Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 38

Sɛ Wowɔ Asomdwoe Bere Mu a, Fa Yɛ Adwuma Yiye

Sɛ Wowɔ Asomdwoe Bere Mu a, Fa Yɛ Adwuma Yiye

“Na asomdwoe wɔ ɔman no mu. Obiara ne no ammedi ako mfe no mu; Yehowa ma onyaa ɔhome.”—2 BE. 14:6.

DWOM 60 Wobenya Nkwa

NEA YƐREBESUA *

1. Bere bɛn na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛsom Yehowa?

BERE bɛn na wohwɛ a, ebetumi ayɛ den paa sɛ yɛbɛsom Yehowa? Wohwɛ a, ɛyɛ bere a nneɛma mu ayɛ den anaasɛ bere a asomdwoe wɔ hɔ? Sɛ yehyia ɔhaw a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Nanso sɛ nneɛma rekɔ yiye ma yɛn wɔ asetenam a, dɛn na ɛyɛ a yɛyɛ? Ebetumi aba sɛ yɛde Onyankopɔn som bɛto nkyɛn anaa? Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ saa asɛm yi betumi ato wɔn.—Deut. 6:10-12.

Ɔhene Asa ko tiaa atoro som denneennen (Hwɛ nkyekyɛm 2) *

2. Nhwɛso pa bɛn na Ɔhene Asa yɛe?

2 Ɔhene Asa yɛ obi a ɔyɛɛ n’ade nyansam. Ɔde ne ho too Yehowa so koraa, na wei yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Ɔsom Yehowa wɔ bere pa ne bere bɔne nyinaa mu. Bible ka sɛ, ‘Asa koma dii mũ wɔ Yehowa ho ne nkwa nna nyinaa.’ (1 Ahe. 15:14) Ade baako a Asa yɛ de kyerɛe sɛ ɔde ne koma nyinaa resom Yehowa ne sɛ, otuu atoro som ase fii Yuda. Bible ka sɛ, “Oyiyii ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no fii hɔ, na obubuu abosom adum twitwaa abosonnua no gui.” (2 Be. 14:3, 5) Ne nanabea Maaka a na ɔyɛ ɔbaapanyin mpo, otuu no ade so. Adɛn nti na otuu no ade so? Efisɛ ɔmaa nkurɔfo som ohoni bi.—1 Ahe. 15:11-13.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛnyɛ atoro som nko ara na Asa tuu ase. Ɔsan maa nokware som so, na ɔmaa Yudafo no san bɛsom Yehowa. Yehowa hyiraa Asa, na ɔmaa Israelfo no nyaa asomdwoe. * Asa bedii ade no, “asase no nyaa asomdwoe” mfe du. (2 Be. 14:1, 4, 6) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Asa yɛe bere a na ɔwɔ asomdwoe no. Tete Kristofo no nso, bere a na wɔwɔ asomdwoe no, wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ Asa. Yebesusuw ɛno nso ho. Afei, yebenya asɛmmisa yi nso ho mmuae: Ɔman a wote mu no, mutumi som Yehowa a biribiara nsiw mo kwan a, wobɛyɛ dɛn de saa bere no ayɛ adwuma yiye?

NEA ASA YƐE BERE A NA WƆWƆ ASOMDWOE

4. Sɛnea 2 Beresosɛm 14:2, 6, 7 ma yehu no, bere a na ɔman no wɔ asomdwoe no, dɛn na Asa yɛe?

4 Kenkan 2 Beresosɛm 14:2, 6, 7. Asa ka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ, Yehowa na ‘wama wɔanya ɔhome afã nyinaa ahyia.’ Asa annya adwene sɛ bere a na wɔwɔ asomdwoe no yɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔde dwudwo ne ho. Mmom no, ɔkyekyee nkurow, ɔtoo afasu ne aban, na ɔyeyɛɛ apon akɛse too ano. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Asase no da hɔ ma yɛn.” Asɛm a Asa kae yi kyerɛ sɛn? Ná ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɔmanfo no betumi adi akɔneaba wɔ asase a na Onyankopɔn de ama wɔn no so, asisi wɔn adan a atamfo biara rentow nhyɛ wɔn so. Ɔhyɛɛ ɔmanfo no nkuran sɛ, saa bere a na wɔwɔ asomdwoe no, wɔnyɛ nneɛma a ɛso bɛba wɔn mfaso.

