Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 38

Mmabun​—Ebewie Mo Sɛn?

Mmabun​—Ebewie Mo Sɛn?

‘Nhumu bɛbɔ wo ho ban.’—MMEB. 2:11.

DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”

NEA YƐREBESUA a

1. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na na ɛnyɛ mmerɛw mma Yehoas, Usia ne Yosia?

 FA NO sɛ woyɛ abofra anaa ɔbabun, ɛnna woabɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so hene. Sɛn na anka wode tumi a woanya no bedi dwuma? Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu mmabun bi a wɔbɛyɛɛ ahemfo wɔ Yuda. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yehoas bɛyɛɛ ɔhene no, na wadi mfe 7 pɛ, Usia nso, na wadi mfe 16; Yosia nso bɛyɛɛ ɔhene no, na wadi mfe 8. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn koraa! Ɛwom sɛ na ɛyɛ den de, nanso mmoa biara a na wɔhia na wɔatumi ayɛ adepa no, wɔn nsa kae.

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Yehoas, Usia ne Yosia ho ade?

2 Ɛwom sɛ yɛnyɛ ahemfo, nanso yebetumi asua nneɛma pii afi ahemfo mmiɛnsa yi hɔ. Wɔsisii gyinae pa, na wɔsisii gyinae bɔne nso. Wɔn nhwɛso no bɛma yɛahu nea enti a ehia sɛ yɛfa nnamfo pa, yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa.

FA NNAMFO PA

Ɛnnɛ wubetumi atie nnamfo pa afotu de asuasua Yehoas (Hwɛ nkyekyɛm 3, 7) c

3. Akwankyerɛ a Ɔsɔfo Panyin Yehoiada de maa Yehoas no, sɛn na ɔyɛɛ n’ade wɔ ho?

3 Suasua gyinae pa a Yehoas sii no. Bere a Ɔhene Yehoas yɛ abofra no, osii gyinae pa bi. Esiane sɛ na ɔyɛ agyanka nti, Ɔsɔfo Panyin nokwafo Yehoiada faa no sɛ ɔno ara ne ba, na ɔkyerɛkyerɛɛ no. Akwankyerɛ biara a ɔde maa Yehoas no, otiei. Enti osii gyinae sɛ obedi ne manfo anim ma wɔasom Yehowa. Yehowa asɔrefie no mpo, Yehoas yɛɛ nhyehyɛe ma wɔsiesiei.—2 Be. 24:​1, 2, 4, 13, 14.

4. Sɛ yetie Yehowa mmara a, ɛboa yɛn sɛn? (Mmebusɛm 2:​1, 10-12)

4 Sɛ w’awofo anaa obi reboa wo ma woadɔ Yehowa na wode ne mmara abɔ wo bra a, hu sɛ ɔrekyɛ wo ade kɛse. (Kenkan Mmebusɛm 2:​1, 10-12.) Awofo betumi afa akwan pii so akyerɛkyerɛ wɔn mma. Yɛnhwɛ sɛnea onuawa bi a ne din de Katya papa boaa no ma osisii gyinae pa. Da biara sɛ ne papa de no rekɔ sukuu a, na ɔne no susuw daa asɛm no ho. Ɔka sɛ, “Daa asɛm a na yesusuw ho nti, sɛ ɛba sɛ mihyia ɔhaw bi wɔ da no mu a, na mitumi di ho dwuma.” Na sɛ Bible akwankyerɛ a w’awofo de ma wo nti, wote nka sɛ wuntumi nyɛ nea wopɛ nso ɛ? Dɛn na ebetumi aboa wo ma woatie wɔn akwankyerɛ? Onuawa bi a ne din de Anastasia kae sɛ, mmara a n’awofo hyehyɛ maa no no, wɔtoo wɔn bo ase kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no. Ɔka sɛ: “Wei boaa me ma mihui sɛ, wɔanhyehyɛ mmara no sɛ ɛnkyekyere me, na mmom ɔdɔ a wɔdɔ me nti na wɔhyehyɛe sɛ ɛmmɔ me ho ban.”

