Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 38

DWOM 25 Agyapade Soronko

Woretie Kɔkɔbɔ No?

Woretie Kɔkɔbɔ No?

“Wɔbɛfa ɔbaako akɔ na wɔagyaw ɔbaako.”MAT. 24:40.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Mfatoho ahorow a Yesu mae no, yebesusuw emu mmiɛnsa ho, na yɛahwɛ sɛnea ɛfa atɛn a Yesu bɛba abebu wɔ wiase awiei no ho.

1. Dɛn na Yesu bɛba abɛyɛ nnansa yi ara?

 NSƐM akɛseakɛse rebesisi nnansa yi ara! Ɛrenkyɛ, Yesu bɛba abebu obiara atɛn. Nsɛm a ebesisi ansa na wabebu atɛn no, ɔhyɛɛ ho nkɔm. Ɔmaa n’asuafo no “sɛnkyerɛnne” a ɛbɛkyerɛ sɛ waba n’Ahenni mu ne sɛnkyerɛnne a ɛbɛkyerɛ sɛ ‘wiase yi awiei bere no adu.’ (Mat. 24:3) Saa nkɔmhyɛ yi wɔ Mateo ti 24 ne 25. Nkɔmhyɛ koro yi ara nso wɔ Marko ti 13 ne Luka ti 21.

2. Dɛn na yɛde yɛn adwene besi so wɔ adesua yi mu, na sɛn na wei bɛboa yɛn?

2 Yesu nam mfatoho mmiɛnsa bi so de kɔkɔbɔ a ɛbɛboa yɛn ma yɛn. Ɛno ne nguan ne mpɔnkye, mmaabun mmadwemma ne nkwaseafo, ne dwetikɛse ho mfatoho no. Mfatoho no mu biara ma yehu sɛ, sɛnea obi bɛbɔ ne bra no, ɛno na wɔbegyina so abu no atɛn. Yebesusuw saa mfatoho ahorow yi ho, na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi mu ne sɛnea yebetumi de abɔ yɛn bra. Nguan ne mpɔnkye ho mfatoho no na yebedi kan asusuw ho.

NGUAN NE MPƆNKYE NO

3. Bere bɛn na Yesu bebu nnipa atɛn?

3 Nguan ne mpɔnkye ho mfatoho no mu no, Yesu kaa sɛ nea nkurɔfo bɛyɛ wɔ asɛmpa no ho ne nea wɔbɛyɛ ama ne nuanom a wɔasra wɔn no, ɛno na obegyina so abu wɔn atɛn. (Mat. 25:​31-46) “Ahohiahia kɛse” no mu na saa atemmu yi bɛkɔ so. Owiei ara na Armagedon toa so. (Mat. 24:21) Sɛnea oguanhwɛfo paapae nguan ne mpɔnkye mu no, saa ara na Yesu nso bɛpaapae nnipa mu; ɔde wɔn a wɔboa n’akyidifo a wɔasra wɔn no begyina ɔfa baako na ɔde wɔn a wɔnyɛ saa no nso agyina ɔfa baako.

4. Sɛnea Yesaia 11:​3, 4 kyerɛ no, adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bebu atɛn turodoo ama nnipa? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no nso.)

4 Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ Yesu a Yehowa apaw no sɛ Ɔtemmufo no bebu atɛntrenee. (Kenkan Yesaia 11:​3, 4.) Ɔhwɛ nnipa abrabɔ, wɔn suban ne wɔn kasa. Afei nso, ɔhwɛ sɛnea nkurɔfo ne ne nuanom a wɔasra wɔn no di. (Mat. 12:​36, 37; 25:40) Enti Yesu behu wɔn a wɔboaa ne nuanom a wɔasra wɔn no ne adwuma a wɔyɛe no. a Wɔn a wɔte sɛ nguan no, ɔkwan titiriw baako a wɔfa so boa Kristo nuanom no ne sɛ, wɔne wɔn yɛ asɛnka adwuma no. Wɔn a wɔyɛ saa adwuma yi bi de boa ne nuanom no, obebu wɔn sɛ ‘atreneefo,’ na wɔbetumi anya “daa nkwa” wɔ asaase so. (Mat. 25:46; Adi. 7:​16, 17) Wei nyɛ akatua ketewa! Sɛ wɔkɔ so di nokware wɔ ahohiahia kɛse no mu ne ɛno akyi a, wɔn din bɛka “nkwa nhoma” no mu.—Adi. 20:15.

