Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 39

Bere a Obi a Wodɔ No Agyae Yehowa Som

Bere a Obi a Wodɔ No Agyae Yehowa Som

“Mpɛn pii na . . . wɔmaa ne werɛ howee.”—DW. 78:40.

DWOM 102 “Boa Wɔn a Wɔyɛ Mmerɛw No”

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛ wotu obi busuani fi asafo no mu a, sɛn na ebetumi ama wate nka?

WƆATU obi a wodɔ no afi asafo no mu anaa? Ɛba saa a, ebetumi atwa wo nsono mu! Onuawa bi a ne din de Hilda ka sɛ: “Bere a me kunu a na me ne no atena mfe 41 wui no, na ɛyɛ me sɛ nea ato me no de, biribiara nni hɔ a ɛyɛ yaw sen saa. * Nanso bere a me babarima gyaee asafo no, na ogyaw ne yere ne ne mma hɔ no, ɛno de, na migye me ho a ennye.”

Sɛ wotu obi a wodɔ no a, ɛyaw a wofa mu no, Yehowa te ase (Hwɛ nkyekyɛm 2-3) *

2-3. Sɛnea Dwom 78:40, 41 kyerɛ no, sɛ Yehowa somfo bi gyae ne som a, sɛn na ɔte nka?

2 Bere a abɔfo a wɔka Yehowa abusua ho tew ne so atua no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa dii awerɛhow! (Yuda 6) Afei nso, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ odii yaw bere a Israelfo a ɔdɔ wɔn no tew ne so atua mpɛn pii no. (Kenkan Dwom 78:40, 41.) Enti nya awerɛhyem sɛ, sɛ obi a wodɔ no gyae Yehowa som a, yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no nso di awerɛhow. Awerɛhow a woredi no, ɔte ase. Nkuranhyɛ ne mmoa biara a wuhia no, ne mmɔborɔhunu nti ɔde bɛma wo.

3 Sɛ obi a yɛdɔ no agyae Yehowa som a, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea yɛyɛ a yebenya Yehowa mmoa de agyina yaw no ano. Bio nso, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ de aboa asafo no mufo a wɔn nso rehyia ɔhaw a ɛte saa. Nanso nea edi kan no, momma yɛnhwɛ adwene bi a ɛmfata a ɛnsɛ sɛ yenya.

MMU WO HO FƆ

4. Sɛn na awofo pii te nka bere a wɔn ba bi agyae Yehowa som?

4 Sɛ awofo bi ba a wɔdɔ no gyae Yehowa som a, mpɛn pii no, ɛyɛ a awofo no bisa wɔn ho sɛ, ‘Ɛdɛn koraa na anka ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa yɛn ba no a yɛanyɛ nti, wafi nokware no mu yi?’ Bere a wotuu onua bi a ne din de Luke babarima fii asafo no mu no, ɔkaa sɛ: “Me ara na mama aba saa. Mesosoo ho dae bɔne. Ɛtɔ da a na misu di awerɛhow.” Onuawa bi a ne din de Elizabeth a ɔno nso hyiaa ɔhaw koro no ara di abooboo sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛna yɛ a manyɛ? Nokware no a ɛsɛ sɛ mede dua me ba no mu no, ɛyɛɛ me sɛ manyɛ no yiye.”

5. Sɛ obi gyae Yehowa som a, hena na ɛho asodi no da no so?

5 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa de yɛn mu biara pɛ ama no. Wei kyerɛ sɛ, yɛpɛ a yebetie no, yɛmpɛ nso a ɔnhyɛ yɛn. Mmerante ne mmabaa bi wɔ hɔ a, wɔannya mmoa papa biara nanso wɔasi gyinae sɛ wɔde nokwaredi bɛsom Yehowa. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔn awofo yɛɛ nea wobetumi nyinaa de Bible nnyinasosɛm tetee wɔn, nanso wonyinii no, wofii nokware no mu. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, yɛn mu biara na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔbɛsom Yehowa anaasɛ ɔrensom no. (Yos. 24:15) Enti awofo a moredi awerɛhow, mummmu mo ho fɔ sɛ mo na moama mo ba no agyae Yehowa som!