5. Adɛn nti na Asa hyɛɛ n’asraafo adwuma no mu den?

5 Bere a asomdwoe wɔ hɔ no, Asa de hokwan no totoo nneɛma yiye de hyɛɛ adwuma a na n’asraafo no reyɛ no mu den. (2 Be. 14:8) Nea ɔyɛe yi kyerɛ sɛ na onni Yehowa mu gyidi anaa? Ɛnte saa koraa. Ná Asa nim sɛ ɔno na ɔyɛ ɔhene, na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔboa ɔman no ma wosiesie wɔn ho ma ɔhaw a wobetumi ahyia daakye. Ná Asa nim sɛ asomdwoe a Yuda man no wɔ no, ebia ɛrentena hɔ daa, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae.

NEA TETE KRISTOFO NO YƐE BERE A NA WƆWƆ ASOMDWOE

6. Bere a na tete Kristofo no wɔ asomdwoe no, dɛn na wɔyɛe?

6 Ɛwom sɛ na nkurɔfo taa di tete Kristofo no ani, nanso ɛtɔ da a, na wonya asomdwoe. Bere a na asuafo no wɔ asomdwoe no, dɛn na wɔyɛe? Kristofo anokwafo no kaa asɛmpa no denneennen a wɔannyae. Asomafo Nnwuma no ka sɛ, ‘wɔnantew Yehowa suro mu.’ Wɔannyae asɛmpa no ka ma enti “wɔkɔɔ so dɔe.” Wei kyerɛ sɛ, nsi a wɔde kaa asɛmpa no bere a wɔwɔ asomdwoe no, Yehowa hyiraa so.—Aso. 9:26-31.

7-8. Hokwan a Paul ne afoforo nyae no, sɛn na wɔde yɛɛ adwuma? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Tete Kristofo no de hokwan a wonyae biara kaa asɛmpa no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a ɔsomafo Paul wɔ Efeso no, ohui sɛ obetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, enti ɔtenaa hɔ na ɔde saa hokwan no kaa asɛm no.—1 Kor. 16:8, 9.

8 Bere a asomafo ne mpanyimfo no kaa twetiatwa ho asɛm no wiei wɔ afe 49 Y.B. no, ɛmaa Paul ne Kristofo afoforo nyaa hokwan a wɔde bɛka asɛmpa no. (Aso. 15:23-29) Afei wɔde gyinae a wɔasi no ho amanneɛbɔ kɔmaa asafo ahorow no, na asuafo no nyinaa yeree wɔn ho kaa “Yehowa asɛmpa no.” (Aso. 15:30-35) Dɛn na efii mu bae? Bible ka sɛ, “asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.”—Aso. 16:4, 5.

NEA ƐSƐ SƐ YƐYƐ NNƐ BERE A YƐWƆ ASOMDWOE

9. Sɛn na nneɛma te wɔ aman pii so nnɛ, na nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

9 Ɛnnɛ, wokɔ aman pii so a, yetumi ka asɛm no a obiara nhaw yɛn adwene. Saa na ɛte wɔ ɔman a wote mu no anaa? Sɛ saa a, ɛnde bisa wo sɛ, ‘Ahofadi a yɛwɔ no, dɛn na mede reyɛ?’ Nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa nkurɔfo nni adagyew koraa. Wɔde nsi ne ahokeka reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ wiase nyinaa, na ebi nsii saa da. (Mar. 13:10) Wei abue hokwan pii ama Yehowa nkurɔfo.

Anuanom pii reka asɛm no wɔ aman foforo so anaa wɔreka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔka kasa foforo, na ama wɔn ani agye paa (Hwɛ nkyekyɛm 10-12) *

10. Dɛn na asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 4:2 no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?

10 Wobɛyɛ dɛn de bere a yɛwɔ asomdwoe no ayɛ adwuma yiye? (Kenkan 2 Timoteo 4:2.) Adɛn nti na wunsusuw ho nhwɛ sɛ wo anaa obi a ɔwɔ w’abusua mu betumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, na ebi mpo a wayɛ daa kwampaefo? Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yebiri yɛn mogya ani pɛ sika anaa yɛboaboa ahode ano. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, saa nneɛma yi rentumi mfa yɛn ntwa ahohiahia kɛse no.—Mmeb. 11:4; Mat. 6:31-33; 1 Yoh. 2:15-17.

11. Dɛn na ebinom ayɛ na ama wɔatumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii?

11 Adawurubɔfo pii asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no na wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo. Onyankopɔn ahyehyɛde no nso reboa wɔn. Wɔayɛ nhoma a yɛde sua Bible wɔ kasa pii mu na ama wɔatumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa bebree. Yɛhwɛ afe 2010 sei a, na yɛkyerɛ yɛn nhoma ase kɔ kasa bɛyɛ 500 mu. Seesei yɛkyerɛ yɛn nhoma ase kɔ kasa bɛboro 1,000 mu!

