Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 37

“Mɛwosow Aman Nyinaa”

“Mɛwosow Aman Nyinaa”

“Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo bɛba.”—HAG. 2:7.

DWOM 24 Bra Yehowa Bepɔw So

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn na odiyifo Hagai hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛwosow no yɛn bere yi so?

“PRƐKO pɛ, na sotɔɔ adan ne adan dedaw redwiriw gu fam te sɛ abo a wɔrehwie fi kar mu.” “Ná obiara ani so atan no . . . Nnipa bebree kaa sɛ edii bɛyɛ simma mmienu pɛ. Nanso, me de, ɛyɛɛ me sɛ ɛkyɛe paa.” Asaasewosow a esii wɔ Nepal afe 2015 mu no, wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no, wɔn mu bi anom asɛm ne no. Sɛ wofa biribi a ɛyɛ hu saa mu a, wo werɛ remfi da.

2 Nanso yɛrekasa yi, ɔwosow foforo bi rekɔ so; ɛnyɛ kurow baako anaa ɔman baako pɛ na ɛrewosow. Mmom aman nyinaa na ɛrewosow, na akɔ so mfe pii. Odiyifo Hagai hyɛɛ saa ɔwosow yi ho nkɔm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛrenkyɛ koraa, mɛwosow ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne asaase a ɛso awo.’”—Hag. 2:6.

3. Ɔkwan bɛn so na saa ɔwosow yi nte sɛ asaasewosow ankasa?

3 Ɔwosow a Hagai kaa ho asɛm no nte sɛ asaasewosow ankasa, efisɛ asaasewosow de, ɛsɛe ade; ɛmfa biribi papa biara mma. Nanso nea Hagai kaa ho asɛm no de, ɛde adepa ba. Yehowa ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo bɛba; na mede anuonyam bɛhyɛ ofi yi ma.” (Hag. 2:7) Wɔn a na wɔwɔ Hagai bere so no, saa nkɔmhyɛ yi boaa wɔn sɛn? Ɛnnɛ nso, ɛfa yɛn ho sɛn? Yebenya saa nsɛmmisa no ho mmuae. Afei nso, adwuma a ɛrewosow aman nyinaa nnɛ no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn nso yebetumi ayɛ bi.

NKURANHYƐSƐM BI A WƆN A NA WƆWƆ HAGAI BERE SO NO NYAE

4. Adɛn nti na Yehowa somaa odiyifo Hagai kɔɔ ne nkurɔfo nkyɛn?

4 Yehowa de adwuma bi a ɛho hia hyɛɛ odiyifo Hagai nsa. Momma yɛnhwɛ nea ɛmaa Yehowa de saa adwuma no hyɛɛ ne nsa. Yudafo a wofi Babilon nkoasom mu baa Yerusalem afe 537 A.Y.B. no, ɛbɛyɛ sɛ na Hagai ka ho. Bere a Yehowa asomfo anokwafo yi beduu Yerusalem no, ankyɛ na wɔtoo Yehowa fie anaa asɔrefie no fapem. (Esra 3:8, 10) Nanso ɛno akyi bere tiaa bi no, awerɛhosɛm bi sii. Esiane sɛ atamfo sɔre tiaa wɔn nti, wɔn aba mu bui, na wogyaee adwuma a na wɔreyɛ no. (Esra 4:4; Hag. 1:1, 2) Ɛno nti, afe 520 A.Y.B. no, Yehowa ka kyerɛɛ Hagai sɛ ɔnkɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔnsɔre waka nsi asɔrefie no nwie. *Esra 6:14, 15.

5. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Hagai asɛm no hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo no nkuran?

5 Asɛm a Hagai kɔka kyerɛɛ Yudafo no, na ne botae ne sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔanya Yehowa mu gyidi. Yudafo a na wɔn aba mu abu no, odiyifo no de akokoduru ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “‘Asaase no sofo nyinaa nso, monhyɛ mo ho den,’ Yehowa asɛm ni, ‘na monyɛ adwuma. Efisɛ meka mo ho,’ asafo Yehowa asɛm ni.” (Hag. 2:4) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm “asafo Yehowa” a wɔtee no hyɛɛ wɔn nkuran paa. Yehowa wɔ abɔfo asafodɔm kɛse a ɔde wɔn yɛ adwuma. Ɛno nti, sɛ Yudafo no de wɔn ho to ne so a, na wobetumi awie adwuma no.