5. Sɛn na wo nneyɛe betumi aka w’awofo ne Yehowa? (Mmebusɛm 22:6; 23:​15, 24, 25)

5 Sɛ wode Bible mu afotu a w’awofo de ma wo no yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔn ani agye. Onyankopɔn nso ani begye paa, na ɛbɛma wo ne n’adamfofa no mu ayɛ den. (Kenkan Mmebusɛm 22:6; 23:​15, 24, 25.) Wei nti na ɛho hia sɛ wusuasua nea Yehoas yɛe wɔ ne mmofraase no.

6. Henanom afotu na Yehoas tiei, na ekowiee no sɛn? (2 Beresosɛm 24:​17, 18)

6 Sua biribi fi gyinae bɔne a Yehoas sii no mu. Yehoiada wu akyi no, Yehoas faa nnamfo bɔne. (Kenkan 2 Beresosɛm 24:​17, 18.) Otiee Yuda mpanyimfo a na wɔnnɔ Yehowa no. Anka ɛsɛ sɛ Yehoas twe ne ho fi saa abɔnefo no ho. (Mmeb. 1:10) Nanso otiee ne nnamfo no afotu bɔne no mmom. Bere a Yehoas busuani Sakaria bɔɔ mmɔden sɛ obetu no fo no, Yehoas ma wɔkum no. (2 Be. 24:​20, 21; Mat. 23:35) Nea ɔyɛe no, na nyansa nnim koraa! Yehoas fii ase yiye, nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɔbɛdan ɔwaefo ne owudifo. Ewiee ase no, ɔno ara ne nkoa kum no. (2 Be. 24:​22-25) Sɛ ɔkɔɔ so tiee Yehowa ne wɔn a wɔdɔ Yehowa no a, hwɛ sɛnea anka ebewie no yiye! Dɛn na wopɛ sɛ wusua fi n’asɛm no mu?

7. Henanom na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Gyinae bɔne a Yehoas sii no, ade baako a yebetumi asua afi mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa nnamfo a wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔma n’ani gye. Nnamfo a ɛte saa na wɔbetumi aboa yɛn ma yɛayɛ adepa. Ɛnyɛ yɛn atipɛnfo nko ara na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ. Kae sɛ, na Yehoas adamfo Yehoiada anyin sen no bam. Wo nso, bisa wo ho sɛ: ‘Me nnamfo boa me ma me gyidi yɛ den? Wɔhyɛ me nkuran sɛ minni Onyankopɔn mmara so anaa? Nsɛm a ɛfa Yehowa ho ne nea wɔasua afi Bible mu no, ɛno na wɔka ho asɛm anaa? Wɔn ani gye Onyankopɔn mmara ho? Nea ɛbɛyɛ m’asom dɛ nko ara na wɔka kyerɛ me, anaa sɛ meyɛ biribi a ɛmfa kwan mu a, wɔtumi tu me fo?’ (Mmeb. 27:​5, 6, 17) Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ wo nnamfo nnɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ wo ne wɔn twam. Nanso sɛ wo nnamfo dɔ Yehowa a, kɔ so ara ne wɔn mmɔ, efisɛ wɔbɛboa wo paa.—Mmeb. 13:20.

8. Sɛ yɛde sohyia midia di dwuma a, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Sohyia midia betumi aboa wo ma wo ne w’abusuafo ne wo nnamfo adi nkitaho. Nanso nnipa pii fa sohyia midia so hoahoa wɔn ho; wɔde nneɛma a wɔatɔ ne nea wɔatumi ayɛ ho mfoni ne video gu hɔ. Sɛ wode sohyia midia di dwuma a, bisa wo ho sɛ: ‘Ɛyɛ a mehoahoa me ho wɔ hɔ anaa? Me botae ne sɛ mɛhyɛ afoforo den anaa mɛhyɛ me ho anuonyam? Wɔn a ɛwɔ sohyia midia so no, mema wɔn nneyɛe nya m’adwene, me kasa ne me suban so nkɛntɛnso bɔne anaa?’ Bere bi, Onua Nathan Knorr a na ɔyɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no kaa sɛ: “Mmɔ mmɔden sɛ wobɛsɔ nnipa ani. Akyiri yi wubehu sɛ woantumi ansɔ obiara ani. Yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na ɛbɛma woasɔ wɔn a wɔdɔ Yehowa no ani.”

