Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yedi Nokware a, Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn

Yedi Nokware a, Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn

‘Munsuasua wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.’​—HEBRIFO 6:12.

NNWOM: 86, 54

1, 2. Ɔhaw bɛn na Yefta ne ne babea no hyiae?

ABABAA bi de mmirika rekohyia ne papa. N’ani agye paa sɛ ne papa akɔ ɔko aba asomdwoe mu. Ne papa dii nkonim kɛse, na ɛmaa ne ba no de anigye too dwom dii asaw. Ɛbɛyɛ sɛ nea ababaa no papa yɛe ne asɛm a ɔkae no yɛɛ no nwonwa. Ne papa suan n’atade mu, na ɔteɛɛm sɛ: “Ao me ba! Woama mahodwow,” anaa woahaw me. Afei ne papa ka kyerɛɛ no sɛ, mahyɛ Yehowa bɔ a ɛbɛma w’asetena asesa afebɔɔ. Ɛbɔ a papa no hyɛe no kyerɛ sɛ ne ba no rentumi nware nwo mma da. Nanso ntɛm ara na asɛm a ababaa no kae no hyɛɛ ne papa nkuran sɛ onni ɛbɔ a wahyɛ Yehowa no so. Asɛm a ababaa no kae no kyerɛ sɛ na ogye di paa sɛ biribiara a Yehowa bɛka sɛ ɔnyɛ no bɛboa no. (Atemmufo 11:34-37) Bere a papa no hui sɛ ababaa no wɔ gyidi saa no, n’ani gyei efisɛ na onim sɛ, sɛ ne ba no yi ne yam som Yehowa a, Yehowa ani bɛsɔ.

2 Ná Yefta ne ne babea no gye di paa sɛ nea Yehowa bɛyɛ biara ye. Bere a nneɛma mu yɛɛ den maa wɔn mpo no, wodii Yehowa nokware. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti, wɔtee nka sɛ biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre no nyɛ hwee.

3. Adɛn nti na nea Yefta ne ne babea no yɛe no betumi aboa yɛn nnɛ?

3 Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi Yehowa nokware. Ehia sɛ ‘yɛko denneennen pere gyidi’ no. (Yuda 3) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, momma yɛnhwɛ nea ɛboaa Yefta ne ne babea no ma wotumi faa ɔhaw mu. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi dii Yehowa nokware?

NNEƐMA BƆNE ATWA WO HO AHYIA MPO A, KƆ SO DI NOKWARE

4, 5. (a) Bere a Israelfo kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ahyɛde bɛn na Yehowa de maa wɔn? (b) Sɛnea Dwom 106 ma yehu no, atua a Israelfo tewee no, ɔhaw bɛn na ɛkɔfa bae?

4 Yegye di sɛ da biara da na Yefta ne ne babea no kae Yehowa so asoɔden a Israelfo no yɛe, ne nea ɛkɔfa bae no. Bɛyɛ mfe 300 a na atwam no, na Yehowa aka akyerɛ Israelfo sɛ wonkunkum abosonsomfo a wɔwɔ Bɔhyɛ Asase no so nyinaa, nanso wɔantie. (Deuteronomium 7:1-4) Israelfo no pii fii ase suasuaa Kanaanfo abosonsomfo a na wɔn bra asɛe no.​—Kenkan Dwom 106:34-39.

5 Asoɔden a Israelfo yɛe nti, Yehowa ammɔ wɔn ho ban amfi wɔn atamfo ho. (Atemmufo 2:1-3, 11-15; Dwom 106:40-43) Mmusua a wɔdɔ Yehowa no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den paa sɛ wobedi Yehowa nokware saa mmere bɔne no mu. Nanso Bible ma yehu sɛ ebinom dii nokware maa Yehowa. Wɔn mu bi ne Yefta ne ne babea no, Elkana, Hanah, ne Samuel. Ná wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛma Yehowa ani agye.​—1 Samuel 1:20-28; 2:26.

