Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 38

Ma Ɔdɔ a Wowɔ Ma Yehowa Ne Wo Nuanom Kristofo No Mu Nyɛ Den

Ma Ɔdɔ a Wowɔ Ma Yehowa Ne Wo Nuanom Kristofo No Mu Nyɛ Den

“Merekɔ m’Agya ne mo Agya . . . nkyɛn.”—YOH. 20:17.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛn na yebetumi afrɛ Yehowa?

YEHOWA wɔ abusua. Yesu a ɔyɛ “abɔde nyinaa mu abakan” ne abɔfo ɔpepem pii no nyinaa ka n’abusua no ho. (Kol. 1:15; Dw. 103:20) Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔkaa sɛ nnipa anokwafo betumi afrɛ Yehowa sɛ wɔn Agya. Bere a Yesu ne n’asuafo no rekasa no, ɔkaa sɛ Yehowa yɛ “m’Agya ne mo Agya.” (Yoh. 20:17) Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa na yɛbɔ asu a, na yɛabɛtɔ abusua bi a emufo dodɔ wɔn ho mu.—Mar. 10:29, 30.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Ebinom wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobehu Yehowa sɛ wɔn Agya a ɔdɔ wɔn. Ebinom nso nnim nea wɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn nuanom. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yesu nhwɛso boa yɛn ma yehu sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, na ɔyɛ obi a yebetumi abɛn no. Afei nso, yɛbɛhwɛ akwan a yebetumi afa so asuasua Yehowa na yɛadɔ yɛn nuanom.

YEHOWA PƐ SƐ WOBƐN NO

3. Mpae a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no, sɛn na emu nsɛm no ma yɛbɛn Yehowa?

3 Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma. Sɛnea Yesu hu Yehowa no, saa ara na ɔpɛ sɛ yɛn nso yehu no. Ɔpɛ sɛ yehu no sɛ ɔwofo bi a ne yam ye a n’anim kɔ nyɛ den, na ɛnyɛ sɛ obi a ne tirim yɛ den a ɔyɛ ne mma kai-kai. Nea Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ ho mpae no ma yehu sɛ wei yɛ nokware. Ofii mpae no ase sɛ: “Yɛn Agya.” (Mat. 6:9) Anka Yesu betumi aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmfrɛ Yehowa sɛ, “ade nyinaa so Tumfo,” ‘Ɔbɔadeɛ,’ anaa “mmeresanten Hene,” efisɛ ne nyinaa yɛ abodin a ɛfata a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (Gen. 49:25; Yes. 40:28; 1 Tim. 1:17) Nanso Yesu kaa sɛ yɛmfrɛ no “Agya.”

4. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛbɛn no?

4 Ɛyɛ den ma wo sɛ wubehu Yehowa sɛ Agya a ɔdɔ yɛn anaa? Saa na yɛn mu bi te nka. Sɛ wo papa anaa obi a ɔtetee wo ne wo anni no yiye a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubehu Yehowa sɛ Agya a ɔdɔ ne mma. Nanso sɛ yehu sɛ Yehowa te nea yɛrefa mu no nyinaa ase a, ɛkyekye yɛn werɛ paa. Ɔpɛ sɛ ɔbɛn yɛn. Ɛno nti, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8) Yehowa dɔ yɛn, na ɔma yehu sɛ ɔyɛ Agya a ne so bi nni.

5. Sɛnea Luka 10:22 kyerɛ no, sɛn na Yesu betumi aboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa?

5 Yesu betumi aboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa. Yesu nim Yehowa yiye, na osuasua ne suban pɛpɛɛpɛ. Enti ɔkaa sɛ: “Obiara a wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:9) Yesu te sɛ yɛn nua panyin, enti ɔkyerɛ yɛn sɛnea yebenya obu ama yɛn Agya na yɛatie n’asɛm. Afei nso, ɔkyerɛ yɛn nea yɛn Agya ani nnye ho, ne nea yɛyɛ a, ɛbɛma wagye yɛn atom. Nanso nea ɛkɔɔ so wɔ Yesu asetenam wɔ asaase so no, ɛno paa na ɛma yehu sɛ Yehowa yam ye na ɔwɔ ɔdɔ. (Kenkan Luka 10:22.) Momma yensusuw emu bi ho.

