Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yensi Yɛn Bo sɛ ‘Yɛbɛma Yɛn Nuadɔ Akɔ So’!

Momma Yensi Yɛn Bo sɛ ‘Yɛbɛma Yɛn Nuadɔ Akɔ So’!

“Momma mo nuadɔ nkɔ so.”​—HEBRIFO 13:1.

NNWOM: 72, 119

1, 2. Adɛn nti na Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Hebrifo Kristofo no?

AFE 61 mu no, na asafo ahorow a ɛwɔ Israel nyinaa wɔ asomdwoe kakra. Saa bere no, na ɔsomafo Paulo da afiase wɔ Roma, nanso na ɔhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ wobeyi no. Na woyii Timoteo a na ɔne no tutu akwan no nso fii afiase nkyɛe, na na wɔn baanu nyinaa hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔsra anuanom a wɔwɔ Yudea. (Hebrifo 13:23) Ná ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Yudea, ne titiriw, wɔn a na wɔte Yerusalem no keka wɔn ho wɔ mfe anum a ɛda wɔn anim no mu. Dɛn ntia? Ná Yesu adi kan aka akyerɛ n’akyidifo sɛ, sɛ wohu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia pɛ a, ɛsɛ sɛ woguan.—Luka 21:20-24.

2 Yesu de saa kɔkɔbɔ no maa n’akyidifo no, na mfe 28 atwam. Saa bere no, na Kristofo a wɔwɔ Israel rehyia ɔtaa ne sɔhwɛ pii, nanso wɔkɔɔ so dii nokware. (Hebrifo 10:32-34) Ná Paulo pɛ sɛ osiesie wɔn ma nea ɛreba no. Efisɛ na wɔreba abehyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara. (Mateo 24:20, 21; Hebrifo 12:4) Enti na ɛho behia sɛ wonya boasetɔ ne gyidi a emu yɛ den sen biara na ama wɔatumi adi asɛm a Yesu kae no so. Yesu kae sɛ wonguan, na wɔn nkwa gyina saa a wɔbɛyɛ no so. (Kenkan Hebrifo 10:36-39.) Enti Yehowa de honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa saa anuanom no de hyɛɛ wɔn den wɔ nea na ɛreba no ho. Saa krataa no na seesei wɔfrɛ no Hebrifo nhoma no.

3. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Hebrifo nhoma no ho hia yɛn?

3 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no ma Hebrifo nhoma no ho hia yɛn. Dɛn ntia? Efisɛ asetena a yɛwɔ mu nnɛ no te sɛ Kristofo a na wɔwɔ Yudea de no pɛpɛɛpɛ. Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na anuanom pii agyina sɔhwɛ anaa ɔtaa ahorow a emu yɛ den ano. (2 Timoteo 3:1, 12) Nanso yɛn mu dodow no ara wɔ asomdwoe, na ɔtaa mmaa yɛn so. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ te sɛ Kristofo a na wɔwɔ Paulo bere so no. Dɛn ntia? Efisɛ yebehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den paa nnansa yi ara!—Kenkan Luka 21:34-36.

4. Dɛn ne afe 2016 afe asɛm no, na adɛn nti na ɛfata?

4 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama nea ɛreba no? Paulo kaa nneɛma pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn gyidi den ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu. Yehu asɛm a ɛho hia paa bi wɔ Hebrifo 13:1. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Momma mo nuadɔ nkɔ so.” Saa kyerɛwsɛm yi na ɛyɛ afe 2016 afe asɛm.

Afe 2016 afe asɛm: “Momma mo nuadɔ nkɔ so.”​—Hebrifo 13:1

DƐN NE ONUADƆ?

5. Dɛn ne onuadɔ?

5 Dɛn ne onuadɔ? Nea Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma no kyerɛ ankasa ne “ɔdɔ a obi nya ma ne nua.” Onuadɔ yɛ ɔdɔ a emu yɛ den paa. Ɛyɛ ɔdɔ a obi wɔ ma n’abusuafo anaa ne nnamfo a onni wɔn ho agoru. (Yohane 11:36) Yehowa Adansefo de, yɛnyɛ yɛn ho sɛ yɛyɛ anuanom kɛkɛ. Mmom, yɛyɛ anuanom ankasa. (Mateo 23:8) Paulo kae sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Romafo 12:10) Saa asɛm yi ma yehu ɔdɔ a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ yenya ma yɛn nuanom. Onuadɔ yi ne Kristofo dɔ boa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔyɛ nnamfo pa na wɔyɛ biako.

