Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yɛne Mo Bɛkɔ”

“Yɛne Mo Bɛkɔ”

“Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”​—SAKARIA 8:23.

NNWOM: 65, 122

1, 2. (a) Dɛn na Yehowa kae sɛ ebesi wɔ yɛn bere yi so? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YEHOWA kae sɛ yɛn bere yi so, “nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa bɛba abesuso Yudani biako atade mu aka sɛ: ‘Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.’” (Sakaria 8:23) “Yudani” biako no gyina hɔ ma wɔn a Onyankopɔn de honhom kronkron asra wɔn no. Wɔsan frɛ wɔn “Onyankopɔn Israel.” (Galatifo 6:16) “Nnipa du” no gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no. Wonim sɛ Yehowa ahyira kuw a wɔasra wɔn yi, na wogye tom sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔne wɔn bɛbom asom Yehowa.

2 Odiyifo Sakaria ne Yesu nyinaa kae sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ biako. Yesu kae sɛ wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ soro no yɛ “nguankuw ketewa,” na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no yɛ “nguan foforo.” Nanso Yesu kae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ “kuw biako,” na wobedi ɔno a ɔyɛ wɔn ‘hwɛfo biako’ no akyi. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Esiane sɛ wɔyɛ akuw abien nti, ebia ebinom bebisa sɛ: (1) Ɛho hia sɛ nguan foforo no hu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyinaa din? (2) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bu wɔn ho dɛn? (3) Sɛ obi a ɔwɔ m’asafo mu fi ase di paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ minya wɔ ne ho? (4) Sɛ nnipa a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi no ase dodow rekɔ anim a, ɛsɛ sɛ ɛhaw me anaa? Adesua yi bɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

ƐHO HIA SƐ YEHU KRISTOFO A WƆASRA WƆN A WƆWƆ HƆ NNƐ NYINAA DIN?

3. Adɛn nti na yɛrentumi nhu wɔn a wɔde wɔn bɛka 144,000 no ho?

3 Ɛho hia sɛ nguan foforo no hu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no nyinaa din? Dabi. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, obi rentumi nhu sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no benya wɔn akatua ɔkwan biara so. [1] (Hwɛ awiei asɛm no.) Ɛwom sɛ Onyankopɔn afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro de, nanso sɛ wodi nokware kosi ase a, ɛnna wobenya wɔn akatua. Satan nim saa, na ɔnam “atoro adiyifo” so pɛ sɛ ‘ɔdaadaa’ wɔn. (Mateo 24:24) Ɛnyɛ ade a Kristofo a wɔasra wɔn no betumi ahu sɛ wɔn nsa bɛka wɔn akatua no, gye sɛ Yehowa ma wohu sɛ wabu wɔn bem sɛ anokwafo. Yehowa na ogye wɔn tom koraa, anaa ɔma wonya nsɔano a etwa to no. Ɔde ma wɔn ansa na wɔawu anaa aka kakraa bi ma “ahohiahia kɛse” no afi ase no.​—Adiyisɛm 2:10; 7:3, 14.

Yesu ne yɛn Kannifo, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ yedi n’akyi

4. Sɛ yɛrentumi nhu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nnɛ no nyinaa din a, ɛnde yɛbɛyɛ dɛn ne wɔn ‘akɔ,’ anaa yɛne wɔn abɔ?

4 Sɛ ɛnyɛ ade a yebetumi ahu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no nyinaa din a, ɛbɛyɛ dɛn na nguan foforo no ne wɔn ‘akɔ,’ anaa wɔne wɔn abɔ? Bible ka sɛ “nnipa du” no ‘besuso Yudani biako atade mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’ Bible mu asɛm yi ka Yudani biako ho asɛm. Nanso asɛmfua “mo” no gyina hɔ ma nnipa bebree. Eyi kyerɛ sɛ Yudani no nyɛ onipa biako pɛ na mmom egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa. Nguan foforo no nim saa asɛm yi, na wɔne saa kuw no bom som Yehowa. Ɛho nhia sɛ wohu kuw no muni biara din na wodi wɔn mu biara akyi. Yesu ne yɛn Kannifo, na Bible ka sɛ ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ yedi n’akyi.​—Mateo 23:10.

ƐSƐ SƐ KRISTOFO A WƆASRA WƆN NO BU WƆN HO DƐN?

5. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no susuw ho yiye paa, na dɛn ntia?