Ɛrenkyɛ, Yesu bebu nnipa atɛn ahwɛ sɛ wɔbɔɔ wɔn bra sɛ nguan anaa wɔbɔɔ wɔn bra sɛ mpɔnkye (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Nguan ne mpɔnkye ho mfatoho no, asuade bɛn na ɛwom, na henanom na ɛfa wɔn ho?

5 Di nokware kosi awiei. Yesu mfatoho a ɛfa nguan ne mpɔnkye ho no, wɔn a ɛfa wɔn ho paa ne wɔn a ɛwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no. Wɔboa Kristo nuanom no ma wɔyɛ asɛnka adwuma no de kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Afei nso, anuanom mmarima kakraa bi a Yesu apaw wɔn sɛ wɔnni nneɛma anim a wɔasra wɔn no, wɔtie wɔn akwankyerɛ. (Mat. 24:45) Nanso wɔn a ɛwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no nso, ɛsɛ sɛ wɔtie kɔkɔbɔ a ɛwɔ mfatoho yi mu no. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu hwɛ wɔn abrabɔ, wɔn suban ne wɔn kasa. Ɛsɛ sɛ wɔn nso di nokware kosi awiei. Nea ɛwom ne sɛ, Yesu san maa mfatoho mmienu bi a ɔhyɛɛ da de bɔɔ wɔn a wɔasra wɔn no kɔkɔ. Saa mfatoho yi nyinaa nso wɔ Mateo ti 25. Afei, mmaabun mmadwemma ne nkwaseafo ho mfatoho no, momma yensusuw ho.

MMAABUN MMADWEMMA NE NKWASEAFO HO MFATOHO NO

6. Dɛn na mmaabun no mu nnum yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔyɛ mmadwemma? (Mateo 25:​6-10)

6 Mmaabun ho mfatoho no mu no, Yesu kaa sɛ mmaabun du bi puei sɛ wɔrekohyia ayeforokunu. (Mat. 25:​1-4) Ná wɔn nyinaa pɛ sɛ wɔne ayeforokunu no kɔ n’ayeforohyia apontow no ase. Yesu kaa sɛ na wɔn mu nnum yɛ “mmadwemma,” ɛnna nnum a aka no nso yɛ “nkwaseafo.” Ná mmadwemma no asiesie wɔn ho na na wɔn ani da hɔ. Ná wɔayɛ krado sɛ, sɛ ayeforokunu no kyɛ sɛ dɛn, anaa ɔba dasum mpo a, wɔbɛtwɛn. Enti wɔde nkanea kɔe. Wɔtɔɔ ngo no bi mpo kaa ho kɔe sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ayeforokunu no kyɛ a, wɔn ho renkyere wɔn. Enti na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔremma wɔn nkanea no nnum. (Kenkan Mateo 25:​6-10.) Bere a ayeforokunu no bae no, mmaabun mmadwemma no ne no kɔɔ ayeforohyia apontow no ase. Kristofo a wɔasra wɔn no nso, sɛ wɔkɔ so ma wɔn ani da hɔ na wɔdi nokware kosi sɛ Kristo bɛba a, obebu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔbɛka ɔno a ɔyɛ Ayeforokunu no ho wɔ ne soro Ahenni no mu. b (Adi. 7:​1-3) Mmabun nkwaseafo no nso ɛ, dɛn na ɛtoo wɔn?