6. Ɔwosow a Hagai hyɛɛ ho nkɔm no, dɛn na na ebefi mu aba?

6 Yehowa maa Hagai kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ɔbɛwosow aman nyinaa. Yudafo a na wɔresi asɔrefie no a na wɔn aba mu abu no, nea Hagai kae no hyɛɛ wɔn nkuran. Ɛma wohui sɛ, Yehowa bɛwosow Persia Ahemman a na ɛwɔ tumi paa wɔ wiase saa bere no. Ná dɛn na ebefi ɔwosow no mu aba? Nea edi kan, na ɛbɛma Onyankopɔn nkurɔfo asi asɔrefie no awie. Ɛno akyi no, na wɔn a wɔnyɛ Yudafo mpo bɛba abɛka Yudafo no ho ama wɔasom Yehowa wɔ asɔrefie a na wɔasan asi no foforo no mu. Ná awerɛkyekyesɛm yi bɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no nkuran paa!—Sak. 8:9.

ADWUMA BI A ƐREWOSOW AMAN NYINAA WƆ YƐN BERE YI SO

Ɔwosow adwuma a ɛrekɔ so nnɛ no, woreyɛ nea wubetumi biara ayɛ bi anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 7-8) *

7. Adwuma bɛn na ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so a yɛn nyinaa betumi aboa? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Hagai nkɔmhyɛ no fa yɛn ho sɛn nnɛ? Yehowa asan akeka ne ho bio; ɔrewosow aman nyinaa, na saa bere yi de, yɛn nyinaa betumi ayɛ bi. Susuw nokwasɛm yi ho hwɛ: Wɔ afe 1914 no, Yehowa de Yesu Kristo sii agua so sɛ ne soro Ahenni no so Hene. (Dw. 2:6) Bere a Ahenni no fii ase dii tumi no, anyɛ wiase atumfo dɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na “mmere a wɔde ama amanaman no” asa, anaa aba awiei. Mmere a wɔde ama amanaman no, na ɛyɛ bere a amanaman no ahemfo nko ara na edi ade; ná Yehowa de nnim. (Luka 21:24) Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo nim sɛ mmere a wɔde ama amanaman no aba awiei nti, efi afe 1919 no, wɔayere wɔn ho paa rema obiara ahu sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara ne adasamma anidaso. “Ahenni no ho asɛmpa” a yɛreka yi awosow wiase no nyinaa.—Mat. 24:14.

8. Sɛnea Dwom 2:1-3 kyerɛ no, asɛmpa a yɛka no, sɛn na nnipa dodow no ara yɛ wɔn ade wɔ ho?

8 Sɛn na nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ asɛmpa a yɛka no ho? Nnipa dodow no ara ntie. (Kenkan Dwom 2:1-3.) Amanaman no bo afuw. Wɔmpɛ Yehowa Hene a wapaw no no. Ahenni no ho asɛm a yɛka no, wommu no sɛ “asɛmpa.” Aman bi mpo so no, aban no abara asɛnka adwuma no! Ɛwom sɛ atumfo a ɛwɔ saa aman yi mu bebree ka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmpɛ sɛ wogyae adedi no. Sɛnea atumfo a ɛwɔ Yesu bere so yɛe no, ɛnnɛ nso, atumfo a ɛwɔ hɔ no tan Yesu akyidifo anokwafo ani de kyerɛ sɛ wɔmpɛ Nea Yehowa Asra No no.—Aso. 4:25-28.