Esiane sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ nti, ɔsomaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ ne Ba no den (Hwɛ nkyekyɛm 6) *

6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa tiee Yesu? Ma ɛho nhwɛso.

6 Yehowa tie ne mma. Ma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa tiee n’Abakan no. Yesu wɔ asaase so no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii, na akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa tiee no. (Luka 5:16) Sɛ Yesu rebesi gyinae bi a ɛho hia a, na ɔbɔ mpae, na na Yehowa tie. Ɛho nhwɛso ne bere a na ɔrebɛpaw n’asomafo 12 no. (Luka 6:12, 13) Bere a Yesu kɔɔ ahohia mu a ɔbɔɔ mpae no nso, Yehowa tiei. Aka kakra ma Yuda ayi Yesu ama no, Yesu bɔɔ mpae denneennen de amanehunu a na ɔrebehyia no ho asɛm too n’Agya anim. Yehowa tiee no, na ɔsomaa ɔbɔfo kɔhyɛɛ ne Dɔba no den.—Luka 22:41-44.

7. Sɛnea Yehowa tie yɛn mpaebɔ no, ɛma wote nka sɛn?

7 Ɛnnɛ nso, Yehowa kɔ so ara tie n’asomfo mpaebɔ na obua wɔn mpaebɔ no wɔ bere a ɛsɛ mu. Afei nso, ɔhwɛ nea ɛbɛboa wɔn paa na wayɛ ama wɔn. (Dw. 116:1, 2) Yɛnhwɛ sɛnea onuawa bi a ɔwɔ India hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ná adwinnwen ahyɛ no so paa, na ofi ne koma nyinaa mu kaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa. Ɔka sɛ: “May 2019 JW Broadcasting® dwumadi a na ɛka sɛnea yebegyina dadwen ano no, ɛno ara na na mihia. Ná ɛyɛ me mpaebɔ no ho mmuae.”

8. Akwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ ɔdɔ Yesu?

8 Sɛnea Yehowa dɔɔ Yesu na ɔhwɛɛ no bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, saa ara na ɔdɔ yɛn na ɔhwɛ yɛn. (Yoh. 5:20) Ɔde nea Yesu hia wɔ honhom fam ne honam fam nyinaa maa no, na ɔhyɛɛ no nkuran nso ma otumi gyinaa sɔhwɛ biara a ohyiae ano. Afei nso, Yehowa ka kyerɛɛ ne ba no sɛ ɔdɔ no, na wagye no atom. (Mat. 3:16, 17) Esiane sɛ na Yesu nim sɛ n’Agya a ɔwɔ soro no dɔ no na ɔtaa n’akyi nti, wante nka sɛ wayɛ ankonam da.—Yoh. 8:16.

9. Dɛn na edi adanse sɛ Yehowa dɔ yɛn?

9 Sɛnea na Yehowa dɔ Yesu no, yɛn nyinaa nso wɔ adanse bebree a ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn. Wo de, susuw wei ho hwɛ: Yehowa atwe yɛn aba ne nkyɛn, na wama yɛanya anuanom bebree a wɔdɔ yɛn na wɔma yɛn ani gye. Na sɛ yɛrefa ateetee mu nso a, ɔkyekye yɛn werɛ. (Yoh. 6:44) Afei nso, daa Yehowa ma yɛn honhom fam aduan a ɛhyɛ yɛn gyidi den. Bio nso, ɔboa yɛn ma yɛn nsa ka nea yehia wɔ asetenam. (Mat. 6:31, 32) Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa dɔ yɛn no ho a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu yɛ den.