7. Dɛn na ɛtoo mmaabun nkwaseafo nnum no, na adɛn ntia?

7 Mmaabun nkwaseafo nnum no de, ayeforokunu no bae no na wɔnyɛɛ krado. Ná wɔn nkanea no reyɛ adum ara ne sa, na wɔamfa ngo nso anka ho ankɔ. Bere a wɔtee sɛ ayeforokunu no reba no, na ɛsɛ sɛ wɔkɔtɔ ngo no bi. Ayeforokunu no bedui no, na wɔmmae. Saa bere no, “mmaabun a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforohyia apontow no ase, na wɔtoo pon no mu.” (Mat. 25:10) Akyiri yi, bere a mmaabun nkwaseafo no bae a na wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no, ayeforokunu no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minnim mo.” (Mat. 25:​11, 12) Ná saa mmaabun no nsiesiee wɔn ho sɛ, sɛ ayeforokunu no kyɛ a, wɔbɛtwɛn no. Dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no betumi asua afi mu?

8-9. Mmaabun ho mfatoho no, dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no betumi asua afi mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Siesie wo ho na ma w’ani nna hɔ. Ɛnyɛ sɛ na Yesu reka sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bɛyɛ akuw mmienu; wɔn a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛtwɛn akosi wiase yi awiei ne wɔn a wɔnsiesiee wɔn ho. Mmom, sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ansiesie wɔn ho sɛ wɔbemia wɔn ani agyina mu akosi awiei a, nea ɛbɛto wɔn no, ɛno ho asɛm na na ɔreka. Ɛba saa a, wɔrennya wɔn akatua no. (Yoh. 14:​3, 4) Wei yɛ aniberesɛm! Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asaase so oo, kɔkɔbɔ a ɛwɔ mmaabun ho mfatoho no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma n’ani da hɔ na osiesie ne ho, na ɔyɛ krado sɛ obemia n’ani agyina mu akosi awiei.—Mat. 24:13.

9 Yesu de mmaabun ho mfatoho no kyerɛe sɛ ehia sɛ yesiesie yɛn ho na yɛma yɛn ani da hɔ. Owiei no, ɔmaa dwetikɛse ho mfatoho no. Saa mfatoho no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma.

Kɔkɔbɔ a ɛwɔ mmaabun ho mfatoho no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara fa no aniberesɛm, na yesiesie yɛn ho na yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛyɛ krado sɛ yebemia yɛn ani agyina mu akosi awiei (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)


DWETIKƐSE HO MFATOHO NO

10. Dɛn na nkoa mmienu bi yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔyɛ anokwafo? (Mateo 25:​19-23)

10 Dwetikɛse ho mfatoho no mu no, Yesu kaa nkoa mmiɛnsa bi ho asɛm. (Mat. 25:​14-18) Bere a wɔn wura rebetu kwan no, ɔmaa wɔn dwetikɛse sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na ɛyɛ sika kɛse paa. Wɔn mu mmienu yeree wɔn ho de sika no yɛɛ adwuma nyaa bi kaa ho de kyerɛe sɛ wɔyɛ anokwafo, nanso ɔbaako a ɔka ho no anyɛ saa. Bere a wɔn wura no fi akwantu mu bae no, na mmienu no de sika no ayɛ adwuma ma abɔ ho. Wɔn wura no kamfoo wɔn, na wɔne ‘wɔn wura no ani gyei.’ (Kenkan Mateo 25:​19-23.) Na akoa a ɔtɔ so mmiɛnsa no nso ɛ? Sika a ne wura no de maa no no, dɛn na ɔde yɛe?

11. Dɛn na ɛtoo akoa ‘nihafo’ no, na adɛn ntia?

11 Akoa a ɔtɔ so mmiɛnsa no nyaa dwetikɛse baako, nanso na ɔyɛ “onihafo.” Ná ne wura no pɛ sɛ ɔde dwetikɛse no yɛ adwuma, nanso okotutuu fam de hyɛɛ hɔ. Enti bere a ne wura no bae no, wannya sika no bi anka ho amma no. Ná akoa no nni suban pa. Sɛ́ anka ɔbɛpa kyɛw sɛ wadi mfomso sɛ wamfa sika no anyɛ adwuma no, ɔno mmom ka kyerɛɛ ne wura no sɛ ‘n’asɛm yɛ den.’ Ne wura no ankamfo no, mmom ɔkasa tiaa no. Ɛno da nkyɛn a, ogyee dwetikɛse no fii ne nsam na ɔpam no fii ne fie.—Mat. 25:​24, 26-30.