6. Nokware Kristofo te onuadɔ ase dɛn?

6 Yɛtaa hu asɛm “onuadɔ” wɔ Kristofo nhoma ahorow mu. Sɛ tete Yudafo no ka “onua” a, na ɛtaa kyerɛ obusuani, na ɛtɔ mmere bi a na wotumi frɛ Yudani biara nso onua. Nanso, obi a ɔnyɛ Yudani de, na wɔmfrɛ no onua. Nokware Kristofo de, nokware Kristoni biara yɛ yɛn “nua,” ɛmfa ho ɔman anaa baabi a ofi. (Romafo 10:12) Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho sɛ anuanom. (1 Tesalonikafo 4:9) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so da onuadɔ adi?

DƐN NTI NA ƐHO HIA PAA SƐ YƐKƆ SO DA ONUADƆ ADI?

7. (a) Ade a ɛho hia paa bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda onuadɔ adi? (b) Kyerɛ ade foforo a enti ehia sɛ yɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu den.

7 Nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛda onuadɔ adi ne sɛ Yehowa na waka sɛ yɛnyɛ saa. Sɛ yɛannɔ yɛn nuanom a, yɛrentumi nka ankasa sɛ yɛdɔ Yehowa. (1 Yohane 4:7, 20, 21) Ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom ne sɛ yehia yɛn nuanom mmoa, titiriw no, wɔ mmere a emu yɛ den mu. Bere a Paulo kyerɛw Hebrifo Kristofo no, na onim sɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔn mu binom aguan agyaw wɔn afie ne wɔn nneɛma hɔ. Ná Yesu adi kan aka sɛnea saa mmere no mu bɛyɛ den ho asɛm. (Marko 13:14-18; Luka 21:21-23) Ná ɛsɛ sɛ saa Kristofo no hyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no mu den ansa na saa bere no adu.—Romafo 12:9.

Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ onuadɔ a yɛwɔ no mu den seesei efisɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no ano

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei ansa na ahohiahia kɛse no afi ase?

8 Ahohiahia kɛse a ebi nsii da wɔ adesamma asetenam reba nnansa yi ara. (Marko 13:19; Adiyisɛm 7:1-3) Ɛho behia sɛ yetie afotu a edi so yi: “Me man, monkɔ mo mpia mu na monto mu. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” (Yesaia 26:20) Ebetumi aba sɛ saa “mpia” no gyina hɔ ma asafo ahorow a yɛwɔ mu no. Asafo no mu na yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea som Yehowa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen hyia a yehyiam ara kɛkɛ. Paulo ka kyerɛɛ Hebrifo Kristofo no sɛ wɔnhyehyɛ wɔn ho nkuran na wɔnnodɔ wɔn ho, na wɔnyɛ wɔn ho wɔn ho papa. (Hebrifo 10:24, 25) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ onuadɔ a yɛwɔ no mu den seesei efisɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no ano.

9. (a) Hokwan ahorow bɛn na yenya de da onuadɔ adi nnɛ? (b) Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa asomfo ada onuadɔ adi.

9 Ɛnnɛ, nsɛm pii sisi a ebetumi ama yɛada onuadɔ adi ansa na ahohiahia kɛse no afi ase. Asasewosow, nsuyiri, mframa gyampanturudu, asasewosow a esi wɔ po mu ma nsu twiw fa asase so, ne atoyerɛnkyɛm afoforo ama yɛn nuanom rehu amane. Anuanom binom rehyia ɔtaa. (Mateo 24:6-9) Esiane sɛ yɛn nuanom te wiase a nyansakorɔn ahyɛ mu ma mu nti, wohyia sikasɛm mu ahokyere da biara da. (Adiyisɛm 6:5, 6) Nanso ɔhaw bebree a yɛn nuanom hyia no ma yenya hokwan pii a yɛde bɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn. Ɛwom sɛ ɔdɔ nni saa wiase yi mu de, nanso yɛn de ɛsɛ sɛ yɛkɔ so da onuadɔ adi. (Mateo 24:12) [1]​—Hwɛ awiei asɛm no.

YƐBƐYƐ DƐN AMA YƐN NUADƆ AKƆ SO?

10. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

10 Ɔhaw ahorow a yehyia nyinaa akyi no, yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ada onuadɔ adi? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom? Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ, “momma mo nuadɔ nkɔ so” no, ɔkyerɛɛ akwan a Kristofo betumi afa so ayɛ saa. Afei momma yensusuw emu asia ho nhwɛ.