DƆ WO NUANOM KRISTOFO SƐNEA YEHOWA DƆ WƆN NO

10. Sɛnea Yehowa dɔ anuanom no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

10 Yehowa dɔ yɛn nuanom nyinaa. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Efisɛ ɛsono yɛn mu biara amammerɛ ne baabi a wɔtetee yɛn. Afei nso, mfomso wɔ yɛn nyinaa ho, enti yetumi yɛ ade ma ɛhyɛ afoforo abufuw. Ne nyinaa mu no, yebetumi aboa ma ɔdɔ ne baakoyɛ atena yɛne yɛn nuanom ntam. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ yebesuasua yɛn Agya Yehowa, na yɛadɔ yɛn nuanom. (Efe. 5:1, 2; 1 Yoh. 4:19) Nhwɛso a Yehowa ayɛ no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

11. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa “mmɔborɔhunu” no bi?

11 Yehowa ma yehu sɛ ɔwɔ “mmɔborɔhunu.” (Luka 1:78) Obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu no, sɛ ohu sɛ nkurɔfo rehu amane a, ɔhwɛ nea obetumi ayɛ de aboa wɔn na wakyekye wɔn werɛ. Yesu suasuaa Yehowa mmɔborɔhunu, enti ɔno nso huu nkurɔfo mmɔbɔ. (Yoh. 5:19) Bere bi Yesu huu nnipadɔm bi, na “wɔyɛɛ no mmɔbɔ efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” (Mat. 9:36) Ɛnyɛ sɛ Yesu tee nka maa wɔn kɛkɛ, na mmom ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn. Ɔsaa ayarefo yare, na ɔmaa wɔn a ‘wɔabrɛ na wɔde nnesoa asoa wɔn’ no ho dwoo wɔn.—Mat. 11:28-30; 14:14.

Hu anuanom mmɔbɔ na da ayamye adi kyerɛɛ wɔn fa suasua Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 12-14) *

12. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yehu yɛn nuanom mmɔbɔ?

12 Sɛ yebetumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ yehu yɛn nuanom mmɔbɔ a, ehia sɛ yehu nea wɔrefa mu. Yɛmfa no sɛ onuawa bi yare denneennen. Ɛwom sɛ ɔnka ho asɛm de, nanso obi boa no a, n’ani bɛsɔ paa. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ɔyɛ dɛn hwɛ n’abusua? Yebetumi akɔyɛ aduan ama no, na yɛasiesie fie hɔ ama no anaa? Ebia na onua bi nso adwuma afi ne nsa. Yebetumi akɔkyɛ no sika kakra na akurakura no akosi sɛ obenya adwuma foforo anaa? Ebi mpo a, yɛremma onhu sɛ yɛn na yɛde bɛkyɛɛ no.

13-14. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa ayamye?

13 Yehowa yam ye. (Mat. 5:45) Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn ma yɛn nuanom bisa yɛn biribi ansa na yɛaboa wɔn. Yebetumi asuasua Yehowa, na yɛn ara yɛafi yɛn pɛ mu aboa wɔn. Ɔma awia bɔ da biara; ɔntwɛn mma yemmisa no ansa! Ɛbɔ nso a, obiara nya so mfaso; ɛnyɛ wɔn a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no nko ara. Wunnye nni sɛ, sɛnea Yehowa ma yɛn nsa ka nea yehia no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn anaa? Yɛdɔ Yehowa paa efisɛ n’ayamye de, ɛso bi nni!

14 Yɛn nuanom bebree suasua yɛn Agya a ɔwɔ soro no, enti wofi wɔn pɛ mu da ayamye adi. Yɛnhwɛ nhwɛso bi. Afe 2013 no, ahum kɛse bi a wɔfrɛ no Super Typhoon Haiyan tui wɔ Philippines ma ɛsɛee ade paa. Anuanom bebree fie sɛee na wɔhweree wɔn nneɛma. Nanso wɔn nuanom a wɔwɔ wiase baabiara no antwentwɛn wɔn nan ase; wɔkɔboaa wɔn ntɛm ara. Wɔn mu bebree de sika kɔboae, na ebinom nso boa ma wosisii adan maa wɔn. Enti annu afe koraa na wɔyɛɛ adan bɛyɛ 750 ho adwuma wiei! Ebi wɔ hɔ a wosiesiei, ebi nso wɔ hɔ a wosii no foforo. COVID-19 nsanyare kodiawu no bae no, Adansefo no yeree wɔn ho boaa wɔn nuanom paa. Sɛ yɛn nuanom kɔ ahokyere mu na yɛboa wɔn ntɛm ara a, yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn.

