Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 39

Sɛ Wudwo a, Ɛnkyerɛ Sɛ Woyɛ Mmerɛw

Sɛ Wudwo a, Ɛnkyerɛ Sɛ Woyɛ Mmerɛw

“Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ.”—2 TIM. 2:24.

DWOM 120 Suasua Kristo Efisɛ Odwo

NEA YƐREBESUA a

1. Dɛn na nkurɔfo betumi abisa yɛn ho asɛm wɔ adwumam anaa sukuu mu?

 SƐ OBI a wo ne no kɔ sukuu anaa wo ne no yɛ adwuma bisa wo wo gyidi ho asɛm a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛma wo yam hyehye wo anaa? Yɛn mu pii tumi te nka saa. Nanso, asɛmmisa bi a ɛte saa no, ebia ebetumi ama yɛahu nea ɛwɔ onii no adwenem anaa nea ogye di. Ebi mpo a, ebetumi ama yɛaka asɛmpa no bi akyerɛ no. Nanso ɛtɔ mmere bi a, sɛnea obi bebisa asɛm bi no, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔne yɛn nyɛ adwene na ɔpɛ sɛ ɔne yɛn gye akyinnye. Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwanwa. Efisɛ ebinom wɔ hɔ a, nea afoforo aka afa yɛn gyidi ho akyerɛ wɔn no nyɛ nokware. (Aso. 28:22) Afei nso, yɛte “awiei mmere no” mu. Bible ka sɛ awiei mmere yi mu no, nnipa pii wɔ hɔ a, ‘yɛrentumi ne wɔn nyɛ apam,’ na “wobedi atirimɔdensɛm” mpo.—2 Tim. 3:​1, 3.

2. Adɛn nti na odwo yɛ su a ɛho hia?

2 Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ obi kasa tia me gyidi a, mɛyɛ dɛn ayɛ onii no brɛbrɛ, na mama m’anom kasa ayɛ dɛ?’ Dɛn na ɛbɛboa wo? Ɛyɛ odwo. Obi a odwo no, ne bo mfuw ntɛm, na sɛ nneɛma nkɔ yiye anaa obi hyɛ no abufuw a, otumi hyɛ ne ho so. (Mmeb. 16:32) Ebia wobɛte nka sɛ ne ka de, ɛnyɛ den, na ne yɛ ne asɛm no. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wudwo? Sɛ obi kasa tia wo gyidi a, wobɛyɛ dɛn ne no akasa wɔ odwo so? Sɛ woyɛ ɔwofo a, wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ma wɔahu sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu wɔ odwo so? Momma yɛnhwɛ.

WOBƐYƐ DƐN AKYERƐ SƐ WUDWO?

3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ obi dwo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw? (2 Timoteo 2:​24, 25)

3 Sɛ obi dwo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Egye mmɔdenbɔ paa na sɛ obi hyia tebea bi a emu yɛ den a, watumi ahyɛ ne ho so na wanyɛ nea ɛmfata. Odwo ka “honhom no aba” no ho. (Gal. 5:​22, 23) Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “odwo” no, ɛtɔ da a, na wɔde ka ɔpɔnkɔ a n’ani so yɛ krakra a wɔadwudwo no ho asɛm. Fa w’ani bu ɔpɔnkɔ a n’ani so yɛ krakra a wɔadwudwo no ama n’ani aba fam. Ɛwom sɛ n’ani aba fam, nso ɔda so ara wɔ ahoɔden. Yɛn nso, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedwo, na bere koro no ara yɛakyerɛ sɛ yɛnyɛ mmerɛw? Yɛn ankasa ahoɔden rentumi nyɛ. Ade baako ne sɛ yɛbɛbɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn honhom, na yɛasrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya saa su pa yi. Afoforo atumi ayɛ, enti yɛn nso yebetumi ayɛ. Yɛn nuanom bebree wɔ hɔ a, bere a nkurɔfo kasa tiaa wɔn gyidi no, wɔne wɔn kasae wɔ odwo so, na wei ama afoforo anya yɛn ho adwempa. (Kenkan 2 Timoteo 2:​24, 25.) Wobɛyɛ dɛn anya saa suban pa yi?