11, 12. Dɛn na yebetumi ayɛ de ada ahɔhoyɛ adi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 “Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ.” (Kenkan Hebrifo 13:2.) Asɛmfua “ahɔhoyɛ” kyerɛ dɛn? Nea asɛmfua a Paulo de yɛɛ adwuma no kyerɛ ankasa ne “ayamye a yeyi no adi kyerɛ ahɔho.” Saa asɛm yi ma yɛkae Abraham ne Lot. Mmarima baanu yi daa ayamye adi kyerɛɛ ahɔho bi a na wonnim wɔn. Awiei koraa no, Abraham ne Lot hui sɛ saa ahɔho no yɛ abɔfo ankasa. (Genesis 18:2-5; 19:1-3) Saa nhwɛso a Paulo de mae no hyɛɛ Hebrifo Kristofo no nkuran, na wɔnam ahɔhoyɛ so kyerɛe sɛ wɔdɔ wɔn nuanom.

12 Yɛbɛyɛ dɛn ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ afoforo? Yebetumi ato nsa afrɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea aba yɛn fie abedidi anaasɛ yɛahyɛ wɔn nkuran. Ɛwom sɛ ebia yennim yɛn mansin sohwɛfo ne ne yere yiye de, nanso sɛ wɔbɛsra yɛn asafo no a, yebetumi ato nsa afrɛ wɔn. (3 Yohane 5-8) Enhia sɛ yɛtow pon kɛse anaasɛ yɛbɔ ka pii. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn nuanom nkuran, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛma wɔahu sɛ yɛanya yɛn ho. Ɛnyɛ wɔn a wobetumi ayɛ bi atua yɛn ka nko ara na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn. (Luka 10:42; 14:12-14) Nea ɛho hia paa ne sɛ yɛremma nneɛma nnye yɛn bere araa ma yemmmu yɛn ani nngu ahɔhoyɛ so!

13, 14. Yɛbɛyɛ dɛn ‘akae wɔn a wɔde wɔn agu afiase’ no?

13 “Monkae wɔn a wɔagu wɔn mpokyerɛ wɔ afiase.” (Kenkan Hebrifo 13:3.) Bere a Paulo kyerɛw saa asɛm no, na ɔreka anuanom a wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase no ho asɛm. Paulo kamfoo asafo no, efisɛ wɔmaa ‘wɔn a na wɔda afiase no asɛm yɛɛ wɔn mmɔbɔ.’ (Hebrifo 10:34) Bere a wɔde Paulo too afiase mfe anan no, anuanom bi boaa no, nanso na ebinom te akyirikyiri. Ná wɔbɛyɛ dɛn aboa Paulo? Ná wobetumi akɔ so abɔ mpae denneennen ama no.—Filipifo 1:12-14; Hebrifo 13:18, 19.

Yebetumi abɔ mpae ama anuanom mmarima, mmea, ne mmofra a wogu afiase wɔ Eritrea no

14 Ɛnnɛ, anuanom binom gyidi nti wɔde wɔn agu afiase. Anuanom a wɔte bɛn hɔ betumi de nneɛma a wohia akɔma wɔn. Nanso yɛn mu pii nte mmɛn wɔn a wɔde wɔn agu afiase no. Dɛn na yɛbɛyɛ de aboa wɔn na yɛn werɛ amfi wɔn? Esiane sɛ yɛdɔ wɔn nti, yɛbɛbɔ mpae denneennen ama wɔn. Yebetumi abɔ mpae ama anuanom mmarima, mmea, ne mmofra a wogu afiase wɔ Eritrea no. Wɔn mu bi ne Paulos Eyassu, Isaac Mogos, ne Negede Teklemariam. Mfe 20 ni a wɔde anuanom baasa yi guu afiase, na wɔda so ara da mu.

15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi yɛn aware ni?

15 “Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam.” (Kenkan Hebrifo 13:4.) Yebetumi ama yɛn abrabɔ nso ho atew de ada onuadɔ adi. (1 Timoteo 5:1, 2) Sɛ yɛne onua anaa onuawa bi bɔ aguaman a, ɛde ɔhaw bɛba ɔne n’abusua so. Ɛremma anuanom nnya yɛn mu ahotoso. (1 Tesalonikafo 4:3-8) Afei nso, sɛ ɔbea bi hu sɛ ne kunu hwɛ ponografi anaa aguamansɛm a, hwɛ sɛnea ɛbɛhaw no afa. Wohwɛ a, ɔbɛte nka sɛ ne kunu dɔ no na odi wɔn aware no ni?—Mateo 5:28.