9. Asɛmpa no a amanaman no ntie no, dɛn na Yehowa yɛ wɔ ho?

9 Asɛmpa no a amanaman no ntie no, dɛn na Yehowa yɛ wɔ ho? Dwom 2:10-12 ka sɛ: “Afei ahemfo, munhu nyansa; asaase so atemmufo, momma wɔnteɛteɛ mo. Momfa osuro nsom Yehowa, na momfa ahopopo nni ahurusi wɔ ne mu. Monhyɛ ɔba no anuonyam na Onyankopɔn bo amfuw, na moansɛe wɔ ɔkwan no mu, efisɛ n’abufuw tumi dɛw ntɛm. Anigye ne wɔn a wɔde no yɛ wɔn guankɔbea nyinaa.” Yehowa ayamye nti, wama wɔn bere sɛ wɔnkyerɛ nea wɔbɛyɛ. Wobetumi asesa wɔn adwene, na wɔama Yehowa Ahenni no adi wɔn so. Nanso, bere a aka no sua, efisɛ yɛte wiase yi “awiei mmere” mu. (2 Tim. 3:1; Yes. 61:2) Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ nnipa hwehwɛ nokware no na wosi gyinae pa.

NNEƐMA PA A AFI ƆWOSOW NO MU ABA

10. Ɔwosow adwuma a Hagai 2:7-9 kaa ho asɛm no, nneɛma pa bɛn na afi mu aba?

10 Ɔwosow a Hagai hyɛɛ ho nkɔm no, nneɛma pa afi mu aba. Ɔkyerɛ mu sɛ, ɔwosow adwuma no nti, “aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo [nnipa a ɛwɔ koma pa] bɛba” abɛsom Yehowa. * (Kenkan Hagai 2:7-9.) Yesaia ne Mika nyinaa hyɛɛ nkɔm sɛ biribi a ɛte saa bɛkɔ so wɔ “awiei mmere” no mu.—Yes. 2:2-4, ase hɔ asɛm; Mika 4:1, 2, ase hɔ asɛm.

11. Bere a edi kan a onua bi tee Ahenni no ho asɛm no, dɛn na ɔyɛe?

11 Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Ken a ɔsom wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti no. Bere a edi kan a ɔtee Ahenni ho asɛmpa no, yɛnhwɛ sɛnea ɛwosow no. Bɛyɛ mfe 40 ni na ɔtee Ahenni ho asɛmpa no, nanso ɔda so kae paa. Ken ka sɛ: “Bere a edi kan a metee nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no, m’ani gyei paa sɛ mihui sɛ yɛte wiase yi awiei mmere mu. Mihui sɛ, sɛ Onyankopɔn begye me atom na manya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ metwe me ho fi wiase a ɛredenkyedenkye yi ho, na migyina Yehowa afa pintinn. Mebɔɔ asɛm no ho mpae, na misii gyinae ntɛm ara. Metwee me ho fii wiase no ho kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, efisɛ saa Ahenni no de, ɛrenhinhim da.”

12. Awiei mmere yi mu no, sɛn na anuonyam ahyɛ Onyankopɔn honhom fam asɔrefie no ma?

12 Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa rehyira ne nkurɔfo. Awiei mmere yi mu no, nnipa a wɔresom Yehowa no, dɔ ara na wɔredɔɔso. Afe 1914 no, na yɛn dodow yɛ mpem nnum ne kakra. Seesei, nnipa bɛboro ɔpepem nwɔtwe na wɔde nsi resom Onyankopɔn, na afe biara edu Nkaedi no so a, nnipa ɔpepem pii bɛka yɛn ho. Saa kwan yi so no, Yehowa honhom fam asɔrefie no fã a ɛwɔ asaase so no, “aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo” no abɛhyɛ mu ma. Yehowa honhom fam asɔrefie no gyina hɔ ma nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ma yɛde som no nokwarem no. Aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo a wɔne nnipa a wɔwɔ koma pa a wɔabɛsom Yehowa no, sɛ wɔsesa wɔn suban hyɛ suban foforo no a, ɛno nso hyɛ Yehowa din anuonyam.—Efe. 4:22-24.

Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa de anigye redi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Sɛnea nnipa pii rebɛsom Yehowa no, nkɔmhyɛ afoforo bɛn na ama aba mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

13 Sɛnea nnipa pii rebɛsom Yehowa no ama nkɔmhyɛ afoforo te sɛ nea ɛwɔ Yesaia ti 60 no aba mu. Yesaia 60:22 ka sɛ: “Nea ɔyɛ ketewa no bɛdan apem, na nea osua adan ɔman a ɛyɛ den. Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.” Esiane sɛ nnipa pii resen yuu aba nokware som mu nti, ɛde biribi pa aba. “Aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo” yi de nimdeɛ ne ɔdom akyɛde pii aba, na woyi wɔn yam nso ka “Ahenni no ho asɛmpa” no bi. Enti sɛnea Yesaia kae no, Yehowa nkurɔfo renom “amanaman nufusu.” (Yes. 60:5, 16) Saa anuanom a wɔsom bo yi reboa asɛnka adwuma a yɛreyɛ no wɔ aman 240 so no, na wɔboa nso ma yɛyɛ nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu.