6. Sɛ abofra bi papa anaa ne maame gyae Yehowa som a, ebetumi aka no sɛn?

6 Ɛtɔ da a, ɔwofo bi tumi gyae Yehowa som, na otumi guan gyaw n’abusua mpo. (Dw. 27:10) Esiane sɛ mmofra taa hwɛ wɔn awofo suasua wɔn nti, ɛba saa a, etumi bubu mmofra no paa. Esther a wotuu ne papa no ka sɛ: “Ná misu saa ara, efisɛ mihui sɛ ɛnyɛ sɛ na me papa retwe ne ho afi nokware no ho kɛkɛ. Mmom na wabɔ ne tirim pɔw sɛ ɔrensom Yehowa bio. Mepɛ me papa asɛm paa, enti wotuu no no, daa na midwen ne ho. Ɛwom ara na ɛma mebɔ birim mpo.”

7. Sɛ wotu abofra bi papa anaa ne maame a, sɛn na Yehowa te nka?

7 Yɛn nuanom mmofra, sɛ wɔatu wo papa anaa wo maame afi asafo no mu a, hu sɛ yɛte nka ma wo paa! Yɛsrɛ wo, nya awerɛhyem sɛ ɛyaw biara a worefa mu no, Yehowa nso nim. Ɔdɔ wo na sɛnea woda so ara bata ne ho no, ɛyɛ Yehowa ne wo nuanom Kristofo nyinaa fɛ paa. Afei nso, kae sɛ ɛnyɛ wo na womaa w’awofo gyaee Yehowa som. Sɛnea yɛadi kan aka no, Yehowa de onipa biara pɛ ama no. Enti ɛsɛ sɛ obiara a wahyira ne ho so abɔ asu no ‘soa asɛde a ɛda no so no.’—Gal. 6:5, ase hɔ asɛm.

8. Dɛn na abusuafo a aka a wɔresom Yehowa no betumi ayɛ kosi sɛ nea wɔatu no no bɛsan aba Yehowa nkyɛn? (Adaka a yɛato din, “ San Bra Yehowa Nkyɛn” no, hwɛ ɛno nso.)

8 Sɛ obi a wodɔ no gyae Yehowa som na wowɔ anidaso sɛ daakye bi ɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn a, ne kwan so a. Nanso enkosi sɛ ɔbɛsan aba no, dɛn na wubetumi ayɛ? Yɛ nea wubetumi biara fa hyɛ wo gyidi den. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛyɛ nhwɛso pa ama abusua no mufo a aka no. Ebia nea wɔatu no no mpo betumi asua biribi afi mu. Bio nso, ɛbɛma woanya ahoɔden a wubetumi de agyina ɛyaw a worefa mu anaa awerɛhow a woredi no ano. Ma yɛnhwɛ nneɛma bi a wubetumi ayɛ de ahyɛ wo gyidi den.

NEA WOYƐ A ƐBƐMA WO GYIDI AKƆ SO AYƐ DEN

9. Nneɛma bɛn na woyɛ a, ɛbɛma wo gyidi akɔ so ayɛ den? (Adaka a yɛato din, “ Sɛ Obi a Wodɔ No Agyae Yehowa som a, Kyerɛwnsɛm a Ebetumi Akyekye Wo werɛ” no, hwɛ ɛno nso.)

9 Yɛ nhyehyɛe pa a wode bɛsom Yehowa na di akyi. Ɛho hia paa sɛ wokɔ so hyɛ wo gyidi den na woboa abusua no mufo aka no nso. Wobɛyɛ no sɛn? Sɛ woyɛ nhyehyɛe de kenkan Bible daa dwinnwen ho na wokɔ adesua daa a, ɛbɛma wo gyidi akɔ so ayɛ den. Momma yɛnhwɛ Joanna. Ne papa ne ne nuabea nyinaa fii nokware no mu. Ɔka sɛ: “Sɛ mekenkan nnipa bi te sɛ Abigail, Ester, Hiob, Yosef, ne Yesu a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no a, ɛmma adwinnwen nhyɛ me so. Sɛ midwinnwen wɔn nhwɛso no ho a, ɛma minya nea merefa mu no ho adwempa, na ɛkyekye me werɛ. Nnwom a enni yɛn nnwom nhoma no mu nso, emu nsɛm no hyɛ me nkuran paa.”

