Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 37

“Nyi Wo Nsa Mfi Ho”

“Nyi Wo Nsa Mfi Ho”

“Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere.”—ƆSƐNK. 11:6.

DWOM 68 Gu Ahenni Aba

NEA YƐREBESUA *

1-2. Asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:6 no, ɛfa Ahenni asɛmpaka adwuma no ho sɛn?

WOKƆ aman bi so a, nkurɔfo ani gye ho sɛ wobetie asɛmpa no. Ɛno ara ne asɛm a wɔrepɛ atie! Baabi nso wɔ hɔ a, nkurɔfo mfa Onyankopɔn anaa Bible no nyɛ hwee. Na wɔn a wɔte wo mpɔtam nso ɛ? Sɛ wotie oo, wɔantie oo, Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no kosi sɛ ɔno ara bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛawie.

2 Sɛ bere a Yehowa ahyɛ no so a, ɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no, na afei “awiei no bɛba.” (Mat. 24:14, 36) Enkosi saa bere no, dɛn na yɛbɛyɛ de atie asɛm a ɛne sɛ “nyi wo nsa mfi ho”no? *Kenkan Ɔsɛnkafo 11:6.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua a edi wei anim no, yehuu nneɛma nnan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi ayɛ “nnipa yifo.” (Mat. 4:19) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so aka asɛm no ɛmfa ho tebea biara a yebehyia. Yebehu nea enti a ɛho hia sɛ (1) yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so, (2) yenya abotare, (3) yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den.

FA W’ADWENE SI ASƐNKA ADWUMA NO SO

4. Adwuma a Yehowa se yɛnyɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?

4 Yesu maa n’asuafo no huu nneɛma bi a ebesisi ne sɛnea nnipa bɛyɛ wɔn ade wɔ nna a edi akyiri no mu. Ɔkaa sɛ saa nneɛma yi betumi ayi n’akyidifo no adwene afi asɛnka adwuma no so. Otuu n’asuafo fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mat. 24:42) Nneɛma a amma Noa bere sofo antie kɔkɔbɔ a Noa de mae no, ɛnnɛ saa nneɛma no ara betumi atwetwe yɛn adwene. (Mat. 24:37-39; 2 Pet. 2:5) Enti yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no so.

5. Sɛn na asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 1:6-8 ma yehu baabi a yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no akodu?

5 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si Ahenni asɛmpaka adwuma no so. Yesu kaa sɛ ne wu akyi no, n’asuafo no bɛkɔ so aka asɛmpa no na wɔbɛyɛ adwuma no asen sɛnea ɔyɛe no. (Yoh. 14:12) Yesu wu akyi no, n’asuafo no bi san kɔyɛɛ mpataayi adwuma no. Ne wusɔre akyi no, ɔyɛɛ anwonwade maa n’asuafo no bi yii mpataa bebree. Bere a ɔyɛɛ saa anwonwade no, ɔmaa n’asuafo no hui paa sɛ asɛnka adwuma no ho hia sen adwuma foforo biara. (Yoh. 21:15-17) Aka kakra ma Yesu asan akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ asɛnka adwuma a ofii ase no, ɛnyɛ Israel nko ara na wɔbɛyɛ no na mmom wɔbɛyɛ akɔ akyirikyiri. (Kenkan Asomafo Nnwuma 1:6-8.) Mfe bi akyi no, Yesu maa ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi na ɔkyerɛɛ no nea ɛbɛkɔ so wɔ “Awurade da” * no mu. Anisoadehu no mu no, Yohane huu ɔbɔfo bi a okura “daa asɛmpa” a ɔrekɔka akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adi. 1:10; 14:6) Adanse nyinaa kyerɛ sɛ, ɛnnɛ Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa kosi sɛ yebewie.

6. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn adwene asi asɛnka adwuma no so?