12. Sɛ nkurɔfo te Ahenni asɛm no wɔ wɔn kurom kasa mu a, ɛboa wɔn sɛn? Ma ɛho nhwɛso.

12 Sɛ nkurɔfo te nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu wɔ wɔn kurom kasa mu a, ɛyɛ a ɛka wɔn sɛn? Momma yɛnhwɛ onuawa bi suahu. Ɔkɔɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Memphis, Tennessee, U.S.A. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Kinyarwanda kasa mu. Ɛno ne kasa titiriw a wɔka wɔ Rwanda, Congo (Kinshasa), ne Uganda. Bere a wowiee nhyiam no, onuawa a ɔka Kinyarwanda kasa no kaa sɛ: “Mebaa United States ha no, mfe 17 ni. Nanso wei ne bere a edi kan a makɔ ɔmantam nhyiam a mate dwumadi no nyinaa ase.” Wei ma yehu sɛ, dwumadi no a onuawa no tiei wɔ ne kurom kasa mu no kaa ne koma paa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, sua kasa foforo na woatumi aboa nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no. Ebinom wɔ mo asafo no asasesin mu a ebia wɔn ani begye ho sɛ wo ne wɔn besua Bible wɔ wɔn kurom kasa mu anaa? Sɛ wutumi yɛ saa a, wo brɛ renyɛ kwa, w’ani begye paa.

13. Bere a na yɛn nuanom a wɔwɔ Russia wɔ asomdwoe no, dɛn na wɔyɛe?

13 Ɛnyɛ yɛn nuanom nyinaa na wɔwɔ ahofadi a wɔde ka asɛmpa no. Wokɔ aman bi so a, aban no mma yɛn kwan mma yɛnyɛ yɛn asɛnka adwuma no sɛnea yɛpɛ. Momma yensusuw yɛn nuanom a wɔwɔ Russia no ho nhwɛ. Aban no tan wɔn ani mfe pii, nanso March 1991 mu no, aban no gyee wɔn toom ma wotumi yɛɛ wɔn som adwuma. Saa bere no, na adawurubɔfo a wɔreka Ahenni no ho asɛm bɛyɛ 16,000 na wɔwɔ Russia. Nanso mfe 20 akyi no, adawurubɔfo no dodow bu bɔɔ ho koduu bɛboro 160,000! Wei ma yehu sɛ bere a yɛn nuanom nyaa hokwan sɛ wɔbɛka asɛmpa no, wɔamfa anni agorɔ. Efisɛ asomdwoe a wonyae no antena hɔ ankyɛ. Ɛwom sɛ nneɛma asesa wɔ ɔman no mu de, nanso wɔda so ara de nsi resom Yehowa. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔde hokwan a wobenya biara bɛkɔ so asom Yehowa.

ƐNYƐ DAA NA YEBENYA ASOMDWOE

Bere a Ɔhene Asa fii ne komam bɔɔ mpae no, Yehowa maa Yuda dii dɔm kɛse a na wɔyɛ wɔn atamfo no so nkonim (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)

14-15. Sɛn na Yehowa de ne tumi di boaa Asa?

14 Asomdwoe a Asa nyae wɔ ne bere so no antena hɔ ankyɛ, ɛbaa awiei. Etiopiafo asraafo bɛboro ɔpepem baako baa wɔn so. Ná wɔn sahene Sera wɔ ahotoso paa sɛ ɔne n’asraafo betumi adi Yudafo no so nkonim. Nanso Ɔhene Asa de, ɔde ne ho too Yehowa ne Nyankopɔn so, na ɛnyɛ asraafo dodow a na ɔwɔ no so. Asa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani ato; wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so.”—2 Be. 14:11.

15 Ɛwom sɛ wode Etiopiafo asraafo no toto Asa asraafo no ho a, na wɔyɛ Asa asraafo no bɛyɛ mmɔho mmienu. Nanso na Asa nim sɛ Yehowa wɔ ahoɔden ne tumi a ɔde bɛko agye Ne nkurɔfo, na Yehowa nso amma ne nsa ansi fam. Etiopiafo asraafo no dii nkogu pɔtɔɔ.—2 Be. 14:8-13.

