “Esiane sɛ me na na metaa hwɛ me maame nti, na mintumi ne anuanom mmom nnye yɛn ani.”

Sɛnea Yesu yɛe no, yebetumi ayɛ nneɛma bi de akyerɛ sɛ yedwen anuanom mmea ho Hwɛ nkyekyɛm 6-9) *

6. Sɛnea Luka 10:38-42 kyerɛ no, sɛn na Yesu boaa Marta ne Maria?

6 Yesu nyaa bere ne mmea a wɔsom Onyankopɔn no bɔe, na ɔne wɔn faa adamfo paa. Yɛnhwɛ ayɔnkofa a na ɛda ɔne Maria ne Marta ntam. Ɛbɛyɛ sɛ na mmea mmienu yi nyinaa nwaree. (Kenkan Luka 10:38-42.) Nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe maa mmea yi ho tɔɔ wɔn. Ná Maria nsuro sɛ ɔbɛtena Yesu nan ase atie ne nkyerɛkyerɛ. * Marta nso, na ɛhaw no sɛ Maria ammoa no, nanso anyɛ den amma no sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ Yesu. Saa bere no, Yesu boaa mmea yi ma wosuaa biribi titiriw. Afei nso, Yesu maa mmea yi ne wɔn nuabarima Lasaro hui sɛ odwen wɔn ho, enti ɛyɛ a na ɔkɔsra wɔn. (Yoh. 12:1-3) Bere a Lasaro yaree denneennen no, na Maria ne Marta nim sɛ wobetumi akɔ Yesu nkyɛn ama waboa wɔn.—Yoh. 11:3, 5.

7. Ade baako bɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ anuanom mmea nkuran?

7 Anuanom mmea bi wɔ hɔ a, sɛ wɔkɔ asafo nhyiam a na wonya kwan ne wɔn nuanom bɔ paa. Enti yɛpɛ sɛ yɛde saa bere no gye wɔn fɛw so ne wɔn bɔ nkɔmmɔ, na yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho. Jordan a yɛadi aka n’asɛm no ka sɛ, “Sɛ mema mmuae na anuanom kamfo me, wɔka sɛ wɔne me bɛkɔ asɛnka, anaa wɔyɛ biribi foforo biara ma me a, ɛka me koma paa.” Ɛsɛ sɛ yɛma anuanom mmea hu sɛ wɔn ho hia yɛn. Onuawa bi a ɔde Kia ka sɛ, “Sɛ mankɔ asafo nhyiam a, minim sɛ obi bɛmena me text message ahwɛ sɛ me ho yɛ anaa. Wei ma mihu sɛ, anuanom no dwen me ho.”

8. Nneɛma bɛn bio na yebetumi ayɛ de asuasua Yesu?

8 Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso yebetumi apɛ bere ne anuanom mmea abɔ. Yebetumi ato nsa afrɛ wɔn aba yɛn fie na yɛne wɔn adidi anaa yɛne wɔn agye yɛn ani. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ nkɔmmɔ a yɛbɛbɔ no bɛhyɛ wɔn nkuran. (Rom. 1:11, 12) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo suasua Yesu. Ná Yesu nim sɛ ebinom wɔ hɔ a, sɛ wodi sigya a ɛbɛyɛ den ama wɔn. Nanso ɔma yehui sɛ ɛnyɛ aware anaa awo na ɛbɛma obi ani agye ankasa. (Luka 11:27, 28) Mmom, sɛ obi de Yehowa som di kan a na ɛbɛma n’ani agye ankasa.—Mat. 19:12.

9. Dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ de aboa anuanom mmea?

9 Asafo mu mpanyimfo paa na ɛsɛ sɛ wobu Kristofo mmea sɛ wɔn nua mmea ne wɔn maamenom. (1 Tim. 5:1, 2) Asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ, ansa na asafo nhyiam befi ase anaa bere a wɔapɔn no, wɔne anuanom mmea bɛbɔ nkɔmmɔ. Kristen ka sɛ, “Asafo mu panyin bi hui sɛ na minni adagyew koraa, enti na ɔpɛ sɛ ohu nea enti a aba saa. Mihui sɛ na odwen me ho na m’ani sɔe paa.” Sɛ asafo mu mpanyimfo taa nya bere ne anuanom mmea bɔ nkɔmmɔ a, wɔma wohu sɛ wodwen wɔn ho. * Annette a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, sɛ wotaa ne asafo mu mpanyimfo bɔ nkɔmmɔ a, ɛboa. Ɔka sɛ: “Ɛma mihu wɔn yiye, na ɛma wɔn nso hu sɛnea mete. Enti sɛ merehyia ɔhaw bi a, ɛnyɛ den sɛ mɛhwehwɛ mmoa afi wɔn hɔ.”

KYERƐ NEA ANUANOM MMEA YƐ HO ANISƆ

10. Dɛn na ebetumi aboa ama anuanom mmea ani agye?

10 Mmarima ne mmea nyinaa, sɛ yɛyɛ biribi na afoforo kamfo yɛn, na wɔkyerɛ adwuma a yɛyɛ ho anisɔ a, ɛma yɛn ani gye. Nanso, sɛ yɛbɔ mmɔden wɔ biribi mu, anaa yɛyɛ adwuma bi na obiara ankyerɛ ho anisɔ a, ɛma yɛn abam bu. Abigail yɛ ɔkwampaefo a ɔnwaree. Ɛtɔ da a, ɔte nka sɛ n’asɛm mfa obiara ho. Ɔka sɛ: “Nea wɔde nim me ara ne sɛ asomasi nuabea ni, anaa asomasi ba ni. Ɛtɔ da a, ayɛ sɛ nea obiara nhu me.” Nanso yɛnhwɛ asɛm bi a onuawa bi a ɔde Pam kae. Pam nwaree, na ɔde mfe bebree somee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Akyiri yi, ɔsan kɔɔ ne kurom kɔhwɛɛ n’awofo. Seesei, Pam adi mfe 70 ne akyi, na ɔda so ara yɛ ɔkwampaefo. Ɔka sɛ, “Ɛyɛ a afoforo kyerɛ nea meyɛ ho anisɔ, na wei aboa me paa.”

11. Mmea a na wɔka Yesu ho wɔ ne som adwuma mu no, dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ wɔsom bo ma no?

11 Mmea anokwafo a ‘wɔde wɔn ahode som’ Yesu no, ɔkyerɛɛ nea wɔyɛe no ho anisɔ. (Luka 8:1-3) Ɛnyɛ sɛ ɔma wodii n’akyi som no kɛkɛ, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nokware a ɛfa Onyankopɔn apɛde ho. Ebi ne sɛ, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wobekum no na wɔanyan no. (Luka 24:5-8) Sɛnea ɔboaa asomafo no, ɔboaa mmea yi nso na ama wɔatumi agyina sɔhwɛ biara a wobehyia ano. (Mar. 9:30-32; 10:32-34) Ɛwom sɛ, bere a wɔkyeree Yesu no asomafo no mpo guanee, nso bere a ɔsɛn dua so a ɔrewu no, na mmea a wɔka ne ho wɔ ne som adwuma no mu bi gyina ne nkyɛn.—Mat. 26:56; Mar. 15:40, 41.

12. Adwuma bɛn na Yesu de hyɛɛ mmea nsa?

12 Yesu de adwuma a ɛho hia hyɛɛ mmea nsa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a wonyanee no no, mmea a wɔsom Onyankopɔn na wodii kan huu no. Ɔka kyerɛɛ saa mmea no sɛ wɔnkɔbɔ n’asomafo no amanneɛ sɛ wɔanyan no afi awufo mu. (Mat. 28:5, 9, 10) Afei nso, Pentekoste 33 Y.B. bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so no, ɛbɛyɛ sɛ na mmea ka ho. Sɛ saa a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ saa mmea yi a na wɔde honhom asra wɔn no tumi kaa kasa horow, na wɔkaa “Onyankopɔn nneɛma akɛse no” ho asɛm kyerɛɛ afoforo.—Aso. 1:14; 2:2-4, 11.