15-16. Sɛnea Luka 6:36 kyerɛ no, ade titiriw bɛn na yebetumi ayɛ de asuasua yɛn Agya a ɔwɔ soro no?

15 Yehowa hu nnipa mmɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ. (Kenkan Luka 6:36.) Da biara yɛn Agya a ɔwɔ soro no hu yɛn mmɔbɔ. (Dw. 103:10-14) Ná Yesu akyidifo no tɔ sin nanso ohuu wɔn mmɔbɔ de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Ofi ne pɛ mu mpo de ne nkwa too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bɔnefakyɛ. (1 Yoh. 2:1, 2) Sɛnea Yehowa ne Yesu hu yɛn mmɔbɔ de yɛn bɔne kyɛ yɛn no, ɛma yetumi bɛn wɔn paa.

16 Sɛ ‘yeyi yɛn yam de yɛn nuanom bɔne kyɛ wɔn’ a, ɛma ɔdɔ a ɛwɔ yɛne wɔn ntam no mu yɛ den. (Efe. 4:32) Ɛwom, ɛtɔ da a ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛde afoforo bɔne bɛkyɛ wɔn, nanso ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho. Onuawa bi tee nka sɛ asɛm a yɛato din “Momfa Mfirifiri Mo Ho Korakora” a ɛbaa Ɔwɛn-Aban bi mu no boaa no ma ɔyɛɛ saa. * Ɔkaa sɛ: “Saa adesua asɛm no aboa me ama mahu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ mede bɔne bɛkyɛ. Ɛma mihui sɛ, sɛ wode afoforo bɔne kyɛ wɔn a, ɛnkyerɛ sɛ wopene wɔn bɔne no so anaa womfa asɛm no aniberesɛm. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ wubeyi abufuw biara afi wo mu na woanya w’asomdwoe.” Sɛ yeyi yɛn yam de yɛn nuanom bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn, na yesuasua yɛn Agya Yehowa.

MA W’ANI NNYE SƐ WOKA YEHOWA ABUSUA NO HO

Mmofra ne mpanyin nyinaa ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wodwen wɔn nuanom Kristofo ho (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17. Sɛnea Mateo 5:16 kyerɛ no, dɛn na yɛbɛyɛ de ahyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no anuonyam?

17 Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛwɔ anuanom a wɔdodɔ wɔn ho wɔ wiase baabiara. Yɛn koma so ade ne sɛ, nnipa pii bɛba abɛka yɛn ho ma yɛasom yɛn Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛsɛe Yehowa asomfo din anaa ɛbɛma nkurɔfo abɔ yɛn soro Agya no dimmɔne. Yɛyere yɛn ho bɔ bra pa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtwetwe nkurɔfo ma wɔatie asɛmpa no.—Kenkan Mateo 5:16.

18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde akokoduru adi adanse?

18 Esiane sɛ yetie yɛn Agya a ɔwɔ soro no nti, ɛtɔ da a nkurɔfo bu yɛn animtiaa anaasɛ wɔsɔre tia yɛn mpo. Na sɛ yesuro sɛ yɛbɛka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ Yehowa ne ne Ba no ayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn. Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ, ɛnsɛ sɛ wodwinnwen sɛnea wɔbɛkasa anaa nea wɔbɛka ho. Adɛn ntia? Yesu kaa sɛ: “Wɔde nea mobɛka bɛma mo amonom hɔ ara. Efisɛ ɛnyɛ mo ara na mobɛkasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so bɛkasa.”—Mat. 10:19, 20.

19. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea obi de akokoduru dii adanse?

19 Momma yɛnhwɛ Robert suahu no. Bere bi, wɔde no kɔɔ asogyafo asɛnnibea a ɛwɔ South Africa. Saa bere no, afei ara na na wafi ase resua Bible, enti na onni Bible mu nimdeɛ pii. Ɔde akokoduru kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔtemmufo no sɛ, esiane sɛ ɔdɔ ne nuanom Kristofo nti, ɔmpɛ sɛ ɔkɔ sraadi. Ná ɛyɛ no dɛ sɛ wabɛka Yehowa abusua no ho! N’ano sii ara pɛ na ɔtemmufo no bisaa no sɛ, “Henanom ne wo nuanom no?” Ná Robert nhwɛ kwan sɛ obebisa no saa asɛm no, nanso ɛhɔ ara na kyerɛwsɛm a yesusuw ho wɔ daa asɛm no mu saa da no baa n’adwenem. Ná ɛyɛ Mateo 12:50. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara a ɔyɛ nea m’Agya a ɔwɔ soro no pɛ no, ɔno na ɔyɛ me nuabarima ne me nuabea ne me maame.” Ɛwom sɛ afei ara na na Robert afi ase resua Bible, nanso saa asɛmmisa no ne nsɛmmisa foforo a na ɔnhwɛ kwan no, Yehowa honhom boaa no ma oyii ne nyinaa ano. Yebetumi aka sɛ Robert maa Yehowa koma tɔɔ ne yam paa! Yɛn nso, sɛ ɛto nea ɛyɛ den na yɛde yɛn ho to Yehowa so de akokoduru di adanse a, ɛma Yehowa koma tɔ ne yam.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ? (Yohane 17:11, 15)

20 Yehowa ahyira yɛn paa sɛ wama yɛabɛka n’abusua a ɔdɔ wom no ho. Enti momma yɛnkɔ so nkyerɛ sɛ ɛsom bo ma yɛn. Agya a yɛwɔ no de, ne sɛso nni baabiara, na saa ara nso na yɛwɔ anuanom a woyi wɔn yam dɔ yɛn. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase daa wɔ ho. Satan ne n’akyitaafo atirimɔdenfo no pɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛn soro Agya no nnɔ yɛn, na wɔpɛ sɛ wɔsɛe baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no nso. Nanso Yesu bɔɔ mpae maa yɛn, na ɔsrɛɛ Agya no sɛ ɔnhwɛ yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn abusua no mufo bɛkɔ so ayɛ baako. (Kenkan Yohane 17:11, 15.) Yehowa rebua saa mpaebɔ no. Sɛnea Yesu nyaa yɛn Agya a ɔwɔ soro no mu awerɛhyem no, momma yɛn nso yɛnkɔ so nnya ne mu awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn, na ɔbɛboa yɛn. Enti momma yɛmfa nsi yɛn ani so sɛ yɛbɛkɔ so abɛn Yehowa ne anuanom nyinaa.

DWOM 99 Anuanom Mpempem Bebree

^ nky. 5 Yɛwɔ hokwan soronko bi. Ɛne sɛ, yɛda abusua bi a emufo dodɔ wɔn ho mu. Sɛnea yɛdodɔ yɛn ho no, yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛhyɛ mu kena. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ yebesuasua sɛnea yɛn Agya Yehowa dɔ yɛn no, na yɛadi Yesu ne yɛn nuanom nhwɛso akyi.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yehowa somaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ Yesu den wɔ Getsemane turom hɔ.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a COVID-19 nsanyare kodiawu no bae no, anuanom pii boae ma wɔhyehyɛɛ nnuan wɔ nnaka mu kɔkyekyɛ maa afoforo.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbaatan bi reboa ne babea ma wakyerɛw krataa akɔhyɛ onua bi a ɔda afiase nkuran.