Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 41

Nea Yebetumi Asua Afi Nkrataa Mmienu a Petro Kyerɛwee No Mu

Nea Yebetumi Asua Afi Nkrataa Mmienu a Petro Kyerɛwee No Mu

“Mepɛ sɛ daa mekae mo eyinom.”—2 PET. 1:12.

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

NEA YƐREBESUA a

1. Aka kakra ma ɔsomafo Petro awu no, dɛn na Yehowa ma ɔyɛe?

 ƆSOMAFO Petro de nokwaredi som Yehowa mfe pii. Ɔne Yesu nantewee, ɔno na ofii ase kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo, na na ɔka Akwankyerɛ Kuw no ho. Eduu baabi no, Petro hui sɛ ɛrenkyɛ na ne nkwa aba awiei. Nanso na onwiee ne som adwuma no. Bɛyɛ afe 62-64 Y.B. no, Yehowa ma ɔkyerɛw nkrataa mmienu. Ɛno ne Petro nhoma a edi kan ne nea ɛtɔ so mmienu no. Ná ɔwɔ ahotoso sɛ, ne wu akyi no, saa nkrataa yi bɛboa Kristofo.—2 Pet. 1:​12-15.

2. Nkrataa a Petro kyerɛwee no, adɛn nti na na ɛho hia saa?

2 Bere a Petro kyerɛw ne nkrataa no, na “sɔhwɛ ahorow” ama ne mfɛfo Kristofo “werɛ ahow.” (1 Pet. 1:6) Ná nnipa bi pɛ sɛ wɔde atoro nkyerɛkyerɛ ne ɔbrafi bewurawura asafo no mu. (2 Pet. 2:​1, 2, 14) Ná ɛrenkyɛ na Kristofo a wɔte Yerusalem no ahu sɛ “ade nyinaa awiei” aba. Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, na Roma asraafo no bɛsɛe Yerusalem ne asɔrefie no. (1 Pet. 4:7) Sɔhwɛ a na Kristofo no rehyia no, ɛda adi sɛ, Petro nkrataa no boaa wɔn ma wɔhuu nea wɔbetumi ayɛ de agyina ano, ne nea wɔbetumi ayɛ de asiesie wɔn ho ama sɔhwɛ a wɔbehyia daakye. b

3. Petro nkrataa a Yehowa ma ɔkyerɛwee no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye?

3 Ɛwom sɛ Petro kyerɛw ne nkrataa no kɔmaa tete Kristofo no de, nanso Yehowa de kaa n’Asɛm Bible no ho. Enti yɛn nso, saa nkrataa no mu nsɛm betumi aboa yɛn. (Rom. 15:4) Yɛte wiase a ɔbrafi ahyɛ mu ma mu. Wei nti, yɛn nso yehyia sɔhwɛ a ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛsom Yehowa. Afei nso, ɛrenkyɛ ahohiahia kɛse a ɛbɛba no, ɛbɛkyɛn nea esii bere a wɔresɛe Yerusalem ne asɔrefie no. Asuade bebree wɔ Petro nkrataa mmienu no mu. Saa asuade no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so atwɛn Yehowa da no, yɛayi nnipa ho suro afi yɛn mu, na yɛadodɔ yɛn ho denneennen. Afei nso, ɛbɛboa asafo mu mpanyimfo ma wɔahu sɛnea wɔbɛhwɛ nguan no yiye.

MOMMA YƐNKƆ SO NTWƐN YEHOWA DA NO

4. Sɛnea 2 Petro 3:​3, 4 kyerɛ no, dɛn na ebetumi ama yɛn gyidi ahinhim?

4 Nnipa a wɔnnye Bible nkɔmhyɛ nni atwa yɛn ho ahyia. Ebia atamfo bedi yɛn ho fɛw, efisɛ yefii ase kaa sɛ awiei no bɛba nyɛ nnɛ. Ebinom ka sɛ ɛnyɛ ade a awiei no bɛba da. (Kenkan 2 Petro 3:​3, 4.) Sɛ obi a yɛne no yɛ adwuma, yɛn busuani anaa obi a yehyia no wɔ asɛnka mu ka saa asɛm no a, ebetumi ama yɛn gyidi ahinhim. Petro kyerɛɛ nea ebetumi aboa yɛn.