13. Ɛnnɛ, dɛn na anuanom mmea reyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wɔreyɛ no?

13 Nea anuanom mmea reyɛ wɔ Yehowa som mu nyinaa, ɛfata sɛ yɛkamfo wɔn. Ebinom sisi adan a wɔde yɛ Yehowa som adwuma, na wosiesie nso. Ebinom nso boa kuw a wɔde ɔman foforo so kasa yɛ ɔsom adwuma no, na afoforo nso tu wɔn ho ma boa adwuma a wɔyɛ wɔ Betel no. Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ebinom kɔboa. Afei nso, anuanom mmea boa ma wɔkyerɛ yɛn nhoma ahorow ase, na ebinom nso yɛ akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo. Anuanom mmea nso tumi kɔ akwampaefo sukuu, Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, ne Gilead Sukuu. Mmea awarefo nso boa wɔn kununom ma wodi asɛyɛde biara a ɛhyɛ wɔn nsa wɔ asafo no ne ahyehyɛde no mu ho dwuma. Wɔde saa anuanom mmarima a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa yi ama sɛ ‘nnipa mu akyɛde.’ Nanso sɛ wɔn yerenom antaa wɔn akyi a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. (Efe. 4:8) Wohwɛ a, nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de aboa anuanom mmea yi wɔ adwuma a wɔreyɛ no mu?

14. Asɛm a ɛwɔ Dwom 68:11 no nti, dɛn na asafo mu mpanyimfo a wɔde wɔn ani to fam no yɛ?

14 Asafo mu mpanyimfo a wɔde wɔn ani to fam no nim sɛ, anuanom mmea “yɛ asafodɔm kɛse” a woyi wɔn yam yɛ asɛnka adwuma no. Yɛreka wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ asɛmpaka adwuma no mu a, wɔn nso ka ho. (Kenkan Dwom 68:11.) Enti mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wobesua biribi afi anuanom mmea yi hɔ. Abigail a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, sɛ anuanom mmarima bisa no ɔkwampa a ɔfa so di nnipa a wɔwɔ n’asasesin mu adanse a, ɛhyɛ no nkuran paa. Ɔka sɛ, “Ɛno boa me ma mihu sɛ me nso me ho hia wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu.” Afei nso, mpanyimfo no hu sɛ anuanom mmea a wɔn ho akokwaw no tumi boa mmabaa a wɔwɔ asafo no mu a wɔrehyia nsɛnnennen no yiye. (Tito 2:3-5) Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛfata sɛ yɛkyerɛ nea anuanom mmea reyɛ no ho anisɔ paa!

KA BI MA ANUANOM MMEA

15. Bere bɛn na ebia ebehia sɛ obi ka anuanom mmea asɛm ma wɔn?

15 Ɛtɔ da a, anuanom mmea hyia ɔhaw bi. Ɛba saa a, ɛho behia sɛ obi ka wɔn asɛm ma wɔn. (Yes. 1:17) Ɛho nhwɛso ni. Sɛ obi yɛ okunafo anaa n’aware agu a, ebia obehia obi na waka n’asɛm ama no. Afei nso, obehia obi a ɔbɛboa no ama wayɛ nneɛma bi a na ne kunu taa yɛ. Ebia onuawa bi a ne mfe akɔ anim nso behia obi a ɔbɛka ne ho ama wakohu adɔkotafo. Sɛ onuawa bi yɛ ɔkwampaefo a ɔboa ma wosisi adan a wɔde yɛ Yehowa som adwuma, na sɛ ɛno nti ontumi nkɔ asɛnka sɛnea akwampaefo a wɔaka no yɛ, na sɛ afoforo keka ne ho nsɛm a, ebia obehia obi a ɔbɛka n’asɛm ama no. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom mmea yi? Momma yɛnhwɛ biribi foforo a Yesu yɛe na yensuasua.

16. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Marko 14:3-9 no a, dɛn na Yesu yɛ de boaa Maria?

16 Bere a nkurɔfo kasa tiaa mmea a wɔsom Onyankopɔn no, Yesu kaa bi maa wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Marta kasa tiaa Maria no, Yesu kaa bi maa Maria. (Luka 10:38-42) Bere foforo nso, bere a nkurɔfo kasa tiaa Maria sɛ wanyɛ n’ade nyansam no, Yesu kaa bi maa no. (Kenkan Marko 14:3-9.) Yesu huu adwene a Maria de yɛɛ saa no na ɔkamfo no sɛ: “Adepa na wayɛ ama me. . . . Wayɛ nea obetumi.” Ɔkaa mpo sɛ “baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no,” wɔbɛka adepa a Maria yɛe yi ho asɛm. Ɛno na yɛreyɛ wɔ adesua yi mu no. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Yesu kaa sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase baabiara bere a ɔkamfoo Maria sɛ wayi ne yam ayɛ adepa no! Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu kae no maa Maria koma tɔɔ ne yam paa ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo akasa atia no no!

17. Bere bɛn na ebia ebehia sɛ yɛka onuawa bi asɛm ma no? Ma ɛho nhwɛso.

17 Ɛba sɛ ɛsɛ sɛ woka onuawa bi asɛm ma no a, ɛyɛ a woyɛ saa anaa? Momma yɛnhwɛ saa nhwɛso yi. Anuanom bi ahu sɛ, onuawa bi a ne kunu nyɛ Ɔdansefo ntaa mma adesua ntɛm. Yɛpɔn ara nso na ɔkɔ fie. Wɔahu nso sɛ, ɔntaa mfa ne mma mma asafo nhyiam. Wonhu nea enti a ɔmmfa ne nan nsi fam ne ne kunu nkasa, na ɔmmma kwan mmma ɔne ne mma no mma asafo nhyiam. Ɛno nti wɔkasa tia no. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, onuawa no reyɛ nea obetumi nyinaa. Nea ɛte ne sɛ, ɔhyɛ ne kunu ase. Mmofra no nso, ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ wote biribi saa fa onuawa bi ho a, dɛn na wubetumi ayɛ? Sɛ wokamfo onuawa no na woka adepa a ɔreyɛ ho asɛm kyerɛ afoforo a, ebia wobegyae nsɛnkeka no.

18. Nneɛma foforo bɛn na yebetumi ayɛ de aboa anuanom mmea?

18 Sɛ yɛyɛ nneɛma bi de boa anuanom mmea a, ɛbɛma wɔahu sɛ yedwen wɔn ho. (1 Yoh. 3:18) Annette a yɛadi kan aka ne ho asɛm a na ɔrehwɛ ne maame a ɔyare no ka sɛ: “Ɛyɛ a anuanom no bi ba bɛhwɛ me maame sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ nneɛma foforo, anaa wɔbrɛ yɛn aduan. Wei ma mihui sɛ wɔdɔ me, na mete nka sɛ meka asafo no ho.” Jordan nso, anuanom boaa no. Onua bi kyerɛɛ no nneɛma nketenkete bi a obetumi ayɛ de ahwɛ ne kar so yiye. Ɔka sɛ: “Mihu sɛ anuanom dwen me ho, na wɔmpɛ sɛ asɛmmɔne biara bɛto me. Wei ka me koma paa.”