16. Dɛn na ɛma yehu sɛ asomdwoe a yɛwɔ no rentena hɔ daa?

16 Ɛwom, yennim nea ɛbɛto yɛn mu biara daakye. Nanso nea yenim ne sɛ, asomdwoe a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no rentena hɔ daa. Momma yɛnkae sɛ Yesu ka too hɔ sɛ, nna a edi akyiri mu no, “aman nyinaa bɛtan” n’asuafo. (Mat. 24:9) Ɔsomafo Paul nso kaa sɛ “wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.” (2 Tim. 3:12) Satan “bo afuw denneennen,” na sɛ yenya adwene sɛ ɔde yɛn ho bɛkyɛ yɛn a, ɛnde na yɛredaadaa yɛn ho.—Adi. 12:12.

17. Sɛn na ebia wɔbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ?

17 Ɛrenkyɛ koraa, wɔbɛsɔ yɛn mu biara gyidi ahwɛ. “Ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii” da bɛba wiase nnansa yi ara. (Mat. 24:21) Saa bere no, ebia yɛn abusuafo betumi asɔre atia yɛn, na aban no nso betumi abara yɛn adwuma no. (Mat. 10:35, 36) Sɛnea Asa de ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ mmoa ne ahobammɔ no, saa ara na yɛn mu biara bɛyɛ anaa?

18. Sɛnea Hebrifo 10:38, 39 ma yehu no, dɛn na ɛbɛboa yɛn seesei na sɛ asomdwoe a yɛwɔ no ba awiei a, yɛatumi agyina mu?

18 Nea ɛrebobɔ ba no nti, Yehowa resiesie yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yɛn gyidi bɛyɛ den. Ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so rema yɛn honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” Wei bɛboa ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. (Mat. 24:45) Nanso ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ ne fam de ma ne gyidi yɛ den wɔ Yehowa mu.—Kenkan Hebrifo 10:38, 39.

19-20. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Beresosɛm 28:9 no a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho, na adɛn ntia?

19 Sɛnea Ɔhene Asa yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yɛhwehwɛ Yehowa.’ (2 Be. 14:4; 15:1, 2) Nea yɛyɛ de hwehwɛ Yehowa ne sɛ yebesua ne ho ade na yɛahu no, na yɛabɔ asu. Yɛde hokwan a yebenya biara hyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu den. Nea ɛbɛma yɛahu sɛ yɛreyɛ saa no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Mekɔ asafo nhyiam daa?’ Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ayɛ ama yɛn no a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so som Yehowa, na yɛn nuanom nso hyɛ yɛn nkuran. (Mat. 11:28) Yebetumi nso abisa yɛn ho sɛ, ‘Mayɛ nhyehyɛe pa a mede sua ade anaa?’ Sɛ wo ne w’abusua na ɛte a, moyɛ abusua som nnawɔtwe biara? Sɛ nso wo nko ara na wote a, woayi bere asi hɔ a wode sua ade sɛnea anka wo ne w’abusua bɛyɛ anaa? Afei nso, woyere wo ho ka asɛmpa no, na wokyerɛkyerɛ afoforo anaa?

20 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebisa saa nsɛm no? Bible ma yehu sɛ, Yehowa hwehwɛ yɛn nsusuwii ne nea ɛwɔ yɛn koma mu, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. (Kenkan 1 Beresosɛm 28:9.) Sɛ yɛhwɛ nea yɛde asisi yɛn ani so, yɛn suban, anaa yɛn nsusuwii na yehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa na ɔboa yɛn ma yɛyɛ saa. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma sɔhwɛ a ɛda yɛn anim no. Enti baabi a wowɔ no, sɛ asomdwoe wɔ hɔ a, fa saa bere no yɛ adwuma yiye!

DWOM 62 Dwom Foforo No

^ nky. 5 Ɔman a wote mu no, wutumi som Yehowa asomdwoe mu anaa? Sɛ saa a, dɛn na wode saa bere no reyɛ? Adesua yi bɛboa wo ama woahu sɛnea wubesuasua Yuda Hene Asa ne tete Kristofo no. Bere bi bae a na wɔwɔ asomdwoe, na wɔde saa bere no yɛɛ adwuma yiye.

^ nky. 3 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Mpɛn pii no, wɔka sɛ ɔko nni baabi a, na ɛkyerɛ sɛ “asomdwoe” wɔ hɔ. Nanso asomdwoe a yɛreka ho asɛm yi kɔ akyiri sen saa. Hebri kasa a wɔkyerɛɛ ase asomdwoe no, ebetumi nso akyerɛ sɛ obi wɔ apɔwmuden ne ahobammɔ, na nneɛma kɔ yiye ma no.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔhene Asa nanabea maa nkurɔfo som abosom, enti Asa ma wotuu no ade so. Anokwafo a na wɔtaa Asa akyi no boaa no ma ɔsɛee ahoni no.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii atwitwa nneɛma so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa wɔ baabi a adawurubɔfo nnɔɔso.