Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛne Onyankopɔn Bom Yɛ Adwuma—Ade a Ɛma Yɛn Ani Gye

Yɛne Onyankopɔn Bom Yɛ Adwuma—Ade a Ɛma Yɛn Ani Gye

“Bere a yɛne no bom yɛ adwuma yi, yɛsrɛ mo bio sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa.”​—2 KORINTOFO 6:1.

NNWOM: 75, 74

1. Ɛwom sɛ Yehowa ne Opumpuni no de, nanso dɛn na ɔma afoforo yɛ?

YEHOWA ne Opumpuni no. Ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ne nyansa ne ne tumi nni ano. Bere a ɔboaa Hiob ma ɔtee saa asɛm yi ase no, Hiob kae sɛ: “Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na biribiara nsõ wo yɛ.” (Hiob 42:2) Yehowa betumi ayɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ a ɔrenhia obiara mmoa. Nanso ɔdɔ a ɔwɔ nti, ɔma afoforo ne no bom yɛ adwuma ma n’atirimpɔw ba mu.

2. Adwuma titiriw bɛn na Yehowa maa Yesu yɛe?

2 Onyankopɔn dii kan bɔɔ ne Ba, Yesu, ansa na ɔrebɔ obiara ne biribi foforo biara. Afei, Yehowa maa ne Ba no boaa no ma ɔbɔɔ nneɛma a aka nyinaa. (Yohane 1:1-3, 18) Ɔsomafo Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ: “No so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so, nhengua, mpanyinni, nniso, tumidi, nea wohu ne nea wonhu. Nneɛma a aka nyinaa wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no.” (Kolosefo 1:15-17) Enti Yehowa de adwuma titiriw bi maa ne ba no, ɛnna ɔsan kaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Hwɛ sɛnea odii ne ba no ni!

3. Adwuma bɛn na Yehowa maa Adam yɛe, na adɛn ntia?

3 Yehowa maa nnipa nso ne no boom yɛɛ adwuma. Ɛho nhwɛso ni. Ɔmaa Adam totoo mmoa din. (Genesis 2:19, 20) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Adam ani gyee saa adwuma yi ho! Ɔtɔɔ ne bo ase hwɛɛ sɛnea mmoa no te ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade, na afei ɔtoo wɔn mu biara din. Ná anka Yehowa ankasa betumi atoto mmoa no nyinaa din, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ wɔn. Nanso ɔmaa Adam totoo wɔn din de kyerɛe sɛ ɔdɔ no paa. Onyankopɔn san maa Adam adwuma sɛ ɔmma asase nyinaa nyɛ paradise. (Genesis 1:27, 28) Nanso akyiri yi Adam yɛɛ n’adwene sɛ ɔne Onyankopɔn renyɛ adwuma bio, na ɛde amanehunu kɛse brɛɛ ɔne n’asefo nyinaa.—Genesis 3:17-19, 23.

4. Adwuma bɛn na Onyankopɔn ne afoforo yɛ maa n’atirimpɔw baa mu?

4 Akyiri yi, Onyankopɔn maa nnipa foforo ne no yɛɛ adwuma. Ɔmaa Noa yɛɛ adaka, na ɛma ɔne n’abusua nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Ɔmaa Mose gyee Israel man no fii Egypt. Ɔmaa Yosua dii Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ɔmaa Solomon sii asɔrefie wɔ Yerusalem. Ɛnna ɔmaa Maria woo Yesu. Saa anokwafo yi nyinaa ne afoforo pii ne Yehowa yɛɛ adwuma maa n’atirimpɔw baa mu.

5. Adwuma bɛn na yebetumi ayɛ bi, na ɛho hia sɛ Yehowa ma yɛyɛ saa adwuma no bi anaa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Ɛnnɛ, Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa mmoa n’Ahenni no. Nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de asom Onyankopɔn. Ɛwom sɛ ɛsono nea obiara betumi ayɛ de asom no de, nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ka Ahenni no ho asɛmpa no. Anka Yehowa ankasa betumi aka asɛmpa no. Anka obetumi akasa afi soro akyerɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Yesu kae sɛ Yehowa betumi ama abo mpo aka N’Ahenni no so Hene ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. (Luka 19:37-40) Nanso Yehowa ama yɛn kwan sɛ yɛmmɛyɛ ne “mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Korintofo 3:9) Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Bere a yɛne no bom yɛ adwuma yi, yɛsrɛ mo bio sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa.” (2 Korintofo 6:1) Ɛyɛ anuonyamhyɛ paa sɛ Onyankopɔn aka sɛ yɛne no mmɛyɛ adwuma. Momma yɛnhwɛ nea enti a sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛn ani agye paa.