ƐSƐ SƐ YƐBRƐ YƐN HO ASE

9. Dɛn na Yehowa boaa Usia ma otumi yɛe? (2 Beresosɛm 26:​1-5)

9 Suasua gyinae pa a Usia sii no. Ɔhene Usia yɛ aberantewa no, na ɔbrɛ ne ho ase. Ɔyeree ne ho sɛ “obesuro nokware Nyankopɔn no.” Ɔtenaa ase mfe 68, na emu dodow no ara, Yehowa hyiraa no. (Kenkan 2 Beresosɛm 26:​1-5.) Aman a na wɔtan Israelfo no, Usia dii wɔn mu bebree so nkonim, na omiaa bammɔ a na ɛwɔ Yerusalem no mu. (2 Be. 26:​6-15) Biribiara a Yehowa boaa Usia ma otumi yɛe no, ɛda adi sɛ ɛmaa Usia ani gyei.—Ɔsɛnk. 3:​12, 13.

10. Ewiee Usia sɛn?

10 Sua biribi fi gyinae bɔne a Usia sii no mu. Esiane sɛ na Usia yɛ ɔhene nti, daa na ɔde akwankyerɛ ma nkurɔfo. Ebia ɛbɛyɛ sɛ ɛno ma onyaa adwene sɛ obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Da bi, ahantan nti Usia kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so. Nanso na ɛno nyɛ ahemfo adwuma. (2 Be. 26:​16-18) Ɔsɔfo Panyin Asaria ka kyerɛɛ Usia sɛ ɛnyɛ ne kwan so sɛ ɔbɛhyew aduhuam no, nanso ne bo fuwii. Awerɛhosɛm ne sɛ, Usia sɛee din pa a na ɔde mfe bebree anya no, na Yehowa maa kwata yɛɛ no. (2 Be. 26:​19-21) Sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase a, hwɛ sɛnea anka ebewie no yiye!

Sɛ́ anka yɛde nea yɛayɛ bɛhoahoa yɛn ho no, biribiara a yetumi yɛ no, ɛsɛ sɛ yɛde ɛho ayeyi ma Yehowa. (Hwɛ nkyekyɛm 11) d

11. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Bere a Usia yɛɛ den no, ne werɛ fii sɛ Yehowa na ɔboaa no ma esii no yiye. Dɛn na yesua fi mu? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, nhyira ne hokwan biara a yɛwɔ no, efi Yehowa hɔ. Sɛ́ anka yɛde nea yɛayɛ bɛhoahoa yɛn ho no, biribiara a yetumi yɛ no, ɛsɛ sɛ yɛde ɛho ayeyi ma Yehowa. b (1 Kor. 4:7) Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛkae sɛ bɔne wɔ yɛn ho, na yehia nteɛso. Onua bi a wadi bɛyɛ mfe 60 kyerɛwee sɛ: “Sɛ afoforo hu me mfomso a, memma ɛnhaw me. Ɛtɔ da na meyɛ biribi a ɛmfa kwan mu na wɔteɛ me so a, memfa ahwease nnyɛ nna.” Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yesuro Yehowa na yɛbrɛ yɛn ho ase a, ebesi yɛn yiye.—Mmeb. 22:4.

KƆ SO HWEHWƐ YEHOWA

12. Bere a Yosia yɛ aberantewa no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔhwehwɛɛ Yehowa? (2 Beresosɛm 34:​1-3)

12 Suasua gyinae pa a Yosia sii no. Bere a Yosia yɛ ɔbabun no na ofii ase hwehwɛɛ Yehowa. Ná ɔpɛ sɛ osua Yehowa ho ade na ɔyɛ n’apɛde. Nanso na ɛnyɛ mmerɛw mma ɔhene aberantewa yi. Saa bere no, na nnipa dodow no ara som abosom, enti na ɛsɛ sɛ onya akokoduru na watumi apagyaw nokwaresom. Otumi yɛe nso! Ansa na Yosia redi mfe 20 no, ofii ase tuu atorosom ase fii ɔman no mu.—Kenkan 2 Beresosɛm 34:​1-3.

13. Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, ɛbɛboa wo sɛn?