5 Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no susuw kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Korintofo 11:27-29 no ho yiye paa. (Kenkan.) Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ Kristoni a wɔasra no di paanoo no anaa ɔnom bobesa no wɔ “ɔkwan a ɛnsɛ so” wɔ Nkaedi ase? Sɛ Kristoni a wɔasra no sɛe ɔne Yehowa ntam na wanni no nokware a, ɛnde sɛ odi paanoo no na ɔnom bobesa no bi a, na wanna obu adi. (Hebrifo 6:4-6; 10:26-29) Kɔkɔbɔ a emu yɛ den yi kae Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔn nsa ka “ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ denam Kristo Yesu so no” a, ɛsɛ sɛ wodi nokware kosi ase.​—Filipifo 3:13-16.

6. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bu wɔn ho dɛn?

6 Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Me a meyɛ ɔdeduani wɔ Awurade mu no srɛ mo sɛ monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo no.” Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ saa? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, na mo ne mo ho ntena ɔdɔ mu, na monyere mo ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.” (Efesofo 4:1-3) Yehowa honhom kronkron boa n’asomfo ma wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔnyɛ ahomaso. (Kolosefo 3:12) Enti Kristofo a wɔasra wɔn no nni adwene sɛ wɔkyɛn afoforo. Wonim sɛ honhom kronkron a Yehowa de ma Kristofo a wɔasra wɔn no nsen nea ɔde ma n’asomfo a wɔaka no. Afei nso, ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wobetumi ate Bible mu nokware ase yiye asen obi foforo biara. Saa ara nso na wɔrenka nkyerɛ obi sɛ wɔasra no enti onni paanoo no na ɔnnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase. Mmom no, wɔbrɛ wɔn ho ase, na wonim sɛ Yehowa nkutoo na obetumi afrɛ nkurɔfo akɔ soro.

7, 8. Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no nhwɛ kwan, na dɛn ntia?

7 Kristofo a wɔasra wɔn no nim sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛfrɛ wɔn akɔ soro, nanso wɔnhwɛ kwan sɛ afoforo bɛda obu soronko adi akyerɛ wɔn. (Efesofo 1:18, 19; kenkan Filipifo 2:2, 3.) Wonim nso sɛ bere a Yehowa sraa wɔn no, wamma obi foforo biara ante ho asɛm. Enti sɛ wɔasra obi na mfiase no ebinom annye anni sɛ wɔasra no a, ɛnyɛ no nwonwa. Onim sɛ Bible ka sɛ, ɛnsɛ sɛ yegye obi a ɔka sɛ Onyankopɔn ama no hokwan soronko bi no di ntɛm ara. (Adiyisɛm 2:2) Esiane sɛ Kristoni a wɔasra no nhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhoahoa no nti, sɛ ohyia nkurɔfo a ɔrenkeka nkyerɛ wɔn sɛ wɔasra no. Ebia ɔrenka saa asɛm yi nkyerɛ obiara mpo. Afei nso ɔremfa nneɛma akɛse a ɔbɛyɛ wɔ soro no nhoahoa ne ho.​—1 Korintofo 1:28, 29; kenkan 1 Korintofo 4:6-8.

8 Kristofo a wɔasra wɔn no nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne afoforo a wɔasra wɔn nkutoo na ɛbɔ, na ankɔyɛ te sɛ nea wɔdɔm kuw bi. Wɔmmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ afoforo a wɔasra wɔn, na wɔne wɔn abɔ ho nkɔmmɔ anaa wɔahyiam sɛ akuwakuw asua Bible no. (Galatifo 1:15-17) Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ saa a, ɛde mpaepaemu bɛba asafo no mu. Sɛ wɔyɛ saa a, na wɔreko atia honhom kronkron a ɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ma asomdwoe ne biakoyɛ tena wɔn mu no.​—Kenkan Romafo 16:17, 18.

ƐSƐ SƐ WUBU WƆN DƐN?

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na woamfa nidi soronko amma wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase no? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Ɔdɔ ‘Nyɛ Ade a Ɛnsɛ’” no.)