YƐNE ONYANKOPƆN YƐ ADWUMA A, ƐMA YƐN ANI GYE

6. Onyankopɔn Abakan no tee nka dɛn bere a na ɔne n’Agya reyɛ adwuma no?

6 Efi tete besi nnɛ, Onyankopɔn asomfo ne no ayɛ adwuma ma wɔn ani agye. Ansa na Onyankopɔn Abakan no reba asase so no, ɔkae sɛ: “Yehowa na ɔbɔɔ me de fii ne kwan ase . . . Ná mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw, ná meyɛ obi a ɔpɛ m’asɛm yiye daa nyinaa, na m’ani gyee n’anim daa.” (Mmebusɛm 8:22, 30) Bere a na Yesu ne n’Agya reyɛ adwuma no, n’ani gyei, efisɛ ɔyɛɛ nneɛma pii, na na onim sɛ Yehowa dɔ no. Na yɛn nso ɛ?

Adwuma bɛn na ɛma akomatɔyam kɛse sen sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ obi nokware no? (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Adɛn nti na asɛnka adwuma no ma yɛn ani gye?

7 Yesu kae sɛ yɛyɛ nkurɔfo papa a, yɛn ani gye, na saa ara na nkurɔfo yɛ yɛn papa a, yɛn nso yɛn ani gye. (Asomafo Nnwuma 20:35) Bere a yehuu nokware no, yɛn ani gyei. Adɛn nti na sɛ yɛka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo a, yɛn nso yɛn ani gye? Efisɛ sɛ wɔte nea Bible kyerɛkyerɛ no ase na wofi ase ne Onyankopɔn nya abusuabɔ a, yehu sɛ wɔn ani agye paa. Sɛ yehu sɛ wɔasesa wɔn adwene ne wɔn abrabɔ a, yɛn ani gye yiye. Asɛnka adwuma no ne adwuma a ɛsen biara a ɛma yenya akomatɔyam. Ebetumi ama wɔn a wɔba bɛyɛ Onyankopɔn nnamfo no anya daa nkwa.—2 Korintofo 5:20.

8. Dɛn na nkurɔfo aka afa anigye a sɛ wɔne Yehowa bom yɛ adwuma a wonya ho?

8 Sɛ yɛboa afoforo ma wosua Onyankopɔn ho ade a, yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na n’ani sɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛsom no no nso. Eyi nso ma yɛn ani gye. (Kenkan 1 Korintofo 15:58.) Marco a ɔte Italy ka sɛ: “M’ani gye paa sɛ mereyɛ nea metumi biara de asom Yehowa, na mmom ɛnyɛ sɛ meresom obi a ne werɛ betumi afi nea mayɛ ntɛm ara.” Franco a ɔno nso resom wɔ Italy no ka sɛ: “Yehowa nam n’Asɛm ne honhom fam aduan a ɔde ma yɛn no so kae yɛn da biara sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛwom sɛ yɛn ani so de ebia yenhu ade titiriw biara a yɛyɛ ma no, nanso ɔno de ohu sɛ mfaso wɔ biribiara a yɛyɛ ma no no so. Eyi nti na Onyankopɔn a me ne no reyɛ adwuma no ma m’ani gye, na ɛma minya akomatɔyam wɔ m’asetena mu.”

YƐNE ONYANKOPƆN YƐ ADWUMA A, ƐMA YƐBƐN ƆNE AFOFORO

9. Abusuabɔ bɛn na na ɛwɔ Yehowa ne Yesu ntam, na dɛn ntia?

9 Sɛ yɛne nnipa a yɛdɔ wɔn bom yɛ adwuma a, ɛma yɛbɛn wɔn. Yehu wɔn suban yiye. Yehu botae a esisi wɔn ani so ne nea wɔreyɛ de adu ho. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu ne Yehowa boom yɛɛ adwuma mfe ɔpepepem pii. Ɔdɔ ne tema a wɔwɔ ma wɔn ho mu bɛyɛɛ den paa ma na biribiara rentumi ntetew wɔn ntam. Yesu kaa sɛnea wɔn abusuabɔ no mu yɛ den ho asɛm sɛ: “Me ne Agya no yɛ biako.” (Yohane 10:30) Ná biakoyɛ wɔ wɔn ntam ankasa, na wɔde koroyɛ boom yɛɛ adwuma.