12. Ɛnnɛ, henanom na wɔgyina hɔ ma nkoa anokwafo mmienu no?

12 Nkoa anokwafo mmienu no gyina hɔ ma Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no. Wɔn wura Yesu to nsa frɛ wɔn sɛ ‘wɔmmenya n’anigye no bi.’ Wɔbenya wɔn soro akatua a ɛne owusɔre a edi kan no. (Mat. 25:​21, 23; Adi. 20:5b) Nanso akoa nihafo no nhwɛso bɔne no yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no. Ɔkwan bɛn so?

13-14. Dwetikɛse ho mfatoho no, asuade bɛn na ɛwom ma wɔn a wɔasra wɔn no? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Yere wo ho yɛ adwuma. Dwetikɛse ho mfatoho no, ɛte sɛ mmaabun ho mfatoho no ara. Ná ɛnyɛ sɛ Yesu reka sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bɛyɛ anihaw. Mmom, sɛ wɔn ahokeka no tew kɔ a, nea ɛbɛto wɔn no, ɛno ho asɛm na na ɔreka. Ɛba saa a, wɔrentumi mma ‘frɛ a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn no nni mu,’ na wɔrennya kwan nkɔ ɔsoro Ahenni no mu.—2 Pet. 1:10.

14 Mmaabun ne dwetikɛse ho mfatoho a Yesu mae no nyinaa ma ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa siesie wɔn ho na wɔn ani da hɔ. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ adwuma. So Yesu kaa asɛm foforo bi a ɛno nso yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no anaa? Yiw! Yebehu saa kɔkɔbɔ no wɔ asɛm a Yesu kae a ɛwɔ Mateo 24:​40, 41 no.

Yesu pɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no yere wɔn ho yɛ adwuma kosi awiei (Hwɛ nkyekyɛm 13-14) d


HENA NA ‘WƆBƐFA NO AKƆ’?

15-16. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Mateo 24:​40, 41 no si so dua sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no kɔ so wɛn?

15 Ansa na Yesu rema mfatoho mmiɛnsa no, odii kan kaa nea awiei koraa no ɛbɛma yɛahu wɔn a wɔasra wɔn no mu nea wɔagye no atom. Ɔkaa mmarima baanu a wɔwɔ afuw mu ne mmea baanu a wɔreyam ade wɔ ɔbo so ho asɛm. Asɛ na mmarima no reyɛ adwuma baako, ɛnna mmea no nso reyɛ adwuma baako. Nanso Yesu kaa sɛ, “wɔbɛfa ɔbaako akɔ na wɔagyaw ɔbaako.” (Kenkan Mateo 24:​40, 41.) Afei, otuu n’akyidifo no fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.” (Mat. 24:42) Bere a Yesu maa mmaabun ho mfatoho no wiei no, ɛno nso, ɔkaa biribi a ɛte saa. (Mat. 25:13) Saa nsɛm yi wɔ abusuabɔ anaa? Biribi saa. Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no nko ara na Yesu ‘bɛfa wɔn akɔ’ ɔsoro Ahenni no mu.—Yoh. 14:3.

16 Kɔ so wɛn. Kristoni biara a wɔasra no a wankɔ so anwɛn no, sɛ wɔreboaboa “wɔn a wapaw wɔn no ano” a, wɔremfa no nka ho. (Mat. 24:31) Nanso sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena asaase so mpo a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie Yesu kɔkɔbɔ no, na yɛkɔ so wɛn na yedi nokware kosi awiei.

17. Yɛn bere yi so no, sɛ Yehowa si gyinae sɛ ɔde honhom kronkron bɛsra obi a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn?