13 Sɛ woyɛ abofra mpo a, wubetumi ahwehwɛ Yehowa na woasua ne ho ade de asuasua Yosia. Sɛ wutu saa anammɔn no a, ebetumi aboa wo ma woahyira wo ho so ama Yehowa. Sɛ wuhyira wo ho so a, sɛn na ɛbɛboa wo wɔ w’asetena mu? Yentie Luke; ɔbɔɔ asu no, na wadi mfe 14. Da a ohyiraa ne ho so maa Yehowa no, ɔkaa sɛ, “Efi nnɛ rekɔ, mede Yehowa som bedi kan wɔ m’asetena mu, na mɛbɔ mmɔden ama n’ani agye.” (Mar. 12:30) Wo nso, sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, obehyira wo paa!

14. Sɛnea mmerantewaa ne mmaayewa bi resuasua Ɔhene Yosia no, ma ɛho nhwɛso.

14 Woyɛ aberantewa anaa abaayewa a wosom Yehowa a, ɔhaw bɛn na wubetumi ahyia? Johan bɔɔ asu no, na wadi mfe 12. Ɔkyerɛ mu sɛ, na ne mfɛfo sukuufo hyɛ no sɛ ɔnnom ɛlɛtrɔnik sigaret. Nea ɛbɛyɛ na Johan anya ahoɔden de ako atia saa nhyɛso no, na ɔkae ne ho sɛ, sɛ ɔnom ɛlɛtrɔnik sigaret no a, ebetumi ama wayare na asɛe ɔne Yehowa ntam. Rachel nso bɔɔ asu no, na wadi mfe 14. Ɔka nea ɛboa no ma otumi gyina nhyɛso a ohyia wɔ sukuu no ano. Ɔka sɛ: “Biribiara a mehu no, mehwɛ sɛ ɛho nhwɛso bi wɔ Bible no mu anaa. Sɛ mɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛresua abakɔsɛm bi wɔ sukuu a, etumi ma mekae Bible mu asɛm anaa nkɔmhyɛ bi. Anaa me ne obi rebɔ nkɔmmɔ a, etumi ma mekae kyerɛwsɛm bi a metumi ne no asusuw ho.” Ɔhaw a worehyia no, ebia ɛnyɛ ɛno ara bi na Ɔhene Yosia hyiae, nanso sɛnea na ɔyɛ onyansafo ne ɔnokwafo no, wubetumi asuasua. Sɛ woyɛ aberantewa anaa abaayewa na wutumi gyina sɔhwɛ a worehyia no ano a, nea wubehyia daakye no nso, ebetumi aboa wo ma woagyina ano.

15. Dɛn na ɛboaa Yosia ma ɔde nokwaredi som Yehowa? (2 Beresosɛm 34:​14, 18-21)

15 Ɔhene Yosia nyinii no, ofii ase siesiee asɔrefie no. Wɔreyɛ saa adwuma no, wɔhuu “Yehowa Mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no.” Bere a wɔkenkan emu asɛm kyerɛɛ no no, ɛhɔ ara na osii ne bo sɛ obedi nea wɔakyerɛw wom no so. (Kenkan 2 Beresosɛm 34:​14, 18-21.) Ebia wo nso wode asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible no daa. Sɛ saa a, ɛrekɔ sɛn? Kyerɛwnsɛm pɔtee bi a ebetumi aboa wo no, ɛyɛ a wohyɛ no nsow? Luke a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, sɛ ohu biribi a n’ani gye ho wɔ ne Bible akenkan mu a, ɛyɛ a ɔkyerɛw to hɔ. Wo nso woyɛ saa a, ebia ebetumi aboa wo ma woakae kyerɛwnsɛm anaa nsɛm bi a w’ani gye ho. Sɛ wusua Bible na wuhu mu yiye na w’ani begye ho a, ɛbɛma woanya ɔpɛ sɛ wobɛsom Yehowa. Afei, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kanyan Ɔhene Yosia no, wo nso ɛbɛkanyan wo ma woasom Yehowa.