4. Sɛnea na Isak dwo no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

4 Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ nnipa pii daa saa suban pa yi adi. Yɛnhwɛ Isak. Bere a na ɔte Gerar a ɛwɔ Filistifo asaase so no, nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no ani beree no, enti nsubura a ne papa nkoa tui no, wɔde dɔte siw ne nyinaa. Sɛ́ anka Isak ne wɔn bɛtwe no twann sɛ ɛyɛ ne dea no, ɔne ne fiefo tu kɔɔ baabi foforo, na okotuu mmura foforo wɔ hɔ. (Gen. 26:​12-18) Ɛhɔ nso, Filistifo no kaa sɛ nsu no yɛ wɔn dea. Nanso, Isak ne wɔn antwe. (Gen. 26:​19-25) Bere a afoforo sii wɔn bo sɛ wɔbegyigye no no, dɛn na ɛboaa no ma ɔdaa odwo adi? Ɛda adi sɛ osuasuaa n’awofo; sɛnea na Abraham yɛ asomdwoe nipa na Sara nso ‘dwo na ɔbrɛ ne ho ase’ no, osuaa biribi fii mu.—1 Pet. 3:​4-6; Gen. 21:​22-34.

5. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔahu sɛ ɛho hia paa sɛ wɔda odwo adi?

5 Awofo, munnya awerɛhyem sɛ, mubetumi aboa mo mma ma wɔahu sɛ ɛho hia paa sɛ wɔda odwo adi. Momma yɛnhwɛ Maxence a wadi mfe 17 no. Ná nkurɔfo hyɛ no abufuw wɔ sukuu ne asɛnka mu. N’awofo too wɔn bo ase boaa no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ada odwo adi. N’awofo ka sɛ, “Maxence abehu sɛ, sɛ obi hyɛ wo abufuw a, ɛnyɛ den koraa sɛ wo nso wode abufuw behyia no. Nanso egye mmɔdenbɔ paa na sɛ obi hyɛ wo abufuw a, woatumi ahyɛ wo ho so.” Anigyesɛm ne sɛ, seesei, Maxence abɛyɛ obi a odwo paa.

6. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛayere yɛn ho ada odwo adi?

6 Sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a, dɛn na yebetumi ayɛ? Yɛmfa no sɛ obi akasa atia Yehowa anaa Bible no. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom no mmoa yɛn, na ɔmma yɛn nyansa a yɛde beyi ano bɔkɔɔ. Na sɛ akyiri yi, yehu sɛ mmuae a yɛde maa no no ankɔ yiye nso ɛ? Yebetumi asan abɔ asɛm no ho mpae, na yɛahwɛ sɛnea bere foforo yebetumi ayɛ no yiye. Yɛyɛ saa a, Yehowa de ne honhom kronkron no bɛboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahyɛ yɛn ho so na yɛada odwo adi.

7. Sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a, ɔkwan bɛn so na kyerɛwnsɛm bi a yɛbɛkyere agu yɛn tirim betumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn ho so? (Mmebusɛm 15:​1, 18)

7 Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne afoforo bɛkasa wɔ odwo so a, Bible mu nsɛm bi betumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn ho so. Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma yɛakae Bible mu nsɛm a ɛte saa. (Yoh. 14:26) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu no betumi aboa yɛn ma yɛada odwo adi. (Kenkan Mmebusɛm 15:​1, 18.) Mmebusɛm nhoma no san ma yehu sɛ, sɛ obi hyɛ yɛn abufuw na yɛhyɛ yɛn ho so a, mfaso wɔ so paa.—Mmeb. 10:19; 17:27; 21:23; 25:15.

SƐNEA NHUMU BOA YƐN MA YƐDA ODWO ADI

8. Sɛ obi bisa yɛn yɛn gyidi ho asɛm a, adɛn nti na ebia ebehia sɛ yehu adwene a ɛwɔ akyi?

8 Nhumu nso betumi aboa yɛn. (Mmeb. 19:11) Obi a ɔwɔ nhumu no, sɛ nkurɔfo kasa tia ne gyidi a, otumi hyɛ ne ho so. Mpɛn pii no, nkurɔfo bisa yɛn asɛm a, adwene a ɛwɔ akyi no, wɔntaa nka. Enti, ɛnyɛ sɛ ‘yɛtee medaase aberaw ara na yɛama yɛn kora so.’ Ebia ebehia sɛ yehu nea enti a onii no bisaa saa asɛm no.—Mmeb. 16:23.