Asɛnka adwuma no hyɛ yɛn gyidi den efisɛ ɛma yɛkae Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ne ne mmara

10. Adɛn nti na asɛnka adwuma no ma yɛbɛn Onyankopɔn ne afoforo kɛse?

10 Yesu srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ n’asuafo no ho ban. Dɛn ntia? Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Na wɔayɛ biako sɛnea yɛn nso yɛyɛ biako no.” (Yohane 17:11) Sɛ yɛde Onyankopɔn asɛm bɔ yɛn bra na yɛyɛ asɛnka adwuma no a, yehu Onyankopɔn suban a ɛyɛ fɛ no yiye. Yehu nea enti a nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto no so na yɛadi n’akwankyerɛ akyi. Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, ɔno nso bɛbɛn yɛn. (Kenkan Yakobo 4:8.) Ɛma yɛbɛn yɛn nuanom mmarima ne mmea nso efisɛ yɛne wɔn nyinaa wɔ botae koro, yɛne wɔn nyinaa wɔ anigye koro, na yɛne wɔn nyinaa hyia ɔhaw ahorow nso. Yɛne wɔn bom yɛ adwuma, yɛne wɔn bom gye yɛn ani, na yɛne wɔn bom gyina ɔhaw ano. Octavia a ɔte Britain ka sɛ: “Adwuma a me ne Yehowa reyɛ no ama mabɛn afoforo kɛse.” Onuawa no ka sɛ nea ama aba saa ne sɛ, seesei nnipa a ɔfa wɔn nnamfo no yɛ wɔn a ɔne wɔn wɔ “botae koro na ɔne wɔn nam ɔkwan koro so.” Ɛda adi sɛ saa ara na yɛn nso yɛte nka. Sɛ yehu mmɔden a yɛn nuanom rebɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, ɛma yɛbɛn wɔn kɛse.

11. Adɛn nti na yɛbɛbɛn Yehowa ne yɛn nuanom kɛse wɔ wiase foforo no mu?

11 Seesei ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn nuanom mu yɛ den, nanso emu bɛyɛ den paa wɔ wiase foforo no mu. Wo de, hwɛ adwuma a ɛyɛ anigye a yɛbɛyɛ daakye! Yebehyia wɔn a wɔasɔre afi awufo mu no na yɛakyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ho ade. Yɛbɛsan nso asiesie asase ma adan paradise. Ɛbɛyɛ anigye kɛse sɛ yɛbɛbom ayɛ adwuma na nkakrankakra yɛabɛyɛ pɛ wɔ Kristo nniso ase. Nnipa nyinaa bɛbɛn wɔn ho wɔn ho ne Yehowa kɛse, na Yehowa bɛma ‘ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ.’—Dwom 145:16.

YƐNE ONYANKOPƆN YƐ ADWUMA A, ƐBƆ YƐN HO BAN

12. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no bɔ yɛn ho ban?

12 Ɛho hia sɛ yɛbɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no ho ban. Yɛte Satan wiase mu na yɛnyɛ pɛ, enti ɛnyɛ den sɛ yebefi ase adwene te sɛ wiase no na yɛayɛ yɛn ade te sɛ wɔn. Ɛte sɛ nea yɛreguare asubɔnten bi mu na nsu no retwe yɛn kɔ baabi a yɛmpɛ. Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa guare kɔ baabi a yɛpɛ sɛ yɛkɔ no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na Satan wiase no antwetwe yɛn. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no bɔ yɛn ho ban? Sɛ yɛka Yehowa ne Bible mu asɛm kyerɛ afoforo a, yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛho hia na ɛyɛ papa so, na ɛmma yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma a ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ mmerɛw so. (Filipifo 4:8) Asɛnka adwuma no hyɛ yɛn gyidi den efisɛ ɛma yɛkae Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ne ne mmara. Ɛsan ma yɛkɔ so nya suban a ɛbɛma yɛatumi abɔ yɛn ho ban afi Satan ne ne wiase no ho.—Kenkan Efesofo 6:14-17.

Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ Yehowa adwuma a, yennya bere nnwinnwen yɛn haw ho pii

13. Ɔdansefo bi a ɔwɔ Australia te nka dɛn wɔ asɛnka adwuma no ho?

13 Sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no, yɛsua ade, na yɛyɛ nneɛma ma afoforo wɔ asafo no mu a, ɛbɔ yɛn ho ban, efisɛ ɛmma yennya bere nnwinnwen yɛn haw ho pii. Joel a ɔte Australia ka sɛ: “Asɛnka adwuma no boa ma mihu nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Ɛma mihu nsɛnnennen a nkurɔfo refa mu ne mfaso a manya esiane sɛ mede Bible mu asɛm rebɔ me bra nti. Asɛnka adwuma no boa ma mebrɛ me ho ase; ɛma mitumi nya Yehowa ne me nuanom mu ahotoso.”