16. Adɛn nti na Yosia dii mfomso kɛse, na asuade bɛn na ɛwom ma yɛn?

16 Sua biribi fi gyinae bɔne a Yosia sii no mu. Bere a Yosia dii bɛyɛ mfe 39 no, odii mfomso bi a ɛde no kɔɔ owu mu. Sɛ́ anka ɔbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Yehowa hɔ no, ɔno ara yɛɛ nea ɔpɛ. (2 Be. 35:​20-25) Dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛanyin sɛ dɛn, anaa yɛde mfe pii na asua Bible no mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa hwehwɛ n’akwankyerɛ, yesua n’Asɛm na yegye afotu fi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ. Yɛyɛ saa a, ebia ɛremma yenni mfomso akɛse na ɛbɛma yɛn ani agye.—Yak. 1:25.

MMABUN—EBETUMI ASI MO YIYE

17. Yuda ahemfo mmiɛnsa yi, dɛn na yebetumi asua afi wɔn asɛm no mu?

17 Sɛ woyɛ ɔbabun a, wubetumi ayɛ nneɛma pii ama w’ani agye. Yehoas, Usia ne Yosia ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛma yehu sɛ mmabun betumi asisi gyinae pa na wɔabɔ bra a ɛsɔ Yehowa ani. Ɛwom, saa ahemfo yi dii mfomso, na ɛkɔfaa nsunsuanso bɔne bae. Nanso sɛ yesuasua nneɛma pa a wɔyɛe na yɛkwati mfomso a wɔdii no a, ɛbɛma yɛn ani agye.

Dawid faa Yehowa adamfo, onyaa n’anim dom na esii no yiye (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Henanom nhwɛso na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ ebetumi asi wo yiye? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu mmabun afoforo a wɔfaa Yehowa adamfo; wɔnyaa n’anim dom na esii wɔn yiye. Ná Dawid ka saa mmerantewaa yi ho. Bere a ofii ase som Onyankopɔn no, na ɔyɛ abofra na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔhempa. Ɛwom, ɛtɔ da a na odi mfomso, nanso ne nyinaa mu no, Onyankopɔn gyee no toom. (1 Ahe. 3:6; 9:​4, 5; 14:8) Sɛ wusua Dawid ho ade a, ne nhwɛso pa no bɛhyɛ wo nkuran ma wode nokwaredi asom Yehowa. Anaa wubetumi de asi w’ani so sɛ wubesua Marko anaa Timoteo ho ade akɔ akyiri. Wubehu sɛ, wɔn mmofraase na wɔfii ase som Yehowa na wɔnyaa din pa wɔ n’anim, na esii wɔn yiye.

19. Asetena bɛn na wubetumi anya?

19 Sɛnea ebewie wo daakye no, egyina sɛnea wobɔ wo bra seesei no so. Sɛ woamfa wo ho anto wo ntease so na wode wo ho to Yehowa so a, ɔbɛkyerɛ wo kwan. (Mmeb. 20:24) Ɛno betumi ama woanya anigye ne akomatɔyam. Kae sɛ, nea woyɛ ma Yehowa no, ɛsom bo ma no. Biribiara nni hɔ a eye sen sɛ wode nkwa a wowɔ no bɛsom yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no.

DWOM 144 Fa W’ani Si Botae no So!

a Mmabun, Yehowa nim sɛ ɛtɔ da a, muhyia sɔhwɛ a ebetumi asɛe mo ne n’adamfofa no. Mobɛyɛ dɛn asisi gyinae a ɛbɛma mo soro Agya no ani agye? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ mmarimaa mmiɛnsa bi a wɔbɛyɛɛ ahemfo wɔ Yuda. Hwɛ nea wubetumi asua afi gyinae a wɔsisii no mu.

b Hwɛ adaka a yɛato din “Hwɛ Yiye Na Woanna ‘Ɔkraman Ahobrɛase’ Adi.” Ɛwɔ asɛm a yɛato din “Ɛho Hia Sɛ Wubenya Nnamfo Pii Wɔ Sohyia Midia So?” no mu. Ɛwɔ jw.org.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi a ne ho akokwaw de afotu rema onuawa ababaa bi.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi a ɔrekɔyɛ dwumadi wɔ nhyiam ase de ne ho ato Yehowa so; owiei no ɔde ɛho anuonyam nyinaa rema Yehowa.