6 Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa reboa yɛn no ho a, ɛbɛma yɛde yɛn adwene asi asɛnka adwuma no so. Ɛho nhwɛso ni. Ɔma yɛn honhom fam nnuan bebree. Ebi yɛ nhoma a wɔatintim ne nea ɛwɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so, nsɛm a yɛbɔ tie, video ahorow ne nsɛm a ɛwɔ Intanɛt so. Wo de, susuw ho hwɛ: Sɛ wokɔ yɛn wɛbsaet no so a, wubenya nsɛm wɔ kasa bɛboro 1,000 mu! (Mat. 24:45-47) Ɛnnɛ amanyɔsɛm, nyamesom ne sikasɛm ama nnipa mu apaapae, nanso Onyankopɔn asomfo bɛboro ɔpepem nwɔtwe a wɔwɔ wiase nyinaa no ayɛ baako. Wo de hwɛ, Fida, April 19, 2019 no, Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa tumi tiee daa asɛm no. Saa anwummere no ara nnipa 20,919,041 kaee Yesu wu no. Weinom nyinaa yɛ anwonwade a yɛahu sɛ ɛresisi wɔ yɛn bere yi so, na ɛyɛ hokwan sɛ yɛreyɛ bi. Sɛ yedwen ho a, ɛma yɛde yɛn adwene si Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no so.

Yesu dii nokware no ho adanse na wamma biribiara antwetwe n’adwene (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Dɛn na Yesu yɛe a ɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so?

7 Yesu ayɛ nhwɛso ama yɛn na sɛ yesuasua no a, ɛno nso boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so. Wamma biribiara annye n’adwene na mmom ɔde n’adwene nyinaa sii asɛnka adwuma no so. (Yoh. 18:37) Bere a Satan kaa sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” bɛma Yesu no, anyɛ no akɔnnɔ. Saa ara nso na bere a ebinom yɛe sɛ wobesi no hene no, wamfa ne ti annye. (Mat. 4:8, 9; Yoh. 6:15) Wamma ahonyade antwetwe n’adwene, na ɔsɔretia a ano yɛ den nso ammɔ no hu. (Luka 9:58; Yoh. 8:59) Sɛ biribi sɔ yɛn gyidi hwɛ na yɛkae ɔsomafo Paul afotu yi a, ɛbɛboa yɛn ama yɛde yɛn adwene asi asɛnka adwuma no so. Otuu Kristofo fo sɛ, wɔnkɔ so nsuasua Yesu ‘na wɔammrɛ, na wɔampa abaw’!—Heb. 12:3.

NYA ABOTARE

8. Sɛ yɛka sɛ obi wɔ abotare a ɛkyerɛ sɛn, na adɛn nti na ɛnnɛ paa na ehia sɛ yenya abotare?

8 Sɛ yɛka sɛ obi wɔ abotare a, ɛkyerɛ sɛ otumi tɔ ne bo ase twɛn kosi sɛ tebea bi bɛsesa. Sɛ yɛrehwɛ kwan sɛ ɔhaw bi befi yɛn so oo, sɛ yɛrehwɛ adepa bi kwan oo, emu biara no, yehia abotare. Ná odiyifo Habakuk rehwɛ kwan sɛ basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ Yuda no bɛba awiei. (Hab. 1:2) Yesu asuafo no nso, na wɔrehwɛ kwan sɛ Ahenni no beyi ne ho adi “amonom hɔ ara” na ama wɔade wɔn ho afi Roma nhyɛso ase. (Luka 19:11) Yɛn nso yenyae a anka Onyankopɔn Ahenni no abeyi wiase bɔne yi afi hɔ ama wiase foforo no aba. Treneefo nko ara na wɔbɛtena saa wiase no mu. (2 Pet. 3:13) Nanso ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn kosi sɛ bere a Yehowa ahyɛ no bɛso. Momma yɛnhwɛ akwan a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn ma yenya abotare no bi.

9. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ abotare?