SAA BERE YI NA ƐSƐ SƐ NKURƆFO SI GYINAE

14. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ nkurɔfo si no anim-anim yi ara?

14 Awiei mmere yi mu no, wosow a wɔrewosow aman no repiapia nkurɔfo ma wɔasi gyinae. Wɔbɛtaa Onyankopɔn Ahenni akyi, anaa wɔde wɔn werɛ bɛhyɛ wiase aban mu? Wei yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si. Ɛwom, ɔman biara a Yehowa nkurɔfo wɔ so no, wodi aban a ɛwɔ hɔ no mmara so. Nanso wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. (Rom. 13:1-7) Wonim sɛ Ahenni no nko ara ne Adasamma haw nyinaa ano aduru. Saa Ahenni no mfi wiase.—Yoh. 18:36, 37.

15. Yɛn nokwaredi ho sɔhwɛ kɛse bɛn na Adiyisɛm nhoma no ka ho asɛm?

15 Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ, awiei mmere no mu no, wɔbɛsɔ Onyankopɔn nkurɔfo nokwaredi ahwɛ. Sɔhwɛ a yebehyia no bɛma yɛn ho ahyehye yɛn paa. Aban ahorow a ɛwɔ wiase bɛpɛ sɛ yɛtaa wɔn akyi, na obiara a wantaa wɔn akyi no, wɔne no bedi no nwenweenwene. (Adi. 13:12, 15) ‘Wɔbɛhyɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse, asikafo ne ahiafo, wɔn a wɔade wɔn ho ne nkoa, sɛ wɔmma wɔn ahyɛnsode wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so.’ (Adi. 13:16) Tete mmere mu no, sɛ obi wɔ akoa a, na otwa no akam de hyɛ no nsow sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ ɔyɛ n’akoa. Saa ara na yɛn bere yi so nso, aban ahorow bɛpɛ sɛ wɔma obiara sɛnkyerɛnne kwan so ahyɛnsode wɔ ne nsa ho anaa ne moma so. Wɔn a wobegye ahyɛnsode no nsusuwii ne wɔn nneyɛe bɛkyerɛ sɛ wɔtaa wiase aban akyi.

16. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho di Yehowa nokware nnɛ?

16 Yebegye sɛnkyerɛnne kwan so ahyɛnsode no, na yɛataa wiase aban akyi anaa? Wɔn a wɔrennye ahyɛnsode no behyia nsɛnnennen ne asiane. Adiyisɛm nhoma no ka sɛ: “Obiara rentumi ntɔ anaa ɔntɔn gye nea ɔwɔ ahyɛnsode no.” (Adi. 13:17) Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo nim nea Onyankopɔn de bɛyɛ wɔn a wobegye ahyɛnsode no bi no. (Adi. 14:9, 10) Wɔrennye ahyɛnsode no bi, na mmom yɛbɛka a, wɔbɛkyerɛw agu wɔn nsa ho sɛ, “Meyɛ Yehowa dea.” (Yes. 44:5) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛbata Yehowa ho denneennen. Sɛ asɛm biara nni yɛn nokwaredi ho a, Yehowa ani begye sɛ ɔbɛka sɛ yɛyɛ ne dea!

ƆWOSOW A ETWA TO

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ Yehowa abotare ho?