9. Bere a Gideon ne Efraim mmarima no kasae no, ɔkwan bɛn so na ɔdaa nhumu ne odwo adi?

9 Yɛnhwɛ sɛnea Gideon ne Efraim mmarima no kasae. Wɔde abufuw bisaa Gideon nea enti a bere a ɔne Midianfo no rekɔko no wamfrɛ wɔn. Wohwɛ a, adɛn nti paa na wɔn bo fuwii saa? Ebia ɛyɛɛ wɔn sɛ Gideon abu wɔn animtiaa. Sɛnea ɛte biara, Gideon de nhumu yɛɛ adwuma na ohuu nea enti a wɔn bo afuw no, na ɔne wɔn kasae wɔ odwo so. Dɛn na efii mu bae? Sɛnea ɔne wɔn kasae no bubuu wɔn aprɛ, na “wɔn bo dwoe.”—Atem. 8:​1-3.

10. Sɛ obi bisa yɛn yɛn gyidi ho asɛm a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yebeyi n’ano? (1 Petro 3:15)

10 Yɛmfa no sɛ obi a yɛne no yɛ adwuma anaa yɛne no kɔ sukuu abisa yɛn nea enti a yedi Bible mmara bi so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara kyerɛ nea enti a yedi mmara a ɛte saa no so, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa nea yegye di no ampuapua wɔn. (Kenkan 1 Petro 3:15.) Mmom, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ asɛm a onii no abisa yɛn no bɛma yɛahu nea ɛwɔ n’adwenem, na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔkasa tia yɛn. Sɛ yenim nea enti a obi abisa yɛn asɛm bi oo, sɛ yennim oo, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no brɛbrɛ na yɛne no kasa wɔ odwo so. Ebia mmuae a yɛde bɛma no no bɛma wadwen n’asɛm no ho yiye. Sɛ mpo ɔkasa tia yɛn anaa odi yɛn ho fɛw a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anom kasa yɛ dɛ bere nyinaa.—Rom. 12:17.

Sɛ obi redi n’awoda na ɔto nsa frɛ yɛn, na yedi kan hu nea enti a ɔpɛ sɛ yɛba bi a, yebetumi ama no mmuae a ɛtɔ asom (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)

11-12. (a) Sɛ obi bisa yɛn asɛm a ebetumi akɔfa akyinnyegye aba a, dɛn na yebetumi asusuw ho ansa na yɛama no mmuae? (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea sɛ obi bisa wo asɛm bi a ebetumi ama woanya kwan ne no abɔ nkɔmmɔ.

11 Fa no sɛ obi a wo ne no yɛ adwuma abisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na munni awoda?’ Ebia na ɛyɛ no sɛ gyama yɛn som no mma kwan mma yennye yɛn ani. Anaa ebia ɔbɛte nka sɛ awoda a yenni nti, ɛbɛsɛe ayɔnkofa a ɛda adwumayɛfo no ntam no. Yebetumi aka ne koma ato ne yam na yɛama wahu sɛ, sɛnea odwen adwumayɛfo no ho no yɛ yɛn fɛ paa. Afei, yebetumi ama no awerɛhyem sɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛne obiara a ɔwɔ adwumam hɔ tena fɛfɛɛfɛ. Yɛyɛ saa a, ebia ɛbɛma yɛanya kwan ato yɛn bo ase ne no asusuw nea Bible ka fa awodadi ho.

12 Sɛ obi bisa yɛn nsɛm bi a ebetumi akɔfa akyinnyegye aba a, yebetumi afa saa kwan yi ara so ne no asusuw ho. Ebia obi a wo ne no kɔ sukuu bɛka sɛ, adwene a Yehowa Adansefo wɔ wɔ mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da ho no, ɛsɛ sɛ wɔsesa no. Sɛnea Yehowa Adansefo bu wɔn a wɔbɔ saa bra no, ebia na onnim nti na ɔreka saa. Anaa ebia na ɔwɔ adamfo anaa obusuani bi a obu saa bra no. Ebi nso a, ɛyɛ no sɛ wɔn a wɔbu saa bra no, yɛmpɛ wɔn asɛm. Ebia ebehia sɛ yɛma no awerɛhyem sɛ yedwen nnipa nyinaa ho, na yegye tom sɛ obiara wɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɔpɛ. b (1 Pet. 2:17) Ɛno akyi no, ebia yebetumi ama wahu sɛ Bible mu asɛm a yɛde bɔ yɛn bra no boa yɛn paa.