9 Ɛsɛ sɛ wubu Kristofo mmarima ne mmea a wɔasra wɔn no dɛn? Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” Ɔtoaa so sɛ: “Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.” (Mateo 23:8-12) Enti sɛ obi yɛ Kristoni a wɔasra no mpo a, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛhoahoa no. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua asafo mu mpanyimfo gyidi, nanso ɛnka sɛ yɛmfa onipa bi nyɛ yɛn kannifo. (Hebrifo 13:7) Ɛyɛ ampa, Bible ka sɛ ebinom fata “nidi mmɔho.” Nanso, nea enti a ɛte saa ne sɛ “wodi nneɛma anim yiye” na “wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ ɔkasa ne nkyerɛkyerɛ mu,” na ɛnyɛ sɛ wɔasra wɔn ntia. (1 Timoteo 5:17) Sɛ yɛkamfo Kristofo a wɔasra wɔn no dodo na yɛhoahoa wɔn a, yɛbɛhyɛ wɔn aniwu. Anaa nea enye koraa no, ebetumi ama wɔayɛ ahomaso. (Romafo 12:3) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara a ebetumi ama Kristo nuanom no bi adi mfomso kɛse a ɛte saa!​—Luka 17:2.

Ɛsɛ sɛ wubu obi a odi paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase dɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 9-11)

10. Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wubu Kristofo a wɔasra wɔn no?

10 Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yebu wɔn a Yehowa asra wɔn no? Yɛremmisa wɔn nea ɛma wohui sɛ wɔasra wɔn. Eyi yɛ ankorankoro asɛm, na yenni hokwan sɛ yehu. (1 Tesalonikafo 4:11; 2 Tesalonikafo 3:11) Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ wɔasra wɔn kununom anaa wɔn yerenom, wɔn awofo, anaa wɔn abusuafo foforo nso. Eyi nyɛ anidaso a yenya fi abusua mu. (1 Tesalonikafo 2:12) Afei nso ɛnsɛ sɛ yebisa nsɛm a ebetumi ahaw afoforo. Sɛ nhwɛso no, ɛnsɛ sɛ yebisa onua bi a wɔasra no yere sɛ, sɛ ne kunu gyaw no hɔ kɔ soro ma ɛka ɔno nkutoo wɔ asase so a, ɔbɛte nka dɛn? Yegye di paa sɛ, Yehowa ‘bɛma ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ’ wɔ wiase foforo no mu.​—Dwom 145:16.

11. Sɛ yɛanhoahoa nnipa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɔ yɛn ho ban?

11 Sɛ yɛammu wɔn a wɔasra wɔn no sɛ wɔn ho hia sen afoforo a, ɛbɔ yɛn ankasa nso ho ban. Ɔkwan bɛn so? Bible ka sɛ “anuanom atorofo” betumi aba asafo no mu, na ebia wɔbɛka sɛ wɔasra wɔn. (Galatifo 2:4, 5; 1 Yohane 2:19) Bio nso, ebia na Kristofo a wɔasra wɔn no bi anni nokware ankosi ase. (Mateo 25:10-12; 2 Petro 2:20, 21) Enti sɛ yɛanhoahoa nnipa a, yɛrenyɛ nnipa akyidifo da. Yɛrenni Kristofo a wɔasra wɔn, anuanom a nnipa pii nim wɔn, anaa wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa mpo akyi. Enti sɛ ɛba sɛ wɔanni nokware anaa wofi asafo no mu a, Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no rensɛe, anaa yɛrennyae Yehowa som.

ƐSƐ SƐ YƐMA WƆN DODOW NO HAW YƐN ANAA?

12, 13. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no dodow haw yɛn?

12 Mfe pii a atwam no, na nnipa dodow a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase no so retew. Nanso nnansa yi, afe biara wɔn dodow kɔ anim. Ɛsɛ sɛ eyi haw yɛn anaa? Dabi. Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn.

13 “Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Timoteo 2:19) Anuanom a wɔkan nnipa dodow a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi no ase no nnim wɔn a wɔasra wɔn no, nanso Yehowa de onim. Enti wɔn a wosusuw sɛ wɔasra wɔn nanso wɔnsraa wɔn no nyinaa ka saa nnipa dodow a wodi bi no ho. Ebinom a na anka wodi paanoo no na wɔnom bobesa no gyaee di. Ebetumi aba nso sɛ afoforo wɔ adwenemhaw anaa ɔhaw foforo bi, enti wosusuw sɛ wɔne Kristo bedi hene wɔ soro. Eyi ma yehu paa sɛ yennim Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asase so no dodow pɔtee.