6. Subammɔne bɛn na ɛwɔ wiase nnɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

6 Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ nsusuwii ne wɔn nneyɛe te sɛ Kanaanfo no. Nna mu ɔbrasɛe, awudisɛm, ne sika agye wɔn adwene. Nanso Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ. Sɛnea na ɔpɛ sɛ ɔbɔ Israelfo ho ban fi subammɔne a ɛte saa ho no, saa ara na ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban. Dɛn na yebetumi asua afi mfomso a wodii no mu? (1 Korintofo 10:6-11) Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nkwati wiase no adwene. (Romafo 12:2) Yemmisa yɛn ho sɛ, yɛreyɛ saa anaa?

ƆHAW A YEFTA HYIAE NYINAA AKYI NO, ƆKƆƆ SO DII NOKWARE

7. (a) Ɔkwammɔne bɛn na Yefta ankasa nkurɔfo de no faa so? (b) Dɛn na Yefta yɛe?

7 Yefta bere so no, Filistifo ne Ammonfo teetee Israelfo efisɛ na Israelfo no ayɛ Yehowa so asoɔden. (Atemmufo 10:7, 8) Ɛno da nkyɛn a, Yefta ankasa nuanom ne Israel mpanyimfo dii n’ani. Esiane sɛ na Yefta nuanom ani bere no na wɔtan no nti, wɔpam no fii asase a ɛyɛ ɔno ankasa dea so. (Atemmufo 11:1-3) Ɛwom sɛ wɔyɛɛ Yefta ayayade, nanso wamma ne bo amfuw wɔn. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bere a ɔman no mu mpanyimfo srɛɛ no sɛ ɔmmɛboa wɔn no, wampopo ne ti koraa. (Atemmufo 11:4-11) Wohwɛ a, dɛn na ɛkaa Yefta ma ɔyɛɛ n’ade saa?

8, 9. (a) Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ Mose Mmara no mu a ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa Yefta ma osisii gyinae? (b) Dɛn na na ɛda Yefta koma so paa?

8 Ná Yefta yɛ ɔbarima katakyi kokodurufo, na na onim Israel abakɔsɛm ne Mose Mmara no yiye. Sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii no maa Yefta huu Onyankopɔn adwene wɔ papa ne bɔne ho. (Atemmufo 11:12-27) Yefta dwinnwen saa nsɛm no ho, na ɛboaa no ma osisii gyinae. Ná onim sɛ Yehowa kyi abufuw ne menasepɔw, na na onim sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo dodɔ wɔn ho. Bio nso, Mose Mmara no ma ohuu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔne afoforo tena; wɔn a na wɔtan no mpo ka ho.​—Kenkan Exodus 23:5; Leviticus 19:17, 18.

9 Ɛbɛyɛ sɛ Yosef asɛm no boaa Yefta. Ebia ɔtee sɛ Yosef nuanom tan no nanso ohuu wɔn mmɔbɔ. (Genesis 37:4; 45:4, 5) Yefta dwinnwen nea Yosef yɛe no ho, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛboaa no ma ɔyɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no. Nea Yefta nuanom yɛe no yɛɛ no yaw paa. Nanso ade a na ɛda Yefta koma so paa ne sɛ ɔbɛko agye Yehowa nkurɔfo na watew Yehowa din ho. (Atemmufo 11:9) Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Wei maa Yehowa hyiraa ɔne Israelfo no.​—Hebrifo 11:32, 33.

Sɛ obi yɛ yɛn ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, ɛnsɛ sɛ ɛno ma yegyae Yehowa som

10. Ɛnnɛ, yɛbɛyɛ dɛn ama Onyankopɔn asɛm aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade sɛ Kristofo?

10 Dɛn na yebetumi asua afi nea Yefta yɛe no mu? Sɛ yɛn nuanom Kristofo di yɛn huammɔ anaa wɔne yɛn anni no yiye a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ obi yɛ yɛn ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, ɛnsɛ sɛ ɛno ma yegyae Yehowa som. Nnyae asafo nhyiam kɔ da, na ntwe wo ho mfi anuanom ho. Momma yensuasua Yefta na yentie Yehowa. Eyi bɛboa yɛn na sɛ yehyia ɔhaw bi a, yɛn abam ammu na nkurɔfo ahwɛ yɛn asua yɛn.​—Romafo 12:20, 21; Kolosefo 3:13.