13. Sɛ obi ka sɛ ntetekwaa na egye Onyankopɔn di a, sɛn na ebia wubetumi aboa no?

13 Ebinom wɔ hɔ a, nea yɛbɛka biara wɔne yɛn renyɛ adwene. Sɛ yehyia wɔn a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yenim nea wɔgye di. (Tito 3:2) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ obi a wo ne kɔ sukuu ka sɛ ntetekwaa na egye Onyankopɔn di a, dɛn na wobɛka? Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ wunya adwene sɛ adannandi adi ne ti anaa? Nokwasɛm ne sɛ, ebia wobɛhwɛ mu mpo no, na nea nkurɔfo rekeka no na ɔno nso reka bi. Sɛ́ anka ɛhɔ no ara wobɛkyerɛ no sɛ adannandi nyɛ nokware no, wubetumi aboa no ma wanya biribi a obetumi adwinnwen ho akyiri yi. Ebia abɔde ho nsɛm a ɛwɔ jw.org no, wubetumi akyerɛ no ma wakɔkenkan bi. Asɛm anaa video bi a obehu wɔ hɔ no, ebia akyiri yi n’ani begye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ yɛfa saa kwan yi so a, ebia ɛbɛma n’ani agye ho sɛ obesua nneɛma pii.

14. Sɛn na Niall de yɛn wɛbsaet no boaa ne yɔnko sukuuni bi ma ohui sɛ asɛm bi a nkurɔfo ka fa Yehowa Adansefo ho no nyɛ nokware?

14 Yɛnhwɛ ɔbabun bi a ne din de Niall. Ɔde yɛn wɛbsaet no boaa obi ma ohui sɛ nea nkurɔfo keka fa Yehowa Adansefo ho no nyɛ nokware. Ɔka sɛ, “Ná obi a me ne no kɔ sukuu taa ka kyerɛ me sɛ, minnye abɔde mu nyansahu nni, efisɛ saa Bible a ‘anansesɛm’ ahyɛ mu ma no, ɛno na migye di.” Bere a Niall yɔnko sukuuni no amma no kwan amma wankyerɛkyerɛ ne gyidi mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ jw.org, na ɔnhwɛ ɔfa a yɛato din “Nyansahu Ne Bible,” na ɔnkenkan asɛm bi wɔ hɔ. Akyiri yi, Niall hui sɛ ɛbɛyɛ sɛ ne yɔnko sukuuni no akenkan asɛm no, enti nea ɛyɛe a nkwa bae no, ɔmaa kwan maa Niall ne no bɔɔ ho nkɔmmɔ. Wo nso, wubetumi anya osuahu bi a ɛte saa.

MOMMOM NSIESIE MO HO SƐ ABUSUA

15. Sɛn na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔne wɔn mfɛfo sukuufo akasa odwo so bere a wɔakasa atia wɔn gyidi no?

15 Awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔahu sɛnea sɛ obi kasa tia wɔn gyidi a, wɔne no bɛkasa odwo so. (Yak. 3:13) Awofo binom yɛ wei ho ɔyɛkyerɛ wɔ abusua som ase. Wɔhwɛ nsɛm a ebetumi asɔre wɔ sukuu. Wɔwie a, na wɔahwɛ sɛnea obi bisa wɔn ho asɛm a, wɔbetumi akyerɛkyerɛ mu. Ɛno akyi no, na wɔayɛ ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso, wɔkyerɛ wɔn mma no sɛnea wɔbɛkasa odwo so, na wɔn kasa ayɛ dɛ.—Hwɛ adaka a yɛato din “ Nsɛm a Mobɛbobɔ So Betumi Aboa W’abusua” no.

16-17. Nsɛm a yɛbobɔ so no, sɛn na ebetumi aboa mmabun?