16. Sɛ nea yɛwɔ dɔɔso ma yɛn a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛada onuadɔ adi?

16 “Momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.” (Kenkan Hebrifo 13:5.) Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, ɛbɛboa yɛn ma nea yɛwɔ adɔɔso ama yɛn, kyerɛ sɛ, yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aboa yɛn ma yɛada onuadɔ adi? Sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, yɛbɛkae sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea ho hia koraa sen sika ne ahode. (1 Timoteo 6:6-8) Yɛrenkasa ntia yɛn nuanom anaa yɛremfa yɛn haw nguan afoforo ho. Saa ara nso na yɛn ani remmere afoforo, anaa yɛrenyɛ adifudepɛ. Mmom, sɛ nea yɛwɔ dɔɔso ma yɛn a, yebebue yɛn nsam ama afoforo anaa yɛbɛyɛ wɔn adɔe.—1 Timoteo 6:17-19.

17. Sɛ ‘yenya akokoduru’ a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa ma yɛada onuadɔ adi?

17 ‘Munnya akokoduru.’ (Kenkan Hebrifo 13:6.) Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, ɛboa ma yenya akokoduru de gyina sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den ano. Akokoduru a ɛte saa ma yenya adwempa. Sɛ yɛwɔ adwempa a, yebetumi ahyɛ yɛn nuanom nkuran na yɛakyekye wɔn werɛ de ada onuadɔ adi. (1 Tesalonikafo 5:14, 15) Yebetumi ada akokoduru adi wɔ ahohiahia kɛse no mu mpo, efisɛ yenim sɛ yɛn gye abɛn.—Luka 21:25-28.

Yebetumi ada akokoduru adi, efisɛ yenim sɛ yɛn gye abɛn

18. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ onuadɔ a yɛwɔ ma asafo mu mpanyimfo no mu den?

18 “Monkae wɔn a wodi mo anim” no. (Kenkan Hebrifo 13:7, 17.) Asafo mu mpanyimfo de wɔn bere yɛ adwumaden de boa yɛn. Sɛ yesusuw nea wɔyɛ ma yɛn no nyinaa ho a, yenya ɔdɔ ne anisɔ kɛse ma wɔn. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ biribiara de sɛe wɔn anigye anaa yɛma wɔn abam bu da. Mmom no, yɛpɛ sɛ yeyi yɛn yam tie wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛde ‘nidi soronko ma wɔn ɔdɔ mu esiane adwuma a wɔreyɛ no nti.’—1 Tesalonikafo 5:13.

W’ani sɔ adwuma a asafo mu mpanyimfo yɛ ma yɛn no? (Hwɛ nkyekyɛm 18)

MONKƆ SO NYƐ MMORO SO

19, 20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ada onuadɔ adi kɛse?

19 Wonim Yehowa asomfo sɛ wɔyɛ nnipa a wɔwɔ onuadɔ. Saa na na ɛte wɔ Paulo bere so. Nanso, Paulo hyɛɛ anuanom nkuran sɛ wɔnna ɔdɔ adi kɛse. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nyɛ mmoro so.” (1 Tesalonikafo 4:9, 10) Ɛda adi pefee sɛ, yebetumi akɔ so ayɛ saa bere nyinaa!

20 Enti bere a yɛrehwɛ afe asɛm a ɛbɔ yɛn Ahenni Asa so afe yi no, momma yennwinnwen nsɛmmisa a edidi so yi ho: So metumi ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ nnipa pii? Mɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn nuanom a wɔda afiase no? Midi aware nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no ni? Dɛn na ɛbɛboa ma nea mewɔ adɔɔso ama me? Mɛyɛ dɛn atumi de me ho ato Yehowa so kɛse? Mɛyɛ dɛn ayi me yam atie wɔn a wodi asafo no anim no? Sɛ yɛyere yɛn ho nya nkɔso wɔ nneɛma asia yi mu a, afe asɛm no renyɛ biribi a wɔakyerɛw de abɔ dan ho kɛkɛ; ɛbɛkae yɛn ma yɛadi Paulo asɛm yi so: “Momma mo nuadɔ nkɔ so.”​—Hebrifo 13:1.

^ [1] (nkyekyɛm 9) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yehowa Adansefo ada onuadɔ adi wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu a, hwɛ July 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 8-9, ne Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no ti 20.