YEYI YƐN YAM DE NNEƐMA BƆ AFƆRE A, ƐKYERƐ SƐ YƐWƆ GYIDI

11, 12. Ɛbɔ bɛn na Yefta hyɛe, na na ɛkyerɛ sɛn?

11 Ná Yefta nim sɛ, sɛ Onyankopɔn nsa nnim a, ɔrentumi nnye Israelfo mfi Ammonfo nsam. Ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ, sɛ ɔma odi nkonim na ɔreba fie a, ɔde onipa a obedi kan afi ne fie abehyia no no bɛbɔ “ɔhyew afɔre” ama Yehowa. (Atemmufo 11:30, 31) Ná ɛno kyerɛ sɛn?

12 Yehowa kyi sɛ yɛde nnipa bɛbɔ afɔre, enti yenim sɛ na ɛnyɛ Yefta adwene ne sɛ ɔbɛhyew ne ba no de no abɔ afɔre. (Deuteronomium 18:9, 10) Mose Mmara no mu no, sɛ obi bɔ ɔhyew afɔre a, na ɔde afɔrebɔde no nyinaa ma Yehowa. Enti nea na Yefta rekyerɛ ne sɛ onipa a ɔde no bɛma Yehowa no bɛsom wɔ asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa. Yehowa tiee Yefta na ɔboaa no ma odii nkonim kɛse. (Atemmufo 11:32, 33) Nanso hena na na Yefta de no bɛma Yehowa?

13, 14. Asɛm a Yefta kae wɔ Atemmufo 11:35 no ma yehu sɛ na ne gyidi te sɛn?

13 Susuw asɛm a yɛkae wɔ adesua yi mfiase no ho hwɛ. Bere a Yefta fi ɔko reba fie no, ne babea na odii kan behyiaa no. Ná ɔda ne koma so, na na odi no bakoro! Wohwɛ a, na Yefta bedi ne bɔhyɛ so anaa? Ná ɔde ne babea no bɛma Yehowa ma wasom wɔ asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa?

14 Asɛm yi mu nso, ɛbɛyɛ sɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara no mu boaa Yefta ma osii gyinae pa. Ebia ɔkaee asɛm a ɛwɔ Exodus 23:19 no. Ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nneɛma a edi mũ paa ma Yehowa. Ná ɛsan wɔ Mmara no mu sɛ, sɛ obi hyɛ Yehowa bɔ a, “ɛnsɛ sɛ obu so. Ɔnhwɛ nni nea waka no nyinaa so.” (Numeri 30:2) Ɛbɔ a Yefta hyɛe no, na onim nea ɛde bɛba ɔne ne babea no so, nanso na ɛsɛ sɛ odi so. Odii nokware de suasuaa Hanah a ɛbɛyɛ sɛ ɔtenaa ase wɔ ne bere so no. Esiane sɛ na ne ba no bɛkɔ akɔsom wɔ asɔrefie hɔ nti, na ɔrentumi nwo mma da. Enti na Yefta rennya obi a ɔbɛto no badin na wadi n’ade. (Atemmufo 11:34) Ɛno mpo no, Yefta fi ne komam kae sɛ: “Manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ, enti mintumi nsan m’akyi.” (Atemmufo 11:35) Yehowa ani sɔɔ afɔre kɛse a Yefta bɔe no na ohyiraa no. Sɛ ɛyɛ wo a, anka wubetumi adi nokware te sɛ Yefta?

15. Ɛbɔ bɛn na yɛn mu pii ahyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn adi so?

15 Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, yɛhyɛɛ bɔ sɛ nea ebesi biara yɛbɛyɛ n’apɛde. Ná yenim sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ den sɛ yebedi saa bɔhyɛ no so. Nanso sɛ yɛka sɛ yɛnyɛ biribi a yɛn ani nnye ho a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛma yɛn adwene si yɛn pi na yefi yɛn komam tie Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛde nneɛma bi bɛbɔ afɔre, nanso sɛ yetumi bɔ a, Yehowa hyira yɛn pii. (Malaki 3:10) Yefta babea no nso ɛ? Dɛn na ɔyɛe wɔ ne papa bɔhyɛ no ho?

Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yefta ne ne babea no gyidi? (Hwɛ nkyekyɛm 16, 17)

16. Bere a Yefta babea no tee ɛbɔ a ne papa ahyɛ no, dɛn na ɔyɛe? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

16 Ɛsono ɛbɔ a Yefta hyɛe, ɛnna ɛsono ɛbɔ a Hanah nso hyɛe. Hanah hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ne ba Samuel akɔsom wɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔhotuafo. (1 Samuel 1:11) Sɛ obi yɛ ɔhotuafo a, na obetumi aware awo mma. Nanso Yefta de ne babea no mae sɛ “ɔhyew afɔre,” anaa ɔde no maa Yehowa koraa, enti na ɔrentumi nware nwo mma. (Atemmufo 11:37-40) Wo de, susuw ho hwɛ! Anka obetumi aware ɔbarima a odi mũ paa wɔ ɔman no mu efisɛ na ne papa na odi Israel man no anim. Nanso afei de, na ɔbɛkɔ akɔsom sɛ afenaa wɔ asɔrefie hɔ. Dɛn na ababaa yi yɛe? Ɔkyerɛe sɛ ɔde Yehowa som di kan. Ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Sɛ woabue w’ano ahyɛ Yehowa bɔ a, ɛnde nea afi w’anom no, yɛ me saa ara.” (Atemmufo 11:36) Ná ne koma so ade ne sɛ ɔbɛware awo mma, nanso ɔde ne nyinaa too nkyɛn de ne bere nyinaa som Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea oyii ne yam som Yehowa no?

Ná Yefta babea no koma so ade ne sɛ ɔbɛware awo mma, nanso ɔde ne nyinaa too nkyɛn de ne bere nyinaa som Yehowa

17. (a) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yefta ne ne babea no gyidi? (b) Sɛn na asɛm a ɛwɔ Hebrifo 6:10-12 no hyɛ wo nkuran sɛ yi wo yam som Yehowa?

17 Kristofo mmerante ne mmabaa mpempem pii pɛ sɛ wɔtwe aware anaa awo kɔ akyiri. Adɛn ntia? Ɛne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn bere nyinaa som Yehowa. Afei nso, yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bebree yam a anka wobenya bere pii ama wɔn mma ne wɔn mmanana, nanso wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden resom Yehowa. Wɔn mu bi boa adansi adwuma; ebinom nso kɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, na wowie a, wɔakɔboa asafo a emu adawurubɔfo nnɔɔso. Sɛ edu Nkaedi bere a, afoforo nso toto wɔn nneɛma yiye yɛ pii wɔ Yehowa som mu. Yehowa werɛ remfi saa anokwafo a woyi wɔn yam som no no mu biara da. (Kenkan Hebrifo 6:10-12.) Wo nso ɛ? Wubetumi ayi wo yam ayɛ pii wɔ Yehowa som mu?

DƐN NA YƐASUA?

18, 19. Yefta ne ne babea ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, dɛn na yɛasua afi mu, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn?

18 Dɛn na ɛboaa Yefta ma ɔfaa ɔhaw pii a ohyiae no mu? Ɔmaa Yehowa boaa no ma osisii gyinae pa. Wamma nkurɔfo a ɔte wɔn mu no subammɔne ansɛe no. Ɔhaw a Yefta hyiae nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so dii nokware. Yefta ne ne babea no yii wɔn yam som Yehowa, na ohyiraa wɔn. Yehowa de wɔn dii dwuma maa nokware som nyaa nkɔso. Bere mpo a ebinom de Yehowa som too nkyɛn no, Yefta ne ne babea no kɔɔ so dii Yehowa nokware.

19 Bible ka sɛ: ‘Munsuasua wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no.’ (Hebrifo 6:12) Momma yensuasua Yefta ne ne babea no, efisɛ yenim sɛ sɛ yɛkɔ so di nokware a, Yehowa behyira yɛn.