9 Yehowa wɔ abotare sen obiara. Ɔmaa Noa bere ma ɔde yɛɛ adaka no, na ɔsan ma ɔkaa asɛm no kyerɛɛ afoforo, enti ɔbɛyɛɛ “trenee sɛnkafo.” (2 Pet. 2:5; 1 Pet. 3:20) Bere a Yehowa yɛe sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo a wɔwɔ Sodom ne Gomora no, Abraham bisaa no nsɛm pii nanso Yehowa nyaa ne ho abotare tiee no. (Gen. 18:20-33) Israel man no anni Yehowa nokware nanso Yehowa nyaa wɔn ho abotare mfe pii. (Neh. 9:30, 31) Ɛnnɛ nso yehu sɛ Yehowa wɔ abotare paa. Efisɛ wɔn a ɔtwe wɔn no nyinaa, ɔma wɔn bere ma ‘wonya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9; Yoh. 6:44; 1 Tim. 2:3, 4) Nea Yehowa ayɛ yi ma yehu sɛ, yɛn nso sɛ yɛreka asɛm no anaa yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare. Yehowa ama yɛn mfatoho bi nso wɔ n’Asɛm no mu a ɛma yehu sɛnea yebenya abotare.

Sɛnea okuafo nya abotare twɛn kosi sɛ ne nnɔbae benyin no, yɛn nso yenya nkurɔfo ho abotare saa ara (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)

10. Mfatoho a ɛwɔ Yakobo 5:7, 8 a ɛfa okuafo ho no, dɛn na yesua fi mu?

10 Kenkan Yakobo 5:7, 8. Sɛnea okuafo dua ade no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yenya abotare. Ɛwom, nnɔbae bi wɔ hɔ a, enyin ntɛmntɛm. Nanso nnɔbae dodow no ara de, egye bere tenten ansa na anyin asow aba. Israelfo bere so no, sɛ wɔyɛ afuw a na edi bɛyɛ abosome nsia ansa na wɔatwa nnɔbae no. Sɛ osutɔbere a edi kan no fi ase a, ɛnna okuafo no gu n’aba, na ɔtwɛn ara kosi sɛ nsu a etwa to no bɛtɔ na watwa ne nnɔbae. (Mar. 4:28) Yɛn nso, sɛ yesua sɛnea akuafo nya abotare no a, ɛbɛboa yɛn paa. Nanso, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebenya nneɛma ho abotare.

11. Sɛ yenya abotare wɔ asɛnka mu a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

11 Yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin nti yɛpɛ yɛn biribiara ntɛmntɛm. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛn afuw sow aba a, ɛnsɛ sɛ yeyi yɛn nsa fi ho. Ɛsɛ sɛ yefuntum asase no, gu aba no, dodɔ ho na afei yegu so nsu. Saa ara na asɛnka adwuma no nso te, egye adwumaden paa. Yɛrentumi mfiti prɛko pɛ mmoa yɛn Bible asuafo mma wonyi ɔtan hunu mfi wɔn mu na wonnya afoforo ho adwempa, ebegye bere. Sɛ nkurɔfo antie asɛmpa no mpo a, esiane sɛ yɛwɔ abotare nti, yɛn abam remmu. Sɛ nkurɔfo tie nso a, yɛda so ara hia abotare. Yɛrentumi nhyɛ yɛn Bible suani sɛ onnya gyidi. Yesu asuafo no mpo sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn a na ɛnyɛ bere nyinaa na wɔte ase ntɛm. (Yoh. 14:9) Momma yɛnkae sɛ, yebetumi agu aba agugu so nsu nanso Onyankopɔn na ɔma enyin.—1 Kor. 3:6.

12. Yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, sɛ yɛredi wɔn adanse a, yɛbɛyɛ dɛn anya wɔn ho abotare?

12 Yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, sɛ yɛredi wɔn adanse a, ɛyɛ a ɛtaa yɛ den sɛ yebenya wɔn ho abotare. Nanso, asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 3:1, 7 no betumi aboa yɛn. Ɛka sɛ: “Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” Ɛwom, yebetumi de yɛn abrabɔ pa adi afoforo adanse bere a yemmuee yɛn ano mpo. Nanso hokwan biara a yebenya no, yɛpɛ sɛ yɛde ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. (1 Pet. 3:1, 2) Yɛpɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka asɛm no na yɛkyerɛkyerɛ afoforo ne yɛn abusuafo, nanso ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare.

13-14. Ebinom nyaa abotare, yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn?