10. Sɛ yɛkɔ ahohia mu a, asɛm a ɛwɔ Dwom 32:6-8 no betumi aboa yɛn sɛn?

10 Ka wo haw nyinaa kyerɛɛ Yehowa. Sɛ wokɔ ahohia mu a, nnyae mpaebɔ da. Srɛ yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no sɛ, sɛnea ohu ɔhaw a worefa mu no, ɔmmoa wo na wo nso hu no saa ara. Afei srɛ no sɛ ‘ɔmma wunnya nhumu na ɔnkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so.’ (Kenkan Dwom 32:6-8.) Ɛwom, ebia sɛnea wote nka paa no, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ Yehowa. Nanso yaw a worefa mu no, Yehowa nim ne nyinaa. Ɔdɔ wo paa, na ɔpɛ sɛ woka wo komam asɛm kyerɛ no.—Ex. 34:6; Dw. 62:7, 8.

11. Sɛnea Hebrifo 12:11 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Yehowa nteɛso tom? (Adaka a yɛato din, “ Tu a Wotu Obi—Ɛyɛ Yehowa Nteɛso a Mfaso Wɔ So” no, hwɛ ɛno nso.)

11 Gyinae a mpanyimfo no asi no, gye tom. Tu a wotu obi no ka Yehowa nhyehyɛe ho. Sɛ Yehowa teɛ ɔbɔnefo no so a, ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛboa no; ɛboa yɛn nyinaa. (Kenkan Hebrifo 12:11.) Ebia ebinom a wɔwɔ asafo no mu benwiinwii sɛ, mpanyimfo no anni asɛm no yiye. Nanso kae sɛ mpɛn pii no, wɔn a ɛkeka saa no, nneɛma bɔne a ɔbɔnefo no yɛe de, ɛyɛ a wɔnka ho asɛm. Nea ɛwom ara ne sɛ, yennim asɛm no nyinaa ani so. Ɛno nti, nyansa wom sɛ yebegye atom sɛ mpanyimfo a wodii asɛm no yɛɛ nea wobetumi biara de Kyerɛwnsɛm no mu nnyinasosɛm yɛɛ adwuma, na wobuu atɛn ‘maa Yehowa.’—2 Be. 19:6.

12. Bere a ebinom gyee Yehowa nteɛso toom no, ɛboaa wɔn sɛn?

12 Sɛ mpanyimfo no si gyinae tu obi a wodɔ no na wugye tom a, ebetumi aboa no ma wasan aba Yehowa nkyɛn. Elizabeth a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Bere a wotuu yɛn babarima no, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛne no remmɔ ketekete mpo. Ná ɛnna fam koraa. Nanso ɔsan baa Yehowa nkyɛn no, ɔkaa sɛ edi sɛ wotuu no. Akyiri yi, ɔno ara kaa sɛ nea ɛtoo no no, wasua biribi afi mu. Mabehu paa sɛ, Yehowa nteɛso so wɔ mfaso.” Ne kunu Mark nso ka to so sɛ: “Akyiri yi koraa no, yɛn ba no ka kyerɛɛ me sɛ bɔ a yɛne no ammɔ ketekete koraa no ka ho bi nti na ɔsan baa Yehowa nkyɛn. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ Yehowa boaa yɛn ma yetiee no.”

13. Sɛ woredi yaw a, dɛn na ebetumi akyekye wo werɛ?

13 Kae sɛ awerɛkyekye wɔ hɔ yi, yɛfa no nnipa ho. Enti ka wo haw no kyerɛ wo nnamfo. Kristofo a wɔn ho akokwaw a wobetumi ahyɛ wo den ma woagyina ɔhaw a worefa mu no ano no, wo ne wɔn mmɔ. (Mmeb. 12:25; 17:17) Joanna a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ná mete nka sɛ mayɛ ankonam. Nanso bere a mekaa ɛyaw a meredi no ho asɛm kyerɛɛ me nnamfo a me ne wɔn ka tirimsɛm no, ɛkyekyee me werɛ.” Na sɛ ɛkɔba sɛ asafo no mufo binom keka nsɛm ma yaw a woredi no yɛ kɛse nso ɛ?