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatene yɛn adwene wɔ awiei no ho? (2 Petro 3:​8, 9)

5 Yehowa aka sɛ ɔbɛsɛe wiase bɔne yi, nanso ebia ebinom benya adwene sɛ, wakyɛ. Petro nsɛm no betumi ama yɛatene yɛn adwene wɔ awiei no ho, na akae yɛn sɛ, sɛnea Yehowa bu bere no, ɛnyɛ saa na nnipa hu no koraa. (Kenkan 2 Petro 3:​8, 9.) Yehowa ani so no, mfe apem yɛ da koro. Yehowa wɔ abotare na ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe. Nanso sɛ da a wahyɛ no so a, ɔbɛsɛe wiase yi. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛde bere a aka no bedi nnipa a ɛwɔ aman nyinaa mu adanse.

6. Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa da no ‘ayɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem’? (2 Petro 3:​11, 12)

6 Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ, yɛmma Yehowa da no ‘nyɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem.’ (Kenkan 2 Petro 3:​11, 12.) Yɛbɛyɛ no sɛn? Nhyira a yebenya wɔ wiase foforo no mu no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, da biara, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho. Fa no sɛ wowɔ wiase foforo no mu; worehome mframa papa bi, woredi aduan a ahoɔden wom, na wode anigye rema w’adɔfo a wɔanyan wɔn aba nkwa mu bio no akwaaba. Bio nso, nkurɔfo a wɔtenaa ase mfe bebree a atwam no, worekyerɛkyerɛ wɔn Bible nkɔmhyɛ a abam. Sɛ wudwinnwen nneɛma ho saa a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so atwɛn Yehowa da no, na ɛbɛma w’adwene asi wo pi sɛ yɛte awiei mmere no mu. Enti yɛremma akyerɛkyerɛfo atorofo mfa wɔn ‘nnaadaa ntwe yɛn nkɔ,’ efisɛ nea ebesi daakye no, ‘yenim dedaw.’—2 Pet. 3:17.

MOMMA YENYI NNIPA HO SURO MFI YƐN MU

7. Nnipa ho suro nti, anhwɛ a dɛn na yɛbɛyɛ?

7 Sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ Yehowa da no abɛn paa a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛaka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Nanso ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛkasa. Adɛn ntia? Ebia nnipa ho suro ntia. Saa ara na ɛtoo Petro. Anadwo a wɔredi Yesu asɛm no, na Petro suro sɛ ɔbɛka sɛ ɔyɛ Yesu suani, enti ɔkaa no mprɛnsa sɛ onnim no. (Mat. 26:​69-75) Nanso akyiri yi, ɔsomafo Petro koro yi ara tumi de ahotoso kaa sɛ: “Nneɛma a ehunahuna wɔn no, munnsuro, na mommma ɛmmɔ mo hu.” (1 Pet. 3:14) Petro asɛm a ɔkae yi ma yenya awerɛhyem sɛ, yebetumi ayi nnipa ho suro afi yɛn mu.

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayi nnipa ho suro afi yɛn mu? (1 Petro 3:15)

8 Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛayi nnipa ho suro afi yɛn mu? Petro ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mummu Kristo wɔ mo komam sɛ ɔyɛ kronkron na ɔno ne Awurade.” (Kenkan 1 Petro 3:15.) Wei kyerɛ sɛ, tumi ne dibea a yɛn Awurade ne yɛn Hene Kristo Yesu wɔ no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho. Sɛ hokwan no ba sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo na wusuro a, kae yɛn Hene no. Fa w’adwene bu sɛ Yesu redi hene wɔ soro na abɔfo mpempem pii atwa ne ho ahyia. Kae sɛ, wɔde “ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa” ama no, na ɔbɛka yɛn ho “nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.” (Mat. 28:​18-20) Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensiesie yɛn ho sɛ bere biara’ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu. W’ani begye ho sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ obi wɔ adwumam, sukuu mu anaa wubedi adanse wɔ bɔnnɔ so? Sɛ saa a, dwen ho hwɛ bere pɔtee a wubetumi ayɛ saa na dwen nsɛm a wobɛka ho. Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru, na nya ahotoso sɛ ɔbɛboa wo ama woayi nnipa ho suro afi wo mu.—Aso. 4:29.