16 Nsɛm a nkurɔfo bisa ne sɛnea yɛbɛkyerɛkyerɛ mu no, sɛ yɛbobɔ so a, ebetumi ama yɛayi wɔn ano yiye. Afei nso, ebetumi ama yɛn ankasa nso anya ahotoso paa sɛ, nea yegye di no wɔ nnyinaso. Nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Mmabun Bisa Sɛ” a ɛwɔ jw.org no, ɔfa bi nso wɔ hɔ a yɛato din Mmabun Dwumadi Nkrataa. Wɔyɛe sɛ ɛmmoa mmabun ma wɔnte nea wɔgye di ase yiye, na ɛmmoa wɔn ma wɔnhu sɛnea wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu. Sɛ yɛbom sua saa dwumadi yi sɛ abusua a, ɛbɛboa yɛn mu biara ma wahu sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyidi mu wɔ odwo so na wama n’anom kasa ayɛ dɛ.

17 Ɔbabun bi a ne din de Matthew kyerɛ sɛnea nsɛm a yɛbobɔ so no boaa no. Sɛ Matthew ne n’awofo reyɛ abusua som a, nsɛm a ebetumi asɔre wɔ sukuu no, na wɔtaa yɛ ho nhwehwɛmu. Ɔka sɛ: “Yɛde yɛn adwene bu tebea ahorow a ebetumi asɔre. Afei yɛyɛ ho nhwehwɛmu. Ɛno akyi no, ɔkwan a yɛbɛfa so akyerɛkyerɛ mu no, na yɛabobɔ so. Nea migye di no, sɛ mete ase yiye a, ɛma minya akokoduru, na ɛnyɛ den mma me sɛ mɛda odwo adi bere a me ne afoforo rekasa no.”

18. Dɛn na Kolosefo 4:6 si so dua sɛ yɛnyɛ?

18 Ɛwom, sɛ yɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye sɛ dɛn mpo a, ɛnyɛ obiara na obegye nea yɛreka no adi. Nanso sɛ yɛyɛ anifere na yɛda odwo adi a, ebetumi aboa. (Kenkan Kolosefo 4:6.) Yɛn gyidi a yɛbɛkyerɛkyerɛ mu no, yebetumi de atoto bɔɔl a yɛde redi agorɔ ho. Yebetumi atow no bɔkɔɔ anaa yebetumi atow no den. Sɛ yɛtow no bɔkɔɔ a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama nea yɛne no redi agorɔ no sɛ ɔbɛkyere bɔɔl no, na yɛatoa agorɔ no so. Yɛn nso, sɛ yɛyɛ anifere na yɛda odwo adi a, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama nkurɔfo sɛ wɔbetie yɛn na yɛatoa so ne wɔn abɔ nkɔmmɔ. Nanso sɛ yehyia obi a ɔno de, nea n’ani gye ho ara ne sɛ obegye akyinnye anaa obedi yɛn ho fɛw a, ɛho nhia sɛ yɛtoa nkɔmmɔ no so. (Mmeb. 26:4) Nanso ebia nnipa a wɔte saa nnɔɔso; ebia nnipa dodow no ara betie.

19. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda odwo adi?

19 Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛda odwo adi a, ɛbɛboa yɛn paa. Sɛ ebinom pɛ sɛ wɔne wo gye akyinnye anaa wɔkasa tia wo gyidi a, srɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wo den sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ne wɔn akasa odwo so. Kae sɛ, sɛ afoforo ne wo nyɛ adwene mpo a, odwo a wobɛda no adi no bɛboa na nkɔmmɔ no ankɔdan akyinnyegye. Afei nso, adwene a ebinom wɔ wɔ yɛn ho ne Bible nkyerɛkyerɛ ho no, odwo ne obu a yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu no betumi ama ebinom asesa wɔn adwene. ‘Siesie wo ho bere biara’ sɛ, sɛ obi bisa wo wo gyidi ho asɛm a, ‘wubeyi no ano nanso yɛ no odwo ne nidi mu.’ (1 Pet. 3:15) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ woda odwo adi a, ɛnkyerɛ sɛ woyɛ mmerɛw.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

a Sɛ afoforo kasa tia yɛn gyidi a, yɛbɛyɛ dɛn ne wɔn akasa wɔ odwo so? Adesua yi bɛma yɛn nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa yɛn.

b Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Dɛn na Bible Ka Fa Ɔbarima ne Ɔbarima Anaa Ɔbaa ne Ɔbaa Nna Ho?” Ɛwɔ Nyan! 2016 No. 4 no mu.

c Nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din, “Mmabun Bisa Sɛ” ne “Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho” a ɛwɔ jw.org no, wubetumi anya nsɛm pii wɔ hɔ a ɛbɛboa wo.