14. Adɛn nti na asɛnka adwuma a yɛkɔ so yɛ no ma yehu sɛ Onyankopɔn honhom ka yɛn ho?

14 Asɛnka adwuma no ma yenya ahotoso kɛse nso sɛ Onyankopɔn honhom ka yɛn ho. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ w’adwuma ne sɛ wokyekyɛ paanoo ma nnipa a wɔte wo mpɔtam. Wontua wo ka wɔ adwuma a woyɛ no ho, na wo ara na wutua ɛka biara a wobɔ. Afei nso, nnipa dodow no ara mpɛ paanoo a wokyekyɛ no, na eyi nti ebinom mpo tan wo. Wobɛkɔ so ayɛ adwuma a ɛte saa akosi bere bɛn? Ɛrenkyɛ koraa w’abam bebu na ebia wubegyae saa adwuma no. Ɛwom sɛ asɛnka adwuma no gye yɛn bere, yɛbɔ ho ka, na ɛma nkurɔfo serew yɛn anaa wɔn bo fuw yɛn de, nanso yɛn mu pii akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no mfe bebree. Eyi ma yehu sɛ Onyankopɔn honhom reboa yɛn.

YƐNE ONYANKOPƆN YƐ ADWUMA A, ƐKYERƐ SƐ YƐDƆ ƆNE AFOFORO

15. Asɛmpaka adwuma no fa Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma no ho dɛn?

15 Asɛnka adwuma no fa Yehowa atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma no ho dɛn? Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛtena ase daa, na bere a Adam yɛɛ bɔne no, n’atirimpɔw no ansesa. (Yesaia 55:11) Onyankopɔn yɛe sɛ ɔbɛma wɔagye yɛn afi bɔne ne owu mu. Ɔkwan bɛn so? Yesu baa asase so de ne nkwa bɛbɔɔ afɔre. Nanso ɛsɛ sɛ nnipa tie Onyankopɔn asɛm ansa na wɔanya Yesu afɔrebɔ no so mfaso. Enti Yesu kaa nea Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa yɛ kyerɛɛ wɔn, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. Sɛ ɛnnɛ yɛka asɛmpa no na yɛboa afoforo ma wɔbɛyɛ Onyankopɔn nnamfo a, na yɛne no abom reyɛ adwuma agye nnipa afi bɔne ne owu mu.

16. Asɛnka adwuma no fa Onyankopɔn ahyɛde kɛse no ho dɛn?

16 Sɛ yɛboa afoforo ma wohu ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ wɔne Yehowa. Yehowa ‘pɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.’ (1 Timoteo 2:4) Bere a Farisini bi bisaa Yesu sɛ Onyankopɔn ahyɛde no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse no, Yesu kae sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan. Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” (Mateo 22:37-39) Sɛ yɛka asɛmpa no a, na yɛredi saa ahyɛde yi so.—Kenkan Asomafo Nnwuma 10:42.

17. Wote nka dɛn wɔ hokwan a woanya de reka asɛmpa no ho?

17 Hwɛ nhyira ara a yɛanya! Yehowa ama yɛn adwuma a ɛma yɛn ani gye, ɛma yɛbɛn ɔne yɛn nuanom, na ɛbɔ abusuabɔ a yɛne no wɔ ho ban. Ɛsan ma Onyankopɔn ne afoforo hu sɛ yɛdɔ wɔn. Yehowa wɔ asomfo ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa, na ɛsono sɛnea wɔn mu biara asetena mu nsɛm te. Nanso, sɛ́ ebia yɛyɛ mmofra anaa mpanyin, adefo anaa ahiafo, yɛwɔ ahoɔden anaa yenni bi no, yɛyɛ nea yebetumi biara ka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Yɛte nka te sɛ Chantel a ofi France no. Ɔka sɛ: “Nea ɔwɔ tumi sen obiara wɔ ɔsoro ne asase so, nneɛma nyinaa Bɔfo no, anigye Nyankopɔn no ka kyerɛ me sɛ: ‘Kɔ! Kasa! Kasa ma me, ka nea ɛwɔ wo komam. Mede m’ahoɔden, m’Asɛm Bible, ɔsoro abɔfo, wo mfɛfo asomfo a wɔwɔ asase so, ntetee a worenya, ne akwankyerɛ pɔtee rema wo bere a ɛfata mu.’ Hwɛ hokwan kɛse ara a yɛanya sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ na yɛne yɛn Nyankopɔn abom ayɛ adwuma!”