19. Nneɛma foforo bɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa anuanom mmea?

19 Asafo mu mpanyimfo nso dwen nea wobetumi ayɛ de aboa anuanom mmea ho. Wonim sɛ ɛho hia Yehowa sɛ wɔne anuanom mmea tena yiye. (Yak. 1:27) Enti mpanyimfo no suasua Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ate wɔn nuanom ase. Ɛno nti wɔnhyehyɛ mmara mma wɔn, na mmom wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn. (Mat. 15:22-28) Sɛ mpanyimfo yɛ nea wobetumi biara boa anuanom mmea a, ɛma wohu sɛ wodwen wɔn ho. Bere a Kia kuw sohwɛfo tee sɛ ɔretu akɔ baabi foforo no, ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔboaa no. Kia ka sɛ: “Ɛmaa m’adwennwen so tewee. Nsɛm a mpanyimfo no ka de hyɛɛ me nkuran, ne nea wɔyɛ de boaa me no ma mihui paa sɛ me ho hia wɔ asafo no mu, na sɛ mihyia ɔhaw a mewɔ aboafo.”

ANUANOM MMEA NYINAA HIA YƐN MMOA

20-21. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu anuanom mmea nyinaa sɛ wɔsom bo?

20 Ɛnnɛ yɛhwɛ asafo ahorow mu a, yehu anuanom mmea pii a wɔbɔ wɔn ho mmɔden a ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn. Sɛnea Yesu yɛe no, nea yebetumi ayɛ de aboa wɔn ne sɛ yebegye bere ne wɔn abɔ, na yɛahu wɔn yiye. Nea wɔyɛ wɔ Onyankopɔn som mu biara nso, yebetumi akyerɛ ho anisɔ. Sɛ ɛho behia sɛ yɛka wɔn asɛm ma wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.

21 Bere a ɔsomafo Paul kyerɛw krataa kɔmaa Romafo no, ɔhyɛɛ da bobɔɔ anuanom mmea nkron din wɔ krataa no awiei. (Rom. 16:1, 3, 6, 12, 13, 15) Ɛbɛyɛ sɛ bere a saa mmea yi tee sɛ ɔsomafo Paul kyia wɔn na wakamfo wɔn no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran paa. Momma yɛn nso yɛmmoa anuanom mmea a wɔwɔ yɛn asafo mu nyinaa. Yɛyɛ saa a, yɛma wohu sɛ yebu wɔn sɛ wɔka yɛn abusua no ho.

DWOM 136 “Akatua Pa” a Efi Yehowa Hɔ

^ nky. 5 Anuanom mmea hyia ɔhaw pii. Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yebesuasua Yesu, na ama yɛatumi aboa anuanom mmea a yɛne wɔn wɔ asafo mu no. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu nyaa bere maa mmea ne sɛnea ɔma wohui sɛ wɔsom bo, na ɔkaa bi maa wɔn no a, yebetumi asuasua no.

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 6 Nhoma bi ka sɛ: “Ná asuafo tena wɔn akyerɛkyerɛfo nan ase. Asuafo a na wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo no, saa na na wɔyɛ. Ná wɔmfa saa hokwan yi mma mmea. . . . Sɛnea na Maria agyae aduannoa a na wosusuw sɛ ɛyɛ mmea adwuma na ɔte Yesu nan ase retie ne nkyerɛkyerɛ no, . . . na ɛbɛyɛ Yudafo mmarima dodow no ara nwonwa.”

^ nky. 9 Sɛ mpanyimfo reboa anuanom mmea a, ɛyɛ a wɔyɛ ahwɛyiye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ asafo mu panyin baako nko ara kɔsra onuawa bi.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmarima bi resuasua sɛnea na Yesu dwen mmea anokwafo ho no: Onua bi reboa anuanom mmea mmienu bi ama wɔasesa wɔn kar tae, onua foforo nso akɔsra onuawa bi a onyin ama wayɛ mmerɛw. Onua bi nso ne ne yere akɔsra onuawa bi ne ne babea, na wɔne wɔn reyɛ abusua som.