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so nya yɛn ho abotare na obiara de ne yɔnko bɔne kyɛ no korakora.’

14 Nya wo nuanom ho abotare. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obiara bɛka asɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ yɛn. (Yak. 3:2) Yɛn nyinaa, bɔne wɔ yɛn ho, enti sɛ ebinom nhu nea wɔnka mfa nkyekye wo werɛ anaa wɔanhyɛ da na wɔka biribi ma ɛhaw wo a, mma ɛnyɛ wo nwonwa. Kae ɔsomafo Paul afotu yi: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a, ɔnkɔ so nnya ne ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.” (Kol. 3:13) Onuawa bi a wotuu ne busuani kyerɛ mu sɛ: “Anuanom a na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ me nkuran nanso ewiee ase no, wɔkaa biribi ma ɛhaw me no, Yehowa aboa me ma mede akyɛ wɔn.” Dɛn na asafo no betumi ayɛ de aboa abusuafo a wɔda so som Yehowa no?

ASAFO NO BETUMI ABOA

15. Sɛ wotuu obi nkyɛe a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa abusua no mufo a aka no?

15 Abusuafo a wɔda so som Yehowa no, nyi wɔn baako nhyɛ wɔn nsa. Onuawa bi a ne din de Miriam ka sɛ, bere a wotuu ne nuabarima no, na ne yam hyehye no sɛ ɔbɛkɔ adesua. Ɔkaa sɛ: “Ná minnim nea nkurɔfo bɛka. Nanso anuanom bebree nso dii nea asi no ho awerɛhow na wɔankasa antia me nuabarima no. Wɔma mihui sɛ, me sũ yɛ wɔn sũ, na me haw yɛ wɔn haw.” Onuawa foforo nso kaa sɛ: “Bere a wotuu yɛn babarima no, anuanom a wɔdɔ yɛn bɛkyekyee yɛn werɛ. Ebinom kaa sɛ, na wonhu nea wɔnka. Wɔn mu bi ne me sui, na ebinom nso kyerɛw krataa bɛhyɛɛ me nkuran. Nea wɔyɛe no boaa me paa!

16. Ɔkwan bɛn so na asafo no betumi akɔ so aboa abusua bi a wɔn busuani bi agyae Yehowa som?

16 Abusuafo a wɔda so som Yehowa no, kɔ so ara boa wɔn. Saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ wohyɛ wɔn nkuran na woma wohu sɛ wodɔ wɔn. (Heb. 10:24, 25) Ɛtɔ da a, nea anuanom binom yɛ nti, ɛma wɔn a wɔatu wɔn busuani bi no te nka sɛ gyama wɔn nso wɔatu wɔn. Mommma yɛnnyɛ saa da! Mmofra a wɔn awofo afi asafo no mu no, wɔn paa na ehia sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran. Yɛnhwɛ Maria. Wotuu ne kunu, na ɔsan guan gyaw abusua no hɔ. Maria ka sɛ: “Me nnamfo bi mpo baa fie bɛnoaa aduan maa yɛn, na wɔboaa yɛn ma yɛyɛɛ abusua som. Nea na ato me no yɛɛ wɔn yaw, na wɔne me sui. Bere a na nkurɔfo redi me ho nseku no, wɔkaa bi maa me. Wɔhyɛɛ me nkuran paa!—Rom. 12:13, 15.

Asafo no mufo betumi aboa nea wɔatu no no abusuafo a wɔda so som Yehowa no (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17. Anuanom a wɔrefa ahohia mu no, dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyekye wɔn werɛ?