17 Yɛabehu Yehowa yiye, enti yegye di paa sɛ nea ɔyɛ biara ye. Enti sɛ Yehowa si gyinae sɛ, ɔde honhom kronkron bɛsra Kristofo anokwafo no bi wɔn yɛn bere yi so a, ɛnhaw yɛn. c Yesu mfatoho bi mu no, adwumayɛfo bi a wɔkɔyɛɛ bobefuw bi mu adwuma dɔnhwerew baako pɛ no, yɛkae nea ɔka faa wɔn ho. (Mat. 20:​1-16) Wɔn a wɔkɔyɛɛ bobefuw no mu adwuma akyiri yi ne wɔn a wɔdii kan kɔyɛe no, wɔn nyinaa nyaa akatua baako. Enti ɛmfa ho bere a wɔbɛsra obi no, sɛ odi nokware kosi awiei nko ara de a, ne nsa bɛka ɔsoro akatua no.

TIE KƆKƆBƆ NO

18-19. Mfatoho ahorow a yɛasusuw ho yi, dɛn na yɛasua afi mu?

18 Dɛn na yɛasusuw ho? Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no, nguan ne mpɔnkye ho mfatoho no ma wɔhu sɛ, ehia sɛ wɔdi Yehowa nokware kosi awiei. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔdi nokware fi saa bere yi ara kosi ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. Saa bere no, Yesu bebu anokwafo no sɛ wɔfata sɛ ‘wɔnya daa nkwa.’—Mat. 25:46.

19 Afei nso, mfatoho mmienu bi a ɛde kɔkɔbɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no, yɛasusuw ho. Yesu mfatoho a ɛfa mmaabun mmadwemma ne nkwaseafo no ho no, wɔn mu nnum daa no adi sɛ wɔyɛ anyansafo. Wɔsiesiee wɔn ho, na wɔmaa wɔn ani daa hɔ, enti na wɔayɛ krado sɛ, sɛ ayeforokunu no kyɛ sɛ dɛn mpo a, wɔbɛtwɛn no. Nanso mmaabun nkwaseafo no de, na wɔnsiesiee wɔn ho. Enti ayeforokunu no amma wɔn kwan amma wɔamma n’ayeforohyia apontow no ase. Yɛn nso, sɛ ɛkyɛ sɛ dɛn mpo ansa na Yesu abɛsɛe saa wiase bɔne yi a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtwɛn. Afei nso, dwetikɛse ho mfatoho a Yesu mae no mu no, yehui sɛ nkoa anokwafo mmienu bi yeree wɔn ho yɛɛ adwuma. Wɔyeree wɔn ho yɛɛ adwuma maa wɔn wura no kamfoo wɔn. Nanso akoa nihafo no de, owura no pam no. Dɛn na yesua fi mu? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu kosi awiei. Nea etwa to no, yɛahu sɛ, ansa na Yesu ‘bɛfa’ wɔn a wɔasra wɔn no akɔ soro no, ehia sɛ wɔkɔ so wɛn. Kristofo a wɔasra wɔn no rehwɛ kwan denneennen sɛ ‘wɔbɛboaboa wɔn ano’ akɔka Yesu ho wɔ soro. Armagedon ko no akyi no, wɔne Yesu a ɔyɛ Oguammaa no behyia ayeforo.—2 Tes. 2:1; Adi. 19:9.

20. Wɔn a wɔtie Yehowa kɔkɔbɔ no, dɛn na ɔbɛyɛ ama wɔn?

20 Ɛwom sɛ ɛrenkyɛ na Yesu abebu atɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yesuro. Sɛ yɛkɔ so di nokware a, yɛn soro Agya no bɛma yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yebetumi agyina onipa Ba no anim.’ (2 Kor. 4:7; Luka 21:36) Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asaase so oo, kɔkɔbɔ a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no, sɛ yetie a, Yehowa begye yɛn atom. Yehowa adom so nti, ‘wɔbɛkyerɛw yɛn din wɔ nkwa nhoma no mu.”—Dan. 12:1; Adi. 3:5.

DWOM 26 Moyɛ Maa Me

a Hwɛ asɛm a yɛato din, “Sɛnea Yehowa Bebu Atɛn Daakye No, Dɛn Na Yenim Wɔ Ho?” no. Ɛwɔ May 2024 Ɔwɛn-Aban mu.

b Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din, “‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?” no. Ɛwɔ March 2015 Ɔwɛn-Aban mu.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi a wɔasra no ne awuraa bi a ohyiaa no wɔ asɛnka mu reyɛ Bible adesua.