“MONNODƆ MO HO DENNEENNEN”

Paul teɛɛ Petro so no, ogye toom. Petro nkrataa mmienu a ɔkyerɛwee no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Bere bi, dɛn na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ wanna ɔdɔ adi? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Petro suaa sɛnea ɔbɛdɔ afoforo. Ná Petro wɔ hɔ bere a Yesu kaa sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara.” (Yoh. 13:34) Ne nyinaa akyi no, nnipa ho suro nti, akyiri yi, ɔne ne nuanom Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no annidi. Nea Petro yɛe no, ɔsomafo Paul kaa sɛ ɛyɛ “nyaatwom.” (Gal. 2:​11-14) Petro gyee nteɛso no toom, na osuaa biribi fii mu. Ne nkrataa mmienu no nyinaa mu no, osii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ yɛte nka kɛkɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom, na mmom ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ wɔn.

10. Dɛn na ɛma yenya “onuadɔ a nyaatwom nnim” ma yɛn nuanom Kristofo? Kyerɛkyerɛ mu. (1 Petro 1:22)

10 Petro kaa sɛ ɛsɛ sɛ yenya “onuadɔ a nyaatwom nnim” ma yɛn nuanom Kristofo. (Kenkan 1 Petro 1:22.) Sɛ ‘yɛyɛ aso ma nokware no’ a, yebetumi anya ɔdɔ a ɛte saa. Saa nokware no bi ne sɛ “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.” (Aso. 10:​34, 35) Sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa bi nko ara wɔ asafo no mu na yetwa afoforo gya a, yɛrentumi nka sɛ yɛredi Yesu ahyɛde no so. Ɛwom, ebia yɛbɛbɛn ebinom paa akyɛn afoforo sɛnea Yesu yɛe no. (Yoh. 13:23; 20:2) Nanso Petro kae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘dɔ anuanom nyinaa,’ efisɛ yɛne wɔn nyinaa yɛ abusua baako.—1 Pet. 2:17.

11. Sɛ Bible ka sɛ ‘yemfi komam nnodɔ yɛn ho denneennen’ a, dɛn na ɛkyerɛ?

11 Petro hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yemfi komam nnodɔ yɛn ho denneennen.’ Ɛha yi, sɛ kyerɛwsɛm no ka sɛ yɛnnodɔ yɛn ho “denneennen” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛdɔ obi mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛdɔ no. Yɛmfa no sɛ onua bi ayɛ ade ma ayɛ yɛn yaw anaa ahyɛ yɛn abufuw. Dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ́ anka yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ no no, anhwɛ a nea ebedi kan aba yɛn tirim ne sɛ yɛbɛyɛ no bi atua ka. Nanso, Petro sua fii Yesu hɔ sɛ saa suban no nsɔ Onyankopɔn ani. (Yoh. 18:​10, 11) Petro kyerɛwee sɛ: “Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, na mommfa adapaatwa nntua adapaatwa so ka. Mmom munhyira nkurɔfo.” (1 Pet. 3:9) Sɛ wodɔ wo nuanom denneennen na ɛba sɛ wɔyɛ biribi ma ɛyɛ wo yaw mpo a, ɛbɛma wo ne wɔn adi no yiye na woate wɔn ase.

12. (a) Sɛ yɛdodɔ yɛn ho denneennen a, dɛn bio na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ? (b) Sɛnea video a yɛato din Baakoyɛ a Yɛwɔ No Yɛ Akyɛde a Ɛsom Bo, Enti Bɔ Ho Ban no ma yehu no, dɛn wopɛ sɛ woyere wo ho yɛ?