13 Nnipa anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne ebinom a wɔwɔ yɛn bere yi so nyaa abotare na yebetumi asuasua wɔn nhwɛso no. Ná Habakuk rehwɛ kwan denneennen sɛ abɔnefosɛm to betwa nanso onyaa abotare kaa sɛ: “Mɛkɔ so agyina m’awɛnee.” (Hab. 2:1) Ɔsomafo Paul kaa sɛ onyae a anka ‘wawie’ ne som adwuma no. Nanso, onyaa abotare kɔɔ so dii “asɛmpa no ho adanse fefeefe.” (Aso. 20:24)

14 Ma yɛnhwɛ awarefo bi a wɔkɔɔ Gilead sukuu. Wowiee sukuu no, ɔman a wɔde wɔn kɔɔ so no, na Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɔɔso na na nnipa a wɔwɔ hɔ dodow no ara nyɛ Kristofo. Ná nnipa pii a wɔwɔ hɔ no ani nnye ho sɛ wobesua Bible. Nanso, sɛ awarefo yi mfɛfo a wɔne wɔn kɔɔ Gilead sukuu a wɔwɔ aman foforo so no frɛ wɔn a, na wɔka sɛnea wɔanya nnipa pii ne wɔn resua Bible no ho asɛm kyerɛ wɔn. Ɛmfa ho sɛ na nnipa dodow no ara a wɔwɔ awarefo yi asasesin mu no ntie asɛm no, wɔkɔɔ so ara nyaa abotare yɛɛ asɛnka adwuma no. Bere a wɔde mfe nwɔtwe kaa asɛmpa no wɔ asasesin no mu no, ewiee ase no, wɔn Bible suani baako bɔɔ asu. Wei maa wɔn ani gyei paa. Sɛ yɛhwɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no ne wɔn a wɔwɔ yɛn bere yi so a yɛaka wɔn ho asɛm no a, dɛn na yesua fi wɔn hɔ? Saa anokwafo yi antew anna anaa wɔanyi wɔn nsa amfi adwuma a na wɔreyɛ no ho, na abotare a wonyae nti, Yehowa hyiraa wɔn. Enti momma yensuasua “wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.”—Heb. 6:10-12.

KƆ SO MA WO GYIDI NYƐ DEN

15. Sɛn na gyidi boa yɛn ma yesi yɛn bo sɛ yɛbɛka asɛm no?

15 Yegye asɛm a yɛka no di, enti yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi. Bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, yɛwɔ mu gyidi. (Dw. 119:42; Yes. 40:8) Yɛahu sɛ Bible nkɔmhyɛ pii anya mmamu wɔ yɛn bere yi so. Afei nso yɛahu sɛ, sɛ nkurɔfo fi ase de Bible afotu bɔ wɔn bra a, esi wɔn yiye. Nea yɛaka yi nyinaa ma yenya awerɛhyem sɛ, Ahenni ho asɛm a yɛreka no, ɛno ne asɛm a ɛsɛ sɛ obiara te.

16. Sɛnea Dwom 46:1-3 ma yehu no, sɛ yenya Yehowa ne Yesu mu gyidi a, ɛboa yɛn sɛn wɔ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no mu?

16 Afei nso, yegye Yehowa di; ɔno na ose yɛnka asɛm no. Afei nso, yegye Yesu di; ɔno na Yehowa apaw no sɛ ɔnyɛ Ahenni no so Hene. (Yoh. 14:1) Ɛmfa ho nea ɛbɛto yɛn biara no, Yehowa bɛkɔ so ayɛ yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden. (Kenkan Dwom 46:1-3.) Afei nso, yɛwɔ ahotoso sɛ Yesu wɔ soro na ɔredi asɛnka adwuma no anim, na ɔde tumi a Yehowa de ama no no reboa yɛn.—Mat. 28:18-20.