17 Asafo mu mpanyimfo, hokwan biara a mubenya no, momfa nhyɛ abusuafo a wɔda so resom Yehowa no den. Anuanom a wɔn busuani bi agyae Yehowa som no, mo na ɛyɛ mo asɛde paa sɛ mokyekye wɔn werɛ. (1 Tes. 5:14) Ansa na yebefi adesua ase no, mompɛ bere mfa nhyɛ wɔn nkuran, na yɛpɔn nso a, mommɔ mmɔden nyɛ saa ara. Monkɔsra wɔn, na mokɔ nso a, mo ne wɔn mmɔ mpae. Mo ne wɔn nkɔ asɛnka. Ɛtɔ da nso a, mubetumi ama wɔabɛka mo ho ma moayɛ abusua som. Yehowa nguan a wɔn ho aka aguaa mu no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma wohu sɛ wodwen wɔn ho, wɔdɔ wɔn, na wɔwɔ wɔn ho adagyew.—1 Tes. 2:7, 8.

ANIDASO WƆ HƆ, ENTI KƆ SO FA WO HO TO YEHOWA SO

18. Sɛnea 2 Petro 3:9 kyerɛ no, dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ abɔnefo yɛ?

18 Yehowa ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.’ (Kenkan 2 Petro 3:9.) Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru mpo a, ne nkwa da so ara som bo ma Onyankopɔn. Kae sɛ Yehowa tɔɔ yɛn aboɔden. Ɔde ne Dɔba no nkwa a ɛsom bo no na ɛtɔɔ yɛn mu biara, a wɔn a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru nso ka ho. Yehowa ayamhyehye nti, ɔde nhyehyɛe agu akwan mu a ɛbɛma abɔnefo asan aba ne nkyɛn. Sɛnea Yesu mfatoho a ɛfa ɔba desɛefo no ho ma yehu no, Yehowa ani da so sɛ wɔbɛyɛ wɔn adwene yiye asan aba ne nkyɛn. (Luka 15:11-32) Wɔn a wofii nokware no mu no, akyiri yi wɔn mu pii asan aba wɔn soro Agya a ɔdɔ wɔn no nkyɛn. Asafo no nso ayɛ wɔn awaawaa atuu. Elizabeth a yɛaka ne ho asɛm no ani gyei paa bere a wɔsan gyee ne ba no. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ paa sɛ anuanom hyɛɛ yɛn nkuran sɛ mma yɛmpa abaw na anidaso wɔ hɔ.”

19. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa so?

19 Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so bere nyinaa. N’afotu biara nni hɔ a yɛde yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛn ho akyere yɛn. Ɔyɛ Agya a ne yam ye na ɔwɔ ayamhyehye, na wɔn a wɔdɔ no no, onsi wɔn fam koraa. Nya awerɛhyem sɛ, sɛ wokɔ ahohia mu a, Yehowa rennan n’akyi nkyerɛ wo da. (Heb. 13:5, 6) Mark a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Yehowa annan n’akyi ankyerɛ yɛn da. Yɛn amanehunu nyinaa mu, ɔka yɛn ho.” Yehowa bɛkɔ so ara ama wo “tumi a ɛboro nnipa de so no.” (2 Kor. 4:7) Enti, sɛ obi a wodɔ no agyae Yehowa som mpo a, kɔ so ara som Yehowa, na nya anidaso sɛ obetumi asan aba.

DWOM 44 Mmɔborɔni Mpaebɔ

^ nky. 5 Sɛ obi a wodɔ no gyae Yehowa som a, anhwɛ a wo koma bɛtew! Adesua yi mu no, yebehu sɛnea Onyankopɔn te nka bere a asɛm a ɛte saa asi no. Ɛbɛma yɛahu nneɛma bi a abusuafo a aka no betumi ayɛ de agyina yaw no ano, ne nea wobetumi ayɛ de ahyɛ wɔn gyidi den. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea asafo no mufo nyinaa betumi ayɛ de akyekye abusuafo no werɛ, na wɔaboa wɔn.

^ nky. 1 Wɔasesa edin ahorow no bi wɔ asɛm yi mu.

^ nky. 79 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛ onua bi gyae Yehowa som na oguan gyaw n’abusua a, ne yere ne ne mma hu amane.

^ nky. 81 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu mpanyimfo mmienu akɔsra abusua bi rekɔhyɛ wɔn nkuran.