12 Petro krataa a edi kan no mu no, ɔkaa sɛ, ‘yɛnnodɔ yɛn ho denneennen.’ Ɔdɔ a ɛte saa no, ɛnyɛ bɔne kakraa bi so na ɛkata, na mmom ‘ɛkata bɔne pii so.’ (1 Pet. 4:8) Bɔnefakyɛ ho asuade a Yesu kyerɛɛ Petro mfe pii a na atwam no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na ɛwɔ Petro tirim. Saa bere no, Petro kaa sɛ, sɛ ne nua yɛ no bɔne a, ɔde bɛkyɛ no ‘akosi mpɛn ason’; ɛbɛyɛ sɛ Petro adwene yɛɛ no sɛ ɔyɛ saa a, wayɛ ade ara ma. Nanso Yesu kyerɛɛ Petro ne yɛn nyinaa sɛ, sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ no ‘kosi mpɛn 77,’ kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu ho akontaa mpo. (Mat. 18:​21, 22) Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode saa afotu yi bɛyɛ adwuma a, mma w’abam mmmu. Yehowa asomfo nyinaa tɔ sin, na ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ. Ade a ɛho hia sɛ woyɛ ne sɛ, wobɛyɛ nea wubetumi biara de wo nua no bɔne akyɛ no, na wo ne no asiesie mo ntam. c

MPANYIMFO, MONHWƐ NGUAN NO YIYE

13. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ asafo mu mpanyimfo benya bere de ahwɛ nguan no yiye?

13 Yesu wusɔre akyi no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.” Saa asɛm no, ɛda adi sɛ Petro werɛ amfi da. (Yoh. 21:16) Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, kae sɛ wo nso saa asɛm no fa wo ho. Nanso, ebetumi ayɛ den sɛ asafo mu panyin bɛpɛ bere de ayɛ saa adwuma a ɛho hia yi. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo di kan hwɛ ma wɔn mmusua nsa ka nneɛma a wɔhia wɔ asetenam, wɔma wɔn ani gye, na wɔboa wɔn ma wɔsom Yehowa. Afei nso, wɔdi asɛnka adwuma no anim. Ɛno da nkyɛn a, wɔpɛ bere siesie wɔn ho bɛyɛ wɔn dwumadi wɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase. Ebinom nso yɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo, anaa wɔne Adansi Dwumadibea no na ɛyɛ adwuma. Anokwa, asafo mu mpanyimfo nni adaagye koraa!

Ɛwom sɛ asafo mu mpanyimfo nni adaagye, nanso wɔpɛ bere hwɛ Onyankopɔn nguan no so (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)

14. Dɛn na ebetumi akanyan mpanyimfo ma wɔahwɛ nguankuw no yiye? (1 Petro 5:​1-4)

14 Petro hyɛɛ ne mfɛfo mpanyimfo nkuran sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw.” (Kenkan 1 Petro 5:​1-4.) Sɛ woyɛ ɔpanyin a, yenim sɛ wodɔ anuanom na wopɛ sɛ wohwɛ wɔn yiye. Nanso, ɛtɔ da a ebia wobɛte nka sɛ wunni adaagye koraa anaa woabrɛ dodo, enti worentumi nni saa asɛde no ho dwuma. Dɛn na wubetumi ayɛ? Ka nea ɛhaw wo nyinaa kyerɛ Yehowa. Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi resom a, ma ɔmfa ne ho nto ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ no so.” (1 Pet. 4:11) Ebia ɔhaw bi a wo nuanom Kristofo rehyia no, ne nyinaa ase rentumi ntu wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso kae sɛ, “oguanhwɛfo panyin” Yesu Kristo betumi aboa wɔn asen obiara. Ɔbɛyɛ saa nnɛ ne wiase foforo no mu nso. Nea Onyankopɔn hwehwɛ fi mpanyimfo hɔ ara ne sɛ wɔbɛdɔ anuanom, wɔbɛhwɛ wɔn so, na ‘wɔayɛ nhwɛso ama nguankuw no asuasua.’