17 Yehowa anya abotare paa wɔ awiei mmere yi mu. Ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe. (2 Pet. 3:9) Wama obiara anya hokwan a ɔde bɛsakra na wasi gyinae pa. Nanso edu baabi a, ɔrennya nnipa ho abotare bio. Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi no, nea ɛtoo Farao wɔ Mose bere so no bi bɛto no. Yehowa ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Sɛ mepɛ a, anka ebesi saa bere yi mateɛ me nsa de owuyare abɔ wo ne wo manfo, na mayi wo afi asaase so. Nanso nea enti a mama woda so te ase ni: mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo, na mema nkurɔfo bɔ me din asaase nyinaa so.” (Ex. 9:15, 16) Awiei koraa no, aman nyinaa behu sɛ Yehowa nkutoo ne nokware Nyankopɔn no. (Hes. 38:23) Dɛn na ɛbɛma wɔahu saa?

18. (a) Ɔwosow foforo bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Hagai 2:6, 20-22? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛm a Hagai kae no bɛsan aba mu daakye?

18 Hagai wu akyi mfe bebree no, honhom kaa ɔsomafo Paul ma ɔkyerɛw biribi a ɛma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Hagai 2:6, 20-22 no bɛsan aba mu daakye. (Kenkan.) Paul kyerɛwee sɛ: “Seesei de wahyɛ bɔ sɛ: ‘Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛnyɛ asaase nko ara na mɛwosow, na mmom mɛwosow ɔsoro nso.’ Na sɛ ɔka sɛ, ‘ɛbɛsan aba bio’ a, ɛkyerɛ sɛ wobeyi nneɛma a wɔwosow no afi hɔ, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔayɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a wɔnwosow no bɛtena hɔ.” (Heb. 12:26, 27) Saa ɔwosow yi nte sɛ ɔwosow a wɔaka ho asɛm wɔ Hagai 2:7 no. Wei de, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔn a wɔn suban te sɛ Farao a wɔmpɛ sɛ wogye Yehowa tumidi tom no, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ.

19. Dɛn na ɛrenwosow, na yɛyɛ dɛn hu saa?

19 Dɛn na ɛrenwosow, anaasɛ wɔrenyi mfi hɔ? Paul toaa so sɛ: “Esiane sɛ yenim sɛ yebenya Ahenni a wontumi nwosow nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛnam so som Onyankopɔn sɛnea ɔpɛ no, wɔ onyamesuro ne ahopopo mu.” (Heb. 12:28) Sɛ ɔwosow a etwa to no ba awiei a, Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ɛbɛka. Ɛno nko ara na ebegyina pintinn!—Dw. 110:5, 6; Dan. 2:44.

20. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ nkurɔfo si, na dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

20 Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yedi agorɔ! Ɛsɛ sɛ nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔbɛtaa wiase yi akyi, na ɛde wɔn akɔ ɔsɛe mu, anaasɛ wɔbɛsesa wɔn suban ayɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔanya daa nkwa. (Heb. 12:25) Yɛnam yɛn asɛnka adwuma no so betumi aboa nkurɔfo ma wɔakyerɛ baabi a wogyina wɔ asɛm a ɛho hia yi mu. Momma yɛmmoa nnipa pii ma wɔmmɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi, na yɛnkae asɛm a yɛn Awurade Yesu kae no. Ɔkaa sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat. 24:14.

DWOM 40 Hena na Wosom No?

^ nky. 5 Ntease foforo a yɛanya wɔ Hagai 2:7 mu no, adesua yi bɛma yɛahu. Afei nso, adwuma a ɛrewosow aman nyinaa no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn nso yebetumi ayɛ bi. Bio nso, asɛnka adwuma a ɛwosow aman nyinaa yi, yebehu sɛ ebinom tie gu aso pa mu, na ebinom nso mpɛ sɛ ebetwa wɔn asom koraa.

^ nky. 4 Yenim sɛ adwuma a Hagai kɔyɛe no kɔɔ yiye efisɛ wosii asɔrefie no wiei wɔ afe 515 A.Y.B.

^ nky. 10 Wei yɛ ntease foforo a yɛanya. Bere bi abɛsen kɔ no, yɛkaa sɛ aman nyinaa a wɔwosow wɔn no, ɛnyɛ ɛno na ɛma nnipa a wɔwɔ koma pa bɛsom Yehowa. Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa May 15, 2006, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Hagai hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔnkeka wɔn ho na wɔnsan nsi asɔrefie no. Onyankopɔn nkurɔfo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso de nsi ne ahokeka reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa. Ɔwosow a etwa to a ɛbɛba no, awarefo bi reka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ fon so..