17. Ma nhwɛso fa kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no.

17 Gyidi a yɛwɔ no ma yehu paa sɛ Yehowa behyira adwuma a yɛreyɛ no so, na ɛtɔ da a ɔkwan a ɔfa so yɛ saa no boro yɛn adwene ne yɛn ntease so. (Ɔsɛnk. 11:6) Wo de, hwɛ trɔk ne pon a yɛde yɛ baguam adansedi no sei. Da biara nnipa pii di akɔneaba wɔ baabi a yɛde sisi no. Wohwɛ a, saa kwan a yɛfa so ka asɛmpa yi tu mpɔn anaa? Yiw, etu mpɔn paa! Yɛn Ahenni Som a ɛbae November 2014 no de asɛm bi too gua. Ná ɛfa ababaa bi a ɔkɔ sukuupɔn a ɔpɛ sɛ ɔyɛ nhwehwɛmu na ɔkyerɛw biribi fa Yehowa Adansefo ho. Nanso wanhu yɛn Ahenni Asa biara ankobisa yɛn ho asɛm. Akyiri yi, ohui sɛ anuanom ahyehyɛ nhoma wɔ trɔk so si sukuu mu hɔ. Ɔkɔɔ ho na onyaa nsɛm a na ɔrehwehwɛ no. Ewiee ase no, ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni na seesei ɔyɛ daa kwampaefo. Sɛ yɛte nsɛm a ɛte sei a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛka asɛm no efisɛ ɛma yehu sɛ nnipa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔte Ahenni asɛm no.

SI WO BO SƐ WORENYI WO NSA MFI HO

18. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ, bere a Yehowa pɛ sɛ yewie Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no bɛbam pɛpɛɛpɛ?

18 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ bere so a, Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no bɛba awiei. Wo de, hwɛ nea esii wɔ Noa bere so. Yehowa kyerɛe sɛ odi ne bere so pɛpɛɛpɛ. Yehowa dii kan ka too hɔ bɛyɛ mfe 120 sɛ ɔde Nsuyiri bɛba. Mfe bi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka. Bɛyɛ mfe 40 anaa 50 ansa na nsuyiri no reba no, Noa yeree ne ho yɛɛ adwumaden. Ɛwom, na nnipa a ɔreka asɛm no akyerɛ wɔn no ani nnye ho, nanso ɔkɔɔ so ara bɔɔ wɔn kɔkɔ kosii sɛ Yehowa kaa sɛ, afei de bere aso sɛ ɔde mmoa no kɔ adaka no mu. Enti bere soe ara pɛ na “Yehowa too ɔpon no mu.”—Gen. 6:3; 7:1, 2, 16.

19. Sɛ yɛanyi yɛn nsa amfi adwuma a yɛreyɛ no ho a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

19 Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa bɛma yɛde Ahenni no ho asɛm a yɛreka no aba awiei. Ɔbɛsɛe Satan wiase no na ɔde wiase foforo aba. Nnipa a wotie Onyankopɔn nko ara na wɔbɛtena mu. Enkosi sɛ saa bere no beso no, momma yensuasua Noa, Habakuk ne Onyankopɔn asomfo afoforo. Wɔanyi wɔn nsa amfi adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no ho. Momma yɛmfa yɛn adwene nsi asɛnka adwuma no so, yennya nkurɔfo ho abotare, na yennya Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi.

DWOM 75 “Mini, Soma Me”!

^ nky. 5 Adesua a edi wei anim no hyɛɛ Bible asuafo a wɔde nea wɔresua no rebɔ wɔn bra no nkuran sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo sɛnea Yesu kae no. Sɛ yefii asɛnka ase akyɛ oo, sɛ yefii ase nkyɛe oo, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi ayɛ wɔ adesua yi mu. Wei bɛhyɛ yɛn den ama yɛakɔ so aka Ahenni no ho asɛmpa no kosi sɛ Yehowa bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛawie.

^ nky. 2 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Adesua yi mu no, asɛm a ɛne sɛ “nyi wo nsa mfi ho” no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara ka asɛmpa no kosi sɛ Yehowa bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛawie.

^ nky. 5 “Awurade da no” fii ase afe 1914 bere a wɔde Yesu sii ade so sɛ Ɔhene no, na ɛbɛba awiei wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no awiei.