15. Dɛn na asafo mu panyin bi yɛ de kyerɛ sɛ n’ani ku nguan no ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 William asom sɛ asafo mu panyin mfe pii ni, na onim sɛ ɛho hia sɛ ɔhwɛ nguan no yiye. Bere a COVID-19 nsanyare no fii ase no, ɔne mpanyimfo a aka no de sii wɔn ani so sɛ, anuanom a ɛwɔ wɔn kuw mu no, nnawɔtwe biara, wɔne wɔn mu biara bedi nkitaho. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Anuanom no pii wɔ hɔ a na aka wɔn nko ara wɔ fie, enti anka ɛnyɛ den sɛ adwinnwen bɛhyɛ wɔn so ama wɔn abam abu.” Sɛ onua anaa onuawa bi rehyia ɔhaw a, William to ne bo ase tie no, na wahu nea ɛhaw no. Afei ɔhwehwɛ nhoma anaa video wɔ yɛn wɛbsaet hɔ a obetumi de aboa onii no. Ɔka sɛ: “Saa bere yi na ɛho hia paa sɛ yɛn ani ku nguan no ho. Sɛnea yɛyere yɛn ho paa boa nkurɔfo ma wɔsua Yehowa ho ade no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku Yehowa nguan no ho, na yɛboa wɔn ma wɔkɔ so tena nokware no mu.”

MA YEHOWA NWIE WO NTETEE

16. Nea yɛasua afi Petro nkrataa mmienu no mu no, akwan bɛn so na yebetumi de ayɛ adwuma?

16 Nkrataa mmienu a Yehowa maa Petro kyerɛwee no, asuade a ɛwom no, emu kakraa bi na yɛasusuw ho yi. Ebia woahu biribi a wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nhyira a yebenya wɔ wiase foforo no mu no, w’ani begye ho sɛ wobɛtaa adwinnwen ho anaa? Wode asi w’ani so sɛ wubedi adanse wɔ adwumam, sukuu mu anaa bɔnnɔ so? Woahu akwan a wobɛfa so akyerɛ sɛ wodɔ anuanom paa? Mpanyimfo, moasi mo bo sɛ mubeyi mo yam ahwɛ Yehowa nguan no? Sɛ wopɛɛpɛɛ wo ho mu a, ebia wubehu sɛ wotɔ sin wɔ baabi. Wuhu no saa a, mma w’abam mmmu. “Awurade yam ye,” na ɔbɛboa wo ama woayɛ nsakrae biara a ehia. (1 Pet. 2:3) Petro ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Onyankopɔn ankasa bewie mo ntetee. Ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den, na ɔbɛma moagyina pintinn.’ —1 Pet. 5:10.

17. Sɛ yɛampa abaw na yɛma Yehowa tete yɛn a, akatua bɛn na yebenya?

17 Bere bi, na Petro te nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛn Onyankopɔn Ba no. (Luka 5:8) Nanso Yehowa ne Yesu boaa no; wei boaa Petro ma ɔkɔɔ so dii Kristo akyi. Ɛno buee hokwan maa Petro ‘kɔɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa Ahenni no mu.’ (2 Pet. 1:11) Wei yɛ akatua kɛse paa! Sɛnea Petro ampa abaw no, sɛ wusuasua no, na woma Yehowa tete wo a, wo nso wubenya daa nkwa, kyerɛ sɛ, ‘wo gyidi nti, wo nsa bɛka wo nkwagye no.’—1 Pet. 1:9.

DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom

a Adesua yi mu no, asuade a ɛwɔ nkrataa a Petro kyerɛwee no mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina sɔhwɛ ano. Afei nso, asafo mu mpanyimfo asɛde a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ nguan no so no, yɛbɛhwɛ sɛnea nkrataa no mu nsɛm betumi aboa wɔn ama wɔadi ho dwuma.

b Roma asraafo bɛtow hyɛɛ Yerusalem so bere a edi kan wɔ afe 66 Y.B. Kristofo a na wɔte Palestina no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn nsa kaa Petro nkrataa mmienu no ansa na saa asɛm no resi.

c Hwɛ video a yɛato din Baakoyɛ a Yɛwɔ No Yɛ Akyɛde a Ɛsom Bo, Enti Bɔ Ho Ban no. Ɛwɔ jw.org.