14. Dɛn na Bible ka fa Kristofo a wɔasra wɔn no dodow a wɔbɛka wɔ asase so ho bere a ahohiahia kɛse no afi ase no?

14 Bere a Yesu bɛba abɛfa Kristofo a wɔasra wɔn afi asase so akɔ soro no, ɔremmɛto wɔn nyinaa wɔ faako. Bible ka sɛ Yesu bɛsoma “n’abɔfo ma wɔde torobɛnto nnyigyei a ano yɛ den aba, na wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu, fi ɔsoro ano akosi ano nohoa.” (Mateo 24:31) Bible san ma yehu sɛ nna a edi akyiri no, Kristofo a wɔasra wɔn no kakraa bi na wɔbɛka wɔ asase so. (Adiyisɛm 12:17) Nanso, ɛnkyerɛ wɔn mu dodow a wɔbɛka bere a ahohiahia kɛse no afi ase.

15, 16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa 144,000 a Yehowa apaw wɔn no ho?

15 Yehowa na ɔkyerɛ bere a ɔbɛpaw Kristofo a wɔasra wɔn no. (Romafo 8:28-30) Yesu wusɔre akyi na Yehowa fii ase paw Kristofo a wɔasra wɔn no. Asomafo no bere so no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔasra nokware Kristofo nyinaa. Mfe pii akyi no, wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo dodow no ara anni Kristo akyi ankasa. Ɛno mpo no, Yehowa sraa nnipa kakra a na wɔyɛ nokware Kristofo wɔ saa bere no mu. Ná wɔte sɛ awi a Yesu kae sɛ ebefifi wɔ nwura bɔne mu no. (Mateo 13:24-30) Nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa akɔ so afrɛ wɔn a wɔbɛyɛ 144,000 no mufo no. [2] (Hwɛ awiei asɛm no.) Enti sɛ Yehowa yɛ n’adwene sɛ aka bere tiaa bi ma awiei no aba na ɔbɛpaw Kristofo a wɔasra wɔn no bi a, ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ ɔreyɛ nea ɛfata. (Yesaia 45:9; Daniel 4:35; kenkan Romafo 9:11, 16.) [3] (Hwɛ awiei asɛm no.) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ yɛn ade te sɛ adwumayɛfo a wonwiinwii tiaa nea wɔn wura yɛ maa adwumayɛfo a wɔbɛyɛɛ adwuma dɔnhwerew a etwa to no.​—Kenkan Mateo 20:8-15.

16 Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no nyinaa na wɔka “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho. (Mateo 24:45-47) Ɛnnɛ Yehowa ne Yesu nam nnipa kakraa bi so rema nkurɔfo pii aduan na wɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ nea wɔyɛe wɔ asomafo no bere so no. Kristofo a wɔasra wɔn no, kakraa bi na wɔma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Ɛnnɛ nso, Kristofo a wɔasra wɔn no kakraa bi na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmma Onyankopɔn nkurɔfo “aduan bere a ɛsɛ mu.”

17. Dɛn na woasua afi adesua yi mu?

17 Dɛn na yɛasua afi adesua yi mu? Yehowa asi gyinae sɛ ɔbɛma nnipa dodow no ara daa nkwa wɔ asase so, na wama wɔn a wɔne Yesu bedi hene wɔ soro no nso nkwa. Yehowa ma n’asomfo nyinaa akatua, “Yudani” no ne “nnipa du” no, na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn nyinaa bedi mmara koro so na wɔakɔ so adi nokware. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa brɛ wɔn ho ase. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa de biakoyɛ bom som no. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa bɔ mmɔden ma asomdwoe kɔ so tena asafo no mu. Bere a yɛabɛn awiei no pɛɛ no, momma yɛn nyinaa nkɔ so nsom Yehowa na yenni Kristo akyi sɛ kuw biako.

^ [1] (nkyekyɛm 3) Sɛnea wɔaka wɔ Dwom 87:5, 6 no, ebia daakye Onyankopɔn bɛma yɛahu wɔn a wɔne Yesu redi ade wɔ soro no nyinaa din.—Romafo 8:19.

^ [2] (nkyekyɛm 15) Ɛwom sɛ Asomafo Nnwuma 2:33 ma yehu sɛ Yesu ka ho bi na wɔde honhom kronkron sra obi de, nanso Yehowa na ɔfrɛ onii no.

^ [3] (nkyekyɛm 15) Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ May 1, 2007, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-31.